All posts by AutoPost7

26-1122 Gabriel Nkyerɛkyerɛ A Ɔde Maa Daniel

Nkransɛm: 61-0730M Gabriel Nkyerɛkyerɛ A Ɔde Maa Daniel

PDF

BranhamTabernacle.org

Adɔfoɔ A Moapue Aba,

Ansa na Ɔyɛɛ Mpatadeɛ no, ansa na Ɔhwiee Honhom Kronkron no guu pɛn no, ansa na wɔtwerɛɛ Apam Dadaa no nyinaa too hɔ no, na deɛ ɛda adie nom no ntumi mma. Ná ɛsɛ sɛ ɛtwɛn kɔsi saa berɛ yi. Na Ɔretwɛn Ne diyifoɔ ɛna Ɔretwɛn yɛn!

Afei nneɛma nyinaa retotɔ n’akwan mu aduru tiboɔ, akɔsi sɛ Onyankopɔn mma a wɔda adie no resan aba. Onyankopɔn Honhom baa Ne bɔfoɔ hoɔdenfoɔ no mu pɛpɛɛpɛ saa, kɔsii sɛ ne som adwuma no ɛne Kristo deɛ no bɛsɛ paa, kɔsi sɛ ɛbɛka Ɔno ne N’Asafo abom. Onyankopɔn regye Ne mma Abayɛ ama Ohwim a ɛreba no.

Ɛberɛ kɛseɛ paa bi a yɛanya ɛberɛ a Honhom Kronkron no rekasa kyerɛ yɛn na Ɔreda N’Asɛm adi no. Nneɛma akɛseɛ rekɔ so, wɔ wiase, ɛna ne titire paa, ɛwɔ Ayeforɔ no mu.

Ewiase afannaa ntawantawa abɛn pɛɛ. Yɛbɛtumi ayɛ mfuturo wɔ anibɔtɛtɛ biara mu. Ɔba nyansafoɔ biara bɛtumi ate amanneɛbɔ no, tie amanyɔfoɔ no na hunu sɛ biribi reba abɛsi. Ehu rebunkanfa wiase nnipa so.

Dodoɔ sɛn na motee deɛ wɔaka ato hɔ sɛ ɛbɛsie yi, sɛ ɛnuru Ɔpɛpɔn da a ɛdikan no, wɔaka ato hɔ sɛ United States ne Russia mmienu bɛyɛ asaase a anane mu nsõ? Ɛno ara ne deɛ yɛhia. Ɛberɛ retwa mu ntɛm kyɛn sɛnea yɛredwene no. Mohunu? Enti, sɛ yɛabɛn ara kɔsi sɛ asase yi so nnipa mpo reka ato hɔ ɛfa saa adeɛ kɛseɛ yi a ɛbɛsi yi ho a, ɛbɛyɛ ama yɛn sɛ yɛbɛma yɛn ani ada hɔ, biribiara wɔ ɛberɛ ano pɛɛ, awie paemuka nyinaa, biribiara ayɛ krado, ’firi sɛ yɛnnim berɛ korɔ pɛɛ a yɛn Awurade rebɛto nsa afrɛ yɛn. Na sɛ Ɔto nsa frɛ, “Mommra soro ha” a, ɛbɛyɛ ama mo sɛ mobɛyɛ krado. Na ɛbɛba wɔ ɛdɔn a monwene ho mu.

Honhom Kronkron no wɔ yɛn ntam, Ɔnam Ne diyifoɔ so rekasa kyerɛ yɛn, rema yɛn asiesie yɛn ho sɛ yɛbɛforo akɔtwa Yordan. Yɛwɔ nteaseɛ wɔ deɛ ɛrekɔsoɔ no ɛnam Nwoma no akenkan ɛne Ne Nne a yɛretie wɔ tapes no so no. Onyankopɔn nam Ne bɔfoɔ so rekasa wɔ tapes no so wɔ wiase afanaa nyinaa de kyekyere Ne nkorɔfoɔ werɛ na Ɔka kyerɛ wɔn, “yɛwɔ awieɛ berɛ no mu, nanso monnsuro wiase wei, ɛfiri sɛ Meka mo ho, mpo ƐWƆ MO MU. Moyɛ M’Asɛm a ayɛ honam. Monni BIBIARA A ƐBƐBƆ MO HU.”

