Category Archives: Uncategorized

25-0126 Adiyisɛm, Ɛtire  Enum Ɔfa A Ɛtɔ So Mienu

Adɔfoɔ A Wɔwɔ Ahomegyeɛ Mu, 

Nokorɛ nie Awɔ berɛ papapaa a ɛwɔ yɛabrabɔ mu nie. Awurade mmae no abɛn pɛɛ. Wɔde Honhom Kronkron no asɔ y’ɛano; Onyankopɔn nsɔano a yɛagye atom sɛ biribibiara a Kristo wuuieɛ maaeɛ no yɛ yɛn dea. 

Seesei yɛwɔ yɛagyapadeɛ no ho ahotɔsoɔ, Honhom Kronkron no. Ɛno ne ahotɔsoɔ no, ntoaseɛ sika-tua no, sɛ wɔagye yɛn ahyɛ Kristo mu no. Yɛregye yɛn ahome  wɔ Onyankopɔn bɔhyɛ nom mu, a yɛreda N’awia hann mu ɛreka yɛn ho hye; N’asɛm a wɔasi so dua, ɛretie Ne nne.  

Ɛyɛ yɛn nkwagyeɛ no mu ahotɔsoɔ. Yɛnni ɔhaw sɛ yɛrekɔ hɔ anaasɛ daabi, YƐREKƆ! Ɛyɛdɛn na yɛhunu saa? Onyankopɔn na Ɔkaa saa! Onyankopɔn hyɛɛ ɛho bɔ na yɛanya ahotɔsoɔ no. Yɛnsa anya aka na Kristo agye yɛn atom.

Ɔkwan biara nni hɔ a yɛnam so bɛtwe yɛn ho afiri Ɛho…nokorɛ nie, yɛwɔ hɔ! Deɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ ara ne sɛ yɛbɛtwɛn kɛkɛ; Wasiane a Ɔreyɛ Busuani -Gyefoɔ adwuma no mprempren yi. Yɛwɔ Ɛho ahotɔsoɔ mprempren yi. Yɛretwɛn ɛberɛ a ɔbɛsan aba abɛfa yɛn kɛkɛ. Afei, ɛberɛtia bi mu, anibɔtɛtɛso no, yɛn nyinaa bɛkɔ ayeforɔhyia anwumme-duane apontoɔ no ase.

Wo deɛ dwene deɛ ɛda yɛn anim ma yɛn no nyinaa ho. Ne nyinaa ntumi nkɔ yɛn adwene mu. Da biara da Ɔreda N’asɛm no pii adi, Ɔrema yɛn ahotɔsoɔ sɛ saa bɔhyɛ akɛseɛ weinom nyinaa yɛ yɛn dea.

Ɛwiase ɛregye gu; ogyahyehyeɛ nom, asaasewosoɔ nom, ɛne basabasayɛ wɔ baabiara, nanso wɔgye di sɛ wɔwɔ Agyenkwa foforɔ a ɔbɛgye ɛwiase nkwa, na ɔde wɔn yieyɔ mfirinhyia no bɛba. Yɛagye yɛn Agyenkwa no dada na yɛte yɛn yieyɔ mfirinhyia mu. 

Seesei Ɔresiesie yɛn ama Adiyie bebiree mpo ɛberɛ a yɛrebɛwura adiyisɛm ɛtire a ɛto so num no mu no. Ɔresiesie beaeɛ wɔ ɛha ama Nsoano Nson no anobue. Sɛnea Ɔyɛeɛ wɔ Adiyisɛm ɛtire baako no mu no, ɛrebue kwan ama Asafo Mfirinhyia Nson no.

Ɛdeɛn na ɛnna a aka wɔ awɔberɛ yi mu no wɔ ma Ayeforɔ no? Momma yɛnikan nhwɛ anim kakraa bi:

Seesei, menni berɛ. Me twerɛ too hɔ, nsɛm bi a ɛfa ho wɔ ha, nanso yɛn nhyiamu a ɛdi hɔ no ansa na yɛbɛtumi akɔ wei mu…Ɛbia me firi m’akwamma mu ba a anaa ɛberɛ foforɔ bi mu no, mepɛ sɛ menya saa Daniel naawɔtwe aduɔson yi na mede bɔ mu wɔ ha pɛɛ,  na mekyerɛ no baabi a ɛde kɔ Pentecose  ahosɛpɛ afahyɛ no, na ɛde no san ba saa nson pla-… nsɔano nson a wɔbɛbue ano wɔ ha ansa na yɛakɔ, na akyerɛ sɛ aduru awieɛ, weinom…

Ɛberɛ nwanwasoɔ paa ara a Awurade de ato hɔ ama N’Ayeforɔ. Ɔreyi Ne ho adi wɔ N’asɛm mu akyerɛ yɛn sɛdeɛ ɛbi nsii da. Ɔrehyɛ yɛn nkuran sɛ yɛyɛ wɔn a Wayi wɔn no a Ɔreba abɛfa wɔn no. Ɔreka kyerɛ yɛn sɛ yɛwɔ Ne pɛ a ɛwie pɛyɛ no mu ɛnam sɛ yɛne Ne Nne ɛretena, ɛne N’asɛm.

Ɛdeɛn na yɛreyɛ? Ɛnyɛ adeɛ baako, ahomegyeɛ ara kɛkɛ! Yɛretwɛn! Adwumaden biara nni hɔ bio, biribi a ɛha adwene biara nni hɔ bio, YƐREGYE YƐN AHOME WƆ ƐSO!

Bra ɛne yɛn ɛmɛgye ahome wɔ  Kwasiada wei prɛmtoberɛ, Jeffersonville berɛ mu, ɛberɛ a yɛtie Onyankopɔn Nne a WASISODUA no de nkransɛm no a ɔkaa no Ayɛwohomumɔ bosome no ne da a ɛtɔ so du nwɔtwe wɔ afe apem ahankoron aduosia baako mu no: 

“Adiyisɛm, Ɛtire  Enum Ɔfa A Ɛtɔ So Mienu “.

Onuabarima Joseph Branham

25-0112 Adiyisɛm, Etire Nan Ɔfa Ɛtɔ So Miɛnsa

M’adɔfoɔ A Wɔnni Awieɛ,

Ɛberɛ aso sɛ yɛyi y’ɛakodeɛ ntakrakyɛ  to hɔ na wura wo honhom adwendwene mu, ’firi sɛ Onyankopɔn ɛresiesie Ne ho sɛ Ɔde N’Asɛm mu Adiyie pii bɛma N’Ayeforɔ.

Ɔbɛda ahintasɛm a atwam no nyinaa adi akyerɛ yɛn. Ɔbɛka deɛ ɛrebɛsi daakye nyinaa no akyerɛ yɛn. Deɛ afoforɔ a wɔwɔ Bible mu nyinaa hunuuiɛ anaa wɔteeɛ kɛkɛ no, Ɔbɛda N’asɛm ɛne ɛmu nkyerɛkyerɛmu nketenkete biara adi akyerɛ yɛn.  

