Category Archives: Uncategorized

26-0322 Awadeɛ Ɛne Awaregyaeɛ

Nkransɛm: 65-0221M Awadeɛ Ɛne Awaregyaeɛ

PDF

BranhamTabernacle.org

Ayeforɔ Dɔfoɔ a Wɔasa Mu, Wɔayie, na Wɔahyɛ ato hɔ:

Mekae sɛ aberantewaa a na merenyini no, na merebɔ mmɔden sɛ mɛyi tape bi a mɛtie. Ɛberɛ a merekenkan ɛdin nom a ɛdedasoɔ no, ɛberɛ biara na medwene sɛ, mentie Awareɛ ne Awaregyaeɛ, ɛfiri sɛ ɛne me nni hwee yɛ; nnipa a wɔn awareɛ nko ara.

Afei da koro bi, ɛberɛ a na meretie Awareɛ ne Awaregyaeɛ no, Agya maa me Adiyie ma saa Nkransɛm no. Ne ngosra no baa m’akoma mu. Ɔne merekasa. Saa Nkransɛm yi YƐ me dea. ƆREka akyerɛ me sɛ Ɔyii me ansa na ewiase fapem. Wei ne m’awaregyeɛ afahyɛ. Mempɛ obiara gye Ɔno. Meyɛ nokwafoɔ na medi nokorɛ ma No, ɛne N’Asɛm, ɛne Ne Nne, NKUTOO. Yɛyɛ BAAKO.

Ampa ara na saa Nkransɛm yi kɔma anuanom mmarima ne mmaa bebree a na wɔn awareɛ na seesei wɔn agyae awareɛ no, ɛna Ɔreka deɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ kyerɛ wɔn; nanso na nteaseɛ bi a na ƐWIE DU NA ƐYƐ KƐSEƐ koraa wɔ hɔ, na ɛsõ koraa, na ɛwɔ tumi kɛseɛ pii.

Na Okunu baako na Ɔwɔ hɔ, na na Ɔrefrɛ na Ɔrekasa kyerɛ N’Ayeforɔ a wɔayi wɔn bebree. NA ONYANKOPƆN NNE REFRƐ N’ASƐM AYEFORƆ KORƆGYENN, A WƆNFRAFRA MU. Deɛ onipa nguu ne ho fi anaa sɛ nsa nkaaeɛ. Obi a ɔyɛ nokwafoɔ na ɔdi nokorɛ ma Ɔno ɛne N’Asɛm nko ara. Ɔnii ko a na ɔwɔ abotɔyam koraa ma Ɔno ne Ne Nne.

Ɛnam N’Adom ne Mmɔborohunu so no, ɛnnɛ yɛbɛtumi aka, a adwenem naayɛ ho sunsum baako nni mu sɛ, YƐYƐ N’AYEFORƆ BAABUNU ASƐM. ANIMUONYAM!!

Ɔpɛɛ sɛ Ɔnya ahotɔsoɔ sɛ ano biara a ɛnsii pɔ nni hɔ sɛ ɛba sɛ Ɔrefrɛ N’Ayeforɔ a, enti Ɔno Ankasa baaeɛ na Ɔbɛtenaa onipa honam mu sɛ Ɔbɛda N’Asɛm adi na Wafrɛ N’Ayeforɔ no ama Ne ho. Na Ɔno ne Eliezer a Ɔbɛyi Ɔno Ankasa Ayeforɔ.

Sɛnea ɛbɛyɛ na yɛahwɛ ahunu sɛ ɔkwan biara nni hɔ a ɛbɛma y’ɛadwene mu ayɛ yɛn kesenaa ɛfa ɔnii a na ɔne yɛn wɔ awareɛ ayɔnkofa no, Ɔno Ankasa daa Ne nipa a Wayie mu nokorɛ adi ɛberɛ a Ɔnam mmoatia mframa a ɛsensɛn dua bi mu kasa kyerɛɛ no no. Afei Ɔkasa kyerɛɛ no ​​wɔ anikan pefee so wɔ Ohio Asubɔnten no so wɔ mpempem pii anim.

Ɔmaa Ɔne no twaa mfonini mpo sɛnea ɛbɛkyerɛ na aka akyerɛ wiase, MEKA KYERƐƐ MO SƐ MƐSAN ABA BIO NA MABƐTENA HONAM MU. ƆNO NE ƆNII A MEYII SƐ MƐTENA NE MU, SƐ MƐFRƐ MO SƐ MO MMƐYƐ M’AYEFORƆ. ƐNYƐ ƆNO; ƐYƐ ME A MENAM NE SO REKASA. MEDE NE NNE REYƐ ME NNE KƐKƐ AMA MO. ME NE ƆNII A WAFRƐ MO NA ƆREMA MO AWIE PƐYƐ SƐ MO BƐYƐ M’AYEFORƆ A ƆWIE PƐYƐ.

Saa Nkransɛm yi Adiyie, N’Asɛm, Ne Nne, ɛna seesei nnipa ko a YƐYƐ no boro nnipa nsɛmfua so sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛkyerɛ mu a. Menim sɛ monim deɛ mereka no pɛpɛɛpɛ. Ohwim mu Gyidie rekɔ so. Ayeforɔ no resiesie Ne Ho ɛnam sɛ ɔretena Onyankopɔn Ankasa animpa, rema no wie pɛyɛ.

Akwanya paa bi a wiase wɔ sɛ wɔbɛtie Onyankopɔn Nne sɛ ɛkasa kyerɛ wɔn; sɛ yɛbɛtena ase na yɛatie Asɛm koro biara ɛberɛ a Ɔkasa na Ɔda N’Asɛm adi na Ɔka kyerɛ yɛn nnipa ko a yɛyɛ. Biribiara nni hɔ a ɛte sɛ sɛ wobɛtena N’animpa, enti bra bɛka yɛn ho Kwasiada prɛmtoberɛ wɔ Jeffersonville berɛ mu, ɛberɛ a yɛte sɛ Ɔkasa kyerɛ N’Ayeforɔ, Nkransɛm no, “Awareɛ Ne Awaregyaeɛ”- 65-0221M.

Onuabarima Joseph Branham

Twerɛnsɛm a wobɛkeken ansa na watie Nkransɛm no:

Ɔhoteni Mateo 5:31-32 / 16:18 / 19:1-8 / 28:19
Asomafoɔ no Nnwuma 2:38
Romanfoɔ nwoma 9:14-23
Timoteo nwoma a ɛdikan 2:9-15
Korintofoɔ nwoma a ɛdikan 7:10-15 / 14:34
Hebrifoɔ 11:4
Adiyisɛm 10:7
Genesis etire mmiɛnsa
Leviticus 21:7
Job 14:1-2
Isaiah 53
Hesekiel 44:22.

26-0315 Baabi A Onyankopɔn Ayi Sɛ Wɔnsom

Nkransɛm: 65-0220 Baabi A Onyankopɔn Ayi Sɛ Wɔnsom

PDF

BranhamTabernacle.org

Dɔfoɔ Owura Yere Yesu Kristo,

Ɛda no nie. Ɛberɛ no nie. Onyankopɔn somaa Ne ɔkɔdeɛ hoɔdenfoɔ baa asase so sɛ ɔmfrɛ Ne Owura Yere Yesu Kristo, sɛ ɔmmɛkasa na ɔnka nkyerɛ No sɛ, “Wo ne ONII ko a Me yiieɛ no. Wo ne ONII a medɔ no no. Wo ne M’Ayeforɔ baabunu Asɛm a ɛwie Pɛyɛ no. Yɛyɛ BAFUA.”

Sɛ yɛretie saa nsɛm no ara kɛkɛ no, yɛn akoma nom huri bɔ ose. Wo dwene ho a, ewiase mu nyinaa, ɛne ɛmu nnipa ɔpepem ne ɔpepem pii no, Owura Yere Yesu Kristo BAAKO pɛ na ɛwɔ hɔ, na WO ne Ɔno, ONII a Ɔrebɛfa no no.

Ɔsom beaeɛ BAAKO pɛ na wɔayi ato hɔ. Nkransɛm a ɛwie pɛyɛ BAAKO pɛ na wɔayi ato hɔ. AYEFORƆ A ƆWIE PƐYƐ BAAKO PƐ na wɔayie…NA ƐNO ƐNE YƐN!!

Agya wɔ ɔsom beaeɛ BAAKO a Wayi ato hɔ, Awurade Yesu Kristo; Ɔno ne Asɛm no. Na ɛnnɛ yi, beaeɛ BAAKO pɛ na honhom mu owuo ntumi mmɔ: Asɛm no. Owuo ntumi mmɔ Asɛm no, ɛfiri sɛ Ɛyɛ Onyankopɔn Asɛm a Ɛte Ase.

Owura Yere Yesu Kristo nkutoo na wɔada Adiyie mua a ɛwɔ saa Asɛm a Ɛte Ase no akyerɛ no. Beaeɛ BAAKO pɛ na wɔayi ato hɔ a Owura Yere Yesu Kristo bɛtumi akɔ na watie ASƐM A ƐWIE PƐYƐ A WƆAKA. Odiyifoɔ BAAKO pɛ na wɔayi no sɛ ɔnyɛ Onyankopɔn Nne. Beaeɛ BAAKO pɛ na Owura Yere Yesu bɛtumi akɔ na watie, SƐ AWURADE SEƐ nie: PRESS PLAY.

