N’ANUM ASƐM ƐNNƐ DA YI

Quote of the Day
August 5, 2026

Kyerɛ Yɛn Agya No 63-0606

Asɛm no, Yesu kaa sɛ, ɛyɛ Aba a ogufoɔ bi guuiɛ. Na aba biara a nkwa wɔ mu wɔ asase a ɛfata so no bɛso ne sɛso.
Ɛna afei mehunu sɛ wɔretwe wei gu tape so. Na saa tapes yi, yɛwɔ tape ministry, wɔ wiase afannaa nyinaa. Na nnipa bebree, ɛha yi nko ara anadwo yi, a nnipa bɛyɛ apem retie. Ansa na saa tape yi bɛsi no, nnipa mpem mmɔho du na wɔbɛtie, moahu, wiase afannaa nyinaa.
Na montwerɛ nto hɔ, meka wei fa Onyankopɔn Asɛm a ɛyɛ Aba no ho. Sɛ wobɛtumi de adwene a ɛfata akɔ Onyankopɔn Ɔsoro bɔhyɛ biara ho a, Ɔbɛma no aba mu, sɛ wobɛtumi de wo ho asi gyinabea bi a wobɛgye adi sɛ na saa bɔhyɛ no yɛ wo dea a.
Mmom sɛ woma Ricky bi pia firi hɔ, de nwomasua pii kyɛn sɛnea ɔnim nyansa a ɛdɔɔso sɛnea ɔbɛhunu ɛso sodie, bɛtumi de akɔfam mfirinhyia bi a atwam, anaa mfirinhyia bi a ɛbɛba ho a, ɛmfa nsunsuansoɔ a ɛdimu biara mma wo. Sɛdeɛ Yesu kaaeɛ no, “Mofa mo atetesɛm na moma Onyankopɔn ahyɛdeɛ nsɛm nyɛ hwee,” Ɛberɛ a mobɔ mmɔden sɛ mode Onyankopɔn bɛsi abakɔsɛm mu Nyankopɔn gyinabea, anaa Onyankopɔn bi a ɔredikan aba.
“Ɔte saa ara ɛnnora, ɛnnɛ, ne daapem.” Ɔyɛ Onyankopɔn pii seesei te sɛdeɛ na Ɔyɛ pɛn no ara pɛ. Na sɛ wobɛtumi afa saa nneyɔeɛ no a, sɛ saa bɔhyɛ no wɔ hɔ ma wo! Yesu kaa, wɔ Ɔhoteni Marko 11:22 sɛ, “Nokorɛ Mese mo sɛ, sɛ moka kyerɛ bepɔ yi sɛ, ‘Tutu,’ monnye akyinnyeɛ wɔ m’oakoma mu, mmom monye nni sɛ deɛ moaka no bɛba mu, mobɛtumi anya deɛ moaka. Mese, sɛ mobɔ mpaeɛ a, monye nni sɛ mo nsa ka deɛ mobisa no, wɔde bɛma mo.” Bɔhyɛ dodoɔ sɛn na ɛbɛtumi aboro Ɛno? Ɛsɛ sɛ wogye di, ɛfiri sɛ Ɛyɛ aba.

Dabiara Paanoo
Na deɛ wɔguu no asase pa mu no ne deɛ ɔte asɛm no, na ɔte aseɛ; ɔno na ɔso aba, ebi so ɔha, ebi aduosia, ebi aduasa.
Mateo 13:23

An Independent Church of the WORD,