All posts by admin5

26-1018 Ɔkwankyerɛfoɔ

Message: 62-1014E Ɔkwankyerɛfoɔ

PDF

BranhamTabernacle.org

Dɔfoɔ Ahoɔdenfoɔ,

Onyankopɔn hyɛɛ bɔ sɛ Ɔbɛsoma ɔkwankyerɛfoɔ aberɛ N’Ayeforɔ wɔ saa nna a ɛdi akyire yi mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Ɔbɛtumi ada Ne Ho adi wɔ honam mu, sɛdeɛ ɔyɛeɛ ɛberɛ a Ɔbaa asase so wɔ Ne Ba, Yesu mu no. Ɔka kyerɛɛ yɛn wɔ N’Asɛm mu sɛ Ɔbɛsoma Elia odiyifoɔ no, a ɔbɛyɛ Onipa Ba no a Ɔreda Ne Ho adi wɔ onipa honam mu no; ɛfiri sɛ Ɔwɔ nneɛma bebree a afei na Ɔbɛka na Wakyerɛkyerɛ yɛn.

Ɔnkasa mfiri ɔno ankasa ne pɛ mu; mmom deɛ ɔbɛtie biara no na ɔbɛka; na ɔbɛkyerɛ mo nneɛma a ɛbɛba. Na, ɔbɛhyɛ me animuoyam: ɛfiri sɛ ɔbɛgye me deɛ, na ɔde akyerɛ mo.

Ɔsomaa William Marrion Branham sɛ ɔnhyɛ N’Asɛm ma na ɔnkyekyere yɛn sɛ ankorankora sɛ yɛnyɛ Yesu Kristo Yɛbea; onipa a ɔwie pɛyɛ a ɔbɛtumi adi ɔtamfo biara so nkonim, na ɔbɛyɛ ahoɔdenfoɔ ama Honhom Kronkron no atena mu.

Ɛmmaa da sɛ ɛberɛbiara Onyankopɔn ɛnsomaa ɔkwankyerɛfoɔ bi nkɔmaa Ne nkurɔfoɔ. Nanso sɛ wobɛyɛ N’Ayeforɔ no, ɛsɛ sɛ wogye saa akwankyerɛfoɔ no tom. Ɛsɛ sɛ wogye di. Ɛsɛ sɛ wofa ɔkwan a ɔka no so anyɛ saa a woreba abɛyera. Ɛmfa ho deɛ yɛdwene, deɛ ɛte sɛ deɛ nteaseɛ wom, anaa deɛ akɔyɛ sɛdeɛ nyansa nnim, ɛnyɛ yɛn na yɛpaepae ɛno mu, ɛyɛ ɔkwankyerɛfoɔ no nkutoo.

Woka sɛ, Onuabarima Joseph, ɛno ne Honhom Kronkron no
a Ɔbɛkyerɛ yɛn kwan, ɛnyɛ Onuabarima Branham. Nsɛm a ɔkaeɛ no ƐYƐ Honhom Kronkron no na ɛnyɛ Onuabarima Branham; mmom ɔno ne onii a Onyankopɔn ayi no sɛ ɔnyi Honhom Kronkron no adi wɔ mu, na ɔnyɛ yɛn asase so kwankyerɛfoɔ.

Na afei Onyankopɔn asoma N’akwankyerɛfoɔ ɛberɛ biara, ɛberɛ biara nni hɔ a Ɔnni ɔkwankyerɛfoɔ bi da, wɔ mfirinhyia no nyinaa mu. Onyankopɔn anya obi a ɔgyinaa hɔ ma No wɔ asase yi so, ɛwɔ mfirinhyia no nyinaa mu.

Ɛsɛ sɛ yɛhunu onii ko a ɔyɛ asase so kwankyerɛfoɔ a ɔregyina hɔ ama No wɔ asase so ha no; ɛhɔ na nokorɛ Adiyie a ɛwɔ N’Asɛm mu no wɔ.

Yɛnim sɛ Honhom Kronkron ne Owura Ɔkwankyerɛfoɔ a Agya somaa no sɛ Ɔmmɛdi N’Ayeforɔ anim, nanso ɛha yi Onyankopɔn kaa sɛ ɛberɛ nyinaa Ɔsoma onipa sɛ ɔnyɛ ɔkwankyerɛfoɔ bi nyina hɔ ma Ɔno Ankasa ananmu na ɔnni N’Ayeforɔ anim.

Yɛn Kwankyerɛfoɔ no ka kyerɛɛ yɛn sɛ na Kornelio yɛ onipa kɛseɛ a ɔwɔ animuonyam a ɔsisii asɔredan. Ɔtuaa adɔeɛ na ɔbɔɔ mpaeɛ ɛda biara. Nanso ɛberɛ a Honhom Kronkron no baeɛ no, na ɔhia Ɔkwankyerɛfoɔ.

Onyankopɔn somaa Honhom Kronkron no maa no. Ɔsomaa No faa onipa Petro mu, “Na ɛberɛ a Petro da so reka saa nsɛm yi no, Honhom Kronkron no hwie guu ne so.” Onyankopɔn faa Petro so de Ɔkwankyerɛfoɔ no dii dwuma. Ɔde Ne dii dwuma, ɛfiri sɛ Ɔmaa Kornelio akwankyerɛ ɛwɔ ɛkwan a ɛtene no so.

Ɛberɛ a na Petro da so rekasa no, Honhom Kronkron no hwie guu wɔn so. Petro kaa sɛ,

“Obi bɛtumi asi nsuo ho kwan, sɛ wɔmmɔ weinom asu anaa?” Hwɛ, Ɔkwankyerɛfoɔ no da so ara rekasa, ɛnyɛ Petro.

Ɛnyɛ onipa bi na ɔredi yɛn anim; Honhom Kronkron no na Ɔredi yɛn anim, A ƆREKASA FA ONIPA A ONYANKOPƆN YII SƐ ƆNYƐ YƐN ASASE SO KWANKYERƐFOƆ NO SO.

Honhom Kronkron no a Ɔnam Ne bɔfoɔ kwankyerɛfoɔ so rekasa no bɛka Asɛm no ɛda biara. Ɔka kyerɛɛ yɛn, “Mewɔ nneɛma bebree a mɛka akyerɛ mo. Montumi nte Ɛno ase seesei, nanso sɛ Ɔba a, Ɔbɛma mo akwankyerɛ ɛwɔ Ɛno ho.”

Wɔdii Yohane anim ɛberɛ a ɔtwerɛɛ Adiyisɛm no. Ɔkwankyerɛfoɔ no na Ɔdii n’anim. Ɔkwankyerɛfoɔ no nso na Ɔdii n’anim ma ɔkaa sɛ, “Obiara a ɔbɛyi Asɛm baako afiri Mu, anaa ɔde asɛm baako bɛka Ɛho no, saa ara na wɔbɛyi, ne kyɛfa, afiri Nkwa Nwoma no mu.”

