Momma yɛn nyinaa mmoa yɛn ano na yɛntie Nkransɛm no a, ɔkaa no Ɔpɛpɔn bosome no ne da a ɛdi kan wɔ afe apem ahankoron aduosia baako mu Adiyisɛm Etire Ɛnan Ɛfa A Ɛtɔso Mienu Kwasiada wei prɛmtoberɛ, ɛwɔ Jeffersonville berɛ mu.
Megye di sɛ mo mu biara ne mo nnamfo nom ne mo abusuafoɔ dii Buronya nwanwasoɔ. Sɛdeɛ meda Awurade ase ɛnnɛ yi sɛ menim sɛ yɛmɔɔ yɛn Awurade Yesu atenaseɛ wɔ mmoa adididaka mu sɛdea ɛwiase hu No nnɛ no, na mmom Ɔte ase na Ɔwɔ N’Ayeforɔ no ntam, na Ɔnam Ne Nne so ɛreda Ne ho adi sɛnea ɛbi mmaa da, AYƐYIE NKA AWURADE.
Sɛdea mabɔ amanneɛ dada no, mɛpɛ sɛ yɛbɛnya Awurade Adidie bio wɔ yɛn afie/nsɔredan mu wɔ Afe Foforɔ Anwummerɛ, Ɔpɛnima bosome no ne da a ɛtɔ so aduasa baako. Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔde wɔn ho hyɛ mu no, yɛbɛtie Nkransɛm a ɔkaa no, Ɔpɛnima bosome no ne da a ɛtɔ so aduasa baako wɔ afe apem ahankoron aduosia mienu Akansie No, na afei yɛakɔ Awurade Adidie som no mu pɛɛ, a Onua Bɛɛma Branham hyɛ aseɛ wɔ Nkrasɛm no awieɛ.
Agyedifoɔ a wɔwɔ mpɔtam ha no, yɛbɛhyɛ Tape no ase anwumerɛ nɔnson. Nanso, wɔn a wɔwɔ ɛberɛ nhyehyɛeɛ afoforɔ mu no, yɛsrɛ sɛ hyɛ Nkrasɛm no ase wɔ ɛberɛ a ɛyɛ ma wo mu. Sɛ Onuabarima Branham de n’Afe Foforɔ Anwummerɛ Nkrasɛm ba awieɛ a, yɛbɛma tape no agyina kakra wɔ nkyekyɛ mu a ɛtɔ so aduonum nkron awieɛ, na yɛanya sanku nwom bɛyɛ simma du ɛberɛ a yɛredi Awurade Anwummeduane no. Afei yɛbɛsan atoa tape no so ɛberɛ a Onua Branham de ɔsom no ba awieɛ. Wɔ saa tape yi so no, ɔyi ɔsom no fã a wɔde hohoro nan ho no firi mu, na yɛnso yɛbɛyi ɛno afiri mu.
Wɔbɛtumi ahu akwankyerɛ a ɛfa sɛnea Wobɛnya bobesa, ɛne sɛnea wɔto Awurade Adidie paanoo no wɔ link nom a ɛwɔ aseɛ ha no mu. Wobɛtumi abɔ anaa wobɛdownloadu audio no afiri website no so, anaasɛ Wɔbɛtumi abɔ ɔsom no afiri Voice Radio so kɛkɛ wɔ Lifeline app no so (a wɔbɛbɔ wɔ Borɔfo kasa mu anwumerɛ nɔn nson pɛpɛɛpɛ wɔ Jeffersonville berɛ mu.)
Ɛberɛ a yɛrebɛn afe foforɔ a yɛde som yɛn Awurade no, momma yɛnikan ɛnam Ne Nne tieɛ so ɛnyi yɛn dɔ adi nkyerɛ No, na afei momma yɛnya yɛ kyɛfa wɔ N’anwummerɛ Adidie no mu. Hwɛ animuonyam ɛne kronkron berɛ a ɛbɛyɛ ɛberɛ a yɛsan tu yɛn abrabɔ asi hɔ ama Ne Som.
Sɛ yɛte Onyankopɔn Nne sɛ ɛkasa kyerɛ yɛn a, biribi si wɔ yɛn kra mu tɔnn. Yɛn nipadua mu no nyinaa sakyera na ɛte sɛ deɛ ɛwiase a atwa yɛn ho ahyia no ɛtwa mu akɔ.
Ɔkwan bɛn so na obi bɛtumi akyerɛkyerɛ mu afa deɛ ɛrekɔ so wɔ yɛn akoma mu, yɛn adwene mu, ɛne yɛkra mu, ɛwɔ ɛberɛ a Onyankopɔn Nne ɛda N’asɛm adie wɔ Nkransɛm biara a yɛtie no?
Ɛte sɛ yɛn diyifoɔ no, yɛte nka sɛ wɔama yɛn so akɔ ɔsoro a ɛtɔ so mmiɛnsa na ɛte sɛ deɛ yɛn honhom ɛfiri nipadua a ɛwuo yi mu. Nsɛmfua biara nni hɔ a yɛde bɛkyerɛ dea yɛteɛ wɔ yɛn mu ɛberɛ a Onyankopɔn da N’asɛm adi kyerɛ yɛn ɛsene ɛberɛ biara.
Wɔde Yohane too Patmo supɔ so na wɔka kyerɛɛ no sɛ ɔntwerɛ deɛ ɔhunuiɛ no na ɔmfa nhyɛ nwoma bi a wɔfrɛ no Adiyisɛm mu, sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛkɔ mfirinhyia no mu. Wɔde saa ahinta nsɛm no asie kɔsii sɛ Ɔnam Ne bɔfo-somafoɔ a ɔtɔ so nson a wayi no no so daa no adi kyerɛɛ yɛn.
Afei Yohane tee saa Ɛnne korɔ no ara wɔ ne soro na wɔmaa no so kɔɔ soro a ɛtɔ so mmiɛnsa. Saa Ɛnne no kyerɛɛ no asafo mfirinhyia no, Jewfoɔ mmaeɛ no, ɔhaw nom a wɔhwie guuieɛ no, Ohwim no, Mmaeɛ bio no, Mfirinhyia Apem no, ɛne Daa Fipam ma wɔn a Wagye wɔn no. Ɔmaa no so kɔɔ soro ɛna ɔsan yɛɛ ahoboaboa no nyinaa kyerɛɛ Yohane sɛdeɛ Ɔkaa sɛ Ɔbɛyɛ no.
Nanso hwan na Yohane hunuuiɛ ɛberɛ a ɔhunuu ahoboaboa no? Ɔbiara nnim ankasa de bɛsi nnɛ.
Adeɛ a ɛdi kan a ɔhunuuiɛ wɔ mmaeɛ no mu ne Mose. Ɔgyinaa hɔ maa Ahotefoɔ a wɔawuwuo a wɔbɛnyane wɔn; mfirinhyia nsia a wɔdaaeɛ no nyinaa.
Nanso na ɛnyɛ Mose nkutoo na na ɔgyina hɔ, na mmom na Elia nso wɔ hɔ bi.
Hwan ne saa Elia a na ɔgyina hɔ no?
