All posts by admin5

26-0531 Mfirinhyia Bɔne Yi Mu Nyankopɔn No

Dɔfoɔ Kristo Ɔbaabunu ketewa, Asɛm, Nnwankuo, Ayeforɔ:

Sɛnea yɛn akoma dii ahurisie ɛberɛ a yɛtee sɛ Ne bɔfo-hoɔdenfoɔ no paa mu ka sɛ yɛyɛ Onyankopɔn Aba a Wahyɛ ato hɔ a yɛntumi nyɛ biribi foforɔ biara gye sɛ yɛbɛdi Ne Nne akyi. Ɛsom bo pii ma yɛn kyɛn nkwa. Wobɛtumi agye yɛn nkwa nom, nanso wontumi nnye Ne Nne. Yɛne N’Asɛm yɛ Bafua. Yɛne Ne Nne yɛ Bafua. Yɛne No yɛ Bafua.

Akɔyɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwanwa sɛ wɔnte yɛn aseɛ saa na wɔdi yɛn ho fɛw ɛfiri sɛ yɛka sɛ yɛwɔ gyedie wɔ sɛ yɛrebɔ tapes mu; sɛ ɛyɛ Onyankopɔn Nne a Ɛrekasa kyerɛ N’Ayeforɔ. Satan adaadaa nkorɔfoɔ no ara a ma wɔdwene sɛ ɛnam sɛ yɛrebɔ no dawuro sɛ yɛyɛ tape asafo, ɛyɛ biribi a atwe ne ho afiri Asɛm no ho, ɛyɛ biribi a ɛyɛ mfomsoɔ, na wɔredaadaa yɛn, a ɛberɛ nyinaa Ɛyɛ Onyankopɔn kwan a ɛwie pɛyɛ a Ɔde ama N’Ayeforɔ.

Ɛbɛyɛ dɛn na atumi ayɛ ɔkwan foforɔ biara? Sɛ wokyea Asɛm baako a wɔaka nkyerɛaseɛ a, woayera. Ebia wɔwɔ tirimpɔ ne botaeɛ a ɛfata, nanso wɔbɛyɛ mfomsoɔ. Obi bɛtumi anya Honhom Kronkron no ngosra na ɔda so ara yɛ mfomsoɔ.

Sɛ nka Onyankopɔn mmaa ɔkwan bi a N’Ayeforɔ no ankasa bɛtumi atie Asɛm biara ama wɔn ho a, ɛneɛ anka ɔkwan foforɔ bi bɛwɔ hɔ. Nanso Ɔde ɔkwan bi ama sɛ onipa biara a ɔwɔ asase so bɛnya akwanya atie sɛ Asɛm no kasa kyerɛ wɔn tẽẽ a ɛho nhia mma nkyerɛkyerɛmu, nkyerɛaseɛ anaa mpɛnsɛnpɛnsɛmu. Ne nyinaa yɛ Sɛ Awurade Seɛ nie…TOM!

Yɛn nyinaa gye tom sɛ ɛsɛ sɛ yɛne Asɛm no tena na yɛayɛ N’Ayeforɔ

Megye di sɛ biribiara a yɛhia no, wɔatwerɛ wɔ Ɛha yi ara, ɛhia sɛ Honhom Kronkron no kyerɛ aseɛ kɛkɛ. Mennye nni sɛ onipa biara a ɔwɔ asase so wɔ hokwan sɛ ɔde ɔno ankasa nkyerɛaseɛ to Asɛm no so. Onyankopɔn nhia obiara sɛ ɔbɛkyerɛ N’Asɛm ase. Ɔyɛ Ɔno Ankasa Asɛm nkyerɛaseɛni. Ɔkaa sɛ Ɔbɛyɛ, na Ɔyɛ.

Ɛda adi pefee sɛ Awurade akasa na Wada no adi akyerɛ N’Ayeforɔ sɛ ɔkwan foforɔ biara nni hɔ a wobɛfa so ayɛ N’Ayeforɔ a Wapaw no gye sɛ wo ne N’Asɛm tena. Onyankopɔn Ankasa na Ɔkyerɛ N’Asɛm ase, na obiara nni hokwan sɛ ɔde ne nkyerɛaseɛ bɛka Ho.

Asɛm no nso ka sɛ NE DIYIFOƆ na ɔyɛ N’Asɛm asekyerɛni. Ɔno ne Onyankopɔn Nne ma nkorɔfoɔ no. Deɛ ɔka no ɛne Asɛm a ɛwɔ hɔ ma yɛn da yi.

Ɛnam Onyankopɔn Nne a yɛretie wɔ tapes no so no, yɛyɛ nkɔmhyɛ a ɛrehyɛ ma.

Biribiara nni hɔ a tumi bebree wom, ɛyɛ kronkron bebree, biribiara nni hɔ a ɛma abotɔyam pii, biribiara nni hɔ a ɛwie pɛyɛ pii kyɛn sɛ woretie Onyankopɔn Nne a wɔada mu nokorɛ adi ɛkasa kyerɛ wo.

Ɛbrɛ a ɛbia afoforɔ bɛka sɛ biribiara nni mu no, akɔdeɛ no de anigyeɛ kɛseɛ a ɛboro so reboaboa wɔn ano ɛna wɔredi ahurusie, wɔ ahotɔsoɔ sɛ wɔredi Onyankopɔn Asɛm so. Ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ sɛ wowɔ tape afidie a, boaboa nnipa kuo bi ano, na bɔ, na tie no yie. Ɛnam N’adom ne mmɔborɔhunu so no, ɛno ara ne deɛ yɛreyɛ pɛpɛɛpɛ.

Onyankopɔn afrɛ yɛn afiri saa mfirinhyia bɔne yi mu ama Ne Din. Yɛrefa sɔhwɛ ne nsɔhwɛ pii mu a ɛte sɛdeɛ ɛbi nsii da. Satan ate asi ɔko kwan no so ɛberɛ a ɔnim sɛ ne berɛ aduru awieɛ no. Ɛbia wɔbɛbisa wo ho, ɛbɛyɛdɛn na matumi afa saa nneɛma yi nyinaa mu, na meyɛ N’Ayeforɔ?

Wɔreda wo adi, wɔresɔ wo ahwɛ, na wɔreda wo mu nokorɛ adi akyerɛ Satan, YƐYƐ N’AYEFORƆ. Yɛn na yɛyɛ Asɛm no a ɛwɔ honam mu no. Yɛbɛtumi aka Asɛm no na Ɛbɛba mu. Ɛyɛ SƐ AWURADE SEƐ NIE.

Yɛwɔ Onyankopɔn Nne a Ɛrekasa kyerɛ Satan tẽẽ na ɛreka akyerɛ no:

Satan, woadi nkoguo. Woyɛ ɔtorofoɔ. Na, sɛ me yɛ Onyankopɔn akoa, ɛne nkoa no, yɛhyɛ sɛ ɛwɔ Yesu Kristo Din mu, sɛ tie Onyankopɔn Asɛm, na firi nkorɔfoɔ no mu fi, ’firi sɛ wɔatwerɛ, “Me Din mu wɔbɛtutu ahonhommɔne.”

Deɛ ɛteɛ biara…BIRIBIARA a yɛhia no, ɛhia sɛ yɛbisa kɛkɛ, ɛgye di na yɛgyina hɔ ara. Ɛbia ɛbɛda adi amono mu hɔ ara; ɛbia ɛbɛyɛ nawɔtwe, bosome, afe. Ɛmfa ho deɛ yɛhunu anaa yɛte nka, ƐSII SAA BERƐ NO ARA.

Ɔsom biara a yɛboaboa yɛn ho bɔ mu no yɛ kɛseɛ ne akɛseɛ ma Onyankopɔn akɔdeɛ. Yɛaboaboa yɛn ano wɔ adwene Baako ɛne nteaseɛ Baako mu, abom tete Ɔsoro mmeaeɛ, retie Ɛnne no ɛkasa kyerɛ yɛn na ɛnam N’Asɛm so ɛma yɛwie pɛyɛ.

Yɛbɛpɛ sɛ mobɛka yɛn ho Kwasiada yi prɛmtoberɛ wɔ Jeffersonville berɛ mu, ɛberɛ a yɛte Onyankopɔn Nne sɛ Ɛkasa kyerɛ yɛn prɛko bio na Ɔde Ɔno Ankasa Asɛm nkyerɛaseɛ brɛ yɛn.