Honhom Kronkron no nso dii Onuabarima Branham anim maa ɔkaa sɛ ɛsɛ sɛ yɛka deɛ ɛwɔ tapes no so nko ara; ɛmfa ɛnka ho anaa sɛ ɛnnyi mfiri mu. Na Wama yɛn ɛkwan bi a yɛbɛtumi ayɛ deɛ ɔkyerɛɛ yɛn sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ no pɛpɛɛpɛ, Press Play.

Afei, wobɛyɛ dɛn de biribi rebɛsi Onyankopɔn Asɛm ananmu, na woada so ara aka sɛ Honhom Kronkron no na Ɔredi wo anim.

Honhom Kronkron no na Ɔredi yɛn anim a Wama yɛn Adiyie a ɛfa Ɔnii ko a Ɔyɛ ho, ɔnii ko a Ɔsomaa no sɛ N’asase so kwankyerɛfoɔ sɛ ɔmfrɛ N’Ayeforɔ, na afei saa tiboɔ no: nnipa ko a yɛyɛ ho Adiyie no. Ɛboro sɛ nnipa nsɛm bɛkyerɛ mu.

Hwɛ deɛ Wayɛ ama yɛn, wɔ saa nnawɔtwe kakra a atwam yi mu ara. Ɔkyerɛkyerɛɛ yɛn sɛnea yɛbɛdi ɔtamfo biara a ɔbɛba yɛn anim no so nkonim; sɛnea yɛbɛtwe yɛn GYIDIE Nkrantɛ na yɛabɔ no akum no. Yɛnni biribiara a ɛbɔ yɛn hu. Biribiara ntumi nnyina yɛn anim.

Sɛnea Ɔkoraa Aduane maa N’Ayeforɔ sɛ ɔnni. Mpo ɛberɛ a Ne somafoɔ no wɔ akyirikyiri no, yɛda so ara wɔ Ɔkwankyerɛfoɔ bi a ewiase nnim ho hwee; nanso ɛma N’Ayeforɔ no, Ɛyɛ Honhom mu Aduane Wɔ Ɛberɛ a Ɛfata Mu, Manna a Ahinta a yɛreto so pono ɛda biara.

Wakyekyere yɛn ama yɛn ayɛ nnipa a wɔwie pɛyɛ yɛbeanom sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Ɔbɛtumi ahyɛ yɛn mu na Wabɛtena yɛn mu baako biara mu. Ɔsomaa Ne Honhom Kronkron berɛɛ yɛn ɛna Ɔdaa Ne Ho adi wɔ honam mu, sɛnea Ɔyɛɛ no mfie mpem mmienu a atwam no, sɛ Ɔnyɛ yɛn Kwankyerɛfoɔ, Ɔretena ase na Ɔnam N’asase so kwankyerɛfoɔ so rekasa.

Meto nsa frɛ mo mu baako biara sɛ mo mmra mmɛtie Ne, “Honk-honk, honk-honk!” baabi a Ayeforɔ no bɛba saa Honk no nkyɛn tẽẽ. Ɔbɛyɛ, “Honk-honk, honk-honk!” na ahosɛpɛ afahyɛ a ɛte saa bɛba wiase afanaa nyinaa. Adɛn? Ayeforɔ no nim wɔn Kwankyerɛfoɔ no Nne.

Sɛ wompɛ sɛ woyera a, bra bɛtie yɛn Kwankyerɛfoɔ no ɛberɛ a Ɔnam N’asase so kwankyerɛfoɔ a wapaw no so kasa Kwasiada yi wɔ prɛmtoberɛ Jeffersonville berɛ mu.

Onuabarima Joseph Branham.

Nkransɛm:
Ɔkwankyerɛfoɔ 62-1014E —
Twerɛnsɛm:
Ɔhoteni Marko 16:15-18
Ɔhoteni Yohane 1:1 / 16:7-15
Asomafoɔ no Nnwuma 2:38
Efesofoɔ 4:11-13 / 4:30
Hebrifoɔ 4:12
2 Petro 1:21
Exodus 13:21

26-1011 Onipa A Owie Pɛ Subansu

Message: 62-1014M Onipa A Owie Pɛ Subansu

PDF

BranhamTabernacle.org

Dɔfoɔ Onipa A Ɔwie Pɛyɛ Yɛbea,
 
Nteteɛ paa bi a yɛrenya. Onyankopɔn Nne rekasa ɛna ɛrema yɛn akwankyerɛ, Asɛmfua baako biara, sɛnea yɛbɛdi ɔtamfo biara so nkonim pɛpɛɛpɛ. Wada no adi ɛna ato sɛkyɛ wɔ yɛn akoma mu, YƐN NA YƐYƐ ASƐM NO. Ɛne sɛ, wontumi nni yɛn so nkonim.
 
Sɛ ɔtamfo no tu yɛn so sa a, yɛde yɛn atomic bomb, Onyankopɔn Asɛm a Wɔaka, a nkwa wɔ mu na ɛte yɛn mu no bɔ no kɛkɛ, na yɛabɔ no na yɛabɔ no.
 
Nokorɛ nie, ɔko no nhyehyɛeɛ no awie duru, nanso seesei yɛnni suro bio; dadwenenom biara nni hɔ bio. Yɛrentie yɛn tiboa. Yɛrennya aso ntie yɛn nkaeɛ. Yɛntie yɛn atenkanom. Yɛato yɛn adwenenom mu wɔ saa nneɛma yi ho na yɛde N’Asɛm Honhom ahyɛ yɛn akoma ne yɛn kra mu. Yɛabɔ biribiara a ɛne N’Asɛm bɔ abira ato agu.
 
Adwenem naayɛ biara kɔ. Ɛhu biara kɔ. Adwenem naayɛ ho atenka biara kɔ. Atenka biara kɔ. Biribiara nni hɔ a ɛgyina hɔ gye Onyankopɔn Asɛm a nkwa wɔ mu na ɛte YƐN MU, na Satan ntumi nko ntia Ɛno.
 
Yɛreyɛ Onyankopɔn teasefoɔ no Ntamadan a ɛte aseɛ. Ɛyɛ Onyankopɔn a ɔte yɛn mu, rema yɛn ayɛ sɛ Ɔno Ankasa, a ɛreda Ne Nipasuo adi wɔ yɛn mu.
 
Yɛrefa Kristo gyinabea yɛrekɔ so ayɛ Ne som adwuma. Ɔte onipa yɛbea mu sɛnea Ɔteɛ no Ɔreda Ne Ho adi wɔ yɛn mu. Seesei yɛne No wɔ ɔsom a ɛwie pɛyɛ! Ɛyɛ Onyankopɔn a Ɔreda Ne Ho adi wɔ yɛn mu, sɛ Ne Ntamadan.  
 
Ɛdeɛn ne yɛn fapem a ɛnhinhim a ɛma yɛgye saa nneɛma yi di? GYIDIE. Na yɛn gyidie nhia biribiara; ɛfiri sɛ yɛn gyidie gye Onyankopɔn Asɛm di. Ɛfiri sɛ gyidie nam ɔtie so na ɛba, ɛna Onyankopɔn Asɛm tie so, na Onyankopɔn Asɛm no ba odiyifoɔ no nko ara nkyɛn, na wobɛtumi ATIE odiyifoɔ no a ɛnam Pressing Play nko ara…BƆ!!
 
