26-0621 Wɔda Kristo Adi Wɔ Ɔno Ankasa Asɛm Mu

Ɔhemmaa Dɔfoɔ .

Na nnɛ yi wɔayi Ayeforɔ no afiri Kristo nipadua mu, a ɛreyɛ na ɛreyɛ sɛdeɛ Ɔkaa sɛ Ɛbɛyɛ ama ɛda wei pɛpɛɛpɛ, Ayeforɔ no, Ɔhemmaa no; Ɔhene ne Ɔhemmaa no.

Ɛberɛ a Yesu bɛyɛɛ saa Asɛm no nyinaa no, ɛneɛ na yɛyɛ Ne fã bi SAA BERƐ NO. Ɔbonsam biara nni hɔ, tumi biara nni hɔ, biribiara nni hɔ a ɛbɛtumi agye ɛno afiri yɛn hɔ da. Ɛno ne ɔkra no sɛkyɛ.

Nkannyan paa a Ayeforɔ no renya wɔ Nkransɛm biara a yɛtie no. Ɛboro sɛ onipa dasani de nsɛm bɛkyerɛ. Adwenem naayɛ sunsum baako nni hɔ, Onyankopɔn apaw yɛn na Ɔde N’Asɛm mu NOKORƐ Adiyie a ɛwɔ hɔ ma nnɛ da yi ama yɛn. Enti, yɛnim nnipa ko a yɛyɛ, Ne Hemmaa.

Onyankopɔn Nne a ɛrekasa kyerɛ N’Ayeforɔ wɔ tapes no so no rema N’Ayeforɔ no awie pɛyɛ. Ɔsom adwuma foforɔ biara nni hɔ, ɛnne foforɔ biara nni hɔ; biribiara nni hɔ a ɛbɛtumi ama N’Ayeforɔ awie pɛyɛ gye sɛ Onyankopɔn Ankasa nam nnipa anofafa so rekasa kyerɛ N’Ayeforɔ no tẽẽ. Ebia afoforɔnom bɛpɛ asinanmu bi, nanso N’Ayeforɔ no ɛmpene biribi foforɔ biara so gye Ne NNE, Ne dɔ krataa kɔma N’Ayeforɔ; ɛfiri sɛ Ne Nnwan pɛ sɛ wɔtie Ne Nne nkutoo.

Nkorɔfoɔ ka sɛ yɛsi odiyifoɔ no so dua dodo. Ɛyɛ nwanwa ara ma sɛ nkorɔfoɔ no nnye ntom sɛ Ɔsoro Agya kɛseɛ no Ankasa dwenee Ne bɔfoɔ ho ara ma Ɔde adehiadeɛ a ɛte saa too nkyerɛkyerɛmu adeɛ biara ɛfa ne ho so; ɔkwan a ɔfaa so siesiee ne ho, sɛnea ɔyɛɛ n’adeɛ, ne suban, ne nneyɛɛ.

Ɔde ntade ko a ɔhyɛɛeɛ mpo siesiee ne ho; ne su, ne botaeɛ, biribiara sɛnea na ɛsɛ sɛ ɔyɛ no ara pɛ, Onyankopɔn Ankasa na Ɔyii no pɛpɛɛpɛ maa yɛn…afei ɛka sɛ yɛde pii na ɛto odiyifoɔ no so dodo.

Yɛn afam no, Ɛnne a ɛwɔ tapes no so no nyɛ onipa asɛm, saa nso na Ɛnyɛ onipa na ɔkaeɛ, onipa na ɔde baaeɛ, anaa sɛ saa nso na onipa ntumi nna no adi. Ɛyɛ Onyankopɔn Asɛm a Onyankopɔn Ankasa da no adie, Ɔno Ankasa Nkyerɛaseɛni, Kristo a Ɔreda Ne Ho adi wɔ Ɔno Ankasa Asɛm mu.

Ebinom tumi te, nanso wɔnhunu nkɔsi tire. Wobɛtumi aka akyerɛ wɔn, akyerɛ wɔn nanso wɔntumi nhunu kɛkɛ. Yɛdɔ wɔn, yɛbɔ mpaeɛ ma wɔn, nanso deɛ Onyankopɔn ada no adi akyerɛ yɛn no ɛne deɛ ɛwie Pɛyɛ ma No.

Wei ne Litmus test ma mpaepaemu kɛseɛ a ɛwɔ Kristo Ayeforɔ no mu nnɛ a wɔka sɛ wɔwɔ nokorɛ Adiyie a ɛfa awieɛ berɛ Nkrasɛm kɛseɛ yi ho.

Litmus test nkyerɛaseɛ: Adeɛ baako pɛ a ɛyɛ agyinasie, asɛmmisa, anaa adeyɛ a ntɛm ara ɛda biribi (anaa obi) su, kamayɛ, anaa gyinabea ankasa adi.