Onuabarima Joseph Branham.

Nkransɛm: Mfirinhyia Bɔne Yi Mu Nyankopɔn No 65-0801M

Twerɛnsɛm a wobɛkeken ansa na woatie Nkransɛm no:
Ɔhoteni Mateo ɛtire 24
Ɔhoteni Mateo 27: 15-23
Ɔhoteni Luka 17:30
Ɔhoteni Yohane 1:1
Ɔhoteni Yohane 14:12
Asomafo no Nnwuma 10:47-48
1 Korintofoɔ 4:1-5
1 Korintofoɔ etire 14
2 Korintofoɔ 4:1-6
Galatifoɔ 1:1-4
Efesofoɔ 2:1-2
Efesofoɔ 4:30
2 Tesalonikafoɔ 2:2-4
2 Tesalonikafoɔ 2:11
Hebrifoɔ etire 7
1 Yohane etire 1
1 Yohane 3:10
1 Yohane 4:4-5
Adiyisɛm 3:14
Adiyisɛm 13:4
Adiyisɛm etire 6 kɔsi etire 8
ɛne Adiyisɛm etire 11 kɔsi etire 12
Adiyisɛm 18:1-5
Mmɛbusɛm 3:5
Isaiah 14:12-14

26-0524 Ɛdeɛn Na Ɛtwetwe Aniwa Wɔ Bepɔ No So No?

Dɔfoɔ Akɔdeɛ A Wɔboaboa Wɔn Ano,

Ɛdeɛn ne ade kɛseɛ a ɛrekɔ so wɔ wiase nyinaa yi a ɛtwetwe adwene yi? Nnipa a ɛfiri wiase afannaa nyinaa reboaboa wɔn ano prɛmtoberɛ wɔ Jeffersonville berɛ mu, tete wɔn afiefie ne ɔɔmo nsɔre mu de akwanhwɛ kɛseɛ, retwɛn sɛ wɔbɛte sɛ Onyankopɔn Nne ɛkasa kyerɛ wɔn.

Ɛyɛ nwanwa na nteaseɛ nnim ma wiase sɛ wobetie tapes no ara kɛkɛ. Wɔka sɛ yɛbɛtumi atie tapes no ɛberɛ biara. Woretie wɔ ɛberɛ korɔ mu mfa hwee mma. Ɛsɛ sɛ wotie ɔsom adwuma bi a ɛyɛ live, ɔsɛnkafoɔ bi, na ɛnyɛ tapes kɛkɛ. Wɔabɔ atenaseɛ wɔ wɔn atetesɛm nom mu.

Biribiara a ɛte sɛɛ nsii da wɔ wiase abakɔsɛm mu. Ɛdeɛn na atwetwe saa nkorɔfoɔ yi adwene ama wɔn nyinaa aka wɔn ho abom ɛberɛ korɔ mu sɛ wɔbɛtie saa Ɛnne no sɛ ɛfrɛ N’Ayeforɔ no? Ɛyɛ Onyankopɔn a Ɔrehyɛ Luka etire du nson nkyekyɛmu aduasa ma. Ɛyɛ Onyankopɔn a Ɔrehyɛ Adiyisɛm etire du nkyekyɛmu nson ma. Ɛyɛ Onyankopɔn a Ɔrehyɛ Hebrifoɔ 13:8 ma, Melkisedek wɔ onipa honam mu, sɛnea Ɔyɛ kyerɛɛ Abraham no.

Wɔretwɛn ɛna wɔde wɔn adwene rebubu sɛ, ɛdeɛn na Ɔbɛka? Ɛdeɛn na ɛbɛsi sɛ Ɔhyɛ aseɛ sɛ Ɔkasa a? Wɔpɛ sɛ wɔwɔ hɔ wɔ hook-up no so na wɔanya biribiara a Ɔka. Wɔpɛ Ɛno. Wɔpɛ sɛ wɔne Ayeforɔ a wɔwɔ ewiase afanaa nyinaa tie Ɛno wɔ ɛberɛ korɔ mu. Ɛfiri sɛ wɔgye di sɛ ɔno ne ɛnne a Onyankopɔn yii sɛ ɔnyɛ Ne Nne a ɛbɛfrɛ na adi N’Ayeforɔ anim.

Ɛwom sɛ ɛberɛ mu no nnɔnhwere pii na ɛda wɔn ntam deɛ, nanso wɔn nyinaa abom sɛ ƐKORO BAFUA, sosɔ wɔn nkrato-fidie, retie saa Ɛnne no kasa kyerɛ wɔn firi wɔn Fie Asɔre mu. Wɔtete Ɔba no animpa, rebere ɛna wɔretwɛn Mesia no Mmaeɛ no.

Wɔn akoma rebɔ ntɛmntɛm. Honhom Kronkron no reda deɛ ɛrekɔ so adi akyerɛ wɔn. Onyankopɔn atwɛn de bɛsi ɛda wei sɛ Ɔbɛda N’Asɛm adi na Waboaboa N’Ayeforɔ ano. Ɛrekɔ so, na wɔyɛ Ne fã bi. Deɛ ɛrekɔ so no mu nokwasɛm resosɔ gu wɔn akoma mu. Wɔakenkan ɛho asɛm wɔ Twerɛnsɛm no mu mfie ɔha nom pii, nanso saaberɛ yi ne adekann no. Asɛm no mu Adiyie no nam wɔn so reda adi. Odiyifoɔ no nkɔmhyɛ nom no reba mu.

Ɛberɛ a wɔte Ne Nne a ahoɔden wɔ mu wɔ saa ngosra kɛseɛ no ase no, Ɔpaa mu ka kyerɛ wɔn sɛ wɔnsiesie wɔn ho; ɛfiri sɛ anadwo yi ɔrebɛbɔ mpaeɛ ama wɔn mu baako biara. Ɔka kyerɛ yɛn sɛ sɛ ɔhyɛ aseɛ sɛ ɔrebɔ mpaeɛ no a, monfa mo nsa nto wɔn a wɔyareɛ no so, ɛfiri sɛ Onyankopɔn su a ɛwɔ baabiara no ka wɔn ho wɔ baabiara, ɛmfa ho baabi a wɔwɔ: Texas, wɔ California, wɔ Arizona soro hɔ, Amerika Anaafoɔ, mpo kɔ asese a ɛwɔ kwaeɛbirentuo mu wɔ wiase afa no aka no. Baabiara a wɔretie afiri no, momfa mo nsa ntoto moho moho so sɛ yɛhyɛ aseɛ sɛ yɛrebɔ mpaeɛ a na Onyankopɔn bɛsa wɔn mu biara yareɛ, sɛ wɔgye di a, ɛfiri sɛ Ɛno yɛ Sɛ Awurade Seɛ nie.

Afei na wɔate aseɛ sɛ ɛnam mfirinhyia biara ne odiyifoɔ biara a aba anaa ɔbɛba so no, yɛbɛnya nnipa dodoɔ bi a wɔahyɛ ato hɔ sɛ wɔbɛtie saa Nkransɛm no, na wɔbɛdi Ɛno akyi. Wɔbɛbu wɔn ani agu nnipadɔm no so. Wɔbu wɔn ani gu annyeanie a ɔhwehwɛ mfomsoɔ a ɔka sɛ ɛyɛ mfomsoɔ
anaa sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn kwan a Ɔde ama no. Wɔne wɔn nni akyinnyegyeɛ biara. Wɔwɔ adeɛ baako a ƐSƐ SƐ WƆYƐ, ɛno ne sɛ wɔbɛgye adi ɛna sɛ wɔbɛnya Ne mu biribiara a wɔbɛtumi, anonom Ɛno akɔ mu te sɛ Maria a ɔtenaa Yesu Nan ase no. Ɛnnyɛ wɔn aniwuo, ɛyɛ ahohoahoa ara ma wɔn sɛ wɔbɛka sɛ ɔyɛ tape boy anaa tape girl a “ɔpresse play”.

Saa Ɛnne no abɔ wɔn kɔkɔ dada sɛ yɛbɛnya wɔn a wɔasra wɔn ngo wɔ awieɛ berɛ no mu a wɔbɛnya ngosra akɛseɛ, Honhom Kronkron no. Wɔbɛyi odiyifoɔ no nsɛm aka ɛne ɛdɔn no mu Nkransɛm no; de bɛto wɔn ho so sɛ agyidifoɔ, nanso wɔyɛ atorɔ ngosrafoɔ.

