Message: 62-0311 Ɔko Kɛseɛ Paa A Wɔako Pɛn
Adɔfoɔ Mikaiafoɔ,
Afei na ɔko kɛseɛ paa a wɔako pɛn no ayɛ krado sɛ ɛbɛhyɛ aseɛ. Onyankopɔn ayiyi N’asraafoɔ atitire bɛboro mfie mpem nsia ni, na wɔahyɛ ayi wo ato hɔ sɛ bɛka N’asraafoɔdɔm Kɛseɛ no ho.
Wahyɛ wo ntadeɛ, na watete wo, na seesei wɔasiesie ɔko no ano ɛhyeɛ no, reyɛ krado ahyɛ aseɛ. Ɛnyɛ sɛ Wapaw wo sɛ bɛka N’asraafoɔdɔm Kɛseɛ no ho nko ara, mmom Wapaw wo sɛ bɛyɛ Mikaia odiyifoɔ no wɔ N’asraafoɔ mu.
Ɛberɛ aso, ɛda no aduru; worebɛnya nteteeɛ tẽẽ afiri Ogya Fadum no Ankasa hɔ a wode bɛdi ɔtamfo biara so nkonim. Worebɛnya akwankyerɛ soronko, Asɛm biara, wɔ deɛ ɛsɛ sɛ woyɛ de sɛe honhom bɔne biara. Ɛbɛbɔ yareɛ biara ne ɔbonsam biara a ɔbɛba w’anim agu. Biribiara ntumi nyina w’akwan mu.
Saa nteteeɛ soronko yi akyi no, N’Asɛm bɛma wo ahobanbɔ ara aa ma wobɛtutu bɔne nyinaa agu. Tu adwene mu nyinasodeɛ gu. Tu gyediehunu nom gu. Tu ɔhaw gu. Tu nyarewa gu. Tu bɔne gu. Wobɛte aseɛ sɛ wo boro ɛno so, wɔanyane wo wɔ Kristo Yesu mu, wote Ɔsoro mmeaeɛ hɔnom, a ɔbonsam biara hyɛ wo nan ase. Wobɛnya ɛmu nteaseɛ nyinaa na WOAGYE ADI sɛ wo ne Asɛm no.
Ɔbɛtete wo wɔ deɛ ɛsɛ sɛ wohwɛ animkwan wɔ ho. Ɔbɛkyerɛ wo sɛ sɛ wo tamfo no tumi ma wogye di sɛ w’akodeɛ no mu nyɛ den sɛnea ɛsɛ a, ɔbɛgye w’akodeɛ afiri wo nkyɛn.
Nanso yɛbɛkae yɛn nteteeɛ, asraafoɔ, na yɛaka akyerɛ saa ɔbonsam no: Ɛnyɛ
yɛn, yɛnyɛ hwee. Y’ɛakodeɛ ɛne Onyankopɔn Asɛm na Ɛbɛdi nkonim wɔ
ƆBONSAM BIARA so, ɛberɛ biara, baabi biara, ɛfiri sɛ ɛyɛ N’ASƐM, NA WATETE YƐN NA WAYI NO ADI AKYERƐ YƐN SƐ SEESEI YƐYƐ N’ASƐM A AYƐ HONAM. ƐNE SƐ, yɛntumi nni nkoguo, yɛyɛ ONYANKOPƆN asraafoɔ a wontumi nni wɔn so nkonim.
Ewiase abakɔsɛm mu nna akɛseɛ no mu baako rebɛsi Kwasiada wei. Ne Mikaiafoɔ bɛka abom afiri ewiase afanaa nyinaa wɔ wɔn Ɔsahene kɛseɛ no Ɛnne no ase, baabi a yɛde adwene koro bɛka yɛn ho abɔ mu, a akyinnyeɛ sunsum baako ɛnni baabibiara.
Afei, sɛ yɛbɛgye adi kɛkɛ a, NA YƐGYE DI, yɛnnya onipa bi a ɔyɛ mmerɛ wɔ wiase afannaa nyinaa. Sɛ yɛbɛtumi asiesie saa adeɛ pɔtee no ara kɛkɛ a, anka obiara nni hɔ a ɔbɛpɛ Honhom Kronkron no mmom deɛ ne nsa bɛka Ɛno, na yɛbɛnya ɔkra ne nipadua nyinaa ayaresa, sɛ yɛbɛkura yɛn gyinabeanom kɛkɛ a. Seesei ne ɛberɛ no. Yɛn na yɛyɛ nkorɔfoɔ no. Onyankopɔn Honhom no ama frankaa so atia ɔbonsam biara; yɛyɛ WƆN MU BAKO na biribiara nni hɔ a ɛsi yɛn kwan!!
