All posts by admin5

25-0323 Nsɔano A Ɛtɔso Mmienu

Adɔfoɔ Tape Atiefoɔ,

Asɛmmisa: Anyabiaa, ɛnam Tapes bɔ so no yɛ wɔ Ne Pɛ a ɛwie pɛyɛ mũ? 

Mmuaeɛ: Aane.

Asɛmmisa: Anyabiaa Ayeforɔ no hia bebiree kyɛn deɛ wɔaka wɔ Tapes no so no? 

Mmuaeɛ: Dabi.

Asɛmmisa: Anyabiaa yɛrehwere biribi ɛnam sɛ yɛretie Tapes NKUTOO no?

Mmuaeɛ: Dabi.

Asɛmmisa: Anyabiaa yɛbɛtumi ayɛ Ayeforɔ no ɛnam sɛ yɛretie Tapes no NKUTOO?

Mmuaeɛ: AANE PAA A ƐMU DA HƆ, PEFEE!

Afei kae sɛ, “Biribiara nni hɔ a wɔbɛda no adi; Onyankopɔn ɛnyɛ biribiara, koraa, kɔsi sɛ Ɔbɛdikan ada no adi akyerɛ N’enkoa, adiyifoɔ no.” 

Ɛne sɛ, deɛ yɛhia NO NYINAA wɔaka na ɛwɔ Tapes no so; Anaasɛ, sɛ Ne bɔfoɔ a ɔto so nson no san ba asase so a, ɔbɛka akyerɛ yɛn saa berɛ no.

Oh Ayeforɔ, momma yɛnfa yɛn adwene mmubu deɛ ɛrekɔ so ɛfa Kristo Ayeforɔ a wɔwɔ wiase afannaa nyinaa no ho. Agya nam Ne Nne so ɛreboaboa N’ayeforɔ ano na ɛrema aprannaa nnyegyeɛ, “Sɛ Awurade Seɛ Nie.”  

Kae sɛ, ɔkaa deɛ Aprannaa no yɛ kyerɛɛ yɛn: “Aprannaa dede a ɛrebobom dendennden

no yɛ Onyankopɔn Nne”. Na ɛdeɛn ne Onyankopɔn Nne ma Ayeforɔ no? Onyankopɔn bɔfoɔ somafoɔ a ɔto so nson, William Marrion Branham.

Ɔkaa sɛ Aprannaa nwanwasoɔ nson ɛreba a wɔntwerɛeɛ koraa mpo.  Na ɛnam saa Aprannaa Nson no so no, ɛbɛka Ayeforɔ no abom ama ohwim gyidie. 

Awurade Asɛm no ba N’adiyifoɔ nkyɛn. Sɛ na Ɔwɔ nhyehyɛeɛ a ɛyɛ kyɛn saa a, anka Ɔde adi dwuma. Ɔyii nhyehyɛeɛ a ɛyɛ papa paa no wɔ mfitiaseɛ no na Ɔntumi, na Ɔnnyɛ nsesaeɛ.

Ɛne sɛ, Onyankopɔn Nne, a Ɔnam Ne bɔfoɔ a ɔtɔ so nson so ɛrekasa no, ɛreboaboa N’ayeforɔ no ano na ɔrema yɛn Ohwim Gyidie.

 Asafo no adwene ɛnyɛɛ nnaa ɛfiri afe apem ahankoron aduasa mmiɛnsa wɔ asubɔnten no ho saa da no sɛ William Marrion Branham yɛ Onyankopɔn Nne, ɛrema aprannaa nnyegyeɛ, “Sɛ  Awurade Seɛ Nie,” na wɔsomaa no sɛ ɔmmɛfrɛ, mboaboa, na ɔnni Ayeforɔ no anim.

Mepɛ sɛ meto nsa frɛ wo sɛ wo ne yɛn mmɛtie Kwasiada prɛmtoberɛ Jeffersonville berɛ mu, ɛberɛ a yɛn Awurade Yesu ɛbue nwoma no mu, ɛte Nsɔano no ano, na Ɔsoma de siane ba asase so, kɔma Ne bɔfoɔ a ɔtɔ  so nson, sɛ ɔna No adi ɛma yɛn!

Ɔnuabarima Joseph Branham .

Date: Kwasiada, Ɔbɛnem da a ɛtɔ so aduonu miɛnsa, afe mpenu ne aduonu num.

Nkransɛm no yɛ: Nsɔano A ɛto so Mmienu. Ɔkaa no Ɔbɛnem bosome no ɛda a ɛtɔ so du nkoron wɔ afe apem ahankoron aduosia mmiɛnsa mu.

Ɛberɛ no yɛ: Prɛmtoberɛ, wɔ Jeffersonville berɛ mu.

Twerɛnsɛm a wɛbɛkekan ansa na watie Nkransɛm no:

Ɔhoteni Mateo 4:8 / 11:25-26 / 24:6.

Ɔhoteni Marko 16:16.

Ɔhoteni Yohane 14:12.

2 Tesalonikafoɔ 2:3.

Hebrifoɔ 4:12.

Adiyisɛm 2:6 / 6:3-4 /

Etire 17/ 19:11-16 .

Joel 2:25

Amos 3:6-7

25-0316 Nsɔano A Ɛdikan

Me Dɔfo Ɔsoro Hemaa,

Mewɔ nneɛma pii wɔ hɔ ma wo Kwasiada wei. Ɛdikan no, wobɛte aprannaa a ɛrebɔ mu. Ɛbɛyɛ me Nne, Onyankopɔn Nne a Ɔrekasa kyerɛ wo, M’Ayeforɔ. Merebɛda M’Asɛm adi akyerɛ wo sɛnea ɛbi nsii da. Wobɛhu Me, Adwamaa a mogya apiram no a na wɔakum no firi ewiase fapem no, sɛ Ɔfa nwoma no na Ɔbue mu, tete Nsɔano no ano, na Ɔde soma siane kɔ asase so, kɔmaa Me bɔfo somafoɔ a ɔtɔ so nson, William Marrion Branham, sɛ ɔnna no adi nkyere MO ahintansɛm no a wɔde asie ɛfiri ewiase fapem no! 

Mo bɛte nteateamu, nkekamu, ne hallelujah nom afiri wiase afanaa nyinaa  ɛberɛ a Me kasa kyerɛ mo no. Gyata no bɛbobom; Ngosra no, tumi no, animuonyam no, ɛda ne ho adie no  bɛyɛ deɛ wontumi nkyerɛkyerɛ mu. Mo, Me Hemaa, bɛbom atena ɔsorosoro hɔnom ɛberɛ a Mekasa kyerɛ mo na mema mo Ohwim mu Gyidie.

Kae sɛ, ɛsɛ sɛ wonya saa gyidie a ɛberɛ bi wɔde maa ahotefoɔ no. Meka kyerɛɛ mo, ɛsɛ sɛ motie Me bɔfoɔ a mesoma brɛɛ mo no.

Ɔno na ɛwɔ sɛ “ɔsan de mmɔfra no Gyidie san bɛsi Agya no deɛ no.” Mfitisseɛ Bible Gyedie no, ɛwɔ sɛ ɔbɔfoɔ a ɔto so nson no san de bɛsi hɔ.

 M’asɛm ka kyerɛ mo, ɛwɔ ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so Nson no Nne nna no mu no, ne nne nyegyeɛ ɛrekɔ so no, ɛrebɔ Asɛmpa torobɛnto no; ɛwɔ sɛ ɔwie Onyankopɔn ahintansɛm no nyinaa. Adeɛ baako ntumi mmɛka ho na biribiara nni hɔ a wɔbɛyi afiri deɛ mekaa wɔ tapes no so; Ka deɛ Menam Me bɔfo somafoɔ no so kaaeɛ kɛkɛ.  Ɛno nti na memaa wɔtwe guu ahoma so no, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛtumi a PRESS PLAY kɛkɛ na woatie deɛ Mekaeɛ no pɛpɛɛpɛ, ɛne sɛnea Mekaaeɛ. Ɛbɛma wo Ohwim mu Gyidie. 

Me dɔfo Hemaa, wɔ M’ani so no, woyɛ obi a ampaniampaa, turodoo bɔne nni wo mu wɔ M’anim. Ɛnha wo ho, wo nkɔ ahohiahia no mu; ɛfiri sɛ woagye Me Mogya, M’asɛm, Me bɔfoɔ, Me Nne, ɛkyerɛ sɛ bɔne ko koraa nni wo ho wɔ M’anim.

Mewɔ nneɛma akɛseɛ a ɛte saa wɔ hɔ ma wo. Wohu M’asɛm a ɛreda adie wɔ w’ani so ɛdakoro biara. Me de nsɛnkyerɛnne agu ɛwiem ɛkyerɛ mo sɛ biribi ɛreba abɛsi.  Mereba, siesie wo ho. Ma M’asɛm, Me Nne, ɛni kan wɔ w’abrabɔ mu. 

