N’ANUM ASƐM ƐNNƐ DA YI

Quote of the Day
July 25, 2026

Onyankopɔn Wɔ Ne Nkorɔfoɔ Mu 50-0227

Wɔn mu bebree tee No ase.  Mpapahweakwa foɔ no de anigyeɛ tiee No. Na ɛnnɛ ɛyɛ ade kɛseɛ saa kwan no so. Nanso mahyɛ nkorɔfoɔ no nso; ɛkame ayɛ sɛ asɔre nkorabata nyinaa ba nhyiadie no. Yɛwɔ Orthodox, the Jews, Greek, Catholic ne ahodoɔ nyinaa mpo. Nanso Onyankopɔn mmu asɔre nkorabata soronko biara; Ɔbu gyidie no a ɛwɔ ankorankora no mu no nkutoo. Ɔkaa sɛ “Mɛtumi, sɛ mogye di a”.
Ɛna afei Ɔkaa sɛ, “Kɔ na ɛnyɛ bɔne bio, anyɛ saa a adeɛ a ɛnyɛ koraa bɛba wo so.” Saa enti no, sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛnya w’ayaresa no, ɛsɛ sɛ wobɛyɛ Kristoni ɛberɛ a wɔasa wo yareɛ awie no. Na megye di, mɛka wei, rekasa fa mpatadeɛ abɔnta no ho asɛm, sɛ wɔsa wo yareɛ a, wɔde wo bɔne akyɛ wo. Mante amen pii wɔ ɛno ho, nanso ɛyɛ nokorɛ no. “Mompae mu nkeka mo mfomsoɔ nkyerɛkyerɛ mo ho mo ho, na mo mmɔ mpaeɛ mmema mo ho mo ho, na moanya ayaresa.”
“Kɔ na ɛnyɛ bɔne bio, anyɛ saa a adeɛ a ɛnyɛ koraa bɛba wo so.” Yesu kaa sɛ, “Ɛmu deɛ ɛwɔ he na ne yɛ ɛyɛ mmerɛ? Ka sɛ wɔde wo bɔne bɛkyɛ wo, anaasɛ fa wo kɛtɛ na nante”? Ne nyinaa yɛ ade korɔ.

Dabiara Paanoo
Monkeka mo mfomsoɔ nkyerɛkyerɛ mo ho mo ho, na monyiyi mpaeɛ mmema mo ho mo ho, na wɔasa mo yadeɛ. Onipa tenenee adesrɛ a emu yɛ den tumi yɛ nnoɔma bebree.
Yakobo 5:16

An Independent Church of the WORD,