Ɛbɛyɛ Hann anwummerɛ berɛ no, Onyankopɔn beaeɛ nkutoo a Wayi ama ɔsom. Oh, ɛdeɛn nti na saa Nkransɛm yi aba, ɛdeɛn na Ɔrekɔyɛ? Na Ne da mu no ɛbɛyɛ Hann anwummerɛ berɛ mu, na (ɛdeɛn?) sɛ Ɔbɛma Ne mma akwaaba asan aba fie aba nokorɛ bɔhyɛ Asase no so, ɛnam Ogya Fadum nsɛnkyerɛnneɛ korɔ no ara a ɛdii Israel mma anim ɛwɔ ɛserɛ no so no.

Ahwɛyie paa a ɛsɛ sɛ N’Ayeforɔ ɛyɛ sɛ wɔbɛdi akyire na wɔatie Ne Kunu Nne sɛ ɛkasa kyerɛ No. Beaeɛ BAAKO pɛ na yɛbɛtumi akɔ na yɛanya awerɛhyɛmu ɔha mu nkyekyɛmu ɔha. Ɛnne BAAKO pɛ na ɛwɔ hɔ a yɛde yɛn akwantuo a ɛnni awieɛ no ato so.

Owura Yere Yesu Kristo gye di sɛ Nsɛm a Ɔte wɔ tapes no so no yɛ Ne Kunu Nsɛm. Ɔgye di sɛ Ne Nsɛm no nhia nkyerɛaseɛ biara. Ɛne sɛ, Ɔgye di sɛ beaeɛ BAAKO pɛ na wɔde ama a Ɔbɛtumi akɔ na waka AMEN ama Asɛm biara, Ne Kunu Nne a ɛwɔ tapes no so.

Prɛko bio, Owura Yere Yesu Kristo, a wɔwɔ wiase nyinaa bɛtumi aka sɛ, “Saa da yi, saa Asɛm a wɔaka yi, rehyɛ ma”.

Me Nyankopɔn, ɛsiane twa mu ɛserɛ no so Tucson hɔnom, California akyirikyiri hɔnom, foro kɔ Nevada ne Idaho, ɛkɔ ara kɔ Apueɛ ne deɛ atwa ho ahyia, siane ba Texas; ɛberɛ a wɔrema saa nsatoɔ yi, nkorɔfoɔ tete wɔ—wɔn nsɔre nketewa mu, filling stations, afiefie mu, retie.

Yɛto nsa frɛ wo sɛ bra ɛne Branham Tabernacle mɛtie wɔ prɛmtoberɛ Jeffersonville berɛ mu, ɛberɛ a yɛtie Onyankopɔn sɛ Ɔkasa kyerɛ N’Ayeforɔ a wɔayi no, Nkrasɛm no: “Ɔsom Beaeɛ A Onyankopɔn Ayi Ato Hɔ”.
65-0220.

Onuabarima Joseph Branham.

Twerɛnsɛm: Deuteronomium 16:1-3.

26-0308 Ɛnnɛ Da Yi Na Twerɛsɛm Yi Aba Mu

Nkransɛm: 65-0219 Ɛnnɛ Da Yi Na Twerɛsɛm Yi Aba Mu

PDF

BranhamTabernacle.org

Dɔfoɔ Ɔdehyeɛ Aba A Ɛkorɔn,

Ɛberɛ a yɛde ahopepereɛ atwɛn na yɛn kɔn adɔ no adu. Yɛaduru. Yɛhu sɛ ani reda hɔ wɔ yɛn ani so. Da biara nkɔmhyɛ rehyɛ ma, na yɛbɛtumi aka sɛ: SAA DA YI SAA TWERƐSƐM YI AHYƐ MA WƆ YƐN ANI SO.
Nkanyan paa a ɛnam Adiyie so rekɔ so wɔ Ayeforɔ no ho. Nkransɛm baako biara a yɛtie no, yɛte nka wɔ yɛn akoma ne yɛn kra nom mu, “Ɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ kɛseɛ na ɛyɛ nwonwa biara, Awurade?” Afei Ɔba yɛn ntam prɛko bio na wabɛma yɛn ngosra ɛberɛ a yɛtie Ne Nne ɛfrɛ yɛn na Ɛka sɛ, “Mo yɛ M’akoma mu Dɔfoɔ. Meyii Mo sɛ Mobɛyɛ M’Ayeforɔ. Sɛnea mehyɛɛ Mo bɔ no, Merebɛfa Mo. Menam Me kwan so. Ɛnkyɛ Yɛbɛbom wɔ Ɛnni-awieɛ mu”

Yɛteɛteɛm firi wiase afannaa nyinaa, a yɛretu ahum wɔ Ɔsoro de yɛn hallelujah nom, Animuonyam nom, ayeyie nom, ɛne ɔsom a yɛde ma No no. Satan adi nkuguo. Agya ayi yɛn adwene mu naayɛ nyinaa, deɛ yɛwɔ a na ɛnsisipi nyinaa, deɛ na yɛbubu wɔ yɛn adwene mu afiri hɔ. Yɛbɛtumi de yɛn akoma ne yɛn kra nyinaa abɔ dawuro sɛ, YƐN na YƐYƐ Abraham Adehyeɛ Aba a Ɛkorɔn no. Adehyeɛ Ayeforɔ ma Adehye-bɔhyɛ Ba no.

Awurade animpa no ayɛ nwanwasoɔ yie ɛberɛ a Ɔda N’Asɛm adi kyerɛ yɛn sɛdeɛ ɛbi nsii da. Ɔde N’Asɛm aka N’Ayeforɔ no abom, na Ɔde yɛn awura Adwene baako ɛne nteaseɛ baako mu sɛ ɛkoro bafua, retie Onyankopɔn Nne a ɛkasa na ɛnam N’Asɛm so ma yɛn ɛwie pɛyɛ.

Nkransɛm baako biara a yɛtie no te sɛ asutire a ɛrepu ba wɔ yɛn kra mu; ɛretu, ɛrepia, ɛrehuru foforɔ ɛfiri Onyankopɔn Ahenwa no so. Yɛrenom na yɛrenom na yɛrenom, rema yɛn kra nom ahoɔden.

Me Nuammarima ne Mmaa, yɛn na yɛyɛ Twerɛsɛm a ɛka sɛ Ɔbɛnya Asɛm Ɔbaabunu Ayeforɔ no a ahyɛ ma no. Yɛyɛ: Saa da yi saa Twerɛsɛm yi ahyɛ ma.

Onyankopɔn Ankasa firii Ɔsoro kasa kyerɛɛ Ne bɔfoɔ a ɔtɔ so nson no na Ɔkaa sɛ, “Sɛdeɛ wɔsomaa Yohane Suboni sɛ ɔnkɔdi Kristo Mmaeɛ a ɛdi kan no anim no, saa ara na wo Nkransɛm no bɛdi Ne Mmaeɛ a ɛtɔ so mmienu no anim, akɔ wiase nyinaa.” Ayeforɔ no bɛtumi aka sɛ: Saa da yi saa Twerɛsɛm yi ahyɛ ma.

Yɛbɛtumi ate aseɛ sɛ Onyankopɔn Nne ankasa nam nipa ano so akasa, atwe agu ahoma so, na wɔakora so ɛwɔ yɛn da yi mu sɛnea ɛbɛyɛ a Ɔbɛtumi akasa akyerɛ yɛn mu baako biara Sɛ Awurade Seɛ nie? Wama ayɛ yie sɛ ɛho nhia sɛ yɛbɛfa obiara asɛm, obiara adwene, obiara nsusueɛ, tena ase kɛkɛ na tie Ne Nne a Ɛka N’Asɛm Korɔgyenn no kyerɛ yɛn tẽẽ.

ƐDEƐN NA ƐREKƆ SO NNƐ YI?

Na Onyankopɔn (B-A) S-o-n korɔ no ara a ɔfirii apueɛ fam baaeɛ na Ɔbɛdaa Ne mu nokorɛ adi sɛ Onyankopɔn a Ɔdaa adi wɔ honam mu no, yɛ Onyankopɔn (B-A) S-o-n korɔ no ara wɔ ɛhanom atɔeɛ fam asase so no, a Ɔreyi Ne ho akyerɛ wɔ asafo no ntam anadwo yi, te saa ara ɛnora, ɛnnɛ ɛne daapem. Ɔba no anwummerɛ Hann no aba. Saa da yi saa Twerɛsɛm wei ahyɛ ma wɔ yɛn anim.

ANYABIA YƐWƆ ONYANKOPƆN PƐ A ƐWIE PƐYƐ MU ƐNAM SƐ YƐREKA NA YƐREGYEDI SƐ: “WOREBƆ TAPES NO ƐNE ONYANKOPƆN KWAN A ƆDE AMA N’AYEFORƆ NO”?

