Ayeforɔ Dɔfoɔ A Ɔsom boɔ,
Ɛdɔn no aka akyi. Ɛberɛ no abɛn. Ɛsɛ sɛ yɛsi gyinaeɛ no. Onyankopɔn rebɔ Ne mma kɔkɔ. Awurade yɛn Nyankopɔn apaemu aka na Wasi ne pi nam N’Asɛm ɛne Ne Honhom so deɛ ɛyɛ Ne Nokorɛ. Ɛnyɛ tumi so, ɛnyɛ ahoɔden so, mmom Me Honhom so, na W’Asɛm yɛ Nokorɛ.
Wada ɛmu nokorɛ pefee adi akyerɛ Ayeforɔ no ɛnnɛ sɛ Yesu Kristo te sɛdeɛ Ɔteɛ ɛnora, ɛnnɛ, ɛne daapem. Wakyerɛ na wada no adi akyerɛ yɛn sɛ Nkransɛm no ɛne ɛdɔn no mu bɔfoɔ no yɛ adekorɔ. Wada N’ahintasɛm a na wɔde asie wɔ Asɛm no mu no nyinaa adi akyerɛ yɛn. Ɔnam Ne Honhom Kronkron so ada Ɛno mu nokorɛ adi akyerɛ yɛn. Asɛmbisa biara nni yɛn adwene nom, y’ɛakoma nom anaa yɛn kra nom mu. Ne Nne a ɛwɔ tapes so no yɛ SƐ AWURADE SEƐ NIE MA N’AYEFORƆ.
Onyankopɔn ama akwan pii a ɛfa so ba Ne nkyɛn ɛberɛ nyinaa. Ɔma N’apɛdeɛ a ɛnwie pɛyɛ no kɔ Ne Pɛ a ɛwie pɛyɛ no mu. Ɛberɛ biara Ɔsan nso ama APƐDEƐ BI A ƐWIE PƐYƐ NE ƆKWAN A ƐWIE PƐYƐ AMA NE MMA. Dodoɔ no ara bɔ mmɔden sɛ wɔbɛba wɔ ɔkwan foforɔ so ɛnam sɛ wɔreyɛ ɔsom adwuma ama Onyankopɔn a ɛnyɛ Ne pɛ a ɛwie pɛyɛ mu. Ebia ɛbɛyɛ te sɛ na agyegye te sɛ Ne pɛ a ɛwie pɛyɛ, nanso ɛnyɛ sɛnea N’Asɛm kyerɛ.
Onipa kɛseɛ bi mpo, a ngosra baa ne so ɛnkyɛreeɛ, a ɔfiri Onyankopɔn Animpa ankasa reba no, nyaa adiyie bi sɛ ɔnyɛ biribi ma Onyankopɔn, na ɔpɛɛ sɛ ɔyɛ ma Onyankopɔn; nanso adiyie a ɔnyaeɛ no na ɛyɛ mfomsoɔ.
Ɛsɛ sɛ yɛn mu baako biara hwehwɛ Ne kwan a Ɔde ama a ɛwie pɛyɛ no. Yɛbɛyɛ dɛn ahunu sɛ yɛwɔ Ne pɛ a ɛwie pɛyɛ mu sɛ obi a wɔasra no ngo ampa, a ɔfiri Onyankopɔn animpa ankasa reba foforɔ, a ɔwɔ adiyie bi wɔ Onyankopɔn pɛ a ɛwie pɛyɛ mu a?
ƆKWAN BAAKO PƐ SO NA AMPANIAMPAA ƐWƆ HƆ A YƐFASO HUNU, na Onyankopɔn de saa kwan no ama N’Ayeforɔ no.
Onyankopɔn Nne no Ankasa aka akyerɛ saa asafo yi, ne mo nkorɔfoɔ a mowɔ tapes no so nyinaa, ne nnipa a wɔ wɔ hookup no so wɔ wiase mmeaeɛ afoforɔ, saa berɛ no ɛne SAA BERƐ YI. Ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ yɛntie deɛ na ɔreka no yie ankasa, na amma yɛn ANNI NTWO.
Enti saa na meka, wɔ Yesu Kristo Din mu: Mfa adeɛ baako nka ho, mfa, w’ankasa wo nsusuiɛ nhyɛ Mu, wodeɛ ka deɛ wɔaka wɔ saa tapes no so kɛkɛ, wodeɛ yɛ deɛ Awurade Nyankopɔn ahyɛ sɛ yɛ no pɛpɛɛpɛ kɛkɛ; mfa nka Ɛho!
Wanka, na ɛnkyerɛ, sɛ asɛnkafoɔ ntumi nka Asɛm no, akyerɛkyerɛfoɔ ntumi nkyerɛkyerɛ Asɛm no, anaa sɛ asɔfoɔ anaa adiyifoɔ nnyɛ deɛ wɔafrɛ yɛn sɛ yɛnyɛ; ɛsɛ sɛ wɔn, ɛsɛ sɛ me. Wɔafrɛ yɛn na wɔahyɛ yɛn sɛ yɛnyɛ saa. Ɛsɛ sɛ yɛtene yɛn nsa wɔ Nkransɛm ne ɔsomafoɔ no so na yɛyi anumsɛm no de kyerɛ nkorɔfoɔ no, ɛfiri sɛ Ɛno ne yɛn da yi mu Asɛm.
