All posts by admin5

25-0511 Abayɛ #2

Nkransɛm: 60-0518 Abayɛ #2

PDF

BranhamTabernacle.org

Adɔfoɔ Adehyeɛ Asɔfokuo,

Obibiara ka wo nsateaa, ti wo kra, nya akokoduro. Ɛnnɛ, Yesu Kristo Ayeforɔ no ɛreteɛteamu:

Saa da yi, nkɔmhyɛ wei aba mu wɔ yɛn ani so ankasa.

“Megye di, saa animuonyam nna yi mu baako, sɛ asafo ahodoɔ nkabom kuo no ɛkɔ bɔ mu, na wɔyi Pope foforɔ no firii United States na wɔde no abɛsi hɔ sɛnea nkɔmhyɛ kyerɛ no, afei wɔbɛyɛ te sɛ ohoni ama aboa no.”

Onyame diyifoɔ Ɛnne kaa no Ɔpɛnima da a ɛtɔ so du nkoron wɔ afe apem ahankoron aduonum nan mu, abosome nkoron akyi no, wɔwoo Robert Prevost a seesei wɔfrɛ no Pope Leo XIV. Seesei ɔno ne Romanfoɔ Pope foforɔ. “Sɛ Awurade seɛ nie” aba mu.

Kɔtonima da a ɛtɔ nson wɔ afe apem ahankoron aduanan nsia mu no, Onyankopɔn de Ne diyifoɔ sii Green’s Mill a ɛwɔ Indiana, sɛ ɔde ne dwumadie bɛhyɛ ne nsa, na Wabɔ no dawuro akyerɛ ewiase, wei ne Me bɔfo-somafoɔ hoɔdenfoɔ a ɔtɔ so nson, Me Nne ma ɛwiase. Mo ntie No.

“Ɛberɛ a Awurade Bɔfo no hyiaa me wɔ abɔnten hɔ wɔ Green’s Mill, Indiana, mfie nwɔtwe a abɛsene kɔ no, ɛfiri dii m’akyi ɛberɛ a na meyɛɛ abɔfra no, ɛrekyerɛ anisoadehunu nom, ɛberɛ a mekɔɔ Ne nkyɛn no, Ɔkaa sɛ, “Sɛ wobɛdi nokorɛ a, ama nkorɔfoɔ no gye wo di a, biribiara ɛnnyina mpaebɔ no anim.”

William Marrion Branham yɛ Onyankopɔn Nne a wɔayi ama ewiase. Odiyifoɔ kokroko a Onyankopɔn Asɛm ba ne hɔ. Sɛnea Asɛm no kyerɛ no, ɔno nkutoo ne Ɔsoro ni a ɔyɛ Onyankopɔn Asɛm asekyerɛni.

Onyankopɔn ankasa nam Ogya Fadum No so buu no bem.

Kɔtonima da a ɛtɔ so nson wɔ afe mpenu ne aduonu num,  SATAN boaa ne Cardinals ano wɔ Sistine Chapel ɛwɔ Rome sɛ wɔnyi  Kristo Asinanmu, ɛma Sɛ Awurade Seɛ nie ɛnhyɛ ma.

Onipa de WISIE FITAA KUMOO na ɛsii ne so dua.

Kristo Ayeforɔ a wɔwɔ wiase nyinaa no ani gye, ɛreteɛteamu, ɛrekeka mu na wɔreyi Awurade ayɛ ɛberɛ a yɛte, na yɛde yɛn ankasa ani ɛhunu, odiyifoɔ no nkɔmhyɛ no a ɛrehyɛ ma.

Ayɛ te sɛ nea yɛrehwɛ sɛ ɛpo kɔkɔɔ no abue wɔ yɛn ani so. Manna mono a ɛtɔ firi ɛwiem. Mmoko ɔpepem pii a wɔrema Ayeforɔ no aduane. Nsuo a ɛfiri Ɔbotan no mu ɛba. Ogya ɛresiane aba ɛrehye Elia afɔrebɔdeɛ.

Nkɔmhyɛ ɛrehyɛ ma da biara. Onyankopɔn bɔhyɛ-Asɛm ɛreda adi wɔ yɛn abrabɔ nom mu. Nneɛma ɛrekɔ so wɔ yɛn ho nyinaa. Ayeforɔ no asiesie Ne ho ɛnam sɛ ɔretie na ɔregye Asɛm no die. Yɛn ne Asɛm no a ayɛ honam no.

Nokorɛ nie, yɛabɛduru. Ɛberɛ no abɛn. Ayeforɔ no ɛregye n’ani ɛna wɔreka wɔn ho bom wɔ ewiase afanaa nyinaa senea ɛbi nsii da.  Odiyifoɔ no ɛrema ayeforɔ no ahotɔsoɔ bio ɛnam sɛ ɔreka akyerɛ yɛn sɛ yɛyɛ Onyankopɔn adehyeɛ asɔfokuo, ɔman kronkron, nnipa soronko,  wɔn a yɛafrɛ wɔn, yɛayi wɔn, yɛapaw wɔn, na yɛde wɔn asi nkyɛn.

SEESEI YɛYƐ Onyankopɔn Mmamarima ne Mmamaa, a Onyankopɔn Honhom ɛdi yɛn anim; Ɛnyɛ onipa, na mmom ɛnam Honhom no so. Yɛnim, a akyinnyeɛ ho sunsum baako mpo nni mu, YƐYƐ N’AYEFORƆ. Yɛn gyidie ɛreduru ɛsoro foforɔ da biara. Biribiara nni hɔ a ɛrema yɛn agyina anaa sɛ ɛreberɛ yɛn anamɔntuo ase, Onyankopɔn ada no adi na Ɔde ato yɛn akoma ɛne yɛn kra sɛkyɛ.

Ayeforɔ no ahunu nnipasuo mua a yɛyɛ. Yɛwɔ yɛn honhom bɔhyɛ Asase so, yɛkura biribiara mu. Yɛwɔ Ɔsoro asomdwoe, Ɔsoro nhyira, Ɔsoro Honhom.  BIRIBIBIARA YƐ YƐDEA. Yɛresiesie yɛn ho kɛkɛ ama deɛ ɛdi hɔ a Ɔwɔ ma yɛn.

Wɔbɛhyɛn Awurade torobɛnto no, na Kristo mu awufoɔ no bɛdi kan asɔre.

Saa ɔsoro nnipa dua yi bɛsiane aba fam na wɔahyɛ asase so nipadua a wɔahyɛ no animuonyam no, na wɔasesa wɔ ɛberɛtia bi mu, wo bɛbɔ ani ateɛ. Wɔbɛfa yɛn ne wɔn abɔ mu akɔhyia Awurade ɛwɔ ɛwiem.

Ɛda bi paa ni. Ɛberɛ bi paa ni. Ɔkwan biara nni hɔ a mɛfa so de nnipa nsɛmfua aka atenka a  yɛnyinaa yɛwɔ ɛwɔ yɛn kra nom mu. Yɛn akoma nom de mmirika. Ɛnnyɛ yɛn na yɛrema no ayɛ saa, Honhom Kronkron no te sɛ abura nsutire a ɛreworo so wɔ yɛn mu. Ayeforɔ no atwɛn saa berɛ yi ɛfiri Adam nna no mu…NA YƐN NA YƐWƆ HA SEESEI.

Yɛma wo akwaaba. Yɛto nsa frɛ wo. Yɛsrɛ wo. Bra bɛka yɛn ho wɔ ɛberɛ mu nwanwasoɔ paa a ewiase ahunu pɛn, ɛberɛ a yɛtie Onyankopɔn Nne ɛda N’Asɛm adi kyerɛ yɛn Kwasiada wei wɔ prɛmtoberɛ ɛwɔ Jeffersonville berɛ mu, ɛberɛ a yɛtie: 60-0518 Abayɛ #2.

Onubarima Joseph Branham.

Twerɛnsɛm a wobɛkeken ansa na woatie Nkransɛm no:

Genesis 1:26

Efesofoɔ Etire a ɛdikan

Romanfoɔ 8:19

Galatifoɔ 1:6-9

Hebrewfoɔ Etire Nsia

Yohane 1:17

25-0504 Abayɛ #1

Nkransɛm: 60-0515E Abayɛ #1

PDF

BranhamTabernacle.org

Dɔfoɔ A Wɔagye Mo Abayɛ,

Afei yɛredi Onyankopɔn mu nneɛma a ɛmu yɛ den no na yɛwɔ N’Asɛm mu ntease a emu da hɔ. Onyankopɔn de N’Asɛm mu nokorɛ adiyie ama yɛn. Yɛn honhom mu adwene mu ate nwann.

YɛNIM Onii ko a ankasa a Ɔyɛ. YɛNIM deɛ Ɔyɛ ankasa. YƐNIM baabi pɔtee a yɛrekɔ. YɛNIM nnipa ko a yɛyɛ ankasa. YɛNIM Deɛ yɛagye no adi na yɛagye atom sɛ Ɔbɛtumi akora deɛ yɛde ahyɛ Ne nsa no so atia ɛda no.

Wakasa na wada ahintansɛm a wɔde asie ɛfiri ewiase ahyɛaseɛ no nyinaa adi akyerɛ yɛn. Ɔka kyerɛɛ yɛn sɛnea afoforɔnom apo N’akwan a Ɔayi ato hɔ  ɛberɛ nyinaa na wɔpɛ akannie foforɔ, nanso Ɔbɛnya ɛkuo ketewa bi a wɔde nokorɛ bɛtena N’Asɛm mu. 

Wɔ ewiase afanaa nyinaa no, wɔremmoaboa wɔm ano wɔ beaeɛ baako ɛnnya nneɛmakorɔ. Nanso wɔn mu akuokuo nketenkete bɛpete asase so nyinaa.

Animuonyam, yɛabɔ apete asase so nyinaa, nanso yɛaka Abom sɛ Bafua ɛnam sɛ yɛre-Presse Play na yɛretie Onyankopɔn Nne a ɛkasa kyerɛ yɛn.

Momma yɛnmɔ nkɔntene na yɛnikan nka nwhɛ deɛ Ɔbɛnam Ne bɔfoɔ hoɔdenfoɔ no so aka akyerɛ yɛn Kwasiada no.

M’adɔfoɔ a wɔayi Mo, seesei moatena abom wɔ Ɔsoro mmeaeɛ. ɛnyɛ adihɔ baabiara kɛkɛ, na mmom “Ɔsoro” mmeaeɛ; Ɛyɛ wo gyinabea sɛ ɔgyedini. Woawura mpaebɔ mu ayɛ krado ama Nkransɛm no. Moaboaboa mo ho ano abom sɛ ahotefoɔ, a wɔde Honhom Kronkron abɔ mo asu, a Onyankopɔn nhyira ahyɛ mo ma. Wɔafrɛ mo, ayi mo, na wɔde mo honhhom aba Ɔsoro ahunum.

Ɛdeɛ na ɛbɛtumi asie. Me Honhom Kronkron no bɛtu anammɔn wɔ akoma biara so. Wɔanya foforoyɛ na woabɛyɛ abɔdeɛ foforɔ wɔ Kristo Yesu mu.  Wo bɔne nom nyinaa wɔ mogya no ase. Wowɔ ɔsom a ɛwiepɛyɛ mu, a wo ama wo nsa ne w’akoma so ama Me, ɛrebom asom me wɔ Ɔsoro mmeaeɛ hɔnom.

Woyɛ nnyitohɔ, deɛ wɔaYi no, ɛwɔ Me Nhunusie mu. Deɛ Wɔayi, Wɔate ho, Ɔnam Nhyɛtohɔ so abu no Bem. Ɛntumi nyɛ yie sɛ wɔbɛdaadaa wo. Mahyɛ mo ato hɔ ansa na ewiase fapem. Woyɛ Onyankopɔn ketewa, a Honhom Kronkron bɔhyɛ asɔ wo ano; Ɛnyɛ sɛ wɔwo wo ato abusua no mu kɛkɛ, Me mma Mmarima ne mma Mmaa a wɔagye mo abayɛ.

Mede ɔsoro ayaresa bɛhyira mo, nhunusie, adiyie, Anisoadehunu nom, tumi, kasa horoɔ, nkyerɛaseɛ, nyansa, nimdeɛ, ɛne ɔsoro nhyira no nyinaa, a anigyeɛ a wontumi nka ho asɛm a animuonyam ahyɛ mu ma.