Yɛrebɛtie na yɛanya Bible mu agyinahyɛdeɛ nom nteaseɛ: Ateasefoɔ, Ahwehwɛ Po, Gyata no, Nantwie ba no, Onipa no, Ɔkɔdeɛ no, Mmɔborɔhunu Adwa no, Awɛmfoɔ, Mpanyinifoɔ, Ɛnne, Aboa, Mmoa Yɛbea.

Yɛbɛte na yɛanya Apam Dadaa no mu awɛmfoɔ no nyinaa ho nteaseɛ. Yuda: Apueɛ fam ɔwɛmfoɔ no; Efraim: Atɔeɛ fam ɔwɛmfoɔ no; Rueben: Anaafoɔ fam ɔwɛmfoɔ no; ɛne Dan: Atifi fam ɔwɛmfoɔ no. 

Biribibiara ntumi mma saa mmɔborɔhunu adwa no ho baabi a ɔntwa mu wɔ saa mmusuakuo no ho. Gyata no, ɔnipa nyansa no; Nantwibedeɛ: adwuma pɔnkɔ; Ɔkɔdeɛ: N’ahoɔhare. 

Sɛnea Ɔsoro, asase no, wɔ ntam, ɛne deɛ atwa ho ahyia nyinaa, na wɔyɛ awɛmfoɔ. Na n’atifi no yɛ Ogya Fadum no. Biribiara anka saa mmɔborɔhunu adwa no a, antra saa  mmusuakuo no.

Afei Apam Foforɔ no wɔ awɛmfoɔ: Mateo, Marko, Luka ɛne Yohane, a wɔrekɔ wɔn anim tẽẽ. Gyata na ɔwɛn apueɛ pono no, Ɔkɔdeɛ a ɔtuo no na ɔwɛn atifi pono, Yohane, ɔsɛmpakafoɔ no. Afei ɔduruyɛfoɔ a ɔwɔ ɔfã wei, ɔbarima Luka, no. 

Nsɛmpa nan no de Twerɛnsɛm biara wɛn Pentekoste Nhyira no de gyina deɛ wɔkaaeɛ no so pɛpɛɛpɛ. Na afei ɛnnɛ yi, asomafoɔ no Nnwuma no de Nsɛmpa nan no di adanseɛ sɛ Yesu Kristo te sɛ deɛ Ɔteɛ ɛnora ɛnɛ, ne daa. 

Sɛ deɛ Onyankopɔn asra no kann no kasa a, Ɛyɛ Onyankopɔn Nne! Yɛpɛ sɛ yɛteam kɛkɛ sɛ, “Kronkron, kronkron, kronkron, ma Awurade!”

Ɔkwan biaa nni hɔ a wobɛfa so atwe wo ho afiri Ɛno ho. Nokorɛ nie, yɛntumi ntwe yɛn ho mfiri Ɛno ho, ɛfiri sɛ ɛntwe Ne ho ɛmfiri yɛn ho. Wɔasɔ y’ɛano akɔsi yɛn gyeɛ Da. Biribiara nni hɔ daakye, biribiara nni hɔ mprenpren yi, amanenya,  ɔkɔm, sukɔm, owuo, anaa BIBIARA, a ɛbɛtumi atete yɛn afiri Onyankopɔn dɔ a ɛwɔ Kristo Yesu mu no ho. 

Ansa na ɛwiase fapem no, wɔde yɛn din hyɛɛ Adwammaa Nkwa Nwoma no mu sɛ yɛbɛhunu Saa Hann YI, sɛ yɛbɛgye Saa Ɛnne yi, sɛ yɛbɛgye  Saa Nkrasɛm yi adi, sɛ yɛn nsa bɛka Honhom Kronkron a Ɛwɔ hɔ ma yɛn da no na yɛanante mu. Ɛberɛ a wɔkumm Adwammaa no, wɔde YƐN DIN hyɛɛ Nwoma no mu ɛberɛ korɔ no ara a wɔde Adwammaa no Din hyɛɛ mu no. ANIMUONYAM!!

Enti no, biribiara ntumi ntente yɛn mfiri saa Nkrasɛm yi ho. Biribiara ntumi ntete yɛn mfiri saa Ɛnne no ho. Biribiara ntumi ɛnye Asɛm yi mu Adiyie no mfiri yɛn nsam. Ɛyɛ yɛn dea. Onyankopɔn frɛɛ yɛn na Ɔyii yɛn na ɔde yɛn too hɔ. Adeɛ biara yɛ yɛn dea, Ɛyɛ yɛn dea. 

Ɔkwan baako pɛ na ɛwɔ hɔ a wobɛfa so anya weinom nyinaa. Ɛsɛ sɛ wode Asɛm no nsuo hohoro wo ho. Ɛsɛ sɛ wote Asɛm no ansa na woatumi awura mu wɔ Ɛhɔ. Na ɔkwan baako pɛ na wobɛfa so akɔ Onyankopɔn nkyɛn, ɛno ne Gyidie. Na Gyidie nam ɔteɛ so na ɛba, Onyankopɔn Asɛm tie, a ɛda adi firi kronkron mu Kronkronbea no mu kɔ mfirinhyia no mu somafoɔ no hɔ.

Enti, ɛha no, asafo mfirinhyia no mu bɔfoɔ no ɛrekyerɛ wɔ saa nsuo  no mu Ɔnii ko a ɔwɔ mu ha a ɔreda N’ahummɔborɔ, N’asɛm, N’atɛmmuo, Ne Din adi. Ne nyinaa da adi wɔ ɛhanom a woate wo ho ɛnam sɛ wo gye Ɛno die. Wo te aseɛ?

Ma ɛnyae Tape nom tie no, ɛne Ɛno ntena kɛkɛ. Hwehwɛ mu wɔ Asɛm no mu na hwɛ sɛ Ɛyɛ ampa a. Ɛyɛ Onyankopɔn Kwan a ɛwɔ hɔ ma ɛnnɛ yi. 

Bra bɛka yɛn ho wɔ Awɔ Berɛ yi mu ɛberɛ a yɛka yɛn ho abɔ mu firi ɛwiase afannaa nyinaa na yɛtie Onyankopɔn Nne ɛda N’asɛm adi akyerɛ N’Ayeforo sɛdeɛ ɛbi nsii da. Ngosra biara nni hɔ a ɛsõ kyɛn sɛ wobɛmia play na woatie Ne Nne.

Ɛfiri m’akoma mu tɔnn, mɛtumi aka sɛ: M’ani agye yie sɛ mɛtumi aka sɛ me ne mo mu biaa yɛ Wɔn Mu Baako. 

Ɔnuabarima Joseph Branham.

Nkrasɛm a ɔkaa no Ɔpɛpɔn bosome no ne da a ɛtɔ so nwɔtwe wɔ afe apem ahankoron aduosia baako mu- “Adiyisɛm, Etire Nan Ɔfa Ɛtɔ So Miɛnsa”.