Nanso Ɔka kyerɛ yɛn pefee sɛ yɛ nyinaa bɛtumi anya ngosra, a ɛyɛ nokorɛ ngosra, a Ne Honhom Kronkron ahyɛ yɛn ma, de adiyie foforɔ, na yɛafiri Ne pɛ mu. Yɛn da yi mu no, Wama ƆKWAN BI A ƐWIE PƐYƐ a ɛbɛma woahunu ampa ara sɛ woretie Onyankopɔn Nne, afiri Onyankopɔn Ankasa hɔ. Ɛno ne ɔkwan NKUTOO a ɛwie pɛyɛ no.
Ɛnsɛ sɛ ɔsom adwuma no yi anumsɛm na wɔkasa fa saa Nkransɛm yi ho nko ara, ɛsɛ sɛ yɛbɔ Onyankopɔn Nne a ɛwɔ tapes no so kyerɛ nkorɔfoɔ no. NGOSRA biara nni hɔ a ƐSO kyɛn sɛ wobɛtie Onyankopɔn Nne. Ɔkwan foforɔ biara nni hɔ a akyinnyeɛ biara nni ho a yɛbɛfa so ahunu sɛ deɛ yɛretie no yɛ deɛ Onyankopɔn kaaeɛ PƐPƐƐPƐ.
Ɛwɔ saa da yi mu, ɛnte sɛ ɛda foforɔ biara wɔ wiase abakɔsɛm mu no, Onyankopɔn ama ɔkwan bi a ɛrentumi mma sɛ wobɛpa Ɛno ho, sɛ woyɛ N’Ayeforɔ a Wɔayi Ato hɔ a. Wɔasi no pi na Ɔnam Ogya Fadum no Ankasa so ada no adi sɛ ɛyɛ Onyankopɔn Ankasa Nne a ɛrekasa kyerɛ N’Asɔre no tẽẽ.
Mfirinhyia mpem no mu no, Onyankopɔn mma kɔn adɔ na ɔkɔm ade wɔn sɛ wɔn ankasa bɛte Onyankopɔn Nne. Sɛnea na wɔpɛ sɛ anka wɔ wɔ hɔ saa da no ɛberɛ a Yesu kaa Asɛm kyerɛɛ mpempem pii wɔ bepɔ no so no. Sɛ wobɛte sɛnea Ɔde ɔdɔ ne ahummɔborɔ kaa N’Asɛm. Sɛ wobɛte sɛnea Ɔsii Asɛm baako biara so dua. Sɛnea anka ɛbɛkasa na ahyɛ wɔn nkuran wɔ wɔn akoma nom mu.
Yɛte ase saa berɛ yi na yɛwɔ Onyankopɔn Animpa retie Onyankopɔn Nne.
Dakoro bi ɛrenkyɛ koraa yɛrensan mma asetena a ɛte sɛ wei mu bio. Yɛbɛsan aba sɛ nnipa a ɛnwuo. Wɔbɛyi bɔne afiri hɔ. Wɔbɛkyekyere Satan mfie apem na yɛbɛtena asase wei a Awurade yɛn Nyankopɔn de ama yɛn no so.
Yɛawie du ɔha mu nkyekyɛmu ɔha. Yɛnnyaa anigyeɛ anaa abrabɔ a akyinnyeɛ biara nni mu sei da. Yɛne No ne N’Asɛm yɛ Baako. Yɛyɛ N’Asɛm. Yɛ WƆ NE PƐ A ƐWIE PƐYƐ MU ƐNAM SƐ YƐNE NE NNE RETENA, N’ASƐM. Ɔbɛsan aba ɛda biara seesei abɛfa yɛn ne No akɔ.
Yɛda Wo ase Awurade Yesu!
Awurade mo Nyankopɔn aka deɛ ɛyɛ Nokorɛ akyerɛ mo. Awurade mo Nyankopɔn asi deɛ ɛyɛ Nokorɛ no pi, ɛnam N’Asɛm ɛne ɛnam Ne Honhom so. “Ɛnyɛ tumi so, ɛnyɛ ahoɔden so, mmom Me Honhom so.” Na, Honhom no, “Onyankopɔn hwehwɛ wɔn a wɔsom No wɔ Honhom ne Nokorɛ mu.” “W’Asɛm yɛ Nokorɛ.” Na Wada mu nokorɛ adi pefee sɛ Yesu Kristo te sɛdeɛ Ɔteɛ ɛnnora, ɛnnɛ, ɛne daapem. Ɔde anwummerɛ Aba no akyerɛ mo. Wada No adi akyerɛ mo, wɔ Asɛm no mu. Ɔnam Ne Honhom so ada Ɛno mu nokorɛ adi akyerɛ mo.
Mede m’akoma nyinaa to nsa frɛ mo mu baako biara sɛ mommra mmɛka N’Ayeforɔ no fã bi ho ɛberɛ a yɛkabom firi wiase afannaa nyinaa wɔ prɛmtoberɛ Jeffersonville berɛ mu, ɛtie Ne Nne kasa ɛnam Ne bɔfoɔ somafoɔ a ɔtɔ so nson no so na ɔbrɛ yɛn Nkransɛm no: Worebɔ Mmɔden Sɛ Wobɛyɛ Ɔsom Adwuma Ama Onyankopɔn A Ɛnyɛ Onyankopɔn Apɛdeɛ. 65-0718M
Onuabarima Joseph Branham.
Twerɛnsɛm a wobɛkenkan ansa na woatie Nkransɛm no:
Deuteronomium 4:1-4 / 4:25-26
1 Berɛsosɛm 13
1 Berɛsosɛm 15:15
Nnwom 22
Ɔhoteni Marko 7:7
Yoel 2:28
Amos 3:7
Malaki 3.
Ɔhoteni Mateo 11:1-15
1 Korintofoɔ 13:1