Me Honhom bɛhyɛ akoma biara mu ma. Mobɛbom anante, atena ase abom, wɔ Ɔsoro mmeaeɛ hɔnom. Nsusueɛ bɔne baako ɛnni mo ntam, sigaret baako nni hɔ a wɔanom, atadeɛ tiatia baako nni hɔ, ɛnyɛ baako wei, ɛno, anaa ɔfoforɔ no, ɛnnyɛ adwene bɔne baako, obiara nni biribiara ntia ne yɔnko, obiara ɛrekasa wɔ ɔdɔ ne bɛnkorɔ mu, obiara wɔ akoma korɔ mu wɔ beaeɛ baako.

Afei mpofirim ara nnyegyeɛ bi a ɛte sɛ mframa denden a ahoɔden wɔ mu bɛfiri Ɔsoro aba na Me de Ɔsoro nhyira nyinaa bɛhyira mo. Afei wobɛyɛ te sɛ David, ɔresa  wɔ Adaka no anim, ɛreka kyerɛ wiase sɛ ɛrenyɛ wo aniwuo, WO NE ME TAPE AYEFORƆ NO! Wo presse play na wogye ASƐM BIARA a Meka di. Wo mfiri ho na biribiara ntumi mpia wo! 

Afoforɔnom bɛtumi apo Ɛno, anaasɛ wɔnte Ɛno ase, nanso wo fam no, Ɛyɛ wo Badge Of Honor. Sɛdeɛ David ka kyerɛɛ ne yere no; “Wo dwene sɛ wei yɛ biribi, twɛn kɔsi ɔkyena, yɛbɛtie tapes bebiree mpo, ɛrekamfo Awurade, a Ne Honhom ahyɛ yɛn ma; ɛfiri sɛ yɛte Kanaan, a yɛn ani kyerɛ bɔhyɛ asase no.”

Afei Mɛhwɛ fam afiri Ɔsoro na Maka akyerɛ wo sɛ:

“Woyɛ Ayeforɔ a woda M’ankasa M’akoma so”

Saa nhyiranom yi bɛtumi ayɛ wo nso wo dea. Bra, ka yɛn ho Kwasiada wei wɔ prɛmtoberɛ Jeffersonville berɛ mu, na nya Awurade anim mu osuahunu te sɛ dɛe ɛbi nsii da wɔ ɛberɛ a yɛtie Onyankopɔn Nne ɛma ɛnnɛ da yi ɛkasa kyerɛ yɛn na ɛde Nkransɛm: Abayɛ ɔfa a ɛdi kan ɛbrɛ yɛn. Ɔkaa no 60-0515E.

Kae sɛ, wei ɛkɔ ma asafo no, ɛnnyɛ abɔnten-so-ni.  Ɛyɛ ahintasɛm a nyansapɔ wɔ mu ma no, ɔntumi nte aseɛ da, ɛbɔfa ne tiri so, ɔnnim hwee ɛfa ɛho bio kyɛn biribiara. Nanso, ɛma asafo no, ɛyɛ ɔbotan mu ɛwoɔ, ɛyɛ anigyeɛ a wontumi nka ho asɛm, ɛno ne nhyira awerɛhyɛmu no, ɛno ɛne ɔkra sɛkyɛ no, ɛno ne yɛn anidasoɔ ɛne tintiman, ɛno ne Tete Botan no, oh, ɛyɛ adeɛbiara a ɛyɛ papa. Na Ɔsoro ne Asase bɛtwam akɔ, nanso Onyankopɔn Asɛm ɛntwa mu da.

Onubarima Joseph Branham.

Twerɛnsɛm a wobɛkekan ansa na Nkransɛm no:

Joel 2:28

Ɛfisofoɔ 1:1-5

1 Korintofoɔ 12:13

1Petro 1:20

Adiyisɛm 17:8

Adiyisɛm 13

25-0427 Ɔhene No A Wɔapo No

Nkransɛm: 60-0515M Ɔhene No A Wɔapo No

PDF

BranhamTabernacle.org

Nnamfonom A Mosom Bo,

M’adɔfoɔ, m’Asɛmpa mu akoma mu dɔfoɔ, me mma a wɔawo mo ama Onyankopɔn.

Nnawɔtwe awieɛ nwanwasoɔ bi paa a yɛne Awurade nyaaeɛ.

Na ɛte sɛ deɛ ɛbi nni hɔ, sɛ yɛne Ɔno ɛrenya ɛmerɛ kɛkɛ, yɛrekasa akyerɛ No, ɛretie Ne Nne, ɛresom No, ɛreda No aseɛ, na yɛreka sɛnea yɛdɔ No no ɛkyerɛ No.

Anidie paa ɛyɛ sɛ wo te ase wɔ saa da yi mu na wo yɛ Twerɛsɛm no fã bi a ɛrehyɛ ma. Ɛbɛyɛ dɛn na nnipa anumnsɛm bɛtumi akyerɛkyerɛ deɛ ɛwɔ yɛn akoma mu no nyinaa?  Sɛnea odiyifoɔ no kaaeɛ no, ɛnyɛ me a, ɛyɛ biribi a ɛwɔ me mu tɔɔnn, a ɛrepiapia na ɛrehuru fa so wɔ me mu kɛkɛ; Honhom Kronkron no nsutire bi. Ɛyɛ Ayeforɔ no a ɔresiesie ne ho ama Ayeforokunu no.

Hwɛ sɛnea ayeforɔ ani gye ne ho paa ansa na n’ayeforohyia aba.  N’akoma firi aseɛ bɔ ntɛmntɛm ɛberɛ a sima a ɛtwa toɔ no ɛbɛsene no….ɔnim sɛ ɛberɛ no anya abɛduru. “Masiesie me ho awie. Ɔreba abɛfa me. Afei deɛ yɛbɛyɛ BAAKO.”

Ampa ara ɛberɛ awieɛ mu na yɛ wɔ yi. Ɛnkyɛ na wɔahwim Ayeforɔ no na wɔafrɛ yɛn akɔ yɛn ayeforɔ anwummerɛ apontoɔ no ase. Ɔde yɛn ɛrekɔ mpɛnpɛnsoɔ foforɔ mu. Asɛmbisa biara nni hɔ bio; Ɛnnyɛ nwanwa bio; YƐN NA YƐYƐ AYEFORƆ NO.

Na Ɔnnya nwieɛ.  Ɔda so ara pɛ sɛ Ɔhyira na Ɔhyɛ N’aYeforɔ dɔfoɔ a wɔayi wɔn no nkuran. Sɛnea Ɔdɔ sɛ Ɔhyɛ No nkuran na Ɔka kyerɛ No  dodoɔ sɛnea Ɔdɔ No. Sɛnea Ɔde No hoahoa Ne ho.

Ɔda so wɔ Adiyie soronko foforɔ koraa a Ɔde bɛma No.  Ɛberɛ a ɛnne bebiree wɔ wiase a ɛrepo sɛ wɔbɛbɔ tapes no, Ɔpɛ sɛ prɛkopɛ bio ɔma Ayeforɔ no awerɛhyɛmu bio sɛ wɔwɔ Ne pɛ a ɛwie pɛyɛ mu ɛne N’akwan a Wayi ato hɔ mu.

Ɛberɛ biara wɔapo Ne nhyehyɛe. Wɔataa N’ayeforo no ɛberɛ biara. Nkorɔfoɔ no pɛ wɔn ankasa kwan, wɔn adwene ɛberɛ nyinaa. Wɔpɛ ɔkannifoɔ soronko sɛ ɔbɛdi wɔm anim. Nanso Onyankopɔn somaa ɔkanifoɔ baako sɛ ɔmmɛdi N’Ayeforɔ anim, Ɔno Ankasa, Honhom Kronkron no, na ɛnnɛ da yi mu Honhom Kronkron no, sɛdeɛ ɛteɛ wɔ ƐNNA A AKA  NYINAA MU NO, YƐ ONYANKOPƆN DIYIFOƆ.

Ɛberɛ biara wɔn apɛ sɛ nnipa di wɔn anim. Wɔ Samuel ɛda mu no, Onyankopɔn kaa sɛ na wɔn ɛrepo Ɔno ɛnam sɛ na wɔn mpɛ sɛ Samuel bɛdi wɔn anim no. Na ayɛ sɛ ɛyɛ nwanwa ɛfiri sɛ na Samuel nso yɛ ɔbarima nsoso, nanso na nsonsonoeɛ no ne sɛ na Samuel ne ɔbarima a Onyankopɔn yii no sɛ ɔni wɔn anim. Na Ɛnyɛ Samuel, na ɛyɛ Onyankopɔn a Ɔde Samuel ɛredi dwuma. Na ɔyɛ Onyankopɔn NNE ƐNE ONIPA A  wayi sɛ ƆNI WƆN ANIM, nanso na  wɔpɛ ɛnne afoforɔnom.

Na Saul nim sɛ Nkorɔfoɔ no suro Samuel, ɛnti na ɛsɛ sɛ ɔbɔ no dawuro sɛ, “Saul ƐNE Samuel”. Na ɛsɛ sɛ ɔbɔ nkorɔfoɔ no hu sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛdi n’akyi. Nokorɛ nie na, wɔafrɛ no. Nokorɛ nie, na Samuel asra no ngosra sɛ ɔnyɛ wɔn hene, nanso na Onyankopɔn da so ara wɔ Ɔkwan a wayi ato hɔ, ɛne odiyifoɔ a Ɔyii sɛ ɔni wɔn anim, mpo sɛ ɔbɛdi Saul anim. Onyankopɔn kasa kyerɛɛ Ne diyifoɔ no na ɔka kyerɛɛ Saul deɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ. Ɛberɛ a Saul sii gyinae sɛ ɔno nso wɔasra no ngo no, na ɔmpɛ sɛ ɔbɛtie odiyifoɔ no ara kɛkɛ no, Onyankopɔn yii n’ahennie no firii hɔ.

Ɛnti afei ɛberɛ a wɔyɛɛ saa no, ɛberɛ a nkoguo kɛseɛ no baeɛ no, afei Saul twaa nantwie akɛseɛ mmienu na ɔsoma ma wɔde kɔmaa nnipa no nyinaa. Na anka mɛnya a wo bɛhyɛ nso wɔ ha, ɛberɛ a Saul de nantwie asinasini no kɔmaa Israelfoɔ nyinaa no, na ɔkaa sɛ, “Obiara a ɔrenni Samuel ne Saul akyi no, mo ma no ɛnyɛ sɛ nantwie wei.” Anyabiaa wo hu sɛnea ɔbɔɔ mmɔden ɛnam nnaadaa kwan so sɛ ɔde ne ho bɛgyina ama ɔne Onyankopɔn nipa no? Sɛn—sɛnea na ɛnyɛ Kristo nneyɔeɛ! Samuel nti na na nkorɔfoɔ no suro no. Nanso Saul maa wɔn nyinaa dii n’akyi ɛfiri sɛ na nkorɔfoɔ no suro Samuel. “Ma wɔn mmera mɛdi Samuel ɛne Saul akyi.”

Da koro bi Saul kɔɔ ɔhaw pii mu. Na ɔntumi nnya mmuaeɛ mfiri Onyankopɔn hɔ. Na ɔntumi nnya awerɛkyekyerɛ. Ná ɔrepɛ mmuaeɛ nom.  Ná ɔnim baabi a na ɛsɛ sɛ ɔkɔ na ɔnya mmuaeɛ a na ɔpɛ no; Na beaeɛ baako pɛ na na ɛwɔ hɔ, ONYANKOPƆN DIYIFOƆ, SAMUEL. Na ɔkɔ ne kra akyi nanso na ɔda so ara yɛ ONYANKOPƆN NNE, MPO ƐWƆ PARADISE.

Agya pɛɛ sɛ N’Ayeforɔ no hunu ɔnii ko a Ɔyii sɛ ɔni N’Ayeforɔ anim ɛwɔ saa ɛda a ɛtwatoɔ yi, ɛnti Ɔfaa Ne bɔfoɔ hoɔdenfoɔ no kɔɔ twamu-berɛ akyi sɛ Ɔbɛka akyerɛ yɛn prɛkopɛ bio, akyekyere yɛn werɛ, na wahyɛ yɛn nkuran sɛ yɛ wɔ Ne Pɛ a ɛwie pɛyɛ a wayi ato hɔ no mu.

Tie deɛ odiyifoɔ no ɛreka no nyinaa yie paa.

