All posts by admin5

25-0831 Adɛn Nti Na Wo Su? Kasa!

Onyankopɔn Asɔre Dɔfoɔ,

Onyankopɔn kasaeɛ na Ɔkaa sɛ, “Menyɛ adwuma wɔ asase so, gyesɛ ɛnam onipa nko ara so. Me—Me—Me ne Bobe no; mo ne mman no. Na ɛberɛ a mɛtumi anya onipa BAAKO nkutoo na mɛda Me ho adi. Na Me na M’apaw no, William Marrion Branham. Masoma no wɔ ɛfam sɛ ɔmmɛfrɛ M’Ayeforɔ. Mede M’Asɛm bɛhyɛ n’anum. M’Asɛm bɛyɛ n’Asɛm. Ɔbɛka Me Nsɛm na waka deɛ Me ka nkutoo.”

Ɛnne a ɛwɔ Twerɛnsɛm no mu no kasa faa Ogya Fadum no mu na ɔka kyerɛɛ no ​​sɛ, “Me na M’apaw wo, William Branham. Wo ne ɔbarima no. Saa botaeɛ yi so nti na Memaa wo so. Menam nsɛnkyerɛnne ɛne anwanwadeɛ nom so bɛda wo mu nokorɛ adi. Woresiane akɔ akɔda M’Asɛm adi na wadi M’Ayeforɔ anim. Ɛsɛ sɛ M’Asɛm nam WO so ɛhyɛ ma”.

Na yɛn diyifoɔ no nim sɛ botaeɛ ankasa a ɛnti wɔsomaa no ne sɛ ɔmmɛda Twerɛnsɛm no mu ahintasɛm no nyinaa adi na ɔnni Onyankopɔn Ayeforɔ no anim nkɔ Bɔhyɛ Asase no so.

Na ɔnim sɛ Onyankopɔn de anidie bɛma deɛ ɔkaeɛ no, na wama no aba mu. Mempɛ sɛ wo werɛ bɛfiri saa Asɛm no da. Deɛ yɛn diyifoɔ no kaaeɛ no, Onyankopɔn de anidie bɛma no,

Ɛfiri sɛ na Onyankopɔn Asɛm wɔ William Marrion Branham mu. Ɔno ne Onyankopɔn Nne ma wiase.

Ná ɔnim sɛ ɔyɛ Onyankopɔn bɔfoɔ somafoɔ a ɔtɔ so nson a wɔasra no. Na ɔnim nneɛma a Onyankopɔn aka afa ne ho nyinaa wɔ n’akoma mu wɔ N’Asɛm mu. Na deɛ na  ɛredɛre wɔ n’akoma mu no abɛyɛ adekann. Na ngosra wɔ ne so na na ɔnim sɛ ɔwɔ SƐ AWURADE SEƐ NIE. Na biribiara nni hɔ a ɛrebɛsi no kwan sɛ ɔbɛkɔ akɔka Onyankopɔn Asɛm. 

Onyankopɔn ka kyerɛɛ no, “M’Asɛm, ɛne wo, Me somafoɔ, ɛyɛ adekorɔ.” Ná ɔnim sɛ ɔno ne onii ko a wɔayi no sɛ ɔnka Asɛm a ɛnni mfomsoɔ no. Ɛno ara ne deɛ na ɔhia. ƆBƐKASA, NA ONYANKOPƆN AMA NO ABA MU.

Nkransɛm yi mu Adiyie ƐNE Onyankopɔn somafoɔ no ama yɛn gyedie so ngosra te sɛ deɛ ɛbi nsii da. Ayi yɛn adi awura kanko akɛseɛ nom mu. Atete yɛn ntam afiri biribiara ho gye Ne Nkransɛm, N’Asɛm, Ne Nne, Ne Tapes.

Ɛmfa ho sɛnea yɛyɛ ɛkuo kumaa bi, sɛnea wɔtweetwee yɛn, ɛdi yɛn ho fɛw, ɛnyɛ nsonsonoeɛ ketekete. YƐHU ƐNO. YƐGYE ƐNO DI. Biribi wɔ yɛn mu. Wɔyii yɛn too hɔ sɛ yɛbɛhunu ƐNO na biribiara nni hɔ a ɛrebɛsi yɛn kwan sɛ yɛregye ƐNO adi.

Yɛkae deɛ saa anisoadehunu no kaaeɛ,

 “San w’akyi na kɔfa Aduane sie.” Ɛhe na na saa adekoradan no wɔ? Branham Tabernacle. Ɔman no mu ɛhe fa, anaa ewiase afanaa nyinaa baabiara, a ɛde bɛtoto Nkransɛm nom a yɛwɔ no ho? Ɛno…ɛne Ɛnne nkutoo a Onyankopɔn Ankasa asi no pi sɛ ɛyɛ Sɛ Awurade Seɛ. SAA ƐNNE NO NKUTOO .

Ɛhe bio na anka yɛbɛtumi, anaasɛ anka yɛbɛpɛ sɛ yɛkɔ, ɛberɛ a ɔkaa sɛ; 

Ɛha ne baabi a wɔakora Aduane no…

Wɔakora no wɔ ha. Ɛwɔ tapes so. Ɛnam tapes no so bɛkɔ ewiase nyinaa, wɔ baabi a nnipa wɔ ɛwɔ wɔn afiefie mu. Saa tapes no bɛtɔ wɔn a Onyankopɔn a ayi wɔn ato hɔ no nsam pɛɛ. Ɔbɛtumi ama Asɛm no akwankyerɛ, Ɔbɛkyerɛ biribiara kwan pɛpɛɛpɛ akɔ ne kwan so. Ɛno nti na Ɔsomaa me sɛ me nsan m’akyi nkɔyɛ wei: “Kora Aduane no wɔ ha”.

Yɛyɛ N’Asɛm a ɛwie Pɛyɛ Ayeforɔ a ɛne N’Aduane a Ɔde Asie no atena. Ɛho nhia sɛ yɛbɛsu bio, yɛka Asɛm no kɛkɛ na yɛkɔ yɛn anim, ɛfiri sɛ yɛn na YƐYƐ Asɛm no.

Biribiara nni hɔ a ɛha adwene. Ɛnhia mma anadwo dasuo nyinaa mpaebɔ ahyiadie sɛ ɛbɛda nnipa ko a yɛyɛ adi, wɔada Asɛm no adi akyerɛ yɛn. Yɛnim nnipa ko a yɛyɛ, te sɛ Onyankopɔn diyifoɔ no ara pɛ, na waka akyerɛ yɛn dada onii ko a na ɔrekɔ.

Yɛn mu biara! Sɛ́ woyɛ ɔbaa warefoɔ a ɔhwɛ fie, anaasɛ woyɛ obi a woyɛ —afena kumaa bi, anaa woyɛ aberewa, anaa abranteɛ, anaa akɔkora, anaa deɛ woyɛ biara no, yɛrekɔ, ɔkwan biara so. Yɛn mu baako ɛrenka. Amen. “Yɛn mu biara ɛrekɔ, na biribiara nni hɔ a ɛrebɛsi yɛn kwan.”

Kasa fa sɛ ɛrema yɛn Ohwim mu GYEDIE!!!

Bra bɛka Onyankopɔn Ayeforɔ no fã bi ho ɛberɛ a yɛboaboa yɛn ho ano ɛtwa hyia Onyankopɔn Nne a wɔasi no pi no ho, ɛberɛ a Ɔkasa na Ɔka kyerɛ yɛn: M’akoma mu Tɔfe, Deɛ Mayi no, M’Ayeforɔ, Adɛn nti na wo Su, Kasa, na kɔ w’anim.

Onuabarima Joseph Branham.

Nkransɛm: 63-0714M Adɛn Nti Na Wo Su? Kasa!

Ɛberɛ: Prɛmtoberɛ, Jeffersonville ɛbere mu.

Beaeɛ:

Nanso Asɔre ankasa baako pɛ na ɛwɔ hɔ, na wo nkɔdɔm Ɛno. Wɔwo wo to Ɛno mu. Wahu? Na sɛ wɔwo wo to mu a, Onyankopɔn teasefoɔ no Ankasa nam wo so yɛ adwuma, na Ɔreda Ne ho adi. Wahu? Ɛhɔ na Onyankopɔn teɛ, ɛwɔ N’Asɔre mu. Onyankopɔn kɔ Asɔre da biara, Ɔte Asɔre mu saa. Ɔte wo mu. Wo’yɛ N’Asɔre. Wo ne N’Asɔre. Wo ne Ntamadan a Onyankopɔn te mu. Wo na woyɛ Onyankopɔn teasefoɔ no Asɔre no  wo ankasa.