Nanso na Elia wɔ hɔ; ɔsomafoɔ a ɔwɔ hɔ ma ɛda a ɛdi akyiri no, ɔne ne dɔm, wɔn a wɔasakyera, Ohwimfoɔ no.
ANIMUONYAM…HALELUYA…hwan na Yohane hunuuiɛ sɛ ɔgyina hɔ?
Ɛnyɛ ɔbiara sɛ Onyankopɔn bɔfo-somafoɔ a ɔtɔ so nson, William Marrion Branham, ne NE DƆM A WƆASAKYERA, OHWIMFOƆ…YƐN MU BIARA!!
Elia gyinaa hɔ maa ɛkuo a ɔɔmo nipadua sesaaeɛ no. Kae sɛ Mose na ɔdii kan, na afei Elia. Na ɛsɛ sɛ Elia yɛ somafoɔ wɔ ɛda a ɛdi akyiri no, sɛ ɔne ne kuo no bɛba owusɔreɛ…ɛbɛba…wiɛ, mekyerɛ ɛbɛba Ohwim no. Mose de owusɔreɛ no baeɛ ɛna Elia nso de Ohwim dɔm no baaeɛ. Na, ɛhɔ no, ɔɔmo mienu ɛgyina maaeɛ.
Kasa fa deɛ wo yi ɛso nkatasoɔ, woreda no adie, ne Adiyisɛm.
Ɛno nie! Yɛnsa aka No yɛn ntam seesei, Honhom Kronkron, Yesu Kristo, Ɔte saa ɛnora, ɛnnɛ, ne daa. Woyɛ…Ɛyɛ asɛmpaka ma wo, Ɛyɛ adekyerɛ ma wo, Ɛrebɔ mmɔden sɛ ɛbɛma woahunu dea ɛtene ne dea ɛntene. Ɛyɛ Honhom Kronkron no ankasa a Ɔde nnipa ano ɛrekasa, ɛreyɛ adwuma wɔ nnipa mu, Ɔrebɔ mmɔden sɛ Ɔbɛkyerɛ ahummɔborɔ ne adom.
Yɛn na yɛ yɛ Ahoteefoɔ a Wɔhyɛ Ntade-Fitaa a Ne bɔfoɔ hunuuiɛ sɛ wɔfiri asaase afannaa nyinaa so ɛba bɛdi Nkwa Panoo no. Wabɔ yɛn kɔkɔɔkɔ na yɛne No aware na yɛanya N’asiwa mfeano wɔ y’ɛakoma mu. Yɛhyɛɛ yɛn ho bɔ maa No, ɛne Ne Nne nkutoo. Yɛnyɛɛeɛ, na yɛmfa ɛnne foforɔ biaa ngu yɛn ho fĩ.
Ayeforɔ no ɛresiesie ne ho akɔ soro te sɛ deɛ Yohane yɛɛeɛ no; akɔ Onyankopɔn Anim. Wɔbɛma yɛn so wɔ Ohwim Asafo no mu. Hwɛ sɛnea ɛno twa yɛn kra ho hyia kɛkɛ!
Ɛdeɛn na ɛdi hɔ a Ɔrebɛda no adi akyerɛ yɛn?
Atɛmmuo nom; bogyanamboɔ no, ɛne deɛ ɛgyina hɔ ma; ne fa mu dwuma a ɛdiiɛ. Ahwehwɛboɔ, ne aboɔ ahoroɔ no nyinaa. Ɔbɛfa weinom nyinaa asiane afa Hesekiel, akɔ akyiri wɔ Genesis mu, asan akɔ Adiyisɛm, asiane aba Bible mfimfini, akyekyere saa aboɔ ahoroɔ ne ahosuo no nyinaa abɔ mu.
Ɛyɛ Honhom Kronkron korɔ no ara, Onyankopɔn korɔ no ara, ɔrekyerɛ nsɛnkyerɛnneɛ korɔ no ara, anwanwadeɛ korɔ no ara, ɔɔyɛ ade korɔ no ara sɛdeɛ Ɔhyɛɛ bɔ no ara pɛ. Ɛyɛ Yesu Kristo Ayeforɔ a ɔnam Ne Nne tieɛ so ɛresiesie ne ho.
Yɛma mo akwaaba sɛ momɛka yɛn ho ɛberɛ a yɛwura ɔsoro mmeaeɛ wɔ prɛmtoberɛ, Jeffersonville berɛ mu, sɛ yɛbɛte sɛ Elia, Onyankopɔn somafoɔ ma mfirinhyia a ɛtwa toɔ yi mu, ɛda ahinta nsɛm a wɔde asuma wɔ mfirinhyia no mu adi.
Ɔnua Barima Joseph Branham
Nkransɛm a ɔkaa no Ɔpɛnima bosome no ne da a ɛtɔ so aduasa baako afe apem ahankoron aduosia mu Adiyisɛm Etire Nan Ɛfa a ɛdi kan.
Anidie mu, kae Y’ɛafe Foforɔ Nkransɛm, Ɛbenada anadwo: Akansie No Nkransɛm a ɔkaa no Ɔpɛnima bosome no ne da a ɛtɔ so aduasa baako wɔ afe apem ahankoron aduosia mienu mu. Ɛkwan pa biara nni hɔ a wo de hyɛ Afe Foforɔ no ase.
Oh Nyame Adwamaa, Wo ne Onyankopɔn Akyɛdeɛ kɛseɛ a wakyekyere de ama ɛwiase. Woama yɛn Akyɛdeɛ mu kɛseɛ a wɔde ama pɛn, Wo-ankasa wo ho. Ansa na Wobɔɔ nsoromma a ɛdi kan no, ansa na wobɔɔ asase, bosome, owia nhyehyɛeɛ no, na Wonim yɛn na Wo yii yɛn sɛ yɛnyɛ W’ayeforo.
Saaberɛ no a Wohunuu yɛn no, Wodɔɔ yɛn. Na yɛyɛ Wo honam mu honam, Wo dompe mu dompe; na yɛyɛ Wo fã bi. Sɛnea Wodɔɔ yɛn na wopɛɛ sɛ Wo ne yɛn bɛbɔ fekuo. Wopɛɛ sɛ wo ne yɛn kyɛ Wo Daa Nkwa. Na yɛnim saa berɛ no, sɛ yɛbɛyɛ Wo Owurayere YESU.
Wohunuu sɛ yɛbɛdi ntwo, ɛnti na ɛsɛ sɛ Woma ɔkwan bi a wobɛfa so asan de yɛn aba. Na yayera a na yɛnni anidasoɔ. Na ɔkwan baako pɛ na na ɛwɔ hɔ, Na ɛsɛ sɛ wobɛyɛ “Abɔdeɛ Foforɔ”. Na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn ne onipa bɛyɛ Baako. Na ɛsɛ sɛ wobɛyɛ yɛn, sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛtumi abɛyɛ Wo. Enti, Wo hyɛɛ Wo nhyehyɛeɛ kɛseɛ no ase mfie mpempem a atwam wɔ Eden turo mu.