Ma menni kan nka prɛko bio sɛ, mewɔ gyedie wɔ Nyame-afrɛ nokorɛ som adwuma mu. Ahiade bi wɔ hɔ, ne beaeɛ bi, ma adwumayɛbea biara. Twerɛsɛm no ka sɛ saa mmarima yi som adwuma no wɔ hɛ sɛ ɛma ahotefoɔ no wie pɛyɛ, nanso ɛnka sɛ ɔsom adwuma num no mu biara bɛma ahotefoɔ no awie pɛyɛ. Onuabarima Branham ka kyerɛ yɛn pefee sɛ ɔsom adwuma a ɛwɔ mfirinhyia biara mu no yera, enti ɛbɛyɛ dɛn na WƆN bɛtumi ama Ayeforɔ no Awie pɛyɛ?

Asɛnkafoɔ, akyerɛkyerɛfoɔ, asomafoɔ ɛne adiyifoɔ dodoɔ, bebree wɔ hɔ a wɔaka sɛ wɔgye saa awieɛ berɛ Nkransɛm yi di na na Onuabarima Branham yɛ Ɛnne a ɛwɔ Adiyisɛm 10:7, a seesei ɔɔmo ka sɛ ɛyɛ atorɔ, ɔyɛ ɔdaadaafoɔ, yɛyɛ ɔsom mu ɛsom.

Ná weinom yɛ asomfoɔ a na yɛbu wɔn kɛseɛ a wɔwɔ asafo akɛseɛ-akɛseɛ a wɔkyinkyinn wiase yɛɛ ɔsom adwuma. Yɛbuu wɔn sɛ Akannifoɔ akɛseɛ wɔ ɔsom adwuma-num no mu, ɛɛka asɛm no wɔ nhyiamu akɛseɛ aeɛ ɛne nsɔre mu wɔ United States. Nnipa no aniso no na wɔwɔ ɔsom adwuma akɛseɛ, na wɔdii wɔn akyi na wɔgye dii sɛ wɔyɛ Onyankopɔn nnipa akokroko.

Afei asomfoɔ bi wɔ hɔ nnɛ a dodoɔ gye wɔn tom sɛ nokorɛ asomfoɔ wɔ ɔsom nwuma num no mu a wɔseɛ sɛ wɔgye saa Nkransɛm yi di ɛnam sɛ wɔreyi Ɛmu nsɛm ka na wɔreka Ɛho asɛm, nanso wɔka nso sɛ saa Nkransɛm yi nyɛ Nea Ɛyɛ Osiwieɛ. Onipa baako Nkransɛm no nna no aba awieɛ. Ɔsom adwuma num no na seesei ɛwɔ sɛ ɛma Ayeforɔ no wie pɛyɛ, na ɛyɛ mfomsoɔ sɛ wobɛbɔ tapes no wɔ asɔredan mu, sɛ yɛbɛyi anumsɛm kakraa bi aka a.

Yɛnim sɛ atorofoɔ a wɔasra wɔn bɛba awieɛ berɛ no mu; odiyifoɔ no bɔɔ yɛn kɔkɔ sɛ yɛnhwɛ wɔn animkwan. Wɔn som adwuma no bɛnya ngosra. Wɔbɛnya Honhom Kronkron no, ɛne sɛ wɔbɛyi anumsɛm afiri ɛdɔn no mu Nkransɛm no mu. Wɔbɛ BƐN PAA sɛ ɛbɛdaadaa wɔn a wɔapaw wɔn ankasa no sɛ ɛbɛyɛ yie a.

Ɛno NYƐ nsɔre nkorabata nom no. Wɔntumi mfiri aseɛ nnaadaa wɔn a wɔapaw wɔn no. Ɛne sɛ, ɛsɛ sɛ ɛbɛn sene saa mpo. Wei nkyerɛ sɛ ɔsomfoɔ BIARA ayera, ɔkwan biara so. Onyankopɔn mmarima akɛseɛ bi wɔ hɔ a wɔka asɛm no na wɔkyerɛkyerɛ nokorɛ no, nanso biribi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ ɔgyedini biara hunu na ɔbisa ne ho:

Ɔsomfoɔ a wodi n’akyi no bɛtumi ayɛ mfomsoɔ anaa?
Wobɛtumi aka amen wɔ asɛm biara a ɔka ho anaa?
Wogye di sɛ Asɛm biara a ɔkyerɛkyerɛ no yɛ Sɛ Awurade Seɛ nie anaa?
Ne nne ne Ɛnne a ɛho hia paa a ɛsɛ sɛ wotie anaa?
Ɔbɛtumi aka asɛm a ɛyɛ mfomsoɔ no anaa?
Ɔbɛtumi ayɛ mfomsoɔ mpo ɛberɛ a waka Nkransɛm no ho asɛm mfie aduasa akyi anaa? Ɔbɛtumi adi ntwo anaa?
Ɔbɛtumi aka nneɛma a ɛyɛ mfomsoɔ no akyerɛ wo anaa?
Wɔbɛtumi adaadaa no anaa?