25-0824 Awurade Adidie

Nkransɛm: Awurade Adidie 65-1212

BranhamTabernacle.org

Asɛm A Wɔasi No Pi Nkutoo Ayeforɔ Dɔfoɔ,

Sɛnea yɛda Honhom Kronkron no ase wɔ nokorɛ Adiyie a ɛfa N’Asɛm a wɔasi no pi ama ɛnnɛ da yi. Nnipa pii gye to wɔn ho so sɛ wɔgye di sɛ Onuabarima Branham yɛ Onyankopɔn diyifoɔ a ɔhyɛ bɔhyɛ Twerɛnsɛm a ɛfa ɔno ankasa ho ma, nanso wɔde Asɛm no mu nokorɛ adiyie no asuma wɔn.

Ɔdɔ krataa Nkransɛm biara a Ayeforɔ no teɛ no, Onyankopɔn si so dua ma yɛn sɛ yɛwɔ Nepɛ a ɛwie Pɛyɛ no mu ɛnam sɛ yɛretie Ne Kwan a Ɔde ama ɛnnɛ, Onyankopɔn Nne a ɛwɔ Tapes no so no.

Na ɛsɛ sɛ yɛdi N’akyi, ɛno nkutoo ne ɔkwan a yɛbɛfa so anya Daa Nkwa. Enti Onyankopɔn akannie no ɛne sɛ: fa Honhom Kronkron no so di ɛdɔn no mu Asɛm a wɔasi no pi no akyi.

Ɔkwan NKUTOO a ɛkɔ Daa nkwa mu ɛne: Honhom Kronkron no a Ɔredi mo anim ama mo adi Asɛm a wɔasi no pi no akyi. Hwan na ɔwɔ ɛnnɛ da yi Asɛm a wɔasi no pi no? Hwan na Onyankopɔn yii no sɛ ɔnkyerɛkyerɛ N’Asɛm ase? Hwan na Onyankopɔn kaa sɛ ɔyɛ Ne Nne ma ɛnnɛ da yi? Hwan na Onyankopɔn Ankasa kaa sɛ ɔyɛ ɔkannifoɔ a wɔasi no pi sɛ ɔni N’Ayeforɔ anim ɛnnɛ? Anyabiaa ɛyɛ ɔsom adwuma no?

Ɛte sɛdeɛ mekaaeɛ no, ɔkɔdeɛ ketewa no, ɛberɛ a ɔtee Ayeforokunu no Ɛnne no, ɔkɔɔ Ne nkyɛn, Onyankopɔn Asɛm a wɔasra no, a wɔasi no pi ama ɛda a ɛtwa toɔ no.
Noah na na ɔyɛ Asɛm a wɔasi no pi ɛwɔ ne da no mu.
Ná Mose yɛ ne da no mu Asɛm a wɔasi no pi.
Na Yohane yɛ Asɛm a wɔasi no pi .

Wɔbɛtumi de akyinkyimadeɛ anaa nkyerɛaseɛ biara a wɔpɛ ato Ɛso, nanso: WILLIAM MARRION BRANHAM YƐ ONYANKOPƆN ASƐM A WƆASI NO PI AMA ƐNNƐ!!

Enti Onyankopɔn akannie no ɛne sɛ: fa Honhom Koronkron no so di ɛdɔn no mu Asɛm a wɔasi no pi no akyi.

Na anyabiaa worebɔ Onyankopɔn Nne a wɔasi no pi no wɔ w’asɔrɛ dan mu no ɛnyɛ adeɛ a ɛhia paa a Ayeforɔ no bɛtumi ayɛ?Anyabiaa ɛhia paa sɛ wobɛtie ɛnne foforɔ bi?

Anyabiaa ɛyɛ mmarima kuo bi ɛne wɔn som adwuma na ɛbɛka Ayeforɔ no abom adi wɔn anim? Anyabiaa deɛ ɔsom adwuma no ka no na ɛbɛka Ayeforɔ no abom? Wɔn nyinaa ka biribi soronko, ɛnti hwan akyi na ɛsɛ sɛ yɛdi?

Anyabiaa wɔn nkyerɛaseɛ a ɛfa saa Nkransɛm yi ho no so na wɔbɛgyina abu yɛn atɛn anaa? Anyabiaa wɔ wɔ Ogya Fadum bi a ɛresi wɔn som adwuma no pi? Anyabiaa ɛyɛ wɔn nkyerɛaseɛ a ɛwɔ Asɛm no mu na ɛyɛ Osiwieɛ ma wo?

Ɔdiyifoɔ no kaa sɛ Ayeforɔ no bɛka ABOM. Bisa wo ho sɛ, ɛdeɛn na ɛbɛma saa nkɔmhyɛ yi ahyɛ ma sɛnea ɛbɛyɛ a Awurade bɛba abɛhwim N’Ayeforɔ no?

Na afei, sɛ Onyankopɔn nkorɔfoɔ firi aseɛ san boaboa wɔn ho ano bio a, baakoyɛ wɔ hɔ, tumi wɔ hɔ. Wahu? Na ɛberɛ biara a Onyankopɔn nkorɔfoɔ bɛka wɔn ho abom mapa no, megye di sɛ owusɔreɛ no bɛsi saa berɛ no. Ohwim berɛ bi bɛba ɛberɛ a Honhom Kronkron no hyɛ aseɛ ɛboa wɔn ano bom. Wɔn—ɛbɛyɛ ɛkuo ketewa no mu, ampa ara, nanso anoboa kɛseɛ bi bɛba.

Anyabiaa onipa bi som adwuma bɛma anoboa kɛseɛ bi aba, a ɛnyɛ Onyankopɔn diyifoɔ a wasi no pi no? Anyabiaa ɛbɛyɛ asomfoɔ KUO BI, ɛfiri sɛ ɔsom nnwuma num no mu asomfoɔ no bi se ɛnsɛ sɛ wobɔ Onyankopɔn Nne wɔ w’asɔre dan mu DA, ɛyɛ mfomsoɔ. Ɛneɛ anyabiaa wɔbɛdi Ayeforɔ no anim?

MESRƐ WO BOA ME! ƆSOMFOƆ BƐN NA ƐSƐ SƐ MEDI N’AKYI, SƐNEA MEPƐ SƐ YƐKA ME BOM WƆ SAA ANOBOA KƐSEƐ NO.

Ɛbinom ka sɛ aprannaa nson no mu asomfoɔ a wɔ wɔ ɔsom nnwuma num no mu no na wɔbɛma Ayeforɔ no awie pɛyɛ. Ɔsom nnwuma num mu asomfoɔ no binom se ɛnna a ɛyɛ Onipa-Baako som adwuma no atwam. Ɔsom nnwuma num no mu asomfoɔ no binom se ɛsɛ sɛ yɛsan y’ɛakyi kɔ Pentekose. Ebinom se Nkransɛm no ƐNYƐ Osiwieɛ no. Ebinom se sɛ wobɔ tapes a woyɛ anyame gyedini. Wɔn nyinaa ka biribi soronko, na wɔn NYINAA wɔ nkyerɛaseɛ ahodoɔ nom, adwenkyerɛ ahodoɔ, nanso wɔn mu baako biara ka sɛ Honhom Kronkron na ɛdi WƆN anim.

ƆSOM NNWUMA NUM NO MU ƆSOMFOƆ BƐN NA ƐSƐ SƐ MEDI N’AKYI?Ɛmerɛ tenten a medi “ME” sɔfoɔ a ɔwɔ ɔsom nnwuma num no mu akyi no, mɛyɛ Ayeforɔ no anaa? “Ɛkuo nom” ahodoɔ bebiree na ɛwɔ asomfoɔ a wɔ wɔ ɔsom nnwuma num no mu. Asomfoɔ aduonu wei ka wɔn ho bom ɛnya wɔn ahyiadie nom, nanso wɔne asomfoɔ aduonu bi a wɔn nso aka wɔn ho abom ɛreyɛ ahyiadie wɔ baabi foforɔ ɛnyɛ adwene koraa…ahyiadie no mu deɛ ɛwɔ hene na mɛkɔ a ɛbɛma me awie pɛyɛ na aka me abom…ɛmu binom…wɔn nyinaa anaa?

Na nkorɔfoɔ gyedi sɛ SAA SAKATUU yi ƐREBƐKA AYEFORƆ NO ABOM NA AMA NO AWIE PƐYƐ? Wɔn nyinaa se wɔn na wɔyɛ ƆSOM NNWUMA NUM MU NOKORƐ SOMFOƆ A ONYANKOPƆN AFRƐ WƆN. Nanso wɔn ɛnni w’anim nkɔ NOKORƐ AKANNIE NO A ƐNAM HONHOM KRONKRON NO SO NO, WƆREDI W’ANIM AKƆ WƆN NKYƐN ƐNE WƆN SOM ADWUMA.