Fa biribiara to nkyɛn, biribiara nni hɔ a ɛho hia kyɛn M’asɛm. Menim sɛ ɔtamfo no ɛrebɔ mmɔden sɛ ɔbɛma wo abu wo ho abomfea, nanso Mehyɛɛ wo bɔ sɛ mɛma wo so. Me ne wo ɛwɔ hɔ, wɔ WO MU mpo. Wo ne Me ɛreyɛ baako ɛberɛ a meda M’asɛm adi kyerɛ wo no.

Wonim wɔ w’akoma mu, wo yɛ M’ayeforɔ-Hemaa. Wonim sɛ meyii wo too hɔ. Wonim sɛ medɔ wo. Wonim sɛ me ne wo wɔ hɔ anibɔ biara mu ɛda biara. Wonim sɛ MENYA WO HƆ DA.

Yɛbɛnya ɛberɛ nwanwasoɔ pii  wɔ ɛberɛ a MedA bebiree adi kyerɛ wo Kwasiada biara, ɛda biara, ɛberɛ a wote sɛ Menam Me bɔfoɔ so ɛkasa kyerɛ wo. Ɛbia afoforɔ ɛnte aseɛ anaa wɔnhunu deɛ wo hunu, nanso ato sɛkyɛ wɔ w’akoma mu sɛ wei ɛne Me Kwan a M’ayi ato hɔ no.

Dwanekɔbea paa a Mede ato hɔ ama wo. Wobɛtumi Amia Play kɛkɛ ɛberɛ biara, adekyeɛ anaa adesaeɛ, na woate sɛ Mekasa kyerɛ wo.  Mede awerɛkyekyerɛ bɛba wo kra mu ɛberɛ a Meda M’Asɛm adi na meka onipa ko a woyɛ kyerɛ wo no. Nkrasɛm biara yɛ wo dea, na wo nko ara. Yɛbɛtumi abom abɔ fekuo na yɛayɛ ɔsɔreɛ ɛberɛ biara a wopɛ.

Kwasiada prɛmtoberɛ wɔ Jeffersonville berɛ mu, Ayeforɔ no fã bi bɛboa wɔn ano afiri ewiase afanaa atie sɛ wɔreda saa ahintansɛm akɛseɛ yi adi. Meto nsa frɛ wo sɛ bra bɛka yɛn ho ɛwɔ ɛberɛ a yɛtie Nkransɛm a ɔkaa no Ɔbɛnem bosome no ne da a ɛtɔ so du nwɔtwe wɔ afe apem ahankoron aduosia mmiɛnsa mu- “Nsɔano A Ɛdikan”.

Onuabarima Joseph.

Twerɛnsɛm a wobɛkeken de asiesie wo ho atie Nkransɛm no:

Ɔhoteni Mateo 10:1 / 11:1-14 / 24:6 / and 28:19 .

 Ɔhoteni Yohane 12:23-28.

Asomafoɔ No Nnwuma 2:38 .

2 Tesalonikafoɔ 2:3-12 .

Hebrifo 4:12.

Adiyisɛm 6:1-2 / 10:1-7 / 12:7-9 / 13:16 / 19:11-16 .

 Malaki Ɛtire 3 ne 4 .

Daniel 8:23-25 ​​/ 11:21 / 9:25-27.

25-0309 Ɛkwan A Ɛda Asafo Mfirinhyia Nson No Ɛne Nsoano Nson No Ntam

Adɔfoɔ A Wɔasan De Mo Abɛsi Mo Gyinabea,

Me mmerɛ da sɛ mɛtie Onyankopɔn nne a ɛrekyerɛ yɛn onipa ko a yɛyɛ, baabi a yɛfiri, baabi a yɛrekɔ, adedie a yɛdie, ɛne sɛnea Ɔdɔ yɛn bebiree.

Honhom mu asɔfodie, adehye man, ɛrebɔ honhom afɔreɛ ma Onyankopɔn, aba a ɛfiri wɔn ano, a wɔde ayɛyie ɛremma Ne din.” Nnipa— bɛn paa ara ni! Ne nsa aka wɔn.

Awerɛkyekyerɛ ne asomdwoeɛ a yɛwɔ nko ara a ne sɛ yɛretie Onyankopɔn Nne a ɛrekasa akyerɛ yɛn, afei sɛ yɛde mmuaeɛ bɛma Agya ɛnam honhom mu afɔrebɔ a yɛde yɛn anofafa so aba, de  ayɛyie ɛrema Ne Din no.

Ewiase wei nyinaa ɛresi apinie. Abɔdeɛ ɛresi apinie. Yɛresi apinie na yɛretwɛn Awurade mmaeɛ no. Ewiase wei nni hwee ma yɛn. Yɛasiesie yɛn ho sɛ yɛbɛfiri ha na yɛakɔ yɛn Ayeforɔhyia Anwummerɛ Apontoɔ ne Daakye Fie, yɛne Ɔno ne wɔn a wɔ wɔ Hɔ dada no nyinaa, wɔ ɛberɛ twamu-tam no akyi pɛɛ, ɛretwɛn yɛn.

Momma yɛnsɔre na yɛnwoso yɛn ho! Yɛnkanyan yɛn tiboa, yɛnma yɛn ho so wɔ deɛ ɛrekɔ so mprempren yi ɛne deɛ ɛrebɛsie mpofirim wɔ anibɔtɛtɛ so.

Ɛbi nsii wiase abakɔsɛm mu da sɛ atumi aba sɛ Kristo Ayeforɔ a wɔwɔ wiase afannaa nyinaa, bɛboa wɔn ano wɔ berɛkorɔ pɔtee no ara mu, sɛ wɔbɛtie Onyankopɔn Nne a ɛrekasa na Ɔreda N’Asɛm adi akyerɛ N’ayeforɔ no.

Agyidifoɔ, bisa wo ho sɛ, ɛnne bɛn, ɔsomfoɔ bɛn, onipa bɛn, na ɔbɛtumi aboa Kristo Ayeforɔ no nyinaa ano abom?  Sɛ woyɛ Kristo Ayeforɔ a, wonim sɛ Ɛnne foforɔ biara nni hɔ kɛkɛ gye Onyankopɔn Nne a ɛwɔ tapes no so no.

Yiw, Honhom Kronkron no wɔ yɛn mu biara mu, asafo no dwumadibea biara, nanso Onyankopɔn no ankasa ka kyerɛɛ yɛn sɛ Ɔnam N’asɛm so na Ɔbɛbu wiase atɛn. Ayeforɔ no nim sɛ N’asɛm no ba Ne diyifoɔ no nkyɛn. Ne diyifoɔ no nko ara ne N’Asɛm no nkyerɛaseɛfoɔ a ɔfiri soro. Deɛ ɔkaaeɛ no, wontumi mfa bi nka ho anaasɛ wontumi nnyi bi mfiri mu. Ɛyɛ Asɛm no, a ɛwɔ tapes so no, na wɔde bɛbu yɛn nyinaa atɛn, na ɛnyɛ asɛm foforɔ biara anaasɛ saa Asɛm no nkyerɛaseɛ.

Ɛntumi nyɛ yie sɛ ɛnne foforɔ biara bɛka Ayeforɔ no abom. Onyankopɔn nne a ɛwɔ tapes no so nkutoo na ɛbɛtumi aka N’Ayeforɔ no abom. Ɛno ne Asɛm nkutoo a Ayeforɔ no nyinaa bɛtumi agye atom. Ɛno ne Ɛnne koro pɛ a Onyankopɔn ankasa  asi so dua sɛ Ɛyɛ Ne Nne ma N’Ayeforɔ no. Ɛsɛ sɛ N’ayeforɔ no kɔ Adwene  Baako mu ne Nteaseɛ Baako na ama wɔ ne No atena.

Som nwumadie no bɛtumi asom, akyerɛkyerɛfoɔ bɛtumi akyerɛkyerɛ, asɔfoɔ bɛtumi ayɛ asɔfo nwuma, nanso Onyankopɔn Nne a ɛwɔ tapes so no na ɛsɛ sɛ ɛyɛ Ɛnne  a Ɛho hia paa sɛ wɔde bɛsi nkorɔfoɔ no anim. N’akyi no, hwee nni hɔ ma Ayeforɔ no.

Sɛ wowɔ ɛno ho adiyie a, ɛnneɛ wei ne deɛ ɛrebɛsie.

Asɛm no kyerɛ yɛn sɛ Adam hweree n’agyapadeɛ, asase no. Ɛfirii ne nsam kɔɔ nea ɔtɔn de maaeɛ, Satan. Ɔtɔɔn ne gyidie wɔ Onyankopɔn mu, maa aba a ɛwɔ Satan adwenkyerɛ mu. Ɔhweree biribibiara a ɛwɔ mu maa Satan nsa sɔɔ mu. Ɔgyaae mu firi ne nsam kɔɔ Satan nsam.

Onyankopɔn yɛ ewiase  Nyankopɔn, baabibiara, nanso na Ne ba, Adam, wɔ ɔno ankasa tumidie wɔ asase yi so. Na ɔtumi kasa, ɔtumi to din, ɔtumi ka, na ɔtumi ma abɔdeɛ gyina, na ɔtumi  yɛ biribiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ. Ná ɔwɔ asase so tumidie mua a ɛkorɔn.