Afei, mempɛ sɛ mobɛma wei asi wɔ ne mperenu so. Meka wei wɔ m’asɔre anim, anaa me nwan a merehwɛ wɔn no soɔ.

Ansa na ɔbɛka biribiara akyerɛ yɛn no, ɔpɛ sɛ ɔdikan ma yɛhunu sɛ wei yɛ YƐNKO ARA DEA, N’ASAFO, NE NWAN, WƆM A ƆREHWƐ WƆN SO. Ɛne sɛ, sɛ wo ntumi nka sɛ, “Onuabɛɛma Branham yɛ ME sɔfo a,” maka no pɛn, nanso ɛho nhia sɛ wobɛtoa so akenkan akɔ anim biara, wei ɛnyɛ wo dea, deɛ ɛka ho ne sɛ na ɔmpɛ sɛ yɛbɛsan atĩ mu mpo ama obibiara gyesɛ wɔn a wɔgyedi na wɔka sɛ, “Onuabɛɛma Branham yɛ me sɔfo”.

Ɛhɔnom pɛɛ na yɛ wɔ mmuaeɛ ma asɛmbisa no a yɛnya no pii firi mfomsoɔ hwehwɛfoɔ hɔ sɛ yɛreka sɛ: “Onuabɛɛma Bramham ɛyɛ yɛn sɔfoɔ.” (Ɛno ɛne tape nkorɔfoɔ no.) Wɔn ɛdi ka, wɔ yɛ, na yɛyɛ. 

Mesrɛ wo mma wo bo mfu me, menka saa nsɛm yi sɛ ɛbɛfu obibiara bo, ɛno bɛyɛ mfomsoɔ, nanso ɛyɛ deɛ ɔreka akyerɛ Ayeforɔ no. Ɛnyɛ sɛ mede me nkyerɛaseɛ ɛreto so, Ɔreka no pefee…Onyankopɔn asɛm nhia nkyerɛaseɛ biara.

Sɛ na ayɛ sɛdeɛ na mewɔ saa nipadua yi mu anaasɛ mafiri mu a, sɛ na ɛyɛ nsakraeɛ bi a, na ɛnte sɛ anisoadehunu biara a na manya pɛn.

Afei ɔka kyerɛ yɛn sɛ na wei ɛnte sɛ anisoadehunu biara a na wanya pɛn. Ɔkɔɔ baabi a na ɔnkɔɔ da. Na ƐSO sene anisoadehunu biara a wahu pɛn mpo. Na ɛnyɛ sɛ ɔreso daeɛ, ɔhunuu ne nipadua wɔ mpa no so; NA ƆWƆ HƆ.

Yesu Kristo Ayeforɔ no, ma ɛno ɛmem nkɔ mu yie paa ankasa. Na ɛyɛ Yesu Kristo Ayeforɔ na na wɔwɔ ɔfã foforɔ no, mprempren kabea, a na wɔde mmirika ɛreba ne nkyɛn, ɛreteɛteɛmu na wɔresosɔ ne mu, ɛde wɔn nsa ɛregu ne kɔn mu na wɔreka sɛ, “Oo, yɛn nua barima a ɔsom boɔ!”

Na ɔwɔ hɔ; Ná ɔtumi te nka; Ná ɔtumi te wɔn nne. Ná wɔrekasa kyerɛ no. Ɔgyinaa hɔ, na ɔhwɛɛeɛ, na ɔyɛ abrantewaa. Ɔtwaa n’ani hwɛɛ ne nipadua dada no a ɛda hɔ a ne nsa gu ne ti akyi no.

Afei yɛasi so dua sɛ NA ƆWƆ HƆ, na ɛyɛ Yesu Kristo Ayeforɔ no na na ɔrehunu wɔn no. Afei momma yɛntie deɛ na ɛnne bi a ɛfiri soro ɛreka kyerɛ no.

Na afei saa Ɛnne a na ɛrekasa no, ɛfiri m’atifi no, kaa sɛ, “Wonim, wɔatwerɛ wɔ Bible no mu sɛ na wɔaboaboa adiyifoɔ no ɛne wɔn nkorɔfoɔ ano.”

Ɛnyɛ sɛ na Onyankopɔn ɛrekyerɛ ne diyifo no na Ɔrehyɛ no nkuran nko ara, na mmom na dodoɔ pii ka ɛho. Ɔbɛsan aba na waka akyerɛ yɛn ɛnyɛ baabi a yɛɛkɔ nkutoo ɛne sɛdeɛ ɛbɛyɛ, na mmom sɛ ɔbɛka akyerɛ yɛn sɛ yɛwɔ Ne Pɛ a ɛwie pɛyɛ mu ɛnam sɛ yɛre Presse Play na ɛno ne sɛnea yɛfa so kɔ baabi a Ayeforɔ no wɔ no.

Onuabarima Branham kaa sɛ ɔpɛ sɛ ɔhunu Yesu dendennden. Nanso wɔka kyerɛɛ no ​​sɛ:

“Afei, Ɔwɔ soro kakra, ɛsoro hɔnom ara sɛɛ.” Kaa sɛ, “Ɛda bi Ɔbɛba wo nkyɛn.”

Wɔn kɔɔ so kyerɛɛ no ​​ONII KO A NA ƆYƐ.

 “Wɔsomaa wo, sɛ ɔkannifoɔ. Na Onyankopɔn bɛba. Na sɛ Ɔba a, Ɔbɛgyina deɛ wo kyerɛɛ wɔn no so abu wo atɛn, kane, sɛ wɔbɛkɔ mu  anaasɛ daabi. Yɛbɛkɔ mu sɛnea wo nkyerɛkyerɛ ɛteɛ no”

Hwan na wɔsomaa no sɛ ɔkannifoɔ? Wɔrekɔbu yɛn atɛn ɛgyina deɛ hwan kyerɛkyerɛɛ  yɛn so? Ɛnam hwan nkyerɛkyerɛ so na yɛbɛwura Ɔsoro ahennie mu?

Obi bɛtumi aka sɛ, mekyerɛkyerɛ me nkorɔfoɔ deɛ Onuabarima Branham kae no aaa…amen, ɛsɛ sɛ woyɛ na megye di sɛ ɛbinom yɛ, nanso mma ɛnyɛ no “Onuabɛɛma Branham ɛne me.”

Momma yɛnkɔso nkenkan sɛnea Ɔpɛ sɛ yɛhwɛ hunu sɛ yɛte aseɛ yie bebiree.

Na saa nkorɔfoɔ no teateaa mu, na wɔkaa sɛ, “Yɛnim saa. Na yɛnim sɛ yɛne wo ɛrekɔ, da bi, asan aba asase so.” Kaa sɛ, “Yesu bɛba, na wɔbɛgyina sɛnea wo kaa Asɛm no kyerɛɛ yɛn no so no na abu wo atɛn.

Wɔbɛbu yɛn atɛn wɔ Asɛm a ɔka kyerɛɛ yɛn no so. Ɛne sɛ, atɛmmuo firii deɛ Onyankopɔn Nne kaaeɛ wɔ tapes no so no. Ɛbɛyɛ dɛn na ɔbi atumi aka sɛ Ɛnne a ɛwɔ tapes no so no ɛnyɛ ƐNNE A ƐHO HIA PAA sɛ wo bɛtumi atie?

“Na afei sɛ wɔgye wo tom saa berɛ no, a wɔbɛgye wo atom,”  . 

Woasiesie wo ho? Wei bɛkoa dadewa no ato deɛ ɛyɛ Awurade Pɛ a ɛwie pɛyɛ ma Yesu Kristo Ayeforɔ no so. Ayeforɔ no ɛreka kyerɛ odiyifoɔ no DEƐ ƆBƐYƐ.  Obi foforo biara nni hɔ. Ɛnyɛ nipakuo bi. Ɛnyɛ ɔsɔfoɔ foforɔ, Onyankopɔn diyifoɔ, WILLIAM MARRION BRANHAM.

“afei wode yɛn bɛkyerɛ No, sɛ wo som dwumadie mu nkonimboɔ nom”.

Hwan na ɔde yɛn ɛrekɔkyerɛ Awurade Yesu? Ɛnna a yɛtie odiyifoɔ no kɛkɛ no atwam? Onuabarima Branham anka da sɛ bɔ tapes?

Ayeforɔ no ɛreteateamu ɛna wɔn ɛreka sɛ, sɛ wopɛ sɛ wo yɛ Ayeforɔ no a, ɛbɛyɛ ama wo sɛ wobɛ Press Play.

Wo da so ara wonnye ntoo mu? Wiɛ, bebiree mpo wɔ hɔ.

Kaa sɛ, “wobɛma yɛn akwankyerɛ akɔ Ne hɔ, na yɛn nyinaa bɛbom asan yɛakyi akɔ asase so akɔtenase afebɔɔ.

Hwan na ɛwɔ sɛ ɔma yɛn akwankyerɛ kɔ Ne nkyɛn no? Hwan na Ɔredi Ayeforɔ no anim? Ayeforɔ no ɛreka kyerɛ no sɛ ƆNO NA ƆBƐMA AYEFORƆ NO AKWANKYERƐ AKƆ NE NKYƐN, afei yɛbɛsan akɔ asase so akɔtena afebɔɔ.

Sɛ Adiyie BIARA wɔ wo mu koraa a. Sɛ wode to wo ho so sɛ wogye Saa Nkransɛm yi di a, mebɔ mpaeɛ sɛ Onyankopɔn bɛda no adi akyerɛ wo sɛ ƐSƐ SƐ wode Ne Nne, tapes no DIKAN. Asɔfoɔ, monsan mfa odiyifoɔ no mmɛgyina mo asɛnkannua no akyi. Tapes no ɛne Ɛnne a ɛhia sɛ wobɛtie sɛnea wɔde SAA ƐNNE no na ɛrebɛbu wo atɛn.

Sɛnea Asɛm no seɛ no, yɛwɔ Ne Pɛ a ɛwie pɛyɛ ɛne Ne kwan a Ɔde ama no mu ɛma yɛn ɛda yi ɛnam sɛ yɛretie Onyankopɔn Ɛnne a ɛwɔ tapes so no.

Sɛ Onyankopɔn abue w’ani akɔ nokorɛ Adiyie no a ɛwɔ N’Asɛm mu no a, me to nsa frɛ wo sɛ bɛka yɛn ho Kwasiada prɛmtoberɛ Jeffersonville berɛ mu, ɛberɛ a yɛtie Nkransɛm a ɔkaa no Kɔtonima da a ɛtɔ so dunum wɔ afe apem ahankoron aduosia mu anɔpa:

 Ɔhene A wɔapo No No.

Ɔnuabarima Joseph Branham.

25-0417 Easter Afe Mpenu Ne Aduonu Num- Awurade Adidie Ne Ɛnan Ase Hohoro Soronko Ɛsom

Nkransɛm: 62-0204 Awurade Adidie

PDF

BranhamTabernacle.org

Dɔfoɔ Kristo Ayeforɔ,

Animuonyam berɛ paa a Ayeforɔ no bɛnya saa Easter nnawɔtwe wei awieɛ. Megye di sɛ ɛbɛyɛ yɛn asetena mu mpɔmpɔnsoɔ no mu baako; ɛberɛ a yɛn werɛ ɛmfi da. Nnawɔtwe awieɛ a ɛdutwam.

Easter biara ayɛ ɛberɛ titire a ɛte saa ma Ayeforɔ no, ɛberɛ a yɛto yɛn apono nom mu ɛma adihɔ denam sɛ yɛredundum yɛn nkitahodie mfidie nom nyinaa ɛne ewiase nnoɔma a ɛtwetwe yɛn adwene, na yɛsan tu yɛn abrabɔ hyɛ Ne nsa kɛkɛ. Ɛyɛ nnawɔtwe awieɛ mua a yɛtu hyɛ Ne nsa wɔ ɔsɔreɛ mu, wɔ ɛberɛ a yɛkasa kyerɛ No ɛda biara , na afei yɛtie N’Asɛm.

Ɔtamfo no ama yɛn adaagyeɛ akɔ abrabɔ mu nnoɔma bebiree so ama atwe yɛn adwene afiri yɛn asetena mu kɔpem sɛ ayɛ den sɛ yɛbɛto ewiase pono mu na yɛakasa akyerɛ No. Mpo nkitahodie mfidie a yɛde tie Asɛm no, Ɔboronsam fa de yɛn ɛmmerɛ kɔ asianeɛ mu.

