All posts by admin5

24-1110 Tiatira Asafo Mfirinhyia

M’adɔfoɔ Ayeforɔ a Mo hyerɛn,

Sɛnea Awurade ɛreda nadi kyerɛ yɛn sɛ mfirinhyia no nyinaa mu no aberɛbiara ɛkuo kumaa bi na ɛne N’asɛm no tenaeɛ. Wɔn ante antɔ ɔtanfo no nnaadaa afidie no mu, na mmom wɔde nokorɛ ne akomamuteɛ tenaa Asɛm a na ɛwɔ wɔn ɛnna mu.

Nanso ɛberɛbiara nni hɔ anaa nnipakuo biara nni hɔ a ayɛ Awurade ahohoahoa dodoɔ anaa sɛ Ɔnyaa awerɛhyɛmu dodoɔ wɔ wɔn mu kyɛn yɛn. Yɛn ne N’ayeforɔ Awuraba a wayie a ɛmma sɛ na ne titiriw mpo no ƐNTUMI mma sɛ yɛbɛdaadaa yɛn; ɛfirisɛ yɛte odwanhwɛfoɔ no nne na yɛdi N’akyi.

Ɔrekyerɛ yɛn sɛ mfirinhyia no nyinaa mu no, yɛnyaa nnipa-kuo mmienu, baanu no nyinaa ɛrebɔ wɔn adiyie a ɛfiri Onyankopɔn hɔ ɛne wɔn ne Nyankopɔn ntɛm ayɔnkofa ho dawuro. Nanso Ɔka kyerɛɛ yɛn, Awurade nim wɔn a wɔyɛ Ne dea. Ɔdi yɛn nsusueɛ akyi. Ɔnim deɛ ɛwɔ yɛn akoma mu. Ɔhunu yɛn nnwuma ɛnam sɛ yɛne ɔdiyifoɔ no ɛne N’asɛm  ɛretena, ɛreda deɛ ɛwɔ yɛn mu pɔtee adi. Ɔnim yɛn trimubɔ ne yɛn botaeɛ ɛnam sɛ Ɔhwɛ yɛn nneyɔeɛ biara.

Ɔka kyerɛ yɛn sɛ bɔhyɛnom nyinaa a Ɔmaa no mfirinhyia no nyinaa mu no yɛ YƐDEA. Ɔhunu yɛn a yɛkɔso de nokorɛdie yɛ Ne nwumma kɔsi awieɛ no. ƆNO AMA YƐN tumi wɔ amanaman so. Ɔkakyerɛ yɛn sɛ yɛyɛ asodifoɔ frenkyemm, yɛ ho yɛ den, tumiyɛ wɔ yɛn mu a yɛbɛtumi atena ahoɔden mu wɔ asetena biara mu. Ɛmpo ɔtamfo a n’ani abre paa no bɛ bubu sɛ ɛho hia a. Ne tumi a yɛbada no adie wɔ amammuo mu no bɛyɛ sɛ Ɔba no deɛ. ANIMUONYAM!!

Yɛanya Onyankopɔn mu no a ɛdɔ tɔɔnn no mu osuahunu ɛwɔ yɛn asetena mu. Ɛyɛ ankorankora biara suahunu a ɛwɔ Onyankopɔn honhom a ɛte yɛn mu. Yɛn adwene mu ayɛ hann ɛnam nyansa ne Nyame mu nimdeɛ a ɛfiri N’asɛm mu.

Yɛkɔ baabiara a Ayeforɔ kunu no wɔ. Ɔnnya yɛn hɔ da. Yɛnfiri Nenkyɛn da. Yɛne No bɛkyɛ ahenwa no. Wɔde N’animuonyam ɛne nidie abɔtire no bɛbɔ yɛn.

Wada nadi akyerɛ yɛn nnaadaa a ɔtamfo no ayɛ wɔ mfirinhyia biara mu ɛne hia a ɛhia sɛ WO NE N’ASƐM A ƐDIKAN NO BƐTENA. Asɛmfua baako mpo ntumi nsesa. Mfirinhyia biara de bi kaa ho, yii bi firii mu, de wɔn ankasa nkyerɛase too mfitiaseɛ Asɛm no so; ɛnam saa deɛ no yɛ nti no, wɔn ahwere daa-nkwa.

Tiatira Asafo Mfirinhyia mu no, saa nnaada honhom no kasa faa Rome foɔ Pope no mu na ɔsesaa N’asɛm. Ɔyɛɛ no “ntamgyinafoɔ baako na ɔda Onyankopɔn ne onipa ntam (nyɛ nnipa)”. Ɛnti afei ɔno na ɔyɛ ntamgyina adwuma wɔ ntamgyinafoɔ no ne nnipa ntam. Ne saa no, ɛsesaa Onyankopɔn nhyehyɛeɛ no nyinaa; ɛnnyɛ sɛ ɔresesa asɛmfua, na mmom ɛnam sɛ ɔresesa ATWERƐDEƐ BAAKO. Na ɔbonsam asesa “E” adane no “A”.