Adam hweree ne nyinaa, nanso animuonyam nka Onyankopɔn, deɛ ɛfirii ne nsa na ɔhwereeɛ nyinaa no, yɛn Busuani Gyefoɔ no agye, ɛnnyɛ obi foforɔ biara gye Otumfoɔ Nyankopɔn, a Ɔbɛyɛɛ Emmanuel, yɛn mu baako. AFEI, ƐYƐ YƐN DEA.

Yɛyɛ ne mmamarima ne ne mmamaa a yɛbɛdi ahennie na yɛne No ayɛ ahene ne asɔfoɔ. Yɛne No wɔ daa nkwa ɛne wɔn a yɛdɔ wɔn nyinaa. Yareɛ biara nni hɔ bio, awerɛhoɔ biara nni hɔ bio, owuo biara nni hɔ bio, daa nkwa a ɛnni awieɛ nko ara.

Sɛ yɛdwene ɛno ho a, yɛbɛyɛ dɛn ama ɔbonsam abrɛ yɛn ase? Ɛyɛ yɛdea, ɛnkyɛ koraa ɛhɔ na y’ɛani kyerɛ. Wama yɛn adekɛseɛ paa  a Ɔbɛtumi de ama yɛn. ƐNNA KAKRA BI AKYI  YƐN NKONIMDIE KƐSEƐ A ƐDA Y’ƐANIM no nam ntɛm so ɛremene nna kakraa yi mu sɔhwɛ ne nsɔhwɛ no.

Yɛgyedie nnyɛɛ kɛseɛ sei da. Y’ɛanigyeɛ no nkɔɔ soro  sei da. Yɛnim nnipa ko a yɛyɛ ɛne baabi a yɛrekɔ. Yɛnim sɛ yɛwɔ Nepɛ a ɛwie Pɛyɛ mu ɛnam sɛ yɛne N’asɛm ɛretena. Deɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ nyinaa ne sɛ yɛne tapes no bɛtena na yɛagye Asɛm biara adi; Ɛnyɛ sɛ yɛte ne nyinaa ase, MMOM GYE ASƐM BIARA DI….na YƐGYE DI!

Gyidie nam otie so na ɛba, Asɛm no tieɛ so. Asɛm no ba Ɔdiyifoɔ no hɔ. Onyankopɔn Kaaeɛ. Onyankopɔn twe guu ahoma so. Onyankopɔn daa No adi. Yɛtie. Yɛgye Di.

Ɛnam Onyankopɔn Nne a ɛwɔ tapes so nkutoo na wobɛtumi anya saa adiyie yi.

Deɛ Kristo bɛyɛ wɔ awieɛ no nyinaa bɛda adi ama yɛn nawɔtwe wei, wɔ Nsɔano Nson no mu, sɛ Onyankopɔn bɛma yɛn kwan a. Wahu? Ne nyinaa yɛ. Wɔbɛda no adi. Na wɔada no adi, ɛberɛ a Nsɔano no ano ɛtete na wɔde ɛrema yɛn, ɛno na afei yɛbɛtumi ahunu sɛdeɛ saa ɔgyeɛ nhyehyɛeɛ kɛseɛ yi teɛ, ɛne ɛberɛ korɔ ne ɛkwan a ɛbɛfa so ayɛ.  Ne nyinaa ahinta wɔ saa ahintasɛm nwoma yi mu wɔ ha. Wɔama so, de Nsɔano Nson asɔ ano, ne saa nti no, Adwamaa no nkutoo na Ɔbɛtumi atete ano.

Kwasiada wei prɛmtoberɛ wɔ Jeffersonville berɛ mu no, Ayeforɔ no fã bi a wɔwɔ wiase afannaa nyinaa bɛtie Onyankopɔn Nne  ɛbɛrɛ korɔ mu. Yɛde yɛn mpaebɔ ɛne sɛ yɛresom No no bɛma ahum atu wɔ ɔsoro. Meto nsa frɛ wo sɛ bra bɛka yɛn ho wɔ ɛberɛ a yɛtie: Ɛkwan A Ɛda Asafo Mfirinhyia Nson No Ɛne Nsoano Nson No Ntam. Nkrasɛm a ɔkaa no Ɔgyefoɔ bosome no ne da a ɛtɔ so du nson anwumerɛ wɔ afe apem ahankoron aduosia mmiɛnsa mu

Yɛsrɛ-Sɛ mo mma mo werɛ mfi nawɔtwe wei awieɛ ɛberɛ nsakraeɛ a ɛwɔ Jeffersonville no.

Onuabarima Joseph Branham .

25-0302 Onyankopɔn A Ɔde Ne Ho Ɛresie Wɔ Ɔkwan A Ɛnyɛ Kyɛnkyerɛkyɛnn So, Afei Ɔreda Ne Ho Adie Saa Ara

Nkransɛm: 63-0317M Onyankopɔn A Ɔde Ne Ho Ɛresie Wɔ Ɔkwan A Ɛnyɛ Kyɛnkyerɛkyɛnn So, Afei Ɔreda Ne Ho Adie Saa Ara

BranhamTabernacle.org

Nsumena Mu Sukooko Dɔfoɔ,

Ɔgyefoɔ bosome no ne da a ɛtɔ so aduonu nwɔtwe wɔ afe apem ahankoron aduosia mmiɛnsa mu no, Aprannaa bobɔɔ mu. Hwew-hwew, Abɔfoɔ Nson firi ɛnniawieɛ yii wɔn ho adi kyerɛɛ Onyankopɔn Bɔfoɔ Somafoɔ a ɔtɔ so Nson. Wɔmaa no so kɔɔ abɔfokuo a na ayɛ pyramid wɔ soro no mu. Afei, nyanko nneyɔeɛ mununkum bi puee wɔ ɛwiem wɔ Arizona so. Na ɛyɛ nsɛnkyerɛnne, na Onyankopɔn ɛresoma ne bɔfoɔ a ɔto so nson no asan akɔ Jeffersonville sɛ ɔmmɛbue Nsɔano Nson no ano.

Ɔgyefoɔ bosome ne da a ɛtɔ so aduonu nwɔtwe afe mpenu ne aduonu num no, planets nson too santene wɔ ɛwiem. Ayeforɔ no ɛresiesie ne ho sɛ wɔbɛboa wɔn ano na wɔatie Nsɔano Nson no. 

Awurade No Ankasa, ɛreto nsa afrɛ wo, sɛ wo ne Ayeforɔ a wɔwɔ ɛwiase afannaa nyinaa nhyia mu, na montie Onyankopɔn Nne a ɛda Adiyie a ɛwɔ Nsoano Nson no mu no adi. 

Ɛda no a adiyifoɔ no ne anyansafoɔ no kɔn dɔɔeɛ na wɔretwɛn firi ɛberɛ mfitiase no, ɛrekɔ so. Ɔbɔfo-hoɔdenfoɔ a Onyankopɔn kaa sɛ Ɔbɛsoma aba asase so wɔ nna a ɛdi akyire no aba abɛbue na wada Onyankopɔn ahintasɛm a asuma no adi, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛn Awurade Yesu bɛtumi asan aba abɛfa N’Ayeforɔ nokwafoɔ na Ɔde yɛn akɔ yɛn ayeforɔhyia anwummerɛ apontoɔ.

M’asɛdeɛ a ɛdi kan, ɛberɛ a mebaa asɔre foforɔ no mu no, mekaa aberanteɛ bi ne ɔbaa bi a na wɔgyina dwumadie beaeɛ hɔ bɔɔ mu sɛ awarefoɔ. Ma ɛnyɛ ne sɛso, sɛ Ɛmmera sɛ mɛyɛ ɔsomfoɔ nokwafoɔ ama Kristo, sɛ mɛsiesie ayeforɔ ayɛ krado ama saa da no adwabɔ no.

Saa da yi, Asɛm wei ɛrehyɛ ma. Onyankopɔn nam Ne bɔfoɔ so ɛrekasa, ɛrema N’Ayeforɔ no asiesie ne ho ama saa Da no adwabɔ no. Yɛredi N’akwankyerɛ no so pɛpɛɛpɛ. Ayeforɔ no asiesie ne ho ɛnam sɛ ƆNE ONYANKOPƆN NNE A ƐWƆ TAPES SO NO  ƐRETENA.

Ɛdeɛn na ɛnkyɛeɛ yɛnam adaeɛso ne anisoadehunu nom so ateɛ? Aduane no, ƐHA NA ƐWƆ, beaeɛ no nie. Ɛnne bi ka kyerɛɛ no ​​sɛ, “Fa aduane bra mu. Kora no wɔ mu. Ɛno ne ɛkwan koro pɛ a wobɛma wɔn atena ha, ɛne sɛ wobɛma wɔn aduane.” 

Nnipa pii gye di sɛ deɛ ɔrekyerɛ kɛkɛ ne sɛ, “ɛne Asɛm no ntena kɛkɛ,” na ɛno yɛ nokorɛ, ɔreka saa; Nanso Ayeforɔ no nso bɛkenkan nsɛm no nteaseɛ a asuma no ɛberɛ a ayeforokunu no ɛrekasa akyerɛ N’Ayeforɔ no.