Ɛnam Ne Nne a yɛretie so no, wɔde Ne Tumi rebɔwura yɛn mu na yɛawuwu ama yɛn ankasa nsusuiɛ. Yɛn gyidie abɛyɛ gyidie korɔgyenn, na wɔde Ne Nkwa awura yɛn mu.Yɛabɛyɛ Onyankopɔn abɔdeɛ ateasefoɔ, tenabea bi a Honhom Kronkron no bɛtumi afa so de Ne nhyira a ɛhyerɛn no asiane.
 
Ɛdeɛn na saa Ɛnne a ɛwɔ tapes no so no reyɛ?

Kristo somaa me sɛ menkyekyere ankorankora nkɔsi Yesu Kristo yɛbea so, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛnam N’Asɛm so wɔbɛtumi ayɛ Honhom no ahoɔdenfoɔ ɛne tenabea ma Honhom no. Ɛnam N’Asɛm so, ɛhwɛ, kyekyere ankorankora no kɔsi saa beaeɛ no.

Ɛnam Ne Nne a yɛtie, ne N’Asɛm a yɛregye die na yɛredi akyire so no, akyekyere yɛn ama yɛabɛyɛ Yesu Kristo yɛbeanom; tenabea ma Ne Honhom. Yɛyɛ ateasefoɔ ahoɔdenfoɔ, ateasefoɔ animdefoɔ, ateasefoɔ abotɔyamfoɔ, ateasefoɔ nyamesompafoɔ, ateasefoɔ Tumfoɔ, a ɛfiri Onyankopɔn teasefoɔ hɔ na ɛba, a ɛma yɛyɛ onipa teasefoɔ, mfonin a ɛte ase, wɔ Onyankopɔn kɛseyɛ mu.

Nanso Nipadua bi na Woasiesie Me,” Nipadua a Onyankopɔn bɛtumi atena mu, Onyankopɔn bɛtumi anante mu, Onyankopɔn bɛtumi ahunu mu, Onyankopɔn bɛtumi akasa mu, Onyankopɔn bɛtumi ayɛ adwuma wɔ mu Amen! Onyankopɔn adeyɔdeɛ a ɛte aseɛ, Onyankopɔn a Ɔrenante wɔ ɛnan mmienu so, wɔ wo mu. Animuonyam! “Onyankopɔn na Ɔtutu ɔtreneeni anammɔn,” Onyankopɔn a Ɔrenante wɔ wo mu. “Ɛfiri sɛ moyɛ nkrataa a wɔatwerɛ, a nnipa nyinaa kenkan.”

Animuonyam…!!! Enti, ɛmfa yɛ ho sɛ yɛte ntamadan anaa akurase-dan ketewa bi mu a, yɛte ase anaa yɛwu a, yɛmem anaa nsuo fa yɛn a. Wei nkutoo ne adeɛ a yɛn ani gye ho, SAA NKRANSƐM YI, SAA ƐNNE WEI, ONYANKOPƆN ASƐM. Ɛyɛ Onyankopɔn Ahennie no. Ɛyɛ Onyankopɔn kwan a Ɔde ama ɛnnɛ. Ɛɛkyekyere Onipa A Ɔwie Pɛyɛ Yɛbea a YƐYƐ No!
 
Momma yɛnhyiam na yɛnhwehwɛ yɛn abrabɔ mu ɛberɛ a yɛtie yɛn Kyerɛkyerɛni rekyerɛ yɛn deɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ, ɛne sɛdeɛ ɛsɛ sɛ yɛtena ase, na ama yɛn ayɛ Onyankopɔn mmammarima ne mmammaa a W-Ɔ-W-I-E P-Ɛ-Y-Ɛ
 
Yɛbɛhyɛ Awurade bɔ sɛ ɛnam Ne mmoa ne N’adom so no, yɛbɛbɔ mpaeɛ na yɛahwehwɛ no dabiara a yɛrennyae, kɔsi sɛ yɛbɛte nka sɛ N’ahiadeɛ mu baako biara retene wɔ yɛn yɛbea mu. Yɛbɛtena hɔ kɔsi sɛ yɛbɛtumi ayɛ Kristo teasefoɔ no adiyie.
 
Naawɔtwe baako biara anigyeɛ ne akwanhwɛ a ɛwɔ deɛ Awurade rebɛyɛ na Wada no adi akyerɛ yɛn no boro sɛ yɛde nsɛmfua bɛkyerɛ. Sɛnea mepɛ sɛ ewiase bɛka yɛn ho sɛnea biribiara nni hɔ a ɛyɛ kɛseɛ anaa ɛwie pɛyɛ kyɛn sɛ wobɛtena Onyankopɔn Nne animpa na woabɛyɛ N’Asɛm Ayeforɔ Yɛbea A Ɛwie Pɛyɛ.

Onuabarima Joseph Branham.
 
Nkransɛm: Onipa A Ɔwie Pɛyɛ Yɛbea 62-1014M
 
Ɛberɛ: .
Prɛmtoberɛ Jeffersonville, IN, berɛ.
 
Twerɛnsɛm:
Ɔhoteni Mateo 5:48
Ɔhoteni Luka 6:19
Ɔhoteni Yohane 1:1 / 3:3 / 3:16 / 5:14 / 14:12
Asomafoɔ Nnwuma 2:38 / 7:44–49 / Ti 10 / 19:11 / 28:19
Efesofoɔ 4:11-13
Kolosefoɔ Ɛtire a Ɛtɔ so mmiɛnsa
Hebrifoɔ 10:5 / 11:1 / 11:32-40
Yakobo 5:14
2 Ɔhoteni Petro 1:1-7
Isaiah 28:19

26-1004 Ɔko Kɛseɛ Paa A Wɔako Pɛn

Message: 62-0311 Ɔko Kɛseɛ Paa A Wɔako Pɛn

PDF

BranhamTabernacle.org

Adɔfoɔ Mikaiafoɔ,

Afei na ɔko kɛseɛ paa a wɔako pɛn no ayɛ krado sɛ ɛbɛhyɛ aseɛ. Onyankopɔn ayiyi N’asraafoɔ atitire bɛboro mfie mpem nsia ni, na wɔahyɛ ayi wo ato hɔ sɛ bɛka N’asraafoɔdɔm Kɛseɛ no ho.

Wahyɛ wo ntadeɛ, na watete wo, na seesei wɔasiesie ɔko no ano ɛhyeɛ no, reyɛ krado ahyɛ aseɛ. Ɛnyɛ sɛ Wapaw wo sɛ bɛka N’asraafoɔdɔm Kɛseɛ no ho nko ara, mmom Wapaw wo sɛ bɛyɛ Mikaia odiyifoɔ no wɔ N’asraafoɔ mu.

