Quote of the Day
August 10, 2026
Agyinamudeɛ 63-0901M
Ɔnnye biribiara ntom gye sɛ saa Apam no, Honhom Kronkron no. Na wo nsa ntumi nka saa Apam no gye sɛ wɔagye wo nkwa, wɔate wo ho, na afei wɔabɔ wo asu akɔ Nipadua no mu. Ɔnnyɛ.
Ebia wo bɛyɛ wo ho sɛ obi, wobɛtumi anya ahomka, na woahuri akɔ soro-ne-fam, de tɛkrɛma foforɔ akasa, na woasa wɔ Honhom no mu. Ɛne Ɛno nni adeɛ baako yɛ. Tie Ɛno, wɔ Awurade Din mu! Onyankopɔn nnye ɛno ntom. Abosonsomfoɔ yɛ saa. Abayifoɔ yɛ saa.
Woka sɛ, “Meyɛ nwomanimfoɔ. Meyɛ wei, ɛno, anaa foforɔ no.” Ɔmfa sɛnea wo yɛ nwomanimfoɔ kɛseɛ ho. Ɔbonsam, nso, yɛ saa, moahu. Agyinamudeɛ no-no nkutoo na Ɔgye tom.
Ɛno ne ɛdɔn no mu Nkransɛm no!
Ɛno ne ɛda wei mu Nkransɛm no!
Ɛno ne Nkransɛm a ɛwɔ saa berɛ yi mu no! Wɔ Yesu Kristo Din mu, gye Ɛno tom!
Dabiara Paanoo
na sɛ Mehunu mogya no a, Mɛsiane mo ho.
Exodus 12:13