Yɛawuwu ama yɛn atenkanom, awuwu ama yɛn adwene mu nyinasodeɛ, awuwu ama saa nneɛma no nyinaa. Yɛn nkwa ahinta na wɔasie yɛn wɔ Yesu Kristo Din mu, na wɔanyane yɛn ne Ɔno. Na baabiara a Ɔwɔ no, ɛhɔ na yɛwɔ nso.
Yɛabɔ yɛn kwan afiri adi, ɔbonsam, ɛnam sɛ yɛde “SƐ AWURADE SEƐ NIE. SƐ AWURADE SEƐ NIE. SƐ AWURADE SEƐ NIE,” reka w’anim. Awieɛ no yɛrete mframa pa bi nka. “SƐ AWURADE SEƐ NIE.” Yɛn na yɛba no ɔbonsam, yɛatwe yɛn tiri apue. “SƐ AWURADE SEƐ NIE, WOADI NKOGUO.”
Ɛdeɛn na yɛde di ɔbonsam so nkonim?
Asɛm no!
Momma yɛnka; Asɛm! Asɛm! ASƐM!!
NTETEEƐ AKWANKYERƐ PII.
Afei sɛ ɔtamfo no to hyɛ wo so na ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛka sɛ ɛsɛ sɛ woyɛ wei a, ɛsɛ sɛ woyɛ saa, wonyɛ papa, wo mfata, wɔnsaa wo yareɛ, woda so ara wɔ wo amaneɛ nom korɔ no ara. Ɛdeɛn na worebɛyɛ?
Twe wo ho firi me ho.” Twa! Fa Asɛm no twitwa no. Sɛ ɛyɛ adaemone, sɛ ɛyɛ ɔtamfo, sɛ ɛyɛ yareɛ, sɛ ɛyɛ nyarewa, deɛ ɛteɛ biara, fa saa Asɛm no na fa Nkrantɛ no twe No. Na sɛ wotwa no deɛ ɛdikan, ɛyɛ sɛdeɛ ɔmpɛ sɛ ɔkɔ a, twa no bio, na twa no bio, na twa no bio.
Yɛgye Asɛm no tom kɛkɛ wɔ nnyinasoɔ sɛ, “Onyankopɔn kaa saa,” na ɛno de asutene bi to yɛne Ne ntam. Ɛkwan biara abue wɔ yɛn ntam. Yɛka sɛ, “Mennim ɛberɛ a mɛnya, nanso mɛnya. ONYANKOPƆN KAA SAA. Akyinnyeɛ biara KƆ…yɛregye yɛn adwenem naayɛnom mpo ho kyim.”
Yɛsi ɔbonsam kwan na yɛfa Onyankopɔn Asɛm. Sɛ menya atenka bi, anaasɛ mente nka biara, ɛmfa ho deɛ ɛbɛsie, Onyankopɔn kaa saa. Ɛno na ɛyi akyinnyeɛ biara firi hɔ.
Asraafoɔ, monni saa ahyɛdeɛnom yi so kɔsi tire. Si saa Nsɛm yi so sɛ ɔtamfo no to hyɛ so a. Ɛnyɛ wo Nsɛm, ɛyɛ NE NSƐM, NA NE NSƐM NTUMI NNI NTWO. Wama yɛn tumi sɛ yɛmfa N’Asɛm nni dwuma ɛnam sɛ Wayɛ yɛn N’Asɛm. Sɛ Satan to hyɛ wo so a, kenkan w’ahyɛdeɛnom no ma no.
YƐN SAHENE NO AKWANKYERƐNOM NO.
Deɛ mepɛ sɛ moyɛ pɛpɛɛpɛ nie.
Monsi saa ntamka yi so bio na monye Asɛm biara nni na monya ɔgyeɛ a ɛwie duru.
“Satan, firi hɔ! Merefiri ha mapue”.
Ɛne no. Merenna ha, bio, merentena ha, bio. Menni saa ɔbonsam atenaeɛ dadaa yi so bio. Mede peepeen ɛfiri adi, anɔpa yi. Amen. Meyɛ ɔkɔdeɛ.” Amen! Haleluia!
Afei mepɛ sɛ woyɛ wei:
reka n’anim, “SƐ AWURADE SEƐ NIE. SƐ AWURADE SEƐ NIE. SƐ AWURADE SEƐ NIE.”
Bue w’adwene mu, ka sɛ, “W’Asɛm yɛ nokorɛ.”
Awurade, memma m’adwene nkɔ atenka biara a mewɔ ho, deɛ obiara, me ho ɛseɛ. Meretua tokuro, meretoto me ho akwan nyinaa mu, abasamutuo nyinaa, ɛne adwenem naayɛ, ɛne annyeanienom a manya pɛn. Atenka biara a menyaa pɛn, yareɛnom a me yareeɛ pɛn nyinaa, biribi foforɔ biara menyaa pɛn, meretoto ne nyinaa mu. Merebɔ ne nyinaa ho nsaaho. Mereba me honhom ho tẽẽ.
