26-0531 Mfirinhyia Bɔne Yi Mu Nyankopɔn No

Dɔfoɔ Kristo Ɔbaabunu ketewa, Asɛm, Nnwankuo, Ayeforɔ:

Sɛnea yɛn akoma dii ahurisie ɛberɛ a yɛtee sɛ Ne bɔfo-hoɔdenfoɔ no paa mu ka sɛ yɛyɛ Onyankopɔn Aba a Wahyɛ ato hɔ a yɛntumi nyɛ biribi foforɔ biara gye sɛ yɛbɛdi Ne Nne akyi. Ɛsom bo pii ma yɛn kyɛn nkwa. Wobɛtumi agye yɛn nkwa nom, nanso wontumi nnye Ne Nne. Yɛne N’Asɛm yɛ Bafua. Yɛne Ne Nne yɛ Bafua. Yɛne No yɛ Bafua.

Akɔyɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwanwa sɛ wɔnte yɛn aseɛ saa na wɔdi yɛn ho fɛw ɛfiri sɛ yɛka sɛ yɛwɔ gyedie wɔ sɛ yɛrebɔ tapes mu; sɛ ɛyɛ Onyankopɔn Nne a Ɛrekasa kyerɛ N’Ayeforɔ. Satan adaadaa nkorɔfoɔ no ara a ma wɔdwene sɛ ɛnam sɛ yɛrebɔ no dawuro sɛ yɛyɛ tape asafo, ɛyɛ biribi a atwe ne ho afiri Asɛm no ho, ɛyɛ biribi a ɛyɛ mfomsoɔ, na wɔredaadaa yɛn, a ɛberɛ nyinaa Ɛyɛ Onyankopɔn kwan a ɛwie pɛyɛ a Ɔde ama N’Ayeforɔ.

Ɛbɛyɛ dɛn na atumi ayɛ ɔkwan foforɔ biara? Sɛ wokyea Asɛm baako a wɔaka nkyerɛaseɛ a, woayera. Ebia wɔwɔ tirimpɔ ne botaeɛ a ɛfata, nanso wɔbɛyɛ mfomsoɔ. Obi bɛtumi anya Honhom Kronkron no ngosra na ɔda so ara yɛ mfomsoɔ.

Sɛ nka Onyankopɔn mmaa ɔkwan bi a N’Ayeforɔ no ankasa bɛtumi atie Asɛm biara ama wɔn ho a, ɛneɛ anka ɔkwan foforɔ bi bɛwɔ hɔ. Nanso Ɔde ɔkwan bi ama sɛ onipa biara a ɔwɔ asase so bɛnya akwanya atie sɛ Asɛm no kasa kyerɛ wɔn tẽẽ a ɛho nhia mma nkyerɛkyerɛmu, nkyerɛaseɛ anaa mpɛnsɛnpɛnsɛmu. Ne nyinaa yɛ Sɛ Awurade Seɛ nie…TOM!

Yɛn nyinaa gye tom sɛ ɛsɛ sɛ yɛne Asɛm no tena na yɛayɛ N’Ayeforɔ

Megye di sɛ biribiara a yɛhia no, wɔatwerɛ wɔ Ɛha yi ara, ɛhia sɛ Honhom Kronkron no kyerɛ aseɛ kɛkɛ. Mennye nni sɛ onipa biara a ɔwɔ asase so wɔ hokwan sɛ ɔde ɔno ankasa nkyerɛaseɛ to Asɛm no so. Onyankopɔn nhia obiara sɛ ɔbɛkyerɛ N’Asɛm ase. Ɔyɛ Ɔno Ankasa Asɛm nkyerɛaseɛni. Ɔkaa sɛ Ɔbɛyɛ, na Ɔyɛ.

Ɛda adi pefee sɛ Awurade akasa na Wada no adi akyerɛ N’Ayeforɔ sɛ ɔkwan foforɔ biara nni hɔ a wobɛfa so ayɛ N’Ayeforɔ a Wapaw no gye sɛ wo ne N’Asɛm tena. Onyankopɔn Ankasa na Ɔkyerɛ N’Asɛm ase, na obiara nni hokwan sɛ ɔde ne nkyerɛaseɛ bɛka Ho.

Asɛm no nso ka sɛ NE DIYIFOƆ na ɔyɛ N’Asɛm asekyerɛni. Ɔno ne Onyankopɔn Nne ma nkorɔfoɔ no. Deɛ ɔka no ɛne Asɛm a ɛwɔ hɔ ma yɛn da yi.

Ɛnam Onyankopɔn Nne a yɛretie wɔ tapes no so no, yɛyɛ nkɔmhyɛ a ɛrehyɛ ma.

Biribiara nni hɔ a tumi bebree wom, ɛyɛ kronkron bebree, biribiara nni hɔ a ɛma abotɔyam pii, biribiara nni hɔ a ɛwie pɛyɛ pii kyɛn sɛ woretie Onyankopɔn Nne a wɔada mu nokorɛ adi ɛkasa kyerɛ wo.

