Quote of the Day
August 11, 2026
Momfa Anibereɛ Mpere Gyidie No 55-0123E
Ɛberɛ a Na Ɔwɔ asaase so ha no, Wamfa din biara anto Ne Ho so. Bible no kaa sɛ Waanyɛ. Waanyɛ edin biara ama Ne Ho. Madwene wei ho mpɛn pii: ɔbarima a ɔyɛɛ atorɔ prɛte maa ɛsẽ no, gyee edin wɔ mu. Nanso Ɔbarima no a Ɔyɛɛ ɛsẽ ankasa no annye din biara amma Ne Ho. Onipa no a ɔyɛɛ nan a wɔde nsa ayɛ no gyee din maa ne ho, nanso Ɔbarima no a Ɔyɛɛ nan ankasa no annye din biara amma Ne Ho. Moahu?
Ɔtoo Ne Ho mpan kɛkɛ ɛna Ɔsiane baa fam sɛ Ɔbɛgye me ne wo nkwa, sɛ Ɔbɛsa me ne wo yareɛ. Oduruyɛfoɔ kɛseɛ no, Ɔsoro Nyankopɔn no, Onii a Ɔnwu da no, de honam kataa Ne Ho sɛnea ɛbɛyɛ a Ɔde yareɛ bɛto Ɔno Ankasa nipadua mu sɛkyɛ de ayi yɛn yareɛ afiri hɔ. Ɛyɛ deɛ yɛnhunuu da kɛkɛ. Nsɛmfua ntumi nkyerɛ deɛ ɛno yɛ ankasa, deɛ Onyankopɔn yɛ maa yɛn wɔ Kristo Yesu mu.
Dabiara Paanoo
Na aseda nka Onyankopɔn wɔ n’akyɛdeɛ a ɛnni kabea no ho!
2 Korintofoɔ 9:15