Quote of the Day
August 15, 2026
Woresusu Sɛ 62-0117
Obi kaa sɛ, “Seesei to w’adwene mu kɛkɛ. Hwɛ soro tẽẽ kɔ ewiem kɛkɛ. To w’adwene mu. Wobɛnya osuahunu bi.” Na akyinnyeɛ biara nni ho nanso deɛ woyɛ no. Saa na ɛteɛ. Mmom wonya osuahunu bi, nanso osuahunu bɛn na ɛyɛ? Woahu, sɛ woyɛ saa a, wobue wo kra ma Satan kɛkɛ. Ɔbɛma wo biribi. Ɛno yɛ nokorɛ.
Nanso, medwene sɛ, ɛsɛ sɛ obi a ɔreba Kristo nkyɛn no de nyansa mu nimdeɛ a wɔwɔ nyinaa ba, na wɔreyi bɔhyɛ biara a wɔnim wɔ Twerɛnsɛm mu reka no wɔ wɔn adwene mu. Ma w’adwene nna hɔ, ɛberɛ a woba Kristo nkyɛn no. Mma ɛmu nto. Ɔbonsam bɛma woayɛ biribiara. Moahu? Wɔbɛma wo atenka bi. Ɔbɛtumi ayɛ saa, nso. Nanso wopɛ osuahunu, biribi a Bible kyerɛkyerɛ, biribi a ɛyɛ adekann.
Dabiara Paanoo
….ɛfiri sɛ menim onii ko a magye no madie, na megye medi sɛ ɔbɛtumi ahwɛ deɛ wɔde ahyɛ me nsa no so asie da no.
2 Timoteo 1:12