Ɛbrɛ a ɛbia afoforɔ bɛka sɛ biribiara nni mu no, akɔdeɛ no de anigyeɛ kɛseɛ a ɛboro so reboaboa wɔn ano ɛna wɔredi ahurusie, wɔ ahotɔsoɔ sɛ wɔredi Onyankopɔn Asɛm so. Ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ sɛ wowɔ tape afidie a, boaboa nnipa kuo bi ano, na bɔ, na tie no yie. Ɛnam N’adom ne mmɔborɔhunu so no, ɛno ara ne deɛ yɛreyɛ pɛpɛɛpɛ.

Onyankopɔn afrɛ yɛn afiri saa mfirinhyia bɔne yi mu ama Ne Din. Yɛrefa sɔhwɛ ne nsɔhwɛ pii mu a ɛte sɛdeɛ ɛbi nsii da. Satan ate asi ɔko kwan no so ɛberɛ a ɔnim sɛ ne berɛ aduru awieɛ no. Ɛbia wɔbɛbisa wo ho, ɛbɛyɛdɛn na matumi afa saa nneɛma yi nyinaa mu, na meyɛ N’Ayeforɔ?

Wɔreda wo adi, wɔresɔ wo ahwɛ, na wɔreda wo mu nokorɛ adi akyerɛ Satan, YƐYƐ N’AYEFORƆ. Yɛn na yɛyɛ Asɛm no a ɛwɔ honam mu no. Yɛbɛtumi aka Asɛm no na Ɛbɛba mu. Ɛyɛ SƐ AWURADE SEƐ NIE.

Yɛwɔ Onyankopɔn Nne a Ɛrekasa kyerɛ Satan tẽẽ na ɛreka akyerɛ no:

Satan, woadi nkoguo. Woyɛ ɔtorofoɔ. Na, sɛ me yɛ Onyankopɔn akoa, ɛne nkoa no, yɛhyɛ sɛ ɛwɔ Yesu Kristo Din mu, sɛ tie Onyankopɔn Asɛm, na firi nkorɔfoɔ no mu fi, ’firi sɛ wɔatwerɛ, “Me Din mu wɔbɛtutu ahonhommɔne.”

Deɛ ɛteɛ biara…BIRIBIARA a yɛhia no, ɛhia sɛ yɛbisa kɛkɛ, ɛgye di na yɛgyina hɔ ara. Ɛbia ɛbɛda adi amono mu hɔ ara; ɛbia ɛbɛyɛ nawɔtwe, bosome, afe. Ɛmfa ho deɛ yɛhunu anaa yɛte nka, ƐSII SAA BERƐ NO ARA.

Ɔsom biara a yɛboaboa yɛn ho bɔ mu no yɛ kɛseɛ ne akɛseɛ ma Onyankopɔn akɔdeɛ. Yɛaboaboa yɛn ano wɔ adwene Baako ɛne nteaseɛ Baako mu, abom tete Ɔsoro mmeaeɛ, retie Ɛnne no ɛkasa kyerɛ yɛn na ɛnam N’Asɛm so ɛma yɛwie pɛyɛ.

Yɛbɛpɛ sɛ mobɛka yɛn ho Kwasiada yi prɛmtoberɛ wɔ Jeffersonville berɛ mu, ɛberɛ a yɛte Onyankopɔn Nne sɛ Ɛkasa kyerɛ yɛn prɛko bio na Ɔde Ɔno Ankasa Asɛm nkyerɛaseɛ brɛ yɛn.

Onuabarima Joseph Branham.

Nkransɛm: Mfirinhyia Bɔne Yi Mu Nyankopɔn No 65-0801M

Twerɛnsɛm a wobɛkeken ansa na woatie Nkransɛm no:
Ɔhoteni Mateo ɛtire 24
Ɔhoteni Mateo 27: 15-23
Ɔhoteni Luka 17:30
Ɔhoteni Yohane 1:1
Ɔhoteni Yohane 14:12
Asomafo no Nnwuma 10:47-48
1 Korintofoɔ 4:1-5
1 Korintofoɔ etire 14
2 Korintofoɔ 4:1-6
Galatifoɔ 1:1-4
Efesofoɔ 2:1-2
Efesofoɔ 4:30
2 Tesalonikafoɔ 2:2-4
2 Tesalonikafoɔ 2:11
Hebrifoɔ etire 7
1 Yohane etire 1
1 Yohane 3:10
1 Yohane 4:4-5
Adiyisɛm 3:14
Adiyisɛm 13:4
Adiyisɛm etire 6 kɔsi etire 8
ɛne Adiyisɛm etire 11 kɔsi etire 12
Adiyisɛm 18:1-5
Mmɛbusɛm 3:5
Isaiah 14:12-14