Nkransɛm: 65-0429E Woreyi Ayeforɔ
Ayeforɔ Dɔfoɔ A Wɔayi No,
Ɛberɛ a yɛtie saa Nkransɛm yi, “Woreyi Ayeforɔ”, ebinom dwene sɛ odiyifoɔ no rekasa kɛkɛ na ɔrema yɛn akwankyerɛ a ɛfa suban ne yɔbea a ɛsɛ sɛ ɔbarima hwehwɛ ɛberɛ a ɔreyi ɔbaa a ɔpɛ sɛ ɔyɛ ne yere no. Ɛno yɛ nokorɛ, ɔreyɛ saa, nanso ɔdɔ krataa ankasa a ahinta wɔ Ne Nsɛm no mu. Deɛ Ɔreda no adi akyerɛ N’Ayeforɔ no ɛmu dɔ kɛseɛ koraa. Onyankopɔn rekasa akyerɛ No tẽẽ, Ɔrekakyerɛ No deɛ na Ɔrehwehwɛ wɔ Ne mu ɛne adekɔrɔ nti a Ɔyii No firii mfitiaseɛ no. Na Ɔpɛ sɛ Ɔhunu sɛ Wayi No sɛ ƆYƐ N’AKOMA MU TƆFE AYEFORƆ DƆFOƆ, a Ɔpɛɛ sɛ Ɔne No bɛtena abom wɔ ɛnni-awieɛ.
Mfitiaseɛ no, na Onyankopɔn rehwehwɛ Ayeforɔ bi a ɔbɛnya Ne Suban korɔ no ara. Ne Honhom korɔ no ara bɛda ne ho adi wɔ Ne mu. Na Ɔpɛ Ayeforɔ a wɔatu Ne ho akyɛ wɔ adeɛ nyinaa mu ama No, ɛne Ne bɔhyɛ Asɛm, kɔsi sɛ Adwene ankasa a na ɛwɔ Ne mu no bɛba Ne mu. Ɛsɛ sɛ wɔnwono No ɛte sɛdeɛ Ɔteɛ no.
Na Ɔpɛ sɛ Ɔyɛ Ne honam korɔ no ara, nnompe korɔ no ara, Honhom korɔ no ara, biribiara korɔ no ara, te sɛ Ɔno pɛpɛɛpɛ. Wɔn baanu no bɛyɛ BAAKO.
Anka Ɔrennya anihanehane binom wɔ n’ani so. Ɔremfa ɛnne foforɔ biara nni agobɔne. Ɔbɛyɛ nokwafoɔ ne ɔseadeɛyɛni ama No, ɛmfa ho deɛ obiara bɛka biara. Ɔbɛfa No wɔ N’Asɛm so. Biribiara a Ɔkaeɛ no, ƆBƐGYE ASƐM BIARA ADI, ɛmfa ho ɛberɛ tenten a ɛbɛdie ansa na aba mu, ɔbɛgye Ɛno adi. Ɔne N’Asɛm bɛtena.
Ɔbɛdɔ No, na Ɔno nkutoo. Na ɛnhia sɛ Ɔma no ahonyadeɛ akɛseɛ, na ɔwɔ Ahweneɛ a ne boɔ yɛ den, Ne mu nokorɛ Adiyie no. Ɔbɛhunu, na wɔyɛ BAAKO ɛne adekɔrɔ. Ne Honhom bɛtena Ne mu. Biribiara a na Ɔhia no, Ɔde bɛma No; deɛ na ɛsɛ sɛ Ɔyɛ nyinaa ne sɛ ɔbɛbisa na wagye adie, na Ɔbɛyɛ.
Na ɔnim sɛ Ɔbɛkɔ akɔkyɛre yie akɔsi fie a ɛwɔ biribiara a ɛfata no na ɔpɛ pɛpɛɛpɛ ama No. Na Ɔresi no sɛnea N’ani bɛgye ho no ara pɛ. Na Ɔnim sɛ dakoro bi Ɔbɛsan abɛfa No, sɛdeɛ Ɔhyɛɛ bɔ no, afei wɔbɛdi Ayeforohyia Anwummerɛ Apontoɔ kɛseɛ mfie apem. Afei, wɔbɛbom akɔ saa Efie fɛɛfɛ a na Wasi ama No no mu akɔdi Ɛnni-awieɛ.
Biribi foforɔ biara renhia No. Ɔrempɛ biribi foforɔ biara. Ɔbɛnya abotɔyam ne anisɔ paa sɛ ɔwɔ Adiyie no a ɔnim onipa ko a Ɔyɛ, ɛne onii ko a Ɔyɛ. Ɔbɛhunu sɛ Ɔbɛdi N’Asɛm so. ƆBƐNYA ABODWOƆ, A ƆNIM SƐ ƆNO NE ONII NO A ƆYII SƐ ƆNYƐ N’AYEFORƆ.
Me nua mmarima ne mmaa, Ɔsoro ne asase tumfoɔ Nyankopɔn no hwɛɛ Ɛnni-awieɛ mu nyinaa ɛna WAPAW WO… SƐ WO BƐYƐ N’AKOMA MU TƆFE AYEFORƆ A WAYIE.
Meto nsa frɛ wo sɛ bra bɛka me ɛne N’Ayeforɔ no fã bi ho Kwasiada yi, ɛberɛ a Ɔnam Ne bɔfo-hoɔdenfoɔ so kasa na ɔka kyerɛ yɛn sɛ yɛyɛ N’Ayeforɔ a Wayi no.
Onuabarima Joseph Branham.
Nkransɛm: 65-0429E/ Woreyi Ayeforɔ.
Ɛdɔn: Prɛmtoberɛ Jeffersonville berɛ mu.
Twerɛnsɛm:
Genesis 24:12-14
Isaiah 53:2
Adiyisɛm 21:9