Quote of the Day
August 8, 2026
Jehovah-Jireh 59-0417
Sɛ mekɔ amannɔne a…me wɔ ɔyere dɔfoɔ. Na afei meka “good bye akoma-mu-tɔfe” kyerɛ no, “afei bɔ mpaeɛ ma me”. Ɔbɔ mpaeɛ ma me. Sɛ mewɔ amannɔne, na me, wiɛ, makɔdi abɔsome nom, na mema krataa bi so a, ɔbɛka sɛ, “Dɔfoɔ Billy, me ne mmɔfra no tete ha anadwo yi, redwene wo ho pii…” Afei, mehunu deɛ ɔretwerɛ wɔ krataa no so, nanso woahu, medɔ no yie kɔsi sɛ mɛ—metumi kenkan deɛ ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ no. Menim deɛ ɔreka ho asɛm no. Moahu?
Na saa na ɛteɛ wɔ Onyankopɔn fam. Wontumi ntena ase kɛkɛ na womfa akoma nwunwunu nkenkan no wɔ nhyehyɛeɛ kwan so. Ɛsɛ sɛ wotɔ Ɔtwerɛfoɔ no dɔ mu, na afei wobɛtumi akenkan deɛ ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ no. Afei wo—wowɔ Twerɛnsɛm no mu nteaseɛ.
Dabiara Paanoo
Na akoma na wɔde gye di kɔ tenenee mu, na ano na wɔde pae mu ka kɔ nkwagyeɛ mu.
Romafoɔ 10:10