Prɛmtoberɛ: Jeffersonville berɛ mu.

25-0105 Adiyisɛm  Etire Ɛnan Ɛfa A Ɛtɔso Mienu

M’adɔfoɔ Efie Asɔre Ayeforɔ,

Momma yɛn nyinaa mmoa yɛn ano na yɛntie Nkransɛm no a, ɔkaa no Ɔpɛpɔn bosome no ne da a ɛdi kan wɔ afe apem ahankoron aduosia baako mu Adiyisɛm Etire Ɛnan Ɛfa A Ɛtɔso Mienu Kwasiada wei prɛmtoberɛ, ɛwɔ Jeffersonville berɛ mu.

Onua Barima Joseph Branham

24-1231 Akansie No

Ayeforɔ Dɔfoɔ,

Megye di sɛ mo mu biara ne mo nnamfo nom ne mo abusuafoɔ dii Buronya nwanwasoɔ. Sɛdeɛ meda Awurade ase ɛnnɛ yi sɛ menim sɛ yɛmɔɔ yɛn Awurade Yesu atenaseɛ wɔ mmoa adididaka mu sɛdea ɛwiase hu No nnɛ no, na mmom Ɔte ase na Ɔwɔ N’Ayeforɔ no ntam, na Ɔnam Ne Nne so ɛreda Ne ho adi sɛnea ɛbi mmaa da, AYƐYIE NKA AWURADE.

Sɛdea mabɔ amanneɛ dada no, mɛpɛ sɛ yɛbɛnya Awurade Adidie bio wɔ yɛn afie/nsɔredan mu wɔ Afe Foforɔ Anwummerɛ, Ɔpɛnima bosome no ne da a ɛtɔ so aduasa baako. Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔde wɔn ho hyɛ mu no, yɛbɛtie Nkransɛm a ɔkaa no, Ɔpɛnima bosome no ne da a ɛtɔ so aduasa baako wɔ afe apem ahankoron aduosia mienu Akansie No, na afei yɛakɔ Awurade Adidie som no mu pɛɛ, a Onua Bɛɛma Branham hyɛ aseɛ wɔ Nkrasɛm no awieɛ.

Agyedifoɔ a wɔwɔ mpɔtam ha no, yɛbɛhyɛ Tape no ase anwumerɛ nɔnson. Nanso, wɔn a wɔwɔ ɛberɛ nhyehyɛeɛ afoforɔ mu no, yɛsrɛ sɛ hyɛ Nkrasɛm no ase wɔ ɛberɛ a ɛyɛ ma wo mu. Sɛ Onuabarima Branham de n’Afe Foforɔ Anwummerɛ Nkrasɛm ba awieɛ a, yɛbɛma tape no agyina kakra wɔ nkyekyɛ mu a ɛtɔ so aduonum nkron awieɛ, na yɛanya sanku nwom bɛyɛ simma du ɛberɛ a yɛredi Awurade Anwummeduane no. Afei yɛbɛsan atoa tape no so ɛberɛ a Onua Branham de ɔsom no ba awieɛ. Wɔ saa tape yi so no, ɔyi ɔsom no fã a wɔde hohoro nan ho no firi mu, na yɛnso yɛbɛyi ɛno afiri mu.

Wɔbɛtumi ahu akwankyerɛ a ɛfa sɛnea Wobɛnya bobesa, ɛne sɛnea wɔto Awurade Adidie paanoo no wɔ link nom a ɛwɔ aseɛ ha no mu. Wobɛtumi abɔ anaa wobɛdownloadu audio no afiri website no so, anaasɛ Wɔbɛtumi abɔ ɔsom no afiri Voice Radio so kɛkɛ wɔ Lifeline app no ​​so (a wɔbɛbɔ wɔ Borɔfo kasa mu anwumerɛ nɔn nson pɛpɛɛpɛ wɔ Jeffersonville berɛ mu.)

Ɛberɛ a yɛrebɛn afe foforɔ a yɛde som yɛn Awurade no, momma yɛnikan ɛnam Ne Nne tieɛ so ɛnyi yɛn dɔ adi nkyerɛ No, na afei momma yɛnya yɛ kyɛfa wɔ N’anwummerɛ Adidie no mu. Hwɛ animuonyam ɛne kronkron berɛ a ɛbɛyɛ ɛberɛ a yɛsan tu yɛn abrabɔ asi hɔ ama Ne Som.

Onyankopɔn nhyira mo,

Onua Barima Joseph.

https://branhamtabernacle.org/en/articles/view/1212021_InstructionsForBakingBreadMakingWine

https://branhamtabernacle.org/en/articles/view/1212021_InstructionsToObtainCommunionWineFeetWashingBins

24-1229 Adiyisɛm Etire Nan Ɛfa a ɛdi kan

Adɔfoɔ Ahotefoɔ a Wɔhyɛ Ntade-Fitaa,

Sɛ yɛte Onyankopɔn Nne sɛ ɛkasa kyerɛ yɛn a, biribi si wɔ yɛn kra mu tɔnn.  Yɛn nipadua mu no nyinaa sakyera na ɛte sɛ deɛ ɛwiase a atwa yɛn ho ahyia no ɛtwa mu akɔ. 

Ɔkwan bɛn so na obi bɛtumi akyerɛkyerɛ mu afa deɛ ɛrekɔ so wɔ yɛn akoma mu, yɛn adwene mu, ɛne yɛkra mu, ɛwɔ ɛberɛ a Onyankopɔn Nne ɛda N’asɛm adie wɔ Nkransɛm biara a yɛtie no?

Ɛte sɛ yɛn diyifoɔ no, yɛte nka sɛ wɔama yɛn so akɔ ɔsoro a ɛtɔ so mmiɛnsa na ɛte sɛ deɛ yɛn honhom ɛfiri nipadua a ɛwuo yi mu. Nsɛmfua biara nni hɔ a yɛde bɛkyerɛ dea yɛteɛ wɔ yɛn mu ɛberɛ a Onyankopɔn da N’asɛm adi kyerɛ yɛn ɛsene ɛberɛ biara. 

Wɔde Yohane too Patmo supɔ so na wɔka kyerɛɛ no ​​sɛ ɔntwerɛ deɛ ɔhunuiɛ no na ɔmfa nhyɛ nwoma bi a wɔfrɛ no Adiyisɛm mu, sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛkɔ mfirinhyia no mu. Wɔde saa ahinta nsɛm no asie kɔsii sɛ Ɔnam Ne bɔfo-somafoɔ a ɔtɔ so nson a wayi no no so daa no adi kyerɛɛ yɛn.  

Afei Yohane tee saa Ɛnne korɔ no ara wɔ ne soro na wɔmaa no so kɔɔ soro a ɛtɔ so mmiɛnsa. Saa Ɛnne no kyerɛɛ no ​​asafo mfirinhyia no, Jewfoɔ mmaeɛ no, ɔhaw nom a wɔhwie guuieɛ no, Ohwim no, Mmaeɛ bio no, Mfirinhyia Apem no, ɛne Daa Fipam ma wɔn a Wagye wɔn no. Ɔmaa no so kɔɔ soro ɛna ɔsan yɛɛ ahoboaboa no nyinaa kyerɛɛ Yohane sɛdeɛ Ɔkaa sɛ Ɔbɛyɛ no. 

