Quote of the Day
October 22, 2026
Hebrifoɔ Etire Ɛtɔso Mmienu #2
57-0825E
Oh, sɛnea na yɛbɛtumi agyina simma pɛ! Sɛnea ɛteɛ biara no, wone hwan? Ɛdeɛn na adwuma a wo wɔ ɛkyerɛ? Anaa sɛ saa efie ketewa a yɛwɔ no ɛkyerɛ deɛn? Kaar a yɛwɔ no ɛkyerɛ deɛn?
Abaayaa ketewa fɛɛfɛdua, wo adeɛ anikanika frɔmfrɔm, ɛdeɛn na ɛyɛ saa ahwɛdeɛ kakra a wowɔ seesei no? Mo mmranteɛ a mo tiri nwi hyerɛnhyerɛn, nwi mmerɛmerɛ, mo mmatiri atenetene, mo mu bɛkokɔn da bi, sɛ onyini ma mo mu konkɔn a.
Nanso, nhyira nka Awurade! Wowɔ ɔkra a wɔawo no bio. Wobɛtena ase afebɔɔ ne afebɔɔ, ɛfiri sɛ Ɔbɛyɛɛ wo, ama wo nam N’adom so abɛyɛ Ɔno, na Wayɛ baabi ama wo. Oh, yɛn a yɛdwene sɛ yɛwɔ ntadeɛ pii a yɛsesa, ɛne aduane kakra bi wɔ fie, ɛdeɛn na yɛyɛ? Onyankopɔn bɛtumi agye no wɔ anibɔtɛtɛ bi mu. Ɔkura wo home ankasa wɔ Ne nsam. Na Ɔwɔ yɛn ntam sɛ Ɔsa ayarefoɔ yareɛ, da no adi na Ɔpaa mu ka, Ɔdikan ka, na ɛberɛ biara ɛyɛ pɛpɛɛpɛ. Na mpo ɛyɛ No asɛmhia araa ma sɛ Ɔde ɔpataa ketewa bi a wawuo bɛsan aba ne nkwa mu bio, ɛwɔ yɛn ntam. Yehowa atwa yɛn ho ahyia, Yehowa wɔ yɛn mu, ɔkɛseɛ no ɛne ɔhoɔdenfoɔ ME YƐ.
Dabiara Paanoo
Yei nti mese mo sɛ: Monnnwennwene mo kra ho sɛ ɛdeɛn na mobɛdie, anaasɛ ɛdeɛn na mobɛnom, anaasɛ mo nipadua ho sɛ ɛdeɛn na mobɛfira. Ɔkra nsene aduane, na nipadua nsene ntoma anaa?
Mateo 6:25