N’ANUM ASƐM ƐNNƐ DA YI

Quote of the Day
August 17, 2026

Nyansa Tia Gyidie 62-0401

“Mfitiaseɛ no na Asɛm no wɔ hɔ, na Asɛm no ne Onyankopɔn na ɛwɔ hɔ, na Asɛm no yɛ Onyankopɔn. Na saa Asɛm no bɛyɛɛ honam.” Wɔdaa Onyankopɔn nsusuiɛ adi wɔ onipa nipadua mu, “Ɔyɛɛ honam, na Ɔtenaa yɛn ntam.” Ɛna ɛda hɔ no.
Afei, sɛ nnɛ wowɔ Daa Nkwa a, wowɔ Onyankopɔn mu. Ɛnam sɛ Onyankopɔn wɔ wo mu no, woyɛ Onyankopɔn nsusuiɛ a Wada no adi. Whew! Ɛneɛ, ntie nimdeɛ nyinasoɔnom biara, anyɛ saa a wɔbɛgye w’abotire, de ama obi foforɔ. Nye nimdeɛ nyinasoɔnom biara, koraa. Gye deɛ Onyankopɔn kaaeɛ no di kɛkɛ sɛ Ɛno ne Nokorɛ, na ɛne Ɛno ntena.
Nimdeɛ nyinasoɔnom, nam nyansa so, bɔ mmɔden sɛ ɛbɛma Asɛm no aka biribi a Ɛnka.

Dabiara Paanoo
na wɔka kyerɛɛ ɛbaa no sɛ: Afei ɛnyɛ w’asɛm nti na yɛgye die, na yɛn ara yɛate, na yɛahunu sɛ Oyi ne wiase Agyenkwa no ampa.
Yohane 4:42

An Independent Church of the WORD,