26-0614 Na Wɔnnim

Dɔfoɔ A Wɔapaw Wɔn,

Awo foforɔ no ne Kristo; yɛ adiyie. Onyankopɔn ayi ahintasɛm kɛseɛ yi adi akyerɛ wo, na ɛno yɛ Awo foforɔ. Afei ɛdeɛn na worebɛyɛ sɛ woboaboa saa kuo no nyinaa ano a? baabi a adiyie no kɔ bɛnkorɔ mu pɛpɛɛpɛ,

Onyankopɔn reboaboa N’Akɔdeɛ kuo nyinaa ano abom wɔ baakoyɛ a ɛwie pɛyɛ mu, Ɔreda N’Asɛm adi akyerɛ N’Ayeforɔ.

Onyankopɔn kwan a Ɔrefa so anya ɔhene, te sɛ deɛ na David teɛ no, na ɛyɛ deɛ ɛtene, na wowɔ adwene baako a ɛda mfimfini. Te sɛ ɔkannifoɔ baako ɛne nsu-nomaa dosopuo bi, anaa deɛ ɛkeka ho, wontumi mfa wɔn mu mmienu anaa mmiɛnsa. Afei, woma wɔn nyinaa yɛ sakatuu, wode adwenkyerɛ biara ba a.

Ɛneɛ ɛdeɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ, Awurade?

Adeɛ nkutoo a ɛsɛ sɛ woyɛ ne sɛ wobɛma wɔn ahunu Me Nne kɛkɛ; wɔnim, ɛfiri sɛ Me nnwan nim Me Nne.

Awurade, ɛdeɛn ne Wo Nne a ɛwie pɛyɛ ɛnnɛ?

Ɛnam saa a mekaeɛ no, sɛ mehyɛɛ wo abufuo a, fa kyɛ me, nanso, metee nka sɛ ɛbia ɛno annyɛ abodwoɔ, nanso, meyɛ Onyankopɔn Nne ma mo.

Yɛde yɛn akoma nyinaa gye ɛno di. Awurade, wei ne sɛnea yɛte nka.

Ɛho nhia sɛ wɔnam abɔdeɛ mu nyansahunu so bɛda biribi mu nokorɛ adi, anaa sɛ wɔbisa Sadukini anaa Farisini biara, anaa biribi foforɔ biara, fa ho. Mekaa ɛno, wɔgye ɛno di, ɛfiri sɛ Me nnwan tie Me Nne.

Ɛdeɛn na Ɛnne a ɛwɔ tapes no so kyerɛ W’Ayeforɔ?

Wei ne Onyankopɔn Nne a ɛwɔ atwerɛdeɛ kwan so, ɛfiri sɛ Wei ne Yesu Kristo adiyie no nyinaa, Apam Dadaa ne Foforɔ a wɔaka abom. Amen. Ɛna ɛdahɔ no.

Anyabiaa ɛnnɛ yi tapes no hia anaa?

Menim sɛ, me kɔrɔ akyi firi asase wei so no, saa tapes no ɛne saa nwoma nom no bɛkɔ so atena ase, na mo mmɔfra nkumaa mu pii bɛhunu, wɔ nna a ɛbɛba no mu, sɛ wei ne Nokorɛ pɛpɛɛpɛ no,…

Awurade, yɛgye di sɛ tapes no ɛne nwoma nom no yɛ Wo som adwuma a ɛte ase, ɛwɔ hɔ mprempren a Wode agya W’Ayeforɔ.

Adɛn nti na tapes no na ɛyɛ ƐNNE A ƐHO HIA PAA ma yɛn sɛ yɛbɛtie?

Mfirinhyia a nnaadaa wɔ mu paa a yɛatena mu da ɛmu na yɛwɔ no.
“Sɛ ɛbɛyɛ yie a, anka ɛbɛdaadaa wɔn a Wɔapaw wɔn ankasa no,” ɛfiri sɛ wɔwɔ ngosra, wɔbɛtumi ɛyɛ biribiara te sɛ wɔn a aka no.

“Obibiara a ɔde asɛmfua baako bɛka Wei ho, anaasɛ ɔbɛyi Asɛm baako afiri Mu.” Ɛsɛ sɛ wonya osiwieɛ bi wɔ baabi.

Ɛne sɛ, ɛsɛ sɛ yɛn osiwieɛ no yɛ Onyankopɔn Asɛm. Woada no adi akyerɛ yɛn sɛ Onyankopɔn Asɛm ne Onyankopɔn Nne yɛ ade korɔ. Ɛnne no yɛ Onyankopɔn adwene nom ankasa a wɔaka, sɛnea Wode adiyfoɔ no yɛɛeɛ no wɔ ɛberɛ a Wotwerɛɛ Bible no; nanso ɛwɔ saa ɛda a ɛdi akyiri yi mu no, Wokoraa W’Asɛm, Wo Nne ɛnam sɛ wɔretwe Ɛno gu ahoma so na wɔde Ɛno reto tape so. Enti, Wo Nne a wɔaka agu tapes so no yɛ Ayeforɔ no osiwieɛ.

