26-0712 Yesu Kristo Adiyie No

Dɔfoɔ Nkɔmhyɛ Kuo Nkorɔfoɔ,

Sɛnea yɛn ani gye asɛmfua, ADIYIE ho!
Hia a Nokorɛ adiyie nyinaa a ɛnam Honhom Kronkron no so hia ma nokorɛ gyedini no yɛntumi nsi so dua ma no ntra so da.
Adiyie ho hia pii sene nkwa ma Ayeforɔ no; ɛfiri sɛ ƆBOTAN, ADIYIE YI so, na mɛsi M’Asafo, na ɛnam Onyankopɔn adom ne mmɔborɔhunu so no, yɛyɛ N’Asafo a yɛwɔ Ne Nokorɛ Adiyie.

Adiyisɛm Nwoma no nni hɔ mma obiara. Obiara nni hɔ a ɔbɛtumi ate Ɛno ase. Ɛyɛ nkɔmhyɛ Nwoma a wɔtwerɛ maa nkɔmhyɛ nkorɔfoɔ bi, na wɔn nkutoo na wɔbɛtumi ate aseɛ: YƐN, Yesu Kristo Ayeforɔ.

Bible no nyinaa Ɛno nkutoo ne nwoma a Kristo Ankasa twerɛeɛ, nanso Ɔsomaa na Ɔnam Ne bɔfoɔ so de kyerɛɛ N’akoa Yohane. Ná asuafoɔ no nnim nokorɛ nom a wɔatwerɛ ato hɔ yi. Ná wɔnnya nyii no adi nkyerɛɛ wɔn kane no. Yesu mpo antumi anka Ne gyinabea wɔ Ɛmu ho asɛm ankyerɛ wɔn; ɛfiri sɛ na Agya no nnaa no adi nkyerɛɛ No.

Nanso seesei, Ne wuo ne Ne wusɔreɛ akyiri no, ɛna ɛwɔ saa ɛberɛ pɔtee yi mu no, Ɔtumi de Ne ho Adiyie yi ɛto dwa ma Yohane, deɛ N’animuonyam ne animpa wɔ asafo no mu bɛkyerɛ na ɛbɛyɛ.

Nanso seesei mpo, mfie mpem mmienu akyi no, ewiase adwendwene, nyamesɛm ho adesuafoɔ no asua na wɔn abooboo ho, nanso obiara nni hɔ a ɔwɔ nkyerɛaseɛ ne Adiyie a ɛtene ɛfa saa ahintansɛm yi a wɔtwerɛɛ wɔ Adiyisɛm Nwoma no mu de bɛsi nnɛ, kɔsi saa berɛ yi, ɛberɛ a Onyankopɔn somaa saa ɔbɔfoɔ korɔ no ara baa asase so sɛ ɔmmɛda Ne nyinaa adi nkyerɛ YƐN, N’Ayeforɔ a wɔapaw no.

Sɛ wobɔ mmɔden sɛ wobɛte kɛseyɛ a ɛyɛ ase sɛ Onyankopɔn yii me, na Ɔyii wo no; sɛ yɛbɛnya N’Asɛm mu Nokorɛ Adiyie no boro nnipa nkyerɛkyerɛmu so. Ɛberɛ a nnipa pii wɔ hɔ a wɔde to wɔn ho so sɛ wɔdi Nkransɛm no akyi na wɔka sɛ wɔgye di sɛ Onyankopɔn somaa odiyifoɔ bi no, wɔnni Adiyie mua no sɛ worehunu ɛho nsunsuansoɔ sɛ wɔremma Ne Nne ɛnyɛ nne a ɛho hia paa a ƐWƆ SƐ wɔTIE. Nokorɛ nie worenya saa adyie yi a ɛfa Ne Nne ho wɔ saa da yi mu no yɛ Ahweneɛ pa a ne boɔ yɛ den.

Onyankopɔn apaw yɛn nso sɛ Ɔbɛda saa NOKORƐ ADIYIE no adi akyerɛ yɛn. Enti, yɛn na yɛyɛ Ne NOKORƐ ASAFO no, N’asraafoɔ a wontumi nni wɔn so nkonim a Satan nni tumi biara wɔ n’anim, na ampaniampaa wɔasi no kwan. Sɛ Ne Nokorɛ Adiyie wɔ yɛn abrabɔ mu no, asamando apono no ntumi nni yɛn so nkonim, mmom yɛbɛdi wɔn so nkonim. BIBIARA nni hɔ a ɛbɛtumi agyina yɛn anim.