Abosomenom nie, wanya yɛn wɔ Yesu Kristo Adiyie Nwoma adesua mu. Yɛafa Asafo Mfirinhyia no ɛne Abayɛ no mu, na seesei yɛasiesie yɛn ho sɛ yɛbɛtie na yɛasua Daniel Naawɔtwe Aduɔson No.

Afei deɛ ɛba ne Nsɔano, Ɔhaw mmusuo, Mmusuo no, ntutummɛ no, ɔbaa a ɔwɔ owia mu no, ɛne wɔretutu ɔtweaseɛ kɔkɔɔ no ase no, nsɔano no, mpem ɔha aduanan-nan no, ɛne nneɛma nyinaa.

Te sɛ Daniel no, yɛrekenkan ɛna yɛretie deɛ odiyifoɔ no kaa sɛ ɛbɛba mu no. Twerɛsɛm rehyɛ ma. Ɛberɛ paa a ɛwɔ hɔ ma Ayeforɔ no sɛ ɔretie wei saaberɛ yi ɛne tebea a ewiase wɔ mu ɛnnɛ no.

Wasɔ Asafo no ano. Atirimuɔdenfoɔ rebɔ atirimuɔden bebree. Nsɔrensɔre reyɛ nsɔre pii. Ahotefoɔ no retwebɛn Onyankopɔn. Honhom no akyɛdeɛnom no refiri aseɛ sɛ ɛyɛ mmɔho wɔ akuo nketewa no mu. Yɛwɔ awieɛ berɛ no mu.

Yɛte aseɛ sɛ ɛnna a ɛdi akyire no mu no, ɔkɔm bɛba, na ɛnyɛ paanoo ne nsuo nko ara, mmom sɛ woretie Onyankopɔn nokorɛ Asɛm no. Nnipa bɛkɔ apueɛ, atɔeɛ, atifi, ɛne anaafoɔ, rehwehwɛ sɛ wɔbɛtie Onyankopɔn nokorɛ Asɛm no. Nsɔrensɔre no bɛboaboa wɔn ano na ɛmu amia paa a wɔnte Ɛno.

Nanso yɛnam Ne Nwoma no akenkan so ɛne Ne Nne a yɛtie wɔ tapes no so te aseɛ sɛ Nkorabata bi bɛpue afiri David mu. Saa ekuo ketewa no bɛpress play na wɔatie Onyankopɔn Nne wɔ tapes no so.

Ɛnnɛ da yi, mpaebɔ wei rehyɛ ma.

Awurade, yɛnam Nwomanom so, Wo Nwoma nso, so, Isaiah Nwoma, Yeremia Nwoma, Yakobo Nwoma, Yohane, Luka, Marko, Mateo, Adiyisɛm Nwoma, Wo Nwoma nyinaa, hunu sɛ yɛabɛn awieɛ no. Na yɛde yɛn ani akyerɛ Ɔsoro, wɔ mpaebɔ mu, nkotosrɛ mu, sɛ yɛbɛhunu baabi a yɛwɔ, Awurade. Yɛfiri aseɛ hunu sɛ adekyeɛ hann repue. Na, Awurade, yɛba Wo nkyɛn. Yɛn gyidie hwɛ Wo seesei. Yɛde adesoa biara, bɔne biara, annyeannie ketewaa biara a anka ɛbɛyɛ mmerɛ sɛ ɛbɛha yɛn no reto nkyɛn, seesei yɛpere kɔ ɔsoro frɛ a ɛkorɔn no agyirahyɛdeɛ no ho, a yɛnim sɛ yɛn berɛ sua.

