Quote of the Day
August 13, 2026
Mose Wei Yɛ Hwan? 64-1227
Onipa bi bɛkɔ aseɛ ɛhanom—ɛha yi…akɔdidi. Na sɛ wohunu ananse bi wɔ wo nkwan a ɛgu kyɛnsee mu a, wobɛpɛ sɛ wobɛsaman saa adwumakuo no anaa saa adidibea no. Adɛn, anka wonnom saa nkwan no, anka awuduro bɛba mu. Wo—wo—wo—wonnye koraa, tɛfrɛ kɛseɛ bi anaa biribi a wɔanoa da nkwan a ɛgu kyɛnsee mu. Adɛn, anka wonnye koraa. Sɛ wodwene ho a anka ɛbama woayare. Nanso mmom, wobɛma nyamesɛm mu nwomanimfoɔ kuo bi apia biribi awura wo mene ase a ɛbɛtwe wo afiri Onyankopɔn nkyɛn borɔfo kwansini ɔpepem, na woamene agu so. Ɛberɛ a, “Onipa nam Asɛm biara a ɛfiri Onyankopɔn anom ba so na ɛbɛtena ase” Ɛyɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn a wo kra sensɛn ɛso a bonsamgyam wɔ aseɛ. Na sɛnea madi kan aka no, “Nkɔnsɔnkɔnsɔn baabi a ɛyɛ papa paa ne baabi a ɛyɛ mmerɛ”. Sɛ wo bɛbu baako a ɛsɔ mu…deɛ ɛwɔ sɛ woyɛ nyinaa ne sɛ wo bɛbu emu baako; ɛno ara ne no. Ɛne deɛ aka no nyinaa sane. Ɛyɛ den te sɛ ne fà a ɛyɛ mmerɛ paa no.
Dabiara Paanoo
Nanso deɛ mowɔ no, monsɔ mu den nkɔsi sɛ mɛba.
Adiyisɛm 2:25