Category Archives: Uncategorized

25-0615 Kristo Ayeforɔ No Nkabom A Aniwa Nhunu

Nkransɛm: Kristo Ayeforɔ No Nkabom A Aniwa Nhunu 65-1125

BranhamTabernacle.org

Awuraba Dɔfoɔ A Onyankopɔn Ayi Wo,

Ɔkwan biara ɛnna ho, wo ne Onyankopɔn Honhom mu awosuo, N’adwene mu nsusueɛ nom a ada adi, na na wo wɔ Ne mu ansa na ewiase fapem.

Yɛntumi nkɔ akyiri, yɛte sɛ aburo korɔ no ara a ɛkɔɔ fam no pɛpɛɛpɛ. Yɛyɛ Yesu korɔ no ara, wɔ Ayeforɔ no tebea mu, a yɛwɔ tumi korɔ, Asafo korɔ, Asɛm korɔ no ara a nkwa wɔ mu na ɛte ase wɔ yɛn mu ɛreyɛ akɔduru etire, AYƐ KRADO AMA OHWIM NO.

Ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ ɛnam honhom mu wuo so, yɛatete yɛn ho afiri yɛn nkabom a ɛdi kan no ho, na seesei wɔawo yɛn bio, anaasɛ wɔasan agye yɛn awareɛ, akɔ yɛn honhom mu nkabom foforɔ no mu. Yɛn abɔdeɛ mu asetena dadaa ɛne ewiase nneɛma no nni hɔ bio, mmom Daa Nkwa. Aba a na ɛwɔ yɛn mu wɔ mfitiaseɛ no, ahunu yɛn!

Ɛdeɛn na ɛno kyerɛ? Ɛkyerɛ sɛ yɛn nwoma dadaa no de yɛn nkabom dadaa no afiri hɔ kɔ, yɛde kɔ baabi foforɔ. SEESEI ɛwɔ Onyankopɔn “Nwoma Foforɔ ” mu; ɛnyɛ nkwa nwoma no… dabi, dabi, dabi… mmom wɔ Adwammaa no Nkwa Nwoma no mu. Deɛ Adwaammaa no gyeeɛ no. Ɛyɛ yɛn awareɛ adansedie krataa, baabi a yɛn mu aba a ɛnni awieɛ no ɛtim no.

Woasiesie wo ho? Ɛno na ɛba no. Ɛbɛyɛ ama wo sɛ wobɛti wo ho na yɛ krado sɛ wo bɛyɛ dede na woateɛm animuonyam, Hallelujah, yi Awurade ayɛ, ato-mmienu ɛne ɔsoro ma.

“ Wopɛ sɛ woka kyerɛ me sɛ me nwoma dadaa no a ɛwɔ me mfomsoɔ nyinaa, ntwo a madie nyinaa…”
Onyankopɔn de too N’Awerɛfie Ɛpo no mu, na ɛnyɛ sɛ wɔde wo bɔne akyɛ wo nko ara, mmom wɔabu wo bem…animuonyam! “wɔabu wo bem.”

Na ɛdeɛn na ɛno kyerɛ? Ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn Ani so no, woanyɛ mpo da.
Wogyina Onyankopɔn anim a wo wie pɛyɛ. Animuonyam! Yesu, Asɛm no, faa wo gyinabea. Ɔbɛyɛɛ wo, sɛnea ɛbɛyɛ a wo, ɔdebɔneyɛni a wo ho nteɛ no, woabɛyɛ Ɔno, ASƐM NO. Yɛn ɛne ASƐM no.

Ɛno ɛma yɛyɛ N’aba nketewa a Ɔyi too hɔ firi mfitiaseɛ no. Yɛyɛ Asɛm a yɛreba Asɛm so, Asɛm so, Asɛm so, Asɛm so, na yɛreba Kristo tebea su mua sɛnea ɛbɛyɛ a Ɔbɛtumi aba abɛfa yɛn ayɛ N’Ayeforɔ.

Ɛdeɛn na ɛrekɔ so MPREMPREN yi?

Ɛyɛ Kristo Ayeforɔ no Nkabom a Aniwa Nhunu a ɛreboaboa wɔn ano firi ewiase afanaa nyinaa.
“Wei kɔ ɔman no nyinaa so. Wɔ New York, seesei du-baako apa ho miiti aduonu-num. Ɛkɔ Philadelphia soro hɔ no ɛne deɛ atwa ho ahyia no, saa ahotefoɔ dɔfoɔ a wɔtete hɔ ɛretie saaberɛ yi no, wɔ nsɔrensɔre a atwa ho ahyia no. Ɛkɔ soro, ɛba fam atwa Mexico ho ahyia, ɛtwa ɛsoro hɔ hyia wɔ Canada ɛne ɛhɔ nyinaa hyia. Borɔfo kwansini ahaanu baabibiara a ɛwɔ Amerika Atifi fam asasepɔn no so wɔ ha no, ɛkame ayɛ sɛ, nnipa wɔ so a wɔretie mprempren yi ara. Nnipa mpempem mmɔho mpempem ɛretie.

Na ɛno ne me Nkransɛm ma mo, Asafo, mo a moyɛ nkabom, honhom mu nkabom ɛnam Asɛm no so.

Ɔkaa sɛ ɛyɛ Kristo ne N’Asafo no honhom mu nkabom, na ƐREKƆ SO SEESEI ARA . Honam ɛreyɛ Asɛm, na Asɛm no ɛreyɛ honam. Yɛada yɛn ho adi, na yɛasi yɛn pi; pɛpɛɛpɛ sɛdeɛ Bible no kaa sɛ ɛbɛsi ɛda wei mu no, na ɛrekɔ so saa ɛberɛ yi, ɛda biara da wɔ yɛn mu baako biara mu.

Onyankopɔn rebɛnya Asafo a nkekaeɛ nni mu. N’Asɛm, Ayeforɔ, nokwafoɔ, kann.
Yɛn na YƐYƐ Awurade Yesu Kristo AWURAA A WƆAYI NO.

Owura, Ɛyɛ Ɛberɛ Bɛn?

“Yɛanya adiyie no a ɛwɔ ɛnna a ɛdi akyire yi mu no, ɛma Awurade Nyankopɔn Nkransɛm no a ɛbɛboaboa N’Ayeforɔ ano abom. Mfirinhyia biara nni hɔ a Wɔahyɛ no bɔ. Wɔahyɛ ho bɔ wɔ saa mfirinhyia yi mu: Malaki etire nan, Luka tire du nson nkyekyɛmu aduasa, Ɔhoteni Yohane tire du-nan nkyekyɛmu du-mmienu, Yoel tire mmienu nkyekyɛmu aduasa nwɔtwe. Saa bɔhyɛ nom no te sɛnea Yohane Osubɔni no daa ne ho adi wɔ Twerɛnsɛm no mu ara pɛ.

Hwan na ɔhyɛɛ saa Twerɛnsɛm yi nom ma?

Ne bɔfo hoɔdenfoɔ a ɔto so nson, William Marrion Branham. Ɔnam nsususoɔ no so na Ɔyɛɛ no Ɛberɛ nyinaa. Ɔnam nsususoɔ no so ayɛ no ɛberɛ biara. Ɔsan yɛ bio wɔ yɛn da yi mu, Ɔreferɛ na Ɔreboaboa N’Ayeforɔ a nkakaeɛ nni wɔn ho no ano wɔ ɛda a ɛtwa toɔ no mu ɛnam Ne diyifoɔ so.

Animuonyam berɛ paa a Ayeforɔ no renya. Anoboaboa biara yɛ kɛseɛ ne akɛseɛ na ɛyɛ dɛ ɛne dɛɛdɛɛdɛ.
Ɛberɛ a ɛte sɛ wei ɛmmaa da. Akyinnyegyeɛ nyinaa ayera.

Bra bɛka yɛn ho ɛberɛ a yɛtie yɛn da yi mu bɔhyɛ Asɛm no ɛkasa, na ɛkyerɛ yɛn nnipa ko a yɛyɛ ɛne deɛ ɛrekɔ so wɔ yɛn da yi mu. Kristo Ayeforɔ No Nkabom A Aniwa Nhunu 65-1125.

Onubarima Joseph Branham

Twerɛnsɛm:
Ɔhoteni Mateo 24:24.
Ɔhoteni Luka 17:30 / 23:27-31.
Ɔhoteni Yohane 14:12.
Asomafoɔ Nnwuma 2:38 .
Romanfoɔ 5:1 / 7:1-6 .
2 Timoteo 2:14.
1 Yohane 2:15.
Genesis 4:16-17 / 25-26 .
Daniel 5:12
Joel 2:28
Malaki 4

25-0608 Ɔkwankyerɛfoɔ

Nkransɛm: 62-1014E Ɔkwankyerɛfoɔ

PDF

BranhamTabernacle.org

Ayeforɔ Kuo Dɔfoɔ,

Afei Onyankopɔn asoma N’akwankyerɛfoɔ ɛberɛbiara, ɛberɛbiara nni hɔ a Ɔnni ɔkwankyerɛni, ɛwɔ mfirinhyia no nyinaa mu. Ɛberɛbiara Onyankopɔn anya obi a ɔgyina N’ananmu wɔ asase yi so, wɔ mfirinhyia nyinaa mu.

Onyankopɔn mpɛ sɛ yɛde yɛn ho to yɛn nteaseɛ anaa onipa nsusueɛ nom biara so. Ɛno nti na Ɔde Ɔkwankyerɛni berɛ N’Ayeforɔ no; ɛfiri sɛ ɔwɔ nteaseɛ, sɛnea wobɛkɔ ɛne deɛ wobɛyɛ. Onyankopɔn NSESAA Ne nhyehyɛeɛ DA.  Ɔmmuu so da sɛ Ɔbɛsoma Ɔkwankyerɛni aberɛ Ne nkorɔfoɔ, nanso ɛsɛ sɛ wogye saa ɔkwankyerɛni no tom.

Ɛsɛ sɛ wogye Asɛm biara a Ɔnam Ne Kwankyerɛni so ɛka no di. Ɛsɛ sɛ wokɔ no sɛnea Ne Kwankyerɛni no ka sɛ kɔ no. Sɛ ɛba sɛ woretie  na woregye nne afoforɔnom di sɛ wo kwankyerɛni a, woreba abɛyera kɛkɛ.

Ɔhoteni Yohane etire du nsia ka sɛ na Ɔwɔ nneɛma pii a Ɔbɛka akyerɛ yɛn na wada no adi akyerɛ yɛn, ɛne sɛ na Ɔbɛsoma Ne Honhom Kronkron no ama wakyerɛ yɛn kwan na waka akyerɛ yɛn. Ɔkaa sɛ Honhom Kronkron no ne odiyifoɔ kwankyerɛni ma mfirinhyia biara. Ɛne sɛ, wɔsomaa N’adiyifoɔ no sɛ wɔnnyina Honhom Kronkron no ananmu ɛnkyerɛ N’Ayeforɔ kwan.

Wɔsoma Honhom Kronkron no sɛ Ɔmmɛdi Asafo no anim, ɛnyɛ mmarima kuo bi. Honhom Kronkron no ɛne nyansa nyinaa. Mmarima yɛ kyenkyenekyee, ɛmfa-meho.

Ɛnyɛ ɔbarima no, mmom Honhom Kronkron no a Ɔwɔ saa barima no MU no. Ɔbarima a Ɔyii sɛ Ɔbɛgyina Ɔno ankasa ananmu na wayɛ yɛn asase so ɔkwankyerɛni no, na yɛn Soro Ɔkwankyerɛni no di n’anim no. Asɛm no ka kyerɛ yɛn sɛ ɛsɛ sɛ yɛdi saa Ɔkwankyerɛni no akyi. Ɛmfa ho ne deɛ yɛdwene, deɛ ɛtɔ aso mu, anaa deɛ ɔbarima foforɔ bi ka, yɛnni ho kwan sɛ yɛbɛpɛnsempɛnsem mu,  ɛyɛ ɔkwankyerɛni no nkutoo.

Onyankopɔn soma Ɔkwankyerɛni, na Onyankopɔn pɛ sɛ wokae sɛ ɛno ne N’akwankyerɛni a wapaw no.