Ɛberɛ a ɛhu hyɛ wiase ma na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔnam aduane koraeɛ so bɛsiesie wɔn ho ama deɛ ɛreba no, yɛto nsa frɛ wo sɛ bra na bɛdi Manna a ahinta a Wasiesie na Wakora so dada ama N’Ayeforɔ no.

Onuabarima Joseph Branham.

Nkransɛm:

61-0730M Gabriel Akwankyerɛ a Ɔde Kɔmaa Daniel.

Ɛberɛ:

Kwasiada, 12:00 P.M., Jeffersonville berɛ mu.

Twerɛnsɛm:

Nnwom 99
Adiyisɛm 1-3
Yeremia 32.
Adiyisɛm 5: 8-14
Yeremia 25:8-17
Daniel 9.
Mateo 24:15
Adiyisɛm 7

26-1115 Abayɛ #4

Nkransɛm: 60-0522E Abayɛ #4

PDF

BranhamTabernacle.org

Adɔfoɔ A Moasakra,

Ɛnam Pressing Play nti, yɛretie Onyankopɔn Asɛm a mfomsoɔ nni ho no. Ɛyɛ Asɛm biara ɛyɛ Nokorɛ no, Ɛmu kasasini biara. Wɔafrɛ yɛn ɛna wɔakora yɛn, ahyɛ yɛn ma na wɔde yɛn asi nkyɛn; Honhom Kronkron no ahyɛ yɛn ma, na seesei yɛwɔ Kanaan Asase so dada. Yɛnsuro hwee. BIRIBIARA, yɛnim nnipa ko a yɛyɛ.

Ɛsiane sɛ yɛne  N’Asɛm atena nti no, sɛnea Ɔhyɛɛ yɛn sɛ yɛnyɛ no, Ɔrebɛka akyerɛ yɛn sɛ Ɔgyaa yɛn apɛgyadeɛ bi. Ɛberɛ bɛn na woyɛɛ saa, Agya? Ɛberɛ a Meyii mo na Mede mo din too Adwammaa Nkwa Nwoma no so ansa na wiase fapem.

Ɛberɛ a na wɔahyɛ no sooeɛ no, Me somaa Yesu, Adwamaa no, A Wɔkumm no no ɛfiri ewiase fapem no, sɛnea ɛbɛyɛ a mobɛnya mo apɛgyadeɛ a mode bɛyɛ Me mmamarima ne mmamaa, anyame nkumaa.

Na ɛsɛ sɛ mehwɛ mo mu hwɛ kasa gyegyeegye ɛne mmeaeɛ a ahodwohodwo ansa na Matumi de mo asisi.

“Mogye di sɛ Me Nne a morebɔ wɔ tapes so wɔ asɔredan mu no yɛ mfomsoɔ anaa?”

“Yiw, ɛnsɛ sɛ wobɔ tapes wɔ asɔredan mu.”

“Kasa tia ɛno. Wo kasa gyegyeegye.”

“Mogye di sɛ M’Asɛm a ɛwɔ tapes so no hia nkyerɛaseɛ anaa?”

“Yiw, Ɛhia sɛ obi kyerɛkyerɛ Ɛno ase”

“Wo kasa gyegyeegye. Yi firi hɔ. Wo nnya nnyɛɛ krado.”

Sɛ woyɛ krado a, wobɛgye Asɛm biara so sɛ, “Amen”.

“Mogye di sɛ Mete saa ɛnora, ɛnnɛ ne daapem anaa?”

.“Amen.”

“Mogye di sɛ Me Nne a ɛwɔ tapes so no ɛne NNE a ƐHO HIA PAA a ɛsɛ sɛ mo tie anaa?”

“Amen.”

“Mogye di sɛ Me Nne a ɛwɔ tapes so no bɛka Ayeforɔ no abom anaa?”

“Amen.”

“Mogye di sɛ Me bɔfoɔ hoɔdenfoɔ no bɛyi mo akyerɛ Me anaa?”

“Amen.”