ANYABIA BIRIBI WƆ HƆ ƐYƐ KƐSEƐ KYƐN SƐ WORETIE TAPES NO?

Ɛberɛ nyinaa wɔde Onyankopɔn gyina wɔ mmiɛnsa mu, sɛnea mekaeɛ anadwo a ɛtwaa mu no. Na Sodomfoɔ, Lɔtofoɔ ɛne Abrahamfoɔ wɔ hɔ. Ɛwɔ gyinabea korɔ no ara mu anadwo yi, wiase tebea no te saa ara.

Hyɛ no nso, Ɔnii no a Ɔtenaa Abraham nkyɛn no na Ɔyɛ Onyankopɔn Ankasa. Na afoforɔ mmienu no yɛ Abɔfoɔ somafoɔ.

ENTI HWAN NA ƆREKASA WƆ TAPES SO KYERƐ YƐN NO?

Ma memmisa wo biribi. Afei hwɛ nhyehyɛeɛ wei. Abraham frɛɛ saa Ɔbarima yi a Ɔkasa kyerɛɛ no no sɛ, “Elohim.” Hebri asɛmfua Elohim kyerɛ “Ɔnii no a Ɔdɔɔso no, Ɔnii no a Ɔnni Awieɛ no,” Elohim, Onyankopɔn Ankasa!

SƐN PAA NA ƐHIA SƐ WOBƐ PRESSE PLAY?

… “da bi Honhom Kronkron no bɛba abɛyɛ ade korɔ no ara, na sɛ woka asɛm baako tia No a, wɔremfa nkyɛ no da.” Ɛno ne ɛnnɛ da yi, a ɛsɛ sɛ Asɛm biara ɛsɛn bom. “Ka asɛm bi tia No, wɔremfa nkyɛ da wɔ wiase wei mu anaa wiase a ɛbɛba no mu.”

Yɛn naawɔtwe a ɛtwaa mu hallelujah nom no ɛne Awurade ayɛyie no na ɛyɛ ahosiesie kɛkɛ a ɛbɛma yɛn ayɛ krado ama deɛ ɛrebɛkɔ so Kwasiada wei, ɛberɛ a prɛko bio Ayeforɔ no ka bom na wɔtie ONYANKOPƆN a Ɔrehyɛ yɛn nkuran na Ɔrema yɛn awerɛhyɛmu sɛ yɛyɛ wɔn a Wayi wɔn no, na ɛnkyɛ Ɔrebɛfa yɛn akɔ yɛn Ayeforohyia Anwummerɛ Apontoɔ kɛseɛ no ase, afei yɛn Daakye Fie.

Wei ne ɛda a AWURADE ayɛ; yɛbɛdi ahurusie na yɛagye y’ɛani wɔ mu.

Onuabarima Joseph Branham.

Nkransɛm: Ɔgyefuo da a ɛtɔ so du nkoron afe apem ahankoron aduosia num (65-0219)- “Saa Da Yi Twerɛsɛm Wei Ahyɛ Ma”.

Twerɛnsɛm:
Ɔhoteni Yohane Etire du nsia
Isaiah 61:1-2
Ɔhoteni Luka 4:16.

26-0301 Aba No Ɛne Ɛhono No Renni Adeɛ Mmɔ Mu

Dɔfoɔ Ɔbaabunu Asɛm Ayeforɔ,

Mete ha anɔpa yi a merenya ngosra mu atenka bi a ɛte saa ɛberɛ a metie, ɛkenkan na mesua saa Nkransɛm yi a Ayeforɔ no bɛtie Kwasiada. Me nipadua no nyinaa anya ngosra. M’akoma de anigyeɛ redi ahurusie a ɛte saa sɛnea menim, YƐN NYINAA DE NGOSRA KORƆ YI ARA BƐBOABOA YƐN ANO ABOM AFIRI WIASE AFANAA. Yɛbɛwɔ anigyeɛ mu, reyi Awurade ayɛ, ne nyinaa wɔ ɛberɛ korɔ mu, ɛberɛ a Ɔkasa kyerɛ yɛn mu baako biara na Ɔda N’Asɛm adi.

Ngosra no bɛyɛ kɛseɛ ara ma nkekamu ɛne nteatea mu bɛsi, “halelujah, amen, kamfo Awurade Din no” wɔ ewiase afanaa nyinaa wɔ ɛberɛ korɔ mu, ɛberɛ a yɛde yɛn ayɛyie nom ɛne yɛn som rebɔ aprɔ wɔ Ɔsoro.

Ɛdeɛn na ɛbɛsie? Onyankopɔn rebɛkeka N’Ayeforɔ abɔ mu na Wakasa akyerɛ wɔn. Yɛbɛyɛ Ɛkoro Bafua, wɔ adwene baako ɛne nteaseɛ baako mu ɛberɛ a Ɔda no adi na Ɔyi Ne ho adi kyerɛ yɛn.

Beaeɛ kɛseɛ biara nni hɔ a wobɛtumi akɔ, Ɛnne kɛseɛ biara nni hɔ a wobɛtumi atie; ngosra kɛseɛ biara nni hɔ a ɛsõ kyɛn Onyankopɔn Nne a ɛrekasa kyerɛ wo tẽẽ wɔ tapes no so.

Onyankopɔn ahwɛ N’Asɛm so firi mfitiaseɛ no na wama baabi a Ne mma nyinaa bɛtumi akɔ na wɔatie sɛ Ɔrekasa na Ɔkyerɛkyerɛ Ɔno ara Asɛm ase. Beaeɛ bi a ɛyɛ me sɛ, mewɔ anidasoɔ, mepɛ sɛ mehunu biara nni hɔ; Ɛyɛ Onyankopɔn beaeɛ a Ɔde ama sɛ tie SƐ AWURADE SEƐ NIE.

Sɛ wɔda no adi kyerɛ wo a, ɛte sɛ kanea kɛseɛ bi a wɔasɔ wɔ w’akoma ne wo kra mu…woteɛm sɛ, “ɛno nie. Mehunu. Me ne ONII NO A ƆNE ASƐM NO WƆ HƆ NO. ME NE ASƐM NO. ME NE AYEFORƆ NO. MADURU.”

Ɛrekɔ so, na wɔnnim. Hwɛ, ɛno ara ne no. Moahu? Yiw, owura. “Na baabi a Ɛnam-mono wɔ no, ɛhɔ na akɔdeɛ no bɛboaboa wɔn ano,” ampaniampaa ɛte sɛ wiase no. Moahu? Ɛno ne deɛ Ɛkaeɛ. Ɛdeɛn ne nam-mono no? Asɛm no. Ɔno ne Asɛm no, Ɛnam-mono no, Kristo! “Kristo a Ɔwɔ wo mu,” te saa ɛnora, ɛnnɛ ɛne daapem. Nokorɛ paa a Ɛyɛ!

Ɛberɛ a yɛboa yɛn ano sɛ yɛbɛtie Asɛm no, yɛn dadwene nyinaa, yɛn adwennwene nyinaa, yɛn haw nyinaa yera kɛkɛ. Yɛn ani gye ɛberɛ a yɛhunu sɛ yɛnni biribiara a ɛsɛ sɛ yɛha yɛn ho wɔ ho; yɛyɛ N’Ayeforɔ. Ɛnyɛ sɛ Ɔka yɛn ho nko ara, MMOM ƆWƆ YƐN MU. YƐN NA YƐYƐ ABA ASƐM AYEFORƆ NO. Biribiara yɛ deɛ ɛwiɛ pɛyɛ. Ne berɛ nhyehyɛeɛ wie pɛyɛ. Yɛwie pɛyɛ.

Yɛbo atɔ yɛn yam paa na yɛn ani asɔ paa sɛ yɛbɛka sɛ yɛyɛ N’Asɛm baabunu a wɔawo no a wɔada no adie; Yesu Kristo te saa ɛnora, ɛnnɛ ɛne daapem, Ɔwɔ yɛn mu ɛna Ɔte yɛn mu. Haleluia!

Yɛntumi ngo yɛn mudie mu wɔ ASƐM BAAKO HO. Ɛsɛ sɛ yɛtie Onyankopɔn Nne a ɛwɔ tapes so no.

Anyabiaa wohunuu ɔkɔdeɛ bi a wago ne mmudie mu pɛn? Dabi, owura. Mmudie ngogoeɛ biara nni ne mu. Saa ara na Kristoni kann nso ɛnyɛ saa. Ɔnyɛ mmerɛ. Ɔbɛkɔ ahayɔ kɔsi sɛ ɔbɛnya No. Amen. Yiw, owura. Ɔbɛnya ne Nam. Ɔpɛ Manna a ɛyɛ foforɔ. Ɔbɛsiane aba fam hɔ na wahwehwɛ kɔsi sɛ ɔbɛnya No. Ɔbɛtu akɔ ɔsoro na wakɔ soro. Sɛ biribibiara nni bonhwa wei mu a, ɔbɛma ne ho so akɔ soro kakra. Dodoɔ a wokɔ soro no, dodoɔ no ara na wotumi hunu. Enti ɛberɛ aso sɛ akɔdeɛ a wɔwɔ hɔ ɛnnɛ no ɛtu kɔ soro, hwehwɛ Onyankopɔn bɔhyɛ nom mu, ɛnsɛ sɛ monam mpɛtɛ aduane a wɔkumm no mfie bi a atwam so tena ase; firi mu fi.

