Quote of the Day
October 17, 2026
Hebrifoɔ Nwoma Etire Mienu Ne Fa A Ɛtɔ So Mienu 57-0825E
Saa ɔdiyifoɔ panyini a ɔnsere yi hwɛɛ ɔbaa no anim. Ɔkaa sɛ, “Kɔ na kɔ to ɔfam ma me kane.” Ahyɛdeɛ bɛn ara ni, sɛ ɔbarima bɛka akyerɛ ɔbaa kunafoɔ a ɛkɔm ɛrekum no, sɛ ɔmma no aduane nni kane. Ɛdeɛn na ɔkaaeɛ? “Ɛfiri SƐDEƐ AWURADE SEƐ, kuruwa no mu ɛnyɛ hwee da, saa nso na ngo toa no nso enwe, kɔsi sɛ Onyankopɔn bɛtɔ nsuo agu asase no so.”
Nea ɛdi kan, Onyankopɔn. Ɔkɔɔ mu kɔtoo saa ɔfam ketewa no, ɛna ɔde brɛɛ odiyifoɔ no. Ɔsan kɔɔ ntɛm ara kɔtoo foforɔ, ɛne foforɔ, ɛne foforɔ, ɛne foforɔ. Na kruwa no annyɛ hwee da, anaa toa no anwe kɔsii sɛ Onyankopɔn tɔɔ nsuo guu asase no so. Ɔde Onyankopɔn dii ne mma anim kan. Ɔde Onyankopɔn dii biribi foforɔ biara anim kan. Ɔfaa Onyankopɔn Ahennie, kane.
Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn nya dibea a ɛdi kan wɔ w’akoma mu, dibea a ɛdikan wɔ w’abrabɔ mu, dibea a ɛdikan wɔ biribiara a woyɛ anaa deɛ woyɛ. Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn di kan. Ɔmpɛ sɛ Ɔbɛtɔso mienu. Ɔmfata dibea a ɛtɔ so mienu no. Ɔfata deɛ ɛyɛ papapaa, ɛne deɛ ɛdi kan, ɛne deɛ yɛwɔ nyinaa. Ɔfata. Nhyira nka Ne Din kronkron no!
Daa Abodoo
… fa w’akoma nyinaa, ne wo kra nyinaa, ne w’ahoɔden nyinaa, ne w’adwene nyinaa dɔ Awurade wo Nyankopɔn…
Luka 10:27