Afei mo mu remiamia. Mahwehwɛ  mo mu kasa gyegyeegye ɛne mmeaeɛ a ahodwohodwo no.  Mayɛ krado sɛ mɛto ɔpono no mu. Mede Me Nsɔano bɛsɔ mo ano. Mo ho sɔnn wɔ Me nhwehwɛmu no mu.

Afei ma Menka biribi nkyerɛ mo, Me nkorɔfoɔ dɔfoɔ a mo som boɔ a mo wɔ tapes nsaase soɔ;  Amannɔne ɛne baabiara a mowɔ no, mma mo nsuro.

Biribiara ayɛ yie. Na Menim mo ansa na ewiase fapem. Ná Menim biribiara a ɛbɛsie.

Ɛnkyɛ koraa, Mereba abɛfa mo de mo akɔ Baabi a owuo  nnie, awerɛhoɔ nnie, ahoɔyaa nnie, hwee nni hɔ; Pɛyɛ nkutoo, ɔdɔ a ɛwie pɛyɛ.

Ɛnkɔsi saa berɛ no, mma mo werɛ mmfiri da, Me ma mo M’Asɛm mu ahotɔsoɔ,  mo YƐ M’ASƐM a adane honam. Sɛ mo hia BIRIBIARA a, ka Ɛno, afei gye Ɛno di;

Ɛyɛ w’apɛgyadeɛ.

Merebɛsoma de Me Nne aberɛ mo bio Kwasiada wei na Makyerɛkyerɛ Ne nyinaa mu akyerɛ mo. Merebɛka akyerɛ mo prɛko bio nnipa ko a moyɛ, baabi a morekorɔ, ɛne sɛnea Ɛteɛ wɔ hɔ,

mprempren yi ara.

Bra bɛka M’Ayeforɔ ho ɛberɛ a Mema   wɔbom tena ɔsoro mmeaeɛ hɔnom  Kwasiada wei prɛmtoberɛ wɔ Jeffersonville berɛ,

na tie sɛ Menam M’Asɛm so de mo sisi hɔ. 60-0522E Abayɛ #4.

Onubarima Joseph

Branham.

26-1108 Abayɛ #3

Nkransɛm: 60-0522M Abayɛ #3

PDF

BranhamTabernacle.org

Adɔfoɔ A Wɔagye Mo Abayɛ,

Ewiase aman mu mpaninfoɔ no reka kyerɛ nkorɔfoɔ no, “Monyɛ ahoboa, monsiesie mo ho mma ɔsɛeɛ da. Momfa aduane ne nsuo nsie mma mo abusua sɛnea ɛbɛyɛ a mo nsa bɛka deɛ mo hia ama deɛ ɛreba no.” Ehu abɔ ewiase. Ɛdeɛn na ɛrebɛsie? Ɛdeɛn na ɔkyena de bɛba?

Yɛn ani tua nkɔmhyɛ a ɛrehyɛ ma. Ewiase regye gu. Suro ne ehu rehyetɛ wɔ wiase afanaa nyinaa, a wonnim deɛ ɛreba. Ɛdeɛn na ɛbɛsi daakye? Ɛdeɛn na yɛbɛtumi ayɛ? Awieɛ no nie anaa?

Saa berɛ yi nyinaa, Papa Onyankopɔn abɔ yɛn kɔkɔ ɛna Wasiesie yɛn nso. Ɔde yɛn aduane ɛne yɛn nsuo asie akoraeɛ ama yɛn dada, na yɛadidi ɛna yɛanom afiri yɛn asutire mu. Yɛasiesie yɛn ho, ama Ohwim no mmom, ɛnyɛ ɔsɛeɛ da!!

Kristo Ayeforɔ no nnyaa anigyeɛ anaa abotɔyam bebree te sɛ wei da. Papa Nyankopɔn reka akyerɛ N’Ayeforɔ kumaa a wɔwɔ wiase nyinaa sɛ, “MONNSURO, momma mo ani nnye. Mo ne wɔn a M’apaw Wɔn no. Meresiesie mo ama Ohwim, mo Ayeforohyia Da. Mereyi mo afiri saa sakatuuyɛ  yi mu. Moyɛ Me Mmamarima ne Mma mmaa a wɔagye mo Abayɛ. Ɛberɛ wieduro no reba.”