Nanso nnawɔtwe wei bɛyɛ soronko, na ɛnnyɛ te sɛ Easter nnawɔtwe awieɛ foforo biara a yɛanya pɛn.

Ɛberɛ a Awurade de too m’akoma so sɛ yɛntie Nsɔano no, na menni adwenkyerɛ biara ɛfa sɛdeɛ ɛnna no bɛsie ho. Nanso sɛnea ɛteɛ daa no, Ne berɛ ɛyɛ deɛ ɛwie pɛyɛ. Kwasiada mmienu a atwam no, ɛyɛɛ animuonyam hyɛ maa yɛn sɛ yɛtie Nsɔano a ɛtɔ so Nan no, Ɔkɔdeɛ Mfirinhyia no, ɛwɔ Oforisuo da a ɛtɔ so nsia, ɔdiyifoɔ no awoda; Sɛnea ɛfata.

Nanso seesei, Awurade wɔ nneɛma pii mpo ma yɛn. Sɛnea Mekaeɛ no, ɛberɛ a metee nka sɛ Awurade de ato m’akoma so sɛ me mmɔ Nsɔano Nson no, na menim sɛ ɛde nnawɔtwe bebiree na ɛbɛwie wɔn bɔ no ɛnam sɛ Nkransɛm du na ɛwɔ ntoatoasoɔ no mu.

Ɛberɛ a mehwɛɛ Calendar no so no, mehunuu sɛ Easter baeɛ ansa na yɛbɛwie ntoatoasoɔ no tieɛ no nyinaa. Me dwenee wɔ me mu sɛ, mesusu sɛ ɛsɛ sɛ yɛgyae Nsɔano no tie na Ɔbɛma me Easter Nkrasɛm.

Prɛkopɛ me hunuu…ƐBƐWIE PƐYƐ. Yɛbɛtumi akɔ so abɔ Nsoano nwoma no a yɛrebɔ Nsɔano a ɛtɔ so Nson no Easter Kwasiada anɔpa. Na mentumi nnye nni, ɛne nhyehyɛe no hyia pɛpɛɛpɛ. Ɛhɔ ara na mehunuu sɛ WEI YƐ WO, AWURADE.

M’ani agye yie na mewɔ akwanhwɛ kɛseɛ mu wɔ yɛn Easter berɛ a yɛreka yɛn ho abom na yɛ ne No ahyia. Mehunuu sɛ Ɔno na Ɔyɛɛ nhyehyɛe no maa yɛn.

Ɛne sɛ, sɛ ɛyɛ Awurade pɛ a, yɛbɛkɔ so atie Nsɔano no wɔ yɛn Easter nnawɔtwe awieɛ soronko no nyinaa mu.

YAWOADA

Na ɛyɛ Yawoada anadwo na Awurade Yesu ne N’asuafoɔ no dii anwummere aduane a ɛtwa toɔ, de kaee Twam no ansa no Israel mma akwantuo no. Akwanya paa yɛwɔ sɛ yɛne Awurade bɛdi nkitaho wɔ yɛn afie mu, ansa na yɛn nnawɔtwe awieeɛ kronkron no aba, na yɛasrɛ no sɛ ɔmfa yɛn bɔne nkyɛ yɛn, na ɔmfa deɛ yɛhia wɔ yɛn akwantuo mu no nyinaa mma yɛn.

Ma ɛho kwan, Awurade. Sa ayarefoɔ no yareɛ. Kyekyere wɔn a wɔabrɛ no werɛ. Ma wɔn a wɔhyɛ wɔn so no ani nnye. Fa asomdwoeɛ ma wɔn a wɔabrɛ, aduane ma wɔn a ɔkɔm de wɔn, nsuo ma wɔn a sukɔm de wɔn, anigyeɛ ma wɔn a wɔn werɛ ahoɔ, tumi ma asafo no. Awurade, ma Yesu mmera yɛn ntam anadwo yi, ɛberɛ a yɛresiesie yɛn ho sɛ yɛbɛyɛ Awurade adidie a ɛregyina hɔ ama Ne nipadua a abubuo no. Yɛbɔ mpaeɛ, Awurade, sɛ Ɔbɛba abɛsra yɛn wɔ ɔkwan a ɛdutwam so…

Hyira afoforɔnom, Awurade, wɔ ewiase nyinaa, wɔn a wɔde anigyeɛ ɛretwɛn Awurade mmaeɛ no, asiesie ntemaban ano, atwitwi wisie dorobɛn no ho nyinaa, na Asɛmpa no ho hann no ɛrehyerɛn wɔ mmeaeɛ a ɛyɛ sum.

Momma yɛn nyinaa mfiri aseɛ nɔn-nsia anwumerɛ wɔ wo mpɔtam hɔ berɛ na tie Awurade Adidie Nkransɛm 63-02-04 na afei ɔdiyifoɔ no de yɛn bɛwura yɛne Awurade adidie ɛne ɛnan ase hohoro soronko som no, a ɛbɛbɔ wɔ Lifeline app (wɔ Borɔfo kasa mu), anaasɛ wobɛtumi adounloadu ɔsom no wɔ Borɔfo anaa kasa foforɔ mu ɛberɛ a woremia link yi a ɛwɔ aseɛ ha yi.

Nkransɛm no akyire no, yɛne yɛn mmusua bɛbom ahyia wɔ yɛn afie mu na yɛadi Awurade Anwummerɛ Aduane.

EFIADA

Momma yɛne yɛn mmusua nkɔ mpaebɔ mu wɔ anɔpa nɔn nkoron, ɛna afei ɛbio wɔ prɛmtoberɛ, ɛreto nsa aferɛ Awurade sɛ Ɔmɛka yɛn ho na Ɔmfa Honhom Kronkron no nhyɛ yɛn afie mu ma ɛberɛ a yɛretu yɛn ho ahyɛ No nsa no.

Momma yɛn adwene nom mmu nkɔmpɔ nkɔ saa da no wɔ Calvary, bɛyɛ mfie mpem mmienu a atwam no, na yɛnhunu yɛn Agyenkwa no sɛ Ɔsɛn asɛnnua no so, na afei yɛnhyɛ yɛn ho bɔ saa ara sɛ yɛbɛyɛ deɛ ɛsɔ Agya no ani daa.

Na saa da yi, esiane sɛ ɛho hia paa nti, nna a ɛho hia paa no mu baako, momma yɛnhwɛ nneɛma ahoroɔ mmiɛnsa ho asekyerɛ a saa da no wɔ ma yɛn. Yɛbɛtumi afa ɔhaha nom. Nanso, anɔpa yi, mayi nneɛma mmiɛnsa ahoroɔ a ɛho hia a yɛpɛ sɛ yɛhwɛ, wɔ ɛberɛ tia bi a ɛdi hɔ no mu ara kɛkɛ, a Calvary ɛde kyerɛɛ yɛn. Na mebɔ mpaeɛ sɛ ɛbɛbu ɔbɔnefoɔ biara a ɔwɔ hɔ no fɔ; Ɛbɛma ɔhotefoɔ biara akɔ ne nkotodwe anim; Ɛno bɛma ɔyarefoɔ biara ama ne gyidie so akɔ Onyankopɔn nkyɛn, na wasɔre akɔ apɔmudene mu; ɔdebɔneyɛni biara, anya nkwagyeɛ; deɛ wahwe aseɛ biara asan n’akyi, na n’ani awu ne ho; Na ɔhotefoɔ biara, di ahurusie, na ɔtimtim foforɔ ɛne anidasoɔ foforɔ.

Afei prɛmtoberɛ pae mu a, momma yɛnka mmom wɔ yɛn afie mu ntie; 63-03-23 Nsɔano A Ɛtɔso Nsia.

Afei momma yɛnsan nka mmom wɔ mpaebɔ mu wɔ ɔsom no akyi pɛɛ, ɛmfa nkae bɔ a wɔbɔɔ yɛn Awurade asɛndua no.

MEMENEDA

Momma yɛn nyinaa nka mmom bio wɔ mpaebɔ mu anɔpa nɔn nkoron ɛne prɛmtoberɛ, na yɛnsiesie yɛn akoma ma nnoɔma akɛseɛ a Ɔbɛyɛ ama yɛn wɔ yɛn ntam.

Metumi te sɛ Ɔka sɛ, “Satan, bra ha!” Ɔyɛ Boss seesei. Ɔtene Ne nsa, ɛsɔ saa owuo ɛne asamando safoa no ɛfiri ne nkyɛn mu ɛde sɛn Ɔno ankasa nkyɛn mu. “Mepɛ sɛ mebɔ wo kɔkɔ. Wayɛ ohunahunafoɔ akyɛ dodo. Me ne Onyankopɔn teasefoɔ no ba no a wɔwoo no Ɔbabunu no. Me mogya da so ara afɔ wɔ asɛnnua no so, na wɔatua ɛka no nyinaa! Wonni ɛhokwan biara bio. Wɔapa wo ho ntoma. Fa saa nsafoa no ma me!”

Afei prɛmtoberɛ paemu a, yɛn nyinaa bɛbom atie ASƐM no: 63-03-24M Nsɛmmisa Ne Mmuaeɛ A Ɛfa Nsɔano No Ho.

ƐDA KƆKƆƆ paa a saa da yi ɛrebɛyɛ ama N’Ayeforɔ a wɔwɔ wiase afannaa nyinaa.

Afei, moma yɛnsan nkamom wɔ mpaebɔ mu wɔ ɔsom no akyi pɛɛ.

KWASIADA

Moma yɛnni kan nsɔre ntɛm te sɛnea Onuabɛɛma Branham yɛɛ anɔpa a n’adamfo ketewa no, Robin, ɛnyanee no ahemakye nɔn num. Moma yɛnna Awurade ase kɛkɛ sɛ Wanyane Yesu afiri awufoɔ mu.

Anɔpa yi nnɔnnum, m’adamfo ketewa a ne bo ntakra kɔkɔɔ no tu bɛgyinaa mpoma no so ɛna ɔnyanee me. Ɛkɔ yɛɛ sedeɛ n’akoma ketewa no ɛbɛpae, ɔreka sɛ, “Wasɔre.”

Ɛbɔ anɔpa nɔn nkoron ɛne prɛmtoberɛ a yɛnka mmom prɛkopɛ bio wɔ yɛn mpaebɔ nkɔnsɔnkɔnsɔn no mu, ɛrebɔ mpaeɛ ma yɛn ho yɛn ho na yɛresiesie yɛn ho atie Onyankopɔn Nne

Prɛmtoberɛ pae mu a, yɛbɛbɛhyia mu atie yɛn Easter Nkransɛm: 63-03/24E Nsɔano A Ɛtɔ So Nson No.

Ɛbɔ nɔn mmiɛnsa a, momma yɛnsan nka mmom wɔ mpaebɔ mu bio, ɛreda N’ase wɔ NAAWƆTWE AWIEƐ NWANWASOƆ A ƆDE AMA YƐN ƐNE ƆNO ƐNE N’AYEFORƆ A WƆWƆ EWIASE AFANNAA NYINAA.

Ɛkɔ ma me nua mmarima ne mmaa a wɔwɔ amannɔne no, ɛte sɛ afe a ɛtwaa mu no, mɛpɛ sɛ mɛto nsa afrɛ wo sɛ wo ne yɛn nkamom wɔ Jeffersonville berɛ mu, wɔ mpaebɔ mmerɛ no nyinaa a ɛwɔ saa nhyehyɛeɛ yi mu no. Mmom, me hunu sɛ yɛrebɔ Tapes no wɔ Yawoada, Efiada ɛne Memeneda awia wɔ Jeffersonville berɛ mu no bɛyɛ den ama mo mu dodoɔ no ara, ɛnti mɛsrɛ sɛ momɔ saa Nkransɛm wɔ ɛberɛ a ɛyɛ ma mo mu. Nanso, mɛpɛ sɛ yɛn nyinaa yɛbɛka abom Kwasiada prɛmtoberɛ apae mu ɛwɔ Jeffersonville berɛ, na yɛtie yɛn Kwasiada Nkransɛm no abom.

Mepɛ nso sɛ mɛto nsa afrɛ wo ne wo mma sɛ mode mo ho bɛhyɛ adebɔ nwumadie no, dabiara atwerɛtwerɛ ɛne YF quizzes, a w’abusua no nyinaa bɛtumi abom anya mu anigyeɛ. Yɛdwene sɛ w’ani bɛgye ho sɛdeɛ wɔn nyinaa gyina ASƐM no a yɛbɛtie nnawɔtwe yi awieɛ no so.

