Quote of the Day
July 4, 2026
Onyankopɔn Kwan A Wɔayɛ Ama Yɛn 52-09-00
Biribiara a Ɔwɔ ɛwɔ N’Ahennie mu no yɛ yɛn dea. Ɔfa Nwoma kɛseɛ kɛkɛ no nyinaa a check ahyɛ mu ma no, na Ɔde Ne nsa hyɛ Ne Din ase wɔ aseɛ hɔ, ka sɛ, “Ɛno nie, ɔba. Biribiara a wohia, kɔ kɔfa.” Amen.
Nsuro sɛ wobɛ fill check no. Fill check no na fahyɛ nsam, ka sɛ, “Meda Wo ase, Awurade.” Haleluia! Ɛbɛba mu.
“Adeɛbiara a wopɛ,” Marko 11:24, “sɛ wobɔ mpaeɛ a, gye di sɛ wo nsa bɛka, wobɛnya.”
Fa wo nsa hyɛ check no ase, ka sɛ, “Awurade, mehia ayaresa.” Te firi ɛmu, ka sɛ, “Ɛno na Ɛda hɔ no, Awurade, mebisa ayaresa wɔ Yesu Din mu.” Ka sɛ, “Meda Wo ase, Awurade,” na kɔ so kɔ w’anim pɛɛ, nya ayaresa no ho gyedie. Na ntɛm ara ɛsan ba, te sɛ saa anene nom a wɔde aduane rekɔma Elia no. Ɛno na ɛda hɔ no.
Dabiara Paanoo
Na Onyankopɔn afam deɛ nnoɔma nyinaa bɛtumi ayɛ hɔ.
Mateo 19:26