N’ANUM ASƐM ƐNNƐ DA YI

Quote of the Day
August 9, 2026

Shalom 64-0112

Ɛda foforɔ ahyɛaseɛ, seesei menya ho atenka wɔ me ho nyinaa. Ɛda foforɔ mu Hann! Ɛda foforɔ bi a anadwo nni hɔ, esum nni hɔ, sunsum nni hɔ, ewiem nni hɔ, daabi —wisiwisi nni hɔ, ewiem kusuu, anadwosuo nom nni hɔ, adamena nni hɔ, nhwiren nni mmepɔ nkyɛnkyɛn, ayie santenenom nni hɔ, adɔkotafoɔ nni hɔ, baabi a wɔkora funu nni hɔ. Amen. Me—metumi te nka sɛ—Ne Hann no a ɛhyerɛn no rebɔ wura me kra mu. Ɛda foforɔ no! Dada no repiapia firi hɔ.
Ɛberɛ a mete nka sɛ mogya a ɛwuo no rehwie nam me nipadua mu no, mete nka sɛ Honhom Kronkron no apagya Ne mu ɛba wɔ n’akyi, “Sɔre, na hyerɛn.”
Biribi kaa sɛ, “Billy Branham, worebɔ akɔkora, woreyɛ mmerɛ, wo mmati rehwiihwan, wo tiri nwi reyɛ dwono na ɛrepa.” Ɛte saa. Na esum ne esum kabii wɔ asase no so!
 “Nanso sɔre, na hyerɛn!” Mete nka sɛ Yesu Kristo animuonyam Asɛmpa Hann a ama me ayɛ abɔdeɛ foforɔ wɔ Ne mu no ama Ne Ho so rehwie gu hɔ.
Mehwɛ saa da no animkwan, amen, ama ɛda foforɔ no.

Dabiara Paanoo
Na deɛ ɔte ahennwa no soɔ no se: Hwɛ, meyɛ nnoɔma nyinaa foforɔ. Na ɔse: Twerɛ, ɛfiri sɛ nsɛm yi wɔ mu na ɛyɛ nokorɛ.
Adiyisɛm 21:5

An Independent Church of the WORD,