Quote of the Day
July 27, 2026
Tumi A Ɛboro Adwene Nteaseɛ So 56-0129
Na ɛyɛ asetena tebea no na ɛde deɛ ɛyɛ nwanwa, ɛne anwanwadeɛ nom, ɛne Onyankopɔn tumi nom ba nnipa no ntam. Ɛyɛ nnipa no asetena tebea no. Na sɛ nkorɔfoɔ duru baabi a wɔrepɛ nyinasodeɛ, na wɔrepɛ sɛ wɔhunu, na wɔreyɛ bosaa, na wɔredwendwene, na wɔn nyinaa werɛ ahoɔ, na wɔnnim baabi a wɔgyina, wɔmmaa wɔn mu fã mpo Twerɛnsɛm nkyerɛkyerɛ a, ɛbɛyɛ dɛn na woahwɛ kwan sɛ asetena tebea no bɛyɛ deɛ ɛfata? Wontumi nyɛ; ɛnyɛ deɛ ɛfata. Ɛsɛ sɛ ɛwɔ adwene baako mu, beaeɛ baako, na wɔde botaeɛ baako, adeɛ baako na ɛsi wɔn ani so, afei morebɛhunu sɛ biribi ɛsie.
Dabiara Paanoo
momma m’anigyeɛ nni mu sɛ mobɛdwene ade korɔ anya ɔdɔ korɔ, ɔkra korɔ, ne adwenkorɔ.
Filipifoɔ 2:2