Siesie wo ho Ayeforɔ, yɛbɛdi saa Manna foforɔ no, ɛberɛ a yɛretena ngosra kɛseɛ paa ɛwɔ hɔ no ase, Kwasiada yi wɔ prɛmtoberɛ ɛwɔ Jeffersonville berɛ mu ɛberɛ a yɛtie Aba No Ɛne Ɛhono No Renni Adeɛ Mmɔ Mu 65-0218.

Yɛto nsa frɛ Ayeforɔ no firi ewiase afanaa sɛ wɔmmɛka yɛn ho mma yɛnto nsa nnidi wɔ Onyankopɔn Kwan a ɛwie pɛyɛ a Ɔde ama ɛnnɛ no so. Beaeɛ baako pɛ a AYEFORƆ no bɛtumi agye Asɛm biara so amen. Faako a Honhom Kronkron ngosra a ɛkorɔn no kasa na Ɛma N’Ayeforɔ no wie pɛyɛ ɛnam Pressing Play so na woretie na woregye N’Asɛm.

Onuabarima Joseph Branham.

Twerɛnsɛm:
Ɔhoteni Mateo 24:24
Ɔhoteni Luka 17:30
Ɔhoteni Yohane 5:24 / 14:12
Romafoɔ 8:1
Galatifoɔ 4: 27-31
Hebrifoɔ 13:8
1 Yohane 5:7
Adiyisɛm 10
Malaki 4.

26-0222 Onipa A Ɔredwane Afiri Awurade Animpa

Dɔfoɔ Nwammaa,

Animuonyam ne akwanya paa a ɛyɛ sɛ yɛbɛka sɛ, “Yɛyɛ Onyankopɔn nwammaa, a Ɔsomaa Ne bɔfoɔ somafoɔ a ɔtɔ so nson sɛ ɔmfrɛ na ɔmma no aduane a ɛyɛ Ne Manna a ahinta na wakora no.”

Yɛbo atɔ yɛn yam na yɛgye di sɛ saa Nkransɛm yi yɛ Onyankopɔn Nne a wɔasoma sɛ ɛnkɔma N’Ayeforɔ no nwie pɛyɛ. Yɛgye di sɛ ɛhono no rehwane firi ayuo no ho, na seesei N’Ayeforɔ no da Ɔba no Animpa, a ƆREPRESSE PLAY ama no abere.

Na ɛno ne deɛ ɛnti a yɛwɔ ha, damfo, tena Ɔba no Animpa kɔsi sɛ yɛn nnipa kuo ketewa a wɔwɔ ha no, kɔsi sɛ ɛbɛbere paa ama Kristo, abɛyɛ paanoo wɔ Ne pono so. Ɛno ne deɛ mepɛ sɛ ɛyɛ.

Obiara a ɔnnye nni sɛ PRESSING PLAY ɛne sɛ ɔretie Onyankopɔn Nne a wɔasi no pi no yɛ Ɛnne a ɛho hia paa sɛ wotie no, yɛ obi a ɔredwane afiri Awurade animpa.

Ɛsɛ sɛ wonya akokoɔduru gyetom, anaa sɛ woyɛ ho biribi. Wowɔ asodie bi, obiara wɔ, na ɛsɛ sɛ wode akokoɔduru gye saa nneɛma yi tom.

Nokorɛ ɛne hia a ɛhia paa saa anumnsɛm yi ɛyɛ ma ɛnnɛ da yi. Mpaapaemu pii wɔ wɔn a Onyankopɔn afrɛ wɔn no mu. Anyabia ɛho abɛhia pii sɛ wɔbɛbɔ tapes wɔ asɔredan mu atie Onyankopɔn Nne, anaasɛ afei ɛho abɛhia pii sɛ ɔsom adwuma no bɛka Asɛm no?

Onyankopɔn afrɛ na ɔde ɔsom adwuma no asi ha sɛ wɔmfa Asɛm no nsi nkorɔfoɔ no anim. Wɔyɛ Nwanhwɛfoɔ. Asɛm no kyerɛkyerɛ wei. Ɛsɛ sɛ yɛde obuo ma wɔn na yɛdi wɔn ni sɛ nnipa a Onyankopɔn afrɛ wɔn na ɔde wɔn asi hɔ.

Yɛntumi, na ɛnsɛ sɛ yɛka da sɛ wɔnyɛ Ayeforɔ no. Ɛno yɛ MFOMSOƆ na ɛnyɛ sɛdeɛ odiyifoɔ no kyerɛkyerɛɛ yɛn ne no. Mate sɛ nkorɔfoɔ ka sɛ: “Sɛ wɔremmɔ tapes no wɔ wɔn nsɔre mu a, wɔtia Asɛm no.” Ɛnsɛ sɛ woka biribi a ɛte saa da. Ɛno kyerɛ me sɛ wowɔ honhom a ɛnyɛ papa.

Mate sɛ afoforɔnom aka sɛ, “Ɛsɛ sɛ wɔn nyinaa ne BT tie bɔ mu anyɛ saa a wɔn afiri Onyankopɔn pɛ mu”. Ɛnsɛ sɛ woka biribi a ɛte saa da. Onyankopɔn nkutoo na Ɔnim deɛ ɔyɛ ɛne deɛ ɔnyɛ Ayeforɔ. Ɛno nyɛ Ayeforɔ no honhom sɛ ɔbɛka biribi a ɛte saa.

Nkorɔfoɔ a wɔ ne BT retie bɔ mu no bi mpo reka sɛ, “sɛ wokɔ asɔre kɔtie tapes no na woanmmɔ wɔ wo fie a woayɛ mfomsoɔ!” Ɛno nyɛ nokorɛ nuammarima ne nnuamaa. Sɛ worekeka saa a, GYAE, woayɛ mfomsoɔ. Ɛsɛ sɛ obiara yɛ sɛnea WƆTE NKA SƐ AWURADE DI WƆN ANIM SƐ WƆNYƐ.

Asomfoɔ pii te nka sɛ asɛnka ne Onyankopɔn kwan a Ɔde ama ɛnnɛ. Yɛhunu nneɛma soronko kɛkɛ, ɛyɛ. Mpɛn dodoɔ sɛn na Onuabarima Branham yɛɛ ntotoho korɔ yi ara? Ɛnkyɛree koraa na yɛtee
no wɔ Nsɛmmisa Ne Mmuaeɛ, ɛberɛ a na nkorɔfoɔ rekasa fa Onuabarima Jackson ho sɛ wayɛ mfomsoɔ no, ɔkasa tiaa wɔn sɛ wɔreka biribiara atia ɔne n’asafo.

Menam krataa yi so reka Asɛm no afa deɛ megye di sɛ ɛyɛ Onyankopɔn kwan a Ɔde ama Branham Tabernacle no. Wɔyɛ yɛn nuammarima ne mmaa. Wɔdɔ Awurade ɛne saa Nkransɛm yi. Ɛno ne sɛnea wɔte nka sɛ Awurade redi wɔn anim. Monyi Awurade ayɛ.

Wɔhunu no ɔkwan baako so ɛna yɛhunu no ɔkwan foforɔ so, ɛyɛ. Menhunu no wɔ wɔn kwan so na wɔnhunu me deɛ. M’afam no, akwan pii na ɛwɔ hɔ a Onyankopɔn de ama, nanso ƆKWAN BAAKO PƐ NA ƐWIE PƐYƐ, NA M’AFAM NO ƐNO NE PRESSING PLAY.

Mebɔ mpaeɛ obi mfa m’ano nsi bɔne wɔ ɛha. Nsa a wɔde gu nnipa so ɛne mpaebɔ yɛ sɛdeɛ Asɛm no seɛ ɔha mu nkyekyɛmu ɔha. Ngo a wɔde sra ɛne mpaeɛ a wɔbɔ ma ayarefoɔ yɛ Onyankopɔn Asɛm sɛdeɛ Twerɛnsɛm no kyerɛ no. Onuabɛɛma Branham kaa Asɛm no na ɔkyerɛkyerɛɛ yɛn sɛ ne mmienu yɛ Asɛm no. Nanso mepɛ ONYANKOPƆN KWAN A ƐWIE PƐYƐ A ƆDE AMA….GYE DI KƐKƐ ƐFIRI SƐ ONYANKOPƆN KAA SAA. Ɛno ne deɛ merebɔ mmɔden sɛ mɛyɛ.