Onyankopɔn apaw yɛn diyifoɔ ɔkwankyerɛni no sɛ ɔnka N’Asɛm. N’asɛm YƐ ONYANKOPƆN ASƐM. Odiyifoɔ kwankyerɛni no, na ɔno nkutoo, na ɔwɔ Asɛm no mu ɔsoro nkyerɛaseɛ.  Onyankopɔn kaa N’Asɛm firii ano guu n’aso mu. Ɛne sɛ, wontumi nnye akyinnyeɛ, ɛnsesa, anaa sɛ ɛnnyɛ adwene mu mpɛnsempɛnsem mu wɔ wo Kwankyerɛni no Asɛm ho da.

Ɛsɛ sɛ wodi N’akyi, na, Ɔno nkutoo. Sɛ woannyɛ saa a, wobɛyera. Kae sɛ, sɛ wo gya No hɔ a, Onyankopɔn Ɔkwankyerɛni a wɔapaw no no a, wo nam Kwantenkorɔ, ɛnti yɛpɛ sɛ yɛbɛn ɔkwankyerɛni a Ɔpaww no no, na yɛtie na yɛdi Asɛm biara a Ɔnam ne so ka no so.

Yɛn Kwankyerɛni no akyerɛkyerɛ yɛn sɛ na Apam dadaa no yɛ sunsum ma Apam foforɔ no.

Ɛberɛ a Israel firii Misraim ɛrekɔ bɔhyɛ Asase so no, ɛwɔ Exodus 13:21 no, na Onyankopɔn nim sɛ wɔntuu saa kwan no bi da. Na ɛyɛ borɔfo kwansini aduanan pɛ, mmom nanso na wɔhia biribi a ɛne wɔn bɛkɔ. Na anka wɔbɛyera wɔn kwan. Enti Ɔno, Nyankopɔn, soma de Ɔkwankyerɛni berɛɛ wɔn. Exodus 13:21, biribi a ɛte sɛ wei “Mesoma Me Bɔfoɔ wɔ mo anim, Ogya fadum no, sɛ Ɔbɛkora mo wɔ kwan so”, sɛ Ɔbɛkyerɛ wɔn kwan akɔ saa bɔhyɛ asase yi so. Na Israel mma no dii saa Ɔkwankyerɛni no akyi, Ogya Fadum no (anadwo), Mununkum adekyeɛ. Ɛberɛ a ɛgyinaaeɛ no, wɔgyinaeɛ. Ɛberɛ a Ɛtuu kwan no, wɔtuu kwan. Na ɛberɛ a Ɔde wɔn bɛɛnn asase no so no,  na wɔmfata sɛ wɔbɛkɔ hɔ no, Ɔsan dii wɔn anim kɔɔ ɛserɛ no so bio.

Ɔkaa sɛ ɛno ne ɛnnɛ yi Asafo no. Anka yɛakɔ dadaada sɛ na yɛatenetene yɛn ho kɛkɛ na yɛte nhyehyɛe mu a, nanso akɔba sɛ ɛsɛ sɛ Ɔdi yɛn anim twa yɛn ho, na yɛtwa yɛn na yɛtwa yɛn ho.

Na ɛsɛ sɛ wɔdi wɔn kwankyerɛni no akyi kɛkɛ ɛberɛ a ƆDII Ogya Fadum no akyi na Ɔtie firii Ogya Fadum no hɔ no. Ɔkaa deɛ Onyankopɔn kaaeɛ kyerɛɛ wɔn na na ɛsɛ sɛ wɔdi Asɛm biara a ɔkaaeɛ so. Ná ɔyɛ Ɔkwankyerɛni no Nne. Nanso wɔbisabisaa ɛne Ɔkwankyerɛni a na Onyankopɔn apaw no no gyee akyinnyeɛ,  ɛne sɛ, wɔdii akɔneaba wɔ ɛserɛ no so mfie aduanan.

Ná asomfoɔ pii wɔ Mose nna no mu. Na Onyankopɔn apaw wɔn sɛ wɔmmoa nkorɔfoɔ no, sɛnea Mose ntumi nyɛ ne nyinaa no. Nanso na wɔn asɛdeɛ ne sɛ wɔbɛsan wɔn akyi de wɔn nsa bɛtene deɛ Mose kaaeɛ no so akyerɛ nkorɔfoɔ no.  Bible no nka biribiara a saa mmarima no kaeɛ no, Ɛka deɛ Mose kaeɛ nkutoo sɛ ɛno ne Asɛm no a ɛkyerɛ nkorɔfoɔ no kwan.

Ɛberɛ a Onyankopɔn yii Mose firii hɔ no, wɔhyɛɛ Yosua sɛ ɔnni nkorɔfoɔ no anim, a ɛnnɛ yi ɛgyina hɔ ma Honhom Kronkron no.

Joshua anka asɛm foforɔ biara, saa ara nso na wammɔ mmɔden sɛ ɔbɛfa Mose gyinabeae, saa ara nso na wammɔ mmɔden sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ deɛ ɔkwankyerɛni no kaeɛ no ase; Ɔkenkanee deɛ Mose kaeɛ no ara kɛkɛ na ɔka kyerɛɛ nkorɔfoɔ no sɛ, “Mo ne Asɛm no ntena. Mo ne deɛ Mose kaaeɛ no ntena”. Ɔkenkanee deɛ Mose kaaeɛ no nko ara.

Hwɛ ɛnnɛ da yi nsɛsoɔ a ɛwie pɛyɛ.  Onyankopɔn nam Ogya Fadum so sii Mose pi. Ogya Fadum korɔ no ara so na wɔnam sii yɛn diyifoɔ no pi. Na Nsɛm a Mose kaaeɛ no yɛ Onyankopɔn Asɛm na wɔde guu Adaka no mu. Onyankopɔn diyifoɔ no kasaeɛ wɔ yɛn nna yi mu na wɔde Ɛno guu tape so.

Ɛberɛ a wɔyii Mose firii hɔ no, wɔhyɛɛ Joshua sɛ ɔnni nkorɔfoɔ no anim ɛnam sɛ ɔrekora Nsɛm a Mose kaaeɛ wɔ wɔn anim no. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnnye nni na wɔn ɛne Asɛm biara a Onyankopɔn Ɔkwankyerɛni no kaaeɛ no ntena.

Joshua kenkanee deɛ Mose twerɛeɛ  no Asɛmfua biara pɛpɛɛpɛ wɔ nwoma mmobɔeɛ no mu ɛberɛ nyinaa. Ɔde asɛm no sii wɔn anim ɛberɛ nyinaa. Asɛm a ɛwɔ hɔ ma yɛn nna yi mu no, wɔantwerɛ,  mmom wɔkyere guu ahoma so sɛnea ɛbɛyɛ a Honhom Kronkron no bɛtumi ama N’Ayeforɔ no ate deɛ Ɔkaeɛ no mu Asɛmfua biara  pɛpɛɛpɛ ɛnam Pressing Play so

Onyankopɔn nsesa Ne nhyehyɛeɛ da. Ɔno ne yɛn Kwankyerɛni. Ne Nne ne deɛ ɛrekyerɛ N’Ayeforɔ kwan na ɛreka wɔn bɔ mu  ɛnnɛ. Yɛpɛ sɛ yɛtie yɛn Kwankyerɛni no Nne nko ara ɛberɛ a Ɛnam Ogya Fadum no so Ɛdi yɛn anim no. Ɛyɛ Kristo Ayeforɔ no nkabom a aniwa nhunu no. Yɛnim Ne Nne.

Sɛ yɛn kwankyerɛni no ba asɛnkadua no akyi a, Honhom Kronkron no tɔ no so na ɛnyɛ ɔno bio, mmom yɛn Kwankyerɛni no. Ɔma ne tiri so wɔ wiem na ɔteɛm, “Sɛ Awurade Seɛ Nie, Sɛ Awurade Seɛ Nie, Sɛ Awurade Seɛ Nie!”

 Na Kristo Ayeforɔ no mu biara a ɔwɔ wiase nyinaa ba ne nkyɛn pɛɛ. Adɛn? YƐNIM YƐN KANDIFOƆ NO SƐNEA ƆKASA NO ARA PƐ.

Yɛn Kwankyerɛni yɛ  Asɛm No.

Asɛm No ba Odiyifoɔ no hɔ.

Odiyifoɔ no nko ara ne Onyankopɔn ɔsoro nsɛm asekyerɛni; N’asaase so kwankyerɛni.

Tena Asɛm no akyi! Oh, yiw, owura! Ɛne saa Ɔkwankyerɛni no ntena. Tena N’akyi pɛɛ. Nkɔdi N’anim, wo deɛ tena N’akyi. Ma Ɛno nni w’anim, ma ɛnkɔdi N’anim. Wo deɛ ma No nkɔ.

Sɛ wompɛ sɛ wobɛyera a, bra bɛtie yɛn Kwankyerɛni no ɛberɛ a Ɔnam N’asase so ɔkwankyerɛni a wapaw no no so ɛkasa saa Kwasiada wei prɛmtoberɛ Jeffersonville berɛ mu.

Onuabarima Joseph

 Branham .

Nkransɛm: 

62-1014E — Ɔkwankyerɛni .

Twerɛnsɛm: .

Ɔhoteni Marko 16:15-18 .

Ɔhoteni Yohane 1:1 / 16:7-15 .

Asomafoɔ Nnwuma 2:38 .

Efesofoɔ 4:11-13 / 4:30 .

Hebrifoɔ 4:12.

2 Petro 1:21.

Exodus 13:21.

25-0601 Onipa A Owie Pɛ Subansu

Nkransɛm: 62-1014M Onipa A Owie Pɛ Subansu

PDF

BranhamTabernacle.org

Dɔfoɔ Nkaeɛdum A Ɛte Aseɛ,

Ɛnne no a yɛretie wɔ tapes  no so no yɛ Onyankopɔn Urim Thummim ma N’Ayeforɔ. Mprempren yi Ɛne N’Ayeforɔ no aka abɔ mu pɛpɛɛpɛ wɔ akoma koro ɛne bɛnkorɔ mu ayɛ asafo a Honhom ahyɛ no ma ankasa, a Onyankopɔn tumi ayɛ no ma, a wɔaka abɔ mu ɛte ɔsorosoro hɔnom, ɛrebɔ honhom afɔreɛ nom, Onyankopɔn ayɛyie nom, a Honhom Kronkron no ɛretu mpasa wɔ yɛn ntam.

Kristo somaa Ne Honhom Kronkron no berɛɛ yɛn sɛ Ɔnfa Ne bɔfoɔ a ɔtɔ so nson no so nkasa mfa  nhyehyɛ yɛn sɛ ankorankora ma yɛnyɛ Yesu Kristo tebea su, sɛnea yɛnam N’Asɛm so bɛyɛ Tumi-kurafoɔ ɛne Honhom Kronkron atenaeɛ.

Yɛyɛ adedifoɔ ma biribibiara. Ɛyɛ yɛn ankasa agyapadeɛ, ɛyɛ YƐN DEA. Ɛyɛ Onyankopɔn akyɛdeɛ ma yɛn, na obiara ntumi nnye mfiri yɛn nsam. ƐYƐ YƐN DEA.

“Deɛ wobisa Agya no wɔ Me Din mu, na Mɛyɛ.” Hwan na ɔbɛtumi asi biribi ho kwan wɔ hɔ? “Nokorɛ, nokorɛ, meka kyerɛ mo sɛ, sɛ woka kyerɛ bepɔ yi sɛ, ‘Tu tu’ ɛnnye akyinnyeɛ wɔ w’akoma mu mmom gye di sɛ deɛ woaka no bɛba mu a, wo nsa bɛtumi aka adeɛ biara a wo kaaeɛ no.” Bɔhyɛ nom paa! Ɛnyɛ ayaresa nko ara, na mmom adeɛ biara.

Animuoyam nka Onyankopɔn…ADEƐBIARA  A YƐBISA NO!

Ɛfiri ɛberɛ mfitiaseɛ no, Onyankopɔn abɔdeɛ nyinaa ɛresi apinie na ɛretwɛn ɛda a Onyankopɔn mma a wɔawie ɛmayɛ no bɛda adie. Saa da no aduru. Wei ne saa da no. Saa da no nie. Saa berɛ no nie. Yɛn na YƐYƐ saa Onyankopɔn mmabarima ne mmamaa a wɔada wɔn ho adie no.

Yɛn na yɛyɛ Onyankopɔn adeyɔdeɛ a ɛte ase Ɔnam mu, Ɔrehunu adeɛ wɔ mu, Ɔrekasa wɔ mu, Ɔreyɛ adwuma wɔ mu. Ɛyɛ Onyankopɔn, a Ɔnam anammɔn mmienu so, WƆ YƐN MU.