M’afam no, wo nhia adiyie mpo sɛ wobɛhunu sɛ ɛno ɛntumi ƐNKA Ayeforɔ no MMƆ MU anaa ƐNNI wɔn anim. ASƐM no NKUTOO na ɛbɛka Ayeforɔ no abom, ɛnam ONYANKOPƆN ANKASA NNE A ƐWƆ TAPES SO.

Nnuammarima ne nuammaaa, ɛbɛyɛ ama mo sɛ mobɛsɔre, sɛ moredi ɔsɔfoɔ bi a ɔreyɛ preaching na “ɔrekootu” Asɛm no kɛkɛ akyi, a ɛyɛ nwanwa na ƐYƐ deɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ PƐPƐƐPƐ, nanso ɔrenka nkyerɛ mo, na ne titire, ƆRENYƐ, sɛ ɔrebɔ ONYANKOPƆN NNE A ƐWƆ TAPES SO WƆ W’ASƆRE.

Onuabarima Branham ka kyerɛɛ yɛn sɛ:

Afei, yɛwɔ honam afam ɔsoro ahyɛdeɛ mmiɛnsa pɛ a wɔde agya yɛn: ɛmu baako ɛne—ɛne Awurade adidie, ɛnanse-hohorɔ, nsuo asubɔ. Ɛno ne nneɛma mmiɛnsa pɛ no. Ɛno ne pɛyɛ no, mmiɛnsa no mu, wahu.

Mɛpɛ sɛ yɛbɛyɛ Awurade Adidie ɛne Ɛnanse-Hohorɔ Ɛsom Kwasiada yi, sɛ Awurade pɛ a. Sɛnea yɛayɛ wɔ ɛberɛ a atwam no mu no, mɛhyɛ wo nkuran sɛ firi aseɛ anwummerɛ nɔn num ɛwɔ wo mpɔtam hɔ ɛberɛ mu. Ɛwom sɛ Onuabarima Branham kaa sɛ Asomafoɔ no yɛɛ Awurade Adidie ɛberɛ biara a wɔhyiaaeɛ deɛ, ɔno pɛɛ sɛ ɔyɛ no anwummerɛ berɛ mu, na ɔfrɛɛ no sɛ Awurade Anwummeduane.

Nkransɛm no ɛne Awurade Adidie Ɛsom no bɛba Voice Radio so, na “link” bi nso bɛwɔ hɔ ama wɔn a wɔn nsa nka Voice Radio no adownloadu file no Kwasiada anwummerɛ.

Onuabarima Joseph Branham .

25-0817 Akannie

Dɔfoɔ Kristo Ayeforɔ, momma yɛnhyiam Kwasiada prɛmtoberɛ ɛwɔ Jeffersonville berɛ mu ntie Nkransɛm a wɔato din sɛ Akannie a ɔkaa no Ɔpɛnima da a ɛtɔ so nson wɔ afe apem ahankoron aduosia num mu.
Onuabarima Joseph Branham

25-0810 Nkɔmhyɛ Ma Ɛnnɛmmerɛ Yi Mu Nsɛm Ani Da Hɔ

Nokorɛ Ne Ateasefoɔ Ayeforɔ Dɔfoɔ,

Ɛberɛ a Yesu, Asɛm no Ankasa, baa asase so mfie mpenu a abɛsene kɔ no, Ɔbaa sɛnea Ɔkaa sɛ Ɔbɛba no, sɛ Odiyifoɔ. N’Asɛm no pae mu ka, sɛ ansa na Ɔba bio no, deɛ wɔda no adie nyinaa a ɛfa Yesu Kristo Nipasuo ho no bɛda adi bio wɔ honam mu, wɔ odiyifoɔ mu. Saa odiyifoɔ no aba, ne din de William Marrion Branham.

Ɛbɛyɛ dɛn na obi ɛntumi ɛnhunu sɛ wɔretie Onyankopɔn Nne tẽẽ a ɛwɔ tapes so no ɛyɛ Onyankopɔn Pɛ a ɛwie pɛyɛ? Yɛnim sɛ Asɛm no ba Ne diyifoɔ no hɔ ɛberɛ nyinaa; Ɛntumi mma ɔkwan foforɔ biara so. Ɛsɛ sɛ ɛfa Onyankopɔn kwan kwantene a Ɔyii yɛn asotire sɛ ɛbɛfa so aba no so. Ɛno nko ara ne ɔkwan a Ɛbɛfa so aba da. Onyankopɔn tu anamɔn wɔ ɔkwan a Ɔhyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛyɛ no so. Ɔnsesa no da sɛ Ɔyɛ no ɔkwan korɔ no ara a Ɔfaa so yɛɛ no ɛberɛ nyinaa no.

Wɔn mu biara dii ade korɔ, wɔn nyinaa saa wɔ Honhom no mu, na wɔn nyinaa wɔ biribiara a ɛyɛ pɛ; nanso ɛduruu ntetemu berɛ no, Asɛm no yɛɛ ntetemu no. Saa ara na ɛteɛ nnɛ! Asɛm no ayɛ ntetemu no! Sɛ ɛberɛ ba…

Yɛhunu saa berɛ no sɛ ɛrekɔ so mprempren yi, Asɛm no ɛretete mu. Wɔbɔ Ayeforɔ no kwaadu sɛ ɔde bebiree regu ɔdiyifoɔ no so dodo sɛ wɔka sɛ, “ yɛ wɔ afoforɔ bi a Onyankopɔn afrɛ wɔn, mmarima a Honhom Kronkron ahyɛ wɔn ma sɛ wɔbɛdi Ayeforɔ no anim nnɛ. Wohia pii a ɛboro tapes no nko ara so. Onyankopɔn de nnipa asisi hɔ nnɛ sɛ wɔnni asɔre no anim.”

“Wobɔ mmɔden sɛ wodwene sɛ wo nkutoo na wowɔ ɛkuo no mu. Asafo no nyinaa yɛ kronkron!” Onyankopɔn amfa deɛ ɛte saa so da anni dwuma. Anka na ɛsɛ sɛ ɔhunu yie kyɛn saa. Na ɔkaa sɛ, “Wiɛ, asafo no nyinaa yɛ kronkron. Wobɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ wo ho…” Sɛ yɛbɛka no nnɛ a, abɔntene so nkasaeɛ mu no, “Ɛboɔ a ɛno nkutoo na ɛwɔ mpoano.”

Na Mose nim sɛ Onyankopɔn asoma no aseɛ hɔ ama saa.

Onyankopɔn wɔ mmarima a Honhom Kronkron ahyɛ wɔn ma sɛ wɔnni N’Ayeforɔ no anim; Di wɔn anim KƆ SƐ AWURADE SEƐ NIE, ƆBƆFOƆ SOMAFOƆ NO hɔ. Ɛfiri sɛ Nkransɛm no ne ɔbɔfoɔ no yɛ ade korɔ. Ɛno ne Onyankopɔn kwan a ɛnsesa da a ɛwɔ hɔ ma ɛnnɛ, ɛne ɛberɛ nyinaa.

Ɛfiri sɛ wɔtiee mfomsoɔ bi. Ɛberɛ a Mose, deɛ Onyankopɔn asi no pi no, ɛne ɔkannifoɔ sɛ ɔnkyerɛ wɔn kwan nkɔ bɔhyɛ asase no so, na wɔn abɛduru mpɛnpɛnsoɔ a ɛfata, nanso afei wɔrentoa so ɛne no nkɔ…. Afei, agyedifoɔ bɛtumi ahunu Ɛno, nanso annyeanie foɔ ntumi nhunu Saa deɛ wɔasi no pi no.

Ɛnyɛ sɛ wɔyii wo sɛ wo bɛgye awieɛ berɛ Adiyie kɛseɛ a ɛwɔ hɔ ma ɛnnɛ da yi nko ara, mmom Onyankopɔn, ɛnam N’Aduane a Ɔde asie tapes kwan so no, kasa fira no ntoma kyerɛ N’akoma mu tɔfe Ayeforɔ no.