Ayɛ Wo pɛ paa sɛ wobɛka yɛn ho, W’asɛm a ɛwie pɛyɛ Ayeforɔ, nanso na wonim sɛ ɛsɛ sɛ wo dikan san de yɛn kɔ deɛ na ayera wɔ mfitiaseɛ no nyinaa mu. Wotwɛneɛ na wotwɛneɛ na wotwɛneɛ de besii ɛnnɛ da yi sɛ wobɛwie Wo nhyehyɛeɛ no.
Ɛda no aduru. Saa ɛkuo ketewa a Wohunuu no mfitiaseɛ no wɔ ha. W’akoma mu tɔfe a ɔdɔ Wo ne W’asɛm kyɛn biribiara.
Na,, ɛberɛ aso sɛ Wobabɛda Wo ho adi wɔ onipa honam mu sɛnea Wo ne Abrahamyɛɛeɛ no, ɛne sɛnea Woyɛɛeɛ ɛberɛ a Wobɛyɛɛ Abɔdeɛ foforɔ no. Sɛdeɛ Wo kɔn asi adɔ saa da yi sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wobɛtumi ada W’ahintasɛm akɛseɛ a wɔde asie firi ɛwiase fapem no nyinaa adi akyerɛ yɛn.
Wode W’Ayeforɔ hoahoa wo ho paa. Sɛnea W’ani gye ho sɛ wode No bɛkyerɛ na woaka akyerɛ Satan sɛ, “Ɛmfa ho ne nea wobɛbɔ mmɔden biaaa sɛ wobɛyɛ ɔɔmo no, ɔɔmo nhinhim; ɔɔmo ngo ɔɔmo mmudie mu wɔ M’asɛm, Me Nne mu. Wɔyɛ M’ASƐM A ƐWIE PƐYƐ AYEFORƆ” Ɔɔmo ho yɛ Me fɛ yie. Hwɛ ɔɔmo kɛkɛ! Wɔ ɔɔmo nsɔhwɛ ne sɔhwɛ nyinaa mu no, wɔkɔ so gyina nokorɛ mu wɔ M’asɛm so. Mɛma ɔɔmo akyɛdeɛ afebɔɔ. Deɛ meyɛ nyinaa, mede ma wɔn. YƐBƐYƐ BAAKO.
Dodoɔ a yɛbetumi aka aaa ne sɛ: “YESU, YƐDƆ WO. Ma yɛnma Wo akwaaba mmra yɛn fie. Ma yɛnsra Wo na yɛmfa yɛn nisuo nhohoro na yɛnfe Wo nan ho. Ma yɛnka sɛnea yɛdɔ Wo no nkyerɛ Wo.”
Nea yɛyɛ nyinaa, yɛde ma Wo YESU. Ɛno ne yɛ’akyɛdeɛ ma Wo YESU. Yɛdɔ Wo. Yɛtontom Wo. Yɛsom Wo.
Meto nsa frɛ mo mu biaaa sɛ ɔmmɛka yɛn ho Kwasiada prɛmtoberɛ, wɔ Jeffersonville berɛ mu, na momma YESU akwaaba mmra mo fie, mo-asɔre mu, mo kar mu, baabi-biara a mobɛtena, na monnye Akyɛdeɛ kɛseɛ a wɔde ama onipa pɛn; Onyankopɔn ankasa a Ɔne wo ɛɛkasa na ɔne wo ɛɛbɔ fekuo.
Awurade de ato m’akoma so sɛ mɛnya Nkransɛm ne Awurade Adidie Som soronko bio wɔ anadwo a yɛde bɛwura afe foforɔ no mu no. Adekɛseɛ paa bɛn na yɛbɛtumi ayɛ nanfonom a ɛkyɛn sɛ yɛbɛtie Onyankopɔn Ɛnne kasa kyerɛyɛn, sɛ yɛnya yɛkyɛfa wɔ Awurade Adidie no mu, na yɛasan ate yɛn abrabɔ ho ama Ne som wɔ Afe Foforo a yɛrebɛwura mu no. Koronkron berɛ paa a ɛbɛyɛ sɛ yɛbɛyi wiase afiri yɛn adwene mu, na yɛne Ayeforɔ no aka abɔ mu ama saa nhyiamu Titire yi wɔ Asɛm no mu, sɛdeɛ yɛfiri y’ɛakoma mu ka no, “Awurade, fa mfomsoɔ a yɛayɛ wɔ afe mu no nyinaa kyɛ yɛn; afei yɛrebɛn Wo, ɛrebisa sɛ Wobɛsɔ yɛn nsa na woakyerɛ yɛn kwan wɔ afe a ɛreba yi mu. Ma yɛnsom Wo dodoɔ nkyɛn deɛ abɛsene kɔ no, na sɛ ɛyɛ Wo Nyameyɔ Apɛdeɛ mu a, ma ɛnyɛ Ohwim kɛseɛ afe a ɛrebɛsie no. Awurade, yɛpɛ sɛ yɛkɔ Fie kɛkɛ na yɛne Wo atena Onniawieɛ mu.” Mentumi ntwɛn sɛ mɛhyiam atwa N’ahenwa ho ahyia wɔ saa atuhoahyɛ-bio som soronko yi, yi Awurade ayɛ.
Agyidifoɔ a mowɔ Jeffersonville mpɔtam no, mɛpɛ sɛ mɛhyɛ tape no ase anadwo nnɔnson wɔ yɛn mpɔtam ha berɛ no mu. Nkransɛm mua no ɛne Awurade Adidie som no bɛba Voice Radio so saa berɛ no, sɛnea yɛayɛ no wɔ ɛberɛ a atwam mu no. Yɛbɛma Communion wine no ayɛ krado wɔ Wukuada, Ɔpɛnima bosome no ne da a ɛtɔ so du nwɔtwe, firi awia dɔnko kɔsi anwumerɛ nɔn-num, ama wo akɔfa wɔ YFYC dan no mu.
Mo a mote Jeffersonville mpɔtam akyi no, anidie mu, monyɛ saa ɔsom soronko yi wɔ ɛberɛ a ɛyɛ ma mo. Ɛnkyɛ koraa yɛbɛnya link a yɛbɛtumi adownload Nkransɛm no ɛne Awurade Adidie Som no.
Ɛberɛ a yɛrebɛn Buronya Afoofidie no, mepɛ sɛ mema mo ne mo abusua NWANWASOƆ ne AHOBANBƆ afoofidie berɛ, ɛne Anigyeɛ Kristosom, a Awurade Yesu a wasɔreɛ… Asɛm no ahyɛ mu ma.
Adɔfoɔ Efie Asɔre Ayeforɔ, momma yɛnyinaa nhyia mmom na yɛntie Nkransɛm a ɔkaa no Ɔpɛnima bosome no ne da a ɛtɔ so du nwɔtwe wɔ afe apem ahankoron aduosia mu Nnyegyeɛ A Ɛnsi Pi No, Kwasiada wei prɛmtoberɛ wɔ Jeffersonville berɛ mu.
Hwɛ, megyina ɔpono no ano na mebɔ mu, sɛ obi te Me nne na obue ɔpono no a, mɛba ne nkyɛn na me ne no adidi, na ɔne Me nso adidi.
