Quote of the Day
August 16, 2026
Sikadwadienom 63-1116B
Wɔ Adiyisɛm etire mmiɛnsa no, yɛkenkan wei, sɛ Laodikea Asafo no, wɔatwa yɛn mfonininom a ɛyɛ awerɛhoɔ paa wɔ Bible no mu nyinaa ho mfonini baako, Adiyisɛm etire mmiɛnsa, wɔ Laodikea Asafo no mu. Asafo nkaeɛ no nyinaa, ɛdenam Luther Mfirinhyia no mu, ɛne Asafo Mfirinhyia Nson no mu no, ɛmu baako biara, annyɛ, kasa faa Yesu a Ɔwɔ asɔre no mu ho asɛm, “Ɔno a Ɔwɔ asɔre no mu.” Nanso wɔ Laodikea mu no, na Ɔwɔ abɔnten, a ɔrebɔ mu, ɔrebɔ mmɔden sɛ ɔbɛsan aba mu. Mmɔborɔ adeɛ bi a ɛyɛ sɛ wodwene ɛno ho a, sɛ, “Onyankopɔn Ba no, Ɔrebɔ kɔkɔɔkɔ wɔ Ɔno Ankasa asɔre mu, Ɔrebɔ mmɔden sɛ ɔbɛsan aba mu.”
Nanso ewiase yi mu ahonyadeɛ afira wɔn ani. Ɛnyɛ ahonyadeɛ wɔ sika mu nko ara, na mmom ahonyadeɛ wɔ edin a agyeɛ mu, ɔdefoɔ wɔ wiase nneɛma, asetena mu dadwen, kɔsi sɛ woabɔ amannie, na nnipa animdefoɔ aba mu na wɔabɛfa saa Aba no afiri hɔ, ɛno—saa Ahweneɛ a ne boɔ yɛ den no. Nanso Onyankopɔn yii nnipa bi a wɔbɛwɔ hɔ too hɔ; obi bɛwɔ wɔ hɔ. Nanso wɔpo Ɛno. Ɛnyɛ wɔn nyinaa na ɛbɛyɛ; wɔn mu binom bɛgye Ɛno.
Dabiara Paanoo
Wɔn a wɔde wɔn ho to AWURADE soɔ no te sɛ Sion bepɔ, ɛnhinhim, na ɛsi hɔ daa.
Nnwom125:1