Ɛberɛ aso, ɛda no aduru; worebɛnya nteteeɛ tẽẽ afiri Ogya Fadum no Ankasa hɔ a wode bɛdi ɔtamfo biara so nkonim. Worebɛnya akwankyerɛ soronko, Asɛm biara, wɔ deɛ ɛsɛ sɛ woyɛ de sɛe honhom bɔne biara. Ɛbɛbɔ yareɛ biara ne ɔbonsam biara a ɔbɛba w’anim agu. Biribiara ntumi nyina w’akwan mu.

Saa nteteeɛ soronko yi akyi no, N’Asɛm bɛma wo ahobanbɔ ara aa ma wobɛtutu bɔne nyinaa agu. Tu adwene mu nyinasodeɛ gu. Tu gyediehunu nom gu. Tu ɔhaw gu. Tu nyarewa gu. Tu bɔne gu. Wobɛte aseɛ sɛ wo boro ɛno so, wɔanyane wo wɔ Kristo Yesu mu, wote Ɔsoro mmeaeɛ hɔnom, a ɔbonsam biara hyɛ wo nan ase. Wobɛnya ɛmu nteaseɛ nyinaa na WOAGYE ADI sɛ wo ne Asɛm no.

Ɔbɛtete wo wɔ deɛ ɛsɛ sɛ wohwɛ animkwan wɔ ho. Ɔbɛkyerɛ wo sɛ sɛ wo tamfo no tumi ma wogye di sɛ w’akodeɛ no mu nyɛ den sɛnea ɛsɛ a, ɔbɛgye w’akodeɛ afiri wo nkyɛn.

Nanso yɛbɛkae yɛn nteteeɛ, asraafoɔ, na yɛaka akyerɛ saa ɔbonsam no: Ɛnyɛ
yɛn, yɛnyɛ hwee. Y’ɛakodeɛ ɛne Onyankopɔn Asɛm na Ɛbɛdi nkonim wɔ
ƆBONSAM BIARA so, ɛberɛ biara, baabi biara, ɛfiri sɛ ɛyɛ N’ASƐM, NA WATETE YƐN NA WAYI NO ADI AKYERƐ YƐN SƐ SEESEI YƐYƐ N’ASƐM A AYƐ HONAM. ƐNE SƐ, yɛntumi nni nkoguo, yɛyɛ ONYANKOPƆN asraafoɔ a wontumi nni wɔn so nkonim.

Ewiase abakɔsɛm mu nna akɛseɛ no mu baako rebɛsi Kwasiada wei. Ne Mikaiafoɔ bɛka abom afiri ewiase afanaa nyinaa wɔ wɔn Ɔsahene kɛseɛ no Ɛnne no ase, baabi a yɛde adwene koro bɛka yɛn ho abɔ mu, a akyinnyeɛ sunsum baako ɛnni baabibiara.

Afei, sɛ yɛbɛgye adi kɛkɛ a, NA YƐGYE DI, yɛnnya onipa bi a ɔyɛ mmerɛ wɔ wiase afannaa nyinaa. Sɛ yɛbɛtumi asiesie saa adeɛ pɔtee no ara kɛkɛ a, anka obiara nni hɔ a ɔbɛpɛ Honhom Kronkron no mmom deɛ ne nsa bɛka Ɛno, na yɛbɛnya ɔkra ne nipadua nyinaa ayaresa, sɛ yɛbɛkura yɛn gyinabeanom kɛkɛ a. Seesei ne ɛberɛ no. Yɛn na yɛyɛ nkorɔfoɔ no. Onyankopɔn Honhom no ama frankaa so atia ɔbonsam biara; yɛyɛ WƆN MU BAKO na biribiara nni hɔ a ɛsi yɛn kwan!!

Yɛawuwu ama yɛn atenkanom, awuwu ama yɛn adwene mu nyinasodeɛ, awuwu ama saa nneɛma no nyinaa. Yɛn nkwa ahinta na wɔasie yɛn wɔ Yesu Kristo Din mu, na wɔanyane yɛn ne Ɔno. Na baabiara a Ɔwɔ no, ɛhɔ na yɛwɔ nso.

Yɛabɔ yɛn kwan afiri adi, ɔbonsam, ɛnam sɛ yɛde “SƐ AWURADE SEƐ NIE. SƐ AWURADE SEƐ NIE. SƐ AWURADE SEƐ NIE,” reka w’anim. Awieɛ no yɛrete mframa pa bi nka. “SƐ AWURADE SEƐ NIE.” Yɛn na yɛba no ɔbonsam, yɛatwe yɛn tiri apue. “SƐ AWURADE SEƐ NIE, WOADI NKOGUO.”

Ɛdeɛn na yɛde di ɔbonsam so nkonim?

Asɛm no!
Momma yɛnka; Asɛm! Asɛm! ASƐM!!

NTETEEƐ AKWANKYERƐ PII.

Afei sɛ ɔtamfo no to hyɛ wo so na ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛka sɛ ɛsɛ sɛ woyɛ wei a, ɛsɛ sɛ woyɛ saa, wonyɛ papa, wo mfata, wɔnsaa wo yareɛ, woda so ara wɔ wo amaneɛ nom korɔ no ara. Ɛdeɛn na worebɛyɛ?

Twe wo ho firi me ho.” Twa! Fa Asɛm no twitwa no. Sɛ ɛyɛ adaemone, sɛ ɛyɛ ɔtamfo, sɛ ɛyɛ yareɛ, sɛ ɛyɛ nyarewa, deɛ ɛteɛ biara, fa saa Asɛm no na fa Nkrantɛ no twe No. Na sɛ wotwa no deɛ ɛdikan, ɛyɛ sɛdeɛ ɔmpɛ sɛ ɔkɔ a, twa no bio, na twa no bio, na twa no bio.

Yɛgye Asɛm no tom kɛkɛ wɔ nnyinasoɔ sɛ, “Onyankopɔn kaa saa,” na ɛno de asutene bi to yɛne Ne ntam. Ɛkwan biara abue wɔ yɛn ntam. Yɛka sɛ, “Mennim ɛberɛ a mɛnya, nanso mɛnya. ONYANKOPƆN KAA SAA. Akyinnyeɛ biara KƆ…yɛregye yɛn adwenem naayɛnom mpo ho kyim.”

Yɛsi ɔbonsam kwan na yɛfa Onyankopɔn Asɛm. Sɛ menya atenka bi, anaasɛ mente nka biara, ɛmfa ho deɛ ɛbɛsie, Onyankopɔn kaa saa. Ɛno na ɛyi akyinnyeɛ biara firi hɔ.

Asraafoɔ, monni saa ahyɛdeɛnom yi so kɔsi tire. Si saa Nsɛm yi so sɛ ɔtamfo no to hyɛ so a. Ɛnyɛ wo Nsɛm, ɛyɛ NE NSƐM, NA NE NSƐM NTUMI NNI NTWO. Wama yɛn tumi sɛ yɛmfa N’Asɛm nni dwuma ɛnam sɛ Wayɛ yɛn N’Asɛm. Sɛ Satan to hyɛ wo so a, kenkan w’ahyɛdeɛnom no ma no.

YƐN SAHENE NO AKWANKYERƐNOM NO.

Deɛ mepɛ sɛ moyɛ pɛpɛɛpɛ nie.