Yɛyɛ N’atwerɛdeɛ nkrataa a nnipa nyinaa ɛkenkan. Wɔn a Ɔayi wɔn, Ɔayi  ato hɔ, mmamarima ne Ne mmamaa a , a wɔagye wɔn abayɛ a Ɔreyɛ no onipa teasefoɔ, mfoni a ɔte ase, onipa a owie pɛyɛ tebea su.

Yɛde yɛn anim butu fɔm wɔ Onyame teasefoɔ anim, nneyɛɛ pa a ɛte ase, nimdeɛ a ɛte ase, boasetɔ a ɛte ase, nyamesom pa a ɛte ase, tumi a nkwa wɔ mu a ɛfiri ɔteasefoɔ Nyankopɔn hɔ ɛreba, ma onipa a ɔte ase yɛ mfoni a ɛte ase wɔ Onyankopɔn tebea su mu.

Ɛyɛ Kristo, wɔ Honhom Kronkron nipasu so wɔ yɛn so, ɛne Ne Honhom Kronkron asubɔ kann no,  a Ne nneyɛɛ pa no nyinaa asɔ yɛn ano wɔ yɛn mu. Onyankopɔn, a Ɔte yɛn mu wɔ ntamadan bi a wɔfrɛ no Ɛdan no mu. Ntamadan a ɛte ase, ma ɔteasefoɔ Nyankopɔn  no tenabea; Asafo a ɛwie pɛyɛ, sɛdeɛ Tiboɔ a ɛwie pɛyɛ no bɛkata yɛn so.

Onyankopɔn somaa odiyifoɔ bi sɛ ɔmfrɛ na ɔnni N’Ayeforɔ anim. Ɛyɛ Ne Adam mua a ɛdi kan a Ɔasan de abɛsi ne sibea, onipa a ɔwie pɛyɛ tebea su ɛwɔ yɛn da yi mu, sɛ Ɔbɛda N’Asɛm adi akyerɛ N’Ayeforɔ.

Mentumi mfiri ɛno ho. Biribiara ntumi mpia me. Deɛ obi ka biara mfa me ho; ɛmpia me baako koraa. Mɛtena ɛhɔ ara.

M’ɛtwɛn, atwɛn, atwɛn, atwɛn. Mfa nsonsonoeɛ biara mma. Ɛte hɔ ara. Afei, dakoro bi, me ne ahotefoɔ a ɛkaho no nyinaa de bɛnkorɔ bɛteɛteɛm: “Yɛɛgye yɛn ahome wɔ ahotɔsoɔ a yɛwɔ ɛwɔ Asɛm biara mu! Afei WO de yɛn bɛkyerɛ Ɔno. Afei yɛn nyinaa bɛsan akɔ asase so bio, akɔtena ase daa.”

Mede m’akoma nyinaa hyɛ Ne bɔ anɔpa yi, sɛ, ɛnam Ne mmoa ɛne N’adom so no, mebɔ mpaeɛ sɛ mɛhwehwɛ da biara da, a mennyae, kɔsi sɛ mɛnya atenka sɛ saa ahwehwɛdeɛ yi mu biara ɛɛtene wɔ saa me tebea su ketewa dadaa yi mu, kɔsi sɛ mɛtumi ada Kristo a ɔte ase no adi.

MAFAM no, woretie Onyankopɔn Nne a ɛwɔ tapes so no ɛyɛ Onyankopɔn nhyehyɛe a ɛwɔ hɔ ɛnnɛ da yi. Ɛyɛ Yesu Kristo Asɛm a ɛte ase. Ɛyɛ Osiwieɛ ma me sɛnea Onyankopɔn Asɛm seɛ no. Ɛyɛ ɔkwan a Onyankopɔn de ama nnɛ.

Ne saa nti no, mɛpɛ sɛ mɛto nsa afrɛ wo sɛ ka me ho Kwasiada wɔ prɛmtoberɛ Jeffersonville berɛ mu, ɛberɛ a metie William Marrion Branham, a megye di sɛ ɔyɛ Onyankopɔn Nne ma yɛn  ɛda yi no, ɛkyerɛkyerɛ Kristo Ayeforɔ no sɛnea ɛbɛma no ayɛ: Onipa A Ɔwie Pɛyɛ Tebea Su  62-1014m.

Ɔnuabarima Joseph Branham

Twerɛnsɛm a wobɛkeken ansa na Nkransɛm no:

Ɔhotefo Mateo 5:48.

Ɔhotefo Luka 6:19.

Ɔhotefo Yohane 1:1 / 3:3 / 3:16 / 5:14 / 14:12 .

Asomafoɔ Nnwuma 2:38 / 7:44–49 / Etire du / 19:11 / 28:19 .

Efesofo 4:11-13 .

Kolosefo Etire Mmiɛnsa.

Hebrifoɔ 10:5 /11:1 /11:32-40

Yakobo 5:14

2 Petro 1:7 Isaiah 28:19

25-0525 Abayɛ #4

Nkransɛm: 60-0522E Abayɛ #4

PDF

BranhamTabernacle.org

Adɔfoɔ A Moasakra, .

Ɛnam Pressing Play nti, yɛretie Onyankopɔn Asɛm a mfomsoɔ nni ho no. Ɛyɛ Asɛm biara ɛyɛ Nokorɛ no, ne mu kasasini biara. Wɔafrɛ yɛn na wɔakora yɛn, ahyɛ yɛn ma na wɔde asi nkyɛn; Honhom Kronkron no ahyɛ yɛn ma, na seesei yɛwɔ Kanaan Asase so dada. Yɛnsurohwee. BIRIBIARA, yɛnim nnipa ko a yɛyɛ.

Ɛsiane sɛ yɛne  N’Asɛm atena, sɛnea Ɔhyɛɛ yɛn sɛ yɛnyɛ no nti, Ɔrebɛka akyerɛ yɛn sɛ Ogyaa yɛn apɛgyadeɛ bi. Ɛberɛ bɛn na woyɛɛ saa, Agya? Ɛberɛ a meyii mo na mede mo din hyɛɛ Adwammaa Nkwa Nwoma no mu ansa na wiase fapem.

Ɛberɛ a na Ɔahyɛ no sooeɛ no, Me somaa Yesu, Adwamaa no, A Wɔkumm no no ɛfiri ewiase fapem no, sɛnea ɛbɛyɛ a mobɛnya mo apɛgyadeɛ a mode bɛyɛ Me mmamarima ne  mmamaa, Anyame nkumaa.

Na ɛsɛ sɛ mehwɛ mo mu sɛ kasa gyegyeegye ɛne mmeaeɛ a ahodwohodwo ansa na matumi de mo asisi.

“Mogye di sɛ Me Nne a morebɔ wɔ tapes so wɔ asɔredan mu no yɛ mfomsoɔ?”

“Yiw, ɛnsɛ sɛ wobɔ tapes wɔ asɔredan mu.”

“Kasa tia ɛno. Kasa gyegyeegye.”

“Mogye di sɛ M’Asɛm a ɛwɔ tapes so no hia nkyerɛaseɛ?”

“Yiw, Ɛhia sɛ obi kyerɛkyerɛ Ɛno ase”

“Wo kasa gyegyeegye. Yi firi hɔ. Wo nnya nnyɛɛ krado.” 

Sɛ woyɛ krado a, wobɛgye Asɛm biara so sɛ, “Amen”.

“Mogye di sɛ mete saa ɛnora, ɛnɛ ne daa?”

“Amen.”

“Mogye di sɛ Me Nne a ɛwɔ tapes so no ne NNE a ƐHO HIA PAA a ɛsɛ sɛ mo tie?” 

“Amen.”

“Mogye di sɛ Me Nne a ɛwɔ tapes so no bɛka Ayeforɔ no abom?”

“Amen.”

“Mogye di sɛ Me bɔfoɔ hoɔdenfoɔ no bɛyi mo akyerɛ Me?”

“Amen.”

Afei wo mu ɛremiamia. Mahwehwɛ  wo mu kasa gyegyeegye ɛne mmeaeɛ a ahodwohodwo no.  Mayɛ krado sɛ mɛto ɔpono no mu. Mede Me Nsɔano bɛsɔ mo ano. Mo ho sɔnn wɔ Me nhwehwɛmu no mu. 

Afei ma Menka biribi nkyerɛ mo, Me nkorɔfoɔ dɔfoɔ a mo som boɔ a mo wɔ tapes nsase soɔ;  Amannɔne ne baabiara a mowɔ no, ma mo nsuro. Biribiara ayɛ yie. Na menim mo ansa na ewiase fapem. Ná menim biribiara a ɛbɛsie. 

Ɛnkyɛ koraa, Mereba abɛfa mo de mo akɔ Baabi a owuo  nnie, awerɛhoɔ nnie, ahoɔyaa nnie, hwee nni hɔ; Pɛyɛ nkutoo, ɔdɔ a ɛwie pɛyɛ.

Ɛnkɔsi saa berɛ no, mma mo werɛ mmfi da, Me ma mo M’Asɛm mu ahotɔsoɔ,  mo YƐ M’ASƐM a adane honam.  Sɛ mo hia BIRIBIARA a, ka, afei gye Ɛno di; Ɛyɛ w’apɛgyadeɛ.

Merebɛsoma de Me Nne aberɛ mo bio Kwasiada wei na Makyerɛkyerɛ Ne nyinaa mu akyerɛ mo. Merebɛka akyerɛ mo prɛko bio nnipa ko a moyɛ, baabi a morekorɔ, ɛne sɛnea ɛteɛ wɔ hɔ, mprempren yi ara.

Bra bɛka M’Ayeforɔ ho ɛberɛ a mema  wɔbom tena ɔsoro hɔnom  Kwasiada wei prɛmtoberɛ wɔ Jeffersonville berɛ, na tie sɛ Menam M’Asɛm so de mo sisi hɔ. 60-0522E Abayɛ #4.

Onubarima Joseph Branham.

25-0518 Abayɛ #3

Nkransɛm: 60-0522M Abayɛ #3

PDF

BranhamTabernacle.org

Ɔbaabunu Dɔfoɔ A Efi Nkaa Wo,

Sɛ yɛ press play a, ɛyɛ ɛwoɔ a ɛwɔ ɔbotan mu, ɛyɛ anigyeɛ a wɔntumi nka, ɛyɛ nhyira mu ahotɔsoɔ, ɛyɛ sɛkyɛ ma yɛn kra, ɛyɛ yɛn anidasoɔ ne nyinasoɔ, ɛyɛ Tete Botan no, ɛyɛ biribiara a ɛyɛ papa, ɛyɛ Onyankopɔn Kwan a Ɔde ato hɔ ama ɛnnɛ da yi. 

Ɛsiane sɛ yɛ Press Play nti, Onyankopɔn Nne agye yɛn awareɛ; asi  yɛn asiwa ama Kristo, sɛ Ɔbaabunu a Efi nkaa no ama N’Asɛm. Yɛwɔ Ɔkyerɛkyerɛfoɔ Baako pɛ, Ɛnne Baako, Odiyifoɔ Baako, a ɔnam Honhom Kronkron so ɛredi yɛn anim. 

“Nanso wei ne asafo no, merekyerɛkyerɛ mo. Wei ɛkɔ Tape so. Mepɛ sɛ nnipa a wɔtie tapes no ɛkae sɛ wei ɛkɔ ma m’asafo.

Sɛnea wɔasi no pi ama yɛn sɛ yɛ wɔ Ne Pɛ a ɛwie pɛyɛ mu. Tapes no wɔ hɔ ma n’asafo. Ɔrekyerɛkyerɛ yɛn. Ɔreka akyerɛ yɛn, tie tapes no.

Ɔhyɛɛ Abayɛ nnidisoɔ yi aseɛ ɛberɛ a na ɔreka deɛ asie nnafua kakra bi a ɛtwaa mu ansa no. Afei, wɔ Nkransɛm biara mu no, ɔkasa fa ɛberɛ a na wakɔ nsakyeraeɛ mu no. Sɛnea ɛsɛ sɛ ɛhia sɛ ayeforɔ no ɛte deɛ ɛsiieɛ ɛne deɛ Ayeforɔ no ka kyerɛɛ no ​​no.  

Wɔnam yɛn diyifoɔ no Asɛm a ɔkaaeɛ de guu tapes so maa yɛn no so na ɛbɛbu no atɛn.

 Ayeforɔ no a wɔwɔ ɔfã foforɔ no ka kyerɛɛ no ​​sɛ yɛn Awurade bɛgye no atom. Afei ɔde yɛn bɛkyerɛ No sɛ ne som adwuma no nkonimboɔ nom, afei yɛbɛsan akɔ asase so bio akɔtena daa. 