Nkorɔfoɔ ɛnwene sɛ ɛho hia sɛ wɔbɔ Nne no wɔ wɔn asɔre mu nnɛ. Wɔkyerɛkyerɛ wɔn wɔ wɔn nsɔre mu sɛ Onuabarima Branham anka da sɛ bɔ tapes no wɔ asɔredan no mu, deɛ wɔhia kɛkɛ ne sɛ wɔbɛtie ɔsom adwuma sɛ wɔka Asɛm no na wɔyi anum Asɛm no ka.

Na sɛ asɔre no na ɛyɛ wo osiwieɛ a, womfa hwee ho deɛ obiara ka. Ɛno ne wo osiwieɛ. O Onyankopɔn, boa ma wei ɛmem kɔ mu! M’afam no, adeɛ no nyinaa yɛ mfomsoɔ. Onyankopɔn Asɛm ɛne deɛ ɛyɛ osiwieɛ. Adeɛbiara a saa Asɛm no ka no, ɛneɛ ɛte saa.

Na Ɔretwɛn sɛ wɔbɛto nsa afrɛ No. Ɛno ne deɛ Ɔretwɛn anadwo yi, sɛ wobɛto nsa afrɛ No. Hyɛ no nso, ɛberɛ a saa asuafoɔ no too nsa frɛɛ No sɛ ɔmmra wɔn ayɔnkoyɛ mu wɔ ɛpono no ho no,

Ɛbɛyɛ dɛn na obi atumi aka, ama nyinasoɔ, anaa ama anoyienom, a ɔka sɛ ɔgye awieɛ berɛ mu Nkransɛm yi di, sɛ ɔmmɔ tapes no wɔ wɔn nsɔre mu ɛberɛ a wɔ wɔ akwanya sɛ wɔbɛtie ONYANKOPƆN NNE ANKASA NO? Ɛyɛ Nsɛm a Onyankopɔn nam nnipa anofafa so firii Ne diyifoɔ a wɔasra no so kaaeɛ. ƐNNE NKUTOO a Ogya Fadum no ada mu nokorɛ adi, ɛde nyinasoɔ ba ɛnam sɛ ɔrehunu akoma mu kokoam nsɛm, ɛde nyinasoɔ ba wɔ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ nom so, sɛ ƐYƐ Onyankopɔn Nne ma awoɔ ntoatoasoɔ yi.

Ɛbɛyɛ dɛn na obi atumi ama anoyie BIARA, nkyerɛkyerɛmu, anaa sɛ ɔnni ɔpɛ sɛ ɔbɛtie Onyankopɔn Nne ɛberɛ koro biara a wɔbɛhyiam?

Awurade, ɛmma memfa Wo Nne a ɛwɔ tapes so no sɛ adeɛ bi a ɛnhia. Ma memmɔ dawuru nkyerɛ wiase ɛberɛ nyinaa Ɛyɛ Ɛnne NKUTOO a ɛhia sɛ wɔtie. Ma mempae mu nka nkyerɛ W’Ayeforɔ no, DEƐ WƆHIA NYINAA NE WO NNE A ƐWƆ TAPES NO SO.

Yɛdɔ sɛ yɛbɔfekuo. Yɛdɔ sɛ sɛ yɛka Wo ho asɛm na yɛyi W’anum Asɛm ka, nanso biribi kɛseɛ biara nni hɔ a anka Wobɛtumi ayɛ ama W’Ayeforɔ no sene sɛ wode W’Asɛm bɛma yɛn wɔ Asɛm no so, Wo Nne Adiyie, na afei yɛbɛhunu ONII KO A YƐYƐ, W’AYEFORƆ NOKWAFOƆ.

Sɛnea mɛtumi akɔ so akɔ so, rebɔ fekuo afa adiyie kɛseɛ a Onyankopɔn de ama yɛn no ho. Ɛnni awieɛ; nanso ade-kɛseɛ paa mɛtumi ayɛ ne sɛ mɛto nsa afrɛ wo sɛ bra na wo ne Ayeforɔ no fà bi bɛtie Onyankopɔn Nne ma w’ankasa wo ho Kwasiada wɔ Prɛmtoberɛ Jeffersonville berɛ mu, ɛberɛ a yɛtie: (Nkransɛm a ɔkaa no Ɔsanaa da du-num wɔ afe apem ahankoron aduosia num mu- Na Wɔnnim

Onuabarima Joseph Branham.

Twerɛnsɛm a wobɛkeken:
Adiyisɛm 3:14-19
Kolosefoɔ 1:9-20