Mpo anisoadehunu nom a Onyankopɔn de ma wɔ ɛha no, wɔnte aseɛ yie. Ɛno nti na wote me wɔ tapes no so, ɛka sɛ, “Ka deɛ tapes no ka. Ka deɛ anisoadehu nom no ka.” Afei, sɛ wabue w’ani hann a, wobɛhunu biribi. Wahu? Mewɔ anidasoɔ sɛ ɛnsɛ sɛ mekura wɔ me nsa mu na mede kyerɛ wo.

Na wɔn nte anisoadehunu nom no ase yie, ɔde nkyerɛaseɛ no ama wɔn akyiri no mpo. Ɛno ne deɛ na ɔreka akyerɛ yɛn, sɛ wompɛ sɛ w’adwene yɛ kesenaa, anaasɛ wonya nteaseɛ yie a, Press Play na tie deɛ Onyankopɔn Nne no ka  pɛpɛɛpɛ.  

Menim sɛ Asɛm no wɔ nkyereaseɛ a ɛyɛ mmɔho, nanso wei ne me nkyerɛaseɛ: adaeso nom ne anisoadehu nom no nyinaa kaa asɛm korɔ no ara; Ɛne tapes no ntena. Sɛ wo wɔ asɛmmisa bi a, kɔ tapes no hɔ. Tapes no yɛ Onyankopɔn Aduane a Wakora. Ka deɛ ɛwɔ tapes no so kɛkɛ; Mfa hwee nka Ho. Tapes no yɛ Sɛnea Awurade Seɛ ma Ayeforɔ no. Asɛm no ba ɔdiyifoɔ no nkutoo, hɔ. Ɔdiyifoɔ no nkutoo ne ɔsoro ni a ɔyɛ Asɛm no nkyerɛasefoɔ. Na ɛsɛ sɛ Ɔdiyifoɔ no na ɔfrɛ na ɔdi ayeforɔ no anim. Wɔde deɛ wɔaka no wɔ TAPES no so na ɛbɛbu me atɛn. 

Biribiara twe m’adwene si TAPES no so. 

M’ensumena mu Sukooko dɔfoɔ,  m’afam no, PRESSING PLAY YƐ ONYANKOPƆN A ƐNNƐ ƆNYƐ KYƐNKYERƐKYƐNN.

Naawɔtwe biara m’ani gye bebiree; ɛdeɛ na ɛrebɛda adi ɛnnɛ yi ɛberɛ a N’Ayeforɔ no boa wɔn ano sɛ wɔbɛtie Nkransɛm no?  Menim sɛ Honhom Kronkron no bɛma yɛn mu biara ngosra ɛberɛ a Ɔda N’Asɛm adi sɛnea ɛbi nsii da no. Mete nka sɛ, ɛberɛ biara mu, ɔbɛba abɛfa yɛakɔ yɛn ayeforohyia anwummerɛ apontoɔ no. 

Yɛyɛ, Onyankopɔn mmamarima ne mmamaa. Yɛyɛ, Onyankopɔn asefoɔ. Yɛyɛ, asase so agyapadeɛ sodifoɔ. Yɛbɛdi abɔdeɛ so. Yɛbɛkasa ama deɛ ɛni hɔ aba. Yɛyɛ Ayeforɔ!

Momma yɛntu yɛn ho nsi hɔ mma dwumadie no mu foforɔ, na yɛnte yɛn ho mma Kristo.

Ɔnuabarima Joseph Branham .

Date:  Kwasiada, Ɔbɛnem da a ɛtɔ so mienu,  afe mpenu ne aduonu num.

Nkrasɛm: Onyankopɔn A Ɔde Ne Ho Ɛresie Wɔ Ɔkwan A Ɛnyɛ Kyɛnkyerɛkyɛnn So, Afei Ɔreda Ne Ho Adie Saa Ara. Nkrasɛm a ɔkaa no Ɔbɛnem bosome no ne da a ɛtɔ so du nson wɔ afe apem ahankoron aduosia mmiɛnsa mu.

Ɛdɔn: Prɛmtoberɛ wɔ Jeffersonville berɛ mu.

25-0223 Owura, Anyabiaa Awieɛ Nsɛnkyerɛnneɛ No Nie?

Awuranom Adɔfo,

Wei ɛne, Nsɛnkyerenne no. Wei ɛne, Ɛberɛ no. Wei ɛne, Nkransɛm no. Wei ne, Asɛm no. Wei ne, Onyankopɔn Nne. Wei ne, Onipa ba no. Wei yɛ, Onyankopɔn kwan a Ɔde ato hɔ. Wei ne, ɛberɛ awieɛ. 

Odiyifoɔ biara nni hɔ, ɔsomafoɔ biara nni hɔ, asetena mu ɛmerɛ biara nni hɔ a aba da te sɛ ɛberɛ a yɛte mu seesei yi. Wɔatwerɛ pefee wɔ ɛwiem. Wɔatwerɛ pefee wɔ asase so baabibiara. Wɔatwerɛ wɔ dawubɔ krataa biara mu. Wei ne awieɛ no, sɛ wobɛtumi akenkan nsaano ntwerɛeɛ no a.

Deɛ ɔwɔ aso no, ma no ntie deɛ Onyankopɔn kaaeɛ, na Ɔtwe guu ahoma so, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na ɛrenyɛ m’asɛm, m’adwene nom, me nsusueɛ, na mmom Onyankopɔn Nne ankasa a ɛrekyerɛ N’Ayeforɔ no deɛ ɛyɛ Ne kwan nkutoo a ɛwie pɛyɛ a Ɔde ama ɛnɛ no.  

Bra na bɛtie wɔ ɛberɛ a Ɔnam twerɛsɛm so ka na Ɔda no adi kyerɛ yɛn wɔ anisoadihunu mu, denam daeɛ nkyerɛaseɛ so, sɛ yɛne nkransɛm no ntena, yɛne tapes no ntena. Ka deɛ ɛwɔ tapes no so nkutoo. 

Ɔkwan pa biara nni hɔ, anaasɛ ahotɔsoɔ kwan biara nni hɔ a ɛyɛ kyɛn sɛ yɛbɛte Onyankopɔn Nne afiri Onyankopɔn Ankasa hɔ. Onyankopɔn nam Ne diyifoɔ so ɛrekasa no, ɔhyɛɛ N’ayeforɔ no a na Ɔreka kyerɛ yɛn sɛ PRESS PLAY tohn. 

Kasa fa Ɛho, preach fa Ɛho, di Ɛho adanseɛ, na ka Ɛho asɛm kyerɛ wiase, nanso Ɔka kyerɛ yɛn sɛ ɔkwan baako pɛ a ɛwie pɛyɛ a wɔde ato hɔ sɛ ɛbɛma Ayeforɔ no awie pɛyɛ: tie Onyankopɔn Nne a wɔ Tapes  no so. Sɛ biribi kyere w’adwene so a, bɔ tape no. Ɛsɛ sɛ ɛyɛ deɛ ƐDIKAN, ne Ɛnne a ɛho hia paa a ɛsɛ sɛ wotie. Ɛyɛ N’Asɛm a ɛwie pɛyɛ a Ɔde too tape so.

Afei fa ɛno mpo toto afoforɔ no ho, adaeɛso nom no. Ná wei yɛ anisoadehunu. Aduane no, ɛha na ɛwɔ. Beaeɛ no nie.

Tie, ɛnam adaeɛso ne anisoadehunu nom so, Ayeforɔ no Aduane no wɔ ɛhe?  Ɛhefa na beaeɛ no wɔ? Nkrasɛm a ɛwɔ hɔ ma Ayeforɔ no wɔ tapes no so.

M’afam no, wei yɛ me sɛ fie. Wei ne beaeɛ no. Na sɛ wohyɛ no nso a, adaeɛso no ka asɛm korɔ no ara, hwɛ, baabi a aduane no.

Nea ɛbɛyɛ na yɛate aseɛ  no, ɔka kyerɛ yɛn prɛkopɛ bio sɛ, Tapes no yɛ Aduane ma Ayeforɔ no.

“Ɛberɛ nni hɔ bio.” Sɛ ɛte saa a, namfonom, momma yɛnsiesie yɛn ho, mfa nhyia yɛn Nyankopɔn.

Yiw, Awurade, ɛno ne y’ɛakoma so apɛdeɛ, sɛ yɛasiesie yɛn ho sɛ yɛbɛhyia Wo, sɛ yɛbɛyɛ W’Ayeforɔ. Ɛdeɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ Awurade? Ɛdeɛn ne Wo kwan a wode ama no? Ɛdeɛn ne Wo nhyehyɛe? Ɛdeɛn ne Wo kwan a ɛwie pɛyɛ? Wo somaa  odiyifoɔ bi berɛɛ yɛn a wobɛtumi afa ne mu akasa akyerɛ yɛn. Yɛsrɛ sɛ kyerɛkyerɛ yɛn.