Ahosɛpɛ paa bi a yɛrenya. Asɛm biara a yɛtie no yɛ sika futuro ma yɛn. Yɛfa No kɛkɛ na yɛkɔ so twi Ɛho kɛkɛ na yɛretwi Ɛho bio ɛne bio. Afei yɛka sɛ:

“Kronkron, kronkron, kronkron, ma Awurade.”  “Kronkron, kronkron, kronkron, ma Awurade.” “Kronkron, kronkron, kronkron, ma Awurade.”

Yɛde yɛn ani akyerɛ Kalvary so, na biribiara nni hɔ a ɛrebɛsi yɛn kwan! Yɛrenante Ɔheno no Kwantempɔn no so, a wɔde ngo a ɛsom bo no asra yɛn, a yɛretu anamɔn akɔ Koronkron mu koronkoronbea.

Sɛ ɔtamfo no bɔ mmɔden sɛ ɔbɛka akyerɛ yɛn sɛ yɛayera na yɛnyɛ N’Ayeforɔ a, yɛ Press Play kɛkɛ na Ɔteɛm hwɛ yɛn so na Ɔka sɛ:

Yi firi w’adwene mu sɛ worebɛyera na worebɛyɛ wei, na wosuro wei. Mma hwee mmɔ wo hu, ɛfiri sɛ ɔrebɔ mmɔden sɛ ɔbɛkyerɛ wo baabi a wowɔ, onipa ko a woyɛ, sɛnea wogyina.

Ewiase wɔ SURO mu, na ɛberɛ kɔrɔ no ara mu no Papa Nyankopɔn reka akyerɛ yɛn sɛ, “Mma BIBIARA mmɔ wo hu, mereka onipa ko a woyɛ ne baabi a worekɔ akyerɛ wo.” …ANIMUONYAM!!

Wɔ yɛn nnipa mmerɛyɛ mu no yɛdi ntwo da biara. Yɛyɛ mfomsoɔ pii. Yɛyɛ nneɛma bebree a ɛnsɛ sɛ yɛyɛ. Afei ɔbonsam bɔ yɛn na wabɔ yɛn, ɔreka sɛ ɛbɛyɛ dɛn na yɛbɛtumi Ayɛ Ayeforɔ no.

Nanso wɔama yɛn nkyerɛkyerɛ. Yɛnim adeɛ pɔtee a ɛsɛ sɛ yɛyɛ: Press Play na tie deɛ Papa Nyankopɔn wɔ ka.

Afei, ɛbia wobɛyɛ nneɛma a ɛmfata, na ɛberɛ biara a wobɛyɛ adeɛ biara a ɛmfata no worebɛnya ɛso akatua. Yiw, owura, deɛ wodua no na wobɛtwa! Nanso ɛno ne wo nkwagyeɛ nni hwee yɛ. Sɛ wɔde Onyankopɔn Honhom awo wo a, wo wɔ Daa Nkwa na wontumi nwu sɛnea Onyankopɔn ntumi nwu no. Woyɛ Onyankopɔn fã bi, woyɛ Onyankopɔn ba.

Ɛsɔɔ Onyankopɔn ani sɛ Ɔbɛyi yɛn ato hɔ. Ɛsɔɔ Onyankopɔn ani sɛ Ɔbɛyɛ yɛn Mmamarima ne Mmammaa. Ɛsɔɔ Onyankopɔn ani sɛ ɔbɛgye yɛn Abayɛ. Ɛsɔɔ Onyankopɔn ani sɛ Ɔbɛma yɛn nokorɛ Adiyie no a ɛfa onipa ko a Ɔyɛ ne nnipa ko a yɛyɛ ho. Ɛsɔɔ Onyankopɔn ani sɛ Ɔbɛfa Ne bɔfoo akɔ twamberɛ no akyi na Ɔde yɛn akyerɛ no wɔ ɔfã foforɔ no sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛtumi adi ahurusie na yɛannya SURO BIARA.