Monsi saa ntamka yi so bio na monye Asɛm biara nni na monya ɔgyeɛ a ɛwie duru.

“Satan, firi hɔ! Merefiri ha mapue”.
Ɛne no. Merenna ha, bio, merentena ha, bio. Menni saa ɔbonsam atenaeɛ dadaa yi so bio. Mede peepeen ɛfiri adi, anɔpa yi. Amen. Meyɛ ɔkɔdeɛ.” Amen! Haleluia!

Afei mepɛ sɛ woyɛ wei:

reka n’anim, “SƐ AWURADE SEƐ NIE. SƐ AWURADE SEƐ NIE. SƐ AWURADE SEƐ NIE.”

Bue w’adwene mu, ka sɛ, “W’Asɛm yɛ nokorɛ.”

Awurade, memma m’adwene nkɔ atenka biara a mewɔ ho, deɛ obiara, me ho ɛseɛ. Meretua tokuro, meretoto me ho akwan nyinaa mu, abasamutuo nyinaa, ɛne adwenem naayɛ, ɛne annyeanienom a manya pɛn. Atenka biara a menyaa pɛn, yareɛnom a me yareeɛ pɛn nyinaa, biribi foforɔ biara menyaa pɛn, meretoto ne nyinaa mu. Merebɔ ne nyinaa ho nsaaho. Mereba me honhom ho tẽẽ.

Wo GYIDIE bɛhyɛ aseɛ akɔ soro akɔ soro. Afei ka kyerɛ No sɛ, Oh Awurade, siane bra. Wokaa sɛ Woyɛɛ me obi a meyɛ deɛ ɛwɔ mepɛ mu”

“Wo yɛ, Me ba.”

Ɛyɛ, mebue m’akoma ne m’adwene mu.

“Bra mu, Awurade Yesu.”

Sɔ Gyidie no mu, saa Honhom Nkrantɛ no, SƐ AWURADE SEƐ NIE.

Tea mu, “Haleluia!” Amen.*

Afei twitwa ɔtamfo biara a ɔwɔ w’anim. Amen. Ɛno na ɛwɔ hɔ no. Twitwa ɔtamfo biara. Sɛ ɛ—ɛ honhom huuhu dadaa bi rema wo te nka nyinaa a… Fa Awurade Asɛm twitwa saa adeɛ no firi hɔ.

ƆSRAANI WO AKWANKYERƐNOM A ƐTWA TOƆ. KA KYERƐ ƆTAMFO NO:

Firi me so kɔ.” Twa!

Fa Asɛm no twitwa no. Sɛ ɛyɛ adaemone, sɛ ɛyɛ ɔtamfo, sɛ ɛyɛ yareɛ, sɛ ɛyɛ nyarewa, deɛ ɛteɛ biara, fa saa Asɛm no na fa Nkrantɛ no twe No. Na sɛ wotwa no deɛ ɛdikan, ɛyɛ sɛdeɛ ɔmpɛ sɛ ɔfiri hɔ a, twa no bio, na twa no bio, na twa no bio. Na twa no kɔsi sɛ wobɛbɔne tokuru wɔ mu, te sɛ akokɔba ketewa bi a ɔreyi ne ho apue; anaasɛ ɔkɔdeɛ, deɛ woyɛ no. Ma wo ho so pue firi saa yareɛ konkuro dadaa no mu tɔnn. Twa wo kwan pue, na ka “Hallelujah! Deɛ ɛdi hɔ no wɔ ɛhe?” Amen. Ɛno ne ɔko no. Ɛno ne ɔsraani. Ɛno ne asɛnnua no so ɔsraani no. Yiw, owura. Bɔ ɔtamfo biara firi hɔ. Adɛn? Adɛn?

Yɛn, Abraham adehyeɛ Aseni a wɔayi ato hɔ.

Animuonyam, ɔtamfo biara adi nkoguo. BIBIARA nni hɔ a ɛbɛtumi agyina Onyankopɔn Asɛm anim, na yɛyɛ Onyankopɔn Asɛm. Yɛyɛ N’Adehyeɛ Aseni na bɔhyɛ biara yɛ YƐN DEA. Ɛda no aduru, Ayeforɔ no gye Asɛm biara di na ɔnam so de di adwuma. Yɛasiesie Yɛn ho ɛnam N’Asɛm a yɛretie na yɛregyedie no so. Sɛ wowɔ ahiadeɛ biara a, sɛ wopɛ sɛ Honhom Kronkron no hyɛ wo ma, sɛ wopɛ sɛ wonya ayaresa, sɛ wopɛ sɛ wɔtutu ɔbonsam biara, sɛ wopɛ sɛ woyɛ Kristo Ayeforɔ no a, seesei ne ɛberɛ no, woretie na woregye Ne Nne die no ɛne beaeɛ no.

Sɛ wopɛ saa nneɛma yi na wopɛ sɛ wo ba Awurade Animpa a, ɛbɛn kyɛn sɛdeɛ woaba pɛn a, bra bɛka yɛn ho Kwasiada prɛmtoberɛ wɔ Jeffersonville berɛ mu, ɛberɛ a yɛn nsoromma- nan Sahene de akwankyerɛ ma Ne Mikaia hoɔdenfoɔ Ayeforɔ no sɛdeɛ ɔbɛdi ɔbonsam biara, ɔtamfo biara so nkonim, sɛ wobɛde wo ho, na Ne Honhom Kronkron ahyɛ wo ma, na woasiesie wo ho ama Ne Mmaeɛ a ɛrenkyɛ no.

Onuabarima Joseph Branham.

Nkransɛm: Ɔko Kɛseɛ Paa A Wɔako Pɛn. 62-0311

Twerɛnsɛm:
1 Petro 5: 8-10
Efesofoɔ 6:10-17
Daniel 12: 1-7

26-0927 Onyankopɔn A Ne Mmɔborɔhunu Dɔɔso

Adɔfoɔ A Mo Yɛ Onyankopɔn Nsusuiɛnom,

Mo ne Onyankopɔn Asɛm a wɔhyɛɛ ho bɔ maa ɛnnɛ da yi a ada adie no. Na moyɛ saa ɛberɛ nyinaa. Ɛnyɛ afei na morebɛyɛ, mmom seesei mo yɛ Onyankopɔn mmammarima ne mmammaa no; ɛfiri sɛ na mo wɔ Onyankopɔn a Ne mmɔborɔhunu dɔɔso no nsusuiɛ mu, wɔ mfitiaseɛ no pɛɛ.

Ansa na mpo Ɔbɛyɛɛ adekann ɛwɔ asase so ha no; ansa na biribiara reba no, na woye Ne Nsusuiɛnom no mu baako. Na Ɔnim deɛ ɛbɛyɛ wo din. Na Ɔnim ahosuo tiri nwi ko a wobɛnya. Ná Ɔnim deɛ ɛfa wo ho nyinaa.