Ɛnneɛ sɛ woyɛ Onyankopɔn babarima anaa Onyankopɔn ba babaa a, na wowɔ Onyankopɔn mu ɛberɛ nyinaa. Nanso na Ɔnim asase ne ɛberɛ a wɔbɛdua wo. Enti afei wɔayɛ wo abɔdeɛ, Onyankopɔn ba, Onyankopɔn barima anaa ba baa a wɔada no adi sɛ ɔnhyia ɛdɔn yi mu akansie sɛ ɔnsi saa ɛdɔn yi mu nokorɛ ne ɔteasefoɔ Nyankopɔn no pi, Nkransɛm no a ɛreba wɔ saa berɛ yi mu no. Ɛte saa! Wɔyɛɛ wo ɛwɔ ɛhɔ ansa na wiase fapem.

Ɔdɔ krataa-a- wɔafira no ntoma paa a ɛkɔma N’Ayeforɔ, ANIMUONYAM!!!
Ɛnyɛ sɛ na Ɔnim yɛn nko ara na Ɔyii yɛn ansa na wiase fapem, mmom ɛha Ɔka kyerɛ yɛn sɛ Ɔyii yɛn sɛ yɛnyɛ Ne mmamarima ne Ne mmamaa a wɔada wɔn ho adie wɔ ƐNNƐ DA YI. Ɔde yɛn too asase so ha nnɛ, ɛboroo ahotefoɔ afoforɔ nyinaa so firi mfitiaseɛ no, ɛfiri sɛ na Ɔnim sɛ yɛbɛhyia saa dɔnhwereɛ yi mu akansie no sɛ yɛbɛsi ɛdɔn yi mu nokorɛ ne ɔteasefoɔ Nyankopɔn no pi, Nkransɛm a ɛreba no wɔ saa berɛ yi.

Na yɛwɔ Onyankopɔn mu, awosuo, asɛm, nsusueɛ a ɛfiri ahyɛaseɛ, nanso MPREMPREN yi YƐREBOM atena wɔ ɔsorosoro mmea hɔnom wɔ Kristo Yesu mu, denam N’Asɛm so, redi nkitaho ɛfa N’Asɛm so; ɛfiri sɛ yɛ YƐ N’ASƐM, na Ɛrema yɛn Akra aduane.

Yɛntumi, na yɛnfa biribiara nwura yɛn abrabɔ asetena mu, gye sɛ Onyankopɔn Asɛm a mfrafrayɛ ɛnni mu no. Yɛhyɛ no nso na yɛgyedi sɛ Ɛno ne Onyankopɔn kwan a Ɔde ama ɛnnɛ.

Yɛbɛpɛ sɛ wobɛka yɛn ho Kwasiada yi prɛmtoberɛ wɔ Jeffersonville berɛ mu, ɛberɛ a yɛtie ƐNNE KORO PƐ, Onyankopɔn Ɛnne a ɛwɔ tapes so no, wobɛtumi aka AMEN agye Asɛm biara a wo teɛ so.

Onuabɛɛma Joseph Branham.

Nkransɛm: Nkɔmhyɛ Ma Ɛnnɛmmerɛ Yi Mu Nsɛm Ani Da Hɔ.
Ɔpɛnima da a ɛtɔ so du mmienu Afe-Apem ahankoron aduosia num mu na Ɔkaa saa Nkransɛm no.

Twerɛnsɛm a wo bɛkenkan ansa na watie Nkransɛm no:

Genesis 22 .
Deuteronomium 18:15
Nnwom 16:10 / 22:1 / 22:18 / 22:7-8 / 35:11 .
Yesaia 7:14 / 9:6 / 35:7 / 50:6 / 53:9 / 53:12 / 40:3.
Amos 3:7.
Sakaria 11:12 / 13:7 / 14:7.
Malaki 3:1 / 4:5-6.
Ɔhoteni Mateo 4:4 / 24:24 / 11:1-19 .
Ɔhoteni Luka 17:22-30 / 24:13–27.
Hebrifoɔ 13:8 / 1:1.
Ɔhoteni Yohane 1:1.
Adiyisɛm 3:14-21 / 10:7.

25-0803 Nneɛma A Ɛwɔ Sɛ Ɛyɛ

Dɔfoɔ A Mo Yɛ Onyankopɔn Nsusueɛ Nom,

Asɛmfua biara a wɔkaa no wɔ saa Nkransɛm yi mu no yɛ ɔdɔ krataa ma N’Ayeforɔ. Sɛ yɛbɛdwene sɛ y’ɛn Agya a ɔwɔ Ɔsoro Ahemman mu dɔ yɛn pii paa, sɛ na ɛnyɛ sɛ Ɔpɛ sɛ yɛkenkan N’Asɛm nko ara, mmom na Ɔpɛ sɛ yɛte sɛ Ne Nne kasa kyerɛ yɛn akoma sɛnea ɛbɛyɛ a Ɔbɛtumi aka akyerɛ yɛn sɛ: “Moyɛ M’Asɛm a ɛte ase, Me nsusueɛ a ɛte ase a, mɛtumi ayi akyerɛ wiase.”

Afei sɛ wo bɛdwene sɛ N’afɔreɛ nom a Ɔbɔɔ no wɔ asase so ha no nyinaa akyi no, abrabɔ no a Ɔbɔɔeɛ, anamɔn kwan a Ɔfaa so, adeɛ baako nko ara na Ɔbisaaeɛ:

“Sɛ baabi a me wɔ no, wɔn nso aba hɔ bi.” Ɔbisaa yɛn fekuyɛ, ɛno nko ara ne adeɛ a Ɔbisaa Agya no wɔ mpaebɔ no mu, w’ayɔnkofa afebɔɔ.”

Baabi a mewɔ, “N’Asɛm,” ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛyɛ, sɛ yɛbɛgye Ne fekuyɛ, N’ayɔnkofa, afebɔɔ. Enti, ɛsɛ sɛ yɛde Asɛm biara a Ɔka kyerɛɛ yɛn wɔ tapes no so no tena ase na ama yɛn ayɛ N’Asɛm Ayeforɔ Baabunu, a ɛma yɛyɛ Ayeforokunu no fã.

Ɛno ne Yesu Kristo ADIYIE wɔ ɛdɔn yi mu. Ɛnyɛ deɛ na Ɔyɛ wɔ ɛdɔn foforɔ mu, onipa ko a Ɔyɛ MPREMPREN yi. Asɛm a ɛwɔ hɔ ma ɛnnɛ. Baabi a Onyankopɔn wɔ ɛnnɛ. Ɛno ne ɛnnɛ da yi Adiyie. Afei na ɛrenyini wɔ Ayeforɔ no mu, ɛrema yɛyɛ mma mmarima ne mmamaa a wɔ wie pɛyɛ mua.

Yɛhu yɛn ho wɔ N’Asɛm mu. Yɛnim nnipa ko a yɛyɛ. Yɛnim nnipa ko a yɛyɛ wɔ ne nhyehyɛeɛ mu. Wei ne Onyankopɔn kwan a Ɔde ama ɛnnɛ. Yɛnim sɛ Ohwim no abɛn. Ɛnkyɛ yɛn adɔfoɔ nom bɛyi wɔn ho adi. Afei yɛbɛhunu: Yɛaduru. Yɛn nyinaa rekɔ Ɔsoro Ahemman mu…aane, Ɔsoro Ahemman mu, beaeɛ a ɛyɛ adekann te sɛ wei.

“Yɛrekɔ beaeɛ kann a yɛrekɔyɛ nneɛma, baabi a yɛrekɔtena ase. Yɛrekɔyɛ adwuma. Yɛrekɔgye yɛn ani. Yɛrekɔtena ase. Yɛrekɔ Nkwa mu, akɔ Daa Nkwa kann mu. Yɛrekɔ Ɔsoro Ahemman bi mu, paradise bi. Ɛte sedeɛ Adam ne Hawa yɛɛ adwuma, na wɔtenaa ase, na wɔdiieɛ, na wɔgyee wɔn ani, wɔ Eden turo mu ansa na bɔne baa mu, yɛnam yɛn kwan so ɛsan kɔ ɛhɔ ara bio, ɛhɔ ara yɛsan kɔ hɔ ara pɛɛ. Adam a ɔdi kan no nam bɔne so, ayi yɛn afiri mu. Adam a Ɔtɔ so Mmienu no nam tenenee so de yɛn san ba mu bio; bu yɛn bem na Ɔde yɛn san ba mu.”

Ɛbɛyɛ dɛn na obi atumi de sɛdeɛ wei ase kyerɛ yɛn no akɔ nsɛmfua mu? Nokwasɛm ne sɛ yɛrekɔ paradise baabi a yɛbom tena Daa. Awerɛhoɔ, ɔyaw anaa apinisie biara nni hɔ bio, pɛyɛ a ɛtoa pɛyɛ so nkoaaa.

