26-1108 Abayɛ #3

Nkransɛm: 60-0522M Abayɛ #3

PDF

BranhamTabernacle.org

Adɔfoɔ A Wɔagye Mo Abayɛ,

Ewiase aman mu mpaninfoɔ no reka kyerɛ nkorɔfoɔ no, “Monyɛ ahoboa, monsiesie mo ho mma ɔsɛeɛ da. Momfa aduane ne nsuo nsie mma mo abusua sɛnea ɛbɛyɛ a mo nsa bɛka deɛ mo hia ama deɛ ɛreba no.” Ehu abɔ ewiase. Ɛdeɛn na ɛrebɛsie? Ɛdeɛn na ɔkyena de bɛba?

Yɛn ani tua nkɔmhyɛ a ɛrehyɛ ma. Ewiase regye gu. Suro ne ehu rehyetɛ wɔ wiase afanaa nyinaa, a wonnim deɛ ɛreba. Ɛdeɛn na ɛbɛsi daakye? Ɛdeɛn na yɛbɛtumi ayɛ? Awieɛ no nie anaa?

Saa berɛ yi nyinaa, Papa Onyankopɔn abɔ yɛn kɔkɔ ɛna Wasiesie yɛn nso. Ɔde yɛn aduane ɛne yɛn nsuo asie akoraeɛ ama yɛn dada, na yɛadidi ɛna yɛanom afiri yɛn asutire mu. Yɛasiesie yɛn ho, ama Ohwim no mmom, ɛnyɛ ɔsɛeɛ da!!

Kristo Ayeforɔ no nnyaa anigyeɛ anaa abotɔyam bebree te sɛ wei da. Papa Nyankopɔn reka akyerɛ N’Ayeforɔ kumaa a wɔwɔ wiase nyinaa sɛ, “MONNSURO, momma mo ani nnye. Mo ne wɔn a M’apaw Wɔn no. Meresiesie mo ama Ohwim, mo Ayeforohyia Da. Mereyi mo afiri saa sakatuuyɛ  yi mu. Moyɛ Me Mmamarima ne Mma mmaa a wɔagye mo Abayɛ. Ɛberɛ wieduro no reba.”

Ahosɛpɛ paa bi a yɛrenya. Asɛm biara a yɛtie no yɛ sika futuro ma yɛn. Yɛfa No kɛkɛ na yɛkɔ so twi Ɛho kɛkɛ na yɛretwi Ɛho bio ɛne bio. Afei yɛka sɛ:

“Kronkron, kronkron, kronkron, ma Awurade.”  “Kronkron, kronkron, kronkron, ma Awurade.” “Kronkron, kronkron, kronkron, ma Awurade.”

Yɛde yɛn ani akyerɛ Kalvary so, na biribiara nni hɔ a ɛrebɛsi yɛn kwan! Yɛrenante Ɔheno no Kwantempɔn no so, a wɔde ngo a ɛsom bo no asra yɛn, a yɛretu anamɔn akɔ Koronkron mu koronkoronbea.

Sɛ ɔtamfo no bɔ mmɔden sɛ ɔbɛka akyerɛ yɛn sɛ yɛayera na yɛnyɛ N’Ayeforɔ a, yɛ Press Play kɛkɛ na Ɔteɛm hwɛ yɛn so na Ɔka sɛ:

Yi firi w’adwene mu sɛ worebɛyera na worebɛyɛ wei, na wosuro wei. Mma hwee mmɔ wo hu, ɛfiri sɛ ɔrebɔ mmɔden sɛ ɔbɛkyerɛ wo baabi a wowɔ, onipa ko a woyɛ, sɛnea wogyina.

Ewiase wɔ SURO mu, na ɛberɛ kɔrɔ no ara mu no Papa Nyankopɔn reka akyerɛ yɛn sɛ, “Mma BIBIARA mmɔ wo hu, mereka onipa ko a woyɛ ne baabi a worekɔ akyerɛ wo.” …ANIMUONYAM!!

Wɔ yɛn nnipa mmerɛyɛ mu no yɛdi ntwo da biara. Yɛyɛ mfomsoɔ pii. Yɛyɛ nneɛma bebree a ɛnsɛ sɛ yɛyɛ. Afei ɔbonsam bɔ yɛn na wabɔ yɛn, ɔreka sɛ ɛbɛyɛ dɛn na yɛbɛtumi Ayɛ Ayeforɔ no.