Nanso hwan na Yohane hunuuiɛ ɛberɛ a ɔhunuu ahoboaboa no?  Ɔbiara nnim ankasa de bɛsi nnɛ.  

Adeɛ a ɛdi kan a ɔhunuuiɛ wɔ mmaeɛ no mu ne Mose. Ɔgyinaa hɔ maa Ahotefoɔ a wɔawuwuo a wɔbɛnyane wɔn; mfirinhyia nsia a wɔdaaeɛ no nyinaa.

Nanso na ɛnyɛ Mose nkutoo na na ɔgyina hɔ, na mmom na Elia nso wɔ hɔ bi. 

Hwan ne saa Elia a na ɔgyina hɔ no? 

Nanso na Elia wɔ hɔ; ɔsomafoɔ a ɔwɔ hɔ ma ɛda a ɛdi akyiri no, ɔne ne dɔm, wɔn a wɔasakyera, Ohwimfoɔ no.

ANIMUONYAM…HALELUYA…hwan na Yohane hunuuiɛ sɛ ɔgyina hɔ? 

Ɛnyɛ ɔbiara sɛ Onyankopɔn  bɔfo-somafoɔ a ɔtɔ so nson, William Marrion Branham, ne NE DƆM A WƆASAKYERA, OHWIMFOƆ…YƐN MU BIARA!!

Elia gyinaa hɔ maa ɛkuo a ɔɔmo nipadua sesaaeɛ no. Kae sɛ Mose na ɔdii kan, na afei Elia. Na ɛsɛ sɛ Elia yɛ somafoɔ wɔ ɛda a ɛdi akyiri no, sɛ ɔne ne kuo no bɛba owusɔreɛ…ɛbɛba…wiɛ, mekyerɛ ɛbɛba Ohwim no. Mose de owusɔreɛ no baeɛ ɛna Elia nso de Ohwim dɔm no baaeɛ. Na, ɛhɔ no, ɔɔmo mienu ɛgyina maaeɛ.

Kasa fa deɛ wo yi ɛso nkatasoɔ, woreda no adie, ne Adiyisɛm. 

Ɛno nie! Yɛnsa aka No yɛn ntam seesei, Honhom Kronkron, Yesu Kristo, Ɔte saa ɛnora, ɛnnɛ, ne daa. Woyɛ…Ɛyɛ asɛmpaka ma wo, Ɛyɛ adekyerɛ ma wo, Ɛrebɔ mmɔden sɛ ɛbɛma woahunu dea ɛtene ne dea ɛntene. Ɛyɛ Honhom Kronkron no ankasa a Ɔde nnipa ano  ɛrekasa, ɛreyɛ adwuma wɔ nnipa mu, Ɔrebɔ mmɔden sɛ Ɔbɛkyerɛ ahummɔborɔ ne adom.

Yɛn na yɛ yɛ Ahoteefoɔ a Wɔhyɛ Ntade-Fitaa a Ne bɔfoɔ hunuuiɛ sɛ wɔfiri asaase afannaa nyinaa so ɛba bɛdi  Nkwa Panoo no. Wabɔ yɛn kɔkɔɔkɔ na yɛne No aware na yɛanya N’asiwa mfeano wɔ y’ɛakoma mu. Yɛhyɛɛ yɛn ho bɔ maa No, ɛne Ne Nne nkutoo. Yɛnyɛɛeɛ, na yɛmfa ɛnne foforɔ biaa ngu yɛn ho fĩ.

Ayeforɔ no ɛresiesie ne ho akɔ soro te sɛ deɛ Yohane yɛɛeɛ no; akɔ Onyankopɔn Anim. Wɔbɛma yɛn so wɔ Ohwim Asafo no mu. Hwɛ sɛnea ɛno twa yɛn kra ho hyia kɛkɛ! 

Ɛdeɛn na ɛdi hɔ a Ɔrebɛda no adi akyerɛ yɛn? 

Atɛmmuo nom; bogyanamboɔ no, ɛne deɛ ɛgyina hɔ ma; ne fa mu dwuma a ɛdiiɛ. Ahwehwɛboɔ, ne aboɔ ahoroɔ no nyinaa. Ɔbɛfa weinom nyinaa asiane afa Hesekiel, akɔ akyiri  wɔ Genesis mu, asan akɔ Adiyisɛm, asiane aba Bible mfimfini, akyekyere saa aboɔ  ahoroɔ ne ahosuo no nyinaa abɔ mu.

Ɛyɛ Honhom Kronkron korɔ no ara, Onyankopɔn korɔ no ara, ɔrekyerɛ nsɛnkyerɛnneɛ korɔ no ara, anwanwadeɛ korɔ no ara, ɔɔyɛ ade korɔ no ara sɛdeɛ Ɔhyɛɛ bɔ no ara pɛ. Ɛyɛ Yesu Kristo Ayeforɔ a ɔnam Ne Nne tieɛ so ɛresiesie ne ho.

Yɛma mo akwaaba sɛ momɛka yɛn ho ɛberɛ a yɛwura ɔsoro mmeaeɛ wɔ prɛmtoberɛ, Jeffersonville berɛ mu, sɛ yɛbɛte sɛ Elia, Onyankopɔn somafoɔ ma mfirinhyia a ɛtwa toɔ yi mu, ɛda ahinta nsɛm a wɔde asuma wɔ mfirinhyia no mu adi.

Ɔnua Barima Joseph Branham

Nkransɛm a ɔkaa no Ɔpɛnima bosome no ne da a ɛtɔ so aduasa baako afe apem ahankoron aduosia mu Adiyisɛm Etire Nan Ɛfa a ɛdi kan.

Anidie mu, kae Y’ɛafe Foforɔ Nkransɛm, Ɛbenada anadwo: Akansie No  Nkransɛm a ɔkaa no Ɔpɛnima bosome no ne da a ɛtɔ so aduasa baako wɔ afe apem ahankoron aduosia mienu mu. Ɛkwan pa biara nni hɔ a wo de hyɛ Afe Foforɔ no ase.

24-1222 Onyankopɔn Akyɛdeɛ a Wakyekyere Ho

Nkransɛm: 60-1225 Onyankopɔn Akyɛdeɛ a Wakyekyere Ho

BranhamTabernacle.org

Ɔdɔfoɔ Owurayere YESU,

Oh Nyame Adwamaa, Wo ne Onyankopɔn Akyɛdeɛ kɛseɛ a wakyekyere de ama ɛwiase. Woama yɛn Akyɛdeɛ mu kɛseɛ a wɔde ama pɛn, Wo-ankasa wo ho. Ansa na Wobɔɔ nsoromma a ɛdi kan no, ansa na wobɔɔ asase, bosome, owia nhyehyɛeɛ no, na Wonim yɛn na Wo yii yɛn sɛ yɛnyɛ W’ayeforo. 

