Quote of the Day
July 5, 2026
Ayɔnkofa Nnyinasoɔ 61-0214
Nanso afei, yɛhunu sɛ deɛ ɛma onipa kɔn dɔ sɛ ɔbɛnya ayɔnkofa ne sɛ ɛberɛ bi na ɔwɔ ayɔnkofa bi. Na ɔne Onyankopɔn na ɛwɔ ayɔnkofa. Ɛnnɛ onipa rebɔ ne ho mmɔden paa, ɛmfa ho ne deɛ ɔyɛ, sɛ ɔyɛ Indiani a; ɛberɛ a yɛbaa ha no yɛhunu Indiani bi sɛ ɔresom owia, ɔresom nkaeɛdum dua bi a wɔanwene. Yɛbɔwura Afrika a yɛhunu wɔn wɔ abosom nketewa ne nneɛma ase. Baabi wɔ hɔ a ɔrebɔ mmɔden sɛ ɔbɛhwehwɛ n’akyirakwan, ɛfiri sɛ na n’abɔseɛ ne sɛ ɔne Onyankopɔn bɛnya ayɔnkofa. Ɛhɔ na ɛfiri. Ɔnim sɛ ɔfiri baabi wɔ twamtam no akyi, na ɔrebɔ mmɔden kɛkɛ sɛ ɔbɛtwa n’ani ahwɛ n’akyi hɔnom ahwɛ baabi a ɔfiri ɛne baabi a ɔnam ne kwan so resan akɔ. Ɛno nti na
nyanko-nneyɔeɛ no twetwe nnipa no adwene bebree no ɛfiri sɛ nnipa rehwehwɛ firi baabi a wɔfiri ba ɛne ɔkwan a wɔrefa so akɔ.
Nwoma baako pɛ na ɛwɔ wiase a ɛbɛtumi akyerɛ wo ɛno, ɛno ne Bible: onipa ko a woyɛ, baabi a wofiri, ɛne baabi a worekɔ. Ɛyɛ saa pɛpɛɛpɛ; Ɛkyerɛ wo baabi a worekɔ ɛwɔ Bible no mu ha yi ara ɛne baabi a wofiri ne onipa ko a woyɛ.
Dabiara Paanoo
Na m’abɔ no ama m’animuonyam, manwono no na mayɛ no.
Isaiah 43:7