Wɔbɛbɛn ngosra kann no ara a ma sɛ anka ɛbɛyɛ yie a, ɛbɛdaadaa wɔn a wɔayi wɔn ankasa no, nanso wɔnim sɛ wɔrentumi nnaadaa wɔn, ɛfiri sɛ wɔn na WƆYƐ ASƐM NO. Wɔn na wɔyɛ nokorɛ Ayeforɔ no a wɔne Onyankopɔn Nne no tenaeɛ no.

Saa Ɛnne no paa mu ka kyerɛ wɔn sɛ ɛwɔ saa da yi mu no Ɛrenyɛ lemon, anaa grapefruit. Ɛno bɛyɛ mmerɛ sɛ wobɛhunu nsonsonoeɛ a ɛwɔ mu no. Mmom ɛbɛyɛ tangelo, lemon fã, ankaa fã, awoɔ mu afrafraeɛ. Ɛbɛyɛ te sɛ ankaa ara pɛ, nanso ɛrenyɛ yie, ɛfiri sɛ saa nkorabata foforɔ no bɛyɛ ɔha mu nkyekyɛmu ɔha te sɛ mfitiaseɛ deɛ no. Wɔne saa mfitiaseɛ Ɛnne Asɛm no BƐTENA. Wɔrentu anamɔn wɔ Atoprɛ so. Wɔne onii ko no a Onyankopɔn no Ankasa paa mu kaa sɛ ɔyɛ NE NNE, N’ASƐM, a Ogya Fadum no ada mu nokorɛ adi no bɛtena.

Ɛdeɛn na ɛrekɔ so yi?

Onyankopɔn Aba a wɔahyɛ no ato hɔ no ntumi nyɛ biribi foforɔ biara gye sɛ wɔbɛdi akyire na wɔatie saa Ɛnne no, ɛfiri sɛ Ɛsom boɔ pii ma wɔn kyɛn nkwa. Wobɛtumi agye wɔn nkwa, nanso wontumi nnye saa Ɛnne no.

Ɛdeɛn ne adeɛ a ɛtwetwe adwene no?

Onyankopɔn, sɛnea Ɔtaa yɛ no, rehyɛ N’Asɛm ma.

Bra bɛka yɛn ho na yɛ odiyifoɔ no nkɔmhyɛ a ɛrehyɛ ma no fa bi Kwasiada yi wɔ prɛmtoberɛ wɔ Jeffersonville berɛ mu, ɛberɛ a yɛtie sɛ Twerɛnsɛm reda adie.

Onuabarima Joseph Branham.

Nkransɛm: 65-0725E “Ɛdeɛn Na Ɛtwetwe Aniwa Wɔ Bepɔ No So No?”

Twerɛnsɛm:
Ɔhoteni Mateo 21:1-4
Sakaria 9:9 / 14:4-9
Isaiah 29:6
Adiyisɛm 16:9
Malaki 3:1 / Etire a ɛtɔ so nan
Ɔhoteni Yohane 14:12 / 15:1-8
Ɔhoteni Luka 17:22-30

26-0517 Wɔn A Wɔasra Wɔn Ngo Awieɛ Berɛ Yi Mu No

Nkransɛm: 65-0725M Wɔn A Wɔasra Wɔn Ngo Awieɛ Berɛ Yi Mu No

PDF

BranhamTabernacle.org

Dɔfoɔ Akɔdeɛ A Wɔreboa Wɔn Ano,

Etire asɛm a ɛda naawɔtwe yi Nkransɛm no so nko ara ɛma anidahɔ a ɛte saa ɛfa Honhom Kronkron no ho kyerɛ Ayeforɔ no. Sɛ wobɛdwene sɛ nnipa a wɔasra wɔn ankasa bɛsɔre wɔ saa da yi mu, a wɔwɔ Honhom Kronkron Korɔgyenn korɔ no ara a na ɛwɔ yɛn diyifoɔ no so, nanso ɛyɛ atorɔ.

Asɛm no ka kyerɛ yɛn sɛ wɔbɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ nom, renya nsuo korɔ no ara, nhyira korɔ no ara sɛ nokorɛ diyifoɔ no. Nkorɔfoɔ bɛdane afiri ɛda no mu Asɛm turodoo a wɔada mu nokorɛ adi no ho akɔ deɛ wɔn ankasa akɔnnɔ teɛ, resoa akyerɛkyerɛfoɔ aboa wɔn so, a wɔn aso mu yɛ wɔn hene. Ɛbɛbɛn Asɛm no ankasa ara ma ɛkame ayɛ sɛ ɛbɛdaadaa Wɔn a Wɔapaw wɔn no.

Sɛn paa na saa ngosra no bɛbɛn? Ɛbɛyɛ mmerɛ sɛ wobɛhunu deɛ ɛyɛ nokorɛ ɛne deɛ ɛyɛ atorɔ anaa? Odiyifoɔ no ka kyerɛɛ yɛn sɛ Ɔhene Dawid, ɔbarima a ɔda Onyankopɔn ankasa akoma so, a ngosra wɔ ne so no nyaa nokorɛ adiyie; nanso na ɛyɛ mfomsoɔ.

ƐDEƐN!! Ma ɛno nkɔ mu ɛberɛtia bi. Onyankopɔn Hene a Wayi no no nyaa nokorɛ ngosra ɛne nokorɛ adiyie, nanso na ɛyɛ mfomsoɔ! Ɛho bɛhia sɛ Onyankopɔn nwammaa ma wɔn ani da hɔ yie ama wɔn ahunu sɛ deɛ wɔretie no yɛ nokorɛ anaa atorɔ ngosra; ɛfiri sɛ wɔn daa akwantuo awieɛ no gyina saa agyinasienom yi so.

Yɛnim sɛ Onyankopɔn de nokorɛ asomfoɔ pii a wɔasra wɔn asi hɔ sɛ wɔmmoa ɛmma akwankyerɛ nkora N’Ayeforɔ no wɔ Asɛm no mu. N’Asɛm ka saa, na yɛda Awurade ase paa wɔ wɔn mu biara ho. Wɔafrɛ wɔn sɛ wɔnyɛ nnwanhwɛfoɔ wɔ wɔn nnwan so. Ɛsɛ sɛ wɔkora wɔn wɔ Asɛm no mu. Wɔreyɛ saa no, ɛnsɛ sɛ wɔdi ntwo sɛ wɔbɛbɔ Onyankopɔn Nne NKUTOO a wɔada mu nokorɛ adi no akyerɛ wɔn nwankuo no.

Sɛnea ɛnkyɛree biara yɛtee sɛ onipa biara bɛtumi ayɛ mfomsoɔ no, mpo wɔ nokorɛ ngosra ɛne nokorɛ adiyie mu no. Nanso Ayeforɔ no bɛtumi anya ahotɔsoɔ, ɛfiri sɛ Onyankopɔn ama ɔkwan a ɛwie pɛyɛ ɛberɛ biara wɔbɛtumi atie NOKORƐ NGOSRA, NOKORƐ ADIYIE, NOKORƐ SƐ AWURADE SEƐ NIE; PRESS PLAY KƐKƐ.

“Baabi a Nammono no wɔ,” Manna no wɔ, Asɛm no wɔ, “ɛhɔ na akɔdeɛ no bɛboaboa wɔn ano.”

Baabi a Nammono no wɔ no, ɛhɔ na yɛn Akɔdeɛ bɛboaboa yɛn ano. Faako a Nam a ɛyɛ foforɔ wɔ no, ɛberɛ no mu Asɛm no, ɛdɔn no mu Nkransɛm no. Na baabiara nni hɔ a ɛyɛ foforɔ a wobɛdi saa Manna no a ɛkyɛn sɛ woretie Onyankopɔn Ankasa Nne no sɛ ɛkasa.

Ɛno ne N’Asɛm. “Ɛnyɛ paanoo nko ara na onipa bɛdi atena ase, mmom ɛnam Asɛm biara so.” Moahu? Deɛ wɔayi no ato hɔ no nim wei. “Asɛm a ɛyɛ hɔhoɔ, anaa ɛnne a ɛyɛ hɔhoɔ, wɔrenni akyire.”