Afei, ɛberɛ a wotee sɛ Ne Nne ɛte yerɛw wɔ w’anim no, na biribi wɔ wo mu a ɛteateaa mu kɛkɛ; wonim baabi a wofiri na woba Ɛhɔ. Na wonim sɛ ɛno na na ɛyɛ Nokorɛ no. Na wonim sɛ ɛno ne Onyankopɔn kwan a Ɔde ama nnɛ ɛfiri sɛ na saa Aba no wɔ wo mu ɛberɛ nyinaa.

Seesei Ɔde ɔkɔdeɛ ntaban resoa yɛn akɔ. Asɛm no ka kyerɛ yɛn sɛ Ɔde N’adiyifoɔ toto akɔdeɛ ho ɛberɛ nyinaa. William Marrion Branham yɛ Onyankopɔn kɔdeɛ somafoɔ a wɔada ne mu nokorɛ adie ma saa da yi. Ɛno ne ɔkɔdeɛ ntaban a ɛbɛsoa yɛn so de yɛn akɔ bɔhyɛ Asase no so, ɛfiri sɛ ɔno, Onyankopɔn kɔdeɛ diyifoɔ no, reboaboa Onyankopɔn nkransɛm ano, ɔrepaemufrɛ na Ɔreka N’Asɛm, rema N’Ayeforɔ awie pɛyɛ.

Yɛredi Onyankopɔn akyi ɛberɛ a yɛnam Ne nkwagyeɛ nkransɛm so di William Marrion Branham akyi no. Na Bible no kaa sɛ, “…wɔn ne wɔn a wɔannyeanie no anwuwu.” Ɛfiri sɛ, na Onyankopɔn mmɔborɔhunu dɔɔso ma wɔn; ɛfiri sɛ na wɔredi N’ahyɛdeɛnom so.

Onyankopɔn pɛ sɛ yɛdi N’ahyɛdeɛnom so, na N’ahyɛdeɛnom kaa sɛ:
Meyɛ Onyankopɔn Nne ma mo. Ka deɛ ɛwɔ saa tapes no so NKUTOO. Me Nne nkutoo ne Ɛnne a ɛreka Nsɛm a mfomsoɔ biara nni ho. Wɔnam deɛ ɛwie pɛyɛ so aka na monam deɛ ɛwie pɛyɛ so tie firi Me Nne. Ɛne sɛ, Onyankopɔn Nne a ɛwɔ tapes no so no ne deɛ wohia nyinaa, ɛfiri sɛ me, Nyankopɔn a Me mmɔborɔhunu dɔɔso no, de Ɛno ama mo. Ɛyɛ Me kwan a Mede ama saa da yi.

Onyankopɔn a Ne mmɔborɔhunu dɔɔso no na Ɔyii wo too hɔ sɛ nya saa adiyie yi tie Saa Ɛnne no. Onyankopɔn a Ne mmɔborɔhunu dɔɔso no na Ɔnim wɔ saa awieɛ berɛ yi, ɛberɛ a yɛbɛnya gyedie mfomsoɔ pii, ɛnne ne Nkransɛm no asekyerɛ ahodoɔ bebiree, a na yɛhia Ɛnne bi a Ɛwie Pɛyɛ, ɛne Ɔkwan a Ɛwie Pɛyɛ, a yɛbɛtumi akɔ hɔ sɛnea yɛbɛtumi atie ama yɛn ho, Asɛm baako biara, sɛdeɛ Ɔpɛɛ sɛ Ɔbɛka akyerɛ N’Ayeforɔ no pɛpɛɛpɛ.

Wontumi mfa deɛ obi foforɔ kaaeɛ kɛkɛ. Ɛsɛ sɛ wofa deɛ Onyankopɔn kaaeɛ. Ɔkaa sɛ momma onipa biara asɛm nyɛ atorɔ, na Me deɛ nyɛ nokorɛ.

Enti, Onyankopɔn, a Ne mmɔborɔhunu dɔɔso no, ama ɛkwan bi a N’Ayeforɔ bɛtumi atie Ne Nne 24/7, 365 days wɔ afe no mu, ɛnam Pressing Play, na wɔn asɔre aba nkwa mu ɛnam sɛ wɔretie Onyankopɔn Nne ɛkasa firi ano gu aso mu wɔ wɔn akomanom mu.

Yɛn na yɛyɛ N’Asɛm a ayɛ honam. Yɛn ankasa yɛnni tumi biara, nanso Ɔde Ɔno tumi ama yɛn. Yɛn mu baako biara wɔ Ɛno. Sɛ wopo Ɛno a, wobɛtena baabi a wowɔ no. Mmom sɛ wobɛgye Ɛno atom a, Ɛbɛyɛ deɛ ɛbro ɛtrasoɔ no, ɛfiri sɛ Onyankopɔn Ne mmɔborɔhunu dɔɔso.

Na ɛberɛ ɔbarima bi anaa ɔbaa bi, ɛmfa me ho tebea a wowɔ mu, wowɔ Onyankopɔn tumi no, ɛnam bɔhyɛ so ɛfiri sɛ Ɔyɛ ɔdefoɔ na Ɔhyɛɛ bɔ sɛ Ɔbɛyɛ deɛ ɛboro ɛtrasoɔ no. “Sɛ woka kyerɛ saa bepɔ yi, ‘tutu’, na woanye akyinnyeɛ wɔ w’akoma mu a, mmom wogyedi sɛ deɛ woaka no bɛba mu a, wo nsa bɛtumi aka deɛ woaka no.” Wo ankasa wonni tumi nanso wo wɔ tumi a wɔde ama.

Ayeforɔ no bɛtumi aka abɔ mu na wɔawie pɛyɛ ɛnam sɛ wɔretie N’Asɛm a ɛwie pɛyɛ a Ɔde ama ɛnnɛ nkutoo: Ne Nne. Ɛno ne Ɛnne nkutoo a ɛbɛtumi aka Ayeforɔ no abɔ mu na ama no awie pɛyɛ. Ɛno ne Ɛnne nkutoo a Onyankopɔn ka kyerɛɛ yɛn sɛ ɛsɛ sɛ yɛtie na YƐDI AKYIRE. Ɛte sɛ Mose, na Onuabarima Branham nim sɛ Ɔno ne deɛ wɔayi no sɛ ɔmfa yɛn mmɔfra yi nkɔ bɔhyɛ Asase no so ɛfiri sɛ wɔde bɔhyɛ no maa ɔno. Na ɛwɔ sɛ ɔsoa yɛn de kɔ bɔhyɛ Asase no so.

Yɛn kɔdeɛ diyifoɔ no kyerɛkyerɛɛ yɛn wɔ mfatoho so. Na Apam Dadaa no yɛ Apam Foforɔ no sunsum. Ɔka kyerɛɛ yɛn sɛnea ɛsɛ sɛ yɛyɛ ahwɛyie ɛne deɛ ɛwɔ sɛ yɛhwɛ animkwan wɔ saa awieɛ-berɛ yi mu. Ɔbɔɔ yɛn kɔkɔ faa Korah honhom ho, ɛne ɛfa Dathan ho, ɛne wɔn annyeanie fekuo nkorɔfoɔ no ho, sɛnea wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ sɛ obi no. Wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔde biribi bɛwura Onyankopɔn nhyehyɛeɛ mu.