Yɛn akoma nom ɛredi dɛ, yɛkra nom wɔ ahosɛpɛ mu wɔ yɛn mu. Satan de ɔhyɛ dodoɔ ne bebiree na ɛregu yɛn so da biara, nanso yɛda so ara di ahurusie. Adɛn:

 YƐNIM NNIPA KO A YƐYƐ.

 YƐNIM SƐ YƐNII NO HWAMMƆ, NA YƐNNI NE HWAMMƆ.

 YƐNIM, SƐ YƐWƆ NE PƐ A ƐWIE PƐYƐ NO MU.

 YƐNIM SƐ, ƆDE N’ASƐM MU ADIYIE NOKORƐ NO AMA YƐN

Onuabarima Joseph, wo twerɛ adekorɔ no ara naawɔtwe biara. ANIMUONYAM, mɛtwerɛ no naawɔtwe biara ɛfiri sɛ Ɔpɛ sɛ wohunu dodoɔ sɛnea Ɔdɔ wo. Onipa ko a woyɛ. Baabi a worekorɔ. Deɛ ɛnni mu no reyɛ deɛ ɛdi mu. Wo yɛ Asɛm no a ɛrebɛyɛ Asɛm no.

Adɔfoɔ wiase, mommra mmɛka yɛn ho Kwasiada wei wɔ prɛmtoberɛ Jeffersonville berɛ mu, ɛwɔ hook-up no so, ɛnyɛ sɛ “me” to nsa frɛ wo nti, mmom ɛsiane sɛ “ƆNO” to nsa frɛ wo nti. Ɛnyɛ sɛ “me” na me yii tape no nti, mmom sɛ wo ne Ayeforɔ no fa bi a wɔ wɔ ewiase afanaa nyinaa bɛtie Asɛm no wɔ ɛberɛ korɔ mu nti.

Anyabiaa yɛbɛtumi ahunu sɛ ɛbɛtumi aba sɛ Ayeforɔ a wɔ wɔ ewiase afanaa nyinaa no, bɛtie Onyankopɔn nne wɔ ɛberɛkorɔ pɔtee no mu? Ɛsɛ sɛ ɛno yɛ Onyankopɔn. Onyankopɔn maa Ɔdiyifoɔ no yɛɛeɛ ɛberɛ a na Ne bɔfoɔ no wɔ asase so ha no. Ɔhyɛɛ Ayeforɔ no nkuran sɛ WƆN NYINAA nka mmom wɔ mpaebɔ mu WƆ JEFFERSONVILLE BERƐ KORƆ NO ARA MU, nɔn nkono, prɛmtoberɛ, nɔn mmiɛnsa; ne kɛseɛ paa a ɛyɛ wɔ saa berɛ yi, sɛ Ayeforɔ no bɛtumi aka abɔ mu sɛ BAAKO atie Onyankopɔn Nne ɛkasa kyerɛ wɔn nyinaa ɛberɛ korɔ mu?

Ɔnuabarima Joseph Branham .

Nkransɛm: Nneɛma A Ɛwɔ Sɛ Ɛyɛ.
Ɔpɛnima da a ɛtɔ so num afe apem ahankoron aduosia num mu

Twerɛnsɛm: .
Ɔhoteni Mateo 22:1-14 .
Ɔhoteni Yohane 14:1-7.
Hebrifoɔ 7:1-10 .

25-0727 Ohwim

Ayeforɔ Dɔfoɔ A Nhyehyɛeɛ Ɛnna Ho,

Awurade maa yɛn ɛberɛ nwanwasoɔ ɛte saa wɔ nsraban mu naawɔtwe a ɛtwaa mu no mu sɛnea Ɔdaa N’Asɛm adi kyerɛɛ yɛn no. Ɔnam N’asɛm so ɛdaa ɛmu nokorɛ adi, sɛ yɛn Osiwieɛ ɛne: N’Asɛm, Saa Nkransɛm yi, Onyankopɔn Nne a ɛwɔ tapes no so; Wɔn nyinaa yɛ adekorɔ, Yesu Kristo te saa ɛnora, ɛnnɛ ɛne daapem.

Yɛtee sɛdeɛ ɔbonsam no bɔ mmɔden sɛ ɔbɛtete Nkransɛm no afiri ɔsomafoɔ no ho, nanso ayɛyie nka Awurade Yesu, Onyankopɔn Ankasa nam Ne bɔfoɔ hoɔdenfoɔ no so kasaeɛ na Ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ:

Yɛhunu sɛ sɛ onipa bi a wɔasoma no firi Onyankopɔn nkyɛn, Onyankopɔn ahyɛ no ato hɔ, ɔde SƐ AWURADE SEƐ NIE turodoo ɛba a, nkrasɛm no ɛne ɔsomafoɔ no yɛ bafua ne adekorɔ no ara. Ɛfiri sɛ wɔasoma no sɛ ɔnnyina hɔ mma SƐ AWURADE SEƐ NIE, Asɛmfua baako biara, enti ɔne ne nkransɛm yɛ adekorɔ no ara.

Wontumi ntete Nkransɛm no mfiri ɔsomafoɔ no ho, wɔyɛ adekorɔ, SƐ AWURADE SEƐ NIE. Ɛmfa ho deɛ atorɔ ngosra wɔ ne so biara ka, Onyankopɔn kaa sɛ wɔ yɛ adekorɔ na wontumi ntete wɔn mu.

Afei Ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ yɛnhia ntoma sɔneɛ a yɛde kye nkammoa biara ɛberɛ a yɛretie tapes no, ɛfirisɛ nkammoa anaa nkaboa ho nsuo biara nni Saa Nkransɛm yi mu. Ɛyɛ Ne Nsubura a ɛberɛ nyinaa ɛho teɛ na ɛretene korɔgyenn.
Ɛberɛ nyinaa ɛreworo fa so, ɛnwe da, kɔ so ɛrepia na ɛrepia kɛkɛ, ɛrema yɛn N’Asɛm mu adiyie pii.

Ɔkaee yɛn sɛ yɛn WERƐ ƐMFI da sɛ N’apam a Ɔne yɛn wɔ no yɛ deɛ Akyinnyegyeɛ ɛnni ho, deɛ Nkunwasie ɛnni ho, nanso ne nyinaa mu titire paa no, Nhyehyɛeɛ nna ho.

Sɛ ɛyɛ ɔdɔ, mmoa, anaa gyae-mu-ma, sɛ biribi yɛ deɛ nhehyɛeɛ ɛnna ho a, ɛyɛ OSIWIEƐ na ɛnyɛ deɛ ɛgyina nhyehyɛe ne nyinasodeɛ soronko bi so: ɛbɛba mu ɛmfa deɛ ɛka ho biara a ɛbɛba.

Afei Ɔpɛɛ sɛ Ɔbɛka dadewa no ato so, enti Ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ saa da yi Ne Twerɛnsɛm no ɛrehyɛma wɔ yɛn ani so.

Saa awia s-u-n korɔ no ara a ɛpue wɔ apueɛ fam no saa awia s-u-n korɔ no ara kɔtɔ wɔ atɔeɛ. Na saa Onyankopɔn Ba S-o-n no a Ɔfiri apueɛ baaeɛ na Ɔbɛsii Ne ho pi sɛ Onyankopɔn a wada adi wɔ honam mu no, ɛyɛ saa Onyankopɔn Ba S-o-n ɛwɔ atɔeɛ asase tam fa a ɛwɔ ha no, a ɛreyi Ne ho akyerɛ wɔ asafo no ntam anadwo yi, te saa ɛnora, ɛnnɛ ɛne daapem. Ɔba no anwummere Hann no aba. Saa da yi Twerɛsɛm wei ahyɛma wɔ yɛn anim.

Onipa Ba no aba bio wɔ onipa honam mu wɔ yɛn da yi mu, sɛnea Ɔhyɛɛ bɔ sɛ Ɔbɛyɛ no ara, afrɛ Ayeforɔ bi. Ɛyɛ Yesu Kristo a Ɔrekasa tẽẽ kyerɛ yɛn, na Ɛnhia onipa nkyerɛaseɛ biara. Deɛ yɛhia nyinaa, deɛ yɛpɛ nyinaa ɛne Onyankopɔn Nne a Ɔrekasa wɔ tape so a ɛfiri Onyankopɔn Ankasa hɔ ɛreba.

Ɛyɛ adiyie a ɛwɔ Asɛm no a wɔada no adi akyerɛ ayɛ nokorɛ no.*
Na saa da no mu na yɛteɛ no; Ayɛyie nka Onyankopɔn; Ɔno ankasa ahintasɛm ho adiyie.