Aduane bebiree na ɔde agu hɔ saa berɛ yi. Moma yɛmfa nni dwuma. Moma yɛmfa nni dwuma saa berɛ yi.

Sɛn paa a obi bɛtumi ayɛ anifiraeɛ? Ɔka deɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ kyerɛ yɛn: aduane bebiree a wɔakora wɔ tapes no so; monfa nni dwuma SAA BERƐ yi. Wei yɛ Onyankopɔn akwankyerɛ ma N’aYeforɔ. 

Sɛ wogye to wo ho so sɛ wogye saa Nkransɛm yi di a, gye di sɛ William Marrion Branham yɛ Onyankopɔn Diyifoɔ- Somafoɔ a wɔasoma no sɛ ɔmfrɛ Ayeforɔ no a; N’abrabɔ hyɛ twerɛnsɛm nyinaa wɔka fa ne ho ɛma; Gye di sɛ ɛyɛ Onyankopɔn Nne ma saa da yi, ɛneɛ ƆNO; Onyankopɔn, a ɔnam Ne diyifoɔ so ɛrekasa no, ka no pefee wɔ Borɔfo kasa mu kyerɛ Ayeforɔ no deɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ. 

Ɛwom sɛ wɔdi yɛn ho fɛw, wɔtaa yɛn, na wɔbu yɛn animtia ɛfirisɛ yɛtie Tapes no nkutoo,  yɛreyɛ deɛ ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ yɛnyɛ no pɛpɛɛpɛ. Awurade yɛda wo ase wɔ Adiyie no ho. 

Mepɛ sɛ meto nsa frɛ ɛwiase sɛ wɔmmɛka yɛn ho Kwasiada wei prɛmtoberɛ wɔ Jeffersonville berɛ mu, ɛberɛ a yɛtie Nkransɛm a ɔkaa no Ɔpɛnima bosome no ne da aɛtɔ so aduasa anwumerɛ wɔ afe apem ahankoron aduosia mimienu mu: “Owura, Anyabiaa Awieɛ Nsɛnkyerɛnneɛ No Nie?” Yɛbɛte deɛ ɛfa:

Aprannaa,

Nsɔano Nson,

 Pyramid Ɔbotan,  Honhom Aduane,

Ɛnni Awieɛ,

 Abɔfo Kuo,

M’Asoeɛ  bea, Anisoadehunu, Adaeɛso, Nkɔmhyɛ, Ahintasɛm a Asuma, Twerɛsɛm akyi Twerɛsɛm nyinaa ho asɛm.

Biribiara nni hɔ wɔ abrabɔ wei mu a ɛso kyɛn sɛ wɔbɛte na wɔadi Onyankopɔn Nne so.

Onubarima Joseph Branham.

Twerɛnsɛm:

Malaki ,  Ɛtire Nan 4

Mateo 13:3-50

Romafoɔ 9:33 / 11:25 / 16:25

1 Korintofoɔ 14:8 / 15

Galatifoɔ 2:20

Ephesofoɔ  3:1-11 / 6:19/ 5:28-32

Kolosofoɔ 4:3

1 Tesalonikafoɔ 4:14-17

1 Timoteo 3:16

Hebrifoɔ13:8

2 Petro 2:6

Adiyisɛm  1:20 / 3:14 / 5:1 / 6:1 / 10:1-7 / 17

25-0216 Daniel Nnawɔtwe A Ɛtɔso Aduɔson No

Nkransɛm: 61-0806 Daniel Nnawɔtwe A Ɛtɔso Aduɔson No

PDF

BranhamTabernacle.org

Adɔfoɔ a wɔwɔ Akwanhwɛ ne Atwɛneyɛ mu,

Ahosɛpɛ bi wɔ Ayeforɔ no ntam te sɛnea ɛbi nsii da. Yɛwɔ animhwɛ kɛseɛ mu; Y’ɛahofadie afe no ɛreba abɛwie du. Ayeforɔ no atwɛn ɛmerɛ tenten saa sɛ saa da yi bɛba. Amanaman-mu- foɔ mmeresantene no aba awieɛ na ɛnkyɛ na yɛn ne yɛn Awurade nkwanna a ɛnni awieɛ no bɛfiri aseɛ 

Yɛrenya nteaseɛ wɔ ɛberɛ a yɛwɔ mu yi ɛnam asɛm a yɛretie no so. Ɛberɛ aba awieɛ. Ohwim berɛ no abɛn. Yɛaduru. Honhom Kronkron no aba na wada adi akyerɛ N’Ayeforɔ no nneɛma akɛseɛ a ɛmu dɔ, a ahinta no nyinaa.

Yɛwɔ ahoyerayera mu, ɛrehwehwɛ Onyankopɔn; ɛresiesie yɛn ho. Yɛato wiase yi mu nneɛma nyinaa agu. Ɔbra yi mu adwendwene ɛnkyerɛ hwee mma yɛn. Yɛn gyedie akɔduru ɛsoro mpɛnpɛnsoɔ a ɛbi mmaa da. Honhom Kronkron no ɛrema N’Awuraa a wɔayi no no ohwim gyedie, sɛnea ɛbɛyɛ a Ɔbɛtumi aba abɛfa no akɔ. 

Saa nnawɔtwe aduosia nkron yi bɔ ano pɛpɛɛpɛ; Yudafoɔ no nkɔyɛ no bɔ ano pɛpɛɛpɛ; Asafo mfirinhyia no bɔ ano pɛpɛɛpɛ. Yɛ wɔ awieɛ berɛ no, awieɛ berɛ, Laodikea asafo mfirinhyia no, n’awieɛ. Nsoromma abɔfoɔ no nyinaa aka wɔn nkransɛm. Anyakɔ. Yɛrekɔ kɛkɛ.

Hwɛ abirabɔ berɛ bi a yɛwɔ mu. Ɛyɛ ɛberɛ a ɛmu yɛ den kɛse paa a ɔtamfo no ɛretohyɛ obiara so te sɛnea ɛbi nsii da no. Ɔreto deɛ ɔwɔ nyinaa agu yɛn so. Ɔwɔ ahoyerayera mu, ɛfirisɛ ɔnim sɛ ne berɛ aba awieɛ. 

Nanso saa berɛ korɔ pɛpɛɛpɛ no ara mu no, yɛnnyaa anigyeɛ a ɛkyɛn sei wɔ yɛasetena mu da.

  • Yɛmmɛn Awurade sei da. 
  • Honhom Kronkron no hyɛ yɛn nipadua akwaa no mu babiara ma. 
  • Ɔdɔ a yɛwɔ ma N’asɛm no nyɛɛ kɛseɛ sei da. 
  • Yɛn adiyie wɔ N’asɛm mu no hyɛ yɛn kra ma. 
  • Yɛde Asɛm no ɛredi ɔtamfo biara so nkonim. 

Na, yɛnnyaa ahotɔsoɔ wɔ nipasuo a yɛ yɛ ho sei bi da:

  • NHYƐTOHƆ. 
  • OYITOHƆ . 
  • WƆN A WƆAYI WƆN .
  • ADEHYEƐ ABA . 
  • AKOMAMU TƆFE 
  • DAA NKWA, ATAADE-FITAA, OWURAYERE  JÉSUS, TAPE TIE, DEƐ ƐHYERƐN, AYEFORƆ BAABUNU, HONHOM AHYƐ MA, DEƐ OBI NTUMI NNI NE SO NKUNIM,  ABAYƐ, DEƐ YƐNFRAFRAA MU, ASƐM BAABUNU AYEFORƆ.

Ɛdeɛn na ɛdi hɔ a ɛreba? Ɛboɔ no reba. Yɛrehwɛ, yɛretwɛn na yɛrebɔ mpaeɛ wɔ simma biara mu da biara. Biribi foforɔ biara nni hɔ a ɛho hia gye sɛ yɛresiesie yɛn ho ama Ne mmaeɛ no.

Ɛnyɛ, “yɛwɔ anidasoɔ sɛ”,  YƐNIM. Akyinnyegyeɛ biara nni ho bio. Wɔ ɛbere tiaa bi mu no, wɔ anibɔtɛtɛ so na aba  awieɛ, na yɛ ne Ɔno ɛne yɛn adɔfoɔ nyinaa bɛduru ɔfã foforɔ no wɔ yɛn Ayeforɔhyia Anwummere Adidie ase.

NA ƐNO YƐ MFITIASEƐ KƐKƐ…..NA AWIEƐ BIARA NNI HƆ!!

Bra bɛsiesie wo ho ka yɛn ho ma saa Ayeforɔhyia Anwummerɛ Adidie Kwasiada wei prɛmtoberɛ wɔ Jeffersonville berɛ mu, ɛberɛ a Onyankopɔn nam Ne bɔfo-hoɔdenfoɔ so ɛrekasa, deɛ Ɔsomaa no sɛ ɔnkɔdi N’Ayeforɔ anim, ɛberɛ a ɔka, na ɔda Onyankopɔn asumasɛm nyinaa adi.

Onubarima Joseph Branham .

Nkrasɛm a ɔkaa no Ɔsanna Bosome no ne da a ɛtɔ so nsia wɔ afe apem ahankoron aduosia baako mu.