Saaberɛ no a Wohunuu yɛn no, Wodɔɔ yɛn. Na yɛyɛ Wo honam mu honam, Wo dompe mu dompe; na yɛyɛ Wo fã bi. Sɛnea Wodɔɔ yɛn na wopɛɛ sɛ Wo ne yɛn bɛbɔ fekuo.  Wopɛɛ sɛ wo ne yɛn kyɛ Wo Daa Nkwa. Na yɛnim saa berɛ no, sɛ yɛbɛyɛ Wo Owurayere YESU.

Wohunuu sɛ yɛbɛdi ntwo, ɛnti na ɛsɛ sɛ Woma ɔkwan bi a wobɛfa so asan de yɛn aba. Na yayera a na yɛnni anidasoɔ. Na ɔkwan baako pɛ na na ɛwɔ hɔ, Na ɛsɛ sɛ wobɛyɛ “Abɔdeɛ Foforɔ”. Na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn ne onipa bɛyɛ Baako. Na ɛsɛ sɛ wobɛyɛ yɛn, sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛtumi abɛyɛ Wo. Enti, Wo hyɛɛ Wo nhyehyɛeɛ kɛseɛ no ase mfie mpempem a atwam wɔ Eden turo mu.  

Ayɛ Wo pɛ paa sɛ wobɛka yɛn ho, W’asɛm a ɛwie pɛyɛ Ayeforɔ, nanso na wonim sɛ ɛsɛ sɛ wo dikan san de yɛn kɔ deɛ na ayera wɔ mfitiaseɛ no nyinaa mu.  Wotwɛneɛ na wotwɛneɛ na wotwɛneɛ de besii ɛnnɛ da yi sɛ wobɛwie Wo nhyehyɛeɛ no. 

Ɛda no aduru. Saa ɛkuo ketewa a Wohunuu no mfitiaseɛ no wɔ ha.  W’akoma mu tɔfe a ɔdɔ Wo ne W’asɛm kyɛn biribiara.

Na,, ɛberɛ aso sɛ Wobabɛda Wo ho adi wɔ onipa honam mu sɛnea Wo ne Abrahamyɛɛeɛ no, ɛne sɛnea Woyɛɛeɛ ɛberɛ a Wobɛyɛɛ Abɔdeɛ foforɔ no.  Sɛdeɛ Wo kɔn asi adɔ saa da yi sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wobɛtumi ada W’ahintasɛm akɛseɛ a wɔde asie firi ɛwiase fapem no nyinaa adi akyerɛ yɛn. 

Wode W’Ayeforɔ hoahoa wo ho paa. Sɛnea W’ani gye ho sɛ wode No bɛkyerɛ na woaka akyerɛ Satan sɛ, “Ɛmfa ho ne nea wobɛbɔ mmɔden biaaa sɛ wobɛyɛ ɔɔmo no, ɔɔmo nhinhim; ɔɔmo ngo ɔɔmo mmudie mu wɔ M’asɛm, Me Nne mu.  Wɔyɛ M’ASƐM A ƐWIE PƐYƐ AYEFORƆ” Ɔɔmo ho yɛ Me fɛ yie. Hwɛ ɔɔmo kɛkɛ! Wɔ ɔɔmo nsɔhwɛ ne sɔhwɛ nyinaa mu no, wɔkɔ so gyina nokorɛ mu wɔ M’asɛm so.  Mɛma ɔɔmo akyɛdeɛ afebɔɔ. Deɛ meyɛ nyinaa, mede ma wɔn. YƐBƐYƐ BAAKO.

Dodoɔ a yɛbetumi aka aaa ne sɛ: “YESU, YƐDƆ WO. Ma yɛnma Wo akwaaba mmra yɛn fie. Ma yɛnsra Wo na yɛmfa yɛn nisuo nhohoro na yɛnfe Wo nan ho. Ma yɛnka sɛnea yɛdɔ Wo no nkyerɛ Wo.”

Nea yɛyɛ nyinaa, yɛde ma Wo YESU. Ɛno ne yɛ’akyɛdeɛ ma Wo YESU. Yɛdɔ Wo. Yɛtontom Wo. Yɛsom Wo. 

Meto nsa frɛ mo mu biaaa sɛ ɔmmɛka yɛn ho Kwasiada prɛmtoberɛ, wɔ Jeffersonville berɛ mu, na momma YESU akwaaba mmra mo fie, mo-asɔre mu, mo kar mu, baabi-biara a mobɛtena, na monnye Akyɛdeɛ kɛseɛ a wɔde ama onipa pɛn; Onyankopɔn ankasa  a Ɔne wo ɛɛkasa na ɔne wo ɛɛbɔ fekuo.

Onua Barima Joseph Branham.

60-1225 Onyankopɔn Akyɛdeɛ a Wakyekyere Ho.

NKAEBƆ A ƐSOMBOƆ

Ayeforɔ Dɔfoɔ, .

Awurade de ato m’akoma so sɛ mɛnya Nkransɛm ne Awurade Adidie Som soronko bio wɔ anadwo a yɛde bɛwura afe foforɔ no mu no. Adekɛseɛ paa bɛn na yɛbɛtumi ayɛ nanfonom a ɛkyɛn sɛ yɛbɛtie Onyankopɔn Ɛnne kasa kyerɛyɛn, sɛ yɛnya yɛkyɛfa wɔ Awurade Adidie no mu, na yɛasan ate yɛn abrabɔ ho ama Ne som wɔ Afe Foforo a yɛrebɛwura mu no. Koronkron berɛ paa a ɛbɛyɛ sɛ yɛbɛyi wiase afiri yɛn adwene mu, na yɛne Ayeforɔ no aka abɔ mu ama saa nhyiamu Titire yi wɔ Asɛm no mu, sɛdeɛ yɛfiri y’ɛakoma mu ka no, “Awurade, fa mfomsoɔ a yɛayɛ wɔ afe mu no nyinaa kyɛ yɛn; afei yɛrebɛn Wo, ɛrebisa sɛ Wobɛsɔ yɛn nsa na woakyerɛ yɛn kwan wɔ afe a ɛreba yi mu. Ma yɛnsom Wo dodoɔ nkyɛn deɛ abɛsene kɔ no, na sɛ ɛyɛ Wo Nyameyɔ Apɛdeɛ mu a, ma ɛnyɛ Ohwim kɛseɛ afe a ɛrebɛsie no. Awurade, yɛpɛ sɛ yɛkɔ Fie kɛkɛ na yɛne Wo atena Onniawieɛ mu.” Mentumi ntwɛn sɛ mɛhyiam atwa N’ahenwa ho ahyia wɔ saa atuhoahyɛ-bio som soronko yi, yi Awurade ayɛ.