Animuonyam berɛ paa Ayeforɔ no ɛrenya, ɛreda Ɔba no animpa, ɛrebere. Ayuo no asan aba ayuo no bio, na mmɔreka biara nni yɛn ntam. Onyankopɔn Nne korɔgyenn no ara kɛkɛ a ɛrekasa kyerɛ yɛn, a ɛrenwene na ɛrema yɛn awura Kristo sɛso, Asɛm no mu.

Yɛyɛ Onyankopɔn Mmamarima ne mmamaa, Ne nsusueɛ a Ɔhyɛ too hɔ sɛ wɔbɛba wɔ saa mfirinhyia yi mu, ewiase abakɔsɛm mu mfirinhyia mu kɛse-paa.
Na Ɔnim sɛ yɛnni ntwo, yɛnngo yɛn mudie mu, mmom yɛbɛyɛ N’Asɛm Ayeforɔ nokwafoɔ turodoo, Ne bɔhyɛ a ɛfa Abraham Adehyeɛ Aba Kantinka no a na ɛbɛba ho no.

Ohwim no abɛn. Ɛberɛ aba awieɛ. Ɔreba abɛfa N’Ayeforɔ a wasiesie Ne ho awie nanso ɔte Ɔba no Animpa, ɛretie Ne Nne ɛrehyɛ N’Ayeforɔ no atadeɛ. Ɛnkyɛ yɛbɛfiri aseɛ ahu yɛn adɔfoɔ a wɔwɔ twamu berɛ akyi, a wɔretwɛn na wɔn kɔn dɔ sɛ wɔbɛka yɛn ho.

Tapes no yɛ Onyakopɔn kwan a Ɔde ama sɛ ɛbɛma N’Ayeforɔ no awie pɛyɛ. Saa tapes weinom nkutoo ne adeɛ a ɛbɛka N’Ayeforɔ abom. Saa tapes yi yɛ Onyankopɔn Nne ma N’Ayeforɔ.

Meto nsa frɛ mo sɛ mommra na mo mɛka yɛn ho, N’Ayeforɔ no fã bi, Kwasiada wei prɛmtoberɛ wɔ Jeffersonville berɛ mu, ɛberɛ a yɛtie ɛfa nea ɛnkyɛ koraa ɛreba abɛsie ho no nyinaa: Ohwim 65-1204.

Onubarima Joseph Branham

25-0713 Beaeɛ Koro Pɛ A Onyankopɔn Ayi Ato Hɔ Ama Ɔsom

Yesu Kristo Abusua Dɔfoɔ,

Biribi ɛrekɔ so te sɛ deɛ ɛbii nsii da wɔ Kristo Ayeforɔ a wɔ wɔ wiase nyinaa no. Nneɛma a yɛate ho asɛm na yɛkɔn adɔ sɛ yɛhu no, seesei ɛreda adi  ɛwɔ yɛn ani so.

Honhom Kronkron no ɛreka N’Ayeforɔ abom sɛnea Ɔkaa sɛ Ɔbɛyɛ no, denam Ne kwan NKUTOO a Ɔde ama ɛnnɛ no so, Onyankopɔn Ɛnne a ɛwɔ tapes so.  

Ɔreda N’Asɛm adi na Ɔresi so dua sɛdeɛ ɛbi nsii da. Te sɛ nsubura no, Adiyie ɛrehuru fa so wɔ yɛn mu.

Saa mprempren yi Kristo ne N’Asafo honhom mu nkabom no, ɛberɛ a honam no ɛreyɛ Asɛm no, na Asɛm no ɛreyɛ honam, a ɛda adi, ɛresi no pi. Deɛ Bible no kaa pɛɛ sɛ ɛbɛkɔso wɔ saa da yi mu no, ɛrekɔ so, da biara da. Adɛn nti, ɛreboaboa ano  ntɛmntɛm wɔ adihɔnom, wɔ saa anweatam no so, ɛne nneɛma a ɛresisi, a na mentumi mpo mfa m’ani ɛnni akyi.

Ɛdabiara Adiyie bebiree ne bebiree na Ɔreda no adi kyerɛ yɛn. Te sɛ odiyifoɔ no, nneɛma ɛresisi na ɛrekɔ so ntɛmntɛm saa, yɛntumi mpo mfa yɛn ani nni Ɛno akyi…ANIMUONYAM!!!

Yɛn berɛ adu. Twerɛsɛm ɛrehyɛma. Ɔhonam ɛreyɛ Asɛm, na Asɛm no ɛreyɛ honam. Deɛ odiyifoɔ no kaa pɛɛ sɛ ɛbɛsi no afei na ɛrekɔ so.

Adɛn nti na yɛn?

mmɔreka biara nni yɛn ntam, nnyegyeɛ a ɛnsi pi, onipa nkyerɛaseɛ biara nni hɔ a ɛhia wɔ yɛn mu. Yɛretie Asɛm Korɔgyenn a ɛwie Pɛyɛ no ara kɛkɛ ɛfiri Onyankopɔn anom ɛberɛ a Ɔkasa anofafa so gu yɛn aso mu.

Afei yɛhunu saa bɔhyɛ Asɛm korɔ no ara a ɛfa Luka, ɛfa Malaki, saa bɔhyɛ foforɔnom yi nyinaa a ɛwɔ hɔ ma nnɛ, ayɛ honam, ɛretena yɛn ntam, a yɛde yɛn aso ɛteeɛ; seesei (yɛde yɛn ani) hunu Ɔno Ɔrema Ɔno Ankasa Asɛm mu nkyerɛaseɛ, yɛnhia onipa nkyerɛaseɛ biara.

Ayeforɔ, ɛmu ntumi ɛnnyɛ pefee ɛnkyɛn ɛno kɛkɛ.  Ɛyɛ Onyankopɔn, a Ɔgyina N’Ayeforɔ anim wɔ onipa honam so, a yɛbɛtumi de yɛn ankasa ani ahu, Ɔrekasa na Ɔrema Ɔno Ankasa Asɛm mu nkyerɛaseɛ, na Ɔde ɛregu tape so. Asɛm a ɛwie Pɛyɛ no a Onyankopɔn Ankasa aka na watwe agu ahoma so,  ɛne sɛ, ɛnhia onipa nkyerɛaseɛ biara.

  • Onyankopɔn ɛrekasa tẽẽ akyerɛ N’Ayeforɔ, wɔ tapes no so.
  • Onyankopɔn ɛrema Ɔno Ankasa Asɛm mu nkyerɛaseɛ wɔ tapes no so.
  • Onyankopɔn ɛreda Ne ho adi, wɔ tapes no so.
  • Onyankopɔn ɛreka akyerɛ N’Ayeforɔ no, mo nhia onipa nkyerɛaseɛ biara, M’Asɛm a ɛwɔ tapes so no, ɛne deɛ M’AYEFORƆ HIA  nyinaa.

Kae, sɛ wo firi ha a, firi aseɛ tu anamɔn firi ɛhono no mu mprempren yi; Worekɔ aburo no mu, nanso da Ɔba no Animpa. Mfa nka ho, deɛ maka no; Ɛnnyi mfiri mu, deɛ maka no. Ɛfirisɛ, meka Nokorɛ no kɔpem sɛnea menim Ɛno no, sɛnea Agya no de ama me no. Wahu?

Onyankopɔn ayɛ ƆKWAN NKUTOO A ƐWIE PƐYƐ no ama Ayeforɔ no sɛ yɛnyɛ sɛnea Ɔhyɛɛ yɛn sɛ yɛnyɛ no ara pɛ. Ɛntumi ɛmmaa sei da, de bɛsi ɛnnɛ. Adwene bubuo biara nni mu, nsusueɛ biara nni mu, asɛmmisa biara nni mu sɛ wɔde biribi aka ho, wɔayi biribi afiri mu anaa wɔakyerɛ aseɛ.  Wɔama Ayeforɔ no nokorɛ Adiyie no: WOREBƆ TAPES NO ƐNE ONYANKOPƆN KWAN A ƐWIE PƐYƐ.

Sɛ ɛba sɛ a, ma mensan nka ɛno bio. M’Adiyie ne sɛ Yesu Kristo Ayeforɔ, ɛnyɛ afoforɔnom, AYEFORƆ NO, ɛnhia BIRIBI FOFORƆ BIARA gye Onyankopɔn Ɛnne a ɛwɔ tapes so no.  

Nanso ɛberɛ ko a saa Honhom Kronkron no ampaniampaa…Asɛm kann no ba wo mu (Asɛm no, Yesu), afei, Onuabarima, Nkransɛm no nyɛ kokoam mu nsɛm ɛmma wo saa berɛ no; Wonim Ɛno, onuabarima, Ne nyinaa ɛhyerɛn wɔ w’anim.

