N’ANUM ASƐM ƐNNƐ DA YI

Quote of the Day
October 15, 2026

Gyidie Ne Adeɛ No 51-0508

Yɛn nnipaduanom resi apinie, na yɛwɔ agyapadeɛ. Na seesei yɛyɛ mmɔfra, Ahennie no adediefoɔ (Agyawaadwo.), ahene ne asɔfoɔ ma Onyankopɔn a yɛrebɔ honhom afɔreɛnom.
Ɛdeɛn na ɔsɔfoɔ yɛ? Bɔ afɔreɛ. Ɛdeɛn ne afɔ–honhom afɔreɛ? Ɛno ne deɛ saa mmammarima ne mmammaa yi yɛ, a wɔyɛ ahene ne asɔfoɔ, mmom ne nyinaa nni wɔn nsam, nanso wɔrebɔ afɔreɛnom, wɔrebɔ honhom afɔreɛnom ama Onyankopɔn: yɛn anofafa aba a ɛde ayɛyie rema No (Amen.), yɛn anofafa aba.
Woka sɛ, “Onuabarima Branham, menni atenka kɛkɛ sɛ mɛkamfo No.” Ɛno ne ɛberɛ a ɛsɛ sɛ wobɔ afɔreɛ no. Yi No ayɛ sɛdeɛ ɛteɛ biara. Ahene ne asɔfoɔ, mmammarima ne mmammaa a worebɔ honhom afɔreɛ, aba a ɛfiri yɛn anofafa, de ayɛyie rema Ne Din.

Dabiara Paanoo

Amanaman nyinaa, monyi AWURADE ayɛ, aman nyinaa, monkamfo no.
Nnwom 117:1

An Independent Church of the WORD,