Asɛm biara a yɛteɛ no yɛ puduo a ɛsom boɔ. Yɛkɔ so yɛ Ho torɔtorɔm na yɛ yɛ Ho torɔmtorɔm kɛkɛ ɛberɛ a Ɔda pii adi ɛberɛ a yɛkenkan deɛ wɔafira no ntoma no.

Sɛnea yɛdɔ sɛ yɛbɛka Ho asɛm akyerɛ yɛn nua mmarimanom ne yɛn nua mmaa nom, “Anyabiaa wotee wei?” 

“Ɔyii yɛn wɔ Ne mu ansa na yɛnyaa ewiase bi mpo” Ɛno ne yɛn apɛgyadeɛ. Onyankopɔn yii yɛn, ɛna Ɔmaa Yesu baaeɛ bɛtuaa ɛboɔ no. Sɛ deɛn? Ne mogya a ɛhwie guuiɛ no, na wɔammu bɔne biara antia yɛn.  Ɛnnyɛ deɛ wo yɛ biara.

Afei, ɛno akyi pɛɛ no, wotee wei ase?

“Kronkron, kronkron, kronkron, mma Awurade.” Yɛn ani kyerɛ Kalvari, na biribiara nni hɔ a ɛbɛsi wo kwan! W’abrabɔ mu nanteɛ ankasa no, wonam Ɔhene no Kwantenpɔn no so, a wɔde Ngo a ɛsomboɔ asra woɔ, ɛrekɔ Kronkron mu kronkronbea. Hwew! Amen.

Ná yɛte sɛ Aaron poma no ara pɛ, poma dadaa bi a awoɔ a wakura no mfie aduanan  wɔ ɛserɛ no so.  Nanso seesei ɛnam sɛ yɛn adeda wɔ saa Kronkron Beaeɛ hɔ ɛnam sɛ yɛretie Onyankopɔn Nne sɛ Ɛrekasa akyerɛ yɛn wɔ tapes no so no,  yɛafefɛ ɛna yɛayɛ frɔmfrɔm, a Ne Honhom Kronkron ahyɛ yɛn ma, na yɛyɛ N’Ayeforɔ ɛreteɛteɛm dendennden:

  • kronkron, kronkron, kronkron, kronkron, ma Awurade, tapes no na ɛdikan wɔ yɛn akoma mu.  
  • Kronkron, kronkron, kronkron, kronkron, ma Awurade, Ɔyii yɛn ansa no wɔreto ewiase fapem.
  • Koronkron, kronkron, kronkron, kronkron, ma Awurade, yɛn na yɛyɛ Yesu Kristo Ayeforɔ no.
  • Kronkron, kronkron, kronkron, kronkron, ma Awurade, deɛ obi bɛka biara nsesa hwee, ɛnyɛ adeɛ sɛ yɛresan yɛn akyi wɔ tape bɔ mu, yɛrebɔ pii. 
  • Kronkron, kronkron, kronkron, ma Awurade, yɛde yɛn ani akyerɛ Calvary, na biribiara nni hɔ a ɛreba abɛsi yɛn kwan. 

M’ani agye yie sɛ me ne dodoɔ a ɛwɔ ha a wɔnim sɛ Wei ne Onyankopɔn Asɛm a mfomsoɔ nni ho no bɛka yɛn akoma abom. Afei Ɛno, Ɛyɛ Asɛm biara ɛne Nokorɛ no, Ne mu Asɛm biara, Ne fã biara. Na ɛnam Onyankopɔn adom so, wama manya akwanya ahunu Asase no a da bi yɛbɛtu kwan akɔ so no.

Bra bɛka yɛn ho Kwasiada prɛmtoberɛ wɔ Jeffersonville berɛ mu, ɛberɛ a odiyifoɔ no fa Asɛm biara na ɔtɔkɔso ɛyɛ Ho torɔtorɔm.Ɔbɛfa Ɛno de akɔ Genesis na wayɛ Ho torɔtorɔm, na wafa de akɔ exodus na wayɛ Ho torɔtorɔm bio, na mpo Ɔde akɔ Adiyisɛm; Na Ɛmu adeɛbiara yɛ Yesu!

Onubarima Joseph Branham

Nkransɛm: 

Abayɛ ɔfa a ɛtɔ so mmiɛnsa 60-0522M .

Twerɛnsɛm:

Mateo 28:19.

Yohane 17:7-19.

Asomafoɔ Nnwuma 9:1-6, Etire 18 ɛne Etire 19 .

Romanfoɔ 8:14-19 .

1 Korintofoɔ 12:12-13 .

Galatifoɔ 1:8-18 .

Efesofoɔ Etire Baako .

Hebrifoɔ 6:4-6, 9:11-12 .

25-0511 Abayɛ #2

Nkransɛm: 60-0518 Abayɛ #2

PDF

BranhamTabernacle.org

Adɔfoɔ Adehyeɛ Asɔfokuo,

Obibiara ka wo nsateaa, ti wo kra, nya akokoduro. Ɛnnɛ, Yesu Kristo Ayeforɔ no ɛreteɛteamu:

Saa da yi, nkɔmhyɛ wei aba mu wɔ yɛn ani so ankasa.

“Megye di, saa animuonyam nna yi mu baako, sɛ asafo ahodoɔ nkabom kuo no ɛkɔ bɔ mu, na wɔyi Pope foforɔ no firii United States na wɔde no abɛsi hɔ sɛnea nkɔmhyɛ kyerɛ no, afei wɔbɛyɛ te sɛ ohoni ama aboa no.”

Onyame diyifoɔ Ɛnne kaa no Ɔpɛnima da a ɛtɔ so du nkoron wɔ afe apem ahankoron aduonum nan mu, abosome nkoron akyi no, wɔwoo Robert Prevost a seesei wɔfrɛ no Pope Leo XIV. Seesei ɔno ne Romanfoɔ Pope foforɔ. “Sɛ Awurade seɛ nie” aba mu.

Kɔtonima da a ɛtɔ nson wɔ afe apem ahankoron aduanan nsia mu no, Onyankopɔn de Ne diyifoɔ sii Green’s Mill a ɛwɔ Indiana, sɛ ɔde ne dwumadie bɛhyɛ ne nsa, na Wabɔ no dawuro akyerɛ ewiase, wei ne Me bɔfo-somafoɔ hoɔdenfoɔ a ɔtɔ so nson, Me Nne ma ɛwiase. Mo ntie No.

“Ɛberɛ a Awurade Bɔfo no hyiaa me wɔ abɔnten hɔ wɔ Green’s Mill, Indiana, mfie nwɔtwe a abɛsene kɔ no, ɛfiri dii m’akyi ɛberɛ a na meyɛɛ abɔfra no, ɛrekyerɛ anisoadehunu nom, ɛberɛ a mekɔɔ Ne nkyɛn no, Ɔkaa sɛ, “Sɛ wobɛdi nokorɛ a, ama nkorɔfoɔ no gye wo di a, biribiara ɛnnyina mpaebɔ no anim.”

William Marrion Branham yɛ Onyankopɔn Nne a wɔayi ama ewiase. Odiyifoɔ kokroko a Onyankopɔn Asɛm ba ne hɔ. Sɛnea Asɛm no kyerɛ no, ɔno nkutoo ne Ɔsoro ni a ɔyɛ Onyankopɔn Asɛm asekyerɛni.

Onyankopɔn ankasa nam Ogya Fadum No so buu no bem.

Kɔtonima da a ɛtɔ so nson wɔ afe mpenu ne aduonu num,  SATAN boaa ne Cardinals ano wɔ Sistine Chapel ɛwɔ Rome sɛ wɔnyi  Kristo Asinanmu, ɛma Sɛ Awurade Seɛ nie ɛnhyɛ ma.

Onipa de WISIE FITAA KUMOO na ɛsii ne so dua.

Kristo Ayeforɔ a wɔwɔ wiase nyinaa no ani gye, ɛreteɛteamu, ɛrekeka mu na wɔreyi Awurade ayɛ ɛberɛ a yɛte, na yɛde yɛn ankasa ani ɛhunu, odiyifoɔ no nkɔmhyɛ no a ɛrehyɛ ma.

Ayɛ te sɛ nea yɛrehwɛ sɛ ɛpo kɔkɔɔ no abue wɔ yɛn ani so. Manna mono a ɛtɔ firi ɛwiem. Mmoko ɔpepem pii a wɔrema Ayeforɔ no aduane. Nsuo a ɛfiri Ɔbotan no mu ɛba. Ogya ɛresiane aba ɛrehye Elia afɔrebɔdeɛ.

Nkɔmhyɛ ɛrehyɛ ma da biara. Onyankopɔn bɔhyɛ-Asɛm ɛreda adi wɔ yɛn abrabɔ nom mu. Nneɛma ɛrekɔ so wɔ yɛn ho nyinaa. Ayeforɔ no asiesie Ne ho ɛnam sɛ ɔretie na ɔregye Asɛm no die. Yɛn ne Asɛm no a ayɛ honam no.

Nokorɛ nie, yɛabɛduru. Ɛberɛ no abɛn. Ayeforɔ no ɛregye n’ani ɛna wɔreka wɔn ho bom wɔ ewiase afanaa nyinaa senea ɛbi nsii da.  Odiyifoɔ no ɛrema ayeforɔ no ahotɔsoɔ bio ɛnam sɛ ɔreka akyerɛ yɛn sɛ yɛyɛ Onyankopɔn adehyeɛ asɔfokuo, ɔman kronkron, nnipa soronko,  wɔn a yɛafrɛ wɔn, yɛayi wɔn, yɛapaw wɔn, na yɛde wɔn asi nkyɛn.

SEESEI YɛYƐ Onyankopɔn Mmamarima ne Mmamaa, a Onyankopɔn Honhom ɛdi yɛn anim; Ɛnyɛ onipa, na mmom ɛnam Honhom no so. Yɛnim, a akyinnyeɛ ho sunsum baako mpo nni mu, YƐYƐ N’AYEFORƆ. Yɛn gyidie ɛreduru ɛsoro foforɔ da biara. Biribiara nni hɔ a ɛrema yɛn agyina anaa sɛ ɛreberɛ yɛn anamɔntuo ase, Onyankopɔn ada no adi na Ɔde ato yɛn akoma ɛne yɛn kra sɛkyɛ.

Ayeforɔ no ahunu nnipasuo mua a yɛyɛ. Yɛwɔ yɛn honhom bɔhyɛ Asase so, yɛkura biribiara mu. Yɛwɔ Ɔsoro asomdwoe, Ɔsoro nhyira, Ɔsoro Honhom.  BIRIBIBIARA YƐ YƐDEA. Yɛresiesie yɛn ho kɛkɛ ama deɛ ɛdi hɔ a Ɔwɔ ma yɛn.

Wɔbɛhyɛn Awurade torobɛnto no, na Kristo mu awufoɔ no bɛdi kan asɔre.

Saa ɔsoro nnipa dua yi bɛsiane aba fam na wɔahyɛ asase so nipadua a wɔahyɛ no animuonyam no, na wɔasesa wɔ ɛberɛtia bi mu, wo bɛbɔ ani ateɛ. Wɔbɛfa yɛn ne wɔn abɔ mu akɔhyia Awurade ɛwɔ ɛwiem.

Ɛda bi paa ni. Ɛberɛ bi paa ni. Ɔkwan biara nni hɔ a mɛfa so de nnipa nsɛmfua aka atenka a  yɛnyinaa yɛwɔ ɛwɔ yɛn kra nom mu. Yɛn akoma nom de mmirika. Ɛnnyɛ yɛn na yɛrema no ayɛ saa, Honhom Kronkron no te sɛ abura nsutire a ɛreworo so wɔ yɛn mu. Ayeforɔ no atwɛn saa berɛ yi ɛfiri Adam nna no mu…NA YƐN NA YƐWƆ HA SEESEI.

Yɛma wo akwaaba. Yɛto nsa frɛ wo. Yɛsrɛ wo. Bra bɛka yɛn ho wɔ ɛberɛ mu nwanwasoɔ paa a ewiase ahunu pɛn, ɛberɛ a yɛtie Onyankopɔn Nne ɛda N’Asɛm adi kyerɛ yɛn Kwasiada wei wɔ prɛmtoberɛ ɛwɔ Jeffersonville berɛ mu, ɛberɛ a yɛtie: 60-0518 Abayɛ #2.