Agyidifoɔ a mowɔ Jeffersonville mpɔtam no, mɛpɛ sɛ mɛhyɛ tape no ase anadwo nnɔnson wɔ yɛn mpɔtam ha berɛ no mu. Nkransɛm mua no ɛne Awurade Adidie som no bɛba Voice Radio so saa berɛ no, sɛnea yɛayɛ no wɔ ɛberɛ a atwam mu no. Yɛbɛma Communion wine no ayɛ krado wɔ Wukuada, Ɔpɛnima bosome no ne da a ɛtɔ so du nwɔtwe, firi awia dɔnko kɔsi anwumerɛ nɔn-num, ama wo akɔfa wɔ YFYC dan no mu.

Mo a mote Jeffersonville mpɔtam akyi no, anidie mu, monyɛ saa ɔsom soronko yi wɔ ɛberɛ a ɛyɛ ma mo. Ɛnkyɛ koraa yɛbɛnya link a yɛbɛtumi adownload Nkransɛm no ɛne Awurade Adidie Som no.

Ɛberɛ a yɛrebɛn Buronya Afoofidie no, mepɛ sɛ mema mo ne mo abusua NWANWASOƆ ne AHOBANBƆ afoofidie berɛ, ɛne Anigyeɛ Kristosom, a Awurade Yesu a wasɔreɛ… Asɛm no ahyɛ mu ma.

Nyame nhyira mo,

Onua Barima Joseph

Faako a ɛfiri : https://branhamtabernacle.org/en/bt/F6/110067

24-1215 Nnyegyeɛ A Ɛnsi Pi No

Adɔfoɔ Efie Asɔre Ayeforɔ, momma yɛnyinaa nhyia mmom na yɛntie Nkransɛm a ɔkaa no Ɔpɛnima bosome no ne da a ɛtɔ so du nwɔtwe wɔ afe apem ahankoron aduosia mu Nnyegyeɛ A Ɛnsi Pi No, Kwasiada wei prɛmtoberɛ wɔ Jeffersonville berɛ mu.

Onua Barima Joseph Branham.

24-1208 Laodikea Asafo Mfirinhyia No

Nkransɛm: 60-1211E Laodikea Asafo Mfirinhyia No

BranhamTabernacle.org

Adɔfoɔ a Wɔayi Wɔn,

Hwɛ, megyina ɔpono no ano na mebɔ mu, sɛ obi te Me nne na obue ɔpono no a, mɛba ne nkyɛn na me ne no adidi, na ɔne Me nso adidi.

Ɔsom dwumadie, bue w’apono ma Onyankopɔn bɔfoɔ ansa na aka akyiri dodo. Mo nsane mo akyi mfa Onyankopɔn Nne no nsan hyɛ mo asɛnkadua no mu ɛnam tape bɔ so. Ɛyɛ Onyankopɔn Nne koro pɛ a wɔabu no bem ama yɛn da yi a ɛwɔ Nsɛm a mfomsoɔ biara nni ho. Ɛyɛ Ɛnne koro pɛ a ɛwɔ Sɛnea Awurade Seɛ Nie. Ɛno nko ara ne Ɛnne a Ayeforo no nyinaa bɛtumi aka  AMEN wɔ soɔ.  

Ɛyɛ aberɛ nyinaa mu mfirinhyia kɛseɛ paa. Yesu de Ne ho nkyerɛkyerɛmu ɛrema yɛn ɛberɛ a N’adom nna no ɛrekɔ n’awieɛ. Ɛberɛ adu awieɛ. Wada Ne su pɔtee ankasa adi akyerɛ yɛn wɔ saa mfirinhyia a ɛtwa toɔ yi mu. Wama yɛn adehwɛ a ɛtwa toɔ wɔ Ɔno ankasa adom ɛne Ne Nyame pɔn no ho. Saa mfirinhyia yi ne Ɔno ankasa ho adiyie tiboɔ.

Onyankopɔn baa Laodikea berɛ yi mu na Ɔbɛfaa onipa honam so kasaaeɛ. Wɔatwe Ne Nne agu ahoma so na wɔde asie sɛ ɛbɛdi N’asɛm Ayeforo anim na ama n’awie pɛyɛ. Tiawa mu no, Ɛnne foforo biara nni hɔ a ɛbɛtumi ama N’ayeforo awie pɛyɛ gyesɛ Ɔno ankasa Nne.

Ɛwɔ saa berɛ a ɛtwa toɔ yi mu no, wɔde Ne Nne a ɛwɔ Tape nom so no ato nkyɛn; wɔayi afiri nsɔrensɔre no mu. Wɔremmɔ Tape nom no kɛkɛ. Enti Onyankopɔn see, “Meekɔ atia mo nyinaa. Mɛfe mo afiri M’ano mu. Awieɛ no nie.” 

“Nson mu mfirinhyia nson, menhunuu hwee sɛ nnipa a wɔbu wɔn ankasa asɛm sene Me deɛ. Enti saa mfirinhyia yi awieɛ no merebɛfe mo afiri M’ano mu. Ne nyinaa aba awieɛ. Ɛyɛ Merebɛkasa. Aane, mewɔ ha wɔ Asafo no ntam. Onyankopɔn Amen no, ɔnokwafo ne deɛ yɛgye no die no bɛda Ne ho adi na ƐBƐNAM ME DIYIFOƆ SO.”

Sɛnea na ɛteɛ kane no, wɔreyɛ wɔn ntotoeɛ sɛdeɛ yɛnim sɛ wɔbɛyɛ no te sɛ deɛ wɔn agyanom yɛɛeɛ wɔ Ahab nna no mu no. Na’ wɔn dodoɔ yɛ ahannan na wɔn nyinaa yɛɛ adwene korɔ; na ɛnam sɛ wɔn nyinaa ɛreka asɛm korɔ no, wɔmaa nkurɔfoɔ no yɛɛ nkwasampafoɔ. Nanso odiyifoɔ BAAKO, BAAKO PƐ, na na ɔyɛ nokorɛ na nkaeɛ no nyinaa ati ɛfiri sɛ na Onyankopɔn de adiyie no ahyɛ ƆBAAKO NKUTOO nsa.

Wei ɛnkyerɛ sɛ ɔsom nwuma nyinaa yɛ atorɔ na ɛredaadaa nkurɔfoɔ no. Saa ara nso na menka sɛ ɔbɛɛma a ɔwɔ ɔfrɛ sɛ ɔnyɛ ɔsom adwuma ntumi nka asɛm anaa ɔnkyerɛkyerɛ.  Mereka sɛ NOKWARE som nwuma nnum no de TAPES NO, Onyankopɔn Nne ma Ayeforɔ no, bɛsi hɔ sɛ Ɛnne a ɛho hia paa a ƐSƐ SƐ WOTIE. Ɛnne no a ɛwɔ  tape nom so no ne Ɛnne NKUTOO a Onyankopɔn ankasa agye atom sɛ ɛyɛ Sɛnea Awurade Seɛ.

Monhwɛ yie wɔ atorɔ adiyifoɔ ho, ɛfiri sɛ wɔyɛ mpataku bɔne.