Deɛ ɛnti a wɔrenyɛ, na wɔrentumi nnaadaa yɛn, ne sɛ yɛn na yɛyɛ Asɛm no yɛwɔ saa Adiyie yi. Yɛntumi nyɛ biribi foforɔ biara. Yɛntumi ntie biribi foforɔ biara. Yɛnnim biribi foforɔ biara.

“MEYƐ!” Ɛnyɛ “Ná meyɛ, anaasɛ mɛyɛ.” “MEYƐ,” mprempren kabea, mprempren Asɛm no. Ɛnyɛ Asɛm a na ɛwɔ hɔ no, Asɛm no a ɛbɛba no; Asɛm a ɛwɔ hɔ seesei no. Moahu? Moate aseɛ? “MEYƐ!” “MEYƐ ” ne Asɛm no. “Mfitiaseɛ no na Asɛm no wɔ hɔ, na Asɛm no ne Onyankopɔn na ɛwɔ hɔ.” Ɛte saa anaa? “MEYƐ.” “Onyankopɔn somaa me sɛ Ne diyifoɔ, sɛ memmɛda wei mu adi sɛ ɛyɛ nokorɛ: Mene Asɛm yi ho mmuaeɛ no, ka kyerɛɛ me sɛ me mmera ha na me mmɛyɛ wei.”

Na ɛberɛ a ɔyɛɛeɛ no, Farao kaa sɛ, “Wiɛ, yɛwɔ mmranteɛ pii wɔ yɛn kuo no mu a wɔbɛtumi ayɛ saa nso,” asuasuayɛfoɔ.

Yesu kaa sɛ, “Afei, ɛno bɛsan asi bio wɔ nna a ɛdi akyire no mu,” hwɛ, wɔde adekorɔ no ara reto wɔn ho so.

Monyi Awurade ayɛ. Kasa fa ahotɔsoɔ bi ma Ayeforɔ no. Sɛ wowɔ saa Adiyie yi a, ɛneɛ wobɛhunu sɛ woyɛ N’Ayeforɔ a wɔapaw no, akomamutɔfe a wɔahyɛ ato hɔ.

Ɛnam Onyankopɔn Nne a yɛretie wɔ tapes so no, yɛretie Onipa Ba no a ɔne Kristo. Ɔno ne Onii ko a yɛredidi wɔ Ne mu no. Ɛnyɛ onipa mu na yɛredidi; onipa, ne nsɛm bɛdi ntwo. Nanso yɛredidi wɔ Onipa Ba no Nipadua-Asɛm a ɛrenni ntwo no mu.

Sɛ wopɛ sɛ wonya ahotɔsoɔ ɔha mu nkyekyɛmu ɔha sɛ woretie Sɛ Awurade Seɛ nie a, bra bɛka Ayeforɔ no fã bi ho Kwasiada wei wɔ prɛmtoberɛ, Jeffersonville berɛ mu, ɛberɛ a yɛtie Onyankopɔn Nne sɛ ɛda adi kyerɛ yɛn wɔn a wɔasra wɔn no nyinaa wɔ awieɛ berɛ no mu no.

Onuabarima Joseph Branham.

Nkransɛm: Wɔn a Wɔasra Wɔn Wɔ Awieɛ Berɛ No Mu 65-0725M

Twerɛnsɛm:

Mateo 5:44-45 / 7:21 / 24:15-28
Ɔhoteni Luka 17:30 / 18:1-8
Ɔhoteni Yohane 14:12
Efesofoɔ 1:5
Timoteo II 3:1-8
Hebrifoɔ 6:1-8 / 11:4
Adiyisɛm 10:1-7 / 16:13-14
Malaki 4:5
I Ahenfo 22:1-28
Yeremia: Etire 27 & 28

26-0510 Maame Da

Nkransɛm: 59-0510M Maame Da

PDF

BranhamTabernacle.org

Ayeforɔ Dɔfoɔ,

Afei, medwene sɛ anidie a ɛdɔɔso nni hɔ a yɛbɛtumi de ama ɛna bi.

Yɛn Maame ne deɛ ɔdi kan ka yɛn ho, na wɔama no asodie kɛseɛ no a ɛfa deɛ yɛbɛyɛ ɛne ɔkwan a ɛsɛ sɛ yɛfa so. Wɔde ahyɛdeɛ no a ɛfiri Onyankopɔn hɔ ama no sɛ ɔmfa yɛn nsi ɔkwan pa so. Ɛno nti na ɛnanom wɔ nsa soronko, kakra a wɔde ka a Onyankopɔn de ama wɔn no.

Nhyira soronko paa bi a wɔde asie ama yɛn Kwasiada yi, ɛberɛ a yɛde ayɛyideɛ ma Ɛnanom nyinaa, ɛberɛ a yɛte sɛ Onyankopɔn bɔfoɔ a ɔtɔ so nson no reda ɔdɔ ne anidie a yɛn nanom wɔ ɛwɔ yɛn akoma mu adie.

Yɛnim sɛ ɛda biara yɛ Ɛnanom Da, nanso Kwasiada wei yɛde ayɛyideɛ soronko bɛma Ɛnanom nyinaa ɛberɛ a yɛtie sɛ yɛn diyifoɔ no hyɛ wɔn animuonyam ɛberɛ a ɔkasaa mfie aduosia nson a atwam wɔ saa ɛda korɔ no ara, Kitawonsa da du wɔ Afe Apem ahankoron aduonum-nkoron . (10/05/59)

Onuabarima Joseph Branham.

Nkransɛm: Maame Da 59-0510M.
Ɛdɔn no yɛ: Prɛmtoberɛ Jeffersonville berɛ mu.

Twerɛsɛm: Korintofoɔ nwoma a ɛdi kan 15:1-4

26-0503 Honhom Mu Aduane A Ɛwɔ Ne Berɛ Mu

Nkransɛm: 65-0718E Honhom Mu Aduane A Ɛwɔ Ne Berɛ Mu

PDF

BranhamTabernacle.org

Ayeforɔ Dɔfoɔ,

Ɛnne a yɛn nyinaa ani gye ho sɛ yɛbɛtie no bɛkasa Kwasiada wei, na ɛde Ɔdɔ Krataa Nkransɛm Soronko bi bɛbrɛ yɛn, ama Yesu Kristo Ayeforɔ no nkutoo.

Ɛnkyɛree koraa na saa Ɛnne no kasa kyerɛɛ wiase ɛna Ɛbɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ, “Mommmɔ mmɔden sɛ mobɛyɛ Me ɔsom adwuma bi a ɛnyɛ M’apɛdeɛ. Mewɔ ɔkwan a ɛwie pɛyɛ a mayɛ ama mo, M’Ayeforɔ. Monkae M’Asɛm, mo deɛ monka deɛ Maka wɔ Me tapes so kɛkɛ, ɛfiri sɛ morewura atemmuo no mu. Wɔde mmɔborohunu anim atwitwiri fam. Nanso momma mo ani nnye, na ɛnsɔ mo ani, ɛfiri sɛ masiesie ɛna mama mo Aduane a Ahinta, Honhom mu Aduane, sɛnea ɛbɛyɛ a monam yieyɔ ne ahummɔborɔ a ɛwɔ Yesu Kristo Adiyie mu bɛtena ase.

Seesei Me Nne ɛtie ho pɛ asi wɔ asase no so. Wɔnte mo ase ɛfiri sɛ moka sɛ moyɛ Tape nkorɔfoɔ, na mopɛ sɛ motie Me Nne kɛkɛ wɔ Tapes no so; nanso Mafrɛ mo na Mada no adi akyerɛ mo Me kwan a ɛwie pɛyɛ a wɔde ama  ɛnnɛ da yi.

Momfaa mo ho nkɔbɔɔ annyeanie foɔ no wɔ ɔpɛ berɛ mu. Mede Me Nne ama mo sɛ ɛmma mo ahoɔden. Ɛnam sɛ worebɔ Me Nne no, wo toa no mu ɛnna mpan da, saa ara nso na wo esam kuruwaa no mu ɛnwe da, kɔsi da a Mɛba abɛfa wo sɛ M’Ayeforɔ no.

