Nkransɛm: 65-0829 Ɔbonsam Eden
Ayeforɔ Dɔfoɔ A Ɔwie Pɛyɛ,
Nanso sɛ yɛbɛhunu ɔtamfo no nnaadaa no, yɛnnyaa ɛda bi a ɛte sɛ wei a yɛte mu seesei no da. Ɛyɛ ɛda a aniteɛ bɔne ne nnaadaa wɔ mu paa. Na sɛ mehunu saa a, ɛde wei ba, ɛno, ɛsɛ sɛ Kristoni no ma n’ani da hɔ ɛnnɛ kyɛn sɛdeɛ na ɔteɛ wɔ mfirinhyia biara mu.
Onuabarima Branham kaa saa nsɛm yi kyerɛɛ Ayeforɔ no bɛyɛ mfie aduosia baako a atwam nie de bɛsi nnɛ. Sɛn na na ɔtamfo no nnaadaa no teɛ wɔ mfie aduosia baako a atwam no sɛ wɔde toto saaberɛ yi ho a? Sɛ yɛbɛka no ɔkwan foforɔ so a, ɛdeɛn technology na na ewiase wɔ mfie aduosia baako a atwam no sɛ wode to ɛnnɛ deɛ ho a?
1961 mu na Ɛwiem Akansie hyɛɛ aseɛ, na computers kɛseɛ ma ɛdan mu yɛ ma na ɛnam vacuum tubes ne punch cards so na ɛyɛ adwuma a na ɛhia ma obi a wakɔdare wɔ abɔdeɛ mu nyansahunu mu sɛ ɔbɛhyehyɛ. Na wɔde telephones kyekyere ɛban ho na na ɛgyina hardwired ɛne analog copper line, Transistor mainframes, mechanical typewriters, paper filing systems ɛne early mechanical calculators so.
Nanso ɛnnɛ yɛwɔ Internet, Artificial Intelligence systems a ɛtumi create arts, writing, na ɛboa nnwumayɛ wɔ mprempren berɛ ankasa mu. Ankorankora rockets a ɛrekɔ Mars. Smartphones a ɛkɔ bɔtɔ mu, smart watches, ɛne personal devices a ɛnya n’ahoɔden firi Global wireless networks a amonom ara ɛka nnipa ɔpepepem nom bom ɛwɔ voice, text ɛne video. Robotic assistants.
Ɔtamfo no aniteɛ bɔne ne ne nnaadaa te sɛ deɛ ɛbi mmaa da. Satan aba bɔne no awie nyini na akyekyere Satan Eden. Nanso ɛberɛ kɔrɔ no ara mu no, Onyankopɔn wɔ Ayeforɔ a wawie nyini, N’Adehyeɛ Aseni a wasiesie Ne Ho ɛnam sɛ Ɔte Ne Ba no animpa, N’Asɛm, Ne Nne.
Na Onyankopɔn nim sɛ ɛsɛ sɛ Ɔma ɔkwan bi a ɛbɛkura N’Ayeforɔ no wɔ saa nnaadaa, mfirinhyia bɔne yi mu. Ɔkwan a ɛwie pɛyɛ a ɛho renhia sɛ ɛyɛ wɔn naa, de adwene bubu, anaa sɛ ɔbɛfa onipa bi asɛm ama Asɛm a mfrafraeɛ nni mu. Na Ɔnim sɛ ɛho bɛhia sɛ wɔn ankasa bɛtie Onyankopɔn Nne no, ɛfiri sɛ Ɔbɔɔ yɛn kɔkɔ sɛ ɛbɛbɛn araa ma sɛ ɛbɛyɛ yie a ɛbɛdaadaa wɔn a Wɔapaw wɔn ankasa no.
Nnipa bɛtumi anya ngosra, na Honhom Kronkron no ahyɛ wɔn ma, na wɔayɛ atorɔfoɔ. Ná ɛsɛ sɛ Ɔde ɔkwan bi ma. Ɛne sɛ, Ɔyɛɛ ƆKWAN A ƐWIE PƐYƐ maa N’Ayeforɔ, a na anka ayɛ sɛdeɛ ɛrentumi nyɛ yie ɛberɛ a Ɔfirii aseɛ sɛ Ɔtwe Ne Nne agu ahoma so wɔ 1947 no; sɛdeɛ wɔn nsatea bɔ so a, ewiase bɛtumi atie Asɛm biara a Ɔkaeɛ ama wɔn ho, mpo ɛwɔ wɔn ankasa kasa mu. NSƐMMISA BIARA NNI hɔ, ADWENEM NAAYƐ BIARA NNI MU. WƆBƐTUMI ATIE SƐ AWURADE SEƐ NIE AMA WƆN HO.
Wayɛ ɔkwan bi mpo a Ɔbɛtumi aka N’Ayeforɔ a wɔwɔ ewiase afanaa nyinaa abom ama wɔn atie Ne Nne, wɔn nyinaa wɔ berɛ korɔ mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛtumi akɔ adwene koro mu, nteaseɛ baako, retie No sɛ Ɔkasa.