Sɛ wopɛ nnawɔtwe yi awieɛ nhyehyɛeɛ no nsɛnkaeɛ a ɛfa ahosiesie a wɔyɛ ma Awurade Adidie som no ho a, nneɛma a ɛbɛhia ama adebɔ ho nnwumadie no, Easter Quizzes, ne amanebɔ afoforɔ a, hwɛ links a ɛwɔ aseɛ hɔ no.

Moma yɛnumnum yɛn nkratofidie nom ɛma Easter nnawɔtwe awieɛ yi gyesɛ wode ɛretwa mfonini, ɛde tie N’anum Asɛm Ɛnnɛ Da Yi, anaa sɛ wode ɛrebɔ Tapes afiri Table app, Lifeline app, anaasɛ downloadable link.

Ɛyɛ nidie a ɛte saa ma me sɛ mɛto nsa afrɛ wo ne w’abusua sɛ ɛne Ayeforɔ a wɔwɔ ewiase afannaa nyinaa nkamom wɔ nnawɔtwe awieɛ a ƆSƆREƐ, AYƐYIE, ƐNE AYARESA AHYƐ MU MA. Megye di sɛ ɛyɛ nnawɔtwe awieɛ ampa a ɛbɛsesa w’abrabɔ afebɔɔ.

Onuabɛɛma Joseph Branham .

25-0413 Nsɔano A Ɛtɔ So Num

Adɔfoɔ A Moregye Ahomeɛ,

Yɛwɔ ha. Yɛaduru. Asɛm no a wɔasi so dua no ada no adi sɛ yɛn Adiyie a ɛwɔ Nkransɛm yi mu no firi Onyankopɔn hɔ. Yɛwɔ NEPƐ A ƐWIE PƐYƐ no mu ɛnam sɛ yɛne Onyankopɔn Nne a ɛwɔ tapes so no ɛretena.

Sɛnea ɛho hia sɛ wobɛ Press Play? Nsɛm a yɛretie no wɔ tapes no so no ɛho hia ara ma, ɛyɛ kronkron ara ma, sɛ Onyankopɔn ankasa antumi anya ɔbɔfoɔ mpo mu awerɛhyɛmu…ɛnyɛ Ne soro abɔfoɔ no mu baako mpo sɛ Ɔde bɛsoma no. Na ɛsɛ sɛ wɔda no adi na Ɔnam Ne diyifoɔ so ɛde brɛ N’Ayeforɔ, ɛfirisɛ ɔno ne onipa ko a Onyankopɔn Asɛm ba ne hɔ, Ne diyifoɔ, NKUTOO

Onyankopɔn tetee Nsɔano no ano, ɛsiane gyaae mu maa N’asaase so bɔfo-somafoɔ a ɔto so nson no, ɛna Ɔdaa adiyisɛm nwoma no nyinaa adi kyerɛɛ no. Afei, Onyankopɔn nam N’asaase so bɔfoɔ so kasaeɛ na Ɔdaa BIRIBIARA adi kyerɛɛ N’Ayeforɔ.

Wɔaka ɛmu nkyerɛkyerɛmu ketewa biara ho asɛm na wɔada no adi akyerɛ yɛn. Onyankopɔn ani kuu yɛn ho pii ara ma sɛ ɛnyɛ deɛ asi wɔ asase so ha yi ɛfiri ɛberɛ mfitiaseɛ nko ara na Ɔka kyerɛɛ yɛn, mmom Ɔnam Ne bɔfoɔ so ɛka kyerɛɛ yɛn deɛ ɛrekɔ so wɔ baabi te sɛ paradise mprempren yi.

Na Ɔmpɛ sɛ yɛha yɛn ho, anaasɛ yɛn adwene mu ɛnyɛ yɛn naa ɛfa deɛ daakye ɛwɔ ma yɛn sɛ yɛfiri asase so ntamadan yi mu a. Enti, Onyankopɔn ankasa faa Ne bɔfoɔ hoɔdenfoɔ a ɔto so nson no kɔɔ ɛberɛ twamutam akyi, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛtumi ahunu, anya Ɛmu atenka, mpo ɔne ɔɔmo kasaaeɛ wɔ Hɔ. Na ɛnyɛ anisoadehunu, na ɔwɔ HƆ.

Onyankopɔn de no kɔɔ hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛsan n’akyi aba abɛka akyerɛ yɛn: “Na me wɔ hɔ, Me hunuuiɛ. Ɛrekɔ so MPREMPREN YI …. Yɛn maame nom, yɛn papanom, nnua mmarima nom, nnua mmaa nom, mma mmarima, mma mmaa, ɛyerenom, okunu nom, nana nom, Mose, Elia, AHOTEFOƆ NO NYINAA a wɔkorɔ no hyehyɛ Ntade Fitaa wɔ hɔ wɔregye wɔn ahome, ɛretwɛn yɛn”.

Yɛrensu bio, ’firisɛ Ɛbɛyɛ anigyeɛ nko ara. Yɛwerɛ nho bio, ‘frisɛ ɛbɛyɛ ahosɛpɛ nko ara. Yɛnwu da, ’firisɛ ɛyɛ nkwa nko ara. Yɛntumi mmɔ nkɔkora, ’firisɛ yɛn nyinaa bɛyɛ mmabunu afebɔɔ.

Ɛyɛ deɛ ɛwie pɛyɛ…ɛkabɔ deɛ ɛwie pɛyɛ mu…ɛkabɔ deɛ ɛwie pɛyɛ mu, na yɛrekɔ hɔ!! Na ɛte sɛ Mose no, yɛnnya nansoaa tɔte mpo, YƐN NYINAA ƐREKƆ…YƐN ABUSUA NYINAA.

Sɛnea ɛhia sɛ wo bɛDƆ saa ɔbɔfoɔ hoɔdenfoɔ a ɔtɔ so nson no?

Na Ɛteaa mu, kaa sɛ, “Wɔn a wodɔɔeɛ nyinaa da…” me som so akatua. Menhia akatua biara. Ɔkaa sɛ, “ Dodoɔ a wo dɔɔ wɔn, ɛne dodoɔ a wɔdɔɔ wo da nyinaa, Onyankopɔn de ama wo.

Momma yɛnkenkan ɛno bio mesrɛ mo: ɛdeɛn na Ɔkaeɛ?…..Onyankopɔn de ama WO!!

Na yɛbɛka wɔn ho na yɛne wɔn atea mu, “Yɛregye yɛn ahome Wɔ Ɛno so”

Ahomegyeɛ bɛn so na yɛde yɛn nkwanna a ɛnni awieɛ no ɛresie? ASƐM BIARA A WƆKAA NO WƆ TAPES NO SO. Meda Awurade ase paa sɛ Wama yɛn Nokorɛ Adiyie a ɛkyerɛ sɛ Pressing Play ne adeɛ a ƐHO HIA PAA a ɛsɛ sɛ Ayeforɔ no yɛ.

Wobɛpɛ sɛ wo ne yɛn bɛhome? Bra bɛka yɛn ho Kwasiada wei prɛmtoberɛ wɔ Jeffersonville berɛ mu ɛberɛ a yɛtie ɛfa deɛ daakye wɔ nyinaa ho, baabi a yɛrekɔ, ɛne sɛnea yɛbɛkɔ hɔ, ɛberɛ a yɛtie Onyankopɔn Nne sɛ Ɛkasa na ɛbue: Nsɔano A Ɛtɔ So Num no so Nkransɛm a ɔkaa no Ɔbɛnem da a ɛtɔ so aduonu mmienu wɔ afe apem ahankoron aduosia mmiɛnsa mu.

Onubarima Joseph Branham

Twerɛnsɛm a wobɛkeken ansa na watie Nkransɛm no:
Daniel 9:20-27
Asomafoɔ Nnwuma 15:13-14 .
Romanfoɔ 11:25-26 .
Adiyisɛm 6:9-11 / 11:7-8 / 22:8-9.

25-0406 Nsɔano A Ɛtɔ So Nan

M’adɔfo Ahotefoɔ A Wɔwoo Mo Wɔ Ɔsoro,

Agya nam N’Asɛm so ɛreboaboa yɛn ano, na adansedie a ɛfa saa Adiyie no ho no ɛrema yɛn nkanyan. Ɔyii yɛn ansa na ewiase fapem, ɛfirisɛ na Ɔnim sɛ yɛbɛdi nokorɛ wɔ N’Asɛm mu ɛnam yɛn ankasa yɛ yieɛ mu.

Ma me nsi so bio sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛbɛkɔ ɛmu ankasa tɔnn. Ɔhwɛɛ ɛberɛ nyinaa mu, kɔsii ɛberɛ nyinaa awieɛ koraa, na ƆHUNUU YƐN…wote ɛno? ƆHUNUU WO, ƆHUNUU ME, na Ɔdɔɔ yɛn, ɛfirisɛ ɛnam yɛn ankasa yɛn yie mu no, na YƐNE N’ASƐM BƐTENA.

Saa berɛ no ara, ɛbɛyɛ sɛ Ɔfrɛɛ N’abɔfoɔ ne kerubimfoɔ nyinaa bɔɔ mu na Ɔde Ne nsa kyerɛɛ yɛn so kaa sɛ: “ƆNO NIE,” “M’AYEFORƆ NO NO,” WƆN NE WƆN A MATWƐN WƆN NO!”

Ɛte sɛ Yohane no, ɛno nti na yɛreyɛ saa nteateamu ne nkekamu yi nyinaa, na yɛkamfo Awurade no, Nsa Foforɔ akanyan yɛn na yɛnim, a AKYINNYEƐ BIARA NNI HO, YƐYƐ N’Ayeforɔ.

Ɛte sɛ nyankonsuo ne ahum agraadaa no nyinaa a yɛrenya no wɔ Jeffersonville ha nnawɔtwe yi…yɛn nso yɛde KƆKƆBƆ ɛrema wiase.

Ayeforɔ no ɛrenya ADIYIE MU AHUM APRANNAA, NA ƐREYƐ ADIYIE ATEYERƐM A ƐBU FA SO. AYEFORƆ NA AYƐ KRADO NA WƆN AHUNU NNIPA KO A WƆN ƐYƐ. KƆ BAABI A AHOBANBƆ WƆ NTƐM SO SESEEI YI ARA. PRESS PLAY ANAA SƐ WƆBƐSƐE WO.

Ɛnyɛ Gyata Mfirinhyia mu na yɛ wɔ yi, anaa sɛ nantwie-ba Mfirinhyia mu, anaasɛ Onipa mfirinhyia mu; yɛ wɔ ƆKƆDEƐ MFIRINHYIA no mu, na Onyankopɔn asoma ɔkɔdeɛ hoɔdenfoɔ bi abrɛ yɛn, Malaki etire nan, sɛ ɔmfrɛ na ɔni N’Ayeforɔ anim.

Sɛnea ɛbɛfata Kwasiada wei, ɛberɛ a yɛbɛka abom ɛretie Nsoano a ɛtɔ so Nan no. Ɛbɛyɛ Onyankopɔn Ɔkɔdeɛ-hoɔdenfoɔ -diyifoɔ no awoda.

Momma yɛnni ahurusie saa da nwanwasoɔ yi na yɛnna Awurade ase sɛ Ɔbrɛɛ yɛn Ne ɔkɔdeɛ somafoɔ, a Ɔsomaa no sɛ ɔmfrɛ yɛn na ɔnna N’asɛm adi.

Onubarima Joseph Branham.

Nkrasɛm: Nsɔano A Ɛtɔ So Nan; ɔkaa no Ɔbɛnem da a ɛtɔ aduonu baako afe apem ahankoron aduosia mmiɛnsa mu.
Ɛberɛ no yɛ: Prɛmtoberɛ, Jeffersonville berɛ mu.

Twerɛnsɛm a wobɛkeken de asiesie wo ho:

Ɔhotefoɔ Mateo 4 .
Ɔhotefoɔ Luka 24:49.
Ɔhotefoɔ Yohane 6:63.
Asomafoɔ Nnwuma 2:38 .
Adiyisɛm 2:18-23, 6:7-8, 10:1-7, 12:13,
13:1-14,
16:12-16,
19:15-17
Genesis 1:1.
Nnwom 16:8-11 .
II Samuel 6:14.
Yeremia 32 .
Joel 2:28
Amos 3:7.
Malaki 4 .

