Message: 60-0515E Abayɛ #1
Adɔfoɔ Nokwafoɔ wɔ Kristo Yesu mu,
Animuonyam berɛ paa bi a yɛrenya. Yɛwɔ akwanhwɛ kɛseɛ mu naawɔtwe baako biara ɛberɛ a yɛka bom twa hyia Ne Nne ho. Yɛn honhom mu adwene nyinaa mu da hɔ kann. YɛNIM Onii ko a Ɔyɛ pɛpɛɛpɛ. YɛNIM deɛ Ɔyɛ pɛpɛɛpɛ. YɛNIM onipa ko a yɛyɛ pɛpɛɛpɛ; NE NO yɛ abusua kɛseɛ baako!
“Ɔde onipa maa sɛ ɔnyɛ nyame ketewa.” Ɛfiri sɛ Ɔyɛ Agya Nyankopɔn, na Ɔyɛɛ onipa sɛ nyame ketewa bi, enti Ɔnte Ne Ho ase bio, Ɔne N’abusua na ɛwɔ hɔ. Elah, Elah, Elohim. Afei, seesei Ɔyɛ Yehowa. Yehowa, a ɛkyerɛ, “Nea Ɔne N’abusua wɔ hɔ no.”
Yehowa Ankasa Nne na rema N’Ayeforɔ abusua no awieɛ pɛyɛ. Wakyerɛkyerɛ yɛn sɛnea yɛko tia ɔtamfo biara a ɔto hyɛ yɛn so; sɛnea yɛbɛtumi adi nkonim na yɛde
Asɛm no abunkam afa ne so, ɛfiri sɛ N’Asɛm te ase na ɛte yɛn mu. Ɔmaa yɛn awerɛhyɛmu mmɔho, “YƐN NA YƐYƐ ASƐM NO”. Ɛne sɛ biribiara a yɛbɛbisa wɔ Ne Din mu no, yɛbɛtumi anya sɛ yɛgye di a….NA YƐGYE DI!
Wakasa na Wada no adi akyerɛ yɛn sɛnea ɛbɛma yɛn ayɛ mmarima ne mmaa yɛbea a yɛwie pɛyɛ sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛtumi ayɛ tenabea a Ɔteɛ. Ɔyɛɛ honk ɛna Ɔyɛɛ honk sɛ Ɔbɛboaboa N’Ayeforɔ a Ɔdɔ no ano ama yɛahunu sɛ Ɔyɛ yɛn Kwankyerɛfoɔ, na na Ɔnam N’asase so ɔbɔfoɔ kwankyerɛfoɔ, William Marrion Branham so redi yɛn anim na ɔrekyerɛ yɛn kwan.
Seesei Ɔwɔ adesuadeɛ soronko foforɔ a Ɔpɛ sɛ Ɔkyerɛkyerɛ na Ɔda no adi kyerɛ yɛn. Ɔpɛ sɛ Ɔpae mu ka sɛ yɛyɛ Ne mma a Wagye yɛn abayɛ. Yɛn din yɛ kama te sɛ Ne Din. Yɛafiri Kanaan aba, afiri wiase, na SEESEI yɛte bom wɔ Ɔsoro mmeaeɛ hɔnom, redi Manna a asuma, a wɔakora no.
Afei Ɔrebɛka akyerɛ yɛn deɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛasiesie yɛn ho ama Ne Nkransɛm a ɛdi hɔ no, ɛne deɛ ɛbɛtumi asie sɛ yɛyɛ a.
Ɛsɛ sɛ yɛwura mpaebɔ mu na yɛsiesie yɛn ho ma Nkransɛm no; Yɛmmoaboa yɛn ho mmɔ mu sɛ ahotefoɔ ɛntie Ne Nne, a wɔde Honhom Kronkron no abɔ yɛn asu, a Onyankopɔn nhyiranom ahyɛ yɛn ma; adwene bɔne biara nni mu; Biribiara nni hɔ a ɛtia yɛn ho yɛn ho; Rekasa wɔ ɔdɔ mu ɛne koroyɛ mu; Monyɛ adwene baako, monka mmɔ mu wɔ beaeɛ baako wɔ Ɔsoro mmeaeɛ hɔnom wɔ Ɔsoro tebea ase; Yɛn bɔne nom nyinaa wɔ Mogya no ase, wɔ ɔsom a ɛwie pɛyɛ mu; Ɛma yɛn nsa ne yɛn akoma so kyerɛ Onyankopɔn, rebɔ mu som wɔ Ɔsoro mmeaeɛ hɔnom.
Sɛ yɛyɛ saa nneɛma yi a, wei ne deɛ ɛbɛsie Kwasiada wei:
- Ɔsoro Ayaresa
- Nimsie
- Adiyie
- Anisoadehunu nom
- Tumi nom
- Kasa horoɔ
- Nkyerɛaseɛnom
- Nyansa
- Nimdeɛ
- Ɔsoro nhyiranom
- Anigyeɛ a wontumi nka ho asɛm ɛne Animuonyam ahyɛ mu ma
Honhom no bɛhyɛ akoma biara mã. Afei mpofirim ara na Nnyegyeɛ bi bɛfiri Ɔsoro bɛba te sɛ mframa a ɛrebɔ wɔ ahoɔden so na Ɔde honhom mu nhyira nyinaa bɛhyira yɛn.
Ɛno ne deɛ ɛbɛkɔ so Kwasiada yi wɔ prɛmtoberɛ, Jeffersonville berɛ mu, baabi a Onyankopɔn ama beaeɛ soronko bi a Ayeforɔ no bɛtumi aboa wɔn ano ahyiam atie Ne Nne wɔ adwene koro mu, wɔ baabi baako, a yɛama yɛn nsa ne yɛn akoma nom so akyerɛ Onyankopɔn, rebɔ mu asom wɔ Ɔsoro tebea mu.
Onuabarima Joseph Branham.