N’ANUM ASƐM ƐNNƐ DA YI

Quote of the Day
August 14, 2026

Beaeɛ A Onyankopɔn Ayi Ato Hɔ Ama Ɔsom. 65-0220

Monhyɛ no nso, baabi a Ɔno yiiɛ no nkutoo na na ahobammɔ ɛwɔ, N’adwammaa mu, ɛne adwammaa no din mu.

Monhyɛ no nso, na ɛyɛ “ɔnini” adwammaa, he, ɛnyɛ her. Ɛnyɛ asɔre, she; mmom His Name, ɛnyɛ her name. Baabi a na Ɔrekɔ akɔhyia nkorɔfoɔ no na ɛnyɛ her name, mmom wɔ His Name, Him, Adwammaa no!

Afei yɛka sɛ, “Asɔre no, kɛseɛ no, asɔre tumfoɔ, ɔyɛɛ wei ɛna ɔyɛɛ sɛɛ. Wafa sɔhwɛ pii mu. Yɛn nnipa no Adɔɔso pii. Yayɛ kɛseɛ wɔ dodoɔ mu. Yɛyɛ asafo tumfoɔ. Ɔyɛ biribi kɛseɛ bi”

Nanso Onyankopɔn anka biribiara amfa she bi ho. Ɔkaa sɛ, “Him.” “Him,” ɛne baabi a wɔhyia mu no, Adwammaa no, ɛnyɛ asɔre no. Ɛnyɛ her name, mmom His Name. Wamfa ɔbaa no din anto baabiara. Ɔde Ne Din hyɛɛ “Ne mu”!

Ɛno nti na, “Deɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ nyinaa, anaasɛ asɛm anaasɛ neyɛeɛ, ɛsɛ sɛ yɛyɛ ne nyinaa wɔ Yesu Kristo Din mu.” Sɛ yɛbɔ mpaeɛ a, ɛwɔ sɛ yɛbɔ mpaeɛ wɔ Yesu Din no mu. Sɛ yɛbisa biribi a, ɛwɔ sɛ yɛbisa wɔ Yesu Din mu. Sɛ yɛnante a, yɛnante wɔ Yesu Din mu. Sɛ yɛkasa a, yɛkasa wɔ Yesu Din mu. Sɛ yɛbɔ asu a, ɛwɔ sɛ yɛbɔ asu ɛwɔ Yesu Kristo Din mu. Ɛfiri sɛ, “Deɛ yɛyɛ nyinaa wɔ asɛm mu no anaasɛ neyɛeɛ mu no, yɛ no wɔ Yesu Kristo Din mu.”

Dabiara Paanoo
Na biribiara a moyɛ no asɛm mu anaa adwuma mu no, monyɛ ne nyinaa Awurade Yesu din mu mfa ne so nna Agya Nyankopɔn ase.
Kolosefoɔ 3:17

An Independent Church of the WORD,