Deɛ ɛyɛ awerɛhoɔ ne sɛ, saa tapes yi nni hɔ mma obibiara. Ɛwɔ hɔ ma odiyifoɔ no asafo no nko ara… Animuonyam, ɛno ne yɛn. Simma biara a yɛbɛtumi, ɛne ɛberɛ biara a yɛbɛhyiam no, deɛ yɛpɛ sɛ yɛyɛ nyinaa ara ne Press Play na tie Onyankopɔn Nne.

Afoforɔnom wɔ no kama. Hunu na wɔn nhunu no sɛdeɛ yɛhunu no no. Wɔ wɔ no saa ara, nanso yɛn deɛ… Ɛyɛ paa sɛ yɛbɛhwɛ; ɛfiri sɛ yɛnim sɛ Ɛyɛ Papa Onyankopɔn kwan a ɔde ama nnɛ.

Da biara ewiase ne ne nkorɔfoɔ nya adwenemhaw pii. Biribiara akɔyɛ esum pii ne awerɛhoɔ pii.  Nanso wɔ Ayeforɔ no fam no, ɛda biara de nkanyan a ɛnam Adiyie pii so ba. Yɛwɔ ahomegyeɛ mu, a Ne Honhom Kronkron ahyɛ yɛn ma, a yɛabom tete ɔsoro mmeaeɛ hɔnom.

Anyabiaa wode akɔ adwendwene mu pɛn sɛnea na ɛteɛ wɔ Pentekose da no ɛberɛ a mframa a ɛrebɔ denden baeɛ na Honhom Kronkron no hyɛɛ ɛdan no mu ma, ɛne obiara a na ɔwɔ hɔ no?

Mfa w’adwene mmubu bio. Bra bɛka yɛn ho Kwasiada prɛmtoberɛ wɔ Jeffersonville berɛ mu, ɛberɛ a Ɔboaboa N’akɔdeɛ ano, de Ne Honhom Kronkron hyɛ wo dan mu ma, na Ɔsiesie yɛn ma Ne Mmaeɛ a ɛrenkyɛ no ɛnam N’aduane a Wakora a Ɔde ma yɛn die no so. Wobɛdidi na woanom afiri Ne adekoradan mu, Onyankopɔn Nne a ɛwɔ tapes no so no.

Onuabarima Joseph Branham.

Nkransɛm: Abayɛ #3 60-0522M

Twerɛnsɛm 
Mateo 28:19
Yohane 17:7-19
Asomafoɔ Nnwuma 9:1-6, Etire 18 & 19
Romafoɔ 8:14-19
1 Korintofoɔ 12:12-13
Galatifoɔ 1:8-18
Efesofoɔ Etire Baako 
Hebrifoɔ 6:4-6, 9:11-12

26-1101 Abayɛ #2

Message: 60-0518 Abayɛ #2

PDF

BranhamTabernacle.org

Ɛwoɔ Dɔfoɔ,

Moasiesie mo ho, Onyankopɔn mmamrima ne mmammaa a moada mo ho adie na wɔagye mo abayɛ sɛ mo bɛ bɔ mu atena ɔsoro mmeaeɛ hɔnom, ɛne Ayeforɔ no a wɔwɔ ewiase afanaa nyinaa aka abom, sɛ mo bɛtie Onyankopɔn Nne sɛ Ɛkasa firi ano gu aso mu anaa?

Aane!!! Yɛasiesie yɛn ho sɛ yɛbɛtie Onyankopɔn Nne sɛ Ɛka onipa ko a yɛyɛ pɛpɛɛpɛ kyerɛ yɛn.

