N’ANUM ASƐM ƐNNƐ DA YI

Quote of the Day
October 16, 2026

Kwaadubɔ No 63-0707M .

Ɔkwan bɛn so na wɔbɔɔ No kwaadu? Ɛfiri sɛ na wɔn gyedie nom ɛnnye No ntom, na wɔn akoma mu tɔnn no, na wɔnim deɛ ɛne no bɔ abira. Anyabiaa Nikodemo ankyerɛ mu sɔnn, wɔ Ɔhoteni Yohane ti a ɛtɔ so mmiɛnsa no mu? “Ɔkyerɛkyerɛni, yɛn, Farisifoɔ no,” asɛnkafoɔ no, akyerɛkyerɛfoɔ no, “Yɛnim sɛ Woyɛ ɔkyerɛkyerɛni a wɔasoma wo afiri Onyankopɔn hɔ, ɛfiri sɛ onipa biara ntumi nyɛ nneɛma a woyɛ no gye sɛ Onyankopɔn ka ne ho.” Wahu? Wɔnam wɔn mmarima a wɔagye din no mu baako so  dii ho adanseɛ wɔ badwam, ɛne dede…ɛnam wɔn gyedie nti, wɔbɔɔ Kristo asɛnnua mu.

Na ɛnnɛ ɔkenkanfoɔ biara nni hɔ a ɔntumi nkenkan Asomafoɔ Nnwuma ɛtire mmienu aduasa nwɔtwe sɛdeɛ metumi kenkan No ara pɛ, ɛne Ɛho nkaeɛ no, sɛdeɛ metumi kenkan No ara pɛ. Nanso ɛnam wɔn gyedie nom nti, ɛne ɛnam wɔn nhyɛsoɔ som tumi nkrataa a wɔwɔ ɛwɔ wɔn bɔtɔ mu nti, aboa no agyirahyɛdeɛ nom a wɔresesa foa so sɛ fekuyɛ nkrataa; Na wɔrefefa saa nneɛma no,  wɔbɔ Yesu Kristo asɛnnua mu foforɔ ma wɔn ho, na wɔbɔ no asɛnnua mu wɔ amansan anim, na wɔka abususɛm fa Onyankopɔn ankasa a Ɔhyɛɛ bɔ sɛ Ɔbɛyɛ Wei no ho, ɛde afɔbuo rebɛto abusuaban no so.

Daa Paanoo .
Ɔbaa Ɔno ara Ne deɛ mu, na wɔn a wɔyɛ Ne deɛ no annye No.
Yohane 1:11

An Independent Church of the WORD,