Nokorɛ ɛne Adiyie mua no a ɛwɔ hɔ ɛnnɛ ɛne sɛ wobɛhunu hia a Onyankopɔn Nne ho hia ɛma yɛn da yi. Sɛ worekɔ asɔre, reyɛ asɔre bi mu ni, rebɔ afɔreɛ nom, rebɔ mpaeɛ, ɛne sɛ woresom Onyankopɔn yɛ deɛ Onyankopɔn hwehwɛ nyinaa a, ɛneɛ na Onyankopɔn bɛyɛ Obi ɔbu ntɛnkyea sɛ ɔbɛbu Kain fɔ sɛ ɔreyɛ deɛ Ɔkaa sɛ ɔnyɛ no pɛpɛɛpɛ.

Wei ne deɛ Ɛnne no a ɛwɔ tapes no so kyerɛ ma yɛn:

Wɔde Adiyie no a ɛwɔ adeɛ no nyinaa ho no ato akyire hanom ɛde nhyira ma onii a ɔkenkan Ɛno na ɔtie Ɛno, ɛde nnome ama wɔn a wɔde bɛka ho anaa sɛ wɔbɛyi afiri mu. Ɛyɛ nwoma mua no, oh, osiwieɛ no. Biribiara nni hɔ a wobɛtumi de aka Ɛno ho. Na sɛ onipa bɔ mmɔden sɛ ɔbɛyi biribiara afiri Mu, anaa ɔde biribiara bɛka Ho a, Onyankopɔn kaa sɛ Ɔbɛyi ɔfa korɔ no ara afiri Nkwa Nwoma no mu. Moahu? Anka Ɔbɛyi ne kyɛfa afiri Nwoma no mu, sɛ anka ɔde bi kaaa Ɛno ho a.

Sɛdeɛ ɛbi nsii da no, Onyankopɔn de ƆKWAN A ƐWIE PƐYƐ BI AMA a yɛmmfa bi nka ho na yɛnnyi bi mfiri N’Asɛm mu. Wama yɛn akwanya sɛ yɛbɛtie Ne Nne ɛberɛ a Ɔkasa na Ɔda N’Asɛm adi kyerɛ yɛn no. Biribiara nni hɔ a ɛtumi yɛ kɛseɛ kyɛn saa tiawa.

Wei ne NOKORƐ ADIYIE ma ɛnnɛ.

M’ani agye yie na mewɔ akwanhwɛ kɛseɛ ase ma deɛ Awurade de asie ama yɛn nyinaa ɛberɛ a yɛtie, kenkan, na yɛsua Asafo Mfirinhyia Nson no. Onyankopɔn twerɛɛ Ɛno, somaa Ne bɔfoɔ sɛ ɔmfa Ɛno nkyerɛ Yohane, afei Ɔtwɛn maa sɛ yɛbɛba asase so ha saa berɛ yi ara sɛnea ɛbɛyɛ a Ɔbɛtumi asoma saa ɔbɔfoɔ korɔ no ara aba yɛn nkyɛn ma wada No adie!

Ewiase abakɔsɛm mu no ɛberɛ biara nni hɔ a animuonyam wɔ mu pii kyɛn ɛnnɛ.
Animuonyam kɛseɛ biara nni hɔ a wɔde ama onipa sene sɛ wɔbɛnya akwanya atie Onyankopɔn Nne ama wɔn ankasa ho. Ɛberɛ bi mmaa da a na N’Ayeforɔ no tumi nam Ne Nne so kaa wɔn nyinaa ho bɔɔ mu wɔ ɛberɛ korɔ mu.

Yɛ krado, Onyankopɔn rebɛma yɛn Ɔno Ankasa ho adiyie pii ɛne nnipa ko a yɛyɛ mpo: N’asraafo a wontumi nni wɔn so nkonim, N’Awuraa a wɔayie, apaw no, N’Akomamu tɔfe a Watwɛn no firi ɛberɛ ahyɛaseɛ.

Biribiara ntumi nnye ɛno mfiri yɛn nkyɛn. Ato sɛkyɛ wɔ y’ɛakoma ne yɛn kra nom mu ɛte sɛdeɛ ɛbi nsii da. Seesei abɛyɛ adekann a ɛrema yɛn ohwim mu Gyidie.

Yɛbɛhyɛ yɛn akwantuo kɛseɛ ase Kwasiada wei prɛmtoberɛ wɔ Jeffersonville berɛ mu, ɛberɛ a yɛtie Nkramsɛm a ɛdi kan: 60-1204M Yesu Kristo Adiyie No.

Mepɛ sɛ mehyɛ mo nkuran sɛ monya mo Asafo Mfirinhyia Nson nwoma no, monyɛ dinn nkenkan wɔ mo dan mu na monsua nnɔ sukɔ wɔ ɔfà biara, naawɔtwe biara. Yɛrebɛka abom a yɛretie Ne Nne, afei yɛresua N’Asɛm.

Onuabarima Joseph Branham.