25-0330 Nsɔano A Ɛtɔso Mmiɛnsa

Nkransɛm: 63-0320 Nsɔano A Ɛtɔso Mmiɛnsa

BranhamTabernacle.org

Medɔfo Honhom  Mu Hawa,

Ma memfa Onyankopɔn Atomic bomb mfiri me krataa ase ɛnnɛ; Ɛnyɛ .22 rifle, ATOMIC BOMB ma Yesu Kristo Ayeforɔ. 

Afei, sɛ wopɛ sɛ wotwerɛ gu hɔ a; Nokorɛ mu, monim ne nyinaa: Yesu, Yohane 14:12; ne Yoel, Yoel 2:38; Paulo, Timoteo nwoma a Ɛtɔ so Mmienu nkyekyɛmu mmiɛnsa; Malaki, etire 4; ne Yohane Adiyieni no, Adiyisɛm 10:17, 1-17. Hwɛ, deɛ ɛbɛkɔ so pɛpɛɛpɛ mprempren yi!

Hyɛ no nso na ma ɛnyɛ kɔkɔbɔ: Anum-nsɛm a ɛdidosoɔ yi nyɛ wo dea sɛ wo gye di a. 

“Yɛde dodoɔ mmorosoɔ gu Onyankopɔn diyifoɔ so.”

“Wontumi nyɛ ayeforɔ no sɛ wotie odiyifoɔ no ara kɛkɛ.” 

“worebɔ tapes wɔ asɔredan mu no yɛ mfomsoɔ”.

 “Ɛhan no afiri nsa baako mu akɔ ɔfoforɔ mu; adeɛ a ɛho hia ɛnnɛ yi paa ne sɛ woretie ɔsom adwuma no.”

“Sɛ mo nyinaa ɛrebɔ mu apresse play wɔ ɛberɛ korɔ mu no yɛ nhyɛsoɔ”.

Wɔ asafo no fam no, ɛyɛ deɛn?  Asɛm a ayɛ honam no wɔ ne nkurɔfoɔ ntam bio! Wahu? 

KABOOM…Enti ɛnam sɛ yɛremia play so no, yɛbɛtumi ate Asɛm a ayɛ honam no, sɛ ɛrekasa ano gu asom ma yɛn ɛberɛ a Ɔda N’Asɛm adi.  

Na anyabiaa, obi bɛtumi aka sɛ Ɛno nyɛ ƐNNE A ƐHO HIA PAA A WOBƐTUMI ATIE? Saa anum nsɛm ɛfa wei yɛ wo dea.

“Na wɔnnye nni kɛkɛ”.

Adiyie dodoɔ a Awurade de ma yɛn ɛfa N’Asɛm ho no, ɛne nnipa ko a yɛyɛ no, na akyirikyiri  ara na obiara a wɔwɔ adiyie no akyi ɛkorɔ.

Ma menka no, kann, sɛneɛ wobɛ…ɛbɛmem akɔ aseɛ hɔ tɔɔnn. Mepɛ sɛ wei ɛnya. Ɛno ne ɔhaw a ɛwɔ  wo ho nnɛ, hwɛ, wonnim Asɛm no! Wahu?

Onyankopɔn de ngo asra mmarima wɔ Saa Nkransɛm yi asɛmpaka ho, nanso Osiwieɛ baako pɛ na ɛwɔ hɔ: Asɛm no.  Sɛ wote sɛ ɔsomfoɔ bi, anaa obiara kasa a, ɛsɛ sɛ wonya gyidie sɛ wobɛgye adi sɛ deɛ ɔreka no yɛ deɛ Onyankopɔn diyifoɔ no aka no dada pɛpɛɛpɛ. Wɔn asɛm, wɔn adiyie, wɔn nkyerɛaseɛ bɛtumi adi ntwo; Onyankopɔn Nne a ɛwɔ tapes no so no NTUMI NNI NTWO DA. 

Kasa fa Onyankopɔn a Ɔnyɛ Kyɛnkyerɛkyɛnn ho ɛnam sɛ woremia play so…Ɔsan ka bio.

Wɔn ani bɔfa Ne so, Asɛm a ɛte ase a wɔda no adi wɔ honam mu, ɛnam Asɛm a wɔahyɛ ho bɔ no so. Asɛm no hyɛɛ bɔ sɛ ɛbɛyɛ saa nneɛma yi. Wɔhyɛɛ bɔ no, sɛ ɛbɛyɛ sei wɔ nna a ɛtwa toɔ no mu. 

Tie N’Aprannaa. Aprannaa yɛ Onyankopɔn Nne. William Marrion Branham yɛ Onyankopɔn Nne ma saa awoɔ ntoatoaso yi. 

A —Ayeforɔ no ɛnya nnyaa nkanyan biara ɛbɛsi saa berɛ yi. Wahu? Nkanyan biara nni hɔ, Nyame nneyɔeɛ a ɛda adie biara nni hɔ sɛ ɛbɛkanyan ayeforɔ no de besi saa ɛberɛ yi. Wahu? Yɛrehwɛ no kwan seesei. Ɛbɛnam saa Aprannaa nson a yɛnnim no wɔ ɛtoɔ hɔnom, sɛ ɛbɛnyane no bio, wahu. Aane. Ɔde bɛsoma. Ɔhyɛɛ ho bɔ. Afei hwɛ.

Wobɛtumi akyea no sɛ wopɛ a, nanso Aprannaa nson no bɛma ayeforo no nkanyan a ɛnam Adiyie ɛne Ohwimgyidie, a ɛnam Honhom Kronkron a Ɔnam Onyankopɔn diyifoɔ so ɛrekasa nkutoo so na ɛba. Ɛrekɔ so MPREMPREN yi wɔ ewiase nyinaa.  Onyankopɔn wɔ N’Ayeforɔ a N’Asɛm akanyan wɔn.  

Ɛnyɛ ɛno nko, na mmom waka akyerɛ y’ɛatamfo no dada deɛ ɛwɔ sɛ ɔyɛ.

Wo deɛ yi wo nsa firi wɔn so. Wɔnim baabi a wɔrekorɔ, ɛfirisɛ Mede Me Ngo asra wɔn ngosra. Na ɛnam Me Ngo a wɔde sra wɔn no so no, wɔwɔ anigyeɛ bobesa, ’firisɛ  wɔnim Me bɔhyɛ Asɛm, ‘Merebɛma wɔn so bio.’ Mma ɛmpira Ɛno! Mma nkɔbɔ mmɔden sɛ woreha wɔn adwene. 

Waka akyerɛ y’ɛatamfo no sɛ ɔnyi ne nsa kankan no mfiri yɛn so.  Nanso anyabiaa yareɛ bɛtumi akɔ so abɔ yɛn? Aane. Anyabiaa yɛda so ara wɔ ɔhaw nom? Aane. Nanso ɔkaa deɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ nso kyerɛɛ yɛn. 

Ɛmu dɔ.  Kenkan no bɔkɔɔ na si so bio ne bio. 

Ansa na yɛbɛnya asɛmfua bi no, ɛyɛ adwene nsusueɛ. Na ɛsɛ sɛ adwene nsusueɛ nya abɔseɛ. Ɛyɛ. Enti, Onyankopɔn adwene nsusueɛ bɛyɛɛ abɔdeɛ ɛberɛ a Ɔnam Asɛm so kaaeɛ. Ɛno ne ɛberɛ a Ɔde kyerɛ —ma wo sɛ adwene nsusueɛ bi, N’adwene nsusueɛ, na ɛda adi akyerɛ wo. Afei, ɛda so ara yɛ adwene nsusueɛ kɔsi sɛ wobɛka. 

N’adwene nsusueɛ bɛyɛɛ abɔdeɛ ɛberɛ a wokaeɛ no. Afei, wɔyii N’adwene nsusueɛ kyerɛɛ yɛn na wɔdaa no adi kyerɛɛ yɛn sɛ Asɛm no. Seesei ɛda so ara yɛ adwene nsusueɛ wɔ yɛn nkyɛn kɔsi sɛ yɛbɛka. ENTI YƐKA…. NA YƐGYE ƐNO DI.

Me ne Abraham Adehyeɛ Aba no. Me ne Kristo Ayeforɔ no. Wɔyii me na wɔde me too hɔ ansa na ewiase fapem sɛ mɛyɛ N’Ayeforɔ, na biribiara ntumi nsesa ɛno. Bɔhyɛ biara a ɛwɔ Bible mu no yɛ me dea. Ɛyɛ N’Asɛm ma me. Meyɛ ɔdedini ma Bɔhyɛ no ankasa. Ɔyɛ Awurade Nyankopɔn a ɔsa me nyarewa nyinaa.

Deɛ mehia biara ɛyɛ me dea, saa na Onyankopɔn kaaeɛ. 

Onyankopɔn  a Ɔnyɛ Kyɛnkyerɛkyɛnn: Gyidie nam ɔtie so na ɛba, Asɛm no tieɛ so. Asɛm no ba Ɔdiyifoɔ no nkyɛn.

Obiara pɛ sɛ ɔde “anumnsɛm” di adanseɛ fa wɔn adwene nsusueɛ, wɔn adwene nkyerɛ, wɔn nkransɛm ho. Na wɔnyɛɛ mfomsoɔ, saa ara nso na me nyɛɛ mfomsoɔ, ɛno nti na deɛ mede ma mo no nyinaa yɛ anumnsɛm a ɛka kyerɛ mo sɛ: Ɛne Tapes no ntena. Tie saa Ɛnne no. Saa Ɛnne no yɛ Onyankopɔn Nne. Ɛsɛ sɛ wogye Asɛm biara a ɛwɔ  Tapes no so di, ɛnyɛ deɛ obi foforɔ ka. Saa Ɛnne no NE ƐNNE A ƐHO HIA PAA A ƐSƐ SƐ WOTIE.

Afoforɔnom nam anumnsɛm so de wo ba wɔn som dwumadie mu, wɔn nsɔre mu, wɔn nkyerɛaseɛ mu, wɔn adiyie mu. “Ɛne wo sɔfo ntena”. (Wiɛ, m’ani gye ɛno nso ho, ɛfirisɛ yɛ yɛ, ɔsɔfo no na ɔyɛ soronko kɛkɛ.) “Ɛnyɛ ɔno nkutoo ne boba a ɛwɔ mpoano.” “Wanka da sɛ bɔ tapes wɔ asɔredan mu.”

Mfa ankorankora nkyerɛase biara nto Ɛno so. Ɔpɛ korɔgyenn, a yɛmfrafraa mu, ɛnyɛ ahohyehyɛ mpo.  Mempɛ sɛ me yere ne ɔbarima foforɔ bi bɛdi ahohyehyɛ.  Na sɛ wokɔ kɔtie nyinasoɔ nom biara a, ɛwɔ Deɛ woretie yi akyi a, wo ne Satan ɛredi ahohyehyɛ. Amen! Anyabiaa, ɛno ɛmma wo nya nyamesom mu atenka? Onyankopɔn pɛ sɛ wotena a mfraframu nni mu.  Wo ne saa Asɛm no ntena ɛhɔ ara. Ɛne No ntena hɔ ara. Ɛno ara ne no.

Me ne me fie deɛ, yɛbɛ presse play na yɛadi Onyankopɔn Asɛm a adane honam a ɛnam Ne bɔfoɔ a ɔtɔ so nson no so ɛrekasa no akyi. Yɛmfa yɛn ankorankora nkyerɛase ɛnka Ɛno ho; Yɛnyɛ ahohyehyɛ anaasɛ yɛntie nimdeɛ nyinasoɔ biara. Yɛne SAA ASEM NO BƐTENA SƐNEA WƆKA-GUU TAPES SO NO. Ɛyɛ Onyankopɔn a Ɔnyɛ Kyɛnkyerɛkyɛnn.

Animuonyam berɛ paa a yɛbɛnya Kwasiada wei wɔ prɛmtoberɛ wɔ Jeffersonville berɛ mu, ɛberɛ a yɛtie: Nsɔano A Ɛtɔ So Mmiɛnsa. Nkransɛm a ɔkaa no Ɔbɛnem da a ɛtɔ so aduonu wɔ afe apem ahankoron aduosia mmiɛnsa mu.