Nanso afei ɛfa, ayaresa ho no, ɛyɛ Onyankopɔn mmɔborɔhunu ara kwa sɛ Ɔno, “Ɛnam Ne mmaa ntampeɛ so na wɔsaa wo yareɛ.” Afei, ɛdikan no Asɛm no ka saa, ɛsɛ sɛ ɛno dɔɔso, nanso sɛ wonnye ɛno nni wɔ Asɛm no mu a, ɛneɛ akyɛdeɛnom wɔ Asafo no mu, te sɛ mmarima a wɔwɔ nkanyan sɛ wɔnim sɛnea wɔkyerɛkyerɛ saa, ɛno bɛma ani ada hɔ pefee ama wo, ɛno, ɛne, gyedie sɛ wobɛgye adie.

Megye ɔsom adwuma num no di. Megye Onyankopɔn nnipa a Wafrɛ wɔn sɛ wɔnka na wɔnkyerɛkyerɛ Asɛm no di. Nanso, megye di sɛ woretie Onyankopɔn Nne a ɛwɔ tapes no so no yɛ Onyankopɔn KWAN A ƐWIE PƐYƐ MA ME.

Meretie tapes no, ɛnni sɛ mete aseɛ mpo, SƐ MƐGYE ASƐM BIARA A METE ADI KƐKƐ. Onipa biara nni hɔ, ɔsomfoɔ biara nni hɔ, baabi foforɔ biara nni hɔ a mɛtumi akɔ a mɛgye ASƐM BIARA adi na mede me Daa nkwa akwantuo awieɛ no bɛto so, gye sɛ tapes no so.

Ɛbi nsii da ɛfiri mmerɛ ahyɛaseɛ, a Onyankopɔn ama Ne nkorɔfoɔ akwanya ne tumi sɛ wɔn ankasa bɛtie Ne Nne sɛ Ɛkasa ano gu aso mu. Wɔada ahintasɛm biara adi wɔ tapes no mu. Wɔayi asɛmbisa biara ano wɔ tapes no so. Biribiara a Ayeforɔ no hia a ɛbama no awie pɛyɛ no wɔ tapes no so.

Asɛm biara a wɔaka wɔ tapes no so no yɛ Onyankopɔn Asɛm. Ebia mente aseɛ anaasɛ mentumi nkyerɛkyerɛ biribiara mu, nanso ɛnni sɛ meyɛ. Ɔhwehwɛ sɛ mɛka AMEN AMA ASƐM BIARA kɛkɛ, na TAPES no ɛne beaeɛ NKUTOO a mɛtumi ayɛ saa.

Nanso ɛberɛ a—ɛberɛ a ɛsɛ sɛ woyɛ biribi soronko, ɛberɛ a ɛsɛ sɛ wogyina ma wo gyedie a wonim sɛ ɛyɛ Nokorɛ no, ɛhɔ na ɔfã a ɛyɛ den no wɔ, ɛno na amaneɛ no ba no, ɛhɔ ara.

Mede deɛ ɛwɔ me mu nyinaa gye di sɛ, yɛwɔ Onyankopɔn Pɛ a ɛwie pɛyɛ mu na yɛwɔ suhyɛn a ɛrekɔ Niniwe. M’ani bɛgye ho sɛ wiase bɛka yɛn ho wɔ yɛn suhyɛn no mu Kwasiada yi prɛmtoberɛ wɔ Jeffersonville berɛ mu, ɛberɛ a yɛtie sɛ Onyankopɔn kasa kyerɛ Ne Nwammaa.

Onuabarima Joseph Branham.

Nkransɛm: a ɔkaa no Ogyefoɔ da du-nson wɔ afe apem ahankoron aduosia num mu (65-0217) “Onipa A Ɔredwane Afiri Awurade Animpa.”

Twerɛnsɛm a wobɛkeken:

Yona 1:1-3
Malaki 4
Ɔhoteni Yohane 14:12
Luka 17:30

25-0215 Nsɛmmisa Ne Mmuaeɛ #4

Dɔfoɔ Adehyeɛ Abusua,

Beaeɛ BAAKO pɛ na ɛwɔ hɔ a wɔasi no pi a wobɛtumi akɔtie sɛ Awurade nam Ne bɔfoɔ so na Ɔka kyerɛ wo, “Ɛberɛ biara monkae, moyɛ Onyankopɔn mma, Adehyeɛ Abusua a mowɔ Adehye Mogya. Mogya papa biara nni wiase a ɛkyɛn mo deɛ. Moyɛ Me mma, a ato apete wɔ asase so, a mawo ama Kristo.

Yɛyɛ Onyankopɔn Adehyeɛ Abusua a Adehye Mogya retene wɔ yɛn ntini mu. Mmɔfra a ɛnam Onyankopɔn Nne a ɛnam Ne diyifoɔ hoɔdenfoɔ a ɔrekasa so awo wɔn ama Kristo. Ɛrentumi nyɛ papa nkyɛn saa me nnamfonom.

Onuabarima Branham, ɛho bɛhia sɛ Ayeforɔ no tu kɔtena Jeffersonville anaa Arizona na ama wɔn akɔ Ohwim no mu anaa?

“Mmienu bɛda mpa so; Mɛfa baako na magya baako; na mmienu wɔ afuo mu, na Mɛfa baako na magya baako.” Moahu? Enti ebia wɔn…Wɔ wiase nyinaa no, wɔremmoa wɔn ano wɔ baabi baako sɛ wɔbɛnya nneɛma korɔ. Mmom wɔn mu akuo nketewa bɛpete asase so nyinaa.

Enti honam fam no, yɛrentena baabi baako ɛberɛ koro mu. Nanso animuonyam nka Onyankopɔn, Na Ɔwɔ nhyehyɛeɛ kɛseɛ mpo sɛ Ɔbɛka N’Ayeforɔ no abom.

Yɛbɔ mpaeɛ ma nsɔrensɔre ɛne asafomma a wɔn aboaboa wɔn ano atwa ɛ—ɛ—ɛ akasamu nketewa no ho ahyia ɛfiri ɔman no mu, ɛkɔ ara kɔsi Atɔeɛ Mpoano, foro kɔ Arizona mmepɔ no so, ɛsiane ba Texas mpaperɛ so, kɔwura Apueeɛ Mpoano, wɔ ɔman no mu nyinaa, Awurade, baabi a wɔn aboa wɔn ano. Nnɔnhwere pii da wɔn ntam, yɛwɔ ɛberɛ mu, nanso, Awurade, yɛaboa yɛn ano abom anadwo yi sɛ ɛkoro bafua, agyidifoɔ, a wɔretwɛn Messiah no Mmaeɛ no.

Ɛnnɛ, ɛnyɛ sɛ Ɔreboaboa N’Ayeforɔ ano afiri ɔman yi mu nko ara, mmom Ɔreboaboa YƐN ano afiri ewiase asasetam nson no so. Ɛfiri Afrika kɔsi Antarctica. North America ne South America, Asia, Australia ɛne Europe. Ɔreboaboa ɛna Ɔreka N’Ayeforɔ no abom sɛ ƐKORO BAFUA ama wɔn atie Onyankopɔn Nne.

Ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ yɛnkɔ asɔre; mpo baabi a wɔkyerɛkyerɛ Asɛm no fã, KƆSI sɛ yɛbɛtumi anya asɔre bi a wɔkyerɛkyerɛ ASƐM MUA NO NYINAA. Ayɛyie nka Onyankopɔn afei Ayeforɔ no ahunu saa beaeɛ no, Onyankopɔn Nne a ɛwɔ Tape so no ɛne ASƐM MUA NO NYINAA.

Sɛ́ wowɔ wo Fie Tape asɔre mu, w’asɔre a mmusua pii ahyia wɔ ɛmu, anaasɛ apata bi ase wɔ kwaeɛ biretuo mu wɔ Amazon anaa Africa, baabibiara a wobɛtumi Apresse Play atie Onyankopɔn Nne sɛ Ɛkasa ano gu aso mu kyerɛ wo, wo bɛwɔ ASƐM MUA ASƆRE mu.

Yɛahunu saa Asɛm mua asɔre no na yɛto nsa frɛ mo sɛ mommɛka yɛn ho Kwasiada yi prɛmtoberɛ wɔ Jeffersonville berɛ mu ɛberɛ a yɛtie Nsɛmmisa Ne Mmuaeɛ #4 64-0830E

Onuabarima Joseph Branham.

26-0208 Nsɛmmisa Ne Mmuaeɛ #3

Dɔfoɔ A Wɔawo Ama Kristo,

Ɛbɛyɛ dɛn na obi atumi de onipa anumsɛm kɛkɛ akyerɛ ɔdɔ ne anigyeɛ a ɛwɔ yɛn akoma mu sɛ yɛnim N’Asɛm mu nokorɛ Adiyie wɔ yɛn da yi mu?  Sɛ yɛbɛdwene sɛ, na yɛnni hwee yɛ wɔ ho, nanso ƆNO, Okokroko ME YƐ, ɛnam Ɔno ankasa Ne yie so, hyɛɛ YƐN too hɔ sɛ yɛbɛnya adekɛseɛ paa a na Ɔbɛtumi de ama yɛn, N’ASƐM MU ADIYIE A ƐWƆ HƆ MA YƐN DA YI MU.