Ɔnam Ne mfitiaseɛ Asɛm biara a  Ɔkaa no wɔ tape nom so no bɛbu Asɛmfua biara atɛn. Ne saa nti no, ƐSƐSƐ N’aYeforɔ no ne tape nom no tena. Ɛberɛ a ɔtamfo no bɔ mmɔden sɛ ɔbɛbu nkorɔfoɔ no abamu no sɛ ɔde nhyehyɛeɛ foforɔ ɛrema wɔn no, nsusueɛ foforɔ, atwerɛdeɛ foforɔ,  Ayeforɔ no ne MFITIASEƐ ASƐM NO BƐTENA.

Mfirinhyia biara mu no, Yesu nam saa mfirinhyia no mu somafoɔ no so da Ne ho adi. Wɔgye firi Ne nkyɛn wɔn mfirinhyia no mu Asɛm no adiyie. Asɛm no adiyie wei, yi wɔn a Onyankopɔn ayi wɔn no firi ɛwiase de wɔn bɛbɔ Yesu Kristo nkabɔmu mua no.

Waferɛ na wahyɛ mmarima bebiree sɛ wɔnyɛ nhyira ma asafo  no, nanso Ɔwɔ ƆSOMAFOƆ BAAKO PƐ a  Ɔferɛɛ sɛ ɔnam ne Honhom Koronkron so nni N’asafo anim. ƐNNE BAAKO a ɛwɔ Sɛnea Awurade Seɛ  na ɛwɔ hɔ. ƐNNE BAAKO na Ɔse Ɔde bɛbu yɛn atɛn. ƐNNE BAAKO so na N’aYeforɔ de wɔn daankwa awieɛ ɛsie. SAA ƐNNE NO NE ONYANKOPƆN ƐNNE A ƐWƆ TAPE SO NO.

Ayeforɔ, Onyankopɔn apɛdeɛ ma yɛn ne deɛ ɛwie pɛyɛ, na N’ani so no, YE WIE PƐYƐ. Na saa deɛ ɛwie pɛyɛ no yɛ abotare, woretwɛn Nyame anim….ɛne woretwɛn Onyankopɔn.  Ɔka kyerɛ yɛn, ɛyɛ ɛkwan a ɛma mpuntuo ba yɛ suban mu. Ɛbia yɛbɛnya nsɔhwɛ bebiree, sɔhwɛ nom ɛne amanehununom, nanso wo nokorɛdie ma N’asɛm no ɛreyɛ boasetɔ ho adwuma wɔ yɛn mu, ama yɛn awie pɛyɛ ɛne ɛmu no nyinaa, a biribiara nni hɔ a yɛnnie.

Yɛwerɛ ɛmfiri dabiara da, GYEDIE firi otie so na ɛba, Asɛm no tie mu, na Asɛm no ba ɔdiyifoɔ no hɔ.

Bra na bɛsɔ wabrabɔ mu anigyeɛ kɛseɛ paa hwɛ ɛberɛ a wo ne yɛn ɛbɔ mu atena ɔsoro hɔnom berɛ a yɛtie Onyankopɔn Ɛnne de Asɛm ɛfa Tiatira Asafo Mfirinhyia (Nkransɛm a ɔkaa no Ɔpɛnima bosome no, ne da a ɛtɔ so nwɔtwe afe apem ahankoron aduosia mu) no ɛberɛ yɛn prɛmtoberɛ wɔ Jeffersonville berɛ mu.

Onua Bɛɛma Joseph Branham.

24-1103 Pɛgamɔ Asafo Mfirinhyia No

M’adɔfoɔ Ayeforɔ Baabunu a Ɛnkekaeɛ Nni  Mo Ho,

Anyabiaa, worenya anigyeɛ wɔ Asafo Mfirinhyia Nson no mu? Onyankopɔn ɛrema N’aYeforɔ nkenyan te sɛ deɛ ɛbi nsii da. Ɔrema yɛn Adiyie bebiree, Gyedie bebiree, ne ahotɔsoɔ bebiree ɛnam sɛ Ɔnim nnipasuo a yɛyɛ, ɛne deɛ yɛreyɛ sɛ yɛne Asɛm no ɛretena, Ne kwan a Ɔde ato hɔ ama ɛnnɛ da yi so.

Afei Ɔka kyerɛ yɛn: “Ɛfiri Kwasiada som no so ɛrekorɔ, wura wo honhom adwendwene mu. Ma Honhom Koronkron no mfɔ no wɔ wo mu na ma wonsa nka honhom mu nteaseɛ wɔ deɛ merebɛyɛ no nyinaa mu. Ɛyɛ M’asɛm Honhom a anyane a Me diyifoɔ a ne ho asɛm wɔ Malaki tri nan no kaaeɛ.

Ma yɛnkenkan na yɛnya Ne Nsɛm no kakra na yɛmfa nkɔ yɛn honhom nteaseɛ fa mu.

Onyankopɔn siesiee Ne kandini a Ɔde Ne Honhom ahyɛ no ma maa Ne Nnipakuo a Ɔde Ne Honhom ahyɛ wɔn ma; Ne bɔfoɔ; na Ɛde edin nsɔano too no so, nanso ɛnsɛ sɛ ɔda nadie. Ɛsɛsɛ ɔma no ka ne tirim, wahu. “Onipa biara nnim gyesɛ ɔno”.