Na ɔɔmo mpɛ ɔbaakofoɔ dwumadie nhyehyɛeɛ no. Na ɔɔmo mpɛ ɛno. Na ɛwɔ sɛ ɔɔmo nya biribi yɛ. Korah kaa sɛ, “Adɛn, mmarima a wɔyɛ koronkoron pii kyɛn wo Mose, wɔ hɔ. Woyɛ te sɛdeɛ wo nkoa ara ne mpoano a ɛwɔ…anaa nko ara ne boba a ɛwɔ mpoano, mmom.” Ɛna ɔkaa sɛ, “Me–Me…ɛnsɛ sɛ woyɛ saa. Na mmarima bebiree wɔ ha.”

Nuammarima ne mmaa, ɛnyɛ sɛ menam weinom a mereka ɛne nsɛm a mereyi ka yi so rebɔ mmɔden sɛ mɛtete nsɔre no mu, Honhom Kronkron no reyɛ ntetemu no. Tie saa Nkransɛm yi a yɛrebɛtie yi. Odiyifoɔ no ne onii a ɔrebɔ Ayeforɔ no kɔkɔ deɛ ɛsɛ sɛ ɔhwɛ animkwan. Ɔreka akyerɛ yɛn deɛ saa honhom no yɛɛeɛ saa berɛ no, na ɔbɛyɛ bio wɔ yɛn da yi mu.

Nokwasɛm nie, ɛnyɛ adeɛ sɛ merebɔ mmɔden sɛ mɛboaboa nnipa no ano ahyia wɔ ɔsom nwuma num no ho, wɔntumi nka Ayeforɔ no mmɔ mu kɛkɛ. Merebɔ mmɔden sɛ mɛka wɔn abɔ mu ahyia Onyankopɔn Asɛm Korɔgyenn no a yɛnfrafraa mu no ho, Ɛnne nkutoo no a ɛbɛtumi aka Ayeforɔ no abɔ mu no.

Ɛnnɛ yɛte nsɛm korɔ no ara, ɛnyɛ Onuabarima Branham nko-ara na ɔbɛtumi aka Nkransɛm no, wɔafrɛ yɛn sɛ yɛnka Nkransɛm no. Nokwasɛm nie wɔafrɛ wɔn, nanso afei, wɔnhunu hia a ɛho hia sɛ woretie saa Ɛnne no na woregye di sɛ Ɛyɛ ɔbaako-foɔ Nkransɛm, ɛde yɛ anoyienom nti a WƆMMƆ Onyankopɔn Nne wɔ wɔn nsɔredan mu, na wɔma wɔn som adwuma ho hia pii.

Na Bible kaa sɛ, “Na wɔkɔfaa Balaam kwan so, na wɔnam Korah kasatia nsɛnkeka so wuwuuiɛ.” Wuwuuiɛ wɔ kasatia nsɛnkeka mu! Ɛdeɛn na na ɛyɛ Korah kasatia nsɛnkeka no? “Adɛn, wodwene sɛ wo nkutoo na woyɛ
onipa kronkron? Adɛn, Onyankopɔn deɛ…Yɛn nyinaa yɛ kronkron. Asafo no nyinaa fata. Obiara…Yɛn nyinaa ɛkabom, ɛno ne deɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ.” Ɛhɔ na wɔwuwuuiɛ no, ɛno. Na na yɛfata ampa. Ná yɛfata sɛ yɛyɛ saa.

Saa Nkransɛm yi, Ne Nne, ne Ɛnne nkutoo a wɔaka a ɛmu da hɔ pefee na Ayeforɔ no regye no turodoo. Nokorɛdiɛ som adwuma ne sɛ wobɛhyɛ nkorɔfoɔ no nkuran sɛ wɔne saa Ɛnne no bɛtena ɛnam sɛ woreka asɛm no na woreyiyi nsɛm firi Nkransɛm no mu ka. Nanso ɛnyɛ sɛ wɔreka Ɛho asɛm nko ara, mmom ƐSƐ sɛ wɔbɔ No wɔ wɔn nsɔredan mu, na wɔnka kyerɛ wɔn nkorɔfoɔ sɛ Ɛno ne ƐNNE A ƐHO HIA PAA, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Ayeforɔ no bɛtumi atie Onyankopɔn Nne, afiri Onyankopɔn Ankasa hɔ.

Biribiara nni hɔ a ɛkyɛn sɛ woretie Onyankopɔn Nne. Ngosra kɛseɛ biara nni hɔ a ɛkyɛn ngosra a ɛwɔ tapes no so no. Ɔkwan foforɔ biara nni hɔ a wɔbɛfa so aka Ayeforɔ no abɔ mu gye Onyankopɔn Nne a ɛwɔ tapes no so no. ƆKWAN foforɔ biara nni hɔ a ƐWIE PƐYƐ gye sɛ wo PRESSING PLAY NA WOREGYE ASƐM BIARA A WORETIE DIE. Ampara ara ɛyɛ Onyankopɔn, a Ne mmɔborɔhunu dɔɔso ma N’Ayeforɔ. Ɛyɛ Ne kwan a ƐWIE PƐYƐ ma ɛnnɛ.

Meto nsa frɛ mo sɛ mommra na mommɛka mmɔ mu nhyɛ ngosra kɛseɛ paa a ɛwɔ yɛn da yi mu ase Kwasiada prɛmtoberɛ wɔ Jeffersonville berɛ mu, ɛberɛ a yɛtie sɛ Onyankopɔn kasa na Ɔkyerɛkyerɛ Ne mma Asɛm a ɛwiɛ pɛyɛ no ɛnam sɛ Ɔrebrɛ yɛn Nkransɛm: Onyankopɔn A Ne Mmɔborɔhunu Dɔɔso No. 65-0119

Onuabarima Joseph Branham.

Twerɛsɛm a wobɛkan:
Efesofoɔ 2:1-5

26-0920 Aba Bɔne No

Message: 65-0118 Aba Bɔne No

PDF

BranhamTabernacle.org

Dɔfoɔ a woyɛ Wɔn mu Baako,

Sɛ nkorɔfoɔ bisa yɛn sɛ:

Asɛmmisa: Woyɛ wɔn mu baako “Press Play” tape nkorɔfoɔ a wɔgye di sɛ Onyankopɔn somaa William Marrion Branham sɛ ɔmmɔ dawuro mfrɛ
Onyankopɔn Ayeforɔ anaa?

Mmuaeɛ: YIW, meyɛ Wɔn Mu Baako.

Asɛmmisa: Wogye Asɛm biara a wɔkaa wɔ saa Tapes no so di anaa?

Mmuaeɛ: Monyi Awurade ayɛ, Meyɛ Wɔn Mu Baako.

Asɛmmisa: Ɛneɛ ɛsɛ sɛ wogye di nso sɛ ɛsɛ sɛ wo Press Play na tie Ne Nne na ama wo ayɛ Kristo Ayeforɔ anaa?

Mmuaeɛ: Animuonyam, ɛno ne onipa pɔtee a me yɛ, ɛno na me yɛ turodoo…Meyɛ Wɔn Mu Baako.