Ɛno ara nti na memaa wɔtwee Me Nne too hɔ, sɛnea ɛbɛyɛ a mobɛnya beaeɛ a wɔde ama a ɛwie pɛyɛ a mobɛkɔ, baabi a mfomsoɔ biara nnie, ɛnhia mma nkyerɛaseɛ biara, Onyankopɔn Nne Korɔgyenn no kɛkɛ. Beaeɛ a wobɛtumi akɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wobɛte deɛ Maka no pɛpɛɛpɛ: Sɛ Awurade Seɛ nie.

Merebɛkasa pefee akyerɛ mo Kwasiada. Mempɛ sɛ mo werɛ bɛfiri deɛ merebɛka akyerɛ mo no da. Saa tapes yi yɛ mo Honhom mu Aduane wɔ saa Berɛ yi mu. Ahoɔden nnuro a ɛwom no dɔɔso dodo ma wɔn mu binom; wɔntumi nsɔ Ɛno mu kɛkɛ. Wɔnnaa no adi nkyerɛɛ wɔn, mmom Me na M’ayi WO, ɛna Mama wo Adiyie a ɛfa Me kwan a ɛwie pɛyɛ a wɔde ama no ho.

Woafam no, Ɛyɛ Aduane a Ahinta, baabi a wonam yieyɔ ne ahummɔborɔ a ɛwɔ Asɛm Ɛte ase no so te nkwa mu.

Ɛberɛ a na Mete honam mu wɔ me Ba no mu no, wɔantumi annye me anto mu wɔ Ɔnii a na Meyɛ no kɛkɛ so: Onyankopɔn ne onipa. Afei mehyɛɛ bɔ sɛ Mɛsan aba bio wɔ nna a ɛdi akyire no mu na Matena onipa honam mu prɛko bio sɛdeɛ meyɛeɛ wɔ Abraham anim no, na Mɛsiane aba na Mabɛyɛ Me ho sɛ obi wɔ onipa honam mu sɛdeɛ Meyɛɛeɛ saa berɛ no.

Ɛha yi ne baabi a ɛfaa wɔn ani so no, saa berɛ no ɛne saaberɛ yi, nanso mempɛ sɛ mo werɛ bɛfiri da. Aduane a wɔakora a mede rema wo die, ɛne Me somafoɔ no, yɛ adekorɔ. Wontumi ntete wɔn mu. Nkransɛm no ne ɔbɔfoɔ no yɛ ade korɔ. Meka kyerɛɛ mo wɔ M’Asɛm mu deɛ mɛyɛ wɔ saa da yi mu. Ɛno nti na Ɛyɛ Me pɛ sɛ Mede Me Nne bɛto mo nsɔre mu, mo afiefie mu, baabiara a mokɔ; ɛfiri sɛ Ɛno ne Ɛnne a ɛho hia paa a ɛsɛ sɛ wotie. Ɛno ne Ɛnne NKUTOO  a wɔada mu nokorɛ adi a Ɛka Sɛ Awurade Seɛ nie.

Wɔde mmɔborohunu anim atwitwiri fɔm. Seesei monam M’Asɛm so na ɛte ase. Mama mo Adiyie a ɛfa onipa ko a Meyɛ ne onipa ko a MOYƐ ho. Ɛnsɛ sɛ monya adwenem naayɛ sunsum baako wɔ mo akoma ne mo adwene nom mu. Mo ne M’Ayeforɔ a Wɔapaw, Wɔayie, Wɔahyɛ ato hɔ. Wo ne M’Asɛm a wɔaka a na ɛwɔ Me mu wɔ mfitiaseɛ no.

Biribiara nsi wo kwan wɔ Aduane, Honhom mu Aduane, a ewiase nnim hwee fa ho no.

Wowɔ yɛn nnipadua mu  ayaresa ho kwan ɛberɛ a adɔkotafoɔ no adi ntwo no; Ɛyɛ Nnuane a Mehyɛɛ wo bɔ na mede ama wo wɔ nna a ɛdi akyiri no mu no mu baako.

Mehyɛɛ bɔ sɛ Mɛda mo akoma mu ahintansɛm adi na Mayɛ saa nneɛma yi. Mewɔ wo mu. Woyɛ Me fã, na Me nso meyɛ wo fã. Saa nsɛnkyerɛnneɛ yi bɛdi wɔn a  wɔgye di no akyi.

Saa Kwasiada wei Mede Me Nne bɛka M’Ayeforɔ a ɛwɔ wiase nyinaa abom. Mɛka akyerɛ mo sɛ momfa mo nsa ntoto afoforɔ nom so. Mmɔ mpaeɛ mma wo ho, bɔ mpaeɛ ma ɔnii a wo nsa da no so no, ’firi sɛ wɔrebɔ mpaeɛ ama wo. Yɛbɛbom abɔ mpaeɛ, na yɛrennya onipa a ɔyɛ mmerɛ wɔ ewiase baabiara. Sɛ mobɛgye adi, na monni adwenem naayɛ biara wɔ mo akoma mu a, mɛpae mu aka sɛ:

Satan, woadi nkoguo! Yesu Kristo dii wo so nkonim!  Ɔsɔre firii awufoɔ mu na Ɔgyina yɛn ntam anadwo yi, reda saa nna a ɛdi akyire yi mu Nkransɛm no mu nokorɛ adi
Firi saa nkorɔfoɔ yi mu fi! Firi wɔn mu, wɔ Yesu Kristo Din mu! “Me Din mu wɔbɛtutu ahonhommɔne,” na wɔatutu wo. Ɛwɔ Yesu Kristo Din mu, firi saa asafo yi mu!

Ayaresa bi bɛkɔ so wɔ wiase nyinaa sɛnea ɛbi nsii da.

Adɛn nti na yɛbɛkɔso atwɛn, me nuabarima, nuabaa dɔfoɔ, Ɛno nie, Honhom Kronkron no, Onyankopɔn, ɛha yi ara, Adeɛ pɔtee a yɛaka ho asɛm no.”

Meto nsa frɛ wiase sɛ wɔmmra mmɛka yɛn ho Kwasiada yi prɛmtoberɛ wɔ Jeffersonville berɛ mu, na wɔntie Nkransɛm no ɛne Ne somafoɔ no berɛ yɛn Honhom Mu Aduane A Ɛwɔ Ne Berɛ Mu, Aduane a Ahinta

ma Ayeforɔ no.

Onuabarima Joseph Branham.

Nkransɛm: Honhom Mu Aduane A Ɛwɔ Ne Berɛ Mu. 65-0718E 

Ɔbɔfoɔ: Ɔsɔfo William Marrion Branham.

Twerɛnsɛm: 1 Ahenfo 17:1-7 / Amos 3:7 / Yoel 2:28

Malaki 4:4 / Luka 17:30 / Ɔhoteni Yohane 14:12.

26-0426 Worebɔ Mmɔden Sɛ Wobɛyɛ Ɔsom Adwuma Ama Onyankopɔn A Ɛnyɛ Onyankopɔn Apɛdeɛ

Ayeforɔ Dɔfoɔ A Ɔsom boɔ,

Ɛdɔn no aka akyi. Ɛberɛ no abɛn. Ɛsɛ sɛ yɛsi gyinaeɛ no. Onyankopɔn rebɔ Ne mma kɔkɔ. Awurade yɛn Nyankopɔn apaemu aka na Wasi ne pi nam N’Asɛm ɛne Ne Honhom so deɛ ɛyɛ Ne Nokorɛ. Ɛnyɛ tumi so, ɛnyɛ ahoɔden so, mmom Me Honhom so, na W’Asɛm yɛ Nokorɛ.

Wada ɛmu nokorɛ pefee adi akyerɛ Ayeforɔ no ɛnnɛ sɛ Yesu Kristo te sɛdeɛ Ɔteɛ ɛnora, ɛnnɛ, ɛne daapem. Wakyerɛ na wada no adi akyerɛ yɛn sɛ Nkransɛm no ɛne ɛdɔn no mu bɔfoɔ no yɛ adekorɔ. Wada N’ahintasɛm a na wɔde asie wɔ Asɛm no mu no nyinaa adi akyerɛ yɛn. Ɔnam Ne Honhom Kronkron so ada Ɛno mu nokorɛ adi akyerɛ yɛn. Asɛmbisa biara nni yɛn adwene nom, y’ɛakoma nom anaa yɛn kra nom mu. Ne Nne a ɛwɔ tapes so no yɛ SƐ AWURADE SEƐ NIE MA N’AYEFORƆ.