Enti no Onyankopɔn de ɔkandini a honhom ahyɛ no ma maa N’aYeforɔ, kuo a Honhom ahyɛ wɔn ma. ƆKANDINI,  ƐNYƐ AKANDIFOƆ ma Ne kuo a Honhom ahyɛ wɔn ma.

Ɛnkyɛre koraa, ɛhan bɔfoɔ kɛseɛ no a ɔbɛba yɛn hɔ no ɛreba wiase, a ɔbɛdi yɛn anim de yɛn akɔ. Honhom Koronkron kɛseɛ, ɛba wɔ tumi mu, na ɛbɛdi yɛn anim de yɛn akɔ Awurade Yesu Kristo hɔ.

Ɛhan bɔfoɔ kɛseɛ.  Hwan ne Ɛhan bɔfoɔ kɛseɛ ma saa mfirinhyia a ɛtwatoɔ yi? William Marrion Branham. Ɛnnyɛ Honhom Koronkron no ho asɛm no na Ɔreka. Waba dada na ɔse, a ɔbɛba.

Deɛ ƆBƐDI Y’ƐANIM DE YƐN AKƆ. Yɛnim na yɛgyedi wɔ nokorɛ mu ɛyɛ Honhom Koronkron na ɛredi yɛn anim, nanso Ɔyɛ no pefee sɛ Ɔka Ne bɔfoɔ no ɛne Honhom Koronkron no bɔ mu na Ɔka sɛ Ɔno (Ne Honhom Koronkron) bɛdi yɛn anim (ƐNAM) Ne Han bɔfoɔ kɛseɛ no so.

Ɔtoa so ka wɔn bɔ mu berɛ a Ɔreka sɛ:

Ɛbɛtumi aba sɛ ɔnhunu,

Ɛnnyɛ sɛ Ɔreka sɛ Honhom Koronkron no ɛnhunu ɔno a ɔyɛ, na mmom N’asaase so bɔfo-somafoɔ no a Ɔno ayi no sɛ ƆNI YƐANIM NKƆ no.

Nanso ɔbɛduru ha ɛnna yi mu bi. Ɔbɛyɛ… Onyankopɔn bɛda no adi. Ɛnhia sɛ ɔno ara bɛda ne ho adi, Onyankopɔn bɛda no adi. Onyankopɔn bɛsi Ne Deɛ so gyina.

Bio, ɛnnyɛ sɛ Ɔreka sɛ Honhom Koronkron no bɛba ha ƐNNA YI MU BI, mmom Ne Han bɔfoɔ kɛseɛ a ɔbɛdi N’aYeforɔ anim. Ɛnhia sɛ ɔbɛda Ne ho adie, Onyankopɔn No ara ankasa nam ADIYIE so bɛda Ne kandini kɛseɛ no adi akyerɛ N’aYeforɔ.

Anyabiaa, worenya honhom fa mu nteaseɛ no? Wo hunu deɛ ɔyɛ Ɛhan bɔfoɔ no a Onyankopɔn yii sɛ ɔni N’aYeforɔ anim no? Anyabiaa ɛka no wɔ ha sɛ ɔde batɔn no ama akandifoɔ foforɔ?

Wontumi ntena nkorɔn mmoro wo sɔfo so. Wodeɛ kae wei, hwɛ.

Ɛberɛ a afoforɔnom ɛnte yɛn aseɛ na wɔn tweetwee yɛn no, sɛnea yɛn ani agyeɛ ne aseda turodoo a yɛwɔ ma Adiyie a ɛma yɛka sɛ, William Marrion Branham ƐNE YƐ SƆFOƆ.

Afei ɛnam sɛ nkransɛm yi mu biara kɔma “ɔbɔfoɔ”- (onipa somafoɔ) ne kyɛfa yɛ asodie kɛseɛ ne akwanya nwanwasoɔ.

Ɔde Nkransɛm no kɔmaa Ne bɔfoɔ no, ɛna Ne bɔfoɔ no de ma Ayeforɔ no; ɛnnyɛ sɛ ɔsom dwuma no kɛkɛ, na mmom N’AYEFORƆ NO NYINAA na ɛwɔ Tape so ma ɔbiaa ntie. Wontumi mfa bi nka ho na wontumi nnyi bi mfiri mu, na ƐNHIA NKYERƐKYERƐMU BIARA.

“Ɛnkyɛ koraa Ɔɔba, na sɛ Ɔba a, ɔbɛba wo hɔ kane, na Ɔbɛgyina Asɛmpa no a waka no so na abu watɛn, na yɛbɛyɛ wo nkorɔfoɔ”. Me kaa sɛ, “Wokyerɛ sɛ wɔn nyinaa yɛ masodie?” Ɔkaa sɛ, “wɔn mu biara. Wɔwoo ɔkandini.”

Sɛ atɛmuda kɛseɛ no ba a, Ɔreba Ne Han bɔfoɔ hɔ kane na Ɔbɛgyina asɛmpa no a ɔkaaeɛ no so abu n’atɛn kane. Yɛyɛ NE NKORƆFOƆ. Yɛn mu biara asodie da no so ɛnam sɛ ɔno na na ɔyɛ Onyankopɔn kandini a wayi no.