Ɔsom dwumadie, bue w’apono ma Onyankopɔn bɔfoɔ ansa na aka akyiri dodo. Mo nsane mo akyi mfa Onyankopɔn Nne no nsan hyɛ mo asɛnkadua no mu ɛnam tape bɔ so. Ɛyɛ Onyankopɔn Nne koro pɛ a wɔabu no bem ama yɛn da yi a ɛwɔ Nsɛm a mfomsoɔ biara nni ho. Ɛyɛ Ɛnne koro pɛ a ɛwɔ Sɛnea Awurade Seɛ Nie. Ɛno nko ara ne Ɛnne a Ayeforo no nyinaa bɛtumi aka AMEN wɔ soɔ.
Ɛyɛ aberɛ nyinaa mu mfirinhyia kɛseɛ paa. Yesu de Ne ho nkyerɛkyerɛmu ɛrema yɛn ɛberɛ a N’adom nna no ɛrekɔ n’awieɛ. Ɛberɛ adu awieɛ. Wada Ne su pɔtee ankasa adi akyerɛ yɛn wɔ saa mfirinhyia a ɛtwa toɔ yi mu. Wama yɛn adehwɛ a ɛtwa toɔ wɔ Ɔno ankasa adom ɛne Ne Nyame pɔn no ho. Saa mfirinhyia yi ne Ɔno ankasa ho adiyie tiboɔ.
Onyankopɔn baa Laodikea berɛ yi mu na Ɔbɛfaa onipa honam so kasaaeɛ. Wɔatwe Ne Nne agu ahoma so na wɔde asie sɛ ɛbɛdi N’asɛm Ayeforo anim na ama n’awie pɛyɛ. Tiawa mu no, Ɛnne foforo biara nni hɔ a ɛbɛtumi ama N’ayeforo awie pɛyɛ gyesɛ Ɔno ankasa Nne.
Ɛwɔ saa berɛ a ɛtwa toɔ yi mu no, wɔde Ne Nne a ɛwɔ Tape nom so no ato nkyɛn; wɔayi afiri nsɔrensɔre no mu. Wɔremmɔ Tape nom no kɛkɛ. Enti Onyankopɔn see, “Meekɔ atia mo nyinaa. Mɛfe mo afiri M’ano mu. Awieɛ no nie.”
“Nson mu mfirinhyia nson, menhunuu hwee sɛ nnipa a wɔbu wɔn ankasa asɛm sene Me deɛ. Enti saa mfirinhyia yi awieɛ no merebɛfe mo afiri M’ano mu. Ne nyinaa aba awieɛ. Ɛyɛ Merebɛkasa. Aane, mewɔ ha wɔ Asafo no ntam. Onyankopɔn Amen no, ɔnokwafo ne deɛ yɛgye no die no bɛda Ne ho adi na ƐBƐNAM ME DIYIFOƆ SO.”
Sɛnea na ɛteɛ kane no, wɔreyɛ wɔn ntotoeɛ sɛdeɛ yɛnim sɛ wɔbɛyɛ no te sɛ deɛ wɔn agyanom yɛɛeɛ wɔ Ahab nna no mu no. Na’ wɔn dodoɔ yɛ ahannan na wɔn nyinaa yɛɛ adwene korɔ; na ɛnam sɛ wɔn nyinaa ɛreka asɛm korɔ no, wɔmaa nkurɔfoɔ no yɛɛ nkwasampafoɔ. Nanso odiyifoɔ BAAKO, BAAKO PƐ, na na ɔyɛ nokorɛ na nkaeɛ no nyinaa ati ɛfiri sɛ na Onyankopɔn de adiyie no ahyɛ ƆBAAKO NKUTOO nsa.
Wei ɛnkyerɛ sɛ ɔsom nwuma nyinaa yɛ atorɔ na ɛredaadaa nkurɔfoɔ no. Saa ara nso na menka sɛ ɔbɛɛma a ɔwɔ ɔfrɛ sɛ ɔnyɛ ɔsom adwuma ntumi nka asɛm anaa ɔnkyerɛkyerɛ. Mereka sɛ NOKWARE som nwuma nnum no de TAPES NO, Onyankopɔn Nne ma Ayeforɔ no, bɛsi hɔ sɛ Ɛnne a ɛho hia paa a ƐSƐ SƐ WOTIE. Ɛnne no a ɛwɔ tape nom so no ne Ɛnne NKUTOO a Onyankopɔn ankasa agye atom sɛ ɛyɛ Sɛnea Awurade Seɛ.
Wobɛyɛ dɛn ahu ɛnnɛ da yi mu ahotɔsoɔ kwan a ɛyɛ nokorɛ? Mpaapaemu a ɛte saa wɔ agyidifoɔ ntɛm. Nnipa kuo baako see ɔsom nwuma num no bɛma Ayeforo no awie pɛyɛ, ɛna ɔfoforo no ka sɛ Press Play kɛkɛ. Ɛnni sɛ yɛn mu paepae; ɛsɛ sɛ yɛka bom sɛ AYEFORƆ BAAKO. Mmuaeɛ a ɛyɛ nokorɛ ɛne deɛn?
Momma yɛnmom mmue yɛakoma mu na yɛntie deɛ Onyankopɔn nam Ne diyifoɔ so ɛreka akyerɛ Ayeforo no. Ɛfiri sɛ yɛn nyinaa gye tom sɛ, Onua Barima Branham yɛ N’ebɔfo-somafoɔ a ɔtɔ so nson.
Sɛ wo gyina nnipa nneyɔeɛ nkoaa mpo so a, obibiara nim sɛ, baabi a nnipa dodoɔ wɔ no, adwene nkyekyɛ mu wɔ asɛm kumaa bi a ɛfa nkyerɛkyerɛ kɛseɛ a wɔn nyinaa kura mu. Ɛnneɛ na hwan na ɔbɛnya tumi a ɛho ntoo kyema a ɛyɛ sɛ yɛ sane de bɛsi hɔ wɔ mfirihyia a ɛtwa toɔ yi mu, efiri sɛ awieɛ mfirihyia yi bɛbu nkɔmpɔ akɔ n’akyi akɔda asɛm korɔgyenn ayeforɔ no adi? Ɛno kyerɛ sɛ yɛbɛnya asɛm no prɛkopɛ bio sɛdeɛ wɔde maa korɔgyeenn maa wɔnyaa nteaseɛ korɔgyenn wɔ Paulo nna mu no. Mɛka onii ko a ɔbɛnya akyerɛ wo. Ɛbɛyɛ odiyifoɔ a wɔabu no bem turodoo anaa mpo sɛ wɔabu no bem akyɛn mfirinhyia no nyinaa mu adiyifoɔ firi Enock berɛ so bɛsi ɛnnɛ, ɛfiri sɛ ɛbɛhia sɛ saa barima yi bɛnya nkɔmhyɛsom dwumadie no tiboɔ, na Onyankopɔn bɛma no so akyerɛ. Ɛnhia sɛ ɔbɛkasa ama ne ho, Onyankopɔn bɛfa ɛnne nsɛnkyerenne so akasa ama no. Amen.
Enti, saa Nkransɛm yi a Ne somafoɔ no kaeɛ no, wɔde maaeɛ frenkyemm, na wɔtee aseɛ frenkyemm.
