Nkransɛm: 65-0725M Wɔn A Wɔasra Wɔn Ngo Awieɛ Berɛ Yi Mu No
Dɔfoɔ Akɔdeɛ A Wɔreboa Wɔn Ano,
Etire asɛm a ɛda naawɔtwe yi Nkransɛm no so nko ara ɛma anidahɔ a ɛte saa ɛfa Honhom Kronkron no ho kyerɛ Ayeforɔ no. Sɛ wobɛdwene sɛ nnipa a wɔasra wɔn ankasa bɛsɔre wɔ saa da yi mu, a wɔwɔ Honhom Kronkron Korɔgyenn korɔ no ara a na ɛwɔ yɛn diyifoɔ no so, nanso ɛyɛ atorɔ.
Asɛm no ka kyerɛ yɛn sɛ wɔbɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ nom, renya nsuo korɔ no ara, nhyira korɔ no ara sɛ nokorɛ diyifoɔ no. Nkorɔfoɔ bɛdane afiri ɛda no mu Asɛm turodoo a wɔada mu nokorɛ adi no ho akɔ deɛ wɔn ankasa akɔnnɔ teɛ, resoa akyerɛkyerɛfoɔ aboa wɔn so, a wɔn aso mu yɛ wɔn hene. Ɛbɛbɛn Asɛm no ankasa ara ma ɛkame ayɛ sɛ ɛbɛdaadaa Wɔn a Wɔapaw wɔn no.
Sɛn paa na saa ngosra no bɛbɛn? Ɛbɛyɛ mmerɛ sɛ wobɛhunu deɛ ɛyɛ nokorɛ ɛne deɛ ɛyɛ atorɔ anaa? Odiyifoɔ no ka kyerɛɛ yɛn sɛ Ɔhene Dawid, ɔbarima a ɔda Onyankopɔn ankasa akoma so, a ngosra wɔ ne so no nyaa nokorɛ adiyie; nanso na ɛyɛ mfomsoɔ.
ƐDEƐN!! Ma ɛno nkɔ mu ɛberɛtia bi. Onyankopɔn Hene a Wayi no no nyaa nokorɛ ngosra ɛne nokorɛ adiyie, nanso na ɛyɛ mfomsoɔ! Ɛho bɛhia sɛ Onyankopɔn nwammaa ma wɔn ani da hɔ yie ama wɔn ahunu sɛ deɛ wɔretie no yɛ nokorɛ anaa atorɔ ngosra; ɛfiri sɛ wɔn daa akwantuo awieɛ no gyina saa agyinasienom yi so.
Yɛnim sɛ Onyankopɔn de nokorɛ asomfoɔ pii a wɔasra wɔn asi hɔ sɛ wɔmmoa ɛmma akwankyerɛ nkora N’Ayeforɔ no wɔ Asɛm no mu. N’Asɛm ka saa, na yɛda Awurade ase paa wɔ wɔn mu biara ho. Wɔafrɛ wɔn sɛ wɔnyɛ nnwanhwɛfoɔ wɔ wɔn nnwan so. Ɛsɛ sɛ wɔkora wɔn wɔ Asɛm no mu. Wɔreyɛ saa no, ɛnsɛ sɛ wɔdi ntwo sɛ wɔbɛbɔ Onyankopɔn Nne NKUTOO a wɔada mu nokorɛ adi no akyerɛ wɔn nwankuo no.
Sɛnea ɛnkyɛree biara yɛtee sɛ onipa biara bɛtumi ayɛ mfomsoɔ no, mpo wɔ nokorɛ ngosra ɛne nokorɛ adiyie mu no. Nanso Ayeforɔ no bɛtumi anya ahotɔsoɔ, ɛfiri sɛ Onyankopɔn ama ɔkwan a ɛwie pɛyɛ ɛberɛ biara wɔbɛtumi atie NOKORƐ NGOSRA, NOKORƐ ADIYIE, NOKORƐ SƐ AWURADE SEƐ NIE; PRESS PLAY KƐKƐ.
“Baabi a Nammono no wɔ,” Manna no wɔ, Asɛm no wɔ, “ɛhɔ na akɔdeɛ no bɛboaboa wɔn ano.”