Fa wo honhom nteaseɛ to ɛno so. Deɛ Onyankopɔn bɔfoɔ kaaeɛ so na wɔbɛgyina de abu yɛn atɛn. Ne saa nti no, wopɛ sɛ wo de wo daa nkwa to atoprɛ wɔ deɛ obi se ƆKAAEƐ wɔ mmerɛ a wobɛtumi atie afiri ƆNO ara hɔ?

Ɛbɛyɛdɛn na obi agye adi sɛ ƆSOM DWUMA BI HO WƆ MFASOƆ DODOƆ KYƐN DEƐ ƐWƆ TAPE SO NO. Sɛ wogye saa adeɛ no di, anaa sɛ wonam adwene mu nsusueɛ bi so apene agye ato mu a, ɛbɛyɛ ama wo sɛ wo bɛsane w’akyi akɔ MFITIASEƐ ASƐM no so; ɛfirisɛ nsɛm a ɛwɔ tape nom so na ɛrebɛbu watɛn. Ɛne Asɛm no ntena sɛdeɛ ɔkaa No no.

Nanso saa ɔdiifoɔ yi bɛba na sɛdeɛ animkandifoɔ ma mmaeɛ a ɛdikan no teaa mu, “Hwɛ Onyame Adwamaa a ɔde wiase bɔne korɔ no,” saa mpo na akyingyeɛ biaa nni hɔ sɛ ɔbɛtea mu sɛ, “Hwɛ Onyame Adwamaa a, Ɔnam animuonyam mu ɛreba.” Ɔbɛyɛ wei, ɛfirisɛ  mpo sɛdeɛ na Yohane yɛ  nokorɛ somafoɔ ma wɔn a wayi wɔn no, saa ara nso na wei nso yɛ somafoɔ a ɔtwatoɔ ma wɔn a wayi wɔn ɛne ayeforɔ a, Asɛm awo wɔn no.

Hwan na ɔbɛyi yɛn akyerɛ Awurade Yesu? Ne Han bɔfoɔ kɛseɛ no, WILLIAM MARRION BRANHAM.

Bra, ɛne yɛn mmɛyɛ Ayeforɔ Baabunu a Ɛnkekaeɛ Nni ho, berɛ a yɛtie Ne bɔfoɔ somafoɔ kɛseɛ no sɛ ɔbrɛ yɛn Adiyie bebiree, Kwasiada prɛmtoberɛ wɔ Jeffersonville berɛ mu, berɛ a yɛtie Nkransɛm a ɔkaa no wɔ Ɔpɛnima bosome no ne da a ɛtɔ so nson wɔ afe apem ahankoron aduosia mu. 60-12-07 – “Pɛgamɔ Asafo Mfirinhyia No”.

Onuabarima Joseph Branham.

24-1027 Smyrna Asafo Mfirinhyia No

M’adɔfoɔ Honhom-Ahyɛma Ayeforɔ,

Nipakuo baako pɛ na ɛwɔ hɔ; Nnipakuo sononko paa, a wɔn na wɔtumi te deɛ honhom no reka no wɔ saa mfirinhyia a ɛtwatoɔ yi mu. Ɛyɛ kuo sononko a wɔn nsa aka Adiyie no a ɛwɔ hɔ ma saa mfirinhyia wei. Saa kuo no firi Nyame. Ɛkuo no a wɔntumi nteɛ no, ɛmfiri Nyame.

Ɛkuo na ɛtumi na wɔtie deɛ Honhom no reka no, nsa ka Nokorɛ Adiyie no. Yɛn ne wɔn a wɔ wɔ Onyankopɔn Honhom no. Yɛn ne wɔn a Onyankopɔn awo yɛn no na Ɔde Honhom Koronkron no abɔ yɛn asu no. Yɛn ne N’aYeforɔ a Ne Honhom Ahyɛma a yɛnsa aka Adiyie no a ɛwɔ hɔ ma yɛmfirinhyia no.

Press Play no, asekyerɛ bɛn na ɛwɔ ma yɛn? ADIYIE! Ɛne sɛ wo retie, wo resɔ mu, ɛne sɛ wo retena Onyame Akwan a wayi ato hɔ ama ɛnnɛ da yi. Onyankopɔn Nne ankasa ɛrekasa ano gu N’aYeforɔ aso mu. Ɛyɛ Honhom Koronkron no ara ɔrekasa gu yɛn akoma ne yɛn kra nom so.

Yɛnim, Onyankopɔn fa mmarima a Ɔde Ne Honhom asra wɔn ngo so kasa, nanso beaeɛ biaa nni hɔ a, wo te Sɛnea Awurade Seɛ Nie gyesɛ ɛnam Pressing Play ɛnesɛ wo retie Ne bɔfoɔ a ɔtɔ so nson no, William Marrion Branham ƐNne. Ɛno ne Ɛnne nkutoo a Honhom Koronkron no ankasa asi so dua.  Ɔyɛ Onyankopɔn Nne, Onyankopɔn diyifoɔ, Onyankopɔn sɔfoɔ, ma yɛn ɛne wiase.

