Quote of the Day
July 6, 2026
Deɛ Ɛfiri Agyinasie Mu Ba 55-1008
Ɔkaa sɛ, “Nanso ɛsɛ sɛ mmara di mmara akyi, na ahyɛdeɛ di ahyɛdeɛ akyi. Ɛha kakra ne ɛhɔ kakra, na kura deɛ ɛyɛ papa no mu denneennen. Ɛfiiri sɛ mede ano a ɛpopoɔ ɛne tɛkrɛma foforɔ bɛkasa akyerɛ saa nkorɔfoɔ yi, na wei ne homeda no.” Amen.
Hebrifoɔ tire nan kaa sɛ, “Ɛneɛ na homedadie aka ama Nyankopɔn mma, na yɛn a yɛahyɛne Ne home mu no ɛhome firi yɛn nwuma ho sɛdeɛ Onyankopɔn home firii Ne deɛ ho no.”
Onyankopɔn yɛɛ adwuma nna nsia, na da a ɛtɔ so nson no, Ɔkɔɔ ahomegyeɛ mu, na Wansan amma bio. Na onipa bɛtumi ayɛ adwumaden wɔ wiase mu ha kɔsi sɛ ɔbɛdi mfie aduonu, aduasa, aduanan, aduɔson, nanso sɛ ɔgyae ne wiase nnwuma a, ɔne Onyankopɔn kɔ daa ahomegyeɛ mu, te sɛdeɛ Onyankopɔn yɛɛeɛ wɔ mfitiaseɛ no.
Oh, onuabarima, sɛ wote ɛhyeɛ no so anadwo yi a, bra ha. Twa Yordan. Ɛyɛ nwanwa. Bobe akɛseɛ akɛseɛ wɔ ha. Yɛwɔ adansedeɛ a ɛdi kan no, yɛwɔ… Halelujah. Wɔ Joshua foɔ binom ɛne Caleb foɔ binom a wɔtraa ɛhyeɛ no ɛna wɔde adansedeɛ ɛsan baaeɛ sɛ ɛyɛ Asase pa. Bɔhyɛ biara a Onyankopɔn hyɛɛeɛ no wɔ ha. Asɛmpa mũa no, Bible mũa no, Ɔsoro ayaresa, redi ahurisie, anigyeɛ, asomdwoeɛ, biribiara a Bible hyɛɛ ho bɔ, aduaba biara bi wɔ saa asase yi so. Amen.
Dabiara Paanoo
Na mmara akyi mmara, mmara akyi mmara; ahyɛdeɛ akyi ahyɛdeɛ, ahyɛdeɛ akyi ahyɛdeɛ; ɛha kakra, ɛhɔ kakra.
Na apɔtɔfoɔ ano ne tɛkyerɛma foforɔ na AWURADE de bɛkasa akyerɛ ɔman yi;
Isaiah 28:10-11