Mefrɛ mo “ɛwoɔ” ɛfiri sɛ moyɛ. Mo—moyɛ me ɛwoɔnom. Monim biribi? Ma…Twerɛsɛm bi ɛba ɛhanom. Paulo kaa sɛ, “Metwe mo ho ninkunu (N’Asafo) Nyame sɛsoɔ mu ninkunu, ɛfiri sɛ megye mo awareɛ.” Ɛna ɛda hɔ no, ɛno na ɛwɔ no. Ɛno ne no. “Ɛfiri sɛ megye mo awareɛ, ɛyɛ mo ho adeɛ ma Kristo, sɛ ɔbaabunu a efi nni ne ho.”

Animuonyam nka Onyankopɔn, Ne bɔfoɔ de yɛn ama No awareɛ. Yɛyɛ mmaabunu a efin nni yɛn ho ma N’Asɛm, saa Nkransɛm yi, ma Ne Nne a ɛwɔ tapes no so no. Seesei wɔayɛ yɛn ho adeɛ ama Kristo.

Yɛbɛyɛ krado na yɛawura akwanhwɛ kɛseɛ mu Kwasiada. Yɛreba abɛkeka yɛn nsateaa, atiti yɛn kra, na yɛatwetwe yɛn akoma nom. Prɛko bio yɛbɛsan ateatea mu, reyi Awurade ayɛ, akeka mu “amen, haleluia”, te sɛ ɛberɛ a anɔpa nsoromma no bɔɔ mu too dwom na Onyankopɔn mma de anigyeɛ teateaa mu no; ɛberɛ a wɔhunuu nkwagyeɛ nhyehyɛeɛ no, ɛberɛ a Onyankopɔn de yɛn din nom too Ne Nwoma so ansa na ewiase fapem no.

Yɛbɛtumi ate aseɛ sɛ Papa Onyankopɔn atwɛn YƐN, firi wiase mfitiaseɛ, de bɛsi ɛnnɛ da yi anaa? Ɔhunuu baabi a yɛbɛda yɛn ho adi wɔ nna a ɛdi akyire no mu, na Watwɛn ɛna Wasi apinie sɛ yɛde Honhom Kronkron tumi no bɛsɔre ama Wada kokoa mu nneɛma a wɔde asie bɛsi ɛnnɛ no adie akyerɛ yɛn.

Mfirinhyia no nyinaa mu no, adiyifoɔ no atwɛn akɔsi saa ɛnna a ɛdi akyiri yi ama wɔada saa nneɛma yi adi. Papa Nyankopɔn kaa sɛ Watwɛn sɛ N’Asafo no bɛnyini afiri Lutheran mfirinhyia, Baptist mfirinhyia, Methodist mfirinhyia, Pentekose mfirinhyia, ɛna seesei akɔsi sɛ saa mmuasoɔ Boɔ no bɛtɔ so pɛɛ. Afei na wɔawie Ɛdansie no.

Bɔhyɛ nna no a Awurade kaa ho asɛm na Ɔpɛɛ sɛ ɛba no, seesei ɛrekɔ so na ɛrehyɛma wɔ yɛn ani so…ƐNE YƐN MU. Seesei yɛwɔ Kristo Yesu mu, yɛte Ɔsoro asomdwoeɛ mu, Ɔsoro nhyiranom mu, Ɔsoro Honhom mu, baabi a biribiara yɛ yɛn dea. Yɛwɔ bɔhyɛ Asase no so na adeɛ nyinaa yɛ yɛn dea.