Sɛ ɔkasa a, yɛka AMEN wɔ Asɛmfua biara so; ɛfirisɛ ɛyɛ Onyankopɔn no ara ankasa na ɔrekasa kyerɛ yɛn. N’asɛm ne Asɛm nkutoo a ɛnhia nkyerɛkyerɛmu.  Ɛyɛ Onyankopɔn a ɔde ne nne ɛrekasa kyerɛ N’Ayeforɔ.

Ɛyɛ Onyankopɔn no ara ankass a ɔreka akyerɛ yɛn sɛ, “Me mmɔfra,  ɛnnyɛ mo na mo ayi me, na mmom me na mayi mo. Ansa na yɛ bɛnya nsoromma mu mfutuma,  ansa na mo bɛhunu me sɛ meyɛ mo Nyankopɔn no, na Me nim mo. Na mo wɔ M’adwene mu, na mo te ase wɔ Me nsusueɛ a ɛnni awieɛ mu. Mo ne Me Spoken Word Seed Ayeforɔ no ankasa.

Ɛwɔ mu sɛ na mo wɔ Me nsusueɛ a ɛnni awieɛ mu deɛ, maana mo adi kɔsii me berɛ a mahyɛ a mayi asi hɔ. Ɛfirisɛ na Menim sɛ Mo bɛyɛ Me kuo sononko a Mo ne M’Asɛm bɛtena. Nkaeɛfoɔ no nyinaa adi ntwo, nanso na Menim sɛ mo nni ntwo.

Menim sɛ wɔtaa mo na wɔtweetwee mo ɛnam sɛ mo ne Mediifoɔ atena, nanso mo ne Me Nokorɛ Bobe no a ɛnnyeraa kwan ɛmfiri M’asɛm ho, nanso mo nam nokorɛdie mu ampa ara  ne Mediifoɔ a Ɔka M’asɛm atena.

Afoforɔnom bebiree wɔ hɔ a wɔnam nokorɛ so akyerɛkyerɛ wɔn, nanso ɛnnyɛ aberɛbiara no wɔnsua ɛhia a ɛhia sɛ wɔbɛka deɛ Menam  Me somafoɔ so aka nkutoo”.

Sɛnea ɛsɛsɛ yɛ yɛ ahwɛyie sɛ yɛbɛtie ɛnne BAAKO, ɛfirisɛ Honhom no wɔ ɛnne baako a ɛyɛ Onyankopɔn nne.

Oh, sɛnea ɛhia sɛ yɛbɛtie Onyankopɔn nne ɛnam N’esomafoɔ so, na afei yɛka deɛ ɔde ama wɔn sɛ wɔnka nkyerɛ nsɔre no.

“M’asɛm aba Me diyifoɔ hɔ aberɛbiara, nanso ɛnnɛ da yi, Me maa ɔtwee Me nne guuTape so sɛdeɛ ɛbɛyɛ na mfomsoɔ biara ɛmma wɔ deɛ Me ka kyerɛɛ Ayeforɔ no. Ahoma a dadeɛ tua ɛtoɔ a ɛtene baako pɛ, abaa baako pɛ na ɛwɔ hɔ, na ɛno ne ASƐM a Menam Me bɔfoɔ so kaaeɛ. Sɛnea ɛwɔ mfirinhyia biara mu no, Me diyifoɔ ne Asɛm a ɛwɔ ɛda no mu. “

Tapes no, Ne Nne, ɛyɛ ɔdɔ krataa ma yɛn. Ɛberɛ a ɔtamfo no nam sɔhwɛ ne ahohiahia ne ahokyerɛ so ɛrema yɛaberɛ kɔsi sɛ yɛbɛpa aba no, Ɔsomaa Nebɔfo hoɔdenfoɔ sɛ Ɔnka nkyerɛ yɛn sɛ ɛnnyɛ hwee na mmom ɛyɛ Onyankopɔn nyitohɔ dɔ ma yɛn, ɛreda nadi sɛ, na wayi yɛn sɛ, yɛnntwe yɛn ho.

Ne botaeɛ kɛseɛ ne sɛ, yɛahunu amaneɛ wɔ mmeretia bi mu no akyiri no, Ɔbɛma yɛawie pɛyɛ, atintim ahyɛ yɛn den. Ɔkakyerɛɛ yɛn sɛ mpo yɛn Awurade Yesu nam N’amaneɛ mu na Ɔwiee pɛyɛ. Hwɛ nhyira a Ɔde agya yɛn. Ɛfirisɛ ɛnam yɛamanehunu mu no, Ɔdɛ yɛn bɛduru pɛyɛ mu nso.

Ɔnam yɛn nsɔhwɛ ne ahohiahia mu ɛretintim yɛn suban-su. Ɛfirisɛ yɛntumi nnya suban wɔ mmerekorɔ a amaneɛ nni mu. Kyerɛ sɛ, yɛn amanehunu no yɛ NKUNIMDIE  ma yɛn, na ɛnyɛ akyɛdeɛ.

Ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi ada yɛn dɔ adi akyerɛ no?

– Ɛnam ɛberɛ a yɛregye deɛ Ɔka die.

– Yɛne N’asɛm ɛɛtena.