Ɛdeɛn bio na Onyankopɔn ka faa Ne bɔfo somafo a ɔto so nson ne ne Nkrasɛm no ho?
Ɔbɛtie afiri Onyankopɔn nkutoo hɔ.
Ɔbɛnya “sɛnea Awurade seɛ” na wakasa ama Onyankopɔn.
Ɔbɛyɛ Onyankopɔn kasamafo.
ƆNO, SƐNEA WƆAKA WƆ MALAKI 4:6 NO, BƐDANE MMƆFRA NO AKOMA ASAN AKƆ AGYANOM NO SO.
Ɔde wɔn a wɔayi wɔn no wɔ ɛnna a ɛtwatoɔ no mu no bɛsane aba na wɔbɛtie odiyofoɔ a wɔabu no bem sɛ ɔma nokorɛ pɔtee te sɛdeɛ na Paulo deɛ teɛ no.
Ɔde nokorɛ no bɛsi nananmu te sɛdeɛ wɔnyaaeɛ no.
Na afei ɛdeɛn na ɔka faa yɛn ho?
Na ɔne wɔn a wɔayi wɔn saa da no bɛyɛ wɔn a wɔda Awurade adi ampa na wɔbɛyɛ Ne Nipadua na wɔayɛ Ne nne na wɔayɛ Ne nnwuma. Haleluia! Anyabiaa wohu anaa?
Sɛ wadwene da so yɛ wo naa a, srɛ Onyankopɔn ma Ɔnam Ne Honhom so nhyɛ wo ma, na Ɔnni w’anim ɛfiri sɛ Asɛm no ka sɛ, “ƐNTUMI ƐNNAADAA WƆN A WƆAYI WƆN PƆTEE NO”. Ɔbarima biara nni hɔ a ɔbɛtumi adaadaa wo sɛ woyɛ Ayeforo no a.
Ɛberɛ a Methodistfoɔ no dii ntwo no, Onyankopɔn pagyaa afoforɔ na saa na akɔ so wɔ mfie no mu kɔsi saa da a ɛtwa toɔ yi mu no, nnipa foforɔ wɔ asaase no so bio, a wɔ wɔ wɔn somafoɔ no nan aseɛ no wɔbɛyɛ ɛnne a ɛtwa toɔ ama mfirinhyia a ɛtwa toɔ no.
Yiw owura. Asɔre no nyɛ Onyankopɔn “kasamafoɔ” bio. Ɛyɛ ɔno ara ankasa kasamafoɔ. Enti Onyankopɔn ɛredane akɔ ne so. Ɔbɛnam odiyifoɔ no ne ayeforo no so ama no adwen-fra, ɛfirisɛ ne mu na yɛbɛnya Onyankopɔn nne. Yiw ɛte saa, ɛfirisɛ ɛka wɔ Adiyisɛm ɛtire a ɛtwatoɔ nkyekyɛmu du nson no sɛ, “Honhom no ne ayeforo no ka sɛ: Bra.” Prɛkopɛ bio ɛwiase no bɛtie afiri Onyankopɔn hɔ tɔɔnn te sɛ Pentekose; nanso nokware mu no, wɔbɛpo saa Asɛm-Ayeforo no sɛnea na ɛteɛ wɔ mfirinhyia a ɛdi kan no mu no.
Ayeforo no wɔ ɛnne, nanso ɛbɛka nea ɛwɔ tape nom so nkutoo. Ɛfirisɛ saa Ɛnne no FIRI ONYANKOPƆN HƆ TƆƆNN, ɛnti ɛnhia nkyerɛaseɛ biara sɛnea wɔde maa pɛpɛɛpɛ na wɔte aseɛ pɛpɛɛpɛ no.
Bra bɛka yɛn ho Kwasiada wei prɛmtoberɛ, ɛwɔ Jeffersonville berɛ mu, ɛberɛ a yɛtie saa Ɛnne no ɛda no adi kyerɛ yɛn: Laodikea Asafo Mfirinhyia No Ɔpɛnima bosome no ne da a ɛtɔ so du baako anwumerɛ wɔ afe apem ahankoron aduosia mu.
Ɛmmaa da wɔ wiase abakɔsɛm mu sɛ ɛberɛ bi aba a Kristo Ayeforɔ a ɛwɔ wiase afannaa nyinaa bɛtumi abɔ mu ayɛ baako wɔ adwene baako mu, ɛberɛ a ɛnne bi a ɛfiri Ɔsoro, Onyankopɔn Nne ankasa, bɛtumi de ahoɔden aba mu.
Twerɛsɛm ɛrehyɛma. Ɛyɛ nkabon berɛ Aba nsɛnkyerɛnne. Kristo Ayeforo no nkabom a aniwa ɛnhunu no ɛrekɔ so ɛberɛ a yɛte Ɔba no anim, ɛrebere, ɛresiesie ne ho, ɛnam Onyankopɔn Nne ankasa a yɛretie no so.
Yɛnam Ne som adwuma-num no so ɛrewie pɛyɛ.
Dodoɔ sɛn na wɔgye di sɛ akyɛdeɛ ne ɔfrɛ nni adwensakra? Bible kaa sɛ akyɛdeɛ nnum na ɛwɔ asafo no mu. Onyankopɔn de asi asafo no mu Asomafoɔ, anaa asɛmpatrɛfoɔ, asomafoɔ, adiyifoɔ, akyerɛkyerɛfoɔ, asɛmpakafoɔ, asɔfoɔ.
• Ɔsɛnkafoɔ: Mɛkɔ abɔnten. Na obi bɛka sɛ, “Woyɛ ɔsɛnkafoɔ?” Na mɛka sɛ, “Yiw owura. Oh yiw, meyɛ ɔsɛnkafoɔ.”
• Ɔkyerɛkyerɛfoɔ: Na afei nea enti a mamfa no asɛnka soɔ anɔpa yi, ɛne sɛ, mesusuu sɛ, wɔ adekyerɛ mu no, yɛbɛte aseɛ yie akyɛn sɛ yɛbɛfa twerɛsɛm bi na yɛahuru afa so kɛkɛ. Na yɛbɛkyerɛkyerɛ no ara kwa.
• Ɔsomafo: Asɛmfua “ɔsɛmpatrɛfoɔ” kyerɛ “nea wɔsoma no “Ɔsomafo” kyerɛ “nea wɔasoma no.” Ɔsɛmpatrɛfo yɛ ɔsomafoɔ. Me—me, (I am) meyɛ ɔsɛmpatrɛfo, sɛnea mo nim no, *meyɛ* asɛmpaka adwuma, asɛmpatrɛ adwuma, bɛyɛ mpɛn nson wɔ amannɔne, wɔ wiase nyinaa.
• Odiyifo: Mogye di sɛ meyɛ Onyankopɔn diyifoɔ? Ɛneɛ kɔyɛ nea meka kyerɛ wo sɛ yɛ no.
• Ɔsɔfoɔ: Moahunu deɛ mayɛ mo yi? Mofrɛ me mo sɔfo, na moka no yie, ɛfiri sɛ me yɛ.
