Message: 62-1014E Ɔkwankyerɛfoɔ
- 26-1018 Ɔkwankyerɛfoɔ
- 25-0608 Ɔkwankyerɛfoɔ
- 22-0410 Ɔkwankyerɛfoɔ
- 20-1011 Ɔkwankyerɛfoɔ
- 18-1202 Ɔkwankyerɛfoɔ
- 16-1026 Ɔkwankyerɛfoɔ
Dɔfoɔ Ahoɔdenfoɔ,
Onyankopɔn hyɛɛ bɔ sɛ Ɔbɛsoma ɔkwankyerɛfoɔ aberɛ N’Ayeforɔ wɔ saa nna a ɛdi akyire yi mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Ɔbɛtumi ada Ne Ho adi wɔ honam mu, sɛdeɛ ɔyɛeɛ ɛberɛ a Ɔbaa asase so wɔ Ne Ba, Yesu mu no. Ɔka kyerɛɛ yɛn wɔ N’Asɛm mu sɛ Ɔbɛsoma Elia odiyifoɔ no, a ɔbɛyɛ Onipa Ba no a Ɔreda Ne Ho adi wɔ onipa honam mu no; ɛfiri sɛ Ɔwɔ nneɛma bebree a afei na Ɔbɛka na Wakyerɛkyerɛ yɛn.
Ɔnkasa mfiri ɔno ankasa ne pɛ mu; mmom deɛ ɔbɛtie biara no na ɔbɛka; na ɔbɛkyerɛ mo nneɛma a ɛbɛba. Na, ɔbɛhyɛ me animuoyam: ɛfiri sɛ ɔbɛgye me deɛ, na ɔde akyerɛ mo.
Ɔsomaa William Marrion Branham sɛ ɔnhyɛ N’Asɛm ma na ɔnkyekyere yɛn sɛ ankorankora sɛ yɛnyɛ Yesu Kristo Yɛbea; onipa a ɔwie pɛyɛ a ɔbɛtumi adi ɔtamfo biara so nkonim, na ɔbɛyɛ ahoɔdenfoɔ ama Honhom Kronkron no atena mu.
Ɛmmaa da sɛ ɛberɛbiara Onyankopɔn ɛnsomaa ɔkwankyerɛfoɔ bi nkɔmaa Ne nkurɔfoɔ. Nanso sɛ wobɛyɛ N’Ayeforɔ no, ɛsɛ sɛ wogye saa akwankyerɛfoɔ no tom. Ɛsɛ sɛ wogye di. Ɛsɛ sɛ wofa ɔkwan a ɔka no so anyɛ saa a woreba abɛyera. Ɛmfa ho deɛ yɛdwene, deɛ ɛte sɛ deɛ nteaseɛ wom, anaa deɛ akɔyɛ sɛdeɛ nyansa nnim, ɛnyɛ yɛn na yɛpaepae ɛno mu, ɛyɛ ɔkwankyerɛfoɔ no nkutoo.
Woka sɛ, Onuabarima Joseph, ɛno ne Honhom Kronkron no
a Ɔbɛkyerɛ yɛn kwan, ɛnyɛ Onuabarima Branham. Nsɛm a ɔkaeɛ no ƐYƐ Honhom Kronkron no na ɛnyɛ Onuabarima Branham; mmom ɔno ne onii a Onyankopɔn ayi no sɛ ɔnyi Honhom Kronkron no adi wɔ mu, na ɔnyɛ yɛn asase so kwankyerɛfoɔ.
Na afei Onyankopɔn asoma N’akwankyerɛfoɔ ɛberɛ biara, ɛberɛ biara nni hɔ a Ɔnni ɔkwankyerɛfoɔ bi da, wɔ mfirinhyia no nyinaa mu. Onyankopɔn anya obi a ɔgyinaa hɔ ma No wɔ asase yi so, ɛwɔ mfirinhyia no nyinaa mu.
Ɛsɛ sɛ yɛhunu onii ko a ɔyɛ asase so kwankyerɛfoɔ a ɔregyina hɔ ama No wɔ asase so ha no; ɛhɔ na nokorɛ Adiyie a ɛwɔ N’Asɛm mu no wɔ.
Yɛnim sɛ Honhom Kronkron ne Owura Ɔkwankyerɛfoɔ a Agya somaa no sɛ Ɔmmɛdi N’Ayeforɔ anim, nanso ɛha yi Onyankopɔn kaa sɛ ɛberɛ nyinaa Ɔsoma onipa sɛ ɔnyɛ ɔkwankyerɛfoɔ bi nyina hɔ ma Ɔno Ankasa ananmu na ɔnni N’Ayeforɔ anim.
Yɛn Kwankyerɛfoɔ no ka kyerɛɛ yɛn sɛ na Kornelio yɛ onipa kɛseɛ a ɔwɔ animuonyam a ɔsisii asɔredan. Ɔtuaa adɔeɛ na ɔbɔɔ mpaeɛ ɛda biara. Nanso ɛberɛ a Honhom Kronkron no baeɛ no, na ɔhia Ɔkwankyerɛfoɔ.
Onyankopɔn somaa Honhom Kronkron no maa no. Ɔsomaa No faa onipa Petro mu, “Na ɛberɛ a Petro da so reka saa nsɛm yi no, Honhom Kronkron no hwie guu ne so.” Onyankopɔn faa Petro so de Ɔkwankyerɛfoɔ no dii dwuma. Ɔde Ne dii dwuma, ɛfiri sɛ Ɔmaa Kornelio akwankyerɛ ɛwɔ ɛkwan a ɛtene no so.