N’Aba a ɛdi kan no anyini awie na wɔhimm no wɔ N’Ayeforɔ no anim. Honhom Kronkron no san kɔbɔɔ Papa Nyankopɔn amanneɛ na Ɔkaa wei faa Ne bɔfoɔ hoɔdenfoɔ no ho:

Wo bɔfoɔ no renyini wɔ adom mu! Ɔrehwanehwane ɛhono no. Ɔfa saa nnwan no na ɔtumi kora wɔn te sɛ Wo ara. Ɔmfa ɛpo mu nwira mma wɔn nwe da. Ɔmfa awuduro mma wɔn da. Sɛ wɔba bɛka sɛ, ‘Yɛpɛ sɛ yɛkɔdɔm asɔre no a,’ ɔka sɛ, ‘Ka w’ano tom, wonhia ɛno! Daabi, owura. Deɛ mohia nie, “Monsakyera m’oadwene na wɔmmɔ mo mu baako biara asu, wɔ Yesu Kristo Din mu, mma mo bɔne fafiri. Mobɛnya Honhom Kronkron no akyɛdeɛ no.”’

“Oo, ampa ara saa na ɔka anaa?”

“Yiw, Owura, ampa ara ɔyɛ.”

“Wiɛ, ɛno ara ne sɛnea Me twerɛɛ Ɛno.”

“Ɛno ara ne sɛnea ɔka No.”

“Wonim biribi? Mehunuu Archbishop Asomasi sɛ ɔka kyerɛ no sɛ ɔntumi mma kuro wei mu na ɔmmɛyɛ nhyiamudie. Nanso, Wonim, ɛkɔ yɛɛ sɛ ​​medii n’anim, mekaa sɛ, ‘Kɔ sɛnea ɛteɛ biara.’ Wɔka kyerɛɛ no ​​sɛ ɛbɛyɛ ama no sɛ ɔbɛtwe ne tapes no nyinaa asan, na ɛmma no mpue nkɔ abɔntene. Yɛkɔɔ sɛnea ɛteɛ biara!”

“Ɔno ne Me ba a Magye no abayɛ a matwɛn no no. Afei Mɛtumi afa ne so akasa na Mada M’ahintansɛm a asuma nyinaa adi akyerɛ Me nnwan.”

“Papa Nyankopɔn nwanwani”

“Afei wobɛpɛ sɛ mede amanneɛ a ɛfa Wo mma afoforɔ no ho bɔ Wo anaa?”

“Yiw, wɔn ho te sɛn?”

“Oh Papa…Wode wɔn bɛhoahoa Wo Ho. Wɔsɛ wɔn Papa. Saa archbishop adadafoɔ no da so ara reka adekɔrɔ no ara kyerɛ wɔn, ɛnsɛ sɛ wɔkɔ saa tape nsɔre no sɛ wɔkɔtie Wo Nne. Wɔ se tapes no nyɛ Nne a ɛho hia paa a ɛsɛ sɛ wɔtie; ɛnne nom a ɛho hia bebree wɔ hɔ saa berɛ yi.”

“Wonim deɛ Wo Nnwan no ka kyerɛ saa asɛnkafoɔ no?”

“KA W’ANO TOM, YƐNE TAPES NO RETENA, YƐNE ONYANKOPƆN ƐNNE NO RETENA.”

“Ampa ara wɔyɛ?”

“Yiw, Owura, wɔte sɛ Wo ara.”

“Oh, sɛnea ɛsi yɛ nwanwa. Ɛno ma M’ani gye paa. M’atwɛn wɔn akyɛ yie. Seesei wɔn nso ayɛ krado ma ABAYƐ!!”

“Wɔbɛgyinagyina wɔn adwumayɛbea Kwasiada wei wɔ prɛmtoberɛ wɔ Jeffersonville berɛ mu, atie Wo Nne. Wɔbɛboa wɔn ano abom wɔ wiase afanaa nyinaa na wɔato nsa aferɛ obibiara sɛ wɔmmɛka wɔn ho”.

“Anwanwasɛm, MƐBA ABƐKA WƆN HO.”

Ouabarima Joseph Branham.

Nkaebɔ: Mma mo werɛ mmfiri Ɛdɔn mu Nsakraeɛ no.

Nkransɛm: Abayɛ #2 60-0518.

Twerɛnsɛm:
Genesis 1:26
Efesofoɔ Etire Baako
Romafoɔ 8:19
Galatifoɔ 1:6-9
Hebrifoɔ Etire Nsia
Yohane 1:17