Quote of the Day
October 19, 2026
Kristosom A Yɛde Toto Abosomsom Ho
61-1217
Yɛyɛ Onyankopɔn teasefoɔ mfoni a ɛte ase. Ɛneɛ, yɛawu ama yɛn ho, yɛne No anyane, afei tie, tie wei, N’asɛm ayɛ honam bio ɛwɔ yɛn mu. (Oo, Onua barima Neville!) Hwɛ! Ɛyɛ deɛn? Ɛnyɛ anansesɛm adwene mu nsusueɛ, Nyame bi a ɔte abɔnten hɔ no, na mmom Onyankopɔn teasefoɔ no. Ɛdeɛn ne Onyankopɔn teasefoɔ no? Asɛm no a ɛwɔ wo mu Ɛreyɛ Ne ho adekann. Whew! Animuonyam nka Onyankopɔn! Oh, menim sɛ wosusu sɛ meyɛ holy roller, ebia na meyɛ. Nanso, oh, onua barima, wohu anaa? Di nkunim wɔ nhyɛsoɔ som biara so, di abosonsom nyinaa so nkonim, Onyankopɔn teasefoɔ a wɔada no adie wɔ asɔredan a ɛte aseɛ mu, na Onyankopɔn Asɛm no a ɛyɛ Onyankopɔn no ayɛ honam wɔ wo mu. Adɛn? Wote Ɔsoro hɔnom, woadi nneɛma nyinaa so nkonim, wɔ Kristo Yesu mu. Amen!
Daa Abodoo
Monnim sɛ mo nipadua yɛ Kristo akwaa?
I Korintofo 6:15