Baabi a Nammono no wɔ no, ɛhɔ na yɛn Akɔdeɛ bɛboaboa yɛn ano. Faako a Nam a ɛyɛ foforɔ wɔ no, ɛberɛ no mu Asɛm no, ɛdɔn no mu Nkransɛm no. Na baabiara nni hɔ a ɛyɛ foforɔ a wobɛdi saa Manna no a ɛkyɛn sɛ woretie Onyankopɔn Ankasa Nne no sɛ ɛkasa.
Ɛno ne N’Asɛm. “Ɛnyɛ paanoo nko ara na onipa bɛdi atena ase, mmom ɛnam Asɛm biara so.” Moahu? Deɛ wɔayi no ato hɔ no nim wei. “Asɛm a ɛyɛ hɔhoɔ, anaa ɛnne a ɛyɛ hɔhoɔ, wɔrenni akyire.”
Deɛ ɛnti a wɔrenyɛ, na wɔrentumi nnaadaa yɛn, ne sɛ yɛn na yɛyɛ Asɛm no yɛwɔ saa Adiyie yi. Yɛntumi nyɛ biribi foforɔ biara. Yɛntumi ntie biribi foforɔ biara. Yɛnnim biribi foforɔ biara.
“MEYƐ!” Ɛnyɛ “Ná meyɛ, anaasɛ mɛyɛ.” “MEYƐ,” mprempren kabea, mprempren Asɛm no. Ɛnyɛ Asɛm a na ɛwɔ hɔ no, Asɛm no a ɛbɛba no; Asɛm a ɛwɔ hɔ seesei no. Moahu? Moate aseɛ? “MEYƐ!” “MEYƐ ” ne Asɛm no. “Mfitiaseɛ no na Asɛm no wɔ hɔ, na Asɛm no ne Onyankopɔn na ɛwɔ hɔ.” Ɛte saa anaa? “MEYƐ.” “Onyankopɔn somaa me sɛ Ne diyifoɔ, sɛ memmɛda wei mu adi sɛ ɛyɛ nokorɛ: Mene Asɛm yi ho mmuaeɛ no, ka kyerɛɛ me sɛ me mmera ha na me mmɛyɛ wei.”
Na ɛberɛ a ɔyɛɛeɛ no, Farao kaa sɛ, “Wiɛ, yɛwɔ mmranteɛ pii wɔ yɛn kuo no mu a wɔbɛtumi ayɛ saa nso,” asuasuayɛfoɔ.
Yesu kaa sɛ, “Afei, ɛno bɛsan asi bio wɔ nna a ɛdi akyire no mu,” hwɛ, wɔde adekorɔ no ara reto wɔn ho so.
Monyi Awurade ayɛ. Kasa fa ahotɔsoɔ bi ma Ayeforɔ no. Sɛ wowɔ saa Adiyie yi a, ɛneɛ wobɛhunu sɛ woyɛ N’Ayeforɔ a wɔapaw no, akomamutɔfe a wɔahyɛ ato hɔ.
Ɛnam Onyankopɔn Nne a yɛretie wɔ tapes so no, yɛretie Onipa Ba no a ɔne Kristo. Ɔno ne Onii ko a yɛredidi wɔ Ne mu no. Ɛnyɛ onipa mu na yɛredidi; onipa, ne nsɛm bɛdi ntwo. Nanso yɛredidi wɔ Onipa Ba no Nipadua-Asɛm a ɛrenni ntwo no mu.
Sɛ wopɛ sɛ wonya ahotɔsoɔ ɔha mu nkyekyɛmu ɔha sɛ woretie Sɛ Awurade Seɛ nie a, bra bɛka Ayeforɔ no fã bi ho Kwasiada wei wɔ prɛmtoberɛ, Jeffersonville berɛ mu, ɛberɛ a yɛtie Onyankopɔn Nne sɛ ɛda adi kyerɛ yɛn wɔn a wɔasra wɔn no nyinaa wɔ awieɛ berɛ no mu no.
Onuabarima Joseph Branham.
Nkransɛm: Wɔn a Wɔasra Wɔn Wɔ Awieɛ Berɛ No Mu 65-0725M
Twerɛnsɛm:
Mateo 5:44-45 / 7:21 / 24:15-28
Ɔhoteni Luka 17:30 / 18:1-8
Ɔhoteni Yohane 14:12
Efesofoɔ 1:5
Timoteo II 3:1-8
Hebrifoɔ 6:1-8 / 11:4
Adiyisɛm 10:1-7 / 16:13-14
Malaki 4:5
I Ahenfo 22:1-28
Yeremia: Etire 27 & 28