Nanso wɔama yɛn nkyerɛkyerɛ. Yɛnim adeɛ pɔtee a ɛsɛ sɛ yɛyɛ: Press Play na tie deɛ Papa Nyankopɔn wɔ ka.

Afei, ɛbia wobɛyɛ nneɛma a ɛmfata, na ɛberɛ biara a wobɛyɛ adeɛ biara a ɛmfata no worebɛnya ɛso akatua. Yiw, owura, deɛ wodua no na wobɛtwa! Nanso ɛno ne wo nkwagyeɛ nni hwee yɛ. Sɛ wɔde Onyankopɔn Honhom awo wo a, wo wɔ Daa Nkwa na wontumi nwu sɛnea Onyankopɔn ntumi nwu no. Woyɛ Onyankopɔn fã bi, woyɛ Onyankopɔn ba.

Ɛsɔɔ Onyankopɔn ani sɛ Ɔbɛyi yɛn ato hɔ. Ɛsɔɔ Onyankopɔn ani sɛ Ɔbɛyɛ yɛn Mmamarima ne Mmammaa. Ɛsɔɔ Onyankopɔn ani sɛ ɔbɛgye yɛn Abayɛ. Ɛsɔɔ Onyankopɔn ani sɛ Ɔbɛma yɛn nokorɛ Adiyie no a ɛfa onipa ko a Ɔyɛ ne nnipa ko a yɛyɛ ho. Ɛsɔɔ Onyankopɔn ani sɛ Ɔbɛfa Ne bɔfoo akɔ twamberɛ no akyi na Ɔde yɛn akyerɛ no wɔ ɔfã foforɔ no sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛtumi adi ahurusie na yɛannya SURO BIARA.

Deɛ ɛyɛ awerɛhoɔ ne sɛ, saa tapes yi nni hɔ mma obibiara. Ɛwɔ hɔ ma odiyifoɔ no asafo no nko ara… Animuonyam, ɛno ne yɛn. Simma biara a yɛbɛtumi, ɛne ɛberɛ biara a yɛbɛhyiam no, deɛ yɛpɛ sɛ yɛyɛ nyinaa ara ne Press Play na tie Onyankopɔn Nne.

Afoforɔnom wɔ no kama. Hunu na wɔn nhunu no sɛdeɛ yɛhunu no no. Wɔ wɔ no saa ara, nanso yɛn deɛ… Ɛyɛ paa sɛ yɛbɛhwɛ; ɛfiri sɛ yɛnim sɛ Ɛyɛ Papa Onyankopɔn kwan a ɔde ama nnɛ.

Da biara ewiase ne ne nkorɔfoɔ nya adwenemhaw pii. Biribiara akɔyɛ esum pii ne awerɛhoɔ pii.  Nanso wɔ Ayeforɔ no fam no, ɛda biara de nkanyan a ɛnam Adiyie pii so ba. Yɛwɔ ahomegyeɛ mu, a Ne Honhom Kronkron ahyɛ yɛn ma, a yɛabom tete ɔsoro mmeaeɛ hɔnom.

Anyabiaa wode akɔ adwendwene mu pɛn sɛnea na ɛteɛ wɔ Pentekose da no ɛberɛ a mframa a ɛrebɔ denden baeɛ na Honhom Kronkron no hyɛɛ ɛdan no mu ma, ɛne obiara a na ɔwɔ hɔ no?

Mfa w’adwene mmubu bio. Bra bɛka yɛn ho Kwasiada prɛmtoberɛ wɔ Jeffersonville berɛ mu, ɛberɛ a Ɔboaboa N’akɔdeɛ ano, de Ne Honhom Kronkron hyɛ wo dan mu ma, na Ɔsiesie yɛn ma Ne Mmaeɛ a ɛrenkyɛ no ɛnam N’aduane a Wakora a Ɔde ma yɛn die no so. Wobɛdidi na woanom afiri Ne adekoradan mu, Onyankopɔn Nne a ɛwɔ tapes no so no.

Onuabarima Joseph Branham.

Nkransɛm: Abayɛ #3 60-0522M

Twerɛnsɛm 
Mateo 28:19
Yohane 17:7-19
Asomafoɔ Nnwuma 9:1-6, Etire 18 & 19
Romafoɔ 8:14-19
1 Korintofoɔ 12:12-13
Galatifoɔ 1:8-18
Efesofoɔ Etire Baako 
Hebrifoɔ 6:4-6, 9:11-12