Afei bisa wo ho nsɛm kɔrɔ no ara fa Onyankopɔn Nne a wɔada mu nokorɛ adi no a wobɛtumi atie wɔ tapes no so no.

Nkransɛm no a ɛwɔ tapes no so no bɛtumi ayɛ mfomsoɔ anaa: DAABI
Wobɛtumi agye adi na woaka AMEN wɔ Asɛm biara a ɔka ho anaa? YIW
Ɛno bɛtumi adi ntwo anaa? DAABI
Ɔbɛtumi aka nneɛma a ɛyɛ mfomsoɔ anaa? DAABI
Ɛno bɛtumi aka adeɛ a ɛyɛ mfomsoɔ akyerɛ wo anaa? DAABI
Wobɛtumi de wo daankwa akwantuo awieɛ ato Asɛm biara a wotie so anaa..YIW!!!
Ɛyɛ Onyankopɔn Nne anaa: YIW

Adɛn nti na meeka saa nsɛm yi? Sɛ ɛbɛda adi sɛ nnipa NYINAA bɛtumi ayɛ mfomsoɔ, na wɔyɛ, nanso ONYANKOPƆN NNE a ɛwɔ tapes no so no ntumi nyɛ mfomsoɔ. Ɛno nti na Ɛno ne ƐNNE a ɛho hia paa a ƐSƐ SƐ WOTIE. Ɛno nti na ɛsɛ sɛ ɔsom adwuma no bɔ tapes no ma wɔn nsɔrenom no. Ɛyɛ Onyankopɔn KWAN A ƐWIE PƐYƐ A WƆDE AMA a Wayɛ ama N’Ayeforɔ no.

Akyinnyeɛ biara nni ho sɛ, megye di sɛ wobɛtumi atie afoforɔ, nanso Ɛnne baako pɛ a ƐSƐ SƐ WOTIE na wogye Asɛm biara die ne Ɛnne a ɛwɔ tapes no so. Saa Ɛnne no NKUTOO na yɛbɛtumi agye Asɛm biara so sɛ AMEN.

Ɛno ne Onyankopɔn ahyɛdeɛ, ɛsɛ sɛ wogye Asɛm biara di, na Asɛm a wotie wɔ tapes no so no ne ASƐM NKUTOO a Ogya Fadum no ada mu nokorɛ adi sɛ ɛno ne nokorɛ no. Onyankopɔn kaa sɛ William Marrion Branham NKUTOO ne N’Asɛm ɔsoro nkyerɛaseɛni, ɛfiri sɛ Ɛnyɛ n’asɛm, Ɛyɛ Onyankopɔn Asɛm.

Mma nnsesa ko anaa atifiasɛm baako. Onipa biara nni hɔ a ɔwie pɛyɛ saa; Onyankopɔn Nne nko ara na ɛwie pɛyɛ saa. Mpo ɛberɛ a yɛnte deɛ yɛtie aseɛ no, ɛsɛ sɛ yɛgye di kɛkɛ sɛ ɛno ne Onyankopɔn Nne a wɔada mu nokorɛ adie de ma N’Ayeforɔ.

Nokorɛ, Honhom Kronkron no redi Nyankopɔn nnipa anim. Nokorɛ, Honhom Kronkron no afrɛ wɔn sɛ wɔnyɛ asɔfoɔ ne asɛnkafoɔ ne akyerɛkyerɛfo; ɛno yɛ nokorɛ, nanso wɔnwie pɛyɛ. Mmom Onyankopɔn ayɛ ɔkwan bi a wobɛtumi atie ASƐM A ƐWIE PƐYƐ no ɛberɛ biara a moboa m’oano.

Nkorɔfoɔ no, saa nso na ɔsom adwuma no repɛ Asinanmu nnɛ. Wobɛtumi de w’adwene abubu deɛ obi de reyɛ ɔsomfoɔ bi deɛ wɔde yɛ Onuabarima Branham?… “Mɛma wo simma aduasa afei ɛsɛ sɛ wogyae, mewɔ Nkransɛm bi a ɛsɛ sɛ mede ba.
Wobɛtumi atie tapes no ɛberɛ biara. Menim deɛ ɛsɛ sɛ asafo yi tie a ɛyɛ mprempren deɛ ma nnɛ.” Dodoɔ no ara mpo mmɔ tape fã bi, na wɔka sɛ ɛyɛ mfomsoɔ sɛ wɔbɛbɔ Onyankopɔn Nne no wɔ wɔn nsɔre mu.