“ -Daniel Nnawɔtwe A Ɛtɔ So Aduɔson No “.

25-0209 Botaeɛ Nsia Nti A Gabriel Bɛseraa Daniel

Nkransɛm: 61-0730E Botaeɛ Nsia Nti A Gabriel Bɛseraa Daniel

PDF

BranhamTabernacle.org

Ayeforɔ Dɔfoɔ A Woregye W’ani,

Yɛde y’ɛanim akyerɛ Ɔsoro wɔ mpaebɔ ne nkotosrɛ mu sɛ yɛbɛhunu ɛda  ne ɛdɔn ankasa a yɛ wɔ mu no.  

Sɛdeɛ ɛbi nsii da no, yɛaka abɔ mu wɔ wiase afannaa nyinaa te ɔsorosoro hɔnom, ɛretie sɛ Onyankopɔn kasa na Ɔnam Ne bɔfo-somafoɔ hoɔdenfoɔ so ɛda N’Asɛm adi kyerɛ yɛn. Asase so bɔfo-somafoɔ no a Agya somaa no wɔ N’Ayeforɔ hɔ wɔ da a ɛtwa toɔ yi mu sɛ ɔnkɔda N’Asɛm adi.

Gabriel yɛ ɔbɔfoɔ ma Onyankopɔn nkorɔfoɔ a wɔayi wɔn, Yudafoɔ. Nanso N’Amanaman mu Ayeforɔ no, Melchizedek No ankasa bɛfaa onipa honam so kasaeɛ wɔ asase so ɔbɔfoɔ bi a wɔfrɛ no William Marrion Branham mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Ɔbɛtumi akasa na wada N’Asɛm NYINAA adi akyerɛ N’akoma mu tɔfe ayeforɔ dɔfoɔ no.

Ɔmaa wɔtwee guu ahoma so, de sieeɛ, ɛkoraaeɛ, sɛnea ɛbɛyɛ a Ayeforɔ no bɛnya Ne honhom mu Aduane, Manna a ahinta, wɔ wɔn nsatea ano sima biara wɔ ɛda biara mu kɔsi ɛberɛ awieɛ. 

Ngosra a ɛte sɛɛ hyɛ yɛn mu nnipa no ma ɛberɛ a yɛte Onyankopɔn Nne sɛ ɛda N’Asɛm adi akyerɛ yɛn. Sɛnea Ɔda N’Asɛm no adi sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛtumi ahu no kann na yɛanya Nenkyerɛaseɛ mu nteaseɛ. Ɛreda ɛdɔn pɔtee a yɛ wɔ mu no adi, ɛkyerɛ yɛn nnipa a yɛyɛ ɛne deɛ ɛnkyɛ koraa ɛrebɛsie; yɛn Hwim no a ɛnkyɛ koraa na ɛreba no. 

Ɔreda deɛ ɛbɛkɔ so wɔ asase so ha mpo adi akyerɛ N’Ayeforɔ  ɛberɛ a yɛne No wɔ Ayeforohyia Anwummerɛ Adidie ase no. Sɛnea Ɔbɛbue Ne nkorɔfoɔ a wayi wɔn no a wɔn ani afira no ani; Wɔn a Ɔfiraa wɔn ani ɛsiane N’amananan mu ayeforɔ no nti.

Me namfonom, menim sɛnea yɛabrɛ saa wiase yi na yɛn kɔn dɔ Ne mmaeɛ a Ɔrebɛfa yɛn akɔ, nanso momma yɛn nso yɛnye y’ɛani na yɛn nna ase wɔ deɛ ɛrekɔ so seesei ara wɔ yɛn aniso ankasa.

Momma yɛn ma yɛn nsa so, y’ɛakoma nom, yɛn nne, na yɛnye y’ɛani. Ɛnyɛ sɛ yɛrehwɛ deɛ ɛnkyɛ koraa Ɔrebɛyɛ ama yɛn nko, na mmom momma y’ɛani nnye wɔ deɛ Ɔreda no adie na Ɔreyɛ ama yɛn mprenpren yi ho. 

Ɔreka kyerɛ yɛn sɛ yɛyɛ N’Ayeforɔ a wayi ato hɔ a yɛne No ɛne N’Asɛm ɛreka abɔ mu. Ɔrema yɛn ahotɔsoɔ si so bio ne bio, yɛwɔ Ne Pɛ a ɛwie pɛyɛ no mu ɛnam sɛ yɛn ɛne Ne Nne, N’Asɛm, Ne bɔfoɔ ɛretena. Wama yɛn gyidie a ɛma yɛhunu na ɛhyɛ yɛn nso wɔ nnipa ko a yɛyɛ:  

N’ASƐM A ƐTE HONAM MU.

Yɛn nni biribiara a ɛsɛ sɛ yɛsuro; Biribiara nni hɔ a ɛsɛ sɛ ɛha y’ɛadwene; Biribiara nni hɔ a ɛsɛ sɛ ɛho yɛn werɛ. Meyɛ dɛn hunu saa? ONYANKOPƆN KAA SAA!  ƐNTI MOMMA YƐN ANI NYE, BO SE, DA ASE;  ASƐM A NKWA WƆ MU NO ƐWƆ YƐN MU NA ƐTE YƐN  MU. YƐYƐ N’ADEHYEƐ ABA SORONKO.

Megye di ampa ara sɛ Awurade nso ani gye wɔ nim a Ɔnim sɛ ɛberɛ no adu na yɛasiesie yɛn ho ɛnam sɛ yɛde nokorɛdie ne akomamuteɛ ɛrekora N’asɛm no. 

Ɛte sɛ abɛɛmoa ketewa no a ɔhwɛɛ ahwehwɛ mu ne da a ɛdi kan no, yɛrehwɛ N’Asɛm mu, ɛrehunu nnipa ko a YƐYƐ. Awurade…ƐYƐ ME. Me ne W’Asɛm a ɛte aseɛ Ayeforɔ no. Me na Wo yiieɛ no. Mewɔ Wo mu, Wowɔ me mu, yɛyɛ Bafua. 

Ɛbɛyɛ dɛn na yɛntumi nhyɛ fa na yɛnyɛ nnipa a wɔn atena asase so da no wɔn a wɔn anigye paa? Ahotefoɔ ne adiyifoɔ a wɔdii y’ɛanim no nyinaa pɛɛ sɛ wɔtena ase wɔ saa da yi mu na wɔhunu saa bɔhyɛ nom yi ɛrekɔ so. Nanso ɛnam Onyankopɔn adom so no, Ɔde YƐN sii ha.

Yɛntumi ntwɛn:

Brrrrr! Me! Whew! Ɔkwan foforɔ so no, ɛberɛ a wɔde ɔtamfo no ato nkyɛn no, bɔne awieɛ no aba, daa tenenee a wɔde reba no aba, wɔasɔ Satan ano wɔ amena a aseɛ ɛnni awieɛ no mu, na Awurade ho nimdeɛ bɛkata asase so sɛdeɛ nsuo no kata ɛpo so no. Amen! Animuonyam nka Onyankopɔn! Ɛreba, onuabarima ɛreba!

Ngosra a ɛbɛsie Kwasiada prɛmtoberɛ Jeffersonville berɛ mu, ɛberɛ a yɛboa yɛn ano afiri wiase afanaa  ɛtie Onyankopɔn bɔfoɔ, Onyankopɔn Nne ma Ayeforɔ no, brɛ yɛn Nkransɛm:

Botaeɛ Nsia A Ɛmaa Gabriel Kɔsraa  Daniel.

Nkransɛm a ɔkaa no Kitawonsa bosome no ne da a ɛtɔ so aduasa  wɔ afe apem ahankoron aduosia baako mu

Onubarima Joseph Branham

25-0202 Gabriel Nkyerɛkyerɛ A Ɔde Maa Daniel

Nkransɛm: 61-0730M Gabriel Nkyerɛkyerɛ A Ɔde Maa Daniel

PDF

BranhamTabernacle.org

Adɔfoɔ A Mo Wɔ Botaeɛ,

Awɔ berɛ nwanwasoɔ bi a yɛanya  ɛberɛ a yɛsuaa  Asafo Mfirinhyia Nson no, na afei Onyankopɔn rema yɛn adiyie bebiree mpo  wɔ Yesu Kristo ho Adiyie nwoma no mu. Sɛnea Adiyisɛm ɛtire mmiɛnsa no a ɛdikan no, na ɛyɛ Asafo Mfirinhyia no, na afei sɛnea wɔmaa Yohane so kɔɔ soro wɔ ɛtire nan ne ɛnum a ɛrekyerɛ yɛn nneɛma a na ɛrebɛba no. 

Ɛwɔ ɛtire a ɛtɔ so nsia no mu no, ɔdaa sɛdeɛ Yohane sianee baa fam  bio sɛ ​​ɔbɛhunu nneɛma a na ɛrekɔ so a ɛbɛfiri ɛtire a ɛtɔ so nsia akɔpem Adiyisɛm ɛtire du nkoron no so. 