Onyankopɔn ama akwan pii a ɛfa so ba Ne nkyɛn ɛberɛ nyinaa. Ɔma N’apɛdeɛ a ɛnwie pɛyɛ no kɔ Ne Pɛ a ɛwie pɛyɛ no mu. Ɛberɛ biara Ɔsan nso ama APƐDEƐ BI A ƐWIE PƐYƐ NE ƆKWAN A ƐWIE PƐYƐ AMA NE MMA. Dodoɔ no ara bɔ mmɔden sɛ wɔbɛba wɔ ɔkwan foforɔ so ɛnam sɛ wɔreyɛ ɔsom adwuma ama Onyankopɔn a ɛnyɛ Ne pɛ a ɛwie pɛyɛ mu. Ebia ɛbɛyɛ te sɛ na agyegye te sɛ Ne pɛ a ɛwie pɛyɛ, nanso ɛnyɛ sɛnea N’Asɛm kyerɛ.

Onipa kɛseɛ bi mpo, a ngosra baa ne so ɛnkyɛreeɛ, a ɔfiri Onyankopɔn Animpa ankasa reba no, nyaa adiyie bi sɛ ɔnyɛ biribi ma Onyankopɔn, na ɔpɛɛ sɛ ɔyɛ ma Onyankopɔn; nanso adiyie a ɔnyaeɛ no na ɛyɛ mfomsoɔ.

Ɛsɛ sɛ yɛn mu baako biara hwehwɛ Ne kwan a Ɔde ama a ɛwie pɛyɛ no. Yɛbɛyɛ dɛn ahunu sɛ yɛwɔ Ne pɛ a ɛwie pɛyɛ mu sɛ obi a wɔasra no ngo ampa, a ɔfiri Onyankopɔn animpa ankasa reba foforɔ, a ɔwɔ adiyie bi wɔ Onyankopɔn pɛ a ɛwie pɛyɛ mu a?
ƆKWAN BAAKO PƐ SO NA AMPANIAMPAA ƐWƆ HƆ A YƐFASO HUNU, na Onyankopɔn de saa kwan no ama N’Ayeforɔ no.

Onyankopɔn Nne no Ankasa aka akyerɛ saa asafo yi, ne mo nkorɔfoɔ a mowɔ tapes no so nyinaa, ne nnipa a wɔ wɔ hookup no so wɔ wiase mmeaeɛ afoforɔ, saa berɛ no ɛne SAA BERƐ YI. Ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ yɛntie deɛ na ɔreka no yie ankasa, na amma yɛn ANNI NTWO.

Enti saa na meka, wɔ Yesu Kristo Din mu: Mfa adeɛ baako nka ho, mfa, w’ankasa wo nsusuiɛ nhyɛ Mu, wodeɛ ka deɛ wɔaka wɔ saa tapes no so kɛkɛ, wodeɛ yɛ deɛ Awurade Nyankopɔn ahyɛ sɛ yɛ no pɛpɛɛpɛ kɛkɛ; mfa nka Ɛho!

Wanka, na ɛnkyerɛ, sɛ asɛnkafoɔ ntumi nka Asɛm no, akyerɛkyerɛfoɔ ntumi nkyerɛkyerɛ Asɛm no, anaa sɛ asɔfoɔ anaa adiyifoɔ nnyɛ deɛ wɔafrɛ yɛn sɛ yɛnyɛ; ɛsɛ sɛ wɔn, ɛsɛ sɛ me. Wɔafrɛ yɛn na wɔahyɛ yɛn sɛ yɛnyɛ saa. Ɛsɛ sɛ yɛtene yɛn nsa wɔ Nkransɛm ne ɔsomafoɔ no so na yɛyi anumsɛm no de kyerɛ nkorɔfoɔ no, ɛfiri sɛ Ɛno ne yɛn da yi mu Asɛm.

Nanso Ɔka kyerɛ yɛn pefee sɛ yɛ nyinaa bɛtumi anya ngosra, a ɛyɛ nokorɛ ngosra, a Ne Honhom Kronkron ahyɛ yɛn ma, de adiyie foforɔ, na yɛafiri Ne pɛ mu. Yɛn da yi mu no, Wama ƆKWAN BI A ƐWIE PƐYƐ a ɛbɛma woahunu ampa ara sɛ woretie Onyankopɔn Nne, afiri Onyankopɔn Ankasa hɔ. Ɛno ne ɔkwan NKUTOO a ɛwie pɛyɛ no.

Ɛnsɛ sɛ ɔsom adwuma no yi anumsɛm na wɔkasa fa saa Nkransɛm yi ho nko ara, ɛsɛ sɛ yɛbɔ Onyankopɔn Nne a ɛwɔ tapes no so kyerɛ nkorɔfoɔ no. NGOSRA biara nni hɔ a ƐSO kyɛn sɛ wobɛtie Onyankopɔn Nne. Ɔkwan foforɔ biara nni hɔ a akyinnyeɛ biara nni ho a yɛbɛfa so ahunu sɛ deɛ yɛretie no yɛ deɛ Onyankopɔn kaaeɛ PƐPƐƐPƐ.

Ɛwɔ saa da yi mu, ɛnte sɛ ɛda foforɔ biara wɔ wiase abakɔsɛm mu no, Onyankopɔn ama ɔkwan bi a ɛrentumi mma sɛ wobɛpa Ɛno ho, sɛ woyɛ N’Ayeforɔ a Wɔayi Ato hɔ a. Wɔasi no pi na Ɔnam Ogya Fadum no Ankasa so ada no adi sɛ ɛyɛ Onyankopɔn Ankasa Nne a ɛrekasa kyerɛ N’Asɔre no tẽẽ.

Mfirinhyia mpem no mu no, Onyankopɔn mma kɔn adɔ na ɔkɔm ade wɔn sɛ wɔn ankasa bɛte Onyankopɔn Nne. Sɛnea na wɔpɛ sɛ anka wɔ wɔ hɔ saa da no ɛberɛ a Yesu kaa Asɛm kyerɛɛ mpempem pii wɔ bepɔ no so no. Sɛ wobɛte sɛnea Ɔde ɔdɔ ne ahummɔborɔ kaa N’Asɛm. Sɛ wobɛte sɛnea Ɔsii Asɛm baako biara so dua. Sɛnea anka ɛbɛkasa na ahyɛ wɔn nkuran wɔ wɔn akoma nom mu.

Yɛte ase saa berɛ yi na yɛwɔ Onyankopɔn Animpa retie Onyankopɔn Nne.

Dakoro bi ɛrenkyɛ koraa yɛrensan mma asetena a ɛte sɛ wei mu bio. Yɛbɛsan aba sɛ nnipa a ɛnwuo. Wɔbɛyi bɔne afiri hɔ. Wɔbɛkyekyere Satan mfie apem na yɛbɛtena asase wei a Awurade yɛn Nyankopɔn de ama yɛn no so.

Yɛawie du ɔha mu nkyekyɛmu ɔha. Yɛnnyaa anigyeɛ anaa abrabɔ a akyinnyeɛ biara nni mu sei da. Yɛne No ne N’Asɛm yɛ Baako. Yɛyɛ N’Asɛm. Yɛ WƆ NE PƐ A ƐWIE PƐYƐ MU ƐNAM SƐ YƐNE NE NNE RETENA, N’ASƐM. Ɔbɛsan aba ɛda biara seesei abɛfa yɛn ne No akɔ.

Yɛda Wo ase Awurade Yesu!

Awurade mo Nyankopɔn aka deɛ ɛyɛ Nokorɛ akyerɛ mo. Awurade mo Nyankopɔn asi deɛ ɛyɛ Nokorɛ no pi, ɛnam N’Asɛm ɛne ɛnam Ne Honhom so. “Ɛnyɛ tumi so, ɛnyɛ ahoɔden so, mmom Me Honhom so.” Na, Honhom no, “Onyankopɔn hwehwɛ wɔn a wɔsom No wɔ Honhom ne Nokorɛ mu.” “W’Asɛm yɛ Nokorɛ.” Na Wada mu nokorɛ adi pefee sɛ Yesu Kristo te sɛdeɛ Ɔteɛ ɛnnora, ɛnnɛ, ɛne daapem. Ɔde anwummerɛ Aba no akyerɛ mo. Wada No adi akyerɛ mo, wɔ Asɛm no mu. Ɔnam Ne Honhom so ada Ɛno mu nokorɛ adi akyerɛ mo.