Onubarima Joseph Branham.

Twerɛnsɛm a wobɛkeken ansa na woatie Nkransɛm no:

Genesis 1:26

Efesofoɔ Etire a ɛdikan

Romanfoɔ 8:19

Galatifoɔ 1:6-9

Hebrewfoɔ Etire Nsia

Yohane 1:17

25-0504 Abayɛ #1

Nkransɛm: 60-0515E Abayɛ #1

PDF

BranhamTabernacle.org

Dɔfoɔ A Wɔagye Mo Abayɛ,

Afei yɛredi Onyankopɔn mu nneɛma a ɛmu yɛ den no na yɛwɔ N’Asɛm mu ntease a emu da hɔ. Onyankopɔn de N’Asɛm mu nokorɛ adiyie ama yɛn. Yɛn honhom mu adwene mu ate nwann.

YɛNIM Onii ko a ankasa a Ɔyɛ. YɛNIM deɛ Ɔyɛ ankasa. YƐNIM baabi pɔtee a yɛrekɔ. YɛNIM nnipa ko a yɛyɛ ankasa. YɛNIM Deɛ yɛagye no adi na yɛagye atom sɛ Ɔbɛtumi akora deɛ yɛde ahyɛ Ne nsa no so atia ɛda no.

Wakasa na wada ahintansɛm a wɔde asie ɛfiri ewiase ahyɛaseɛ no nyinaa adi akyerɛ yɛn. Ɔka kyerɛɛ yɛn sɛnea afoforɔnom apo N’akwan a Ɔayi ato hɔ  ɛberɛ nyinaa na wɔpɛ akannie foforɔ, nanso Ɔbɛnya ɛkuo ketewa bi a wɔde nokorɛ bɛtena N’Asɛm mu. 

Wɔ ewiase afanaa nyinaa no, wɔremmoaboa wɔm ano wɔ beaeɛ baako ɛnnya nneɛmakorɔ. Nanso wɔn mu akuokuo nketenkete bɛpete asase so nyinaa.

Animuonyam, yɛabɔ apete asase so nyinaa, nanso yɛaka Abom sɛ Bafua ɛnam sɛ yɛre-Presse Play na yɛretie Onyankopɔn Nne a ɛkasa kyerɛ yɛn.

Momma yɛnmɔ nkɔntene na yɛnikan nka nwhɛ deɛ Ɔbɛnam Ne bɔfoɔ hoɔdenfoɔ no so aka akyerɛ yɛn Kwasiada no.

M’adɔfoɔ a wɔayi Mo, seesei moatena abom wɔ Ɔsoro mmeaeɛ. ɛnyɛ adihɔ baabiara kɛkɛ, na mmom “Ɔsoro” mmeaeɛ; Ɛyɛ wo gyinabea sɛ ɔgyedini. Woawura mpaebɔ mu ayɛ krado ama Nkransɛm no. Moaboaboa mo ho ano abom sɛ ahotefoɔ, a wɔde Honhom Kronkron abɔ mo asu, a Onyankopɔn nhyira ahyɛ mo ma. Wɔafrɛ mo, ayi mo, na wɔde mo honhhom aba Ɔsoro ahunum.

Ɛdeɛ na ɛbɛtumi asie. Me Honhom Kronkron no bɛtu anammɔn wɔ akoma biara so. Wɔanya foforoyɛ na woabɛyɛ abɔdeɛ foforɔ wɔ Kristo Yesu mu.  Wo bɔne nom nyinaa wɔ mogya no ase. Wowɔ ɔsom a ɛwiepɛyɛ mu, a wo ama wo nsa ne w’akoma so ama Me, ɛrebom asom me wɔ Ɔsoro mmeaeɛ hɔnom.

Woyɛ nnyitohɔ, deɛ wɔaYi no, ɛwɔ Me Nhunusie mu. Deɛ Wɔayi, Wɔate ho, Ɔnam Nhyɛtohɔ so abu no Bem. Ɛntumi nyɛ yie sɛ wɔbɛdaadaa wo. Mahyɛ mo ato hɔ ansa na ewiase fapem. Woyɛ Onyankopɔn ketewa, a Honhom Kronkron bɔhyɛ asɔ wo ano; Ɛnyɛ sɛ wɔwo wo ato abusua no mu kɛkɛ, Me mma Mmarima ne mma Mmaa a wɔagye mo abayɛ.

Mede ɔsoro ayaresa bɛhyira mo, nhunusie, adiyie, Anisoadehunu nom, tumi, kasa horoɔ, nkyerɛaseɛ, nyansa, nimdeɛ, ɛne ɔsoro nhyira no nyinaa, a anigyeɛ a wontumi nka ho asɛm a animuonyam ahyɛ mu ma.

Me Honhom bɛhyɛ akoma biara mu ma. Mobɛbom anante, atena ase abom, wɔ Ɔsoro mmeaeɛ hɔnom. Nsusueɛ bɔne baako ɛnni mo ntam, sigaret baako nni hɔ a wɔanom, atadeɛ tiatia baako nni hɔ, ɛnyɛ baako wei, ɛno, anaa ɔfoforɔ no, ɛnnyɛ adwene bɔne baako, obiara nni biribiara ntia ne yɔnko, obiara ɛrekasa wɔ ɔdɔ ne bɛnkorɔ mu, obiara wɔ akoma korɔ mu wɔ beaeɛ baako.

Afei mpofirim ara nnyegyeɛ bi a ɛte sɛ mframa denden a ahoɔden wɔ mu bɛfiri Ɔsoro aba na Me de Ɔsoro nhyira nyinaa bɛhyira mo. Afei wobɛyɛ te sɛ David, ɔresa  wɔ Adaka no anim, ɛreka kyerɛ wiase sɛ ɛrenyɛ wo aniwuo, WO NE ME TAPE AYEFORƆ NO! Wo presse play na wogye ASƐM BIARA a Meka di. Wo mfiri ho na biribiara ntumi mpia wo! 

Afoforɔnom bɛtumi apo Ɛno, anaasɛ wɔnte Ɛno ase, nanso wo fam no, Ɛyɛ wo Badge Of Honor. Sɛdeɛ David ka kyerɛɛ ne yere no; “Wo dwene sɛ wei yɛ biribi, twɛn kɔsi ɔkyena, yɛbɛtie tapes bebiree mpo, ɛrekamfo Awurade, a Ne Honhom ahyɛ yɛn ma; ɛfiri sɛ yɛte Kanaan, a yɛn ani kyerɛ bɔhyɛ asase no.”

Afei Mɛhwɛ fam afiri Ɔsoro na Maka akyerɛ wo sɛ:

“Woyɛ Ayeforɔ a woda M’ankasa M’akoma so”

Saa nhyiranom yi bɛtumi ayɛ wo nso wo dea. Bra, ka yɛn ho Kwasiada wei wɔ prɛmtoberɛ Jeffersonville berɛ mu, na nya Awurade anim mu osuahunu te sɛ dɛe ɛbi nsii da wɔ ɛberɛ a yɛtie Onyankopɔn Nne ɛma ɛnnɛ da yi ɛkasa kyerɛ yɛn na ɛde Nkransɛm: Abayɛ ɔfa a ɛdi kan ɛbrɛ yɛn. Ɔkaa no 60-0515E.

Kae sɛ, wei ɛkɔ ma asafo no, ɛnnyɛ abɔnten-so-ni.  Ɛyɛ ahintasɛm a nyansapɔ wɔ mu ma no, ɔntumi nte aseɛ da, ɛbɔfa ne tiri so, ɔnnim hwee ɛfa ɛho bio kyɛn biribiara. Nanso, ɛma asafo no, ɛyɛ ɔbotan mu ɛwoɔ, ɛyɛ anigyeɛ a wontumi nka ho asɛm, ɛno ne nhyira awerɛhyɛmu no, ɛno ɛne ɔkra sɛkyɛ no, ɛno ne yɛn anidasoɔ ɛne tintiman, ɛno ne Tete Botan no, oh, ɛyɛ adeɛbiara a ɛyɛ papa. Na Ɔsoro ne Asase bɛtwam akɔ, nanso Onyankopɔn Asɛm ɛntwa mu da.

Onubarima Joseph Branham.

Twerɛnsɛm a wobɛkekan ansa na Nkransɛm no:

Joel 2:28

Ɛfisofoɔ 1:1-5

1 Korintofoɔ 12:13

1Petro 1:20

Adiyisɛm 17:8

Adiyisɛm 13

25-0427 Ɔhene No A Wɔapo No

Nkransɛm: 60-0515M Ɔhene No A Wɔapo No

PDF

BranhamTabernacle.org

Nnamfonom A Mosom Bo,

M’adɔfoɔ, m’Asɛmpa mu akoma mu dɔfoɔ, me mma a wɔawo mo ama Onyankopɔn.

Nnawɔtwe awieɛ nwanwasoɔ bi paa a yɛne Awurade nyaaeɛ.

Na ɛte sɛ deɛ ɛbi nni hɔ, sɛ yɛne Ɔno ɛrenya ɛmerɛ kɛkɛ, yɛrekasa akyerɛ No, ɛretie Ne Nne, ɛresom No, ɛreda No aseɛ, na yɛreka sɛnea yɛdɔ No no ɛkyerɛ No.

Anidie paa ɛyɛ sɛ wo te ase wɔ saa da yi mu na wo yɛ Twerɛsɛm no fã bi a ɛrehyɛ ma. Ɛbɛyɛ dɛn na nnipa anumnsɛm bɛtumi akyerɛkyerɛ deɛ ɛwɔ yɛn akoma mu no nyinaa?  Sɛnea odiyifoɔ no kaaeɛ no, ɛnyɛ me a, ɛyɛ biribi a ɛwɔ me mu tɔɔnn, a ɛrepiapia na ɛrehuru fa so wɔ me mu kɛkɛ; Honhom Kronkron no nsutire bi. Ɛyɛ Ayeforɔ no a ɔresiesie ne ho ama Ayeforokunu no.

Hwɛ sɛnea ayeforɔ ani gye ne ho paa ansa na n’ayeforohyia aba.  N’akoma firi aseɛ bɔ ntɛmntɛm ɛberɛ a sima a ɛtwa toɔ no ɛbɛsene no….ɔnim sɛ ɛberɛ no anya abɛduru. “Masiesie me ho awie. Ɔreba abɛfa me. Afei deɛ yɛbɛyɛ BAAKO.”

Ampa ara ɛberɛ awieɛ mu na yɛ wɔ yi. Ɛnkyɛ na wɔahwim Ayeforɔ no na wɔafrɛ yɛn akɔ yɛn ayeforɔ anwummerɛ apontoɔ no ase. Ɔde yɛn ɛrekɔ mpɛnpɛnsoɔ foforɔ mu. Asɛmbisa biara nni hɔ bio; Ɛnnyɛ nwanwa bio; YƐN NA YƐYƐ AYEFORƆ NO.

Na Ɔnnya nwieɛ.  Ɔda so ara pɛ sɛ Ɔhyira na Ɔhyɛ N’aYeforɔ dɔfoɔ a wɔayi wɔn no nkuran. Sɛnea Ɔdɔ sɛ Ɔhyɛ No nkuran na Ɔka kyerɛ No  dodoɔ sɛnea Ɔdɔ No. Sɛnea Ɔde No hoahoa Ne ho.

Ɔda so wɔ Adiyie soronko foforɔ koraa a Ɔde bɛma No.  Ɛberɛ a ɛnne bebiree wɔ wiase a ɛrepo sɛ wɔbɛbɔ tapes no, Ɔpɛ sɛ prɛkopɛ bio ɔma Ayeforɔ no awerɛhyɛmu bio sɛ wɔwɔ Ne pɛ a ɛwie pɛyɛ mu ɛne N’akwan a Wayi ato hɔ mu.

Ɛberɛ biara wɔapo Ne nhyehyɛe. Wɔataa N’ayeforo no ɛberɛ biara. Nkorɔfoɔ no pɛ wɔn ankasa kwan, wɔn adwene ɛberɛ nyinaa. Wɔpɛ ɔkannifoɔ soronko sɛ ɔbɛdi wɔm anim. Nanso Onyankopɔn somaa ɔkanifoɔ baako sɛ ɔmmɛdi N’Ayeforɔ anim, Ɔno Ankasa, Honhom Kronkron no, na ɛnnɛ da yi mu Honhom Kronkron no, sɛdeɛ ɛteɛ wɔ ƐNNA A AKA  NYINAA MU NO, YƐ ONYANKOPƆN DIYIFOƆ.