 Mɛpɛ sɛ mɛto nsa afrɛ wo sɛ bɛka yɛn ho wɔ ɛberɛ a yɛabɔ mu ahyia wɔ Asɛm a ɛwɔ hɔ ma ɛnnɛ da yi.

Onuabarima Joseph  Branham .

Twerɛsɛm a wobɛkeken ansa na watie Nkransɛm no:

Ɔhoteni Mateo 25:3-4.

Ɔhoteni Yohane 1:1, 1:14, 14:12, 17:17.

Asomafoɔ Nnwuma Etire Mmienu

I Timoteo 3:16.

Hebrifoɔ 4:12, 13:8.

I Yohane 5:7.

Leviticus 8:12.

Yeremia etire 32 .

Joel 2:28 

Sakaria 4:12 .

Ma memfa akwanya wei so mma ɛmu nna hɔ prɛko bio. Mentia ɔsom nnwuma-num no.  Megye ɔsom nnwuma- num no di. Menni atenka sɛ ɛyɛ mfomsoɔ sɛ wobɛtie ɔsomfoɔ bi. Megye di sɛ ɛsɛ sɛ wotie wo sɔfo wɔ baabi a Onyankopɔn de wo asi no. M’asɛm pɔ ne sɛ, megye di sɛ Onyankopɔn somaa odiyifo wɔ yɛn da yi mu. Onyankopɔn daa N’asɛm adi kyerɛɛ Ne diyifoɔ no. Mɛtumi ayɛ mfomsoɔ, wo sɔfoɔ bɛtumi ayɛ mfomsoɔ, nanso ƐSƐ SƐ yɛpene so (sɛ yɛka sɛ yɛgye di sɛ SAA NKRANSƐM YI  ɛne nokware no na Onuabarima Branham yɛ Onyankopɔn diyifoɔ) deɛ wɔaka wɔ tapes no so no yɛ Sɛ Awurade Seɛ ni. Sɛ wo nnye ɛno nni a, ɛnneɛ wo nnye saa Nkransɛm yi nni. Ɛne sɛ, megye di sɛ ɛyɛ ƐNNE A ƐHO HIA PAA A ƐSƐ SƐ WOTIE.  Ɛnsɛ sɛ wotie me, ɛnsɛ sɛ wotie obi foforɔ, nanso ƐSƐ SƐ WOTIE SAA ƐNNE NO A ƐWƆ TAPES SO NO.

25-0323 Nsɔano A Ɛtɔso Mmienu

Adɔfoɔ Tape Atiefoɔ,

Asɛmmisa: Anyabiaa, ɛnam Tapes bɔ so no yɛ wɔ Ne Pɛ a ɛwie pɛyɛ mũ? 

Mmuaeɛ: Aane.

Asɛmmisa: Anyabiaa Ayeforɔ no hia bebiree kyɛn deɛ wɔaka wɔ Tapes no so no? 

Mmuaeɛ: Dabi.

Asɛmmisa: Anyabiaa yɛrehwere biribi ɛnam sɛ yɛretie Tapes NKUTOO no?

Mmuaeɛ: Dabi.

Asɛmmisa: Anyabiaa yɛbɛtumi ayɛ Ayeforɔ no ɛnam sɛ yɛretie Tapes no NKUTOO?

Mmuaeɛ: AANE PAA A ƐMU DA HƆ, PEFEE!

Afei kae sɛ, “Biribiara nni hɔ a wɔbɛda no adi; Onyankopɔn ɛnyɛ biribiara, koraa, kɔsi sɛ Ɔbɛdikan ada no adi akyerɛ N’enkoa, adiyifoɔ no.” 

Ɛne sɛ, deɛ yɛhia NO NYINAA wɔaka na ɛwɔ Tapes no so; Anaasɛ, sɛ Ne bɔfoɔ a ɔto so nson no san ba asase so a, ɔbɛka akyerɛ yɛn saa berɛ no.

Oh Ayeforɔ, momma yɛnfa yɛn adwene mmubu deɛ ɛrekɔ so ɛfa Kristo Ayeforɔ a wɔwɔ wiase afannaa nyinaa no ho. Agya nam Ne Nne so ɛreboaboa N’ayeforɔ ano na ɛrema aprannaa nnyegyeɛ, “Sɛ Awurade Seɛ Nie.”  

Kae sɛ, ɔkaa deɛ Aprannaa no yɛ kyerɛɛ yɛn: “Aprannaa dede a ɛrebobom dendennden

no yɛ Onyankopɔn Nne”. Na ɛdeɛn ne Onyankopɔn Nne ma Ayeforɔ no? Onyankopɔn bɔfoɔ somafoɔ a ɔto so nson, William Marrion Branham.

Ɔkaa sɛ Aprannaa nwanwasoɔ nson ɛreba a wɔntwerɛeɛ koraa mpo.  Na ɛnam saa Aprannaa Nson no so no, ɛbɛka Ayeforɔ no abom ama ohwim gyidie. 

Awurade Asɛm no ba N’adiyifoɔ nkyɛn. Sɛ na Ɔwɔ nhyehyɛeɛ a ɛyɛ kyɛn saa a, anka Ɔde adi dwuma. Ɔyii nhyehyɛeɛ a ɛyɛ papa paa no wɔ mfitiaseɛ no na Ɔntumi, na Ɔnnyɛ nsesaeɛ.

Ɛne sɛ, Onyankopɔn Nne, a Ɔnam Ne bɔfoɔ a ɔtɔ so nson so ɛrekasa no, ɛreboaboa N’ayeforɔ no ano na ɔrema yɛn Ohwim Gyidie.

 Asafo no adwene ɛnyɛɛ nnaa ɛfiri afe apem ahankoron aduasa mmiɛnsa wɔ asubɔnten no ho saa da no sɛ William Marrion Branham yɛ Onyankopɔn Nne, ɛrema aprannaa nnyegyeɛ, “Sɛ  Awurade Seɛ Nie,” na wɔsomaa no sɛ ɔmmɛfrɛ, mboaboa, na ɔnni Ayeforɔ no anim.

Mepɛ sɛ meto nsa frɛ wo sɛ wo ne yɛn mmɛtie Kwasiada prɛmtoberɛ Jeffersonville berɛ mu, ɛberɛ a yɛn Awurade Yesu ɛbue nwoma no mu, ɛte Nsɔano no ano, na Ɔsoma de siane ba asase so, kɔma Ne bɔfoɔ a ɔtɔ  so nson, sɛ ɔna No adi ɛma yɛn!

Ɔnuabarima Joseph Branham .

Date: Kwasiada, Ɔbɛnem da a ɛtɔ so aduonu miɛnsa, afe mpenu ne aduonu num.

Nkransɛm no yɛ: Nsɔano A ɛto so Mmienu. Ɔkaa no Ɔbɛnem bosome no ɛda a ɛtɔ so du nkoron wɔ afe apem ahankoron aduosia mmiɛnsa mu.

Ɛberɛ no yɛ: Prɛmtoberɛ, wɔ Jeffersonville berɛ mu.

Twerɛnsɛm a wɛbɛkekan ansa na watie Nkransɛm no:

Ɔhoteni Mateo 4:8 / 11:25-26 / 24:6.

Ɔhoteni Marko 16:16.

Ɔhoteni Yohane 14:12.

2 Tesalonikafoɔ 2:3.

Hebrifoɔ 4:12.

Adiyisɛm 2:6 / 6:3-4 /

Etire 17/ 19:11-16 .

Joel 2:25

Amos 3:6-7

25-0316 Nsɔano A Ɛdikan

Me Dɔfo Ɔsoro Hemaa,

Mewɔ nneɛma pii wɔ hɔ ma wo Kwasiada wei. Ɛdikan no, wobɛte aprannaa a ɛrebɔ mu. Ɛbɛyɛ me Nne, Onyankopɔn Nne a Ɔrekasa kyerɛ wo, M’Ayeforɔ. Merebɛda M’Asɛm adi akyerɛ wo sɛnea ɛbi nsii da. Wobɛhu Me, Adwamaa a mogya apiram no a na wɔakum no firi ewiase fapem no, sɛ Ɔfa nwoma no na Ɔbue mu, tete Nsɔano no ano, na Ɔde soma siane kɔ asase so, kɔmaa Me bɔfo somafoɔ a ɔtɔ so nson, William Marrion Branham, sɛ ɔnna no adi nkyere MO ahintansɛm no a wɔde asie ɛfiri ewiase fapem no! 

Mo bɛte nteateamu, nkekamu, ne hallelujah nom afiri wiase afanaa nyinaa  ɛberɛ a Me kasa kyerɛ mo no. Gyata no bɛbobom; Ngosra no, tumi no, animuonyam no, ɛda ne ho adie no  bɛyɛ deɛ wontumi nkyerɛkyerɛ mu. Mo, Me Hemaa, bɛbom atena ɔsorosoro hɔnom ɛberɛ a Mekasa kyerɛ mo na mema mo Ohwim mu Gyidie.

Kae sɛ, ɛsɛ sɛ wonya saa gyidie a ɛberɛ bi wɔde maa ahotefoɔ no. Meka kyerɛɛ mo, ɛsɛ sɛ motie Me bɔfoɔ a mesoma brɛɛ mo no.

Ɔno na ɛwɔ sɛ “ɔsan de mmɔfra no Gyidie san bɛsi Agya no deɛ no.” Mfitisseɛ Bible Gyedie no, ɛwɔ sɛ ɔbɔfoɔ a ɔto so nson no san de bɛsi hɔ.

 M’asɛm ka kyerɛ mo, ɛwɔ ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so Nson no Nne nna no mu no, ne nne nyegyeɛ ɛrekɔ so no, ɛrebɔ Asɛmpa torobɛnto no; ɛwɔ sɛ ɔwie Onyankopɔn ahintansɛm no nyinaa. Adeɛ baako ntumi mmɛka ho na biribiara nni hɔ a wɔbɛyi afiri deɛ mekaa wɔ tapes no so; Ka deɛ Menam Me bɔfo somafoɔ no so kaaeɛ kɛkɛ.  Ɛno nti na memaa wɔtwe guu ahoma so no, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛtumi a PRESS PLAY kɛkɛ na woatie deɛ Mekaeɛ no pɛpɛɛpɛ, ɛne sɛnea Mekaaeɛ. Ɛbɛma wo Ohwim mu Gyidie. 

Me dɔfo Hemaa, wɔ M’ani so no, woyɛ obi a ampaniampaa, turodoo bɔne nni wo mu wɔ M’anim. Ɛnha wo ho, wo nkɔ ahohiahia no mu; ɛfiri sɛ woagye Me Mogya, M’asɛm, Me bɔfoɔ, Me Nne, ɛkyerɛ sɛ bɔne ko koraa nni wo ho wɔ M’anim.

Mewɔ nneɛma akɛseɛ a ɛte saa wɔ hɔ ma wo. Wohu M’asɛm a ɛreda adie wɔ w’ani so ɛdakoro biara. Me de nsɛnkyerɛnne agu ɛwiem ɛkyerɛ mo sɛ biribi ɛreba abɛsi.  Mereba, siesie wo ho. Ma M’asɛm, Me Nne, ɛni kan wɔ w’abrabɔ mu. 

Fa biribiara to nkyɛn, biribiara nni hɔ a ɛho hia kyɛn M’asɛm. Menim sɛ ɔtamfo no ɛrebɔ mmɔden sɛ ɔbɛma wo abu wo ho abomfea, nanso Mehyɛɛ wo bɔ sɛ mɛma wo so. Me ne wo ɛwɔ hɔ, wɔ WO MU mpo. Wo ne Me ɛreyɛ baako ɛberɛ a meda M’asɛm adi kyerɛ wo no.

Wonim wɔ w’akoma mu, wo yɛ M’ayeforɔ-Hemaa. Wonim sɛ meyii wo too hɔ. Wonim sɛ medɔ wo. Wonim sɛ me ne wo wɔ hɔ anibɔ biara mu ɛda biara. Wonim sɛ MENYA WO HƆ DA.

Yɛbɛnya ɛberɛ nwanwasoɔ pii  wɔ ɛberɛ a MedA bebiree adi kyerɛ wo Kwasiada biara, ɛda biara, ɛberɛ a wote sɛ Menam Me bɔfoɔ so ɛkasa kyerɛ wo. Ɛbia afoforɔ ɛnte aseɛ anaa wɔnhunu deɛ wo hunu, nanso ato sɛkyɛ wɔ w’akoma mu sɛ wei ɛne Me Kwan a M’ayi ato hɔ no.