Na mehunuu saa ɔpepem pii no sɛ wɔgyina hɔ, mekaa sɛ, “Wɔn nyinaa yɛ Branham foɔ?” Ɔkaa sɛ, “Dabi.” Ɔkaa sɛ, “Wɔyɛ akra a wɔnam wo soɔ.” Na mekaa sɛ, me—mekaa sɛ, “Mepɛ sɛ mehu Yesu.” Ɔkaa sɛ, “Ɛnnya nnuruu hɔ. Ɛbɛrɛ bi bɛso ansa na Ɔno aba ara. Nanso Ɔbɛba wo nkyɛn kane na wɔnam Asɛm a wokaeɛ no so bɛbu wo atɛn,
Biribiiibɛsi. Ɛdeɛn na ɛɛsie yi? Kristo mu awufoɔ no ahyɛaseɛ ɛresɔre atwa me ho ahyia. M’ate nka sɛ nsakraeɛ bi aba me nipadua mu. Me tiri mu dwene no nyinaa kɔ. Hwɛ m’anim… m’anim a atwintwam no nyinaa ayera. Tu a ɛtutu me ne me yaw….Ɔɔmo KƆ. Adwenemuhaw a na mewɔ no ayera amonom hɔ ara. Wɔasesa me wɔ b ɛberɛ tiawa bi mu, wɔ anibɔtɛtɛ so.
Afei yebɛfiri aseɛ ahwɛ yɛn ho ahyia na yɛahu yɛn adɔfoɔ. Oh me, Maame ne Papa na wɔwɔ hɔ yi…..Animuonyam, me ba barima…me babaa. Nana barima, Nana baa, oh mafe mo mmienu nyinaa paa. Hey…me yɔnko brɛboɔ dadaa na ɔwɔ hɔ no. OH HWƐ, ɛyɛ Onua Barima Branham, yɛn diyifoɔ, Hallelujah!! Ɛwɔ ha. Ɛrekɔ so!
Afei yɛbɛka abɔ mu, prɛko pɛ, ama yɛn so akɔ soro, asaase so ewiem baabi. Yɛbɛhyia Awurade sɛ Ɔnam Ne kwan so ɛresiane aba fɔm. Yɛne No bɛgyina hɔ wɔ asaase yi nkaawa so na yɛato ɔgyeɛ nnwom. Yɛbɛto nwom na yɛayi No ayɛ wɔ N’adom ɛgyeɛ a Ɔde ama yɛn no ho.
Sɛ wopɛ sɛ wote sɛ Ɔfrɛ wo N’ayeforo, na ɔka sɛnea wo ne No bɛsi ayɛ kyerɛ wo a, bra bɛka yɛn ho Kwasida yi wɔ prɛmtoberɛ Jeffersonville berɛ mu, na wobɛyɛ nhyira aboro so.
Onua Barima Joseph Branham.
Ɔpɛnima bosome no ne da a ɛtɔ so du baako Anɔpa wɔ afe apem ahankoron aduosia mu. Nkransɛm a wato din
Ɛdeɛn na saa Kwasiada wei ɛbɛnya ama Yesu Kristo Ayeforɔ no? Ɛdeɛn na Honhom Koronkron no bɛda n’adie akyerɛ yɛn? Nhunumu a ɛwie pɛyɛ. Afei deɛ yɛnam adiyie so bɛnya nteaseɛ mua, adekann no a yɛde toto n’adaneɛ ho no ɛne ade pɔtee no a yɛde toto ne sunsum ho no. Yesu ne nokorɛ Nkwa paanoo no. Ne nyinaa ne Ɔno. Ɔyɛ Onyankopɔn Baako. Ɔyɛ Hebrews tire du mmiɛnsa nkyekyɛmu nwɔtwe. Ɔno ne Me ne nea Me ne.
Kristo, Ɔnam sɛ Ɔreyi Ne ho adie wɔ honam so, na Ɔrehwie Ɔno ara Mogya, apepa yɛn bɔne nyinaa prɛkopɛ, ɛnam Ne ho a Ɔde bɔɔ afɔreɛ, ne saa nti no afei Wama yɛn awie PƐYƐ. Ne nkwa pɔtee no wɔ yɛn mu. Ne Mogya ate yɛn ho. Ne Honhom hyɛ yɛn ma. N’akyi ntampea asa yɛn yareɛ DADA. N’asɛm wɔ yɛn akoma mu ɛne yɛn anum. Ɛyɛ Kristo a Ɔwɔ yɛn abrabɔ mu na hwee nka ho, ɛberɛ a Ɔno ne N’asɛm akyi no, yɛn abrabɔ mu adeɛ nyinaa yera yɛ adegyengyan.
Anigyeɛ bɛhyɛ yɛn akoma mu ma ɛwɔ ɛberɛ a Ɔka kyerɛ yɛn sɛ ɛnam Ne Nyameyɔ ahyɛdeɛ so no, na Ɔnim nnipa pɔtee a wɔbɛyɛ N’ayeforɔ. Sɛnea Ɔyii yɛn. Ɔferɛɛ yɛn. Ɔwuuieɛ maa yɛn. Ɔtuaa ɛka no maa yɛn na yɛ yɛ Ne dea, na Ɔno nkutoo. Ɔkasa na yɛ yɛ setie ɛfiri sɛ ɛyɛ yɛn anigyeɛ. Yɛ yɛ N’agyapadeɛ koro na Ɔnni foforɔ bi gyesɛ YƐN. Ɔyɛ yɛn Hene mu Ahene na yɛ yɛ N’aheman. Yɛ yɛ Ne daankwa ahonyadeɛ.
Ɔbɛhyɛ yɛn den na Ɔbɛnam Ne Nne Asɛm so ama yɛn ahyerɛn. Ɔbɛkyerɛkyerɛ mu pefee na wada n’adi sɛ Ɔno ne ɛnwan no Pono no. Ɔne ne Alpha ne Omega mmienu no nyinaa. Ɔyɛ Agya no, Ɔyɛ Ɔba no, na Ɔyɛ Honhom Koronkron no. Ɔyɛ Baako, na yɛne No yɛ Baako na yɛ wɔ Ne mu.
Ɔbɛkyerɛ yɛn boasetɔ, sɛnea Ɔyɛɛ Abraham, wɔ nkyerɛkyerɛmu a ɛfa sɛnea ɛsɛsɛ yɛde ntoboaseɛ twɛn na yɛmia yɛani sɛ yɛ pɛ sɛ yɛnsa ka bɔhyɛ biara a.
Ɔbɛkyerɛ yɛn pefee ɛda pɔtee mu a yɛ wɔ yi. Sɛnea asafo nkabom kubaatan no bɛnya ahoɔden wɔ amanyɔsɛm mu, na wɔde ɔhyɛ bɛto aman mpanyinfoɔ so sɛ obibiara ɛni nenhyehyɛeɛ a adane mmara so nkɔdɔm no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛnye onipa biara nto mu sɛ nsɔre gyesɛ wɔn badwakuo no wɔ tumidie wɔ wɔn so anaa sɛ wɔnam biribi so nya tumidie wɔ wɔn so. Ɔbɛda nadi sɛnea dodoɔ no bɛgye ato mu, ɛberɛ a wɔredwene sɛ wɔresom Onyame ɛwɔ mmoanokuo no yɛbea no so. Nanso Ɔka kyerɛ yɛn sɛ, “ma ɛnsuro, ɛfirisɛ ɛnnyɛ adeɛ sɛ wɔbɛdaadaa Ayeforɔ no, yɛne N’asɛm no bɛtena, Ne Nne.”