Ɛberɛ biara wɔn apɛ sɛ nnipa di wɔn anim. Wɔ Samuel ɛda mu no, Onyankopɔn kaa sɛ na wɔn ɛrepo Ɔno ɛnam sɛ na wɔn mpɛ sɛ Samuel bɛdi wɔn anim no. Na ayɛ sɛ ɛyɛ nwanwa ɛfiri sɛ na Samuel nso yɛ ɔbarima nsoso, nanso na nsonsonoeɛ no ne sɛ na Samuel ne ɔbarima a Onyankopɔn yii no sɛ ɔni wɔn anim. Na Ɛnyɛ Samuel, na ɛyɛ Onyankopɔn a Ɔde Samuel ɛredi dwuma. Na ɔyɛ Onyankopɔn NNE ƐNE ONIPA A  wayi sɛ ƆNI WƆN ANIM, nanso na  wɔpɛ ɛnne afoforɔnom.

Na Saul nim sɛ Nkorɔfoɔ no suro Samuel, ɛnti na ɛsɛ sɛ ɔbɔ no dawuro sɛ, “Saul ƐNE Samuel”. Na ɛsɛ sɛ ɔbɔ nkorɔfoɔ no hu sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛdi n’akyi. Nokorɛ nie na, wɔafrɛ no. Nokorɛ nie, na Samuel asra no ngosra sɛ ɔnyɛ wɔn hene, nanso na Onyankopɔn da so ara wɔ Ɔkwan a wayi ato hɔ, ɛne odiyifoɔ a Ɔyii sɛ ɔni wɔn anim, mpo sɛ ɔbɛdi Saul anim. Onyankopɔn kasa kyerɛɛ Ne diyifoɔ no na ɔka kyerɛɛ Saul deɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ. Ɛberɛ a Saul sii gyinae sɛ ɔno nso wɔasra no ngo no, na ɔmpɛ sɛ ɔbɛtie odiyifoɔ no ara kɛkɛ no, Onyankopɔn yii n’ahennie no firii hɔ.

Ɛnti afei ɛberɛ a wɔyɛɛ saa no, ɛberɛ a nkoguo kɛseɛ no baeɛ no, afei Saul twaa nantwie akɛseɛ mmienu na ɔsoma ma wɔde kɔmaa nnipa no nyinaa. Na anka mɛnya a wo bɛhyɛ nso wɔ ha, ɛberɛ a Saul de nantwie asinasini no kɔmaa Israelfoɔ nyinaa no, na ɔkaa sɛ, “Obiara a ɔrenni Samuel ne Saul akyi no, mo ma no ɛnyɛ sɛ nantwie wei.” Anyabiaa wo hu sɛnea ɔbɔɔ mmɔden ɛnam nnaadaa kwan so sɛ ɔde ne ho bɛgyina ama ɔne Onyankopɔn nipa no? Sɛn—sɛnea na ɛnyɛ Kristo nneyɔeɛ! Samuel nti na na nkorɔfoɔ no suro no. Nanso Saul maa wɔn nyinaa dii n’akyi ɛfiri sɛ na nkorɔfoɔ no suro Samuel. “Ma wɔn mmera mɛdi Samuel ɛne Saul akyi.”

Da koro bi Saul kɔɔ ɔhaw pii mu. Na ɔntumi nnya mmuaeɛ mfiri Onyankopɔn hɔ. Na ɔntumi nnya awerɛkyekyerɛ. Ná ɔrepɛ mmuaeɛ nom.  Ná ɔnim baabi a na ɛsɛ sɛ ɔkɔ na ɔnya mmuaeɛ a na ɔpɛ no; Na beaeɛ baako pɛ na na ɛwɔ hɔ, ONYANKOPƆN DIYIFOƆ, SAMUEL. Na ɔkɔ ne kra akyi nanso na ɔda so ara yɛ ONYANKOPƆN NNE, MPO ƐWƆ PARADISE.

Agya pɛɛ sɛ N’Ayeforɔ no hunu ɔnii ko a Ɔyii sɛ ɔni N’Ayeforɔ anim ɛwɔ saa ɛda a ɛtwatoɔ yi, ɛnti Ɔfaa Ne bɔfoɔ hoɔdenfoɔ no kɔɔ twamu-berɛ akyi sɛ Ɔbɛka akyerɛ yɛn prɛkopɛ bio, akyekyere yɛn werɛ, na wahyɛ yɛn nkuran sɛ yɛ wɔ Ne Pɛ a ɛwie pɛyɛ a wayi ato hɔ no mu.

Tie deɛ odiyifoɔ no ɛreka no nyinaa yie paa.

Afei, mempɛ sɛ mobɛma wei asi wɔ ne mperenu so. Meka wei wɔ m’asɔre anim, anaa me nwan a merehwɛ wɔn no soɔ.

Ansa na ɔbɛka biribiara akyerɛ yɛn no, ɔpɛ sɛ ɔdikan ma yɛhunu sɛ wei yɛ YƐNKO ARA DEA, N’ASAFO, NE NWAN, WƆM A ƆREHWƐ WƆN SO. Ɛne sɛ, sɛ wo ntumi nka sɛ, “Onuabɛɛma Branham yɛ ME sɔfo a,” maka no pɛn, nanso ɛho nhia sɛ wobɛtoa so akenkan akɔ anim biara, wei ɛnyɛ wo dea, deɛ ɛka ho ne sɛ na ɔmpɛ sɛ yɛbɛsan atĩ mu mpo ama obibiara gyesɛ wɔn a wɔgyedi na wɔka sɛ, “Onuabɛɛma Branham yɛ me sɔfo”.

Ɛhɔnom pɛɛ na yɛ wɔ mmuaeɛ ma asɛmbisa no a yɛnya no pii firi mfomsoɔ hwehwɛfoɔ hɔ sɛ yɛreka sɛ: “Onuabɛɛma Bramham ɛyɛ yɛn sɔfoɔ.” (Ɛno ɛne tape nkorɔfoɔ no.) Wɔn ɛdi ka, wɔ yɛ, na yɛyɛ. 

Mesrɛ wo mma wo bo mfu me, menka saa nsɛm yi sɛ ɛbɛfu obibiara bo, ɛno bɛyɛ mfomsoɔ, nanso ɛyɛ deɛ ɔreka akyerɛ Ayeforɔ no. Ɛnyɛ sɛ mede me nkyerɛaseɛ ɛreto so, Ɔreka no pefee…Onyankopɔn asɛm nhia nkyerɛaseɛ biara.

Sɛ na ayɛ sɛdeɛ na mewɔ saa nipadua yi mu anaasɛ mafiri mu a, sɛ na ɛyɛ nsakraeɛ bi a, na ɛnte sɛ anisoadehunu biara a na manya pɛn.

Afei ɔka kyerɛ yɛn sɛ na wei ɛnte sɛ anisoadehunu biara a na wanya pɛn. Ɔkɔɔ baabi a na ɔnkɔɔ da. Na ƐSO sene anisoadehunu biara a wahu pɛn mpo. Na ɛnyɛ sɛ ɔreso daeɛ, ɔhunuu ne nipadua wɔ mpa no so; NA ƆWƆ HƆ.

Yesu Kristo Ayeforɔ no, ma ɛno ɛmem nkɔ mu yie paa ankasa. Na ɛyɛ Yesu Kristo Ayeforɔ na na wɔwɔ ɔfã foforɔ no, mprempren kabea, a na wɔde mmirika ɛreba ne nkyɛn, ɛreteɛteɛmu na wɔresosɔ ne mu, ɛde wɔn nsa ɛregu ne kɔn mu na wɔreka sɛ, “Oo, yɛn nua barima a ɔsom boɔ!”

Na ɔwɔ hɔ; Ná ɔtumi te nka; Ná ɔtumi te wɔn nne. Ná wɔrekasa kyerɛ no. Ɔgyinaa hɔ, na ɔhwɛɛeɛ, na ɔyɛ abrantewaa. Ɔtwaa n’ani hwɛɛ ne nipadua dada no a ɛda hɔ a ne nsa gu ne ti akyi no.

Afei yɛasi so dua sɛ NA ƆWƆ HƆ, na ɛyɛ Yesu Kristo Ayeforɔ no na na ɔrehunu wɔn no. Afei momma yɛntie deɛ na ɛnne bi a ɛfiri soro ɛreka kyerɛ no.

Na afei saa Ɛnne a na ɛrekasa no, ɛfiri m’atifi no, kaa sɛ, “Wonim, wɔatwerɛ wɔ Bible no mu sɛ na wɔaboaboa adiyifoɔ no ɛne wɔn nkorɔfoɔ ano.”

Ɛnyɛ sɛ na Onyankopɔn ɛrekyerɛ ne diyifo no na Ɔrehyɛ no nkuran nko ara, na mmom na dodoɔ pii ka ɛho. Ɔbɛsan aba na waka akyerɛ yɛn ɛnyɛ baabi a yɛɛkɔ nkutoo ɛne sɛdeɛ ɛbɛyɛ, na mmom sɛ ɔbɛka akyerɛ yɛn sɛ yɛwɔ Ne Pɛ a ɛwie pɛyɛ mu ɛnam sɛ yɛre Presse Play na ɛno ne sɛnea yɛfa so kɔ baabi a Ayeforɔ no wɔ no.

Onuabarima Branham kaa sɛ ɔpɛ sɛ ɔhunu Yesu dendennden. Nanso wɔka kyerɛɛ no ​​sɛ:

“Afei, Ɔwɔ soro kakra, ɛsoro hɔnom ara sɛɛ.” Kaa sɛ, “Ɛda bi Ɔbɛba wo nkyɛn.”

Wɔn kɔɔ so kyerɛɛ no ​​ONII KO A NA ƆYƐ.

 “Wɔsomaa wo, sɛ ɔkannifoɔ. Na Onyankopɔn bɛba. Na sɛ Ɔba a, Ɔbɛgyina deɛ wo kyerɛɛ wɔn no so abu wo atɛn, kane, sɛ wɔbɛkɔ mu  anaasɛ daabi. Yɛbɛkɔ mu sɛnea wo nkyerɛkyerɛ ɛteɛ no”

Hwan na wɔsomaa no sɛ ɔkannifoɔ? Wɔrekɔbu yɛn atɛn ɛgyina deɛ hwan kyerɛkyerɛɛ  yɛn so? Ɛnam hwan nkyerɛkyerɛ so na yɛbɛwura Ɔsoro ahennie mu?

Obi bɛtumi aka sɛ, mekyerɛkyerɛ me nkorɔfoɔ deɛ Onuabarima Branham kae no aaa…amen, ɛsɛ sɛ woyɛ na megye di sɛ ɛbinom yɛ, nanso mma ɛnyɛ no “Onuabɛɛma Branham ɛne me.”

Momma yɛnkɔso nkenkan sɛnea Ɔpɛ sɛ yɛhwɛ hunu sɛ yɛte aseɛ yie bebiree.

Na saa nkorɔfoɔ no teateaa mu, na wɔkaa sɛ, “Yɛnim saa. Na yɛnim sɛ yɛne wo ɛrekɔ, da bi, asan aba asase so.” Kaa sɛ, “Yesu bɛba, na wɔbɛgyina sɛnea wo kaa Asɛm no kyerɛɛ yɛn no so no na abu wo atɛn.

Wɔbɛbu yɛn atɛn wɔ Asɛm a ɔka kyerɛɛ yɛn no so. Ɛne sɛ, atɛmmuo firii deɛ Onyankopɔn Nne kaaeɛ wɔ tapes no so no. Ɛbɛyɛ dɛn na ɔbi atumi aka sɛ Ɛnne a ɛwɔ tapes no so no ɛnyɛ ƐNNE A ƐHO HIA PAA sɛ wo bɛtumi atie?

“Na afei sɛ wɔgye wo tom saa berɛ no, a wɔbɛgye wo atom,”  . 

Woasiesie wo ho? Wei bɛkoa dadewa no ato deɛ ɛyɛ Awurade Pɛ a ɛwie pɛyɛ ma Yesu Kristo Ayeforɔ no so. Ayeforɔ no ɛreka kyerɛ odiyifoɔ no DEƐ ƆBƐYƐ.  Obi foforo biara nni hɔ. Ɛnyɛ nipakuo bi. Ɛnyɛ ɔsɔfoɔ foforɔ, Onyankopɔn diyifoɔ, WILLIAM MARRION BRANHAM.