Sɛnea ayeforɔ no bɛyɛ nhyira Kwasiada ɛberɛ a yɛtie  Onyankopɔn nne  ɛnam Ne bɔfo-hoɔdenfoɔ a ɔto so nson no so ɛkasa na Ɔka deɛ ɛdi hɔ a ɛrebɛda adie no.

M’ani agye yie sɛ mebɔ amanneɛ sɛ afei yɛbɛhyɛ Daniel Nnawɔtwe Aduɔson No ho adesua kɛseɛ no ase. Ɔdiyifoɔ no kaa sɛ ɛne Nkransɛm nkaeɛ no bɛbɔ mu ansa na yɛatumi akɔ Nsoano Nson no mu; Totrobɛnto Nson; Amanehunu Mmiɛnsa; ɔbaa no ɔwɔ awia no mu no; Wɔretutu Ɔbonsam kɔkɔɔ no; Ɔha ne aduanan nan foɔ a wɔasɔ wɔn ano frenkyemm no; Ne nyinaa si wɔ saa berɛ yi ntam. 

Daniel nwoma no yɛ kalenda pɔtee ma mfirinhyia ne ɛberɛ a yɛwɔ mu yi, na ɛmfa ho ne nwonworann a ɛbɛsi ayɛ no, Onyankopɔn bɛpaapae mu nkumaa na wama no ayɛ  sima ama yɛn. 

Na Onyankopɔn nim sɛ ɛno ne deɛ merehwehwɛ saaberɛ yi, sɛnea ɛbia mɛkyekyere Ne nkorɔfoɔ werɛ na maka deɛ aduru soɔ akyerɛ wɔn, wɔn a wɔwɔ ha anɔpa yi, ɛne wɔn a wɔ wɔ akyiri nsaase a Tapes weinom bɛkorɔ, ɛwiase afannaa, sɛ yɛwɔ awieɛ berɛ no.

Yɛyɛ Onyankopɔn nnipa a yɛayi wɔn a wɔn kɔn dɔ na wɔ bɔ mpaeɛ ma saa da no ɛne saa dɔn no. Na y’ɛani kyerɛ Ɔsoro, na yɛrehwɛ Ne Mmaeɛ no kwan.

Momma yɛn nyinaa nyɛ te sɛ Daniel na yɛmfa y’ɛanim nkyerɛ Ɔsoro, wɔ mpaebɔ ne nkotosrɛ mu, sɛnea yɛnim sɛ ɛnam asɛm no akenkan soɔ ɛne Ne nne tieɛ so no, Awurade mmaeɛ no ɛrebɛn ntɛmntɛm; Yɛ wɔ awieɛ no.

Boa yɛn Agya ma yɛnto adesoa biara, bɔne biara, annyeanie kumaa biara a ɛyɛ merɛ  sɛ ɛbɛsi yɛn kwan biara ngu. Afei momma yɛmpem nkɔ ɔsoro frɛ botaeɛ no so, a yɛnim sɛ yɛn mmerɛ sua.

Yɛabɔ Nkransɛm no ho dawuro. Biribibiara ayɛ krado saaberɛ yi; Yɛretwɛn na yɛregye yɛn ahome. Wɔasɔ Asafo no ano frenkyemm. Atrimuɔdenfoɔ reyɛ atirimuɔdensɛm bebiree. Nsɔre no yɛ ara na wɔreyɛ nsɔre,  nanso W’ahotefoɔ ɛretwebɛn wo. 

Yɛwɔ ɛnne bi a ɛreteamu firi ɛserɛ no so, ɛrefrɛ nkorɔfoɔ no san de wɔn ba mfitiase Nkransɛm no so; Ɛsane ba nneɛma a ɛfa Onyankopɔn ho. Yɛnam adiyie so nya nteaseɛ sɛ saa nneɛma yi ɛrekɔ so.

Bra bɛka yɛn ho Kwasiada wei prɛmtoberɛ wɔ Jeffersonville berɛ mu, ɛberɛ a Onyankopɔn da N’asɛm adi kyerɛ yɛn ɛberɛ a yɛhyɛ yɛn adesua kɛseɛ a ɛfa Daniel nwoma no ho ase.

Onuabarima Joseph Branham .

Nkransɛm a ɔkaa no Kitawonsa bosome no ne da a ɛtɔ so aduasa afe apem ahankoron aduosia baako mu- Gabriel Akwankyerɛ A Ɔde Maa Daniel.

25-0126 Adiyisɛm, Ɛtire  Enum Ɔfa A Ɛtɔ So Mienu

Adɔfoɔ A Wɔwɔ Ahomegyeɛ Mu, 

Nokorɛ nie Awɔ berɛ papapaa a ɛwɔ yɛabrabɔ mu nie. Awurade mmae no abɛn pɛɛ. Wɔde Honhom Kronkron no asɔ y’ɛano; Onyankopɔn nsɔano a yɛagye atom sɛ biribibiara a Kristo wuuieɛ maaeɛ no yɛ yɛn dea. 

Seesei yɛwɔ yɛagyapadeɛ no ho ahotɔsoɔ, Honhom Kronkron no. Ɛno ne ahotɔsoɔ no, ntoaseɛ sika-tua no, sɛ wɔagye yɛn ahyɛ Kristo mu no. Yɛregye yɛn ahome  wɔ Onyankopɔn bɔhyɛ nom mu, a yɛreda N’awia hann mu ɛreka yɛn ho hye; N’asɛm a wɔasi so dua, ɛretie Ne nne.  

Ɛyɛ yɛn nkwagyeɛ no mu ahotɔsoɔ. Yɛnni ɔhaw sɛ yɛrekɔ hɔ anaasɛ daabi, YƐREKƆ! Ɛyɛdɛn na yɛhunu saa? Onyankopɔn na Ɔkaa saa! Onyankopɔn hyɛɛ ɛho bɔ na yɛanya ahotɔsoɔ no. Yɛnsa anya aka na Kristo agye yɛn atom.

Ɔkwan biara nni hɔ a yɛnam so bɛtwe yɛn ho afiri Ɛho…nokorɛ nie, yɛwɔ hɔ! Deɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ ara ne sɛ yɛbɛtwɛn kɛkɛ; Wasiane a Ɔreyɛ Busuani -Gyefoɔ adwuma no mprempren yi. Yɛwɔ Ɛho ahotɔsoɔ mprempren yi. Yɛretwɛn ɛberɛ a ɔbɛsan aba abɛfa yɛn kɛkɛ. Afei, ɛberɛtia bi mu, anibɔtɛtɛso no, yɛn nyinaa bɛkɔ ayeforɔhyia anwumme-duane apontoɔ no ase.

Wo deɛ dwene deɛ ɛda yɛn anim ma yɛn no nyinaa ho. Ne nyinaa ntumi nkɔ yɛn adwene mu. Da biara da Ɔreda N’asɛm no pii adi, Ɔrema yɛn ahotɔsoɔ sɛ saa bɔhyɛ akɛseɛ weinom nyinaa yɛ yɛn dea.

Ɛwiase ɛregye gu; ogyahyehyeɛ nom, asaasewosoɔ nom, ɛne basabasayɛ wɔ baabiara, nanso wɔgye di sɛ wɔwɔ Agyenkwa foforɔ a ɔbɛgye ɛwiase nkwa, na ɔde wɔn yieyɔ mfirinhyia no bɛba. Yɛagye yɛn Agyenkwa no dada na yɛte yɛn yieyɔ mfirinhyia mu. 

Seesei Ɔresiesie yɛn ama Adiyie bebiree mpo ɛberɛ a yɛrebɛwura adiyisɛm ɛtire a ɛto so num no mu no. Ɔresiesie beaeɛ wɔ ɛha ama Nsoano Nson no anobue. Sɛnea Ɔyɛeɛ wɔ Adiyisɛm ɛtire baako no mu no, ɛrebue kwan ama Asafo Mfirinhyia Nson no.

Ɛdeɛn na ɛnna a aka wɔ awɔberɛ yi mu no wɔ ma Ayeforɔ no? Momma yɛnikan nhwɛ anim kakraa bi:

Seesei, menni berɛ. Me twerɛ too hɔ, nsɛm bi a ɛfa ho wɔ ha, nanso yɛn nhyiamu a ɛdi hɔ no ansa na yɛbɛtumi akɔ wei mu…Ɛbia me firi m’akwamma mu ba a anaa ɛberɛ foforɔ bi mu no, mepɛ sɛ menya saa Daniel naawɔtwe aduɔson yi na mede bɔ mu wɔ ha pɛɛ,  na mekyerɛ no baabi a ɛde kɔ Pentecose  ahosɛpɛ afahyɛ no, na ɛde no san ba saa nson pla-… nsɔano nson a wɔbɛbue ano wɔ ha ansa na yɛakɔ, na akyerɛ sɛ aduru awieɛ, weinom…

Ɛberɛ nwanwasoɔ paa ara a Awurade de ato hɔ ama N’Ayeforɔ. Ɔreyi Ne ho adi wɔ N’asɛm mu akyerɛ yɛn sɛdeɛ ɛbi nsii da. Ɔrehyɛ yɛn nkuran sɛ yɛyɛ wɔn a Wayi wɔn no a Ɔreba abɛfa wɔn no. Ɔreka kyerɛ yɛn sɛ yɛwɔ Ne pɛ a ɛwie pɛyɛ no mu ɛnam sɛ yɛne Ne Nne ɛretena, ɛne N’asɛm.