– Yɛde anigyeɛ ɛretoto yɛn nneɛma wɔ yɛnsɔhwɛ ne ahohiahia a, Ɔnam Ne nyansa kɛseɛ mu, ma ho kwan ma ɛba.

Sɛnea Ɔma yɛn honhom so wɔ sɛ yɛretie N’asɛm.  Ne nne kyekyere yɛn kra werɛ. Sɛ yɛ Presse Play na yɛtie sɛ ɔkasa a, ɛma yɛb adesoa nyinaa so. Yɛntumi mpo nhyɛ aseɛ nsusu aboɔdenneɛ a ɔde agu hɔ ama yɛn ɛnam yɛn ahohiahia no nyinaa mu.

Oh, Yesu Kristo Ayeforɔ, sɛnea m’ani agye sɛ me yɛ wɔn mu baako ɛne mo mu baako biara. Anigyeɛ bɛn na ɛhyɛ m’akoma mu ma sɛ menim sɛ ɔde N’asɛm mu Adiyie ama yɛn. Sɛ Ɔkakyerɛ yɛn sɛ ɛbɛbɛn paa ara sɛ ɛbɛdaadaa wɔn a wayi wɔn ato hɔ pɔtee no sɛ anka ɛbɛtumi a, Wama yɛn NOKORƐ ADIYIE no.

Bra, ɛne yɛn mmɛwura Honhom no mu Kwasiada wei prɛmtoberɛ, Jeffersonville berɛ mu, ɛberɛ a yɛtie Asɛm a ɛwie pɛyɛ no:

60-12-06   – Smyrna Asafo Mfirinhyia No.

Onua Barima Joseph Branham

24-1020 Efiso Asafo Mfirinhyia

M’dɔfoɔ Nokorɛ Ayeforɔ,

Hwɛ ɛberɛ nwanwasoɔ a yɛte mu yi, sɛ N’enkwa ɛretene fa na ɛreworoso wɔ yɛn mu, ɛrema yɛn nkwa. Ɔno ɛnni mu a, nkwa nni hɔ. N’asɛm ne mframa a yɛ home no ara mu.

Ɛwɔ saa esum kabii da yi, yɛn ne N’enfirinhyia kuo a ɛtwatoɔ a yɛama yɛn ho soɔ; Ne nokorɛ Ayeforɔ wɔ ɛda a ɛtwatoɔ a wɔbɛtie Honhom no nkutoo, Onyankopɔn ɛnne wɔ yɛn da yi.

Sɛnea yɛ dɔ sɛ yɛtie sɛ Ɔka sɛ “M’afam no, yɛde mo toto Sikakɔkɔɔ a yɛabɔ so korɔgyenn. Mo tenenee ɛyɛ me tenenee. Mo subansu nom yɛ M’animuonyam subansu. Mo yɛ Me nokorɛ ayeforɔ akɔnnɔ.”

Ɛberɛ a ɛrekɔyɛ sɛ yɛn akodie no ɛreyɛ den naawɔtwe biara no, yɛ Presse Play kɛkɛ tie ɛnne dɛɛdɛ sɛ Ɔkasa kyerɛ yɛn, “ma mo nha mo ho, mo fata M’asɛmpa no. Mo yɛ afɛɛfɛ ne anigyedeɛ. Me dɔ sɛ mehwɛ mo ɛberɛ a mo nam abrabɔ mu sɔhwɛ ne nsɔhwɛ so di ɔtamfo no so nkunim.

Me hu mo brɛ mu dɔ; ɛyɛ mo sorosoro frɛ abrabɔ a mo de som me. Ansa na ewiase ahyɛaseɛ no, na menim sɛ mo bɛhyɛ Me bɔfo hoɔdenfoɔ a mɛsoma sɛ Me Nne abrɛ mo no nso; sɛnea wɔnnaadaa wo ɛberɛ mpatakuo bɔne bɛba mo nkyɛn abɛgye ato wɔn ho sɛ wɔ wɔ Adiyie korɔ no ara bi. Mo mmane ɛmfiri M’asɛm ho, ɛnim sɛ bretia, ƐNNYƐ KETEKETE BAAKO KORAA. Mo ne M’asɛm, Me Nne bɛtena.

Wo bɛhyɛ no nso a, sɛnea Me daa M’asɛm adi maa wo wɔ sɛnea  nokorɛ bobe ne atorɔ bobe no a ɛhyɛɛ aseɛ wɔ Eden Tro mu no bɛbɔ mu anyini wɔ mfirinhyia no nyinaa mu.

Deɛ ɛhyɛɛ aseɛ wɔ mfiriaseɛ asafo mu no, bɛtoa so wɔ mfirinhyia biara mu. Sɛnea asafo mfirinhyia a ɛdikan no, Ɔboronsam atorɔ bobe no bɛhyɛ aseɛ afa ne honhom a ɔde tu sa ma nipa hyɛ n’aseɛ no bɛweawea aba mu, abɛdu asafomma no so. Nanso, sɛnea me dɔ sɛ, ɛnnaadaa M’ayeforɔ a mayi wɔn no.