“afei wode yɛn bɛkyerɛ No, sɛ wo som dwumadie mu nkonimboɔ nom”.

Hwan na ɔde yɛn ɛrekɔkyerɛ Awurade Yesu? Ɛnna a yɛtie odiyifoɔ no kɛkɛ no atwam? Onuabarima Branham anka da sɛ bɔ tapes?

Ayeforɔ no ɛreteateamu ɛna wɔn ɛreka sɛ, sɛ wopɛ sɛ wo yɛ Ayeforɔ no a, ɛbɛyɛ ama wo sɛ wobɛ Press Play.

Wo da so ara wonnye ntoo mu? Wiɛ, bebiree mpo wɔ hɔ.

Kaa sɛ, “wobɛma yɛn akwankyerɛ akɔ Ne hɔ, na yɛn nyinaa bɛbom asan yɛakyi akɔ asase so akɔtenase afebɔɔ.

Hwan na ɛwɔ sɛ ɔma yɛn akwankyerɛ kɔ Ne nkyɛn no? Hwan na Ɔredi Ayeforɔ no anim? Ayeforɔ no ɛreka kyerɛ no sɛ ƆNO NA ƆBƐMA AYEFORƆ NO AKWANKYERƐ AKƆ NE NKYƐN, afei yɛbɛsan akɔ asase so akɔtena afebɔɔ.

Sɛ Adiyie BIARA wɔ wo mu koraa a. Sɛ wode to wo ho so sɛ wogye Saa Nkransɛm yi di a, mebɔ mpaeɛ sɛ Onyankopɔn bɛda no adi akyerɛ wo sɛ ƐSƐ SƐ wode Ne Nne, tapes no DIKAN. Asɔfoɔ, monsan mfa odiyifoɔ no mmɛgyina mo asɛnkannua no akyi. Tapes no ɛne Ɛnne a ɛhia sɛ wobɛtie sɛnea wɔde SAA ƐNNE no na ɛrebɛbu wo atɛn.

Sɛnea Asɛm no seɛ no, yɛwɔ Ne Pɛ a ɛwie pɛyɛ ɛne Ne kwan a Ɔde ama no mu ɛma yɛn ɛda yi ɛnam sɛ yɛretie Onyankopɔn Ɛnne a ɛwɔ tapes so no.

Sɛ Onyankopɔn abue w’ani akɔ nokorɛ Adiyie no a ɛwɔ N’Asɛm mu no a, me to nsa frɛ wo sɛ bɛka yɛn ho Kwasiada prɛmtoberɛ Jeffersonville berɛ mu, ɛberɛ a yɛtie Nkransɛm a ɔkaa no Kɔtonima da a ɛtɔ so dunum wɔ afe apem ahankoron aduosia mu anɔpa:

 Ɔhene A wɔapo No No.

Ɔnuabarima Joseph Branham.

25-0417 Easter Afe Mpenu Ne Aduonu Num- Awurade Adidie Ne Ɛnan Ase Hohoro Soronko Ɛsom

Nkransɛm: 62-0204 Awurade Adidie

PDF

BranhamTabernacle.org

Dɔfoɔ Kristo Ayeforɔ,

Animuonyam berɛ paa a Ayeforɔ no bɛnya saa Easter nnawɔtwe wei awieɛ. Megye di sɛ ɛbɛyɛ yɛn asetena mu mpɔmpɔnsoɔ no mu baako; ɛberɛ a yɛn werɛ ɛmfi da. Nnawɔtwe awieɛ a ɛdutwam.

Easter biara ayɛ ɛberɛ titire a ɛte saa ma Ayeforɔ no, ɛberɛ a yɛto yɛn apono nom mu ɛma adihɔ denam sɛ yɛredundum yɛn nkitahodie mfidie nom nyinaa ɛne ewiase nnoɔma a ɛtwetwe yɛn adwene, na yɛsan tu yɛn abrabɔ hyɛ Ne nsa kɛkɛ. Ɛyɛ nnawɔtwe awieɛ mua a yɛtu hyɛ Ne nsa wɔ ɔsɔreɛ mu, wɔ ɛberɛ a yɛkasa kyerɛ No ɛda biara , na afei yɛtie N’Asɛm.

Ɔtamfo no ama yɛn adaagyeɛ akɔ abrabɔ mu nnoɔma bebiree so ama atwe yɛn adwene afiri yɛn asetena mu kɔpem sɛ ayɛ den sɛ yɛbɛto ewiase pono mu na yɛakasa akyerɛ No. Mpo nkitahodie mfidie a yɛde tie Asɛm no, Ɔboronsam fa de yɛn ɛmmerɛ kɔ asianeɛ mu.

Nanso nnawɔtwe wei bɛyɛ soronko, na ɛnnyɛ te sɛ Easter nnawɔtwe awieɛ foforo biara a yɛanya pɛn.

Ɛberɛ a Awurade de too m’akoma so sɛ yɛntie Nsɔano no, na menni adwenkyerɛ biara ɛfa sɛdeɛ ɛnna no bɛsie ho. Nanso sɛnea ɛteɛ daa no, Ne berɛ ɛyɛ deɛ ɛwie pɛyɛ. Kwasiada mmienu a atwam no, ɛyɛɛ animuonyam hyɛ maa yɛn sɛ yɛtie Nsɔano a ɛtɔ so Nan no, Ɔkɔdeɛ Mfirinhyia no, ɛwɔ Oforisuo da a ɛtɔ so nsia, ɔdiyifoɔ no awoda; Sɛnea ɛfata.

Nanso seesei, Awurade wɔ nneɛma pii mpo ma yɛn. Sɛnea Mekaeɛ no, ɛberɛ a metee nka sɛ Awurade de ato m’akoma so sɛ me mmɔ Nsɔano Nson no, na menim sɛ ɛde nnawɔtwe bebiree na ɛbɛwie wɔn bɔ no ɛnam sɛ Nkransɛm du na ɛwɔ ntoatoasoɔ no mu.

Ɛberɛ a mehwɛɛ Calendar no so no, mehunuu sɛ Easter baeɛ ansa na yɛbɛwie ntoatoasoɔ no tieɛ no nyinaa. Me dwenee wɔ me mu sɛ, mesusu sɛ ɛsɛ sɛ yɛgyae Nsɔano no tie na Ɔbɛma me Easter Nkrasɛm.

Prɛkopɛ me hunuu…ƐBƐWIE PƐYƐ. Yɛbɛtumi akɔ so abɔ Nsoano nwoma no a yɛrebɔ Nsɔano a ɛtɔ so Nson no Easter Kwasiada anɔpa. Na mentumi nnye nni, ɛne nhyehyɛe no hyia pɛpɛɛpɛ. Ɛhɔ ara na mehunuu sɛ WEI YƐ WO, AWURADE.

M’ani agye yie na mewɔ akwanhwɛ kɛseɛ mu wɔ yɛn Easter berɛ a yɛreka yɛn ho abom na yɛ ne No ahyia. Mehunuu sɛ Ɔno na Ɔyɛɛ nhyehyɛe no maa yɛn.

Ɛne sɛ, sɛ ɛyɛ Awurade pɛ a, yɛbɛkɔ so atie Nsɔano no wɔ yɛn Easter nnawɔtwe awieɛ soronko no nyinaa mu.

YAWOADA

Na ɛyɛ Yawoada anadwo na Awurade Yesu ne N’asuafoɔ no dii anwummere aduane a ɛtwa toɔ, de kaee Twam no ansa no Israel mma akwantuo no. Akwanya paa yɛwɔ sɛ yɛne Awurade bɛdi nkitaho wɔ yɛn afie mu, ansa na yɛn nnawɔtwe awieeɛ kronkron no aba, na yɛasrɛ no sɛ ɔmfa yɛn bɔne nkyɛ yɛn, na ɔmfa deɛ yɛhia wɔ yɛn akwantuo mu no nyinaa mma yɛn.

Ma ɛho kwan, Awurade. Sa ayarefoɔ no yareɛ. Kyekyere wɔn a wɔabrɛ no werɛ. Ma wɔn a wɔhyɛ wɔn so no ani nnye. Fa asomdwoeɛ ma wɔn a wɔabrɛ, aduane ma wɔn a ɔkɔm de wɔn, nsuo ma wɔn a sukɔm de wɔn, anigyeɛ ma wɔn a wɔn werɛ ahoɔ, tumi ma asafo no. Awurade, ma Yesu mmera yɛn ntam anadwo yi, ɛberɛ a yɛresiesie yɛn ho sɛ yɛbɛyɛ Awurade adidie a ɛregyina hɔ ama Ne nipadua a abubuo no. Yɛbɔ mpaeɛ, Awurade, sɛ Ɔbɛba abɛsra yɛn wɔ ɔkwan a ɛdutwam so…

Hyira afoforɔnom, Awurade, wɔ ewiase nyinaa, wɔn a wɔde anigyeɛ ɛretwɛn Awurade mmaeɛ no, asiesie ntemaban ano, atwitwi wisie dorobɛn no ho nyinaa, na Asɛmpa no ho hann no ɛrehyerɛn wɔ mmeaeɛ a ɛyɛ sum.

Momma yɛn nyinaa mfiri aseɛ nɔn-nsia anwumerɛ wɔ wo mpɔtam hɔ berɛ na tie Awurade Adidie Nkransɛm 63-02-04 na afei ɔdiyifoɔ no de yɛn bɛwura yɛne Awurade adidie ɛne ɛnan ase hohoro soronko som no, a ɛbɛbɔ wɔ Lifeline app (wɔ Borɔfo kasa mu), anaasɛ wobɛtumi adounloadu ɔsom no wɔ Borɔfo anaa kasa foforɔ mu ɛberɛ a woremia link yi a ɛwɔ aseɛ ha yi.

Nkransɛm no akyire no, yɛne yɛn mmusua bɛbom ahyia wɔ yɛn afie mu na yɛadi Awurade Anwummerɛ Aduane.

EFIADA

Momma yɛne yɛn mmusua nkɔ mpaebɔ mu wɔ anɔpa nɔn nkoron, ɛna afei ɛbio wɔ prɛmtoberɛ, ɛreto nsa aferɛ Awurade sɛ Ɔmɛka yɛn ho na Ɔmfa Honhom Kronkron no nhyɛ yɛn afie mu ma ɛberɛ a yɛretu yɛn ho ahyɛ No nsa no.

Momma yɛn adwene nom mmu nkɔmpɔ nkɔ saa da no wɔ Calvary, bɛyɛ mfie mpem mmienu a atwam no, na yɛnhunu yɛn Agyenkwa no sɛ Ɔsɛn asɛnnua no so, na afei yɛnhyɛ yɛn ho bɔ saa ara sɛ yɛbɛyɛ deɛ ɛsɔ Agya no ani daa.

Na saa da yi, esiane sɛ ɛho hia paa nti, nna a ɛho hia paa no mu baako, momma yɛnhwɛ nneɛma ahoroɔ mmiɛnsa ho asekyerɛ a saa da no wɔ ma yɛn. Yɛbɛtumi afa ɔhaha nom. Nanso, anɔpa yi, mayi nneɛma mmiɛnsa ahoroɔ a ɛho hia a yɛpɛ sɛ yɛhwɛ, wɔ ɛberɛ tia bi a ɛdi hɔ no mu ara kɛkɛ, a Calvary ɛde kyerɛɛ yɛn. Na mebɔ mpaeɛ sɛ ɛbɛbu ɔbɔnefoɔ biara a ɔwɔ hɔ no fɔ; Ɛbɛma ɔhotefoɔ biara akɔ ne nkotodwe anim; Ɛno bɛma ɔyarefoɔ biara ama ne gyidie so akɔ Onyankopɔn nkyɛn, na wasɔre akɔ apɔmudene mu; ɔdebɔneyɛni biara, anya nkwagyeɛ; deɛ wahwe aseɛ biara asan n’akyi, na n’ani awu ne ho; Na ɔhotefoɔ biara, di ahurusie, na ɔtimtim foforɔ ɛne anidasoɔ foforɔ.

Afei prɛmtoberɛ pae mu a, momma yɛnka mmom wɔ yɛn afie mu ntie; 63-03-23 Nsɔano A Ɛtɔso Nsia.

Afei momma yɛnsan nka mmom wɔ mpaebɔ mu wɔ ɔsom no akyi pɛɛ, ɛmfa nkae bɔ a wɔbɔɔ yɛn Awurade asɛndua no.