Asɛmmisa: Anyabiaa woreka akyerɛ me, wogye di ampaniampaa sɛ woyɛ Ne Dehyeɛ Aba a Wayie, apaw, ahyɛ ato hɔ firi wiase fapem sɛ wobɛgye N’Asɛm adi, sɛ wobɛyɛ N’Ayeforɔ, na woawie pɛyɛ wɔ N’ani so, bɔne biara nni wo ho, na ɛntumi mma sɛ wɔbɛdaadaa wo kɛkɛ anaa?

Mmuaeɛ: Haleluia, woatwa, ɛno ne me ɔha mu nkyekyɛmu ɔha ne du, ME YƐ Wɔn Mu Baako.

Sɛnea Yesu Ankasa kyerɛ no yɛn na yɛyɛ N’Asɛm nkyerɛaseɛ. Ahennie no mma no. Honhom Kronkron no a wɔada no adie. Aheman no Aseni no wɔ mfirinhyia wei mu.

Monim biribi? Ɛberɛ aso sɛ obiara hunu onii ko nom ankasa a yɛyɛ sɛdeɛ yɛnnya mfomsoɔ biara. Yɛbɛma Onyankopɔn afa Ne diyifoɔ so akasa na waboaboa ne nyinaa ano ama wo.

Saa Tumi korɔ no ara a ɛkasa maa ewiase baaeɛ no wɔ saa nnipa a wɔwɔ Honhom Kronkron no mu.
Saa na ɛteɛ. Mmarima ne mmaa, ɛberɛ aso sɛ yɛhunu nnipa ko a moyɛ. Ɔbonsam rebɔ mmɔden sɛ ɔde wo bɛsie akyire, ɔka kyerɛ wo sɛ woyɛ abomfea adeɛ ketewa bi. Monnyɛ saa. Moyɛ Onyankopɔn mmammarima ne mmammaa.

Nyameyɛ no nni Ɔsoro, Ɛwɔ mo mu. Haleluia!

Mmuaeɛ: Nyameyɛ nni Ɔsoro, ɛte ase na ɛte yɛn mu baako biara mu!

Wɔ adekyeɛ foforɔ biara, ahome biara a yɛhome no, Adiyie a Ɔde ama yɛn a ɛfa nnipa ko a yɛyɛ ho no ɛyɛ kɛseɛ ne kɛseɛ. Yɛn na yɛyɛ Asɛm a ɛteaseɛ a ɛte honam mu no.

Yɛnim wei ɛfiri sɛ Wama yɛn Adiyie no a ɛfa Ɔnii no a Ɔsomaa no wɔ yɛn da yi mu no ho; ɔno a Onyankopɔn Ankasa kaa sɛ Ɔbɛsoma no sɛ ɔmmɛka asɛm na ɔnkyerɛkyerɛ N’Asɛm wɔ Adiyisɛm 22.

Me Yesu na masoma me bɔfoɔ sɛ ɔmmɛdi weinom ho adanseɛ ma mo wɔ nsɔre no mu.

Ɔsomaa Ne bɔfoɔ: William Marrion Branham, sɛ ɔnkasa wɔ NE NSƆRE mu…M’adamfo ɛno kyerɛ sɛ MOMƆ TAPES NO WƆ MONSƆRE MU.
Ɛno nhia mma adiyie mpo, ɛsɛ sɛ wokenkan kɛkɛ.

Sɛnea Asɛm no kyerɛ no, wei ne ɛberɛ a nnaadaa wɔ mu paa wɔ ewiase abakɔsɛm mu. Nokorɛ ne atorɔ honhom no bɛbɛn ho paa a anka ɛbɛdaadaa wɔn a wɔapaw wɔn no ankasa sɛ ɛbɛyɛ yie a.

Onyankopɔn somaa NE BƆFOƆ kɔmaa nsɔre no. Yɛwɔ Ne Nne wɔ yɛn nsateaa ano. Yɛbɛtumi atie Asɛm biara pɛpɛɛpɛ deɛ Ɔkaeɛ. Ɛnhia mma nkyerɛkyerɛmu anaa nkyerɛase biara, deɛ ɛsɛ sɛ Ayeforɔ no yɛ ara ɛne PRESS PLAY na GYE DI.

Ɔbɔɔ yɛn kɔkɔ sɛ, nsesa asɛm ketewa baako anaa agyiraeɛ baako wɔ…tapes no so. Mfa wo nteaseɛ anaa wo nsusuiɛ nto so, tie Me Nne kɛkɛ na gye di. Ɛde bɛsi nnɛ no, ɛno ntumi nyɛɛ yie; nanso ɛnnɛ ɛyɛ ɛfiri sɛ Ɛno yɛ ɔkwan a Onyankopɔn de ama ɛnnɛ.

Ɛnkyɛree koraa na yɛtiee Asafo Mfirinhyia Nson no ɛne sɛnea ɛmu baako biara no, saa ahonhom no sɔree sɛ wɔbɛtwe nkorɔfoɔ no afiri nokorɛ Asɛm no ho. Sɛnea mfirihyia biara mu no, ɔbɔfoɔ no korɔ akyi no, deɛ wɔyɛɛeɛ de nkorɔfoɔ no kɔɔ gyidikasɛm anaa nkyerɛkyerɛ so; wɔn ankasa nkyɛn ɛne onipa adwenkyerɛ.

Ɛnnɛ wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛkum yɛn nhyɛsoɔ na wɔka sɛ, “Oo, wɔgye di sɛ tapes no ɛne Ɛnne a ɛho hia paa a ɛsɛ sɛ wotie. Ɛsɛ sɛ wobɔ tapes no ɛwɔ w’asɔredan mu…ɛno yɛ nkwaseasɛm. Onuabarima Branham anka sɛ bɔ tapes no wɔ asɔredan mu. Afei ɛyɛ ɔsom adwuma no nne na ɛsɛ sɛ wotie.”

M’afam no, ɛno ne nsonsonoeɛ aba no! ƐSƐ SƐ MO PRESS PLAY na motie Onyankopɔn Nne wɔ mo nsɔre mu sɛdeɛ Ɛno ne Ɛnne NKUTOO a Onyankopɔn Ankasa ada mu nokorɛ adie. Ɛsɛ sɛ woyɛ setie ma Asɛm biara a Onyankopɔn kaaeɛ.

Me Yesu na masoma me bɔfoɔ sɛ ɔmmɛdi adanseɛ weinom ɛma mo wɔ nsɔre no mu.

Saa ɔbɔfoɔ a wɔada ne mu nokorɛ adi no kasa wɔ yɛn Asɔre mu, ɛne sɛ meto nsa frɛ wo sɛ bra bɛka yɛn ɛne N’Ayeforɔ a ɛwɔ wiase afannaa nyinaa no ho na yɛntie saa Ɛnne no ɛwɔ hook-up so prɛmtoberɛ wɔ Jeffersonville berɛ mu, na yɛntie: 65-0118 “Aba Bɔne No”

Onuabarima Joseph Branham.