Naawɔtwe wei, mɛma M’asɛm a ɛwɔ wo mu no ani ada hɔ hann wɔ ɛberɛ a mereda ɔtweaseɛ aba ahintasɛm kɛseɛ no adi. Mɛda n’adi akyerɛkyerɛ mu sɔnn deɛ ɛsiieɛ wɔ Eden tro no mu; ɛkwan a ɔbonsam faa so bɛwuraa adasama abusua mu.

Ɛbɛyɛ adwennwene a ɛyɛ anigyeɛ sɛ wo hunu hyɛ no nso sɛ Me, Nkwadua no a ɛwɔ Eden tro no mu no a,  na obi nkɔ ho no kɔsi saa berɛ yi, ɛnam  Adam ahweaseɛ no nti, afei deɛ, wɔde ama wo, Me’nkonimdifoɔ.

Wei na ɛbɛyɛ mo akatua. Mɛma mo Onyankopɔn Paradise akwanya; mo ne Me daa nkitahodie. Mo ntete ɛmfiri Me ho da. Baabibiara a mɛkorɔ no, mo, M’ayeforɔ bɛkɔ. Adeɛ a ɛyɛ Medea no, Me no mo bɛkyɛ, M’adɔfoɔ.

Sɛnea yɛakoma nom ɛbɔ wɔ mmirika so wɔ yɛn mu ɛberɛ a yɛ kenkan saa nsɛm yi. Yɛnim sɛ Ne bɔhyɛ nsɛm a ɛrehyɛ ma no ɛrebɛn ntɛntɛm, na yɛntumi ntwɛn. Mo ma yɛnyɛ ntɛm ɛnyɛ setie ma N’asɛm na ɛnam so ama yɛada fata a yɛ fata sɛ yɛ nya N’animuonyam  no mu kyɛfa no adi.

Mɛpɛ sɛ mɛto nsa aferɛ wo sɛ bɛka yɛn ho wɔ ɛberɛ a yɛretoa yɛn adesua kɛseɛ afa asafo mfirinhyia nson no ho, beaeɛ a Onyankopɔn nam Ne kwan a wayi ato hɔ so ɛreda N’asɛm adi, Ne bɔfoɔ a ɔtɔ so nson no so.

Onua barima Joseph Branham

Kwasiada  prɛmtoberɛ, Jeffersonville berɛ mu.

60-12-05  Efiso Asafo Mfirinhyia.

24-1013 Patmos Anisoadehunu

Pesan: Patmos Anisoadehunu 60-1204E

BranhamTabernacle.org

M’dɔfoɔ Asɛm a Ɛwie Pɛyɛ Ayeforɔ,

Ɛdeɛn na ɛresie wɔ Ayeforɔ no ntam wɔ ewiase afannaa? Yɛrewura Honhom no mu, yɛre sɔre gyina ɛna yɛre tea mu, “Animuonyam! Hallelujah! Yi Awurade ayɛ “. Onyankopɔn ɛresoa yɛn ɛna ɔreda N’asɛm adi ama N’aYeforɔ.

Ɛnneɛma a yɛakenkan ɛne deɛ yɛateɛ wɔ yɛabrabɔ nyinaa afei na ɛreda ne ho adie. Onyaneɛ kɛseɛ ɛresi. Ɛnam Asɛm no sɛ ɛrehyerɛn sɛdeɛ ebi nsii da.

Yɛ te nka wɔ yɛn kra mu tɔɔnn. Biribi yɛ sononko, biribi resi. Yɛnya atenka sɛ Honhom Koronkron no resra yɛn ngo, ɔde N’asɛm rehyɛ yɛn akoma ne yɛn adwene mu ma.

Yɛtumi te sɛ Ɔrekasa kyerɛ yɛn: Menim sɛ ɔtanfo no retu mo so sa a ɛbi nsii da, nanso ma mmo nsuro, mo a mo yɛ nkumaa, MOYƐ ME DEA. Mede Me dɔ, akokoɔduro ɛne tumiyɛ ma mo. Ka Asɛm no kɛkɛ, na mɛyɛ. Me ne mo wɔ hɔ aberɛbiara.

Ɛfa yɛn adesua kɛseɛ wɔ Yesu Kristo adiyie no, yɛwɔ akwanhwɛ kɛseɛ naawɔtwe biara wɔ deɛ ɛdi soɔ a ɔrebɛda nadi akyerɛ yɛn. N’asɛm nkutoo ne yɛn dwanekɔbea, asomdwoe ne awerɛkyekyerɛ. Yɛdɛn y’ɛaso tie, tie bio, tie bio. Nkyekyɛmu baako biara a yɛkan no, yɛpɛ sɛ yɛ tea mu na yɛ keka mu berɛ a Asɛm no reda no adi wɔ yɛn anim no. Ohwim gyedie no reba Ayeforɔ no so, ɛrehyɛ yɛn kra nom ma.

