Nkransɛm: 65-0718E Honhom Mu Aduane A Ɛwɔ Ne Berɛ Mu
- 26-0503 Honhom Mu Aduane A Ɛwɔ Ne Berɛ Mu
- 24-0728 Honhom Mu Aduane A Ɛwɔ Ne Berɛ Mu
- 24-0728 Honhom Mu Aduane A Ɛwɔ Ne Berɛ Mu
- 23-0115 Wɔn A Wɔasra Wɔn Ngo Awieɛ Berɛ Yi Mu No
- 23-0108 Honhom Mu Aduane A Ɛwɔ Ne Berɛ Mu
- 21-0819 Honhom Mu Aduane A Ɛwɔ Ne Berɛ Mu
- 21-0912 Honhom Mu Aduane A Ɛwɔ Ne Berɛ Mu
- 20-0405 Honhom Mu Aduane A Ɛwɔ Ne Berɛ Mu
- 20-0329 Honhom Mu Aduane A Ɛwɔ Ne Berɛ Mu
- 18-1021 Honhom Mu Aduane A Ɛwɔ Ne Berɛ Mu
- 18-1014 Honhom Mu Aduane A Ɛwɔ Ne Berɛ Mu
- 17-0115 Honhom Mu Aduane A Ɛwɔ Ne Berɛ Mu
- 16-1221 Honhom Mu Aduane A Ɛwɔ Ne Berɛ Mu
Ayeforɔ Dɔfoɔ,
Ɛnne a yɛn nyinaa ani gye ho sɛ yɛbɛtie no bɛkasa Kwasiada wei, na ɛde Ɔdɔ Krataa Nkransɛm Soronko bi bɛbrɛ yɛn, ama Yesu Kristo Ayeforɔ no nkutoo.
Ɛnkyɛree koraa na saa Ɛnne no kasa kyerɛɛ wiase ɛna Ɛbɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ, “Mommmɔ mmɔden sɛ mobɛyɛ Me ɔsom adwuma bi a ɛnyɛ M’apɛdeɛ. Mewɔ ɔkwan a ɛwie pɛyɛ a mayɛ ama mo, M’Ayeforɔ. Monkae M’Asɛm, mo deɛ monka deɛ Maka wɔ Me tapes so kɛkɛ, ɛfiri sɛ morewura atemmuo no mu. Wɔde mmɔborohunu anim atwitwiri fam. Nanso momma mo ani nnye, na ɛnsɔ mo ani, ɛfiri sɛ masiesie ɛna mama mo Aduane a Ahinta, Honhom mu Aduane, sɛnea ɛbɛyɛ a monam yieyɔ ne ahummɔborɔ a ɛwɔ Yesu Kristo Adiyie mu bɛtena ase.
Seesei Me Nne ɛtie ho pɛ asi wɔ asase no so. Wɔnte mo ase ɛfiri sɛ moka sɛ moyɛ Tape nkorɔfoɔ, na mopɛ sɛ motie Me Nne kɛkɛ wɔ Tapes no so; nanso Mafrɛ mo na Mada no adi akyerɛ mo Me kwan a ɛwie pɛyɛ a wɔde ama ɛnnɛ da yi.
Momfaa mo ho nkɔbɔɔ annyeanie foɔ no wɔ ɔpɛ berɛ mu. Mede Me Nne ama mo sɛ ɛmma mo ahoɔden. Ɛnam sɛ worebɔ Me Nne no, wo toa no mu ɛnna mpan da, saa ara nso na wo esam kuruwaa no mu ɛnwe da, kɔsi da a Mɛba abɛfa wo sɛ M’Ayeforɔ no.
Ɛno ara nti na memaa wɔtwee Me Nne too hɔ, sɛnea ɛbɛyɛ a mobɛnya beaeɛ a wɔde ama a ɛwie pɛyɛ a mobɛkɔ, baabi a mfomsoɔ biara nnie, ɛnhia mma nkyerɛaseɛ biara, Onyankopɔn Nne Korɔgyenn no kɛkɛ. Beaeɛ a wobɛtumi akɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wobɛte deɛ Maka no pɛpɛɛpɛ: Sɛ Awurade Seɛ nie.
Merebɛkasa pefee akyerɛ mo Kwasiada. Mempɛ sɛ mo werɛ bɛfiri deɛ merebɛka akyerɛ mo no da. Saa tapes yi yɛ mo Honhom mu Aduane wɔ saa Berɛ yi mu. Ahoɔden nnuro a ɛwom no dɔɔso dodo ma wɔn mu binom; wɔntumi nsɔ Ɛno mu kɛkɛ. Wɔnnaa no adi nkyerɛɛ wɔn, mmom Me na M’ayi WO, ɛna Mama wo Adiyie a ɛfa Me kwan a ɛwie pɛyɛ a wɔde ama no ho.
Woafam no, Ɛyɛ Aduane a Ahinta, baabi a wonam yieyɔ ne ahummɔborɔ a ɛwɔ Asɛm Ɛte ase no so te nkwa mu.
