Quote of the Day
August 6, 2026
Jehova-Jireh 61-0209
Ɛberɛ bi mehunuu anisoadehunu bi wɔ Tulsa, Oklahoma, baabi a na mereyɛ nhyiamu wɔ adwabɔ beaeɛ kɛseɛ bi mu kɛkɛ. Ɛna–na ɔbarima baako, a ɔyɛ ɔsomfoɔ wɔ baabi no, na wɔafrɛ no aba nhyiamu no ase (megye di sɛ Baptist somfoɔ bi), na ɔhyɛ aseɛ ka n’abrabɔ ho asɛm kyerɛ no. Mpɔtam hɔ asɔfoɔ a wɔfa dwumadie no ho ka no mu baako too nsa frɛɛ saa ɔbarima yi ɛna ɔbisaa no sɛ, “Saa na na ɛteɛ anaa? Na wonim Onuabarima Branham pɛn anaa?” a na ɔnnim sɛ mɛhunu deɛ ɛfa ho nyinaa wɔ me dan mu wɔ hotel hɔ no. Moahu? Nanso…Na Awurade ada deɛ na wayɛ no adi akyerɛ me akyire no, wiɛ, afei mehwɛɛ, na–sɛdeɛ na mmarima no mu baako asiane akɔ aseɛ hɔ ɛna wakɔka sɛ, “Afei, Onuabarima Branham, ɛberɛ a ɔwɔ ngosra no ase no yɛ Awurade akoa, nanso ne nyamesɛm ho adesua nyɛ papa.” Kaa sɛ, “Ɔyɛ odiyifoɔ ɛberɛ a ngosra no wɔ ne soɔ no.” Nanso ɔkaa sɛ, “Sɛ ngosra no firi ne so a,” ɔkaa sɛ, “oh, ne nyamesɛm ho adesua nyɛ papa.”
Onipa a ɔbɛka asɛm a ɛte saa no nnim deɛ asɛmfua odiyifoɔ no kyerɛ mpo. Odiyifoɔ kyerɛ “Asɛm no adiyie ni a ɔfiri Ɔsoro.” Moahu? Na saa nsɛnkyerɛnneɛ nom yi da mu nokorɛ adi sɛ ɛno ne deɛ ɛyɛ nokorɛ no.
Dabiara Paanoo
Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: O adwenharefoɔ a moyɛ nyaa mo akoma mu sɛ mobɛgye deɛ adiyifoɔ no aka nyinaa adie!
Luka 24:25