Mede m’akoma nyinaa to nsa frɛ mo mu baako biara sɛ mommra mmɛka N’Ayeforɔ no fã bi ho ɛberɛ a yɛkabom firi wiase afannaa nyinaa wɔ prɛmtoberɛ Jeffersonville berɛ mu, ɛtie Ne Nne kasa ɛnam Ne bɔfoɔ somafoɔ a ɔtɔ so nson no so na ɔbrɛ yɛn Nkransɛm no: Worebɔ Mmɔden Sɛ Wobɛyɛ Ɔsom Adwuma Ama Onyankopɔn A Ɛnyɛ Onyankopɔn Apɛdeɛ. 65-0718M

Onuabarima Joseph Branham.

Twerɛnsɛm a wobɛkenkan ansa na woatie Nkransɛm no:
Deuteronomium 4:1-4 / 4:25-26
1 Berɛsosɛm 13
1 Berɛsosɛm 15:15
Nnwom 22
Ɔhoteni Marko 7:7
Yoel 2:28
Amos 3:7
Malaki 3.
Ɔhoteni Mateo 11:1-15
1 Korintofoɔ 13:1

26-0419 Woreyi Ayeforɔ

Nkransɛm: 65-0429E Woreyi Ayeforɔ

PDF

BranhamTabernacle.org

Ayeforɔ Dɔfoɔ A Wɔayi No,

Ɛberɛ a yɛtie saa Nkransɛm yi, “Woreyi Ayeforɔ”, ebinom dwene sɛ odiyifoɔ no rekasa kɛkɛ na ɔrema yɛn akwankyerɛ a ɛfa suban ne yɔbea a ɛsɛ sɛ ɔbarima hwehwɛ ɛberɛ a ɔreyi ɔbaa a ɔpɛ sɛ ɔyɛ ne yere no. Ɛno yɛ nokorɛ, ɔreyɛ saa, nanso ɔdɔ krataa ankasa a ahinta wɔ Ne Nsɛm no mu. Deɛ Ɔreda no adi akyerɛ N’Ayeforɔ no ɛmu dɔ kɛseɛ koraa. Onyankopɔn rekasa akyerɛ No tẽẽ, Ɔrekakyerɛ No deɛ na Ɔrehwehwɛ wɔ Ne mu ɛne adekɔrɔ nti a Ɔyii No firii mfitiaseɛ no. Na Ɔpɛ sɛ Ɔhunu sɛ Wayi No sɛ ƆYƐ N’AKOMA MU TƆFE AYEFORƆ DƆFOƆ, a Ɔpɛɛ sɛ Ɔne No bɛtena abom wɔ ɛnni-awieɛ.

Mfitiaseɛ no, na Onyankopɔn rehwehwɛ Ayeforɔ bi a ɔbɛnya Ne Suban korɔ no ara. Ne Honhom korɔ no ara bɛda ne ho adi wɔ Ne mu. Na Ɔpɛ Ayeforɔ a wɔatu Ne ho akyɛ wɔ adeɛ nyinaa mu ama No, ɛne Ne bɔhyɛ Asɛm, kɔsi sɛ Adwene ankasa a na ɛwɔ Ne mu no bɛba Ne mu. Ɛsɛ sɛ wɔnwono No ɛte sɛdeɛ Ɔteɛ no.

Na Ɔpɛ sɛ Ɔyɛ Ne honam korɔ no ara, nnompe korɔ no ara, Honhom korɔ no ara, biribiara korɔ no ara, te sɛ Ɔno pɛpɛɛpɛ. Wɔn baanu no bɛyɛ BAAKO.

Anka Ɔrennya anihanehane binom wɔ n’ani so. Ɔremfa ɛnne foforɔ biara nni agobɔne. Ɔbɛyɛ nokwafoɔ ne ɔseadeɛyɛni ama No, ɛmfa ho deɛ obiara bɛka biara. Ɔbɛfa No wɔ N’Asɛm so. Biribiara a Ɔkaeɛ no, ƆBƐGYE ASƐM BIARA ADI, ɛmfa ho ɛberɛ tenten a ɛbɛdie ansa na aba mu, ɔbɛgye Ɛno adi. Ɔne N’Asɛm bɛtena.

Ɔbɛdɔ No, na Ɔno nkutoo. Na ɛnhia sɛ Ɔma no ahonyadeɛ akɛseɛ, na ɔwɔ Ahweneɛ a ne boɔ yɛ den, Ne mu nokorɛ Adiyie no. Ɔbɛhunu, na wɔyɛ BAAKO ɛne adekɔrɔ. Ne Honhom bɛtena Ne mu. Biribiara a na Ɔhia no, Ɔde bɛma No; deɛ na ɛsɛ sɛ Ɔyɛ nyinaa ne sɛ ɔbɛbisa na wagye adie, na Ɔbɛyɛ.

Na ɔnim sɛ Ɔbɛkɔ akɔkyɛre yie akɔsi fie a ɛwɔ biribiara a ɛfata no na ɔpɛ pɛpɛɛpɛ ama No. Na Ɔresi no sɛnea N’ani bɛgye ho no ara pɛ. Na Ɔnim sɛ dakoro bi Ɔbɛsan abɛfa No, sɛdeɛ Ɔhyɛɛ bɔ no, afei wɔbɛdi Ayeforohyia Anwummerɛ Apontoɔ kɛseɛ mfie apem. Afei, wɔbɛbom akɔ saa Efie fɛɛfɛ a na Wasi ama No no mu akɔdi Ɛnni-awieɛ.

Biribi foforɔ biara renhia No. Ɔrempɛ biribi foforɔ biara. Ɔbɛnya abotɔyam ne anisɔ paa sɛ ɔwɔ Adiyie no a ɔnim onipa ko a Ɔyɛ, ɛne onii ko a Ɔyɛ. Ɔbɛhunu sɛ Ɔbɛdi N’Asɛm so. ƆBƐNYA ABODWOƆ, A ƆNIM SƐ ƆNO NE ONII NO A ƆYII SƐ ƆNYƐ N’AYEFORƆ.

Me nua mmarima ne mmaa, Ɔsoro ne asase tumfoɔ Nyankopɔn no hwɛɛ Ɛnni-awieɛ mu nyinaa ɛna WAPAW WO… SƐ WO BƐYƐ N’AKOMA MU TƆFE AYEFORƆ A WAYIE.

Meto nsa frɛ wo sɛ bra bɛka me ɛne N’Ayeforɔ no fã bi ho Kwasiada yi, ɛberɛ a Ɔnam Ne bɔfo-hoɔdenfoɔ so kasa na ɔka kyerɛ yɛn sɛ yɛyɛ N’Ayeforɔ a Wayi no.

Onuabarima Joseph Branham.

Nkransɛm: 65-0429E/ Woreyi Ayeforɔ.

Ɛdɔn: Prɛmtoberɛ Jeffersonville berɛ mu.

Twerɛnsɛm:
Genesis 24:12-14
Isaiah 53:2
Adiyisɛm 21:9

26-0412 Onyankopɔn Ɔsesa N’adwene Fa N’asɛm Ho Anaa?

Nkransɛm: 65-0418E Onyankopɔn Ɔsesa N’adwene Fa N’asɛm Ho Anaa?

PDF

BranhamTabernacle.org

Dɔfoɔ A Moasan Aba Nkwa Mu,

Sɛnea yɛn akoma nom tu kɔɔ soro te sɛ Akɔdeɛ wɔ Easter Naawɔtwe awieɛ yi. Ɛda akyi adekyeɛ biara, Ne ngosra no yɛɛ akɛseɛ ne akɛseɛ. Awurade Adidie, Amusieɛ No, Pɛyɛ No, afei mpɔnpɔnsoɔ kɛseɛ a na Wasiesie yɛn  ama no: Ɛyɛ Awia A Ɛrepue No…ANIMUONYAM, WASƆRE na Ɔte ase wɔ yɛn mu biara mu.  Na Ɔreda N’Asɛm adi akyerɛ yɛn mu biara ɛte sɛ deɛ yɛntee da. Ngosra no hyɛɛ yɛn akoma nom mu ma-ma, N’animpa hyɛɛ mframa no ma; na ɛte sɛ deɛ Ohwim no abɛn.

