N’ANUM ASƐM ƐNNƐ DA YI

Quote of the Day
October 21, 2026

Kɔka Kyerɛ M’asuafoɔ 53-0405s .

Afei ɛberɛ a saa odiyifoɔ yi wuraa Honhom no mu no, Onyankopɔn firi aseɛ sɛ Ɔbɛkyerɛ no deɛ ɛrebɛsie; Sɛ Obi a Ɔbɛba abɛyi ewiase bɔne no, na Ɔbɛsɔre bio. Ɔhunuu Awurade wusɔreɛ no. Afei, m’ani gye ɛno ho, sɛ me dwene a. Ɔkaa sɛ ɔsɔre gyinaa hɔ. Ɔwosoo ne ho.

Na ɔde nson ayɛ kofie na na ɔte soɔ. Me! Deɛ ɛnnɛ yɛfrɛ no sɛ, na mmusuo abɔ ne fie. Na wɔakum ne mma nyinaa. Ná n’ahonyadeɛ nyinaa kɔ. Ná n’apɔnudene atɔ piti. Na ɔte hɔ, Kristoni, anaa ɔgyedini, ɔte hɔ, a yɛayi no totwene. Onipa, n’asɔre mpo, na wɔn adane wɔn akyi akyerɛ no. Ɔno a ɔsi hɔ, ɛretiti ne mpɔnpɔ nom mu.

Na ɛberɛ Awurade Honhom no baa ne soɔ no, na ɔhunuu owusɔreɛ no anɔpa yi no, wonim, ɔsɔre gyinaa hɔ na ɔkaa sɛ, “Menim sɛ me Dimafoɔ te ase, na ɛnna a ɛtwa toɔ no mu no Ɔbɛgyina asase so. Na ɛwom sɛ wedeɛ mu nsonsono sɛe saa nipadua yi deɛ, nanso me honam mu no na mɛhunu Onyankopɔn;
Ɔno a mɛhunu ama me-…”. Na ɔnim sɛ ɔbɛhu No wɔ ɛnna a ɛdi akyire no, ɛfirisɛ owusɔreɛ bi bɛsi, owusɔreɛ ma biribiara.

Daa paanoo .

Na me deɛ, menim sɛ me gyefoɔ no te ase, na Ɔbɛsɔre agyina asase wɔ ɛnna a ɛdi akyire no mu no: na ɛwom sɛ me honam mu nsonsono ɛsɛi saa nipadua yi, nanso me honam mu na mɛhunu Onyankopɔn.
Hiob 19:25-26 .

An Independent Church of the WORD,