Wobɛyɛ dɛn ahu ɛnnɛ da yi mu ahotɔsoɔ kwan a ɛyɛ  nokorɛ? Mpaapaemu a ɛte saa wɔ agyidifoɔ ntɛm. Nnipa kuo baako see ɔsom nwuma num no bɛma Ayeforo no awie pɛyɛ, ɛna ɔfoforo no ka sɛ Press Play kɛkɛ. Ɛnni sɛ yɛn mu paepae; ɛsɛ sɛ yɛka bom sɛ AYEFORƆ BAAKO. Mmuaeɛ a ɛyɛ nokorɛ ɛne deɛn?

Momma yɛnmom mmue yɛakoma mu na yɛntie deɛ Onyankopɔn nam Ne diyifoɔ so ɛreka akyerɛ Ayeforo no. Ɛfiri sɛ yɛn nyinaa gye tom sɛ, Onua Barima Branham yɛ N’ebɔfo-somafoɔ a ɔtɔ so nson.

Sɛ wo gyina nnipa nneyɔeɛ nkoaa mpo so a, obibiara nim sɛ, baabi a nnipa dodoɔ wɔ no, adwene nkyekyɛ mu wɔ asɛm kumaa bi a ɛfa nkyerɛkyerɛ kɛseɛ a wɔn nyinaa kura mu. Ɛnneɛ na hwan na ɔbɛnya tumi a ɛho ntoo kyema a ɛyɛ sɛ yɛ sane de bɛsi hɔ wɔ mfirihyia a ɛtwa toɔ yi mu, efiri sɛ awieɛ mfirihyia yi bɛbu nkɔmpɔ akɔ n’akyi akɔda asɛm  korɔgyenn ayeforɔ no adi? Ɛno kyerɛ sɛ yɛbɛnya asɛm no prɛkopɛ bio sɛdeɛ wɔde maa korɔgyeenn maa wɔnyaa nteaseɛ korɔgyenn wɔ Paulo nna mu no. Mɛka onii ko a ɔbɛnya akyerɛ wo. Ɛbɛyɛ odiyifoɔ a wɔabu no bem turodoo anaa mpo sɛ wɔabu no bem akyɛn mfirinhyia no nyinaa mu adiyifoɔ firi Enock berɛ so bɛsi ɛnnɛ, ɛfiri sɛ ɛbɛhia sɛ saa barima yi bɛnya nkɔmhyɛsom dwumadie no tiboɔ, na Onyankopɔn bɛma no so akyerɛ. Ɛnhia sɛ ɔbɛkasa ama ne ho, Onyankopɔn bɛfa ɛnne nsɛnkyerenne so akasa ama no. Amen.

Enti, saa Nkransɛm yi a Ne somafoɔ no kaeɛ no, wɔde maaeɛ frenkyemm, na wɔtee aseɛ frenkyemm.

Ɛdeɛn bio na Onyankopɔn ka faa Ne bɔfo somafo a ɔto so nson ne ne Nkrasɛm no ho? 

  • Ɔbɛtie afiri Onyankopɔn nkutoo hɔ. 
  • Ɔbɛnya “sɛnea  Awurade seɛ” na wakasa ama Onyankopɔn. 
  • Ɔbɛyɛ Onyankopɔn kasamafo. 
  • ƆNO, SƐNEA WƆAKA WƆ MALAKI 4:6 NO, BƐDANE MMƆFRA NO AKOMA ASAN AKƆ AGYANOM NO SO. 
  • Ɔde wɔn a wɔayi wɔn no wɔ ɛnna a ɛtwatoɔ no mu no bɛsane aba na wɔbɛtie odiyofoɔ a wɔabu no bem  sɛ ɔma nokorɛ pɔtee  te sɛdeɛ na Paulo deɛ teɛ no.
  • Ɔde nokorɛ no bɛsi nananmu te sɛdeɛ wɔnyaaeɛ no.

Na afei ɛdeɛn na ɔka faa yɛn ho?

Na ɔne wɔn a wɔayi wɔn  saa da no bɛyɛ wɔn a wɔda Awurade adi ampa na wɔbɛyɛ Ne Nipadua na wɔayɛ Ne nne na wɔayɛ Ne nnwuma. Haleluia! Anyabiaa wohu anaa?

Sɛ wadwene da so yɛ wo naa a, srɛ Onyankopɔn ma Ɔnam Ne Honhom so nhyɛ wo ma, na Ɔnni w’anim ɛfiri sɛ Asɛm no ka sɛ, “ƐNTUMI ƐNNAADAA WƆN A WƆAYI WƆN PƆTEE NO”. Ɔbarima biara nni hɔ a ɔbɛtumi adaadaa wo sɛ woyɛ Ayeforo no a.

Ɛberɛ a Methodistfoɔ no dii ntwo no, Onyankopɔn pagyaa afoforɔ na saa na akɔ so wɔ mfie no mu kɔsi saa da a ɛtwa toɔ yi mu no, nnipa foforɔ wɔ asaase no so bio, a wɔ wɔ wɔn somafoɔ no nan aseɛ no wɔbɛyɛ ɛnne a ɛtwa toɔ ama mfirinhyia a ɛtwa toɔ no.

Yiw owura. Asɔre no nyɛ Onyankopɔn “kasamafoɔ” bio. Ɛyɛ ɔno ara ankasa kasamafoɔ. Enti Onyankopɔn ɛredane akɔ ne so. Ɔbɛnam odiyifoɔ no ne ayeforo no so ama no adwen-fra, ɛfirisɛ ne mu na yɛbɛnya Onyankopɔn nne. Yiw ɛte saa, ɛfirisɛ ɛka wɔ Adiyisɛm ɛtire a ɛtwatoɔ nkyekyɛmu du nson no sɛ, “Honhom no ne ayeforo no ka sɛ: Bra.” Prɛkopɛ bio ɛwiase no bɛtie afiri Onyankopɔn hɔ tɔɔnn te sɛ Pentekose; nanso nokware mu no, wɔbɛpo saa Asɛm-Ayeforo no sɛnea na ɛteɛ wɔ mfirinhyia a ɛdi kan no mu no.

Ayeforo no wɔ ɛnne, nanso ɛbɛka nea ɛwɔ tape nom so nkutoo. Ɛfirisɛ saa Ɛnne no FIRI ONYANKOPƆN HƆ TƆƆNN, ɛnti ɛnhia nkyerɛaseɛ biara sɛnea wɔde maa pɛpɛɛpɛ na wɔte aseɛ pɛpɛɛpɛ no.

Bra bɛka yɛn ho Kwasiada wei prɛmtoberɛ, ɛwɔ Jeffersonville berɛ mu, ɛberɛ a yɛtie saa Ɛnne no ɛda no adi kyerɛ yɛn: Laodikea Asafo Mfirinhyia No Ɔpɛnima bosome no ne da a ɛtɔ so du baako anwumerɛ wɔ afe apem ahankoron aduosia mu.

Onua Barima Joseph Branham.