Ɔkaa deɛ na asie mfie mpem mmienu a atwam nie kyerɛɛ yɛn, ɛna afei deɛ ɛrekɔ soɔ seesei wɔ   afe mpenu ne aduonu nsia mu. Na Yesu ne Onyankopɔn Ayuo Aba a Ɛdi kan a wɔanyane no afiri awufoɔ mu. Ná Onyankopɔn wusɔreɛ Tumi anyane No. Na Onyankopɔn akanyan Ne nkwa, anyane No afiri awufoɔ mu, na Ɔno na na Ɔyɛ aduaba a ɛdi kan wɔ wɔn a  wɔdedaaeɛ no mu. Ɔno ne deɛ ɛdii kan nyiniieɛ, Onyankopɔn Afiafi a wɔhimm no sɛ ɛnaaseɛ nkaeɛdum ma Onyankopɔn, ɛregyedi sɛ yɛn a yɛaka no bɛba. Ná ɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ bi.

AFEI ƆDAA DEƐ ƐREKƆ SO NNƐ ADI KYERƐƐ YƐN. Te sɛ deɛ wɔhimm no wɔ Pentekose Da no ɛberɛ a nyegyeɛ bi firi Ɔsoro baaeɛ te sɛ adeɛ a ɛrehim, ahum bi a ɛte sɛ mframa a ano yɛ den himm wɔ nkorɔfoɔ no so. Na ɛrehim bio wɔ nkorɔfoɔ no anim sɛnea Ɔhyɛɛ bɔ wɔ Luka 17:30 ne Malaki Etire 4, ɛberɛ a wɔbɛda onipa Ba S-o-n no adi na wɔasan ahim no bio wɔ nkorɔfoɔ no so.

Afei, Hwan ne Onipa Ba no? “Mfitiase no na Asɛm no wɔ hɔ, na Asɛm no ne Onyankopɔn  na ɛwɔ hɔ, na Asɛm no yɛ Onyankopɔn. na Asɛm no bɛyɛɛ honam, na Ɔtenaa yɛn ntam.” Na sɛ nkyerɛkyerɛ a yɛwɔ nyinaa, ɛne Onyankopɔn Asɛm a wɔasi so dua a; ɛnam Onyankopɔn Asɛm so, ɛnam nsɛnkyerɛnneɛ nom so, ɛnam anwanwadeɛnom so, yɛhunu nnɛ, sɛ ɛwɔ —ɛwɔ Luka nwoma a ɛwɔ ha yi mu, sɛdeɛ yɛaka afiri mu pɛpɛɛpɛ seesei ara no, anaa ɛ—ɛ Luka ti du-nson ne nkyekyɛmu aduasa; ɛne Malaki tire nan, ɛne Twerɛnsɛm ahodoɔ a yɛnim no, sɛ wɔasan ahim saa Asɛm no bio wɔ nkurɔfoɔ no so, sɛ onipa atetesɛm a nkwa nni mu no awu, na Onyankopɔn Ba no te ase bio a Honhom Kronkron asubɔ no wɔ yɛn ntam pɛɛ, na ɛrema yɛn Nkwa.

Honhom Kronkron no kɔɔ so sɛ ɛrehim na ɛrehim wɔ yɛn so kɛkɛ, ɛreda na ɛreda N’Asɛm adi…Tumideɛ, Akekadeɛ, owusɔreɛ tumi…

Afei, ɛberɛ a ɛyɛɛ sɛdeɛ Ɛntumi nyɛ kɛseɛ no, Ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ:

Ɔmaa mehwɛɛ twam-tam no akyi, na mehunuu mo nyinaa wɔ hɔ…Wɔn a wodɔɔ wɔn pɛn no nyinaa, ɛne wɔn a wɔdɔɔ wo nyinaa, wɔde ama wo”. Moahu? Mehunuu wɔn nyinaa te saa wɔ hɔ. Ná ɛyɛ ɛdeɛn? Owusɔreɛ Tumi.

ƆHUNUU YƐN WƆ HƆ!! Wɔ twamtam no akyi…na yɛne No wɔ HƆ; yɛn adɔfoɔ a wɔadi y’ɛanim kan nyinaa…ɛnanom, agyanom, mmɔfra. Na yɛne wɔn ne wɔn a yɛnhyiaa wɔn da nyinaa wɔ hɔ: Mose, Elia, Petro, Paulo….na yɛn nyinaa bom wɔ hɔ.

Afei, te sɛ Honhom Kronkron dɔfoɔ a Ɔyɛ no, na Ɔmpɛ sɛ ne werɛ bɛfiri yɛn a yɛyareɛ, yɛwerɛ ahoɔ na yɛahwe yɛn, enti Ɔhimm Ne ho wɔ yɛn so bio sɛnea ɛbɛyɛ a obiara bɛtumi anya ayaresa afiri biribiara a na yɛhia ho.

Saa nkorɔfoɔ yi a wɔyɛ Ahennie no mu mfɛfoɔ, wɔn a wɔwɔ Owusɔreɛ Tumi no, kanyan No ma wɔn, Awurade, mprempren yi ara. Na ma Honhom no mfiri ɔkɔdeɛ so nkɔ ɔkɔdeɛ so, mfiri Asɛm so nkɔ Asɛm so, kɔsi sɛ Yesu Kristo mãyɛ no bɛda adi wɔ nipadua no mu biara mu, ama honam fam, honhom mu, anaa ahiadeɛ biara a ɛhia wɔn, ɛberɛ a yɛde yɛn nsa to yɛn ho yɛn ho so. Wɔ Yesu Kristo Din mu.

Saa Asɛm no. Saa Ɛnne no. ADEƐBIARA a yɛhia no wɔ tapes no so, Ayeforɔ. Onyankopɔn nsesa N’adwene wɔ N’Asɛm ho. Ɛnyɛ ko baako anaa sɛ atifi asɛm baako na ɛbɛtumi asesa, enti Ɔbuee kwan bi a N’Ayeforɔ bɛtumi de wɔn ankasa aso ate deɛ Ɔpɛɛ sɛ Ɔka kyerɛ wɔn PƐPƐƐPƐ.

Onyankopɔn akasa akyerɛ N’Ayeforɔ ɛna Wada BIRIBIARA adi.  Wɔatwe agu ahoma so. Ɛsɛ sɛ Ayeforɔ no ba Ayeforokunu no nkyɛn; ɛno ne Ne Kwan a ɛwie pɛyɛ a wɔde ama ɛnnɛ. Ɛyɛ SƐ AWURADE SEƐ NIE.

Onyankopɔn sesa N’adwene wɔ N’Asɛm ho da anaa? DABI. Ɔwɔ APƐDEƐ BI A ƐWIE PƐYƐ NE APƐDEƐ A ƆMA HO KWAN. Ɛsɛ sɛ Ayeforɔ no wɔ N’APƐDEƐ A ƐWIE PƐYƐ mu. Apɛdeɛ a ɛwie Pɛyɛ anaa sɛ, beaeɛ a ɛwie pɛyɛ biara nni hɔ bio a ɛkyɛn sɛ wobɛtie Onyankopɔn Nne tẽẽ afiri Onyankopɔn Ankasa hɔ.

Me nsatoɔ a mede ma mo mu biara ne sɛ mobɛka yɛn ho Kwasiada prɛmtoberɛ wɔ Jeffersonville berɛ mu, sɛ montie Onyankopɔn Nne no a Ɛde Asɛm Korɔgyenn no brɛ yɛn. Ɛnhia ɛyɛ-me-sɛ biara, tena ase kɛkɛ na gye ASƐM BIARA SO AMEN…. beaeɛ foforɔ biara nni hɔ a wobɛtumi ayɛ, gyesɛ PRESSING PLAY nkutoo so.

Onuabarima Joseph Branham.

Nkransɛm: 65-0418E — Onyankopɔn Sesa N’Adwene Wɔ N’Asɛm Ho Da Anaa?

Yɛbɛfiri aseɛ wɔ kasapɛn aduosia baako.

Twerɛnsɛm a wobɛkeken ansa na woatie Nkransɛm no.

Exodus 19

Numeri 22:31

Ɔhoteni Mateo 28:19

Luka 17:30

Adiyisɛm 17.