Susu ho sɛ, beaeɛ biara nni wiase a wobɛtumi akɔ, nanso wo nsa ano pɛɛ, na wo tie Onyankopɔn Nne a ɛkasa kyerɛ wo na ɛda N’asɛm adie.
Sɛnea Onyankopɔn yii nkatanim no firii hɔ, twe kɔɔ akyire, na ɔmaa Yohane hwɛɛ mu na ɔhunuu deɛ asafo mfirinhyia biara ɛrebɛyɛ, na ɔtwerɛɛ wɔ Nwoma mu na ɔde berɛɛ yɛn. Na ɛberɛ no wiee duru no, Onyankopɔn somaa Ne bɔfo hoɔdenfoɔ no a ɔtɔ sɔ nson no brɛɛ yɛn sɛ ɔmmɛka, na ɔnna nenkyerɛaseɛ no nyinaa adi.

Yohane twerɛɛ deɛ ohunuuieɛ, nanso na ɔnnim nenkyerɛaseɛ. Na Yesu mpo nnim berɛ a na ɔwɔ asaase so ha yi. Mfirinhyia no nyinaa mu no, obiara nni hɔ a na ɔnim kɔpem ɛnnɛ da yi, saa berɛ yi, saa nkorɔfoɔ yi, YƐN, N’AYEFORƆ.

Sɛnea wada nadi akyerɛ yɛn sɛ saa na nkaneadua nson no ɛretwe wɔn nkwa ne wɔn han afiri akadeɛ a ɛwɔ saa kuruwa no ankasa mu. Ɔka kyerɛɛ yɛn sɛnea ɛmu baako biara de wɔn ntomaban nuu mu. Na asafo mfirinhyia baako biara mu somafoɔ no nam Honhom Koronkron no so redɛre wɔ ne ntomaban a anu Kristo mu, a ɛretwe nkwa pɔtee a ɛwɔ Kristo mu na ɔde saa Ɛhan no rema asafo no. Ɛna afei, yɛn da a ɛtwa toɔ somafoɔ no, ɔkɛse paa a ɔwɔ asomafoɔ no nyinaa mu no, nyaa nkwa korɔ no ara ne ɛhan korɔ no ara a ɛdaa adi wɔ abrabɔ a na ɛne Kristo asuma wɔ Onyankopɔn mu.

Ɛna yɛn bɔfo-hoɔdenfoɔ no ka kyerɛ yɛn sɛ, na ɛnnyɛ asomafoɔ maako maako no nkutoo ho mfonini na na ɛwɔ hɔ, na MMOM YƐN MU BAAKO BIARA NSO, Onyankopɔn nokorɛ agyedifoɔ. Ɔnam ahwɛgorɔ kwan so agyina hɔ ama yɛn mu baako biara nso.
Yɛn mu baako biara nso yɛretwe firi asomafoɔ no farebea korɔ no ara. Yede yɛn nyinaa anu kuruwa korɔ no ara mu. Yɛawu ama yɛn ho na YƐN nkwanom asuma, abɔ Kristo Yesu yɛn Awurade mu.

Sɛnea ɔhyɛ yɛn nkuran sɛ ɔreka sɛ onipa biara ntumi ɛnnyi yɛn mfiri Onyankopɔn nsa mu. Yɛn nkwa ho ɛntumi nte kyema. Yɛn abrabɔ a yɛ hunu no redɛre ɛna ɛrehyerɛn, na ɛrema ɛhan ne Honhom Koronkron no ahodadie. Yɛn mu, abrabɔ a yɛnfa yɛn ani nhunu no asuma wɔ Onyame mu na Awurade Asɛm na ɛma no aduane die.

Ako no yɛ hu. Ɔtamfo no refa abufuo sɛdeɛ ɛbi mmaa da, ɔreyɛ deɛ ɔbɛtumi biara de abu yɛn abam, sɛdeɛ yɛbɛbrɛ, nanso ɔntumi nyɛ. Onyankopɔn no ankasa de nipa ano kasa Kyerɛ yɛn ka sɛ, YƐ YƐ N’AYEFORƆ, A WAYIE, na ɛdi ɔboronsam so ABERƐBIARA.

Yɛn Awurade a ɔwie pɛyɛ, ɔrɛka N’asɛm a Ɛwie Pɛyɛ, ɔde Asomudwoe a Ɛwie Pɛyɛ rema N’ayeforɔ a Ɛwie Pɛyɛ.

Sɛdeɛ aberɛbiara no, yɛ to nsa frɛ ɛwiase sɛ wɔn mfa wɔn ntomaban mɛnu KURUWA PƆTEE, no mu, saa Nkransɛm yi, a yɛakora agu hɔ na yɛabɔ ho ban ama Ayeforɔ no. Yɛbɛma yɛn nne so na yɛatea mu prɛmtoberɛ wɔ Jeffersonville berɛ mu, ɛberɛ a yɛtie Onyankopɔn Nne a ɛkasa na ɛda deɛ ɛsiieɛ wɔ: Patmos Anisoadehunu 60-1204E

Onua barima Joseph Branham.

24-0728 Honhom Mu Aduane A Ɛwɔ Ne Berɛ Mu

Nkratoɔ: 65-0718E Honhom Mu Aduane A Ɛwɔ Ne Berɛ Mu

PDF

BranhamTabernacle.org

24-0728 Honhom Mu Aduane A Ɛwɔ Ne Berɛ Mu

Nkratoɔ: 65-0718E Honhom Mu Aduane A Ɛwɔ Ne Berɛ Mu

PDF

BranhamTabernacle.org