Na ɛsɛ sɛ Ɔfa Ne somafoɔ no, nanso Ɔgyaa Ne Nne, N’Asɛm a ɛwiɛ pɛyɛ maa N’Ayeforɔ a Ɔwie Pɛyɛ. Ɛnam sɛ wɔretie na wɔn ne Ne Nne retena no, wɔbɛhunu sɛ wɔntumi nnaadaa wɔn.
Na ɛno nie: Ɛno ne sɛnea Onyankopɔn si N’Asafo, Asɛm biara sɛdeɛ Ne su teɛ! “Ɛnyɛ paanoo nko ara na onipa bɛdi atena ase, mmom ɛnam Asɛm biara a ɛfiri Onyankopɔn anom so.”
Yɛnim sɛ wei ɛne sɛ woregye Asɛm biara a Honhom Kronkron no ka no die, nanso m’afam no, mewɔ anidie kɛseɛ paa a wɔde ama onipa pɛn. Mɛtumi de m’aso, atie, ƐNNE no ankasa a ƐKA Asɛm biara firi Onyankopɔn anom ba no.
Ɔkwan foforɔ biara nni hɔ ma me. Onyankopɔn ama akwan pii a Ɔfa so de gye Ne mma nkwa, nanso m’afam no, Onyankopɔn de ƆKWAN bi a ƐWIE PƐYƐ ato hɔ sɛ ɛbɛma N’AYEFORƆ AWIE PƐYƐ.
Ɛnnɛ, Satan nam mfomsoɔ so rekyerɛkyerɛ Twerɛsɛm no fã bi a ɛfa ɛnnɛ da yi ho ase. Ɔbɛma woahunu sɛ deɛ Yesu yɛɛeɛ nyinaa yɛ deɛ na ɛwie pɛyɛ. Ɔbɛma woahunu sɛ deɛ Onuabarima Branham yɛɛeɛ nyinaa yɛ deɛ na ɛwie pɛyɛ, na na ɔyɛ Onyankopɔn diyifoɔ. Nanso sɛ ɛba sɛ worebɔ Onyankopɔn Nne no a wɔada mu nokorɛ adie no wɔ wɔn asɔredan mu a, wɔbɛka sɛ ɛno mfa nnɛ da yi ho, ɛyɛ ɔsom adwuma no.
Ɛno ara ne deɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ nyinaa, hwɛ, ɛne sɛ ɔbɛnya nkorɔfoɔ no ama wɔagye Ɛno adi saa kwan no so, na ɛno — ne nyinaa ne no. Ɛfiri sɛ, “Wontumi nyi Asɛm baako mfiri Mu, anaasɛ wode asɛmfua baako bɛka Ho.” Nanso ɛno ne deɛ ɔyɛ.
Ɛdeɛn na wo honhom mu kannifoɔ ɛma so wɔ w’asɔre mu? Ɛnne bɛn na ɛho hia paa a ɛsɛ sɛ Ayeforɔ no tie ɛnnɛ? Wobɛtumi anya titire baako pɛ.
A: Ɔsom adwuma no nne?
B: Onyankopɔn Nne a ɛwɔ tapes so?
“Ɛsɛ sɛ aba biara so ne sɛso.” Saa na Onyankopɔn kyekyeree Ne Eden.
Mentia sɛ ɔsom dwumadie no ɛyɛ ɔsom adwuma. Menim, na megye di sɛ, Onyankopɔn afrɛ wɔn Nanso m’afam no, nokorɛ som adwuma no bɛka akyerɛ n’asafo no sɛ Ɛnne no a ɛwɔ tapes no so no ɛne Ɛnne a ɛho hia paa a ƐSƐ SƐ wɔtie, ɛne sɛ ɛsɛ sɛ wɔbɔ tapes no wɔ wɔn asɔredan mu, ɛfiri sɛ ɛno ne ƐNNE TITIRE no.
Me ne me fie, ɛne Branham Tabernacle deɛ, yɛne Onyankopɔn KWAN A ƐWIE PƐYƐ A ƆDE AMA bɛtena. Yɛrekɔ akɔ PRESS PLAY na yɛatie Onyankopɔn Nne no.
M’ani bɛgye ho sɛ mɛto nsa afrɛ wiase sɛ wɔmmra mmɛka yɛn ho ma yɛntie saa Ɛnne no Kwasiada wei prɛmtoberɛ wɔ Jeffersonville berɛ mu,
ɛberɛ a prɛko bio yɛka bom hyia wɔ Ne kwan a Wayi a Ɔde ama nnɛ no so.
Onuabarima Joseph Branham
Nkransɛm: Satan Eden 65-0829
Twerɛnsɛm wobɛkeken ansa na woatie Nkransɛm no:
2 Timoteo 3:1-9
Adiyisɛm 3:14
2 Tesalonikafoɔ 2:1-4
Isaiah 14:12-14
Mateo 24:24.