Wo GYIDIE bɛhyɛ aseɛ akɔ soro akɔ soro. Afei ka kyerɛ No sɛ, Oh Awurade, siane bra. Wokaa sɛ Woyɛɛ me obi a meyɛ deɛ ɛwɔ mepɛ mu”
“Wo yɛ, Me ba.”
Ɛyɛ, mebue m’akoma ne m’adwene mu.
“Bra mu, Awurade Yesu.”
Sɔ Gyidie no mu, saa Honhom Nkrantɛ no, SƐ AWURADE SEƐ NIE.
Tea mu, “Haleluia!” Amen.*
Afei twitwa ɔtamfo biara a ɔwɔ w’anim. Amen. Ɛno na ɛwɔ hɔ no. Twitwa ɔtamfo biara. Sɛ ɛ—ɛ honhom huuhu dadaa bi rema wo te nka nyinaa a… Fa Awurade Asɛm twitwa saa adeɛ no firi hɔ.
ƆSRAANI WO AKWANKYERƐNOM A ƐTWA TOƆ. KA KYERƐ ƆTAMFO NO:
Firi me so kɔ.” Twa!
Fa Asɛm no twitwa no. Sɛ ɛyɛ adaemone, sɛ ɛyɛ ɔtamfo, sɛ ɛyɛ yareɛ, sɛ ɛyɛ nyarewa, deɛ ɛteɛ biara, fa saa Asɛm no na fa Nkrantɛ no twe No. Na sɛ wotwa no deɛ ɛdikan, ɛyɛ sɛdeɛ ɔmpɛ sɛ ɔfiri hɔ a, twa no bio, na twa no bio, na twa no bio. Na twa no kɔsi sɛ wobɛbɔne tokuru wɔ mu, te sɛ akokɔba ketewa bi a ɔreyi ne ho apue; anaasɛ ɔkɔdeɛ, deɛ woyɛ no. Ma wo ho so pue firi saa yareɛ konkuro dadaa no mu tɔnn. Twa wo kwan pue, na ka “Hallelujah! Deɛ ɛdi hɔ no wɔ ɛhe?” Amen. Ɛno ne ɔko no. Ɛno ne ɔsraani. Ɛno ne asɛnnua no so ɔsraani no. Yiw, owura. Bɔ ɔtamfo biara firi hɔ. Adɛn? Adɛn?
Yɛn, Abraham adehyeɛ Aseni a wɔayi ato hɔ.
Animuonyam, ɔtamfo biara adi nkoguo. BIBIARA nni hɔ a ɛbɛtumi agyina Onyankopɔn Asɛm anim, na yɛyɛ Onyankopɔn Asɛm. Yɛyɛ N’Adehyeɛ Aseni na bɔhyɛ biara yɛ YƐN DEA. Ɛda no aduru, Ayeforɔ no gye Asɛm biara di na ɔnam so de di adwuma. Yɛasiesie Yɛn ho ɛnam N’Asɛm a yɛretie na yɛregyedie no so. Sɛ wowɔ ahiadeɛ biara a, sɛ wopɛ sɛ Honhom Kronkron no hyɛ wo ma, sɛ wopɛ sɛ wonya ayaresa, sɛ wopɛ sɛ wɔtutu ɔbonsam biara, sɛ wopɛ sɛ woyɛ Kristo Ayeforɔ no a, seesei ne ɛberɛ no, woretie na woregye Ne Nne die no ɛne beaeɛ no.
Sɛ wopɛ saa nneɛma yi na wopɛ sɛ wo ba Awurade Animpa a, ɛbɛn kyɛn sɛdeɛ woaba pɛn a, bra bɛka yɛn ho Kwasiada prɛmtoberɛ wɔ Jeffersonville berɛ mu, ɛberɛ a yɛn nsoromma- nan Sahene de akwankyerɛ ma Ne Mikaia hoɔdenfoɔ Ayeforɔ no sɛdeɛ ɔbɛdi ɔbonsam biara, ɔtamfo biara so nkonim, sɛ wobɛde wo ho, na Ne Honhom Kronkron ahyɛ wo ma, na woasiesie wo ho ama Ne Mmaeɛ a ɛrenkyɛ no.
Onuabarima Joseph Branham.
Nkransɛm: Ɔko Kɛseɛ Paa A Wɔako Pɛn. 62-0311
Twerɛnsɛm:
1 Petro 5: 8-10
Efesofoɔ 6:10-17
Daniel 12: 1-7