N’ANUM ASƐM ƐNNƐ DA YI

Quote of the Day
October 14, 2026

Mmura A Apaepae 65-0123

Afei Onyankopɔn Asɛm te sɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn, wode Ɛno na ɛretwam wɔ bonsam gyam; na ne nkɔnsɔnkɔnsɔn no ahoɔden gyina baabi a ɛyɛ mmerɛ no nkutoo, na Onyankopɔn pɛ sɛ yɛbɛkora Ɛno mu Asɛm biara. Afei ɛno ne deɛ ɛdikan wɔ Bible no mu; Asɛm baako a wobu so kɛkɛ, ɛde adasa abusua kɔwuraa owuo sum mu.

Yesu baa wɔ Bible no mfinimfini, ɛna Ɔkaa sɛ, “Ɛnyɛ paanoo nko na onipa nam so bɛtena ase, mmom ɛnam Asɛm biara so.” Ɛnyɛ Nsɛm no ne fa bi kɛkɛ, anaasɛ ɔha mu aduɔkron-nkron; mmom Asɛm biara, sɛdeɛ na Hawa ɛne Adam teɛ no.

Ɛna Bible no awieɛ no, Adiyisɛm 22:18, Ɔkaa sɛ, “Obibiara a ɔbɛyi Asɛm bi afiri Wei mu, anaasɛ ɔde asɛm baako bɛka Ɛno ho no!”

Enti adɛn nti na yɛhia sɛ yɛde obi adwene a ɛfa nnoɔma bi ho bɛhyɛ mu wɔ Ha, ɛberɛ a wei yɛ Onyankopɔn No ara Adwene a ɛfa ho?

Dabiara Paanoo

Na Nyankopɔn asɛm wɔ nkwa, na ahoɔden wɔ mu, na ano yɛ nnam sene nkrantɛ anofanu biara…
Hebrifoɔ 4:12

An Independent Church of the WORD,