Anyabia obi a n’adwene da hɔ bɛtumi de n’adwene abubu ɔsomfoɔ bi a ɔbɛma anoyie bi, anoyie biara sɛ ɔremmɔ Onyankopɔn Nne wɔ wɔn asɔre mu esiane sɛ wɔgye di sɛ ɛsɛ sɛ wɔka asɛm no nti? Wɔka, nanso wɔnnye nni sɛ ɛyɛ Onyankopɔn Nne, ɛnyɛ saa a anka wɔntumi mma anoyie biara da sɛ wɔremmɔ tapes no.

Ɛbɛyɛ dɛn na obi atumi aka sɛ wɔgye di sɛ wei ne Onyankopɔn Nne na wɔmpɛ sɛ wɔbɔ no wɔ wɔn asɔredan mu? Ɛbɛyɛ dɛn na nkorɔfoɔ a wɔseɛ sɛ wɔgye di sɛ ɛyɛ Onyankopɔn Nne na rekasa na wɔhwehwɛ sɛ wɔn asɔfoɔ bɔ tapes no wɔ wɔn nsɔre mu? Ɛfiri sɛ wɔwɔ honhom korɔ.

Mma nyɛ Nikodemo na nka sɛ, “Mehunu na megye di. Ɛyɛ Onipa Ba no a ɔreda Ne Ho adi wɔ onipa honam mu. Ɛyɛ Sɛ Awurade Seɛ nie. Ɛyɛ Nkransɛm a ɛwie pɛyɛ. Ɛyɛ Onyankopɔn Nne no a ɛwɔ tapes no so, nanso mentumi mma me som adwuma no nkɔ fam kɛkɛ na menka sɛ saa Ɛnne no ho hia pii ma m’asafo no sɛ wɔbɛtie.”

Anuanom mmarima ne mmaa, ɛbia mo ne me nyɛ adwene wɔ wei ho pɛpɛɛpɛ. Mensrɛ mo sɛ monyɛ. Adeɛ baako pɛ, modeɛ mo mfa nkɔ adwene mu kɛkɛ. Deɛ wobɛka akyerɛ me no, mede bɛkɔ adwene mu. Sɛ asomfoɔ ka kyerɛ wɔn asafo sɛ wɔnnye nni sɛ wɔrebɔ tapes no wɔ wɔn nsɔre mu a, ɛyɛ, me nuabarima. Wodeɛ fa deɛ wopɛ biara ma wɔn aduane nni.

Merebɔ mmɔden paa biara sɛ me ne Asɛm no bɛtena pɛɛ, ɛfiri sɛ nnwan mpɛ biribi foforɔ biara gye nnwan aduane na yɛgye di sɛ Ɛnne a ɛwɔ Tapes no so no yɛ yɛn Nnwan Aduane. Ɛno ne deɛ yɛde te aseɛ: Asɛm biara a ɛfiri…Ɛnyɛ Asɛm bi kɛkɛ mprempren ne saa berɛ no; mmom Asɛm biara a ɛfiri Onyankopɔn anom a wɔaka wɔ tapes no so; ɛno ne deɛ yɛde te ase.

Nyame mfa kyɛ me na wo nso fa kyɛ me sɛ mekaa biribi tiaa wo anaa mekaa asɛm bi a ɛntene a. Wei ne deɛ yɛgye di na yɛhunu sɛ ɛyɛ Nokorɛ kɛkɛ a yɛnam so te ase. Onyankopɔn ama yɛn ƆKWAN A ƐWIE PƐYƐ a yɛfa so tie Ne Nne na yɛn ani gye ho.

Sɛnea ɛteɛ daa no, meto nsa frɛ obiara a ɔpɛ sɛ ɔka yɛn ho sɛ ɔbɛtie Saa Ɛnne no ɛberɛ kɔrɔ no ara mu, sɛ ɔmmɛka yɛn ho prɛmtoberɛ wɔ Jeffersonville berɛ mu baabi a yɛbɛka abom sɛ Ɛkoro Bafua retie: 65-0822M Wɔda Kristo Adi Wɔ Ɔno Ankasa Asɛm Mu.

Onuabarima Joseph Branham.

Twerɛnsɛm a ɛsɛ sɛ wokenkan ansa na woatie Nkrasɛm no:
Exodus 4:10-12
Isaiah 53:1-5
Yeremia 1:4-9
Malaki 4:5
Ɔhoteni Luka 17:30
Ɔhoteni Yohane 1:1 / 1:14 / 7:1-3 / 14:12 / 15:24 / 16:13
Galatifoɔ 1:8
2 Timoteo 3:16-17
Hebrifoɔ 1:1-3 / 4:12 / 13:8
2 Petro 1:20-21
Adiyisɛm 1:1-3 / 10:1-7 / 22:18-19