Sɛnea ɛbɛyɛ awerɛkyekyerɛ sɛ yɛbetie sɛ Ɔka kyerɛ yɛn: “Sɔ mu yie, mia w’ani tɔ kɔ so. Mpa aba, na mmom fa Onyankopɔn akodeɛ no nyinaa hyɛ, akodeɛ biara, akyɛdeɛ biara a mede ama woɔ da yɛn abam. Ma ɛmma wabamu ɛmmu makoma mu dɔfoɔ, kɔso fa anigyeɛ hwɛ w’anim ɛfirisɛ merebɛbɔ wo abotire, wo Hene mu Ahene ne Awurade mu Awuranom, wo Kunu.
Wo ne me nokorɛ asafo no; Onyankopɔn asɔredan no ankasa ɛnam Me Honhom Koronkron no a Ɔte mo mu no. Mo bɛyɛ fadum wɔ asɔre foforɔ no mu; fapem no ankasa no a ɛbɛkura ɛdan no. Me de wo bɛsi hɔ sɛ nkunimdifoɔ aka asuafoɔ no ne adiyifoɔ no ho, ɛfirisɛ M’amo mo adiyie a ɛfa M’asɛm ho, Me ankasa Me ho.
Ɔbɛda nadi pefee akyerɛ yɛn sɛ na Watwerɛ yɛn din wɔ N’adwamaa Nkwa Nwoma no mu ansa na ɛwiase fapem. Ne saa nti no, yɛbɛtena N’ahenwa no anim adekyeɛ ne adesaeɛ na yɛasom no wɔ N’asɔrefie. Yɛn ne wɔn a Awurade ani ku wɔn ho no; yɛ yɛ N’ayeforɔ.
Yɛbɛnya edin foforɔ wɔ berɛ a yɛrefa Ne din. Ɛbɛyɛ edin a wɔde bɛma yɛn sɛ Ɔfa yɛn ma Ne ho a. Yɛbɛyɛ Ɔno Owurayerenom Yesu Kristo.
Jerusalem foforɔ no firi Onyame mu wɔ ɔsoro aheman mu ɛresiane ba fɔm, Ayeforɔ a wɔasiesie no ama ne kunu. Owuo, awerɛhoɔ, anaa osuu nni hɔ bio. Saa nso na yɛrennya yawdie bio ɛfirisɛ nnoɔma dadaa no nyinaa atwa mu. Onyankopɔn bɔhyɛ nwanwasoɔ no nyinaa bɛhyɛ ma. Nsakraeɛ no bɛwie du. Adwamaa no ne N’aYeforɔ bɛbɔ atenaseɛ wɔ Onyankopɔn pɛyɛ no nyinaa mu daa.
Madɔfoɔ Owurayerenom Yesu Kristo, SO ƐHO DAEƐ. Ɛbɛyɛ nwanwa akyɛn sɛdeɛ wobɛtumi asusu ho da.
Me to nsa frɛ obibiara sɛ wɔmmɛka yɛn ho saa Kwasiada yi prɛmtoberɛ wɔ Jeffersonville berɛ mu, ɛberɛ a yɛ Kunu, Yesu Kristo, nam Ne bɔfoɔ hoɔdenfoɔ somafoɔ a ɔtɔ so nson no so kasa na Ɔka wei nom nyinaa kyerɛ yɛn.
Onuabarima Joseph Branham
Nkransɛm: Philadelphia Asafo Mfirinhyia No. Ɔpɛnima bosome no ne da a ɛtɔ so du afe apem ahankoron aduosia mu.
Sɛnea ɛyɛ yɛn ahohoahoa sɛ yɛfrɛ yɛn “Tape Nkorɔfoɔ”. Yɛn akoma de anigyeɛ tu mmirika naawɔtwe biara ɛnam nim a yɛnim sɛ yɛbɛka yɛn ho abɔ mu wɔ ewiase afannaa nyinaa ɛnam sɛ yɛretie Onyankopɔn ɛnne sɛ Ɔkasa kyerɛ yɛn.
Yɛnim, a akyingyeɛ baako nni ho, yɛwɔ Onyankopɔn Pɛ a ɛwie pɛyɛ mu ɛnam sɛ yɛretena N’asem mu; ɛretie Ne nne ɛnam Ne bɔfo somafoɔ ahoɔdenfoɔ a ɔtɔ so nson no so.
Ɔsomafoɔ no a ɔyiieɛ maa yɛn da yi yɛ William Marrion Branham. Ɔyɛ Onyankopɔn kanea ma ɛwiase, ɛɛkyerɛ Onyankopɔn hann. Ɔreferɛ N’asɛm korɔgyenn ayeforɔ a ɔnam Ne bɔfoɔ so ayi wɔn.
Ɛnam ahwɛyie wɔ N’asɛm adesua mu no, Ɔnam Ne Honhom Koronkron no so ada no adi ama yɛn sɛ William Marrion Branham ne ɔbɔfoɔ a Ɔyiieɛ de N’adiyie ɛne ɔsɔm adwuma a ɛwɔ yɛn nna yi mu no hyɛɛ nensa. Yɛhu Ne bɔfoɔ, YƐN NSONOMA, ɛwɔ Nensa nifa mu sɛ Ɔde Ne tumi ɛrehyɛ nensa sɛ ɔna N’asɛm adi na ɔnferɛ N’aYeforɔ mmra.
Wama yɛn Ne ho Adiyie mua. Honhom Koronkron no ɛreyi Ne ho adi akyerɛ yɛn ɛnam Ne bɔfo somafoɔ a ɔtɔ so nson no abrabɔ so; ɔbɔfoɔ no a Ɔyiieɛ sɛ ɔnyɛ N’ani ɛmma yɛn da yi.
Sɛnea yɛn akoma ɛhyehye wɔ yɛn mu ɛwɔ berɛ a Ɔnam Nkransɛm baako biara so ka kyerɛ yɛn sɛ ɛyɛ Ne botaeɛ sɛ Ɔde yɛn bɛba Nenkyɛn; ɛnam sɛ yɛ yɛ N’asɛm Ayeforɔ.
Ɔdɔ sɛ Ɔkakyerɛ yɛn bɔso bio , bɔso bio sɛnea Ɔyii yɛn ansa na ewiase fapem ɛwɔ Ne MU. Sɛnea na Ɔnim yɛn dada na Ɔdɔɔ yɛn.
Sɛnea yɛdɔ sɛ yɛte sɛ Ɔkasa na Ɔka kyerɛ yɛn sɛ Ɔnam Ne mogya so na Ɔgyee yɛn na yɛntumi mma afɔbuo mu da. Yɛntumi nyina atɛnmmuo mu, ɛfirisɛ bɔne nni yɛn so nkontabuo.