Nkransɛm no nyɛ asumasɛm mma me. Yesu Kristo te sɛ deɛ Ɔteɛ ɛnnora, ɛnnɛ ɛne daapem. Wɔfrɛ ɔsoro ne asase nyinaa Yesu. Yesu ne Asɛm no.

Na ɛdin no wo Asɛm no mu ɛfirisɛ Ɔno ne Asɛm no. Amen! Ɛneɛ na Ɔyɛ deɛn? Asɛm a wɔakyerɛ aseɛ no ɛyɛ Onyankopɔn din a wɔada no adi akyerɛ.

Onyankopɔn de Ne Nne a watwe agu ahoma so na wɔde asie ama ɛnnɛ da yi ɛreka N’Ayeforɔ abɔ mu, sɛdeɛ Ɔbɛtumi aboa N’Ayeforɔ abom sɛ Ɛkoro Bafua. Ayeforɔ no bɛhunu Ɛno na wahyɛ Ɛno nso sɛ ɛne ƆKWAN NKUTOO a Ɔbɛtumi aka N’Ayeforɔ abɔ mu.

Ɔyɛɛ no ​​bɛboro mfie aduosia a atwam no de kyerɛɛ yɛn sɛdeɛ na Ɔrebɛyɛ no nnɛ. Yɛyɛ “Ne nsɔre-nom baako a ɛwɔ hook-up so no.”

Sɛ mennye asɔrekɔ ɛnni a, adɛn nti na mewɔ asɔre? Na yɛwɔ won wɔ ɔman no nyinaa mu ahyia, a na wɔ wɔ hook-up so ɛdaano anadwo no, borɔfo kwansini ahinanan ahaanu biara no na m’asɔre baako wɔ hɔ.

Asomfoɔ bebiree ka kyerɛ wɔn nsɔrenom sɛ wo wɔ “hook-up” so no anaasɛ worebɔ afiri ahoma so,” “ɛretie Nkransɛm korɔ no ara no wɔ ɛberɛ korɔ no ara mu no”, ɛnyɛ sɛ worekɔ asɔre. ƆKAA NO SEESEI ARA SƐ NA ƐYƐ!  wɔnnim Asɛm no kɛkɛ anaa sɛ wɔntumi nkenkan ɔdɔ krataa no te sɛ deɛ Ayeforɔ no tumi no.

Ɛdeɛn ne asɔre? Momma yɛnhwɛ deɛ Onuabarima Branham kaaeɛ kɛkɛ sɛ ɛyɛ asɔre.

Nhyiamufoɔ pii, bebiree na wɔanya saa daberɛ yi sɛdeɛ mo nyinaa nyaaeɛ firii Tabernacle no. Ɛnam hook up so nso wɔ Phoenix, sɛ baabiara a ɔsom no wɔ no, ɛba mu pɛɛ…Na wɔn aboaboa wɔn ho ano wɔ nsɔredan mu ɛne afiefie mu, ɛne nneɛma a ɛtete saa, ɛdenam mframa a ɛyɛ kama so.

Onuabarima Branham ka pefee sɛ na nkorɔfoɔ a wɔ wɔ wɔn “afie” mu ɛne “nneɛma a ɛte saa” no yɛ n’asɔrenom no mu baako a wɔ wɔ hook-up no so.  Ene sɛ afiefie, filling stations, adan, mmusua boaboaa wɔn ho ano wɔ ne hook-up no so maa wɔ yɛɛ asafo.

Momma yɛnkenkan ƆDƆ KRATAA kakra bio.

Yɛbɔ mpaeɛ ma nsɔrensɔre no  ɛne asafo mma no nyinaa a wɔn aboaboa wɔn ano no atwa saa—saa–saa microphone nketewa no ho ahyia, ɛfiri ɔman no mu, de kɔ ara kɔsi Atɔeɛ Mpoano no, aforo akɔ Arizona mmepɔ no so, asiane akɔ akɔ Texas mpaprɛ so, akɔwura Apueɛ fam Mpoano no, wɔ ɔman no nyinaa hyia, Awurade, baabi a wɔn aboaboa wɔn ho ano. Nnɔnhwereɛ pii ɛda ntammu, yɛwɔ ɛberɛ mu, nanso, Awurade, yɛaka yɛn ho abom anadwo yi sɛ ɛkoro bafua, agyedifoɔ, ɛretwɛn Mesia no Mmaeɛ no.

Enti sɛ wowɔ Hook-Up no so, ɛretie Onuabarima Branham NYINAA ƐWƆ ƐBERƐ KORƆ NO; na wɔn aka wɔn ho abom sɛ ɛkoro bafua, agyedifoɔ, ɛretwɛn Mesia no Mmaeɛ no.

Nanso woreka sɛ, sɛ woyɛ saa nnɛ a, ɛnyɛ asɔrekɔ, ɛyɛ mfomsoɔ, ɛnyɛ sɛ mo reka mo ho aboa ano kɛse mpo ɛberɛ a yɛhu sɛ ɛda no ɛrebɛn no, ɛno ɛnyɛ asɔre kɔ?

Ma memmisa wo asɛm bi na fa mmuaeɛ ma w’asafomma. Sɛ Onuabarima Branham wɔ ha ɛnnɛ a, ɛwɔ honam mu a, ɛna nka wobɛtumi afa no wɔ ahoma so anaa hook-up so Kwasiada anɔpa biara, a wo ne Ayeforɔ no nyinaa a wɔ wɔ wiase bɛtie no wɔ ɛberɛ korɔ mu a, asɔfoɔ, anka mobɛfa HOOK-UP so na moatie Onuabarima Branham anaasɛ mobɛka asɛm no?

Onuabarima Branham ka pefee sɛ w’asɛdeɛ yɛ w’asɔre. Sɛ ɛnka na wowɔ ha mfie aduosia a atwam no ɛna na Onuabarima Branham ɛreyɛ ɔsom, nanso na w’asɔre no ɛrenkɔ ɛno na mmom wɔn ara reyɛ wɔn ankasa som (a asomfoɔ bebiree yɛɛeɛ saa berɛ no),  anka wobɛkɔ “w’asɔre”, annasɛ anka wobɛkɔ “Branham Tabernacle” akɔtie Onuabarima Branham?

Mɛma wo me mmuaeɛ. Ɛnka mɛgyina ɛpono no ano wɔ nsutɔeɛ mu, asukɔkyea, anaasɛ sukyerɛmma ahum mu akɔtie Onyankopɔn diyifoɔ no ɛwɔ Tabernacle hɔ. Sɛ anka na MEREKƆ saa asɔre foforɔ  no a, anka mɛsesa nsɔre saa anadwo no.

Nanso saa ɔbaa no, na ɔnnim sɛ na tumi no wɔ poma no mu anaasɛ ɛnte saa, nanso na ɔnim sɛ Onyankopɔn wɔ Elia mu. Ɛhɔ na na Onyankopɔn no wɔ: wɔ Ne diyifoɔ mu. Ɔkaa sɛ, “Sɛ Awurade te aseɛ na wo kra te aseɛ yi, mennyae wo mu”.

Meto nsa frɛ mo sɛ mommɛka yɛn ho na monyɛ Onuabarima Branham nsɔre no mu baako wɔ hook-up so Kwasiada prɛmtoberɛ wɔ Jeffersonville berɛ mu, ɛberɛ a yɛtie Onyankopɔn Nne ɛberɛ yɛn Nkransɛm: Beaeɛ Koro Pɛ A Onyankopɔn Ayi Ato Hɔ Ama Ɔsom. 65-1128M

Onuabarima Joseph Branham.

25-0706 Mate Nanso Afei Mahu

Hook-Up So Ayeforɔ Dɔfoɔ,

Ɛnnɛ, saa Nsɛm yi a Onyankopɔn nam Ne Bɔfo Somafoɔ a ɔtɔ so Nson no so kaaeɛ no ƐDASO ARA ɛrehyɛ ma ɛnam YƐN, YESU KRISTO AYEFORƆ NO so.

“Sɛ mennye asɔre kɔ ɛnni a, adɛn nti na me wɔ asɔre? Na yɛ wɔ wɔn wɔ ɔman no nyinaa mu, a na wɔwɔ hookup so ɛdaano anadwo no, borɔfo kwansini ahinanan ahaanu biara no na m’asɔre baako wɔ hɔ.

Na wɔwɔ nsɔre adan, afiefie, adan nketewa mu, ɛne filling station mpo; ateapetete United States, ɛretie, wɔn nyinaa ɛberɛ korɔ pɛpɛɛpɛ no ara mu no a na Asɛm no ɛrekɔ so no.

