N’ANUM ASƐM ƐNNƐ DA YI

Quote of the Day
July 24, 2026

Israel Ne Asafo
No #1 53-0325

Ne nsa kaa bɔhyɛ no ansa na wɔtwaa no twetia. Afei wɔmaa no twetiatwa sɛ ne setie gyidie nsɔano. Afei sɛ yɛka sɛ…Ɛno nti na Billy Graham, Charles Fuller, ɛne Billings ne wɔn nyinaa, deɛ enti a wɔrekasa fa, saa Baptist anuanom no ho no. Mekaa saa kyerɛɛ wɔn mu pii, Rufus Mosley ɛne ekuo no nyinaa. Mekaa sɛ…
Ɔkaa sɛ, “Wiɛ, yɛnyaa nnipa mpem aduonu a  wɔnyaa adwensakyera wɔ nnawɔtwe mmienu mu. Wɔantumi anhunu nnipa aduonu.”
Mekaa sɛ, “Wɔannya  adwensakyera.”
Ɔkaa sɛ, “Oh”, “wɔgyee Kristo too mu sɛ ankorankora Agyenkwa.”
Mekaa sɛ, “Ɛdaso yɛ, wɔn a wɔn nsakraeɛ.” Saa na ɛteɛ. Wonsakraeɛ  kɔsi sɛ…Sakra kyerɛ sɛ “wɔbɛsesa.” Na hwɛ, Paulo…
Na Petro agye Awurade adi, na wɔabɔ no asu, wɔama no tumi sɛ ɔnsa ayarefoɔ yareɛ, ntutu ahonhommɔne, nyane awufoɔ. Na Yesu ka kyerɛɛ no, anadwo no a adeɛ rebɛkye ama wɔn abɔ asɛnnua no, “Woasakyera awie akyi no, hyɛ wo nua den.” Ɛte saa? Wɔagye no nkwa na wɔate ne ho, na na ɔnsakraeɛ. Ɛno ne Twerɛsɛm.

Dabiara Paanoo
Nanso masrɛ mama wo, na wo gyidie no ansa. Na wodeɛ, sɛ daakye wo sakyera a, hyɛ wo nuanom den!
Luka 22:32

An Independent Church of the WORD,