MEMENEDA

Momma yɛn nyinaa nka mmom bio wɔ mpaebɔ mu anɔpa nɔn nkoron ɛne prɛmtoberɛ, na yɛnsiesie yɛn akoma ma nnoɔma akɛseɛ a Ɔbɛyɛ ama yɛn wɔ yɛn ntam.

Metumi te sɛ Ɔka sɛ, “Satan, bra ha!” Ɔyɛ Boss seesei. Ɔtene Ne nsa, ɛsɔ saa owuo ɛne asamando safoa no ɛfiri ne nkyɛn mu ɛde sɛn Ɔno ankasa nkyɛn mu. “Mepɛ sɛ mebɔ wo kɔkɔ. Wayɛ ohunahunafoɔ akyɛ dodo. Me ne Onyankopɔn teasefoɔ no ba no a wɔwoo no Ɔbabunu no. Me mogya da so ara afɔ wɔ asɛnnua no so, na wɔatua ɛka no nyinaa! Wonni ɛhokwan biara bio. Wɔapa wo ho ntoma. Fa saa nsafoa no ma me!”

Afei prɛmtoberɛ paemu a, yɛn nyinaa bɛbom atie ASƐM no: 63-03-24M Nsɛmmisa Ne Mmuaeɛ A Ɛfa Nsɔano No Ho.

ƐDA KƆKƆƆ paa a saa da yi ɛrebɛyɛ ama N’Ayeforɔ a wɔwɔ wiase afannaa nyinaa.

Afei, moma yɛnsan nkamom wɔ mpaebɔ mu wɔ ɔsom no akyi pɛɛ.

KWASIADA

Moma yɛnni kan nsɔre ntɛm te sɛnea Onuabɛɛma Branham yɛɛ anɔpa a n’adamfo ketewa no, Robin, ɛnyanee no ahemakye nɔn num. Moma yɛnna Awurade ase kɛkɛ sɛ Wanyane Yesu afiri awufoɔ mu.

Anɔpa yi nnɔnnum, m’adamfo ketewa a ne bo ntakra kɔkɔɔ no tu bɛgyinaa mpoma no so ɛna ɔnyanee me. Ɛkɔ yɛɛ sedeɛ n’akoma ketewa no ɛbɛpae, ɔreka sɛ, “Wasɔre.”

Ɛbɔ anɔpa nɔn nkoron ɛne prɛmtoberɛ a yɛnka mmom prɛkopɛ bio wɔ yɛn mpaebɔ nkɔnsɔnkɔnsɔn no mu, ɛrebɔ mpaeɛ ma yɛn ho yɛn ho na yɛresiesie yɛn ho atie Onyankopɔn Nne

Prɛmtoberɛ pae mu a, yɛbɛbɛhyia mu atie yɛn Easter Nkransɛm: 63-03/24E Nsɔano A Ɛtɔ So Nson No.

Ɛbɔ nɔn mmiɛnsa a, momma yɛnsan nka mmom wɔ mpaebɔ mu bio, ɛreda N’ase wɔ NAAWƆTWE AWIEƐ NWANWASOƆ A ƆDE AMA YƐN ƐNE ƆNO ƐNE N’AYEFORƆ A WƆWƆ EWIASE AFANNAA NYINAA.

Ɛkɔ ma me nua mmarima ne mmaa a wɔwɔ amannɔne no, ɛte sɛ afe a ɛtwaa mu no, mɛpɛ sɛ mɛto nsa afrɛ wo sɛ wo ne yɛn nkamom wɔ Jeffersonville berɛ mu, wɔ mpaebɔ mmerɛ no nyinaa a ɛwɔ saa nhyehyɛeɛ yi mu no. Mmom, me hunu sɛ yɛrebɔ Tapes no wɔ Yawoada, Efiada ɛne Memeneda awia wɔ Jeffersonville berɛ mu no bɛyɛ den ama mo mu dodoɔ no ara, ɛnti mɛsrɛ sɛ momɔ saa Nkransɛm wɔ ɛberɛ a ɛyɛ ma mo mu. Nanso, mɛpɛ sɛ yɛn nyinaa yɛbɛka abom Kwasiada prɛmtoberɛ apae mu ɛwɔ Jeffersonville berɛ, na yɛtie yɛn Kwasiada Nkransɛm no abom.

Mepɛ nso sɛ mɛto nsa afrɛ wo ne wo mma sɛ mode mo ho bɛhyɛ adebɔ nwumadie no, dabiara atwerɛtwerɛ ɛne YF quizzes, a w’abusua no nyinaa bɛtumi abom anya mu anigyeɛ. Yɛdwene sɛ w’ani bɛgye ho sɛdeɛ wɔn nyinaa gyina ASƐM no a yɛbɛtie nnawɔtwe yi awieɛ no so.

Sɛ wopɛ nnawɔtwe yi awieɛ nhyehyɛeɛ no nsɛnkaeɛ a ɛfa ahosiesie a wɔyɛ ma Awurade Adidie som no ho a, nneɛma a ɛbɛhia ama adebɔ ho nnwumadie no, Easter Quizzes, ne amanebɔ afoforɔ a, hwɛ links a ɛwɔ aseɛ hɔ no.

Moma yɛnumnum yɛn nkratofidie nom ɛma Easter nnawɔtwe awieɛ yi gyesɛ wode ɛretwa mfonini, ɛde tie N’anum Asɛm Ɛnnɛ Da Yi, anaa sɛ wode ɛrebɔ Tapes afiri Table app, Lifeline app, anaasɛ downloadable link.

Ɛyɛ nidie a ɛte saa ma me sɛ mɛto nsa afrɛ wo ne w’abusua sɛ ɛne Ayeforɔ a wɔwɔ ewiase afannaa nyinaa nkamom wɔ nnawɔtwe awieɛ a ƆSƆREƐ, AYƐYIE, ƐNE AYARESA AHYƐ MU MA. Megye di sɛ ɛyɛ nnawɔtwe awieɛ ampa a ɛbɛsesa w’abrabɔ afebɔɔ.

Onuabɛɛma Joseph Branham .

25-0413 Nsɔano A Ɛtɔ So Num

Adɔfoɔ A Moregye Ahomeɛ,

Yɛwɔ ha. Yɛaduru. Asɛm no a wɔasi so dua no ada no adi sɛ yɛn Adiyie a ɛwɔ Nkransɛm yi mu no firi Onyankopɔn hɔ. Yɛwɔ NEPƐ A ƐWIE PƐYƐ no mu ɛnam sɛ yɛne Onyankopɔn Nne a ɛwɔ tapes so no ɛretena.

Sɛnea ɛho hia sɛ wobɛ Press Play? Nsɛm a yɛretie no wɔ tapes no so no ɛho hia ara ma, ɛyɛ kronkron ara ma, sɛ Onyankopɔn ankasa antumi anya ɔbɔfoɔ mpo mu awerɛhyɛmu…ɛnyɛ Ne soro abɔfoɔ no mu baako mpo sɛ Ɔde bɛsoma no. Na ɛsɛ sɛ wɔda no adi na Ɔnam Ne diyifoɔ so ɛde brɛ N’Ayeforɔ, ɛfirisɛ ɔno ne onipa ko a Onyankopɔn Asɛm ba ne hɔ, Ne diyifoɔ, NKUTOO

Onyankopɔn tetee Nsɔano no ano, ɛsiane gyaae mu maa N’asaase so bɔfo-somafoɔ a ɔto so nson no, ɛna Ɔdaa adiyisɛm nwoma no nyinaa adi kyerɛɛ no. Afei, Onyankopɔn nam N’asaase so bɔfoɔ so kasaeɛ na Ɔdaa BIRIBIARA adi kyerɛɛ N’Ayeforɔ.

Wɔaka ɛmu nkyerɛkyerɛmu ketewa biara ho asɛm na wɔada no adi akyerɛ yɛn. Onyankopɔn ani kuu yɛn ho pii ara ma sɛ ɛnyɛ deɛ asi wɔ asase so ha yi ɛfiri ɛberɛ mfitiaseɛ nko ara na Ɔka kyerɛɛ yɛn, mmom Ɔnam Ne bɔfoɔ so ɛka kyerɛɛ yɛn deɛ ɛrekɔ so wɔ baabi te sɛ paradise mprempren yi.

Na Ɔmpɛ sɛ yɛha yɛn ho, anaasɛ yɛn adwene mu ɛnyɛ yɛn naa ɛfa deɛ daakye ɛwɔ ma yɛn sɛ yɛfiri asase so ntamadan yi mu a. Enti, Onyankopɔn ankasa faa Ne bɔfoɔ hoɔdenfoɔ a ɔto so nson no kɔɔ ɛberɛ twamutam akyi, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛtumi ahunu, anya Ɛmu atenka, mpo ɔne ɔɔmo kasaaeɛ wɔ Hɔ. Na ɛnyɛ anisoadehunu, na ɔwɔ HƆ.

Onyankopɔn de no kɔɔ hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛsan n’akyi aba abɛka akyerɛ yɛn: “Na me wɔ hɔ, Me hunuuiɛ. Ɛrekɔ so MPREMPREN YI …. Yɛn maame nom, yɛn papanom, nnua mmarima nom, nnua mmaa nom, mma mmarima, mma mmaa, ɛyerenom, okunu nom, nana nom, Mose, Elia, AHOTEFOƆ NO NYINAA a wɔkorɔ no hyehyɛ Ntade Fitaa wɔ hɔ wɔregye wɔn ahome, ɛretwɛn yɛn”.

Yɛrensu bio, ’firisɛ Ɛbɛyɛ anigyeɛ nko ara. Yɛwerɛ nho bio, ‘frisɛ ɛbɛyɛ ahosɛpɛ nko ara. Yɛnwu da, ’firisɛ ɛyɛ nkwa nko ara. Yɛntumi mmɔ nkɔkora, ’firisɛ yɛn nyinaa bɛyɛ mmabunu afebɔɔ.

Ɛyɛ deɛ ɛwie pɛyɛ…ɛkabɔ deɛ ɛwie pɛyɛ mu…ɛkabɔ deɛ ɛwie pɛyɛ mu, na yɛrekɔ hɔ!! Na ɛte sɛ Mose no, yɛnnya nansoaa tɔte mpo, YƐN NYINAA ƐREKƆ…YƐN ABUSUA NYINAA.

Sɛnea ɛhia sɛ wo bɛDƆ saa ɔbɔfoɔ hoɔdenfoɔ a ɔtɔ so nson no?

Na Ɛteaa mu, kaa sɛ, “Wɔn a wodɔɔeɛ nyinaa da…” me som so akatua. Menhia akatua biara. Ɔkaa sɛ, “ Dodoɔ a wo dɔɔ wɔn, ɛne dodoɔ a wɔdɔɔ wo da nyinaa, Onyankopɔn de ama wo.

Momma yɛnkenkan ɛno bio mesrɛ mo: ɛdeɛn na Ɔkaeɛ?…..Onyankopɔn de ama WO!!

Na yɛbɛka wɔn ho na yɛne wɔn atea mu, “Yɛregye yɛn ahome Wɔ Ɛno so”

Ahomegyeɛ bɛn so na yɛde yɛn nkwanna a ɛnni awieɛ no ɛresie? ASƐM BIARA A WƆKAA NO WƆ TAPES NO SO. Meda Awurade ase paa sɛ Wama yɛn Nokorɛ Adiyie a ɛkyerɛ sɛ Pressing Play ne adeɛ a ƐHO HIA PAA a ɛsɛ sɛ Ayeforɔ no yɛ.

Wobɛpɛ sɛ wo ne yɛn bɛhome? Bra bɛka yɛn ho Kwasiada wei prɛmtoberɛ wɔ Jeffersonville berɛ mu ɛberɛ a yɛtie ɛfa deɛ daakye wɔ nyinaa ho, baabi a yɛrekɔ, ɛne sɛnea yɛbɛkɔ hɔ, ɛberɛ a yɛtie Onyankopɔn Nne sɛ Ɛkasa na ɛbue: Nsɔano A Ɛtɔ So Num no so Nkransɛm a ɔkaa no Ɔbɛnem da a ɛtɔ so aduonu mmienu wɔ afe apem ahankoron aduosia mmiɛnsa mu.

Onubarima Joseph Branham

Twerɛnsɛm a wobɛkeken ansa na watie Nkransɛm no:
Daniel 9:20-27
Asomafoɔ Nnwuma 15:13-14 .
Romanfoɔ 11:25-26 .
Adiyisɛm 6:9-11 / 11:7-8 / 22:8-9.