Ɔtwɛnee, kɔsii sɛ na ɛberɛ awie du no aba, sɛ Ɔbɛhome nkwa home agu yɛn mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛte sɛ Ɔkasa kyerɛ yɛn na Ɔka sɛ:

Afei, mabɔ me ho mmɔden biara sɛ—sɛ—sɛ mɛka akyerɛ mo nkorɔfoɔ yi na madi mo anim te sɛ deɛ agya bi bɛdi ne mma anim. Moyɛ me mma; Menam saa Asɛmpa a meka ho asɛm yi so awo mo ama Kristo. Moahu? Na me—me—Mepɛ sɛ moyɛ mmɔfra anaa—nkɔdaa a woatete mo ama moanyini koraa. Na mepɛ sɛ mede mo kyerɛ Kristo saa da no, sɛnea Paulo kaeɛ no, “Ɔbaabunu a efi nni ne ho.” Biribiara nni saa Asɛm no mu gye sɛ deɛ w’akoma bɛgye “amen” wɔ so.

Onyankopɔn, a Ɔnam Ne bɔfo-hoɔdenfoɔ so rekasa, rema yɛn Kristo Ayeforɔ no akwankyerɛ na Ɔredi yɛn anim. Yɛyɛ Ne mmaabunu mmɔfra a efi nni yɛn ho a yɛanyini koraa. Na ɛnam N’adom nwanwasoɔ no so no, yɛde AMEN gye Asɛm biara a yɛteɛ so! Ɛyɛ Asɛm no nkyerɛaseɛ a ɛwie pɛyɛ a Ɔsoro da ɛmu nokorɛ adi!

Sɛ Ɛnne a yɛretie wɔ tapes no so yɛ: Asɛm no mu nkyerɛaseɛ a ɛwie pɛyɛ a, ɛdeɛn bio na Yesu Ayeforɔ no hia?…HWEE!

Wayi yɛn, Ne kuo ketewa a Ɔde Ne nsa ayie, sɛ yɛbɛnya N’Asɛm mu nokorɛ Adiyie ɛwɔ yɛn da yi mu. Yɛn ne wɔn a Ɔyii sɛ yɛbɛwɔ asase so, wɔ nnipadua honam so, wɔ Millennium mfie apem ahennie no mu.  

Me nnamfonom, momma yɛnyina ɛno so simma baako kɛkɛ.  

Yɛbɛnya nipadua a wɔahyɛ no animuonyam wɔ asase so ha yi ara. Yɛbɛdidi, anonom, asisi adan, atena ase te sɛ deɛ yɛyɛ seesei ara yi wɔ mfie apem. Ɛbɛyɛ yɛn ayefohyia akyi ahomegyeɛ berɛ a Ayeforɔ no (YƐN) ne Ayefokunu no (Awurade Yesu Kristo) abɛyɛ BAAKO.

Yɛrehwɛ na yɛretwɛn saa animuonyam berɛ yi simma biara da biara. Ɛbɛn paa ɛte sɛ deɛ ɛkame ayɛ sɛ yɛbɛtumi de yɛn nsa aka. Mede m’akoma nyinaa gye di, wei ɛne deɛ ɛrekɔ so wɔ yɛn so ɛnnɛ:

Oh, saa honhom mu nkabom a ɛfa Kristo ne N’Asafo ho seesei, ɛberɛ a honam no reyɛ Asɛm, na Asɛm no reyɛ honam, a ɛda adi, ɛsi no pi. Sɛdeɛ Bible no kaa sɛ ɛbɛsi wɔ ɛnnɛ da yi mu no ara pɛ, ɛrekɔ so, da biara da. Adɛn, ɛreboaboa ano ntɛmntɛm wɔ adihɔ, wɔ saa ɛserɛ nom no so, ɛna nneɛma a na ɛrekɔ so, a mantumi amfa m’ani anni akyire mpo. Yɛabɛn Yesu Mmaeɛ no, sɛ yɛne N’Asafo no bɛka abom, baabi a Asɛm no bɛyɛ Asɛm no.

Nkransɛm biara a yɛtie no, Adiyie bebiree na Ɔde rema yɛn. Ɛreboaboa ano ntɛmntɛm a yɛntumi mfa yɛn ani nni Akyire. Yɛrehunu sɛ Asɛm no reyɛ Asɛm sɛnea ɛbi nsii da. Akyinnyegyeɛ baako ho sunsum nni hɔ; Ɛnam Adiyie so, yɛnim nnipa ko a yɛyɛ pɛpɛɛpɛ.

Ɔreka N’Ayeforɔ no abom sɛdeɛ Ɔkaa sɛ Ɔbɛyɛ no ara pɛ, na yɛyɛ Ɛno fã bi. Yɛde yɛn ankasa ani rehunu sɛ Ɛrekɔ so. Ebia afoforɔnom renhunu Ɛno anaasɛ wɔrente Ɛno ase. Ɛnyɛ wɔn dea, ƐYƐ YƐN DEA, NE MMA A WƆAWO WƆN NO.

Ná Ayeforɔ no wɔ nsɛmmisa a wɔbɛbisa odiyifoɔ no.

Ɛno ara yɛ sɛ wobɛtie Onyankopɔn Nne NKUTOO wɔ tapes no so? Onyankopɔn maa mmuaeɛ na Ɔkaa sɛ: YIW!!  

Anyabiaa yɛn mma nso nsa bɛtumi aka deɛ wɔhia nyinaa ama wɔayɛ Kristo Ayeforɔ no ɛnam sɛ wɔretie tapes no kɛkɛ: YIW!!

Ene sɛ, deɛ Ayeforɔ no hia nyinaa WƆ TAPES NO SO. 

Yɛnim nso sɛ Onyankopɔn de akwan foforɔ pii ama Ne mma.

“Ɛnam Ne mmaa-ntampeɛ so na wɔsaa wo yareɛ”. Afei, deɛ ɛdikan no Asɛm no ka saa, ɛsɛ sɛ ɛno ara ɛyɛ, nanso sɛ wonnye nni wɔ Asɛm no mu a, ɛneɛ akyɛdeɛ nom wɔ Asɔre no mu, te sɛ mmarima a wɔnam nkanyan so nim sɛdeɛ wɔkyerɛkyerɛ ɛno, ɛno bɛma ayɛ pefee ama wo, ɛno ne gyidie sɛ wobɛgye adie.

Yɛn ani asɔ sɛ Onyankopɔn ayi mmarima a wɔnam nkanyan so nim sɛdeɛ wɔkyerɛkyerɛ ayaresa ɛne N’Asɛm ɛma no yɛ pefee ma afoforɔnom, nanso N’Ayeforɔ no pɛ NE KWAN A ƐNO ARA WIE PƐYƐ A ƆDE AMA. Ɛno ne DEƐ YƐHIA nyinaa.

M’ani bɛgye ho sɛ mɛto nsa afrɛ wo sɛ bra bɛka Branham Tabernacle ho Kwasiada yi prɛmtoberɛ wɔ Jeffersonville berɛ mu, ɛberɛ a yɛtie
Nsɛmmisa Ne Mmuaeɛ #3 64-0830M

Sɛnea ɛyɛ nwanwa sɛ yɛbɛnya N’Asɛm no mu Adiyie na yɛahunu sɛ yɛn ɛne Asɛm no a ayɛ honam no.

Onuabarima Joseph Branham.

26-0201 Nsɛmmisa Ɛne Mmuaeɛ #2.

Adɔfoɔ Akɔdeɛ Mma,

Baabi a Ɛnammono no wɔ no, ɛhɔ na wɔbɛboaboa Ayeforɔ no ano. Na yɛn afam no, baabi a ɛwie pɛyɛ baako pɛ a  ɛwɔ hɔ a yɛbɛtumi anya saa Manna nnamono no: ɛne sɛ yɛre Pressing play na yɛretie Onyankopɔn Nne a ɛwɔ tapes so no.

Kasa fa Manna FOFORƆ ho, yɛbɛtumi afiri aseɛ mpo adwennwene deɛ yɛwɔ wɔ yɛn nsatea ano no ho pɛɛ? Onyankopɔn Nne ankasa a Ɛrekasa akyerɛ N’Ayefo-dɔdoɔ wɔ  tape so, baabi a adwene bubuo biara nnie, mfeefeemu pɛ biara nnim, asɛmmisa biara nnim saa ara nso na adwene mu naayɛ biara nnim deɛ yɛretie yɛ Onyankopɔn, a Ɔde onipa nne, reka Sɛ Awurade Seɛ nie kyerɛ N’Ayeforɔ.

Ɛnam Adiyie so, yɛgyedi sɛ Ɛyɛ beaeɛ NKUTOO a yɛbɛtumi akɔ ama yɛn kra nom anya ahomegyeɛ sɛ Nsɛm no a yɛretie no ɛnyɛ onipa asɛm, saa ara nso na ɔmfaa ne nkyerɛaseɛ anaa n’adwenkyerɛ nkaa Ɛho, mmom ɛyɛ Onyankopɔn Asɛm korɔgyenn no a Ɛrekasa kyerɛ yɛn akɔdeɛ mma, Ɛreda N’Asɛm adi.