Ɛberɛ a na Petro da so rekasa no, Honhom Kronkron no hwie guu wɔn so. Petro kaa sɛ,
“Obi bɛtumi asi nsuo ho kwan, sɛ wɔmmɔ weinom asu anaa?” Hwɛ, Ɔkwankyerɛfoɔ no da so ara rekasa, ɛnyɛ Petro.
Ɛnyɛ onipa bi na ɔredi yɛn anim; Honhom Kronkron no na Ɔredi yɛn anim, A ƆREKASA FA ONIPA A ONYANKOPƆN YII SƐ ƆNYƐ YƐN ASASE SO KWANKYERƐFOƆ NO SO.
Honhom Kronkron no a Ɔnam Ne bɔfoɔ kwankyerɛfoɔ so rekasa no bɛka Asɛm no ɛda biara. Ɔka kyerɛɛ yɛn, “Mewɔ nneɛma bebree a mɛka akyerɛ mo. Montumi nte Ɛno ase seesei, nanso sɛ Ɔba a, Ɔbɛma mo akwankyerɛ ɛwɔ Ɛno ho.”
Wɔdii Yohane anim ɛberɛ a ɔtwerɛɛ Adiyisɛm no. Ɔkwankyerɛfoɔ no na Ɔdii n’anim. Ɔkwankyerɛfoɔ no nso na Ɔdii n’anim ma ɔkaa sɛ, “Obiara a ɔbɛyi Asɛm baako afiri Mu, anaa ɔde asɛm baako bɛka Ɛho no, saa ara na wɔbɛyi, ne kyɛfa, afiri Nkwa Nwoma no mu.”
Honhom Kronkron no nso dii Onuabarima Branham anim maa ɔkaa sɛ ɛsɛ sɛ yɛka deɛ ɛwɔ tapes no so nko ara; ɛmfa ɛnka ho anaa sɛ ɛnnyi mfiri mu. Na Wama yɛn ɛkwan bi a yɛbɛtumi ayɛ deɛ ɔkyerɛɛ yɛn sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ no pɛpɛɛpɛ, Press Play.
Afei, wobɛyɛ dɛn de biribi rebɛsi Onyankopɔn Asɛm ananmu, na woada so ara aka sɛ Honhom Kronkron no na Ɔredi wo anim.
Honhom Kronkron no na Ɔredi yɛn anim a Wama yɛn Adiyie a ɛfa Ɔnii ko a Ɔyɛ ho, ɔnii ko a Ɔsomaa no sɛ N’asase so kwankyerɛfoɔ sɛ ɔmfrɛ N’Ayeforɔ, na afei saa tiboɔ no: nnipa ko a yɛyɛ ho Adiyie no. Ɛboro sɛ nnipa nsɛm bɛkyerɛ mu.
Hwɛ deɛ Wayɛ ama yɛn, wɔ saa nnawɔtwe kakra a atwam yi mu ara. Ɔkyerɛkyerɛɛ yɛn sɛnea yɛbɛdi ɔtamfo biara a ɔbɛba yɛn anim no so nkonim; sɛnea yɛbɛtwe yɛn GYIDIE Nkrantɛ na yɛabɔ no akum no. Yɛnni biribiara a ɛbɔ yɛn hu. Biribiara ntumi nnyina yɛn anim.
Sɛnea Ɔkoraa Aduane maa N’Ayeforɔ sɛ ɔnni. Mpo ɛberɛ a Ne somafoɔ no wɔ akyirikyiri no, yɛda so ara wɔ Ɔkwankyerɛfoɔ bi a ewiase nnim ho hwee; nanso ɛma N’Ayeforɔ no, Ɛyɛ Honhom mu Aduane Wɔ Ɛberɛ a Ɛfata Mu, Manna a Ahinta a yɛreto so pono ɛda biara.
Wakyekyere yɛn ama yɛn ayɛ nnipa a wɔwie pɛyɛ yɛbeanom sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Ɔbɛtumi ahyɛ yɛn mu na Wabɛtena yɛn mu baako biara mu. Ɔsomaa Ne Honhom Kronkron berɛɛ yɛn ɛna Ɔdaa Ne Ho adi wɔ honam mu, sɛnea Ɔyɛɛ no mfie mpem mmienu a atwam no, sɛ Ɔnyɛ yɛn Kwankyerɛfoɔ, Ɔretena ase na Ɔnam N’asase so kwankyerɛfoɔ so rekasa.
Meto nsa frɛ mo mu baako biara sɛ mo mmra mmɛtie Ne, “Honk-honk, honk-honk!” baabi a Ayeforɔ no bɛba saa Honk no nkyɛn tẽẽ. Ɔbɛyɛ, “Honk-honk, honk-honk!” na ahosɛpɛ afahyɛ a ɛte saa bɛba wiase afanaa nyinaa. Adɛn? Ayeforɔ no nim wɔn Kwankyerɛfoɔ no Nne.
Sɛ wompɛ sɛ woyera a, bra bɛtie yɛn Kwankyerɛfoɔ no ɛberɛ a Ɔnam N’asase so kwankyerɛfoɔ a wapaw no so kasa Kwasiada yi wɔ prɛmtoberɛ Jeffersonville berɛ mu.
Onuabarima Joseph Branham.
Nkransɛm:
Ɔkwankyerɛfoɔ 62-1014E —
Twerɛnsɛm:
Ɔhoteni Marko 16:15-18
Ɔhoteni Yohane 1:1 / 16:7-15
Asomafoɔ no Nnwuma 2:38
Efesofoɔ 4:11-13 / 4:30
Hebrifoɔ 4:12
2 Petro 1:21
Exodus 13:21