Dwanekɔbea paa a Mede ato hɔ ama wo. Wobɛtumi Amia Play kɛkɛ ɛberɛ biara, adekyeɛ anaa adesaeɛ, na woate sɛ Mekasa kyerɛ wo.  Mede awerɛkyekyerɛ bɛba wo kra mu ɛberɛ a Meda M’Asɛm adi na meka onipa ko a woyɛ kyerɛ wo no. Nkrasɛm biara yɛ wo dea, na wo nko ara. Yɛbɛtumi abom abɔ fekuo na yɛayɛ ɔsɔreɛ ɛberɛ biara a wopɛ.

Kwasiada prɛmtoberɛ wɔ Jeffersonville berɛ mu, Ayeforɔ no fã bi bɛboa wɔn ano afiri ewiase afanaa atie sɛ wɔreda saa ahintansɛm akɛseɛ yi adi. Meto nsa frɛ wo sɛ bra bɛka yɛn ho ɛwɔ ɛberɛ a yɛtie Nkransɛm a ɔkaa no Ɔbɛnem bosome no ne da a ɛtɔ so du nwɔtwe wɔ afe apem ahankoron aduosia mmiɛnsa mu- “Nsɔano A Ɛdikan”.

Onuabarima Joseph.

Twerɛnsɛm a wobɛkeken de asiesie wo ho atie Nkransɛm no:

Ɔhoteni Mateo 10:1 / 11:1-14 / 24:6 / and 28:19 .

 Ɔhoteni Yohane 12:23-28.

Asomafoɔ No Nnwuma 2:38 .

2 Tesalonikafoɔ 2:3-12 .

Hebrifo 4:12.

Adiyisɛm 6:1-2 / 10:1-7 / 12:7-9 / 13:16 / 19:11-16 .

 Malaki Ɛtire 3 ne 4 .

Daniel 8:23-25 ​​/ 11:21 / 9:25-27.

25-0309 Ɛkwan A Ɛda Asafo Mfirinhyia Nson No Ɛne Nsoano Nson No Ntam

Adɔfoɔ A Wɔasan De Mo Abɛsi Mo Gyinabea,

Me mmerɛ da sɛ mɛtie Onyankopɔn nne a ɛrekyerɛ yɛn onipa ko a yɛyɛ, baabi a yɛfiri, baabi a yɛrekɔ, adedie a yɛdie, ɛne sɛnea Ɔdɔ yɛn bebiree.

Honhom mu asɔfodie, adehye man, ɛrebɔ honhom afɔreɛ ma Onyankopɔn, aba a ɛfiri wɔn ano, a wɔde ayɛyie ɛremma Ne din.” Nnipa— bɛn paa ara ni! Ne nsa aka wɔn.

Awerɛkyekyerɛ ne asomdwoeɛ a yɛwɔ nko ara a ne sɛ yɛretie Onyankopɔn Nne a ɛrekasa akyerɛ yɛn, afei sɛ yɛde mmuaeɛ bɛma Agya ɛnam honhom mu afɔrebɔ a yɛde yɛn anofafa so aba, de  ayɛyie ɛrema Ne Din no.

Ewiase wei nyinaa ɛresi apinie. Abɔdeɛ ɛresi apinie. Yɛresi apinie na yɛretwɛn Awurade mmaeɛ no. Ewiase wei nni hwee ma yɛn. Yɛasiesie yɛn ho sɛ yɛbɛfiri ha na yɛakɔ yɛn Ayeforɔhyia Anwummerɛ Apontoɔ ne Daakye Fie, yɛne Ɔno ne wɔn a wɔ wɔ Hɔ dada no nyinaa, wɔ ɛberɛ twamu-tam no akyi pɛɛ, ɛretwɛn yɛn.

Momma yɛnsɔre na yɛnwoso yɛn ho! Yɛnkanyan yɛn tiboa, yɛnma yɛn ho so wɔ deɛ ɛrekɔ so mprempren yi ɛne deɛ ɛrebɛsie mpofirim wɔ anibɔtɛtɛ so.

Ɛbi nsii wiase abakɔsɛm mu da sɛ atumi aba sɛ Kristo Ayeforɔ a wɔwɔ wiase afannaa nyinaa, bɛboa wɔn ano wɔ berɛkorɔ pɔtee no ara mu, sɛ wɔbɛtie Onyankopɔn Nne a ɛrekasa na Ɔreda N’Asɛm adi akyerɛ N’ayeforɔ no.

Agyidifoɔ, bisa wo ho sɛ, ɛnne bɛn, ɔsomfoɔ bɛn, onipa bɛn, na ɔbɛtumi aboa Kristo Ayeforɔ no nyinaa ano abom?  Sɛ woyɛ Kristo Ayeforɔ a, wonim sɛ Ɛnne foforɔ biara nni hɔ kɛkɛ gye Onyankopɔn Nne a ɛwɔ tapes no so no.

Yiw, Honhom Kronkron no wɔ yɛn mu biara mu, asafo no dwumadibea biara, nanso Onyankopɔn no ankasa ka kyerɛɛ yɛn sɛ Ɔnam N’asɛm so na Ɔbɛbu wiase atɛn. Ayeforɔ no nim sɛ N’asɛm no ba Ne diyifoɔ no nkyɛn. Ne diyifoɔ no nko ara ne N’Asɛm no nkyerɛaseɛfoɔ a ɔfiri soro. Deɛ ɔkaaeɛ no, wontumi mfa bi nka ho anaasɛ wontumi nnyi bi mfiri mu. Ɛyɛ Asɛm no, a ɛwɔ tapes so no, na wɔde bɛbu yɛn nyinaa atɛn, na ɛnyɛ asɛm foforɔ biara anaasɛ saa Asɛm no nkyerɛaseɛ.

Ɛntumi nyɛ yie sɛ ɛnne foforɔ biara bɛka Ayeforɔ no abom. Onyankopɔn nne a ɛwɔ tapes no so nkutoo na ɛbɛtumi aka N’Ayeforɔ no abom. Ɛno ne Asɛm nkutoo a Ayeforɔ no nyinaa bɛtumi agye atom. Ɛno ne Ɛnne koro pɛ a Onyankopɔn ankasa  asi so dua sɛ Ɛyɛ Ne Nne ma N’Ayeforɔ no. Ɛsɛ sɛ N’ayeforɔ no kɔ Adwene  Baako mu ne Nteaseɛ Baako na ama wɔ ne No atena.

Som nwumadie no bɛtumi asom, akyerɛkyerɛfoɔ bɛtumi akyerɛkyerɛ, asɔfoɔ bɛtumi ayɛ asɔfo nwuma, nanso Onyankopɔn Nne a ɛwɔ tapes so no na ɛsɛ sɛ ɛyɛ Ɛnne  a Ɛho hia paa sɛ wɔde bɛsi nkorɔfoɔ no anim. N’akyi no, hwee nni hɔ ma Ayeforɔ no.

Sɛ wowɔ ɛno ho adiyie a, ɛnneɛ wei ne deɛ ɛrebɛsie.

Asɛm no kyerɛ yɛn sɛ Adam hweree n’agyapadeɛ, asase no. Ɛfirii ne nsam kɔɔ nea ɔtɔn de maaeɛ, Satan. Ɔtɔɔn ne gyidie wɔ Onyankopɔn mu, maa aba a ɛwɔ Satan adwenkyerɛ mu. Ɔhweree biribibiara a ɛwɔ mu maa Satan nsa sɔɔ mu. Ɔgyaae mu firi ne nsam kɔɔ Satan nsam.

Onyankopɔn yɛ ewiase  Nyankopɔn, baabibiara, nanso na Ne ba, Adam, wɔ ɔno ankasa tumidie wɔ asase yi so. Na ɔtumi kasa, ɔtumi to din, ɔtumi ka, na ɔtumi ma abɔdeɛ gyina, na ɔtumi  yɛ biribiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ. Ná ɔwɔ asase so tumidie mua a ɛkorɔn.

Adam hweree ne nyinaa, nanso animuonyam nka Onyankopɔn, deɛ ɛfirii ne nsa na ɔhwereeɛ nyinaa no, yɛn Busuani Gyefoɔ no agye, ɛnnyɛ obi foforɔ biara gye Otumfoɔ Nyankopɔn, a Ɔbɛyɛɛ Emmanuel, yɛn mu baako. AFEI, ƐYƐ YƐN DEA.

Yɛyɛ ne mmamarima ne ne mmamaa a yɛbɛdi ahennie na yɛne No ayɛ ahene ne asɔfoɔ. Yɛne No wɔ daa nkwa ɛne wɔn a yɛdɔ wɔn nyinaa. Yareɛ biara nni hɔ bio, awerɛhoɔ biara nni hɔ bio, owuo biara nni hɔ bio, daa nkwa a ɛnni awieɛ nko ara.

Sɛ yɛdwene ɛno ho a, yɛbɛyɛ dɛn ama ɔbonsam abrɛ yɛn ase? Ɛyɛ yɛdea, ɛnkyɛ koraa ɛhɔ na y’ɛani kyerɛ. Wama yɛn adekɛseɛ paa  a Ɔbɛtumi de ama yɛn. ƐNNA KAKRA BI AKYI  YƐN NKONIMDIE KƐSEƐ A ƐDA Y’ƐANIM no nam ntɛm so ɛremene nna kakraa yi mu sɔhwɛ ne nsɔhwɛ no.

Yɛgyedie nnyɛɛ kɛseɛ sei da. Y’ɛanigyeɛ no nkɔɔ soro  sei da. Yɛnim nnipa ko a yɛyɛ ɛne baabi a yɛrekɔ. Yɛnim sɛ yɛwɔ Nepɛ a ɛwie Pɛyɛ mu ɛnam sɛ yɛne N’asɛm ɛretena. Deɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ nyinaa ne sɛ yɛne tapes no bɛtena na yɛagye Asɛm biara adi; Ɛnyɛ sɛ yɛte ne nyinaa ase, MMOM GYE ASƐM BIARA DI….na YƐGYE DI!

Gyidie nam otie so na ɛba, Asɛm no tieɛ so. Asɛm no ba Ɔdiyifoɔ no hɔ. Onyankopɔn Kaaeɛ. Onyankopɔn twe guu ahoma so. Onyankopɔn daa No adi. Yɛtie. Yɛgye Di.

Ɛnam Onyankopɔn Nne a ɛwɔ tapes so nkutoo na wobɛtumi anya saa adiyie yi.

Deɛ Kristo bɛyɛ wɔ awieɛ no nyinaa bɛda adi ama yɛn nawɔtwe wei, wɔ Nsɔano Nson no mu, sɛ Onyankopɔn bɛma yɛn kwan a. Wahu? Ne nyinaa yɛ. Wɔbɛda no adi. Na wɔada no adi, ɛberɛ a Nsɔano no ano ɛtete na wɔde ɛrema yɛn, ɛno na afei yɛbɛtumi ahunu sɛdeɛ saa ɔgyeɛ nhyehyɛeɛ kɛseɛ yi teɛ, ɛne ɛberɛ korɔ ne ɛkwan a ɛbɛfa so ayɛ.  Ne nyinaa ahinta wɔ saa ahintasɛm nwoma yi mu wɔ ha. Wɔama so, de Nsɔano Nson asɔ ano, ne saa nti no, Adwamaa no nkutoo na Ɔbɛtumi atete ano.

Kwasiada wei prɛmtoberɛ wɔ Jeffersonville berɛ mu no, Ayeforɔ no fã bi a wɔwɔ wiase afannaa nyinaa bɛtie Onyankopɔn Nne  ɛbɛrɛ korɔ mu. Yɛde yɛn mpaebɔ ɛne sɛ yɛresom No no bɛma ahum atu wɔ ɔsoro. Meto nsa frɛ wo sɛ bra bɛka yɛn ho wɔ ɛberɛ a yɛtie: Ɛkwan A Ɛda Asafo Mfirinhyia Nson No Ɛne Nsoano Nson No Ntam. Nkrasɛm a ɔkaa no Ɔgyefoɔ bosome no ne da a ɛtɔ so du nson anwumerɛ wɔ afe apem ahankoron aduosia mmiɛnsa mu

Yɛsrɛ-Sɛ mo mma mo werɛ mfi nawɔtwe wei awieɛ ɛberɛ nsakraeɛ a ɛwɔ Jeffersonville no.

Onuabarima Joseph Branham .