Yɛbɔ fekuo ɛwɔ Asɛm no ho. Yɛkenkan N’Asɛm wɔ yɛn Bible nom mu. Yɛtie mpo sɛ mmarima a Onyankopɔn ahyɛ wɔn ɛne mmarima a wɔafrɛ wɔn a Ne Honhom Kronkron ahyɛ wɔn ma, wɔreyi N’anum Asɛm ka na wɔreka Onyankopɔn Asɛm, nanso yɛn da yi mu no, Onyankopɔn ama beaeɛ bi a yɛbɛtumi atie N’ASƐM A WAKA A ƐWIE PƐYƐ, ɛnam pressing play.

Agya mpo ma N’Ayeforɔ akwanya ma no bisa nsɛm no a na ɛda yɛn akoma so sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛnya mmuaeɛ a ɛwie pɛyɛ:

  • Anyabia Satan bɛtumi de kasahoroɔ anaa nkɔmhyɛ akyɛdeɛ a ɛwɔ obi mu adi dwuma anaa?
  • Ɛdeɛn na na Yesu kyerɛ wɔ Mateo 12, nkyekyɛmu 32?
  • Anidie mu kyerɛkyerɛ Korintofoɔ nwoma a ɛdikan 13:8-12.
  • Anyabiaa wɔma ho kwan ma mmaa yɛ aban adwuma wɔ ɛberɛ a wɔwɔ okunu ne mmɔfra a wɔwɔ apomdene?
  • Ɛyɛ mfomsoɔ sɛ ɔbaa bɛkontonokonoto ne tiri nwi?

Onyankopɔn ama akwan pii a Ɔfa so hyira na Ɔde hyɛ N’Ayeforɔ den, nanso baabi baako pɛ na Ɔde ama a N’Ayeforɔ  bɛtumi anya ɔha mu nkyekyɛmu ɔha awerɛhyɛmu sɛ deɛ wɔretie no yɛ N’ASƐM A ƐWIE PƐYƐ. Asutire baako Nkwa Nsuo beaeɛ a Akɔdeɛ mma bɛtumi anom afiri baabi a ɛnyɛ adeɛ a efĩ biara bɛtumi aba mu no. PRESS PLAY.

Meto nsa frɛ mo sɛ mommra mmɛnom mfiri saa Asutire no mu Kwasiada yi  prɛmtoberɛ ɛwɔ Jeffersonville berɛ mu, baabi a yɛbɛtie

  “Nsɛmmisa Ɛne Mmuaeɛ #2.” Nkransɛm a ɔkaa no Ɔsanaa da a ɛtɔ so aduonu mmiɛnsa anwummerɛ wɔ afe apem ahankoron aduosia nan mu

 Onuabarima Joseph Branham.

26-0125 Nsɛmmisa Ne Mmuaeɛ #1

BranhamTabernacle.org

Dɔfoɔ Branham Tabernacle,

Nkyea nkɔma Yesu Kristo Ayeforɔ a wɔwɔ wiase afannaa nyinaa, a wɔgye di sɛ Branham Tabernacle, Onyankopɔn Nne, na ɛyɛ wɔn fie asɔre baabi a wɔde Manna a ahinta a wɔakora na wɔde agu hɔ no rema Kristo Ayeforɔ no honhom aduane die no.

Wei ne me fie adwosuo; wei ne me headquarters; ɛha ne baabi a yɛ hyɛɛ aseɛ. Afei, fa ɛno to wo tiri mu ɛmfa ho deɛ ɛbɛsie biara. Afei, sɛ woyɛ ɔba nyansafoɔ a, wobɛkyere biribi. Ɛmfa ho deɛ ɛbɛsie biara, ɛha ne yɛn headquarters, ɛha yi ara aaa!

Ɛberɛ nyinaa agyedifoɔ bebree anya nteaseɛ a ɛyɛ mfomsoɔ anaa sɛ wɔde wɔn ankasa adwenkyerɛ anaa wɔn nkyerɛaseɛ ato deɛ ɔdiyifoɔ no kaa wɔ ha no so, nanso ɔreka akyerɛ ayeforɔ no tẽẽ, “Sɛ woyɛ ɔba nyansafoɔ a, wobɛkyere biribi, ɛha ne yɛn headquarters, ɛha yi ara!

Ɛdeɛn na na ɔde ɛno kyerɛ?

Ɛberɛ a na Onuabarima Branham wɔ ha no, dodoɔ no ante no ase na wɔdwenee sɛ ɛsɛ sɛ Ayeforɔ no kɔ Arizona na wɔkɔdi n’akyi wɔ hɔ, ama wɔn aka Ohwim no ho. Onuabarima Branham maa wɔn mmuaeɛ a na ɛmu da hɔ pefee: MONTENA HA, BEAEƐ NO NIE.

Wɔn mu ekuo kɛseɛ no de wɔn ani kyerɛɛ saa kwan no so, na wɔpɛɛ sɛ wɔbɛkɔ wei na wɔayɛ saa, ɛwɔ ɛberɛ a meka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔn ntena hɔ akyi. Montena hɔ, montena ɛha yi ara; beaeɛ no nie.

Nkorɔfoɔ maa wɔn ho so firii United States baabibiara sɛ wɔ kɔ Arizona, nanso ɔkaa no pefee kyerɛɛ wɔn: Montena ɛha yi ara, beaeɛ no nie!

Montena Jeffersonville? Ɛno ne deɛ ɔkaeɛ!

M’adiyie ne sɛ, na ɛyɛ Onyankopɔn, a ɔnam Ne diyifoɔ so rekasa na Ɔreka akyerɛ nkorɔfoɔ no, “MO NE TAPES NO NTENA.” Ɛno ne BEAEƐ NO!

Ɛhaa no paa ɛna ɔkaa sɛ na ɛsɛ sɛ ɔne saa nkorɔfoɔ no nyinaa yɛ biribi. Ɛdeɛn na ɛsɛ sɛ ɔyɛ? Asɔre bɛn mu na na ɔde wɔn bɛkɔ? Ɛhe na ɛsɛ sɛ wɔ kɔ? Ɛdeɛn na Onuabarima Branham kaa sɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ?

Enti seesei, ɛsɛ sɛ mede mmɔfra no san ba ha ma wɔnya biribi die. Wɔ wɔ ɛserɛ no so aseɛ hɔ a ɔkɔm de wɔn.

Wanka sɛ ɛho bɛhia sɛ wɔbɛkɔ asɔre bi a ɛwɔ mpɔtam hɔ na wɔn akɔtie nsɛm kumaa bi a ɛsomboɔ a wɔbɛtumi adidi wɔ ho. Ɔkaa sɛ ɛsɛ sɛ ɔde wɔn SAN BA HA ma wɔnya biribi di, anyɛ saa a ƆKƆM BƐKUM wɔn.

NNAMFONOM, M’ADIYIE.

Afei, ɛnyɛ sɛ prɛko bio yɛrente n’aseɛ yie, anaa sɛ yɛbɛka biribi a wanka, ɛnam sɛ yɛreka sɛ, “Onuabarima Branham pɛɛ sɛ ɔgyedini biara tu kɔ Jeffersonville na ama no ayɛ Ayeforɔ no.” Na Onuabarima Branham nim sɛ saa nkorɔfoɔ no nyinaa, ɛne ɔgyedini BIARA a wɔwɔ ewiase afanaa nyinaa, ntumi ntu nkɔtena Jeffersonville. Ɛno bɛyɛ deɛ ɛrentumi nyɛ yie. Enti na ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ sɛn? Na ƆREKA Kristo Ayeforɔ a wɔwɔ ewiase afanaa nyinaa no ABƆ MU wɔ TAPES a wɔatwe agu ahoma so no na wɔde asie sɛ ɛbɛyɛ aduane ama Ayeforɔ no.

Saa Nkransɛm yi, Saa Ɛnne yi, yɛ Onyankopɔn Asɛm a Waka ama ɛnnɛ na Ɛno bɛka Yesu Kristo Ayeforɔ no abom na ama no awie pɛyɛ.

Nam-mono ɛne deɛ akɔdeɛ die. Afei, wɔbu ɔkɔdeɛ wɔ Bible mu sɛ, odiyifoɔ. Odiyifoɔ yɛ ɔkɔdeɛ. Onyankopɔn—Onyankopɔn frɛ Ne Ho sɛ Ɔkɔdeɛ, ɛneɛ na yɛyɛ “akɔdeɛ nkumaa”, ɛɛ– agyedifoɔ no. Moahu? Na ɛdeɛn ne nam-mono no a ɔɔmo die no? Ɛno ne Asɛm no. Baabiara a Asɛm no wɔ no, ɛsu ankasa a ɛwɔ anomaa no mu no bɛyi ne ho akyerɛ.

Ɛhefa na Asɛm korɔgyenn, a wɔasi no pi, a mfomsoɔ nni ne nteaseɛ mu, a ɛyɛ Sɛ Awurade Seɛ nie ma ɛnnɛ no wɔ? Ɛwɔ baabi baako pɛ, Tapes No.