24-1201 Mmabunu Du no, Ne Jewfoɔ Mpem Ɔha Ne Aduanan Nan

Nkransɛm: 60-1211M Mmabunu Du no, Ne Jewfoɔ Mpem Ɔha Ne Aduanan Nan

BranhamTabernacle.org

Me Ma Mo Akye Nnamfonom,

Ɛmmaa da wɔ wiase abakɔsɛm mu sɛ ɛberɛ bi aba a Kristo Ayeforɔ a ɛwɔ wiase afannaa nyinaa bɛtumi abɔ mu ayɛ baako wɔ adwene baako mu, ɛberɛ a ɛnne bi a ɛfiri Ɔsoro, Onyankopɔn Nne ankasa, bɛtumi de ahoɔden aba mu. 

Twerɛsɛm ɛrehyɛma. Ɛyɛ nkabon berɛ Aba nsɛnkyerɛnne. Kristo Ayeforo no nkabom a aniwa ɛnhunu no ɛrekɔ so ɛberɛ a yɛte Ɔba no anim, ɛrebere, ɛresiesie ne ho, ɛnam Onyankopɔn Nne ankasa a yɛretie no so. 

Yɛnam Ne som adwuma-num no so ɛrewie pɛyɛ.

Dodoɔ sɛn na wɔgye di sɛ akyɛdeɛ ne ɔfrɛ nni adwensakra? Bible kaa sɛ akyɛdeɛ nnum na ɛwɔ asafo no mu. Onyankopɔn de asi asafo no mu Asomafoɔ, anaa asɛmpatrɛfoɔ, asomafoɔ, adiyifoɔ, akyerɛkyerɛfoɔ, asɛmpakafoɔ, asɔfoɔ. 

Ɔsɛnkafoɔ: Mɛkɔ abɔnten. Na obi bɛka sɛ, “Woyɛ ɔsɛnkafoɔ?” Na mɛka sɛ, “Yiw owura. Oh yiw, meyɛ ɔsɛnkafoɔ.” 

Ɔkyerɛkyerɛfoɔ: Na afei nea enti a mamfa no asɛnka soɔ anɔpa yi, ɛne sɛ, mesusuu sɛ, wɔ adekyerɛ mu no, yɛbɛte aseɛ yie akyɛn sɛ yɛbɛfa twerɛsɛm bi na yɛahuru afa so kɛkɛ. Na yɛbɛkyerɛkyerɛ no ara kwa.

Ɔsomafo: Asɛmfua “ɔsɛmpatrɛfoɔ” kyerɛ “nea wɔsoma no “Ɔsomafo” kyerɛ “nea wɔasoma no.” Ɔsɛmpatrɛfo yɛ ɔsomafoɔ. Me—me, (I am) meyɛ ɔsɛmpatrɛfo, sɛnea mo nim no, *meyɛ* asɛmpaka adwuma, asɛmpatrɛ adwuma, bɛyɛ mpɛn nson wɔ amannɔne, wɔ wiase nyinaa. 

Odiyifo: Mogye di sɛ meyɛ Onyankopɔn diyifoɔ? Ɛneɛ kɔyɛ nea meka kyerɛ wo sɛ yɛ no. 

Ɔsɔfoɔ: Moahunu deɛ mayɛ mo yi? Mofrɛ me mo sɔfo, na moka no yie, ɛfiri sɛ me yɛ. 

Na mehunuu saa ɔpepem pii no sɛ wɔgyina hɔ, mekaa sɛ, “Wɔn nyinaa yɛ Branham foɔ?” Ɔkaa sɛ, “Dabi.” Ɔkaa sɛ, “Wɔyɛ akra a wɔnam wo soɔ.” Na mekaa sɛ, me—mekaa sɛ, “Mepɛ sɛ mehu Yesu.”  Ɔkaa sɛ, “Ɛnnya nnuruu hɔ. Ɛbɛrɛ bi bɛso ansa na Ɔno aba ara. Nanso Ɔbɛba wo nkyɛn kane na wɔnam Asɛm a wokaeɛ no so bɛbu wo atɛn,

Afei yɛn nyinaa bɛma yɛn nsa so aka sɛ, “Yɛɛgye yɛahome wɔ ɛno so!” 

Biribiiibɛsi. Ɛdeɛn na ɛɛsie yi? Kristo mu awufoɔ no ahyɛaseɛ ɛresɔre atwa me ho ahyia. M’ate nka sɛ nsakraeɛ bi aba me nipadua mu. Me tiri mu dwene no nyinaa kɔ. Hwɛ m’anim… m’anim a atwintwam  no nyinaa ayera. Tu a ɛtutu me ne me yaw….Ɔɔmo KƆ. Adwenemuhaw a na mewɔ no ayera amonom hɔ ara. Wɔasesa me wɔ b ɛberɛ tiawa bi mu, wɔ anibɔtɛtɛ so.

Afei yebɛfiri aseɛ ahwɛ yɛn ho ahyia na yɛahu yɛn adɔfoɔ. Oh me, Maame ne Papa na wɔwɔ hɔ yi…..Animuonyam, me ba barima…me babaa. Nana barima, Nana baa, oh mafe mo mmienu nyinaa paa. Hey…me yɔnko brɛboɔ dadaa na ɔwɔ hɔ no. OH HWƐ, ɛyɛ Onua Barima Branham, yɛn diyifoɔ, Hallelujah!! Ɛwɔ ha. Ɛrekɔ so! 

Afei yɛbɛka abɔ mu, prɛko pɛ, ama yɛn so akɔ soro, asaase so ewiem baabi. Yɛbɛhyia Awurade sɛ Ɔnam Ne kwan so ɛresiane aba fɔm. Yɛne No bɛgyina hɔ wɔ asaase yi nkaawa so na yɛato ɔgyeɛ nnwom. Yɛbɛto nwom na yɛayi No ayɛ wɔ N’adom ɛgyeɛ a Ɔde ama yɛn no ho.

Deɛ ɔde asie nyinaa ama N’ayeforo no. Ɛberɛ paa yɛrebɛnya wɔ ɛnnie awieɛ mu ama yɛnho-yɛnho ɛne yɛn Awurade Yesu. Adasa nsɛmfua ntumi nkyerekyerɛ mu, Awurade, sɛdeɛ yɛte nka wɔ yɛn akoma mu.

Sɛ wopɛ sɛ wote sɛ Ɔfrɛ wo N’ayeforo, na ɔka sɛnea wo ne No bɛsi ayɛ kyerɛ wo a, bra bɛka yɛn ho Kwasida yi wɔ prɛmtoberɛ Jeffersonville berɛ mu, na wobɛyɛ nhyira aboro so.

Onua Barima Joseph Branham.

Ɔpɛnima bosome no ne da a ɛtɔ so du baako Anɔpa wɔ afe apem ahankoron aduosia mu. Nkransɛm a wato din

Mmabunu Du no, Ne Jewfoɔ Mpem Ɔha Ne Aduanan Nan.