Sɛnea yɛne No bɛtena wɔ ɛberɛ a Ɔbɛfa N’asaase so David ahennie no, na yɛne No adi adeɛ; te sɛdeɛ Ɔyɛɛeɛ no wɔ ɔsoro aheman mu no, de ahoɔden ne tumi wɔ asaase nyinaa so. Abrabɔ wei mu sɔhwɛ ne nsɔhwɛ bɛyɛ sɛ adehunu bi saa berɛ no.
Nanso, Wabɔ yɛn kɔkɔ wɔ ahwɛyie a ɛsɛsɛ yɛyɛ. Na mfirinhyianom no mu no, bobe mmienu no nyinii afa ne afa. Sɛnea aberɛbiara ɔtamfo no abɛn paa no; nnaadaa paa. Mpo Onyankopɔn na Ɔyii Judas, ɔkyerɛkyerɛɛ no wɔ nokware mu. Ɔnyaa ahintasɛm mu nimdeɛ kyɛfa. Ɔmaa no nyaa ɔsom dwuma mu tumi na ɔsaa ayarefoɔ yareɛ tutuu ahonhom mmɔne wɔ Yesu din mu. Nanso wantumi ankɔduru.
Wontumi mfa Asɛm no fa kɛkɛ nkɔ, ɛwɔ sɛ wo fa Asɛm no NYINAA. Ɛnkorɔfoɔ bi wɔ hɔ a akɔyɛ sɛ wɔde wɔn ho awura Onyame mu adeɛ bɛyɛ sɛ ɔha mu abupɛn ɔha nanso wɔnnyɛ.
Ɔkaa sɛ ɛnnyɛ deɛ ɛwie du ne sɛ Ɔde Ne ho adɔm asafo no nyinaa, anaasɛ mpo ɔsom nwuma nnum no a ɛwɔ Efiso tire nan no. Ɔbɔɔ yɛn kɔkɔ sɛ asafo mfirinhyia koro biara mu no, asafo no mane firi kwan so, na ɛnnyɛ asafomma no nkutoo na mmom asɔfokuo- nwanhwɛfoɔ no ti saa ara nso na nwan no.
Saa nti no, ɛnam Ne tirimbɔ afotuo a ɛfiri ɔno ara ne pɛ mu no, Ɔno ara de Ne ho baaeɛ wɔ yɛn mfirinhyia no mu sɛ Ɔkandini Odwanhwɛfoɔ no wɔ Ne bɔfo-somafoɔ a ɔtɔ so nson no som dwumadie mu sɛ ɔni Nenkrɔfoɔ anim nsan mmra nokorɛ mu ɛne tumi bebiree no a ɛwɔ saa nokorɛ no mu no.
Ɔwɔ Ne somafoɔ mu, na obi a ɔwɔ Onyankopɔn mayɛ no bɛdi ɔsomafoɔ no akyi sɛdeɛ ɔsomafoɔ no nam N’Asɛm so yɛ Awurade akyi di ni.
Mepɛ sɛ menya Onyankopɔn mayɛ na medi Ne somafoɔ akyi. Ɛne sɛ, yɛn, Branham Tabernacle afam no, ɛkwan baako pɛ a ɛde di ɔsomafoɔ no akyi sɛnea ɔnam N’Asɛm so di Awurade akyi ne PRESS PLAY na tie Onyankopɔn Ɛnne Korɔgyenn sɛ Ɔka nsɛm no a mfomsoɔ nni ho no kyerɛ yɛn.
Ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn adwene susu anaa yɛ hwehwɛ deɛ yɛretie no mu, deɛ ɛwɔ sɛ yɛ yɛ ne sɛ yɛbɛ Press Play na yeagye Asɛm biara a yɛretie adi.
Me tee sɛ Onuabarima Branham ɛka anumnsɛm a ɛtoasoɔ yi anɔpa hemaa bi wɔ Voice radio so. Ɛberɛ a meteeɛ no, ɛbɛtɔɔ m’akoma so sɛ wei ne atenka pɛpɛɛpɛ a me anaa yɛnya ɛfa sɛ yɛreka sɛ:
YƐ PRESS PLAY KƐKƐ NA YƐTIE TAPE NOM.
Ɛgyegyee te sɛ yɛn gyedie anodisɛm ma me.
Ɛno no deɛ nti a megye saa Nkransɛm yi die, ɛne sɛ ɛfiri Onyankopɔn Asɛm no mu. Na adebiara a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm akyi no, mennyɛ nni. Ɛbɛtumi ayɛ sɛɛ, nanso mɛdaso ne deɛ Onyankopɔn aka no atena, na afei manya ahotɔsoɔ sɛ mennyɛɛ mfomsoɔ. Afei Onyankopɔn bɛtumi ayɛ deɛ Ɔpɛ sɛ Ɔyɛ. Ɔyɛ Onyankopɔn. Nanso ɛnnahene a me ne N’Asɛm tena no, ɛnneɛ na menim sɛ ɛno ara yɛ. Megye ɛno di.
Animuonyam, ɔkaa no PƐPƐƐPƐ. Ɔsom nwuma foforɔ no nyinaa bɛtumi awɔ hɔ, ɛfirisɛ Onyankopɔn bɛtumi ayɛ deɛ Ɔpɛ sɛ Ɔyɛ, afa onipa a Ɔpɛ sɛ Ɔnam ne so, Ɔyɛ Onyankopɔn. Nanso ɛnnahene a me ne N’Asɛm teɛ no, Ne Nne, Tape nom no, ɛneɛ na menim sɛ ɛyɛ. Megyedi.
Menim sɛ dodoɔ na wɔkenkan me nkrataa na wɔnte deɛ meka ase ɛne deɛ megye die sɛ ɛyɛ Awurade pɛ ma yɛn asafo no. Ahobraseɛ mu, ma me nti deɛ yɛn diyioɔ no kaaeɛ no mu prɛkopɛ bio:”Saa nkrataa yi wɔ hɔ ma m’asɔre nkutoo. Wɔn a wɔ wɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛfrɛ Branham Tabernacle sɛ wɔn asɔre. WƆN A WƆPƐ SƐ WƆDA WƆN HO ADIE NA YƐFERƐ WƆN TAPE NKORƆFOƆ “.
Sɛ wo ne me nnyɛ adwene wɔ deɛ meka ne deɛ megyedi a, ɛyɛ kama ɔha mu abupɛn ɔha me nua mmarima ne mmaa. Me nkrataa no nni hɔ mma mo anaa sɛ ɛntia mo anaa monsɔre. W’asɔre de ne ho na ɛsɛ sɛ wo yɛ deɛ atenka di w’anim sɛ yɛ, nanso sɛdeɛ Asɛm no seɛ, saa ara nso na yɛdeɛ ɛteɛ, na wei na yɛgyedi sɛ ɛyɛ Onyankopɔn kwan a wayie ama yɛn.
Yɛma obibiara akwaaba sɛ ɔne yɛn nka mmɔ mu Kwasiada biara prɛmtoberɛ wɔ Jeffersonville berɛ mu. Naawɔtwe wei, Onyankopɔn Nsonoma ma yɛn mfirinhyia, William Marrion Branham, de Nkransɛm a ɔkaa no Ɔpɛnima bosome no ne da ɛtɔ so nkoron wɔ afe apem ahankoron aduosia mu Sardi Asafo Mfirinhyia ɛberɛ yɛn.