Ɛdeɛn na yɛreyɛ? Ɛnyɛ adeɛ baako, ahomegyeɛ ara kɛkɛ! Yɛretwɛn! Adwumaden biara nni hɔ bio, biribi a ɛha adwene biara nni hɔ bio, YƐREGYE YƐN AHOME WƆ ƐSO!

Bra ɛne yɛn ɛmɛgye ahome wɔ  Kwasiada wei prɛmtoberɛ, Jeffersonville berɛ mu, ɛberɛ a yɛtie Onyankopɔn Nne a WASISODUA no de nkransɛm no a ɔkaa no Ayɛwohomumɔ bosome no ne da a ɛtɔ so du nwɔtwe wɔ afe apem ahankoron aduosia baako mu no: 

“Adiyisɛm, Ɛtire  Enum Ɔfa A Ɛtɔ So Mienu “.

Onuabarima Joseph Branham

25-0112 Adiyisɛm, Etire Nan Ɔfa Ɛtɔ So Miɛnsa

M’adɔfoɔ A Wɔnni Awieɛ,

Ɛberɛ aso sɛ yɛyi y’ɛakodeɛ ntakrakyɛ  to hɔ na wura wo honhom adwendwene mu, ’firi sɛ Onyankopɔn ɛresiesie Ne ho sɛ Ɔde N’Asɛm mu Adiyie pii bɛma N’Ayeforɔ.

Ɔbɛda ahintasɛm a atwam no nyinaa adi akyerɛ yɛn. Ɔbɛka deɛ ɛrebɛsi daakye nyinaa no akyerɛ yɛn. Deɛ afoforɔ a wɔwɔ Bible mu nyinaa hunuuiɛ anaa wɔteeɛ kɛkɛ no, Ɔbɛda N’asɛm ɛne ɛmu nkyerɛkyerɛmu nketenkete biara adi akyerɛ yɛn.  

Yɛrebɛtie na yɛanya Bible mu agyinahyɛdeɛ nom nteaseɛ: Ateasefoɔ, Ahwehwɛ Po, Gyata no, Nantwie ba no, Onipa no, Ɔkɔdeɛ no, Mmɔborɔhunu Adwa no, Awɛmfoɔ, Mpanyinifoɔ, Ɛnne, Aboa, Mmoa Yɛbea.

Yɛbɛte na yɛanya Apam Dadaa no mu awɛmfoɔ no nyinaa ho nteaseɛ. Yuda: Apueɛ fam ɔwɛmfoɔ no; Efraim: Atɔeɛ fam ɔwɛmfoɔ no; Rueben: Anaafoɔ fam ɔwɛmfoɔ no; ɛne Dan: Atifi fam ɔwɛmfoɔ no. 

Biribibiara ntumi mma saa mmɔborɔhunu adwa no ho baabi a ɔntwa mu wɔ saa mmusuakuo no ho. Gyata no, ɔnipa nyansa no; Nantwibedeɛ: adwuma pɔnkɔ; Ɔkɔdeɛ: N’ahoɔhare. 

Sɛnea Ɔsoro, asase no, wɔ ntam, ɛne deɛ atwa ho ahyia nyinaa, na wɔyɛ awɛmfoɔ. Na n’atifi no yɛ Ogya Fadum no. Biribiara anka saa mmɔborɔhunu adwa no a, antra saa  mmusuakuo no.

Afei Apam Foforɔ no wɔ awɛmfoɔ: Mateo, Marko, Luka ɛne Yohane, a wɔrekɔ wɔn anim tẽẽ. Gyata na ɔwɛn apueɛ pono no, Ɔkɔdeɛ a ɔtuo no na ɔwɛn atifi pono, Yohane, ɔsɛmpakafoɔ no. Afei ɔduruyɛfoɔ a ɔwɔ ɔfã wei, ɔbarima Luka, no. 

Nsɛmpa nan no de Twerɛnsɛm biara wɛn Pentekoste Nhyira no de gyina deɛ wɔkaaeɛ no so pɛpɛɛpɛ. Na afei ɛnnɛ yi, asomafoɔ no Nnwuma no de Nsɛmpa nan no di adanseɛ sɛ Yesu Kristo te sɛ deɛ Ɔteɛ ɛnora ɛnɛ, ne daa. 

Sɛ deɛ Onyankopɔn asra no kann no kasa a, Ɛyɛ Onyankopɔn Nne! Yɛpɛ sɛ yɛteam kɛkɛ sɛ, “Kronkron, kronkron, kronkron, ma Awurade!”

Ɔkwan biaa nni hɔ a wobɛfa so atwe wo ho afiri Ɛno ho. Nokorɛ nie, yɛntumi ntwe yɛn ho mfiri Ɛno ho, ɛfiri sɛ ɛntwe Ne ho ɛmfiri yɛn ho. Wɔasɔ y’ɛano akɔsi yɛn gyeɛ Da. Biribiara nni hɔ daakye, biribiara nni hɔ mprenpren yi, amanenya,  ɔkɔm, sukɔm, owuo, anaa BIBIARA, a ɛbɛtumi atete yɛn afiri Onyankopɔn dɔ a ɛwɔ Kristo Yesu mu no ho. 

Ansa na ɛwiase fapem no, wɔde yɛn din hyɛɛ Adwammaa Nkwa Nwoma no mu sɛ yɛbɛhunu Saa Hann YI, sɛ yɛbɛgye Saa Ɛnne yi, sɛ yɛbɛgye  Saa Nkrasɛm yi adi, sɛ yɛn nsa bɛka Honhom Kronkron a Ɛwɔ hɔ ma yɛn da no na yɛanante mu. Ɛberɛ a wɔkumm Adwammaa no, wɔde YƐN DIN hyɛɛ Nwoma no mu ɛberɛ korɔ no ara a wɔde Adwammaa no Din hyɛɛ mu no. ANIMUONYAM!!

Enti no, biribiara ntumi ntente yɛn mfiri saa Nkrasɛm yi ho. Biribiara ntumi ntete yɛn mfiri saa Ɛnne no ho. Biribiara ntumi ɛnye Asɛm yi mu Adiyie no mfiri yɛn nsam. Ɛyɛ yɛn dea. Onyankopɔn frɛɛ yɛn na Ɔyii yɛn na ɔde yɛn too hɔ. Adeɛ biara yɛ yɛn dea, Ɛyɛ yɛn dea. 

Ɔkwan baako pɛ na ɛwɔ hɔ a wobɛfa so anya weinom nyinaa. Ɛsɛ sɛ wode Asɛm no nsuo hohoro wo ho. Ɛsɛ sɛ wote Asɛm no ansa na woatumi awura mu wɔ Ɛhɔ. Na ɔkwan baako pɛ na wobɛfa so akɔ Onyankopɔn nkyɛn, ɛno ne Gyidie. Na Gyidie nam ɔteɛ so na ɛba, Onyankopɔn Asɛm tie, a ɛda adi firi kronkron mu Kronkronbea no mu kɔ mfirinhyia no mu somafoɔ no hɔ.

Enti, ɛha no, asafo mfirinhyia no mu bɔfoɔ no ɛrekyerɛ wɔ saa nsuo  no mu Ɔnii ko a ɔwɔ mu ha a ɔreda N’ahummɔborɔ, N’asɛm, N’atɛmmuo, Ne Din adi. Ne nyinaa da adi wɔ ɛhanom a woate wo ho ɛnam sɛ wo gye Ɛno die. Wo te aseɛ?

Ma ɛnyae Tape nom tie no, ɛne Ɛno ntena kɛkɛ. Hwehwɛ mu wɔ Asɛm no mu na hwɛ sɛ Ɛyɛ ampa a. Ɛyɛ Onyankopɔn Kwan a ɛwɔ hɔ ma ɛnnɛ yi. 

Bra bɛka yɛn ho wɔ Awɔ Berɛ yi mu ɛberɛ a yɛka yɛn ho abɔ mu firi ɛwiase afannaa nyinaa na yɛtie Onyankopɔn Nne ɛda N’asɛm adi akyerɛ N’Ayeforo sɛdeɛ ɛbi nsii da. Ngosra biara nni hɔ a ɛsõ kyɛn sɛ wobɛmia play na woatie Ne Nne.

Ɛfiri m’akoma mu tɔnn, mɛtumi aka sɛ: M’ani agye yie sɛ mɛtumi aka sɛ me ne mo mu biaa yɛ Wɔn Mu Baako. 

Ɔnuabarima Joseph Branham.

Nkrasɛm a ɔkaa no Ɔpɛpɔn bosome no ne da a ɛtɔ so nwɔtwe wɔ afe apem ahankoron aduosia baako mu- “Adiyisɛm, Etire Nan Ɔfa Ɛtɔ So Miɛnsa”.

Prɛmtoberɛ: Jeffersonville berɛ mu.