Mɛtumi akɔ so akɔ so, quote by quote, nanso saa Nkransɛm yi ɛne deɛ Onuabarima Branham kaaeɛ no gye Adiyie firi Onyankopɔn hɔ. Ɛsɛ sɛ yɛnam adiyie so kenkan nkyerɛaseɛ a asuma no, mmom ka deɛ ɔkaeɛ no. Ɛfiri sɛ Ɛno ne ASƐM KORƆGYENN no.

Asɛmbisa ne Mmuaeɛ a ɛwɔ hɔ ma ɛnnɛ ɛne deɛ MEGYE DIE.

Ɛnnɛ, asomfoɔ bebiree reka akyerɛ nkorɔfoɔ no sɛ ɛnam sɛ yɛwɔ Efie Tape Asɔre nti no yɛafiri Asɛm no mu ɛne deɛ Onuabarima Branham kaa sɛ yɛnyɛ no. Ɛyɛ wɔn sɛ ɛsɛ sɛ yɛkɔ baabi wɔfrɛ na wɔbu no sɛ asɔre no.

Ampa quotes bebiree wɔ hɔ a Onuabarima Branham ka wei pefee.

Afei, wo deɛ kɔ Full Gospel asɔre papa bi mu na nya efie asɔre.

Na mede m’akoma nyinaa gye di, ɛfiri sɛ ɔkaa saa. Nanso megye di yɛreyɛ saa ɛnam sɛ YƐREYƐ EFIE TAPE ASƆRE. Yɛn beaeɛ no ɛnyɛ deɛ ɛho hia ma Awurade. Ɛno yɛ ɛdan bi kɛkɛ. Mmom yɛn asɛdeɛ ma Awurade ne sɛ yɛne N’Asɛm bɛtena, ƐNYƐ BEAEƐ ANAA ƐDAN BI. Beaeɛ no ɛmma nkwa na ɛmma AYEFORƆ no nwie pɛyɛ, ASƐM NO YƐ SAA.

Sɛ mekɔ asɔre dan bi mu, nanso wɔn werɛ afiri ADEƐ TITIRI NO A: sɛ mɛte Onyankopɔn Ɛnne ɛnam Pressing Play so, ɛna deɛ wɔde asi ɛno ananmu ne sɛ woretie asomfoɔ a wɔreka Nkransɛm no ho asɛm NKUTOO, anyabiaa ɛno bɛma wo kra no adidi na ama wo amee paa? Ebia ɛbɛmee wo kra, me nuabarima ne me nuabaa, nanso ɛremmee Ayeforɔ no.

Ma memfa wei nhyɛ mu wɔ ha na menka sɛ nnipa mpempem pii na wɔwɔ hɔ a wɔnni asɔre dan a wɔbɛkɔ mu. Wɔn ayera anaa? Sɛ wɔnni ɔsɔfoɔ anaa asɔre a, ɛno kyerɛ sɛ wɔntumi nyɛ Ayeforɔ no anaa? Sɛ ɛfiri baabi a woteɛ no kɔ asɔredan bi mu yɛ borɔfo-kwansini ɔha a, ɛsɛ sɛ wokɔ saa asɔre no? Nanso sɛ mete akyirikyiri a, ɛnsɛ sɛ mekɔ? Ɛsɛ sɛ metie ɔsɛnkafoɔ wɔ ahoma so, nanso mentumi ntie tapes no? Ɛdankora no na odiyifoɔ no reka sɛ ɛyɛ adeɛ a ɛho hia paa a ɛsɛ sɛ yɛkɔ anaa?

Ɛhefa na na odiyifo no pɛ sɛ ɔde Ayeforɔ no ba?

Sɛ wontumi mma Tabernacle ha a, nya asɔre bi wɔ baabi; Kɔ ɛhɔnom.

Prɛko bio, ɛhefa ne baabi ɔdikan yii sɛ ɔde nkorɔfoɔ no bɛkɔ no? Ɛkɔ Branham Tabernacle, Asɛm no, tapes no. Ɛno ne deɛ Onyankopɔn de ama N’Ayeforɔ sɛ ɔnyɛ wɔ saa awieɛ-berɛ yi mu, na yɛreyɛ no da-biara ƐNE Kwasiada biara.

Sɛnea ɛbɛyɛ na obi ɛnte me aseɛ yie no. MERENKA SƐ ɛsɛ sɛ wo ne Branham Tabernacle tie tapes no na ama wo ayɛ Ayeforɔ no. MERENKA sɛ ɛnsɛ sɛ wo kɔ asɔre. MERENKA sɛ wontumi ntie asomfoɔ. Sɛ wogye ɛno di a woamane afiri Asɛm no ho. Mereka sɛ woretie Onyankopɔn Enne a ɛwɔ tapes no so no ɛne Ɛnne a ɛho hia paa a ƐSƐ SƐ WO TIE, na megye di sɛ ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ biara bɔ saa Ɛnne no, tapes no, wɔ wɔn nsɔredan mu. Nanso wɔama anoyie biara a ɛwɔ hɔ SƐ WƆREMMƆ TAPES NO. Sɛ ɛno ne w’asɔre a, ɛnnyɛ Asɛm no na ɛrema wo aduane die.

Ɛda adi pefee sɛ wei ne deɛ na ɔmpɛ sɛ ɛbɛsie ɛne deɛ na nkorɔfoɔ no reyɛ.

Na kɔ asɔre; ntena fie, nkɔ mpataayie, ɛne ahayɔ, ɛne nneɛma a ɛtete saa Kwasiada.

Ɛnyɛ saa na yɛyɛ. Yɛreboa yɛn ano hyia wɔ adeɛ baako pɛ a ɛbɛka Ayeforɔ no abom no ho, Saa Nkransɛm yi, Saa Ɛnne yi.

Prɛko bio, megye asɔrekɔ di. Nsɔre pii na ɛwɔ wiase a wɔde tapes no redikan wɔ wɔn asɛnkannua so, ayɛyie nka Awurade. Anyabiaa megye di sɛ ɛsɛ wo tena fie anyɛ saa a wonyɛ Ayeforɔ? DAABI DAABI, DAABI….menwenee ho da, ɛnye nii da. Mepɛ sɛ wo PRESS PLAY kɛkɛ ɛmfa ho baabi a wowɔ anaa asɔre ko a wokɔ.

Sɛ wo nni deɛ ɔreka no ho Adiyie a, ɛneɛ wobɛtumi aka no pefee sɛ, “Ɛho nhia sɛ mɛtie Ɔnuabarima Branham anaa sɛ mpo ɛsɛ sɛ me ne no yɛ ADWENE wɔ deɛ ɔka no nyinaa ho. Ɔkaa saa mpo, nnipa afoforɔ pii wɔ hɔ a Onyankopɔn-afrɛ wɔn”

Kɔ so. Yɛhyɛ no nso wɔ ha, ka sɛ, “Ɛsɛ sɛ yɛkɔ asɔre foforɔ a ɛne wo nyɛ adwene no mu?” Aane, me nnyɛ…ɛnyɛ me nko ara na me yɛ mpoano aboba, wo nim. Ɛwɔ hɔ—Onyankopɔn nkorɔfoɔ afoforɔ wɔ baabiara kɛkɛ; Mewɔ anidasoɔ sɛ meyɛ wɔn mu baako.

Onyankopɔn Nne a ɛwɔ tapes no so no na ɛyɛ M’ABOBA, ME BOTAN. Ɛyɛ Ɛnne no na mepɛ sɛ metie ɛne Ɛnne a mepɛ sɛ Branham Tabernacle tie.

Sɛ wopɛ sɛ woka yɛn ho a, yɛma wo akwaaba mmorosoɔ me nuanom mmarima ne mmaa. Ka yɛn ho Kwasiada prɛmtoberɛ wɔ Jeffersonville berɛ mu, ɛbere a yɛtie Onyankopɔn Nne sɛ ɛkasa na ɛyi nsɛmmisa pii a ebia wowɔ wɔ w’akoma mu ano. Na wo ankasa tie sɛ nneɛma a maka wɔ krataa yi mu no amane afiri Asɛm no ho na mayɛ nteaseɛ mu mfomsoɔ wɔ deɛ Onyankopɔn reka akyerɛ N’Ayeforɔ no a.

Deɛ ɔka wɔ tapes no so no yɛ Sɛ Awurade Seɛ nie. Ɛnyɛ deɛ meka sɛ ɔreka, anaa deɛ megye di sɛ ɔreka, na Onyankopɔn NKUTOO na Ɔbɛtumi ama wo nokorɛ Adiyie no.

Onuabarima Joseph Branham.

Nkransɛm 64-0823M Nsɛmmisa Ne Mmuaeɛ.

26-0118 Ɔreda N’Asɛm Mu Nokorɛ Adi

Dɔfoɔ Kristo Ayeforɔ,
Momma yɛnhyiam Kwasiada prɛmtoberɛ wɔ Jeffersonville berɛ mu a yɛtie Nkransɛm a ɔkaa no Ɔsanaa da a ɛtɔ so du nsia wɔ afe apem ahankoron aduosia nan mu- Ɔreda N’Asɛm Mu Nokorɛ Adi.

Ɔnuabarima Joseph Branham