Ɛberɛ a na Mete honam mu wɔ me Ba no mu no, wɔantumi annye me anto mu wɔ Ɔnii a na Meyɛ no kɛkɛ so: Onyankopɔn ne onipa. Afei mehyɛɛ bɔ sɛ Mɛsan aba bio wɔ nna a ɛdi akyire no mu na Matena onipa honam mu prɛko bio sɛdeɛ meyɛeɛ wɔ Abraham anim no, na Mɛsiane aba na Mabɛyɛ Me ho sɛ obi wɔ onipa honam mu sɛdeɛ Meyɛɛeɛ saa berɛ no.
Ɛha yi ne baabi a ɛfaa wɔn ani so no, saa berɛ no ɛne saaberɛ yi, nanso mempɛ sɛ mo werɛ bɛfiri da. Aduane a wɔakora a mede rema wo die, ɛne Me somafoɔ no, yɛ adekorɔ. Wontumi ntete wɔn mu. Nkransɛm no ne ɔbɔfoɔ no yɛ ade korɔ. Meka kyerɛɛ mo wɔ M’Asɛm mu deɛ mɛyɛ wɔ saa da yi mu. Ɛno nti na Ɛyɛ Me pɛ sɛ Mede Me Nne bɛto mo nsɔre mu, mo afiefie mu, baabiara a mokɔ; ɛfiri sɛ Ɛno ne Ɛnne a ɛho hia paa a ɛsɛ sɛ wotie. Ɛno ne Ɛnne NKUTOO a wɔada mu nokorɛ adi a Ɛka Sɛ Awurade Seɛ nie.
Wɔde mmɔborohunu anim atwitwiri fɔm. Seesei monam M’Asɛm so na ɛte ase. Mama mo Adiyie a ɛfa onipa ko a Meyɛ ne onipa ko a MOYƐ ho. Ɛnsɛ sɛ monya adwenem naayɛ sunsum baako wɔ mo akoma ne mo adwene nom mu. Mo ne M’Ayeforɔ a Wɔapaw, Wɔayie, Wɔahyɛ ato hɔ. Wo ne M’Asɛm a wɔaka a na ɛwɔ Me mu wɔ mfitiaseɛ no.
Biribiara nsi wo kwan wɔ Aduane, Honhom mu Aduane, a ewiase nnim hwee fa ho no.
Wowɔ yɛn nnipadua mu ayaresa ho kwan ɛberɛ a adɔkotafoɔ no adi ntwo no; Ɛyɛ Nnuane a Mehyɛɛ wo bɔ na mede ama wo wɔ nna a ɛdi akyiri no mu no mu baako.
Mehyɛɛ bɔ sɛ Mɛda mo akoma mu ahintansɛm adi na Mayɛ saa nneɛma yi. Mewɔ wo mu. Woyɛ Me fã, na Me nso meyɛ wo fã. Saa nsɛnkyerɛnneɛ yi bɛdi wɔn a wɔgye di no akyi.
Saa Kwasiada wei Mede Me Nne bɛka M’Ayeforɔ a ɛwɔ wiase nyinaa abom. Mɛka akyerɛ mo sɛ momfa mo nsa ntoto afoforɔ nom so. Mmɔ mpaeɛ mma wo ho, bɔ mpaeɛ ma ɔnii a wo nsa da no so no, ’firi sɛ wɔrebɔ mpaeɛ ama wo. Yɛbɛbom abɔ mpaeɛ, na yɛrennya onipa a ɔyɛ mmerɛ wɔ ewiase baabiara. Sɛ mobɛgye adi, na monni adwenem naayɛ biara wɔ mo akoma mu a, mɛpae mu aka sɛ:
Satan, woadi nkoguo! Yesu Kristo dii wo so nkonim! Ɔsɔre firii awufoɔ mu na Ɔgyina yɛn ntam anadwo yi, reda saa nna a ɛdi akyire yi mu Nkransɛm no mu nokorɛ adi
Firi saa nkorɔfoɔ yi mu fi! Firi wɔn mu, wɔ Yesu Kristo Din mu! “Me Din mu wɔbɛtutu ahonhommɔne,” na wɔatutu wo. Ɛwɔ Yesu Kristo Din mu, firi saa asafo yi mu!
Ayaresa bi bɛkɔ so wɔ wiase nyinaa sɛnea ɛbi nsii da.
Adɛn nti na yɛbɛkɔso atwɛn, me nuabarima, nuabaa dɔfoɔ, Ɛno nie, Honhom Kronkron no, Onyankopɔn, ɛha yi ara, Adeɛ pɔtee a yɛaka ho asɛm no.”
Meto nsa frɛ wiase sɛ wɔmmra mmɛka yɛn ho Kwasiada yi prɛmtoberɛ wɔ Jeffersonville berɛ mu, na wɔntie Nkransɛm no ɛne Ne somafoɔ no berɛ yɛn Honhom Mu Aduane A Ɛwɔ Ne Berɛ Mu, Aduane a Ahinta
ma Ayeforɔ no.
Onuabarima Joseph Branham.
Nkransɛm: Honhom Mu Aduane A Ɛwɔ Ne Berɛ Mu. 65-0718E
Ɔbɔfoɔ: Ɔsɔfo William Marrion Branham.
Twerɛnsɛm: 1 Ahenfo 17:1-7 / Amos 3:7 / Yoel 2:28
Malaki 4:4 / Luka 17:30 / Ɔhoteni Yohane 14:12.