Na ɛnnɛ, yɛda so ara yɛ NE NSƆRENSƆRE NO MU BAAKO. ƆDA SO ARA YƐ YƐN SƆFO. N’Asɛm DASO ARA ƐNHIA NKYERƐKYERƐ MU BIARA, na YƐDA SO ARA aboaboa yɛn ho ano wɔ HOOK-UP so wiase ho ahyia, ɛretie Onyankopɔn Ɛnne a ɛma Yesu Kristo Ayeforɔ no ɛwie pɛyɛ.

Saa da yi, Asɛm wei da so ara ɛrehyɛ ma.

Adɛn nti na wɔyɛɛ saa, saa berɛ no? Adɛn nti na asɔfoɔ totoo wɔn nsɔre mu sɛ wɔbɛtie Nkransɛm no saa berɛ no ara? Anka na wɔbɛtumi atwɛn ama wɔn nsa aka tapes no, na afei akyire no, wɔn ankasa aka Nkransɛm no akyerɛ wɔn nkorɔfoɔ; na me gyedi sɛ dodoɔ a wɔnni adiyie no yɛɛeɛ.

Anaasɛ ebia ɛbinom kakyerɛɛ wɔn nsɔremma sɛ, “Afei tie, yɛgye di sɛ Onuabarima Branham yɛ Onyankopɔn diyifoɔ, nanso wanka sɛ na ɛsɛ sɛ yɛtie no wɔ yɛn nsɔre mu. Mereka Asɛm no Kwasiada wei, ɛne Kwasiada biara; mo deɛ mo mma no nsa nka tapes no na montie wɔ m’oafie mu.”

Saaberɛ no mu Ayeforɔ no, te sɛ seesei Ayeforɔ no, nyaa Adiyie, na wɔn ankasa pɛɛ sɛ wɔbɛtie Onyankopɔn Ɛnne tɔnn. Wɔpɛɛ sɛ wɔbɛka wɔn ho abɔ Ayeforɔ a atwa ɔman no ho ahyia no atie Onyankopɔn Nne, sɛnea na ɛrekɔ so no. Na wɔpɛ sɛ wɔda wɔn ho adi sɛ ne nsɔre no, afie anaa baabibiara a na wɔ wɔ no mu baako, ɛne Nkransɛm no, Ɛnne no ɛna seesei tapes no.

Saa da yi, Asɛm yi da so ara ɛrehyɛ ma.

Adɛn nti na wɔn/yɛn ɛhunu Ɛno na afoforɔ nhunu? Ɛnam ɛhunusie so, ɔhyɛɛeɛ too hɔ sɛ yɛbɛhunu Wei. Nanso wo a wɔanhyɛ anto hɔ no, wo nhunu Ɛno da. Ayuo no ɛrehunu Ɛno na wɔahyɛ aseɛ ɛtwe ne ho.

Ɛnkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wogyae sɛ worekɔ w’asɔre. Saa ara nso na ɛnkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wo sɔfo gyae sɛ ɔreyɛ ɔsom adwuma no. Deɛ ɛkyerɛ ara ne sɛ ɔsom nnwuma ne asɔfoɔ pii werɛ afiri ADE TITIRIW NO, na wɔnka nkyerɛ wɔn nkorɔfoɔ no ƐNNE A ƐHO HIA PAA a ɛsɛ sɛ wɔtie ɛyɛ Onyankopɔn ƐNNE a ɛwɔ tapes so.

Worekɔ asɔre dabiara wɔ naawɔtwe biara no ɛmma wo nyɛ Ayeforɔ no; ɛno ɛnyɛ Onyankopɔn ahwehwɛdeɛ. Na Farasifoɔ ne Sadukifoɔ no awe saa nkyerɛkyerɛ no agu wɔn tirim. Na wɔnim Asɛm biara mu asɛmfua, nanso na Asɛm no a Ɛte Ase no gyina ƐHƆNOM ARA wɔ onipa honam mu, nanso ɛdeɛn na wɔyɛɛeɛ? Ade korɔ no ara dodoɔ no yɛ no ɛnnɛ.

Wɔbɛka sɛ “na ɛno yɛ nhyɛsoɔ som na na ɔreka ho asɛm. Na wɔn ɛmma Onuabarima Branham kwan wɔ wɔn nsɔre mu mma mo nkɔka Asɛm no, nanso yɛdeɛ yɛka Asɛm no na yɛka deɛ ɔkaeɛ no ara.”

Ɛno yɛ nwanwa. Kamfo Awurade. Ɛno ne deɛ ɛsɛ sɛ woyɛ. Nanso afei wo ka sɛ, ɛnnɛ ɛyɛ soronko, ɛyɛ mfomsoɔ sɛ wobɛbɔ Onuabɛɛma Branham tapes wɔ w’asɔre mu. Nsonsonoeɛ biara nni wo ne Farasifoɔ ne Sadukifoɔ, anaa nhyɛsoɔ som no ntam.

Wo yɛ nyaatwom.

Sɛnea na ɛteɛ saaberɛ no, Ɛno yɛ Yesu, a Ɔgyina ɔpono ano ɛrebɔ mu, Ɔrebɔ mmɔden sɛ ɔbɛwura mu akɔkasa tẽẽ akyerɛ N’Asafo, na wɔn ɛmmue wɔn apono, na wɔn ɛmmɔ tapes no wɔ wɔn nsɔre mu. “Ɔremma yɛn asɔre ɛmmɛka Asɛm no”.

Ɔtamfo no ɛrekɔ akɔkyea ɛno na wakyimkyim no wɔ akwan pii so sɛnea ƆTAN sɛ wɔbɛpa ne ho ntoma, nanso ne nyinaa mu no, wɔreda no adi wɔ yɛn aanim ankasa na dodoɔ no ara na wɔretwe wɔn ho.

“Mfitiaseɛ no na” [Asafo no ka sɛ, “Asɛm,”—ed.] no wɔ hɔ. “Na na Asɛm no ne” [“Onyankopɔn,”] na ɛwɔ hɔ. “Na na Asɛm no yɛ” [“Onyankopɔn.”] “Na Asɛm no bɛyɛɛ honam na Ɔtenaa yɛn ntam.” Ɛte saa? Afei yɛhunu saa bɔhyɛ Asɛm korɔ no ara, ɛwɔ Luka, ɛwɔ Malaki, saa bɔhyɛ afoforo nom wie nyinaa a ɛfiri nnɛ, ayɛ honam, a ɛte yɛn mu, a yɛde y’ɛaso teeɛ; afei (yɛde yɛn ani) hunu Ɔno a Ɔrekyerɛkyerɛ Ɔno ankasa N’Asɛm ase, yɛnhia onipa nkyerɛkyerɛmu biara. Oh, Onyankopɔn teasefoɔ Asafo, ɛhanom ɛne wɔn a wɔ wɔ phones so, mo nsɔre waka, ansa na aka akyi dodo!

Momue mo akoma mu na montie deɛ Onyankopɔn ka kyerɛɛ mo seesei ara no, ne nsɔre no nyinaa. Afei yɛde yɛn ani hunu ƆNO, a ƆREKYERƐKYERƐ ƆNO ANKASA ASƐM ASE.
Yɛnhia onipa nkyerɛaseɛ biara!! SƆRE WAKA ANSA NA AKA AKYIRI DODO!!

Yɛate saa nneɛma yi yɛn nkwanna nyinaa deɛ na ɛrebɛsie wɔ awieɛ berɛ no mu. Afei yɛde yɛn ani hunu sɛ ɛrekɔ so.

Ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ, ƆKWAN BAAKO PƐ na ɛwɔ hɔ, ƐNO NE ONYANKOPƆN KWAN A ƆYƐ MAA N’AYEFORƆ. ƐWƆ SƐ WO NE ONYANKOPƆN NNE A ƐWƆ TAPES SO NO TENA.

Meto nsa frɛ ewiase sɛ wɔmmra mmɛka yɛn ho Kwasiada prɛmtoberɛ ɛwɔ Jeffersonville berɛ mu, na tie Ɔkwan a Onyankopɔn de ama ɛnnɛ. Afei wo nso so wobɛtumi aka sɛ, “Mate Wo ho asɛm, nanso afei mahunu Wo”.

Ɔnuabarima Joseph Branham.

Nkransɛm: 65-1127E Mate Nanso Afei Mahu .

Twerɛnsɛm .

Genesis 17 .
Exodus 14:13-16
Hiob 14, ɛne 42:1-5.
Amos 3:7.
Marko 11:22-26 ne 14:3-9.
Luka 17:28-30