Quote of the Day
August 12, 2026
Adɛn Nti Na Ato Nnipa Ne Asunsumasunsum? 56-0101
Wɔnyɛ Kristoni asunsumasunsum. Kristoni nwane mfiri baabi nkɔ baabi. Kristoni nnyɛ anobaabaeɛ wɔ nsɛhunu ho mma ne bo mfu, na ɔmma nneɛma nha no.
Kristoni gye n’ahome. Ne nyinaa aba awieɛ. Wɔawie ne nyinaa, ama ɔgyidini no, wɔ Kalvary. Saa na ɛteɛ. Oh, ɛbia yareɛ bɛba, ɛne abamubuo nom, nanso Kristoni no wɔ ahomegyeɛ mu, a ɔnim wei, sɛ Onyankopɔn tumi hwɛ deɛ Wayɛ no so. A ɔnim sɛ, ɛmfa ho adekorɔ a adeɛ no yɛ ɛne sɛnea ɛsi teɛ no, yareɛ, anaa awerɛhoɔ, owuo biara nni hɔ, ɔkɔm anaa biribiara nni hɔ, a ɛbɛtumi atete yɛn afiri Onyankopɔn dɔ a ɛwɔ Yesu Kristo mu no ho. Yɛwɔ ahomegyeɛ mu. Ma suhyɛn dadaa no nni atotoatotoɔ wɔ ɔkwan biara a ɔpɛ so kɛkɛ; sɛkyɛ no kura mu.
Dabiara Paanoo
na yɛanna so anyɛ mmɔtafowa a nkyerɛkyerɛ mframa biara woso wɔn biribiri twe wɔn di akɔneaba nnipa bradɔtoɔ mu, anifire a ɛnam nnaadaa nnɛɛdɛɛ mu,
Efesofoɔ 4:14