Quote of the Day
October 18, 2026
Worenyane Yesu 63-0117 .
Afei, na Onyankopɔn wɔ Yesu mu. “Ná Onyankopɔn wɔ Kristo mu, ɔrepata twe wiase fam Ne ho.”Na saa nkorɔfoɔ yi gyee N’adanseɛ diieɛ. Na wɔn a ampa ara wɔgye diieɛ no, na wɔtumi twe Onyankopɔn nhyira firi Ne mu. Na ɛberɛ a wɔyɛɛ saa no, Ɔkaa sɛ, “Virtue firii Ne mu kɔɔeɛ.” Virtue yɛ “ahoɔden.” Ɔno…wɔ ɔkwan foforɔ so no, sɛ anka yɛbɛka no nnɛ a: Ɔyɛɛ mmerɛ ɛberɛ a nnipa no tweeɛ ɛfirii Ne mu no. Wiɛ, sɛ ɛyɛɛ adwuma wɔ saa kwan no so wɔ saa nipadua no mu a, ɛbɛyɛ adwuma wɔ nipadua foforɔ mu.
Na yɛbɔ asetena tebea a atwa yɛn ho ahyia, yɛn mu baako biara. Woahyia nkorɔfoɔ a na wɔyɛ nnipa pa, nanso ɛkame ayɛ sɛ na wontumi ntena wɔn ho. Afei woahyia nnipa afoforɔ a w’ani gye ho sɛ wobɛtena wɔn ho kɛkɛ. Wobɔ saa asetena tebea no. Na, oh, anka w’ani ɛnnye ho sɛ wobɛtena Yesu ho kakra kɛkɛ? Adenwanwa! Hwɛ deɛ anka saa asetena tebea a Ɔbɔɔeɛ no ayɛ, me susu sɛ na ɛyɛ ɔdɔ dosopuo kɛseɛ baako, ɛne obuo, ɛne onyamesuro.
Dabiara Paanoo.
Awurade akwan no yɛ ahoɔden ma pɛyɛ ni:
Mmɛbusɛm 10:29.